Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Boasetɔ Ho Hia Mo”

“Boasetɔ Ho Hia Mo”

Ti 23

“Boasetɔ Ho Hia Mo”

1. (a) Dɛn nti na Yehowa Adansefo yɛ nnipa a wɔwɔ anigye ankasa? (b) Nanso afotu a ɛwɔ Hebrifo 10:36 bɛn na ɛfa yɛn nyinaa ho?

WƆN a wɔde wɔn ho ato Yehowa so no ne nnipa a wɔwɔ nokware anigye sen biara wɔ asase so nnɛ. Wonim faako a wobetumi anya sɛnea wotumi gyina asetra mu ɔhaw ahorow ano ho afotu a eye sen biara—ɛwɔ Onyankopɔn ankasa Asɛm mu. Bere a wɔhwɛ daakye kwan no, wonsuro, efisɛ wonim Onyankopɔn atirimpɔw ma asase yi. (Yeremia 17:7, 8; Dwom 46:1, 2) Nanso, ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Na boasetɔ ho hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no.” (Hebrifo 10:36) Dɛn na ama boasetɔ yi ho hia?

2. Dɛn nti na Yesu asuafo behia boasetɔ?

2 Ansa na Yesu ankasa rewu no, ɔmaa n’asomafo no huu nea ɛda wɔn anim, na ɔkae sɛ: “Sɛ mufi wiase a, anka wiase no bɛdɔ n’ankasa de; na sɛ mumfi wiase na mapaw mo afi wiase yi, eyi nti na wiase tan mo. Monkae asɛm a meka mekyerɛɛ mo sɛ: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso; sɛ wɔadi m’asɛm so a, wobedi mo de so bi. Na eyinom nyinaa me din nti na wɔde bɛyɛ mo, efisɛ wonnim nea ɔsomaa me no.” (Yohane 15:19-21) Hwɛ sɛnea eyi abam!

3. (a) Ɔkwan bɛn so na ‘Yesu din nti’ wɔtaa n’asuafo? (b) Ɔkwan bɛn so na ataafo ‘nnim’ Nea ɔsomaa Yesu no? (d) Hena titiriw na ɔma ɔtaa no ba?

3 Wɔtan Yesu akyidifo efisɛ wɔte wiase a ɛpow nea Kristosom ankasa kyerɛ mu. Kristo kyerɛ “Nea Wɔasra No.” Yesu Kristo ne nea Yehowa asra no sɛ onni Hene, na onni asase nyinaa so tumi. Enti bere a Yesu kae sɛ ‘ne din nti’ wɔbɛtaa n’asuafo no, na ɔkyerɛ sɛ n’akyi a wodi sɛ Yehowa Mesia Hene, Kristo a wotie no sen asase so sodifo biara, nokwaredi a wɔde di n’Ahenni no akyi, ne wɔn ho a wɔmfa nhyehyɛ adesamma nniso horow nsɛm mu nti, na wɔbɛtaa wɔn. Yesu ka kaa ho sɛ wɔbɛsɔre atia wɔn efisɛ ataafo no nnim “nea ɔsomaa me no”—kyerɛ sɛ wɔpow sɛ wobegye Yehowa Nyankopɔn atom sɛ Amansan Hene. (Fa toto Exodus 5:2 ho.) Hena titiriw na ɔma ɔtaa yi ba? Satan Ɔbonsam.—Adiyisɛm 2:10.

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 12:17 mmamu ka yɛn asetra? (b) Dɛn ne Satan botae?

4 Ne titiriw, efi bere a wɔtow Satan fii soro kyenee wɔ bere a wɔde Yehowa Mesia Ahenni no sii hɔ wɔ 1914 akyi no, nhyɛso a ɛba nokware Kristofo so no mu ayɛ den. Mmu no adewa. Ɔbonsam ne n’adaemone de wɔn ahoɔden nyinaa reko atia wɔn a wɔakogyina Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa no afã nyinaa. Adiyisɛm 12:17 ka eyi ho asɛm sɛ: “Na ɔtweaseɛ no [Satan Ɔbonsam] bo fuw ɔbea no [Onyankopɔn soro ahyehyɛde a ɛte sɛ ɔyere no], na okotuu n’asefo nkae [Kristo asase so akyidifo a wɔde honhom asra wɔn] a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa.” “Nguan foforo” no nso hu sɛ wɔko tia wɔn denneennen. Satan de anifere bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa wɔn anaa ɔbɛhyɛ wɔn ma wɔagyae Onyankopɔn mmara nsɛm so di. Ɔpɛ sɛ ɔma wɔyɛ mmerɛw na ɔsɛe wɔn honhom mu yiyedi koraa. Ne botae ne sɛ ɔbɛma wɔagyae dawuru a wɔbɔ sɛ Yesu ne Yehowa Mesia Hene no. Nanso Onyankopɔn asomfo anokwafo redi nkonim wɔ honhom mu akodi yi mu.

