Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn na W’ankasa Wobɛyɛ?

Dɛn na W’ankasa Wobɛyɛ?

Ti 16

Dɛn na W’ankasa Wobɛyɛ?

1. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ obi ankasa si?

GYINAE a wubesi sɛ wobɛsom Yehowa no nyɛ nea obi foforo betumi ayɛ ama wo. Sɛ w’aware mu ɔhokafo yɛ Onyankopɔn somfo nokwafo a, ɛno betumi ayɛ nhyira a ɛso nni. Saa ara nso na sɛ w’awofo dɔ Yehowa a, wowɔ gyinabea a ɔdom wom. Ofie tebea horow a ɛte saa no betumi ahyɛ wo nkuran ma wo ne wɔn a wɔsom Yehowa “honhom ne nokware mu” no abɔ. (Yohane 4:23, 24) Nanso bere bi bɛba a ɛsɛ sɛ w’ankasa wusi gyinae. So wodɔ Yehowa ampa na wopɛ sɛ woyɛ n’asomfo mu biako? Wopɛ sɛ wotra wiase a trenee bɛtra mu mu ampa?

2. (a) Dɛn nti na sɛnea ɔwofo yɛ n’ade wɔ Yehowa som ho no ho hia titiriw? (b) Nneɛma anum bɛn na awofo betumi ayɛ na ama wɔn mma anya mfiase pa?

2 Sɛ woyɛ ɔwofo a, akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ wo mma nya nhyira a ɛne daa nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni mu. Worentumi nnya nea wɔbɛyɛ bere a wɔanyin sɛnea ɛsɛ a wɔn ankasa betumi apaw wɔn asetra kwan no so tumi. Nanso nea w’ankasa woyɛ wɔ nokware som ho no betumi anya wɔn so nkɛntɛnso kɛse—ɔkwampa so anaa ɔkwammɔne so. Sɛ woansom Yehowa a, ɛno bɛma wo mma ahwere nea ebetumi ayɛ hokwan a eye sen biara a wobenya de afi ase anantew daa nkwa kwan so no. Anaasɛ wuhyira wo ho so ma Onyankopɔn na afei woyɛ anibiannaso wɔ ɛho dwumadi mu a, eyi betumi de honhom fam ɔhaw kɛse aba abusua no nyinaa so, na moahwere biribiara wɔ ahohiahia kɛse no mu. Nanso sɛ woyɛ nokwaredi ho nhwɛso, sɛ w’ankasa woboa wo mma ma wosua Onyankopɔn Asɛm, sɛ w’ankasa nya Yehowa ho dɔ na woboa wo mma na wonya bi, mokyerɛ obu ma n’ahyehyɛde a aniwa hu no, sɛ woboa wɔn ma wohu sɛnea Onyankopɔn apɛdeyɛ bɔ wɔn ho ban, sɛ wokyerɛ wɔn sɛnea wobetumi anya anigye wɔ ɔsom kronn mu a, ɛnde na worema wɔafi ase anantew nkwa kwan no so wɔ ɔkwan a eye sen biara so. Yehowa nhyira nkutoo na ebetumi ama ayɛ yiye saa. (Fa toto 2 Timoteo 1:5 ho.) Ɛnsɛ sɛ wugyae ɛho mpaebɔ da. Ehia nso sɛ wobɔ wo ho mmɔden kɛse. Nanso hwɛ mfaso kɛse a ɛbɛba nea ebefi mu aba no so!

3. (a) Sɛ wuhyia ɔsɔretia fi w’abusuafo hɔ a, dɛn na wubetumi ayɛ? (b) Na sɛ ɔsɔretia no kɔ so nso ɛ?

3 Ebia tebea a wuhyia ne sɛ w’abusuafo foforo nni ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no bi. So wɔbɔ mmɔden sɛ wobebu w’abam na woamfa wo ho “anhyem”? Anaasɛ wuhyia ɔsɔretia ankasa? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn ma wɔn nso wɔanya Onyankopɔn atirimpɔw ho ntease a wowɔ no ho anigye no bi? Mpɛn pii no, wubetumi adi akwanside ahorow so nkonim denam w’abusuafo a wobɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔne wo akɔ Ahenni Asa so na wɔn ankasa akɔhwɛ nea ɛkɔ so wɔ hɔ no so. Bere a wɔwɔ hɔ no, wobetumi ne mpanyimfo no mu biako abɔ nkɔmmɔ na wama wɔn nsemmisa a ɛfa Yehowa Adansefo gyidi ne nneyɛe ho no ho mmuae. Nanso sɛ ɔsɔretia no kɔ so nso ɛ? Ɛnde ehia sɛ wubisa wo ho sɛ: ‘So medɔ Yehowa ne ne Ba Yesu Kristo ampa, na m’ani sɔ nneɛma a wɔayɛ ama yɛn no nyinaa sɛnea ɛsɛ ma enti mewɔ ɔpɛ sɛ megyina ahokyere bi ano de akyerɛ ɔdɔ ne anisɔ a mewɔ no? Medɔ m’ankasa m’abusua sɛnea ɛsɛ a ɛbɛma mayɛ nhwɛso a ɛfata, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, maboa wɔn nso ma wɔaso Onyankopɔn nsiesiei ma daa nkwa no mu?’—Mateo 10:36-38; 1 Korintofo 7:12, 13, 16.

FRANKAA A AMANAMAN NO REHWEHWƐ AKYI KWAN

4. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ampa?

4 Mprempren wɔrema nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa anya hokwan de akyerɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa denam ba a wɔbɛba ne Mesia Ahenni no afã no so. Saa nniso no na wɔnam so betew Yehowa din ho. Sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ Ahenni no ho no ma sɛnea yɛte nka wɔ Yehowa ankasa ho no da adi.

