Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akwaaba a Ɛyɛ Anigye Ma Wɔn a Wɔsan Ba

Akwaaba a Ɛyɛ Anigye Ma Wɔn a Wɔsan Ba

Ti 21

Akwaaba a Ɛyɛ Anigye Ma Wɔn a Wɔsan Ba

1. Nnipa bɛn na wɔreka wɔn ho asɛm wɔ saa ti yi mu?

NNIPA pii wɔ hɔ a eduu bere bi no, wohuu Bible mu nokware a ɛdɔɔso a ɛma wohui sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn, na wonyaa n’atirimpɔw ahorow ho ntease bi. Ɛwom sɛ wɔnyɛ Yehowa Adansefo de, nanso ebia wɔne Adansefo no asua Bible no. Anaasɛ ebia na wɔn awofo yɛ Adansefo. Saafo yi mu pii akɔ nhyiam horow wɔ Ahenni Asa bi so. Ebetumi aba mpo sɛ wɔanya Ahenni asɛm a wɔka kyerɛ afoforo no mu kyɛfa bi. Nanso wonhyiraa wɔn nkwa so sɛ wɔde bɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Dɛn nti na wɔnyɛɛ saa?

2. (a) Dɛn nti na wɔman fii Yehowa ahyehyɛde no mu? (b) Dɛn nti na wofi ase susuw sɛ wɔn yam a anka wɔasan aba bio?

2 Nneɛma bi a ɛkanyan anigye wɔ wiase, a wosusuw sɛ wɔpɛ, nneɛma a wɔte nka sɛ ɛbɛma wɔanya asetra mu anigye kɛse, na saa nneɛma yi akyidi ma wɔman fi Yehowa ahyehyɛde mu. Nanso bere bi akyi no, saafo yi mu bi hu sɛ wonnyaa asetra ko a na wɔhwɛ kwan no. Wɔn ani so tetew wɔn ma wobehu nokwasɛm a ɛne sɛ, sɛ wɔkɔ so tra ase sɛnea wɔreyɛ no a, wɔne wiase no bɛsɛe. Wɔn werɛ mfii ahobammɔ ne honhom mu nneɛma a abu so wɔ Yehowa “fie” no, na wɔpɛ sɛ wɔba hɔ bio. Nanso, so Yehowa begye wɔn?

ƆBA HOHWINI BI SAN BA

3. (a) Wɔ ɔba hohwini ho bɛ no mu no, dɛn na Yesu ka faa tebea bi a ɛte saa ara ho? (b) Na agya no gyina hɔ ma hena?

3 Mmuae no da adi wɔ Yesu bɛ a wonim no yiye a ɛfa ɔba hohwini no ho no mu. Sɛ́ mfatoho no, Yesu kaa ɔbarima bi a na ɔwɔ mmabanin baanu ho asɛm. Akumaa no bisaa n’agya sɛ ɔmma no ne kyɛfa a ɔwɔ wɔ n’agyapade mu. Ne nsa kaa eyi no, otuu kwan kɔɔ akyirikyiri asase bi so, faako a ɔkɔsɛee biribiara wɔ ahohwibra mu no. Enti ɔyɛɛ n’ade sɛ hohwini. Bere a ɔkɔm sii asase no so no, na ɛsɛ sɛ aberante a ahia no yiye yi kɔhwɛ mprako, nanso wɔamma wanni wɔn aduan no bi mpo. Ɔhaw a ebunkam ne so no maa n’ani baa ne ho so. Ɔkaee sɛnea apaafo mpo di yiye wɔ n’agya fie, na osii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ. Obegye atom sɛ ɔkwan a ɔfaa so no yɛ bɔne na wasrɛ sɛ wɔnsan nnye no, ɛnyɛ sɛ ɔba, na mmom sɛ ɔpaafo. (Luka 15:11-19) Nanso wɔ nea wayɛ no nyinaa akyi no, so na n’agya bɛma kwan sɛ ɔnsan mmra? Yehowa, a ɛbɛ yi mu agya no gyina hɔ ma no no bebu onipa a ɔte saa sanba no dɛn?