ƐSƐ SƐ KRISTOFO YƐ WƆN ADE DƐN?

5. Nneɛma bɛn na nniso horow ayɛ atia Yehowa Adansefo?

5 Aban mpanyimfo pii nim sɛ Yehowa Adansefo yɛ nnipa a wodi mmara so, na wonya afoforo so nkɛntɛnso pa wɔ ɔman no mu. Nanso, adesamma nniso nyinaa yɛ Satan wiase nneɛma nhyehyɛe no fã. (1 Yohane 5:19; Adiyisɛm 13:2) Enti sɛ nniso horow bi bara wɔn a wɔsom nokware Nyankopɔn no nhyiam horow, wɔn Bible ho nhoma ahorow, na wosiw wɔn kwan sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm, yiw, wɔde wɔn to afiase na wɔyɛ wɔn ayayade mpo a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Sɛ w’ankasa woba nhyɛso a ɛte saa ase a, dɛn na wobɛyɛ?

6. (a) Su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ aban mpanyimfo ho? (b) Nanso dɛn na yɛasi gyinae pintinn sɛ yɛbɛyɛ? (d) Ɛwom mpo sɛ wɔtaa yɛn de, nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so anya anigye?

6 Ná Yesu Kristo asomafo no bu aban mpanyimfo. Bere a wɔtaa wɔn no, wɔanyɛ biribi amfa antua wɔn so ka. Nanso bere a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wonnyae nea Onyankopɔn ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no, wobuae pintinn sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn [sɛ sodifo, NW] mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:29; Romafo 12:19; 1 Petro 3:15) Bere a wohunahunaa wɔn sɛ wobekum wɔn mpo no, owu ho hu amma wɔannyae nsɛm mu ansiesie. Ná wonim sɛ wɔresom ‘Onyankopɔn a onyan awufo.’ (2 Korintofo 1:9; Hebrifo 2:14, 15) Ɛwom sɛ wɔtaa wɔn de, nanso na wɔwɔ anigye—na wɔwɔ anigye efisɛ na wonim sɛ wɔresɔ Onyankopɔn ani, na wɔwɔ anigye sɛ wɔanya hokwan renya ne din a wɔtew ho mu kyɛfã na wɔda no adi sɛ wodi nokware ma ne Hene a wasra no no. (Asomafo no Nnwuma 5:41, 42; Mateo 5:11, 12) So woyɛ onipa a ɔte saa? Woda wo ho adi pefee sɛ woka wɔn a wɔrenya osuahu ahorow a ɛte saa no ho? Ná Ebed-Melek yɛ obi a wamma ehu amma wantwe ne ho. Na ɔyɛ onipa bɛn?

7. (a) Ná hena ne Ebed-Melek, na dɛn nti na ne ho asɛm hia yɛn nnɛ? (b) Bere a Ebed-Melek tee sɛ wɔatow Yeremia ato abura bi a atɛkyɛ wom mu no, dɛn na ɔyɛe, na dɛn ntia?

7 Ná Ebed-Melek yɛ Etiopiani a osuro Onyankopɔn a ɔtraa Yerusalem wɔ bere a ɛkowiee sɛe a Babilonfo sɛee saa kurow no mu. Ná wɔafa no ma ɔyɛ adwuma wɔ Ɔhene Sedekia fie. Saa bere no na Yeremia resom sɛ Yehowa diyifo ma Yuda Ahemman no ne aman a atwa ho ahyia no. Esiane sɛ ogyinaa pintinn de Onyankopɔn kɔkɔbɔ nsɛm mae nti, wɔtaa no denneennen. Yerusalem mmapɔmma bi maa wɔde no kɔtoo abura bi mu mpo na wamem awu wɔ atɛkyɛ no mu. Ɛwom sɛ na Ebed-Melek nyɛ Israelni de, nanso ohui sɛ Yeremia yɛ Yehowa diyifo. Bere a Ebed-Melek tee nea wɔayɛ no, ɔkɔhwehwɛɛ ɔhene no ntɛm ara wɔ kurow no pon ano sɛnea ɛbɛyɛ na wasrɛ ama Yeremia. Odii ɔhene no ahyɛde so yɛɛ ntɛm kɔhwehwɛɛ mmarima 30, ne afei nhama ne ntamagow. Ɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔmfa ntamagow no nhyehyɛ ne mmɔtoam na amma nhama no anworɔw hɔ, na afei wɔtwetwee odiyifo no fii abura no mu.—Yeremia 38:4-13.

