Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akumaa Dan Ɔman a Ɛyɛ Den’

Akumaa Dan Ɔman a Ɛyɛ Den’

Ti 20

Akumaa Dan Ɔman a Ɛyɛ Den’

1. (a) Nkɔm bɛn na Yehowa hyɛe wɔ nkɔanim a nokware asomfo dodow benya ho? (b) Hena na ɔma eyi bam ankasa, na ɔkwan bɛn so?

EFI tete nyinaa, sɛ wɔde Yehowa asomfo toto adesamma nyinaa ho a, wohu sɛ wosua. Nanso wɔ yɛn bere yi mu no, wɔn dodow rekɔ anim wɔ ɔkwan a ɛma trenee adɔfo ani gye so. Yehowa ankasa hyɛɛ sɛnea nkɔanim no bɛyɛ kɛse no ho nkɔm sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, Awurade, mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” (Yesaia 60:22) Sɛnea saa kyerɛwsɛm no ka no, Yehowa ankasa ma eyi bam. Ɔkwan bɛn so? Ɔnam tebea bi a ɔma ɛba n’asomfo mu a ɛma wɔyɛ soronko koraa wɔ aman a atwa wɔn ho ahyia no ho na ɛtwetwe nnipa komapafo kɛse no so.

2. (a) Hena na wɔka Yesaia 60:1, 2 kyerɛ no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔmaa “Yehowa anuonyam” hyerɛnee ne so? (d) Ɔkwan bɛn so na nkaefo no “haran”?

2 Wɔhyɛɛ eyi ho nkɔm wɔ Yesaia 60:1, 2, NW, faako a Yehowa kasa kyerɛ ne ‘bea,’ n’ahyehyɛde a emufo yɛ honhom abɔde anokwafo ne mma a ɔde honhom awo wɔn a wɔwɔ asase so no, sɛ: “Oo ɔbea, sɔre haran, efisɛ wo hann aba, na Yehowa anuonyam ankasa ahyerɛn wo so. Na hwɛ, esum ankasa bɛkata asase no so, na esum kabii akata aman so; nanso Yehowa bɛhyerɛn wo so, na wo so na wobehu n’ankasa anuonyam.” Nea ɛma wɔyɛ soronko yi ne Mesia Ahenni a ɛwɔ Yesu Kristo nsam a wɔwoo no 1914 mu no. Saa bere no na “Yehowa anuonyam” hyerɛn ne soro ahyehyɛde a ɛwoo Ahenni no so. Wonyaa biribi gyinaa so dii ahurusi kɛse. (Adiyisɛm 12:1, 2, 5, 10-12) Na Ahenni adedifo a wɔasra wɔn nkaefo no nyaa saa anigye no bi wɔ asase so. Efi 1919 no, ‘wɔharanee’ bere a wɔbɔɔ Onyankopɔn Ahenni no dawuru sɛ ɛne adesamma anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ ankasa no.—1 Petro 2:9; Mateo 5:14-16.

3. (a) Dɛn nti na efi 1914 titiriw no, ‘esum akata asase so’? (b) Ano aduru koro pɛ ankasa ne dɛn?

