Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asetra Ko a Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Wobefi mu Aka

Asetra Ko a Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Wobefi mu Aka

Ti 4

Asetra Ko a Ɛwɔ Hɔ Ma Wɔn a Wobefi mu Aka

1. Dɛn nti na “Awurade [Yehowa, NW]” da a ɛreba no rensɛe asase pasaa? (Yesaia 45:18)

ƐWOM sɛ “Awurade [Yehowa, NW] da” no ba bɛyɛ hu de, nanso ɛrensɛe asase no ma ɛnyɛ nea wontumi ntra so. Ɔsɛe a ɛde bɛba no renyɛ sɛ nea nuklea ɔsɛe a wosuro sɛ ɛbɛma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ayɛ bisibasaa na emu hyew bepira wɔn a wobefi mu aka no ɔkwan a ɛyɛ hu so de bɛba no. Ɔbɔadeɛ no ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no’ mmom, na ɛnyɛ sɛ ɔrebɛsɛe asase no ma ayɛ nea wontumi ntra so.—Yoel 2:30, 31; Adiyisɛm 11:18.

2. Dɛn na ɛma yenya ahotoso sɛ Yehowa begye anokwafo nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu?

2 Yehowa asomfo anokwafo adwenem nyɛ wɔn naa ketewaa bi mpo sɛ Onyankopɔn betumi agye wɔn nkwa, wɔ ɔsɛe tumi ahorow a obegyaa mu agu nneɛma a atwa wɔn ho ahyia so saa bere no nyinaa akyi. Wonim sɛ bere a wɔde ‘sufrɛ ne ogya a efi soro’ sɛee Sodom ne Gomora no, Yehowa abɔfo gyee Lot ne ne mmabea baanu no nkwa. (Genesis 19:15-17, 24-26) Wonim nso sɛ bere a wɔsɛee Misraim mmakan nyinaa wɔ Mose nna no mu no, Yehowa bɔfo a okunkum wɔn no twaam wɔ Israelfo no afie ho, afie a na wɔde Twam guammaa no mogya ahyɛ no agyirae no. (Exodus 12:21-29) Saara na sɛ ahohiahia kɛse no mu abufuw a ɛde ɔsɛe ba no pae gu a, Yehowa begye wɔn a wɔde no ayɛ wɔn guankɔbea no.—Dwom 91:1, 2, 14-16; Yesaia 26:20.

3. Dɛn nti na afunu pii no remfa wɔn a wobefi mu aka no akwahosan nto asiane mu?

3 Ɛyɛ ampa sɛ esiane ahohiahia kɛse no nti, wɔn a Yehowa kunkum wɔn no bɛbɔ apete asase so. Nanso obiara nnim nea ehia sɛ wɔyɛ de bɔ wɔn a wobefi mu aka no akwahosan ho ban nsen Onyankopɔn. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ ɔbɛto nsa afrɛ wim nnomaa ne asase so mmoa aba ‘n’adidi kɛse no’ ase na wobedi wɔn a wɔakunkum wɔn no nam amee. (Adiyisɛm 19:17, 18; Hesekiel 39:17-20) Obetumi afa akwan foforo so ayi nea wɔanni no afi hɔ. Afei Onyankopɔn atirimpɔw ma asase a ɔkaa ho asɛm wɔ Eden no bɛkɔ so akosi sɛ ɛbɛbam.

NEA ONYANKOPƆN MFITIASE ATIRIMPƆW DA NO ADI

4. Mfiase bɛn na Yehowa maa nnipa baanu a wodi kan no nyae, na dɛn nti na yɛn ani gye ɛno ho titiriw?

4 Yehu nea wɔn a wobefi ahohiahia kɛse no mu aka no benya daakye wɔ sɛnea Yehowa fii adesamma abusua no ase wɔ Eden no mu. Bere a Ɔbɔadeɛ no resiesie asase ama adesamma atra so no, ɔyɛɛ afifide ahorow pii, ɔbɔɔ mpataa, nnomaa, ne asase so mmoadoma a wogu ahorow ma ɛyɛɛ anigye nso. “Awurade Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden a ɛwɔ apuei fam, na ɔde onipa a ɔnwenee no no traa hɔ.” (Genesis 2:8) Nanso Onyankopɔn anyɛ asase no nyinaa paradise na afei wahwɛ so sɛ turo ama onipa. Mmom no, Yehowa maa nnipa baanu a wodi kan no nyaa mfitiase a ɛyɛ anigye, ohyiraa wɔn na ɔmaa wɔn adwuma a wɔbɛyɛ. Ɔmaa wɔn nnwuma a ɛbɛma wɔde wɔn dom akyɛde ahorow adi dwuma akosi ase na wɔanya akomatɔyam afi nea wotumi yɛ no mu. Na eyi bɛma wɔanya atirimpɔw wɔ asetra mu. Hwɛ sɛnea adwuma a wɔde maa wɔn no yɛ anigye—mma a wɔbɛtete wɔn ma wɔada su pa ahorow adi, Paradise a wɔbɛma atrɛw afa asase so nyinaa na wɔahwɛ ɛne emu abɔde pii a nkwa wom no so! Sɛ Adam ne Hawa kɔ so kyerɛ obu ma Yehowa tumidi a, na wɔrenwu da. Ná wobenya asetra a edi mũ wɔ asase so daa.—Genesis 1:26-28; 2:16, 17.