8. Bɔhyɛ a ɛma awerɛhyem bɛn na Yehowa de kɔmaa Ebed-Melek, na dɛn ntia?

8 Ná ntease wom sɛ Ebed-Melek dwen nea ebia mmampɔmma no bɛyɛ no esiane wɔn atirisopam a ɔma ɛyɛɛ ɔkwa nti no ho, nanso obu a na ɔwɔ ma Yehowa diyifo no ne ahotoso a na n’ankasa wɔ wɔ Onyankopɔn mu no bunkam ne dadwen no so. Enti, Yehowa nam Yeremia so maa Ebed-Melek awerɛhyem sɛ: “Merema me nsɛm no aba mu kurow yi so, na asi wɔn bɔne, na ansi wɔn yiye, w’anim na ɛbɛba mu da no. Nanso ɛda no, meyi wo, Awurade asɛm ni, na wɔremfa wo nhyɛ mmarima a wusuro wɔn anim no nsa. Na ofi na mɛma woafi mu afi, na worentɔ afoa ano; na wo kra bɛdan wo asade, efisɛ wode wo ho too me so, Awurade asɛm ni.”—Yeremia 39:16-18.

9. (a) Ɔkwan bɛn so na “nguan foforo” no ayɛ wɔn ade te sɛ Ebed-Melek? (b) Enti, dɛn na bɔ a Yehowa hyɛɛ Ebed-Melek no kyerɛ ma “nguan foforo” no nnɛ?

9 Hwɛ sɛnea saa bɔhyɛ no som bo ma Yehowa nkoa nnɛ! Te sɛ Ebed-Melek no, “nguan foforo” no hu atɛnkyea a wobu nnɛyi Yeremia kuw a wɔne nkaefo a wɔasra wɔn no, ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛma wɔagyae Yehowa nsɛm a wɔka no. Wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi biara de abɔ kuw a wɔasra wɔn no ho ban na wɔaboa wɔn. Enti, ɔkwan a ɛfata so no, bɔhyɛ a Yehowa de maa Ebed-Melek no hyɛɛ wɔn den, na ɛhyɛ ahotoso a wɔwɔ sɛ Onyankopɔn remma asɔretiafo nsɛe wɔn na mmom ɔbɛkora wɔn so sɛ kuw wɔ wiase sɛe a ɛreba no mu de wɔn akɔ Ne trenee “asase foforo” no so no mu den.

10. Asetra afã horow bɛn mu na Kristofo hyia ɔtaa?

10 Ɛnyɛ wɔn a wodi Yesu Kristo anammɔn akyi nyinaa na wɔde afiasenna hunahuna wɔn, nanso wɔn nyinaa hyia ɔtaa wɔ ɔkwan bi so. (2 Timoteo 3:12) Ɔyerenom ne okununom Kristofo mpempem pii de nokwaredi agyina ɔsɔretia a emu yɛ den ano wɔ wɔn ankasa afie mu mfe pii. Esiane ɔpɛ a mmofra nso wɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa nti wɔn awofo apow wɔn. (Mateo 10:36-38) Kristofo mmofra betumi ahyia ɔtaa nso wɔ sukuu; mpanyimfo betumi ahyia wɔ wɔn nnwuma mu. Yehowa Adansefo nyinaa hyia bi bere a wodi Onyankopɔn Ahenni ho adanse wɔ baguam no. Yesu nsɛm yi fa saafo yi nyinaa ho: “Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.”—Luka 21:19.

11. (a) Tebea foforo bɛn na ɛyɛ sɔhwɛ a emu yɛ den ma nnipa pii? (b) Henanom nso na eyinom to wɔn, na dɛn ntia?

11 Pii hyia tebea foforo a ɛsɔ wɔn hwɛ. Ebia ɔyare bi a emu yɛ den, nea ɛmma wonnya anigye kɛse wɔ asetra mu wɔ wɔn ho. Anaa, ebia wohyia sika fam ahokyere a emu yɛ den. Ɛtɔ mmere bi a, ebia nsɛm a wɔn ayɔnkofo paa ka no mfata na ɛnkyerɛ ayamye. Wɔ tete agya Hiob fam no, Satan de eyinom nyinaa dii dwuma de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wagyaa ne mudi mu. Sɛ yɛkɔ tebea horow a ɛte saa mu a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn?—Yakobo 5:11.

12. (a) Dɛn nti na na Noa titiriw hia boasetɔ wɔ ne som adwuma no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na tebea no te saa ara wɔ yɛn bere yi mu?