3 Nea ɛne eyi bɔ abira no, wiase aman a na wɔreko na ama wɔn ankasa tumidi akɔ so atra hɔ no hyɛn basabasayɛ ne ehu bere bi a womfii mu da mu wɔ 1914 mu. Asomdwoe a enni hɔ fi saa bere no ama nnipa pii ahu sɛ “nyansahu mu nkɔso” nyinaa akyi no, wonni daakye bi a ahotɔ wom a wɔde wɔn ani bɛto so. Nokwarem no, ‘esum akata asase so.’ Dɛn nti na wontumi nhu ɔkwan a wɔbɛfa so afi mu? Efisɛ amanaman no apow Yehowa sɛ Ɔhene. Aboro so koraa no, sodifo kakraa bi de wɔn ano som “Onyankopɔn” a wɔmfa ne din nni dwuma da no. Wɔasi nketekrakye sɛ wɔn ankasa bedi nneɛma ho dwuma, nanso onipa ntumi nni ɔhaw ahorow a wohyia no ho dwuma. (Yeremia 8:9; Dwom 146:3-6) Ɛnnɛ wiase no ne n’adifudepɛ ne ɔbrasɛe no ahyɛn ne “nna a edi akyiri” mu. Ɔkwan biara nni hɔ a ɛbɛfa so akwati ɔsɛe a ɛda hɔ ma no no. Nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn Ahenni no mu gyidi koraa no nkutoo na wobetumi de ahotoso ahwɛ daakye kwan. Nnipa komapafo a wɔredɔɔso rehu eyi na wɔde wɔn ho rebɔ Yehowa Adansefo, a ɛnyɛ sɛ wɔka Ahenni no ho asɛm nko, na mmom wofi komam bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne asɛm a wɔka no ahyia no denneennen.

‘NEA OSUA KORAA NO DAN APEM’

4. Nea ɛne Yesaia 60:4 mmamu hyia no, anoboaboa adwuma bɛn na wodii kan yɛe?

4 Bere a Wiase Ko I baa awiei no, na wɔmmoaboaa Ahenni adedifo no ano nwiei. Na ɔsoro Yerusalem “mmabanin” ne “mmabea” pii da so ara wɔ hɔ a ɛho hia sɛ wɔbɛka 144,000 a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm a wɔne Kristo bedi hene wɔ soro no ho. Nanso, Yehowa hyɛɛ adwuma yi awiei ho nkɔm sɛ: “Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia, wɔn nyinaa aboa ano reba ama wo; wo mmabanin fi akyirikyiri reba, na wo mmabea nso, wotuturu wɔn nkyɛn mu reba.” (Yesaia 60:4) Esiane Ahenni no ho dawuru a wɔbɔe wɔ 1919 ne ɛno akyi nti, nnipa mpempem pii hyiraa wɔn ho so maa Yehowa, gyee asubɔ na wɔde honhom kronkron sraa wɔn. Nanso, Yesu kaa Ahenni adedifo kuw no mufo nyinaa ho asɛm sɛ “kuw ketewa” bi pɛ. (Luka 12:32) Sɛ nkɔm a wɔhyɛe wɔ Yesaia 60:22 ho bɛbam a, akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii bɛwɔ hɔ a wɔbɛboaboa wɔn ano aba nokware som mu. Nokwarem no aba saa!

5. Ɔkwan bɛn so na wɔaka baabi a nnipa foforo befi aba no ho asɛm wɔ Yesaia 55:5?

5 Wɔka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 55:5 wɔ saa kwan yi so sɛ: “Hwɛ, wobɛfrɛ ɔman a wunnim wɔn aba, na ɔman a wonnim wo no de mmirika bɛba wo nkyɛn, Awurade wo Nyankopɔn nti, ne Israel kronkronni no nti, efisɛ wahyɛ wo anuonyam.” Eyinom yɛ nnipa a womfi honhom mu Israel mu. Wofi aman pii mu nanso wɔbɛyɛ ɔman biako, a wɔn nyinaa de nokwaredi gyina Onyankopɔn Ahenni akyi. Wɔyɛ “ɔman” a sɛnea na honhom mu Israel nkaefo no ntease wɔ Kyerɛwnsɛm no mu te no na ‘wonnim’ wɔn saa bere no, na saa ara na kan no na nnipa yi nso nnye Onyankopɔn asomfo ntom sɛnea ɛsɛ. Nanso asɛmpaka no twetwe wɔn efisɛ wohu sɛ saa honhom mu Israelfo yi som nokware Nyankopɔn no na wohu honhom fam ahoɔfɛ bi a Onyankopɔn nhyira nkutoo na ebetumi ama obi anya wɔ wɔn mu.