5. Enti, nneɛma bɛn na wɔn a wobefi ahohiahia kɛse no mu aka no betumi ahwɛ kwan?

5 Ɛyɛ ampa sɛ sɛnea asase so tebea bɛyɛ wɔ ahohiahia kɛse no akyi pɛɛ no renyɛ sɛ nea na ɛwɔ Eden no. Nanso Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase ne adesamma rensakra. Ɛsɛ sɛ Paradise trɛw fa asase so nyinaa, adesamma na wɔbɛhwɛ so, na wɔn nyinaa de biakoyɛ bɛsom nokware Nyankopɔn no. Nea ɛbɛda wɔn anim ne hokwan a ɛbɛma wɔatra ase daa, na wɔanya Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi no.—Luka 23:42, 43; Adiyisɛm 21:3, 4; Romafo 8:20, 21.

6. (a) Dɛn na wɔde asraafo nnwinnade biara bɛyɛ? (b) Dɛn nti na obiara renna kɔm bio?

6 Mfiase no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛho behia sɛ wɔpra nhyehyɛe dedaw no mu nneɛma a wɔasɛe no no fi hɔ. Wɔbɛdan asraafo nnwinnade a ɛbɛka no de adi nneɛma a asomdwoe wom ho dwuma. (Hesekiel 39:8-10; fa toto Mika 4:3 ho.) Akyinnye biara nni ho sɛ wobetwa nnɔbae a ɛda so ara wɔ mfuw mu no de ama wɔn a wobefi mu aka no adi. Afei bere a wogu aba na wotwa aba foforo no, bɔhyɛ yi bɛbam sɛ: “Asase abɔ n’aduan, Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn behyira yɛn.” (Dwom 67:6; fa toto Deuteronomium 28:8 ho.) Bere a nhyehyɛe dedaw no mu nnipa pɛsɛmenkominyafo a wɔde mpaapaemu ba no afi hɔ no, ɛremma bio da sɛ obi de kɔm bɛkɔ akɔda anadwo.—Dwom 72:16.

7. Ɔkwan bɛn so na asase Hene foforo a Yehowa apaw no no da Onyankopɔn ankasa nyansa ne ne dɔ adi?

7 Eyi bɛyɛ wiase bi a emufo yɛ nnipa a wonim sɛnea ehia sɛ wonya Yehowa akwankyerɛ ne ne nhyira. Na wɔn nsa bɛka eyi wɔ ɔkwan a ɛda Onyankopɔn ankasa nyansa ne ɔdɔ adi so. Nea Yehowa apaw no sɛ asase Hene foforo no ne n’ankasa Ba, Yesu Kristo. Bible no da no adi sɛ Onyankopɔn nam ne so na ɔbɔɔ asase ne ɛso nkwa a egu ahorow no nyinaa. (Kolosefo 1:15-17) Onyankopɔn Ba no te nea ehia na ama nkwa akɔ so atra asase so no ase koraa na ɔwɔ nneɛma a ɛfa adesamma ho no ho anigye soronko bi.—Mmebusɛm 8:30, 31.

8. Kristo bɛboa n’asase so nkoa ma wɔayɛ wɔn ade dɛn wɔ Yehowa tumidi ho?

8 Nea ɛsen biara ne sɛ Ɔba no de nokwaredi gyina Yehowa tumidi akyi. Wɔkaa Yesu ho asɛm siei sɛ: “Na Awurade honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom. Na Awurade suro bɛyɛ no huam.” (Yesaia 11:2, 3) Ɔbɛboa n’asase so nkoa ma wɔanya nea ɛte saa ara ma ɛne Yehowa akwan ahyia. Wɔ n’Ahenni ase no, wɔbɛma wɔn a wobefi ahohiahia kɛse no mu aka no asan anya asetra a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma adesamma bere a ɔde Eden maa yɛn awofo a wodi kan no sɛ wɔn fie no.

NEA YESU SOM ADWUMA DA NO ADI

9. (a) Dɛn ne nneɛma a ɛyɛ awerɛhow a bɔne a wɔde woo yɛn de aba no bi? (b) Anidaso bɛn na Yesu anwonwade ahorow no ma yenya?