4. Ɔkwan bɛn so na agya no gyee ne ba no bere a ɔsan bae no?

4 Bere a ɔreda Yehowa nkate wɔ asɛm no mu adi pefee no, Yesu toaa so sɛ: “Na [ɔba kumaa no da] so wɔ akyirikyiri no, n’agya huu no, na ne yam hyehyee no, na otutuu mmirika kosoo ne kɔn mu, na ofew n’ano. Na ɔba no ka kyerɛɛ no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne, na mensɛ sɛ wofrɛ me wo ba bio. [Yɛ me w’apaafo no mu biako, NW]. Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atade a eye no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan; na momfa nantwi ba a wadɔ srade no mmra mmekum no, na yenni, na yɛn ani nnye. Na me ba yi wui, na wanyan bio; ɔyerae, na wɔahu no. Na wofii ase gyee wɔn ani.”—Luka 15:20-24.

ƐBƐ YI FA DƐN HO NNƐ?

5. (a) Ɔba panyin no yɛ henanom ho mfonini wɔ Yesu bɛ no mu? (b) Ɛnde henanom na ɔba hohwini no yɛ wɔn ho mfonini?

5 Wɔ ɛbɛ yi mu no, ɔba panyin no, abakan no, gyina hɔ ma “mmakan a wɔakyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro no bagua” ma ɛfata. (Hebrifo 12:23) Na ɔba kumaa no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ wogyina hɔ ma kuw foforo bi a ɛnyɛ “kuw ketewa” a wɔwɔ ɔsoro anidaso no. Ɛnyɛ Awurade “nguan foforo” no nyinaa na wɔyɛ wɔn ade te sɛ ɔba kumaa no, nanso ebinom yɛ wɔn ade saa. Ansa na “nguan foforo” no anoboaboa no daa adi, titiriw fi 1935 mu mpo no, na nnipa bi wɔ hɔ a wonim sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn koro pɛ no. Ná wonim asase so asetra wɔ n’Ahenni ase ho anidaso no, na wɔansusuw da sɛ wɔyɛ ‘mmakan asafo’ a wɔwɔ ɔsoro anidaso no mufo. Nanso sɛ anka wobetu wɔn ho ama Yehowa som no, wɔde wɔn ho hyɛɛ wiase nneɛma akyidi mu fee. Wɔfaa ‘asetrade’ a Onyankopɔn de maa wɔn no, ɛbere ne nkwa a ɔmaa wɔn kwan ma wonyae no, na wɔde eyinom dii wɔn ankasa pɛsɛmenkominya akɔnnɔ ho dwuma. Nanso wɔ 1935 mu, bere a Yehowa asomfo dii kan huu wɔn a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no pefee no, pii a wɔte sɛ ɔba kumaa no fi wɔn koma nyinaa mu de wɔn ho mae sɛ wɔbɛsom wɔ Agya no fie. Ná ɛyɛ anigye bere te sɛ nea Yesu kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne bɛ no mu no.

6. Wɔ ne mmamu mu no, ɔkwan bɛn so na nnipa bi yɛɛ wɔn ade te sɛ ɔba panyin no, nanso so na ɛte saa wɔ nkaefo no nyinaa fam?

6 Ɛyɛ ampa sɛ saa bere no, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wonyaa anigye a kuw a ɔba kumaa no yɛ wɔn ho mfonini no ba no ma ɛbae no bi. Yesu kyerɛe wɔ ne bɛ no mu sɛ saa ara na tebea no bɛyɛ. Nanso ɛnyɛ “kuw ketewa” no mu nkaefo no nyinaa na wɔdaa honhom a ɛte saa adi, na wɔ ne bɛ no mu no, Yesu buee kwan too hɔ sɛ wɔn a mfiase no na wɔn ani nnye ho no mpo betumi anya anigye a Yehowa ankasa nya bere a abɔnefo a wɔte saa no nu wɔn ho ampa no bi.—Luka 15:7, 10, 25-32.