6. Wɔaka Ahenni asɛm no adu he, na dɛn na afi mu aba a ɛyɛ anigye?

6 Wɔ nea Satan ayɛ na ama wasiw Ahenni asɛm no ka ano na watwe nkurɔfo adwene akɔ nneɛma foforo so nyinaa akyi no, nokware hann no kɔ so hyerɛn kɔ asase no mmeae a ɛwɔ akyirikyiri mpo. Nea afi mu aba no ne nea Onyankopɔn kae bere tenten ni wɔ nkɔmhyɛ mu kyerɛɛ ne ‘bea’ no: “Ɛno na wubehu, na w’anim atew, wo koma de ahosɛpɛw bedi ahurusi, efisɛ ɛpo ahonyade dodow redan abɛyɛ wo de, amanaman ahode reba wo nkyɛn. . . . Na wɔkeka Awurade ayeyi.” (Yesaia 60:5, 6) Yiw, “nnipakuw kɛse” a bere bi na wɔyɛ adesamma ‘po’ a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho, nnipa a na “sum kabii” a akata amanaman no so ama wɔn asetra aduru sum no abɛka honhom mu Israel ho. Wɔ Onyankopɔn ani so no, eyinom ne wɔn a wɔsom bo ankasa wɔ amanaman no nyinaa mu no.

7. Sɛnea Yehowa hyɛɛ nkɔanim no ho nkɔm no, ɔkwan bɛn so na wakyerɛ nea ɛsom bo wɔ n’ani so ankasa?

7 Bere a na wɔresan asi Yehowa asɔrefi no wɔ Yerusalem no, ɔmaa ne diyifo Hagai kae sɛ: “Na mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo Awurade na ose.” (Hagai 2:7) Wosow a wɔwosow amanaman no ma wɔsɛe wɔn awiei koraa, nanso ansa na ɛno bɛba no, ɛsɛ sɛ wɔboaboa “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ” no ano fi wɔn mu ba Yehowa honhom mu asɔrefi kɛse, n’amansan mu beae a wɔsom no, no mu. Ɛha na wobenya ahobammɔ bere a wiase no sɛe pasaa no. Saa asomfo a wɔte nkwa mu no na wɔsom bo ma Yehowa no. Ɛnyɛ wɔn honam fam ahode na ɔhwehwɛ. (Mika 6:6-8) Ade a ɛsom bo sen biara a wobetumi de ama Yehowa ne wɔn som a efi ɔkra nyinaa mu no. Wɔde ayɛyɛde a efi ahofama koma ne ɔsom adwuma a wɔde nnam yɛ mu na ɛba, wɔn nyinaa ‘keka Awurade ayeyi.’ Hwɛ sɛnea wɔn ba no ama Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ soro ne asase so nyinaa ani agye!

8. Adanse ahorow bɛn na Bible de ma wɔ faako a wɔbɛboaboa wɔn a wobenya Ahenni no adi wɔ asase so no ano akodu no ho?

8 Saa Yehowa asomfo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase wɔ Paradise asase so yi mu baahe na wɔbɛkɔ hɔ? Bible no mfa dodow bi nsi hɔ. Hokwan no abue ama aman nyinaa mu nnipa pii a wobegye Yehowa nsiesiei a ɔdɔ wom atom no. Nanso, yehu nea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan no ho adanse bi wɔ Yesaia 60:8, nea ɛka wɔn ho asɛm sɛ mmorɔnoma a “wotu sɛ omununkum”—omununkum a ɛma asase a ɛkata so no duru sum kakra. Eyi kyerɛ sɛ nnipa bebree bɛba wɔ bere tiaa bi mu. Wɔhyɛɛ nkɔm kaa Yehowa asomfo nnipadɔm kɛse a wɔbɛba yi ho sɛ honhom mu Israel mu nea “osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den,” na Yehowa kae sɛ ‘ɔbɛyɛ no ntɛm ne bere mu.’ (Yesaia 60:22) Ɛno ne nea asi ankasa no hyia?