9 Nanso, sɛ yebetumi anya asetra a ɛte saa no a, ehia sɛ wogye yɛn fi nea efi bɔne mu ba a ɛyɛ awerɛhow no mu. Yɛn nyinaa anya bɔne afi Adam a ɔhweree ne pɛyɛ bere a wankyerɛ obu amma Yehowa tumidi de buu mmara so no hɔ. Nea afi bɔne mu aba no da adi wɔ akwan horow so. Etumi ma yɛyare, yedi dɛm, na afei nso yenya su a ɛma yɛde adwemmɔne susuw nsɛm ho, ka nsɛm na yɛyɛ ade. Awiei koraa no, ɛde owu ba. (Romafo 5:12; 6:23) Wɔ Yesu asase so som adwuma no mu no, ɔyɛɛ anwonwade ahorow pii a ɛkyerɛ nea ɔbɛyɛ na ama Onyankopɔn Ahenni no nkoa anya ahotɔ.

10. Dɛn nti na ntease wom sɛ Yesu tumi yɛɛ anwonwade ahorow a nyansahufo ntumi nyɛ bi?

10 Nanso sɛ nnipa bi kenkan Yesu anwonwade ahorow no ho nsɛm a ɛyɛ anigye no wɔ Bible mu a, wonnye nni. Dɛn ntia? Efisɛ yɛte wiase bi a nnipa pii ani gye akyinnyegye ho mu. Ebia akyinnyegyefo bɛte nka sɛ, sɛ anwonwade ahorow bɛyɛ nea wotumi gye di a, ɛsɛ sɛ nyansahufo tumi yɛ bi anaa wotumi kyerɛkyerɛ mu nnɛ. Nanso dɛn nti na nyansahufo kɔ so de bere ne sika pii yɛ nhwehwɛmu? Efisɛ nneɛma pii wɔ hɔ a wɔnte ase. Nea ɛyɛ asɛnhia ankasa wɔ su a yɛda no adi wɔ Yesu som adwuma no ho no ne ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebegye atom sɛ Onyankopɔn de ne ho gye nnipa nsɛm mu.

11. Wɔ Asomafo no Nnwuma 2:22 no, nsɛm bɛn na wɔde ka Yesu anwonwade ahorow no ho asɛm, na dɛn na eyinom kyerɛ?

11 Ɔsomafo Petro kaa Yesu ho asɛm kyerɛɛ nnipakuw bi wɔ Yerusalem wɔ 33 Y.B. mu sɛ “ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe mo mu yii no kyerɛɛ mo.” (Asomafo no Nnwuma 2:22) Sɛnea Petro kyerɛe wɔ ha no, ná anwonwade no yɛ “ahoɔdenne,” ɛnyɛ nneyɛe a nnipa foforo betumi ayɛ bi anaa wɔakyerɛkyerɛ mu, na mmom adanse a ɛkyerɛ sɛ na Onyankopɔn tumi nam Yesu so reyɛ adwuma. Ná ɛyɛ “nsɛnkyerɛnne” a ɛkyerɛ sɛ ɔne Mesia ampa, Onyankopɔn ankasa Ba no. Ná ɛyɛ “anwonwade” nso, nsɛm a ɛtwee adwene sii nsɛm a ɛyɛ anigye a ebesisi daakye so.

12. (a) Dɛn nti na wubu akwatafo a wɔmaa wɔn ho fii ho nsɛm no sɛ ɛhyɛ nkuran? (b) Dɛn na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow titiriw wɔ obubuafo bi a Yesu saa no yare no ho?

12 Kenkan Nsɛmpa no mu nsɛm a ɛwɔ Bible no mu no, na bere a woyɛ saa no, ma ɛntra w’adwenem sɛ anwonwade ahorow a Yesu yɛe no ma yedi kan hu nea ɔbɛyɛ ama adesamma a wɔbɛtra asase so wɔ Onyankopɔn Mesia Ahenni no ase no. Ɛno bɛyɛ bere a wɔbɛma nnipa a wɔyare nyarewa ahorow a ɛsɛe nipadua, te sɛ kwata no ho afi—sɛnea Yesu maa akwatafo du ho fii bere a na ɔnam kwan so rekɔ Yerusalem wɔ afe 33 Y.B. mu no. Ɔkyerɛe sɛ obetumi aboa nnipa a wɔte saa, ne sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa ampa nso. (Luka 17:11-19; Marko 1:40-42) Nnipa pii ayɛ mmubuafo. Wɔn nso benya ayaresa—sɛnea obubuafo a na waka mpa mu a Yesu saa no yare, na ɔde eyi kyerɛɛ sɛ wɔde ɔbarima no bɔne afiri no.—Marko 2:1-12.