7, 8. (a) Wɔ nnansa yi mfe mu no, dɛn na ama afoforo afi Yehowa fie akɔ akyirikyiri? (b) Akwan bɛn so na ebinom ate nka sɛ ɔba hohwini no? (d) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔsan ba?

7 Nanso efi bere a saa nsɛm no sisii wɔ 1930 mfe no mfinimfini mu reba no, ebinom ahu sɛ akwan bi so no, wɔn nso te sɛ saa ɔba hohwini no. Wonim Yehowa honhom mu fie, n’ahyehyɛde a aniwa hu no yiye, nanso wɔn asetra kwan atwe wɔn afi ho koraa, te sɛ nea ɛde wɔn akɔ “akyirikyiri asase bi” so. Wɔnsɔre ntiaa Yehowa asomfo, nanso wɔn ankasa asetra kwan ne Onyankopɔn Asɛm mu gyinapɛn ahorow no nhyia. Ebia nea wɔde wɔn asetra nyinaa agyina so ne wɔn honam fam adwuma ne wɔn ankasa yiyedi, nanso wɔmmaa wɔn asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim ne sɛnea bere a yɛte mu yi yɛ aniberesɛm no nhiaa wɔn ahe biara. Afoforo a saa bere no na wɔde wɔn ho abɔ asafo no sintɔ haw ebinom na wɔamfa boasetɔ antwɛn Yehowa na wasiesie nsɛm. Nanso tebea bɛn mu na eyinom nyinaa aba bere a wɔtwee wɔn ho fii gyidi fi ho no?

8 Bere bi akyi no, ebinom ahu sɛ wɔabɛyɛ honhom mu ahiafo. Wotumi hu sɛ bere tiaa mu dɛw biara a wonya no mfa daa anigye mmrɛ wɔn. Ebia wobehu nso sɛ wɔn asetra kwan no repira wɔn wɔ honam fam, nkate fam ne honhom fam. Wɔte nka wɔ wɔn mu sɛ wonni atirimpɔw biara sɛnea ɛte wɔ wɔn a wonnim Nyankopɔn na wonni anidaso biara nyinaa fam no. (Efesofo 2:12) Wohu sɛ ɛyɛ bere a wɔwɔ Yehowa “fie” no nkutoo na na wɔwɔ anigye ankasa. Wɔpɛ sɛ wɔsan ba. So ɛsɛ sɛ wɔba? Mfaso bɛn na wobetumi anya afi wɔn hia tebea a wɔbɛkɔ so atra mu no mu? Sɛ wɔtwentwɛn wɔn nan ase a, ebetumi ayɛ asiane ama wɔn. Sɛ wɔkɔ so de wɔn ho fam wiase no ho a, wɔbɛhwere wɔn nkwa bere a wɔsɛe no no.

9. (a) Dɛn nti na Yehowa pɛ sɛ saafo no san ba? (Hesekiel 18:23) (b) Dɛn na wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ?