9. Efi 1935 no, saa nkɔanim no adu he?

9 Wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no akyi no, na nnipa mpempem kakraa bi na wɔde nnamyɛ di Ahenni no ho adanse wɔ baguam. Ebeduu 1935 no, na aka kakraa bi ma wɔn dodow adu 60,000 wɔ wiase nyinaa. Wɔ 1941 mu no, Ahenni adawurubɔfo no dodow traa 100,000. Ebeduu 1953 no, na wɔboro 500,000. Mfe du akyi no, na wɔyɛ ɔpepem biako. Ebeduu 1984 mfiase no, na 2,652,323 na wɔwɔ hɔ. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, da biara na wɔde nnɔnhwerew bɛboro ɔpepem biako kyerɛ afoforo nea enti a Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ɛde daakye ho anidaso ankasa ma no. Sɛ wɔde wiase no mu aman toto wɔn a wɔde adanse ma sɛ, sɛ Yehowa Adansefo no, wɔyɛ Yehowa Mesia Ahenni no nkoa ho a, ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ aman no bɛyɛ 60 mu biara mu nnipa nnu “ɔman” a ɛretrɛw yi mu de. Nanso, “ɔman” soronko yi mfa ne ho nhyehyɛ wiase amammuisɛm mu, na mmom atu ne ho asi hɔ ama nokware Nyankopɔn no som adwuma nkutoo.

10. (a) Tebea horow bɛn na ɛma nkɔanim yi yɛ nwonwa wɔ yɛn ani so? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nkɔanim pii bɛba?

10 Ɛha yi ara na nkɔmhyɛ yi benya mmamu akodu? Nea aba dedaw no nkutoo fata Bible nkyerɛkyerɛmu no yiye. Na sɛ yesusuw tebea horow a wɔayɛ adwuma yi wom—akwanside ahorow a wɔadi so, ɔsoro akwankyerɛ a ama wɔadi nkonim ho adanse, ahofama a wɔn a wonya mu kyɛfa ada no adi—no nso ho a, ɛyɛ nwonwa. Nea ɛyɛ nwonwa bio nso ne nsakrae a ama aba nkurɔfo asetra mu no. Nanso, nnipa a wɔaba Yehowa afã pefee no kɔ so dɔɔso, na wɔn dodow mma fam. Wɔ nnansa yi mfe mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, nnipa bɛboro 10,000 de wɔn ho ma ɔsram biara sɛ wɔmmɔ wɔn asu wɔ nsu mu, na wɔredɔɔso afe biara. Bere a eyinom nyinaa tra ase ma ɛne nea wɔn asubɔ yɛ ho sɛnkyerɛnne hyia no, wobetumi anya awerɛhyem sɛ wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ sɛ nnipa ɔpepem pii yi bɛyɛ ahyehyɛde bi fã? (b) Saa ahyehyɛde no atirimpɔw titiriw ne dɛn?

11 Nnipa ɔpepem pii yi nyɛ Bible asuafo a wɔatew wɔn ho kɛkɛ, a obiara som Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. Wɔyɛ nnipa a wofi ahobrɛase mu abɛyɛ Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no mufo. Sɛnea yɛahu no, Ahenni adedifo no na wodii kan ‘boaboaa wɔn ano.’ Mprempren, afoforo a wofi amanaman no mu, a wɔwɔ asase so asetra ho anidaso, ‘reba wɔn nkyɛn.’ (Yesaia 60:4, 5) Wɔabɛyɛ “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo biako,” Yesu Kristo, ase. (Yohane 10:16) Ɔsomafo Petro kaa nokware Kristofo ho asɛm sɛ wiase nyinaa ‘anuanom fekuw,’ na Paulo hyɛɛ wɔn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔtew wɔn ho na mmom ‘wonhyiam,’ dodow a ɔsoro atemmu da no rebɛn no. (1 Petro 5:9; Hebrifo 10:23-25) Ɛdenam saa kwan no so no, wɔhyɛ wɔn den siesie wɔn ma wonya atirimpɔw kɛse nti a ahyehyɛde yi wɔ hɔ no mu kyɛfa. Na ɛne dɛn? Sɛ wɔbɛhyɛ Yehowa din anuonyam.—1 Petro 2:9; Yesaia 12:4, 5.