13. Ka Yesu anwonwade no mu biako a ɛde anidaso ma (a) anifuraefo, (b) asotifo anaa mum, (d) wɔn a aduruyɛfo pii asa wɔn yare nanso wɔn ho ntɔɔ wɔn no, ho asɛm. (e) Woyɛ dɛn hu sɛ Yesu betumi asa nyarewa ne ahoɔmmerɛw ahorow nyinaa?

13 Ani a afura behu ade, aso a asiw bɛte asɛm na mum tɛkrɛma bɛkasa—sɛnea Yesu yɛɛ eyinom maa nnipa a wɔwɔ Galilea ne Dekapolis wɔ afeha a edi kan no mu no ara pɛ no. (Mateo 9:27-30; Marko 7:31-37) Nnuruyɛfo ntumi nsa nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ no yare. Ná saa na ɔbea bi a ɔwɔ Kapernaum a “na wahu amane pii ayaresafo bebree nsam, na wahwere n’ahode nyinaa, na anyɛ no yiye biara” no tebea te. Nanso Yesu saa no yare, na ɔbɛyɛ saara ama nnipa pii a wɔte sɛ ɔno. (Marko 5:25-29) Akisikuru, komayare, atiridii, dwonsɔyaw—eyinom biara renyɛ den dodo mma no, sɛnea ɔdaa no adi bere a ɔsaa “nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa” wɔ ne som adwuma wɔ Galilea no mu no.—Mateo 9:35.

14. Ɔkwan bɛn so na awufo a Yesu nyan wɔn ho nsɛm no ma yehu nea owusɔre bɛkyerɛ ama wɔn a wobefi mu aka no?

14 Ɛno nso bɛyɛ bere a awufo—ɛnyɛ wɔn a Onyankopɔn sɛe wɔn wɔ ahohiahia kɛse no mu no, na mmom afoforo ɔpepem pii a wɔawuwu wɔ mfehaha no mu no—benya hokwan atra ase bio, na wɔanya nneɛma a wɔanhwɛ kwan da sɛ wɔn nsa betumi aka. Ɛno bɛkyerɛ dɛn ama wɔn a wobefi mu aka no? Wɔ beae bi a ɛbɛn akuraa Nain no, Yesu maa ɛna kunafo bi awerɛhow nusu twae denam ne babarima koro pɛ a ɔma ɔsan baa nkwa mu bio no so. Wɔ Kapernaum no, ɔmaa abeawa ketewa bi awofo ani gyei kɛse bere a onyan wɔn ba no fii awufo mu no. (Luka 7:11-16; Marko 5:35-42) So wobɛpɛ sɛ wobɛwɔ hɔ bere a w’adɔfo nyan fi awufo mu ba no anaa? Ɛno bɛyɛ osuahu a ɛyɛ anigye a wɔn a wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so benya.

15. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu nkyerɛkyerɛ no kyerɛ nnipa ko a wɔbɛtra asase no so saa bere no? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka saa asetra no ahwɛ mprempren?

15 Afei asetra renyɛ ɛyaw ne awerɛhow a ɛtaa hyɛ nnipa so mprempren no a ɛkɔ so bere nyinaa no bio. Eyi da adi wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ no nso mu, na ɛnyɛ n’anwonwade ahorow no nkutoo mu, efisɛ wɔn a wɔyɛ n’asuafo ampa no nkutoo na wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so. (Yohane 3:36) Ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmfa honhom fam nneɛma nni honam fam nneɛma kan, wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so, wɔnhwehwɛ Ne hɔ akwankyerɛ na wɔnkyerɛ Ne nhyira horow no ho anisɔ. Yesu nam ne nsɛm ne nhwɛso a ɔyɛe so sii sɛnea ɔdɔ ne ahobrɛase, afoforo ho a obi bedwen na ɔde ne ho abɔ afɔre ama wɔn, ho hia no so dua. Wɔn a wɔbɛyɛ Kristo asuafo, na nokwarem no, wɔde saa nnyinasosɛm yi di dwuma no anya ɔhome kɛse ama wɔn akra dedaw, na wɔn nso de ɔhome brɛ afoforo. (Mateo 11:28, 29; Yohane 13:34, 35) Eyi yɛ asetra a wɔn a wɔbɛkɔ so atra nkwa mu bere a mprempren wiase a ɔdɔ nnim yi afi hɔ no benya a wodi kan ka hwɛ ara kwa. Sɛ woyɛ ade wɔ nyansam mprempren a, saa asetra no betumi ayɛ wo de.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka\Mfonini wɔ kratafa 33]

ONYANKOPƆN MFITIASE ATIRIMPƆW MA ADESAMMA

Sɛ́ ɔde nnipa a wɔda Onyankopɔn su horow adi bɛhyɛ asase so ma

Sɛ́ ɔbɛtrɛw Paradise mu afa asase nyinaa so ahwɛ ɛno ne emu mmoa so

Sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtra asase so daa