9 Nanso saafo yi betumi asan aba? Yehowa fi ayamye mu to nsa frɛ wɔn sɛ wɔnsan mmra, na n’ahyehyɛde a aniwa hu no fi ɔdɔ mu de mmoa ma wɔn a wɔyɛ saa no. (Sakaria 1:3, 4) Dɛn na wɔhwehwɛ? Sɛnea wohu wɔ Yesu bɛ no mu no, ɛsɛ sɛ wɔn ani ba wɔn ho so, wɔn ankasa fi wɔn pɛ mu san ba na wogye tom sɛ wɔayɛ bɔne atia Onyankopɔn. Sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ nneyɛe bi a ɛne Kristofo abrabɔ nhyia koraa mu a, ɛsɛ sɛ wɔma mpanyimfo no nya adanse a emu yɛ den sɛ wɔafi saa asetra kwan no so na wɔanya nokware ahonu. Nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔn pɛ fi komam ne sɛ wɔbɛsom Yehowa sɛ n’ahyehyɛde a aniwa hu no mufo. (Luka 15:18-21; Mmebusɛm 28:13) Sɛ ɛno na ɛwɔ wɔn komam ampa a, wobetumi anya awerɛhyem sɛ wɔn akwan ne nsusuwii bɔne a wobefi ho na wɔasan aba Yehowa nkyɛn no de anigye kɛse bɛba. (Yesaia 55:7) Nanso sɛ wɔn ankasa anigye bɛkɔ akyiri asen anigye a wonya bere a wogye wɔn fɛw so ba Ahenni Asa so bio no a, ehia sɛ wɔsan hyɛ wɔn den honhom fam.

NSIESIE A EGYINA FAPEM PA SO

10. (a) Su bɛn na ehia sɛ wɔn a wonu wɔn ho no nya wɔ Yehowa ahwehwɛde ahorow ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyehyɛ wɔne Yehowa ntam abusuabɔ a emu yɛ den?

10 Ɛho hia titiriw sɛ wɔn a wɔsan ba Yehowa fie no hu Yehowa nipasu afã horow no yiye na wɔhyehyɛ wɔne no ntam abusuabɔ a emu yɛ den. Ehia sɛ wohu sɛ nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ nyinaa yɛ nea ɛho bɛba yɛn ankasa mfaso. N’ahyɛde ahorow no mma yɛnhwere asetra mu anigye, na mmom ɛbɔ yɛn ho ban na yɛanyɛ nneɛma a ebia ɛde bere tiaa mu anigye bɛba nanso yebetwa so aba a ɛyɛ yaw. (Yesaia 48:17; Galatifo 6:7, 8) Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn nti na ɔteɛ yɛn so. (Mmebusɛm 3:11, 12) Kokoam adesua ne nea yesua no ho a yebesusuw, mpaebɔ a efi komam ne nhyiam a yɛbɛkɔ daa bɛboa yɛn ma yɛasua sɛ yɛde yɛn ho nyinaa bɛto Yehowa so, ahwehwɛ akwankyerɛ afi ne hɔ wɔ biribiara a yɛyɛ mu.—Mmebusɛm 3:5, 6.

11. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔyerae no betumi anya mmoa denam (a) kyi a wobekyi bɔne so? (b) ntease a wɔbɛhwehwɛ so? (d) Onyankopɔn gyinapɛn a wɔde bedi dwuma bere nyinaa so? (e) sua a wobesua sɛ wobesusuw nea ebefi biribiara a wɔbɛbɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ mu aba no ho so? (ɛ) afoforo ho a wobefi ɔdɔ mu asusuw so?

11 Ebia na wɔn a wɔyerae no nim nea eye ne nea enye. Nanso afei de ɛsɛ sɛ wokyi bɔne nso, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ saa bere tenten a atwa wɔn ho ahyia no. (Dwom 97:10) Sɛ wɔanhwehwɛ nimdeɛ nkutoo akyi kwan na mmom wɔhwehwɛ ntease nso a, wobenya mmoa a wɔde bɛyɛ eyi. Nea edi kan no, eyi hwehwɛ sɛ wohu nneɛma sɛnea Onyankopɔn hu no no ara pɛ. Ehia sɛ yehu akwan horow a ɔnam so kyerɛkyerɛ yɛn ne sɛnea ɔkwan a yɛfa so yɛ yɛn ade wɔ n’afotu ho no ka yɛne ne ntam abusuabɔ. (Mmebusɛm 4:7; 9:10) Ɛsɛ sɛ yehu hia a ɛho hia sɛ yɛkɔ so de Yehowa gyinapɛn di dwuma bere nyinaa wɔ biribiara a yɛyɛ mu. (Tito 2:11, 12; 1 Tesalonikafo 4:7) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye nso na yɛansusuw bere tiaa mu anigye nkutoo ho, na mmom nea ebetumi afi yɛn gyinaesi ahorow mu aba nso. (Fa toto Mmebusɛm 20:21; 23:17, 18; Hebrifo 11:24-26 ho.) Bio nso ɛsɛ sɛ yefi ɔdɔ mu susuw sɛnea yɛn nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe ka afoforo no ho.—Romafo 15:1, 2.