ADWUMA A ƐSƐ SƐ WƆYƐ

12. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ adwuma a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ bi? (b) Ɛho hia dɛn, na dɛn ntia?

12 Wɔn a wɔne Yehowa ahyehyɛde no bɛbɔ fekuw no nyinaa hu ntɛm ara sɛ emufo yɛ adwumayɛfo. Wɔn nyinaa yɛ Onyankopɔn Ahenni, a wɔnam so bɛtew Yehowa din ho, no ho asɛnkafo a wɔyɛ nnam de suasua Yesu Kristo. Yesu ankasa kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no . . . efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.” (Luka 4:43) Ɔkaa hia a ɛho hia sɛ afoforo de wɔn asetra gyina Onyankopɔn apɛdeyɛ so ho asɛm anibere so. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ adwuma koro no ara a na ɔreyɛ no bi. Ɔhyɛɛ bere a yɛte mu yi ho nkɔm sɛ “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” (Mateo 24:14) Eyi ne adwuma a ɛho hia sen biara a yɛn mu biara betumi ayɛ nnɛ. Dɛn ntia? Efisɛ ɛno so na yɛnam gyina Yehowa Nyankopɔn tumidi a ɛteɛ, a abɔde nyinaa yiyedi gyina so no akyi. Bere a yefi koma nyinaa mu yɛ adwuma yi bi no, yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ Yehowa adɔe bebree no. Yɛboa yɛn mfɛfo nnipa nso ma wohu ɔkwan biako pɛ a wobetumi afa so anya nkwa wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu no so mfaso.—Fa toto 1 Timoteo 4:15, 16 ho.

13. (a) Wɔ Yesaia 60:17 no, tebea bɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm sɛ Yehowa ahyehyɛde no bɛkɔ mu? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya mu kyɛfa akosi ase? (d) Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔyɛ saa no?

13 Tebea horow a wohu wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no ma wɔn koma tɔ wɔn yam. Sɛnea Yehowa nam Yesaia so ka siei no: “Mɛma asomdwoe adi wo so panyin ahwɛ wo, na mede trenee mayɛ wo kãfo.” (Yesaia 60:17) Asomdwoe a ɛkɔ so no nyɛ nsusuwii ara kwa, ɛwɔ hɔ ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron no aba. Eyi nkyerɛ sɛ obi nya saa asomdwoe no kosi ase esiane sɛ ɔne ahyehyɛde no bɔ kɛkɛ nti. Ɛsɛ sɛ n’ankasa sua sɛ ‘obedi nea ɛma asomdwoe ne nea ɛma nkɔso akyi.’ (Romafo 14:19) Ehia sɛ osua sɛ ɔbɛda ɔsoro nyansa adi na watumi agyina afoforo sintɔ ano, de abodwokyɛre ne ahosodi ho adanse ama, de afiri afoforo sɛnea ɔpɛ sɛ Onyankopɔn de firi no no. Yiw, ɛsɛ sɛ ‘ɔyɛ nea ɛma asomdwoe.’ (Yakobo 3:17, 18; Galatifo 5:22, 23; Kolosefo 3:12-14) Wɔn a wɔyɛ saa no nya anigye kɛse sɛ wɔyɛ “ɔman a ɛyɛ den” a mprempren ɛreyɛ kɛse na atu ne ho asi hɔ ama Yehowa, “anigye Nyankopɔn” no, adwuma no mufo. (1 Timoteo 1:11, NW) “Ɔman” yi mufo na wɔbɛkora wɔn so bere a Yehowa de atemmu ba wiase a ɛde ne ho hyɛ Satan ase sɛ ne sodifo no nyinaa so no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]