12 Ɔkwan foforo so no, sɛ yɛn ankasa hu sɛ wɔnyɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebedi Yehowa atirimpɔw ahorow ho adanse no ho biribi pa ahe biara nso ɛ? Ɛno nso gye boasetɔ. Kae, Noa yere ne ne mmabarima ne wɔn yerenom nkutoo na wɔkaa ne ho som Yehowa wɔ mfe a ɔde kaa asɛm ansa na Nsuyiri no reba no nyinaa mu. Adesamma a na wɔaka no nyinaa ‘antie.’ (Mateo 24:39) Saa ara nso na nnɛ, nnipa dodow no ara ‘ntie.’ Nanso, mprempren wɔanya nokware Nyankopɔn no asomfo bebree wɔ mmeaemmeae bi a anka wontie Ahenni asɛm no ahe biara no. Anigye ne wɔn a wogyinaa mfe pii anibiannaso anaa ɔsɔretia ankasa ano na mprempren wɔrenya anoboaboa adwuma a ɛkyɛn so yi mu kyɛfã no!

‘ANIGYE NE WƆN A WƆKƆ SO TƆ WƆN BO ASE’

13. (a) Sɛ yɛbɛkɔ so atɔ yɛn bo ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yehu wɔ akwan a Satan fa so no ho?

13 Nea ɛbɛyɛ na “asase foforo” no so asetra ho anidaso a ɛyɛ anigye no ammɔ yɛn no, ehia sɛ yɛma ɔsɛmpɔw kɛse a ɛda abɔde nyinaa anim—amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no—tra yɛn adwenem yiye. So yegyina Yehowa afã pintinn? Yenim yiye sɛ eyi yɛ afã abien pɛ, na mfinimfini gyinabea biara nni hɔ? Sɛ yɛrenyɛ nnipa a wɔn nkwa befi wɔn nsa wɔ ɔko yi mu a, ehia sɛ yehu sɛ nitan ne nnaadaa nyinaa yɛ akwan a Satan nam so ma yegyaa yɛn mudi mu, yegyae osetie a yɛyɛ ma Onyankopɔn no, na yegyae adwuma a ɛho hia a ɛne Mesia Ahenni no ho adansedi no yɛ.—1 Petro 5:8, 9; Marko 4:17-19.

14. (a) Abusuabɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yenya, na hena na ɛsɛ sɛ yɛne no nya? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔbɛboa yɛn?

14 Ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so koraa. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛde yɛn ankasa ahoɔden nkutoo bɛbɔ mmɔden akwati ɔtamfo bi a ɔkorɔn sen onipa nnɛɛdɛe ahorow! Nanso sɛ yɛde yɛn koma nyinaa to Yehowa so a, ɛnde sɛ yehyia ahokyere ne sɔhwɛ a, yɛbɛbɛn no kɛse. (Efesofo 6:10, 11; Mmebusɛm 3:5, 6) Yehowa nhyɛ yɛn sɛ yɛmfa ɔkwan bi so. Ɔrenkyerɛ yɛn kwan bere a yɛmpɛ no saa. Nanso sɛ yɛkɔ n’Asɛm mu kɔhwehwɛ akwankyerɛ, sɛ yɛbɔ no mpae de srɛ ahoɔden na yɛde yɛn ho fam n’ahyehyɛde no ho a, ɔbɛkyerɛ yɛn anammɔn kwan. Na ɔde n’ankasa dɔ a enni huammɔ ho adanse foforo bɛhyɛ yɛn den.—Romafo 8:38, 39.

15. (a) Hena na ɛsɛ sɛ yɛde no di kan wɔ yɛn asetra mu? (b) Ɛsɛ sɛ yebu tebea horow a ɛsɔ yɛn gyidi hwɛ no dɛn?

15 Amanehunu ne sɔhwɛ ahorow a wuhyia no bɛsɔ wo ahwɛ. Hena na wode no di kan wɔ w’asetra mu? Nea Satan ka ne sɛ yɛn nyinaa dwen yɛn ankasa ho titiriw. Nnipa dodow no ara te saa. Ná Yesu Kristo nte saa. So wote saa? Woasua sɛ wode Yehowa din a wobɛkamfo no bedi kan? Sɛ saa a, ɛnde sɛ́ anka wobɛkwati tebea horow a ɛsɔ wo gyidi hwɛ mmom no, wubetumi de akokoduru agyina ano, na woabɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo nyansa na wode eyinom ahyɛ no anuonyam. Ahohiahia a wuhyia no bɛma woanya boasetɔ; boasetɔ a ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ma wunya no bɛma woanya n’anim dom. ‘Anigye ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Yehowa de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.’—Yakobo 1:2-4, 12; Romafo 5:3, 4.

16. Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden du ho?

16 Ɛnnɔɔso sɛ wubefi ase asom Yehowa anaa wubenya boasetɔ bere tiaa bi kɛkɛ. Yɛwɔ akansi bi mu, na wɔn a wosi wie no na wonya nkonimbo no. Wɔn a wɔda so ara yere wɔn ho a wɔagyen wɔn ani de hwɛ nkonimbo no nyinaa ani begye bere a nhyehyɛe dedaw yi sɛe no! Akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara na ɛda hɔ twɛn wɔn saa bere no!—Hebrifo 12:1-3; Mateo 24:13.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]