12. (a) Satan ne n’akwan horow ho ade bɛn a yebehu na ɛbɛboa ma yɛanya ahobammɔ? (b) Dɛn na yehia na ama yɛadi nkonim wɔ saa ɔko yi mu?

12 Sɛ́ Kristofo no, hu a yebehu sɛ yɛwɔ honhom fam akodi bi mu no bɛhyɛ yɛn den yiye. Yɛn tamfo titiriw ne Satan Ɔbonsam a n’adaemone ka ne ho. Ɔnam akwan a obenya biara so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan yɛn adwene afi Ahenni adwuma a ɛho hia a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no so. Ne botae ne sɛ ɔbɛdaadaa yɛn ma yɛde Yehowa gyinapɛn ahorow ato nkyɛn, na yɛabɛyɛ wiase a ɔno na odi so no fã. Ne mfiri no taa yɛ nneɛma a obiara kɔn dɔ (te sɛ anigye, honam fam ahotɔ, ne ɔdɔ), nanso ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa akɔnnɔ horow a ɛtete saa no nni kan wɔ ɔkwammɔne so na yɛafa akwan a ɛmfata so adi ho dwuma. Sɛ yɛde honhom mu akode a Onyankopɔn de ma no di dwuma yiye nkutoo a na yebedi nkonim wɔ ɔko a yɛde repere yɛn honhom fam nkwa yi mu.—Efesofo 6:11-18.

13. (a) Yɛbɛyɛ dɛn na yɛanya ɔhome ama yɛn kra? (b) Dɛn nti na Yehowa a yɛbɛsom no de asuasua Kristo no de anigye ankasa brɛ yɛn?

13 Yesu kae sɛ, sɛ yɛba ne nkyɛn na yɛfa ne “kɔndua” no a, yebenya ɔhome ama yɛn kra. (Mateo 11:29, 30) “Kɔndua” a obi de bɛto ne ho so no kyerɛ som a ɔbɛsom. Nanso Yehowa a obi bɛsom no de asuasua ne Ba no ma onya nokware home. Ɔkwan bɛn so? Efisɛ ɛde ahofadi ankasa ba. Yɛnkɔ so nyɛ bɔne nkoa bio, a afa yɛn nnommum, ma yɛyɛ nneɛma a yenim sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, a ebia yenyae a, anka yɛnyɛ. (Yohane 8:32,34-36) Sɛ yesiesie yɛn Kristofo nipasu ma egyina Yesu Kristo so sɛ fapem a, yɛn ani bɛsɔ dwuma a odi wɔ Yehowa atirimpɔw mu no, yebetie no na yɛasua ade afi ne nkyɛn. N’ani gyee n’Agya apɛdeyɛ ho. Yebesua sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ saa. (Yohane 4:34; Dwom 40:8) Esiane sɛ yɛbata Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ahorow ho nti, yebetumi anya ahonim pa. Sɛ́ anka yɛbɛtra ase ama yɛn ho nkutoo no, yebenya anigye a efi ɔma mu ba no. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Yebenya atirimpɔw ankasa wɔ asetra mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, yebenya anigye afi hu a yehu sɛ yɛwɔ Yehowa ankasa a ɔyɛ wɔn a wɔbɛyɛ ne mma nyinaa Agya no anim dom no mu.—Mmebusɛm 10:22.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]