5. (a) Dɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba wɔ yɛn bere yi so wɔ Yesaia 11:10? (b) Dɛn na ɛkyerɛ?

5 Yehowa de honhom kaa Yesaia ma ɔkyerɛw sɛ: “Na da no, Yisai ntini mu duforo a esi hɔ sɛ ɔfrankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne trabea bɛyɛ anuonyam trabea.” (Yesaia 11:10) “Yisai ntini” no ne Awurade Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no. Bere a ofii ahenni tumidi ase no, te sɛ “ntini” a ɛma nkwa no, ɔmaa Mesia ahemfo abusua a ɛnam Yisai ba Ɔhene Dawid so bae no nyaa ahoɔden foforo. (Adiyisɛm 5:5; 22:16) Efi 1914 no ‘wagyina hɔ sɛ ɔfrankaa ama aman,’ faako a nnipa a wɔpɛ sɛ wonya trenee nniso nyinaa guan kɔ. Yehowa ankasa na ɔde no asi hɔ sɛ saa Frankaa no, nokware Mesia Hene no.—Yesaia 11:12.

6. (a) Dɛn na ama nnipa atumi aboaboa wɔn ho ano atwa ɔsoro Hene bi ho ahyia? (b) Esiane “ɔfrankaa” no ‘akyi kwan’ a nkurɔfo ‘kɔhwehwɛe nti,’ dɛn na wɔasua?

6 Nanso ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔwɔ asase so ha betumi aboaboa wɔn ho ano atwa ɔsoro Hene bi ho ahyia? Ehia sɛ wɔde Bible mu nsɛm bi kyerɛ wɔn na ama wɔatumi de ntease aniwa ahu no. Honhom mu Israel nkaefo no nam honhom kronkron akwankyerɛ so reyɛ adwuma yi nnam so, na wɔreka Onyankopɔn Mesia Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa kyerɛ wɔ asase nyinaa so. Nnipa ankorankoro a wofi amanaman nyinaa mu de anisɔ atie. Wɔabisa ɔsoro ahwehwɛde ahorow a ehia sɛ wodu ho na wɔatumi ayɛ Ahenni no nkoa a wobenya daa nkwa wɔ Paradise asase so no ho asɛm. Esiane sɛ wɔn ani gyee mmuae ahorow a wofi Bible mu de maa wɔn ho nti, wɔayɛ ade ma ɛne eyinom ahyia na wɔabegyina Yehowa Mesia Ahenni no afã. Woayɛ saa?

‘WƆBƐTE NANSO WƆRENNI SO’

7. Sɛnea nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade wɔ Bible nsɛm ho no ho nkɔm bɛn na wɔhyɛɛ wɔ Hesekiel 33:30-33?

7 Esiane sɛ Yehowa Adansefo de nnam yɛ wɔn adwuma no nti, nkurɔfo taa ka wɔn ho asɛm. Nanso saa nnipa yi te nka dɛn wɔ nsɛm a Yehowa Adansefo bɔ no dawuru no ho? Sɛnea pii yɛ wɔn ade no te sɛ nea odiyifo Hesekiel mfɛfo nnommum a na wɔwɔ Babilon no yɛe no ara pɛ. Yehowa kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Na wo, onipa ba, wo man mma keka wo ho nsɛm . . . sɛ: Mommra mmetie asɛm ko a efi Awurade nkyɛn ba no ɛ! Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛ ɔman bi ba, na wɔatratra ase w’anim sɛ me man, na wɔate wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anom adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredi; wɔn koma di wɔn mfaso akyi. Na hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ na onim sankubɔ yiye; na wɔte wo nsɛm de, nanso wonni so. Na enya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wobehu sɛ odiyifo atra wɔn mu pɛn.”—Hesekiel 33:30-33.

8. Ɔkwan bɛn so na nnipa binom da saa su no adi?

8 Nnipa pii wɔ hɔ a wɔn ani gye Yehowa Adansefo ho na wɔpɛ wɔn Bible ho nhoma ahorow no. Ebia wɔbɛpene so mpo sɛ wɔne wɔn nyɛ ofie Bible adesua. Ebinom ne wɔn nnamfo ba nhyiam atitiriw a Adansefo no yɛ no ase. Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn a wɔba Yesu Kristo wu Nkaedi a wɔyɛ no afe afe ase no dodow bɛyɛ sɛ Yehowa Adansefo dodow mmɔho abien. Wɔ aman bi so no, wɔn a wɔba no dodow kɔ soro kodu Adansefo no dodow mmɔho anum. Nanso dɛn na wɔbɛyɛ wɔ Bible mu nokware ahorow a wɔte no ho? Bɛboro ɔpepem abien ne fã afa eyi aniberesɛm na wɔtra ase ma ɛne no hyia. Nanso afoforo bu no sɛ ɛyɛ nnwom a ɛyɛ dɛ kɛkɛ, biribi a wɔde gyigye wɔn ani. Wɔte akyi hwɛ nea ɛrekɔ so no, na ebia wɔka nsɛm a ɛhyɛ nkuran nanso wonhyira wɔn nkwa so mma Onyankopɔn na wonnya ne som kronn mu kyɛfa.

9. Dɛn na nnipa a wɔyɛ anyansafo bɛyɛ mmom sen sɛ wɔn adwenem bɛyɛ wɔn naa na wɔatwentwɛn wɔn nan ase?

9 Dɛn na wubenya afi adwenem naayɛ ne wo nan ase a wotwentwɛn no mu? Nokwarem no, worennya Yehowa anim dom ne n’ahobammɔ wɔ aweredi da a ɛreba no mu. Sɛ wobɛka wɔn a wobenya nkwa no ho a, ɛsɛ sɛ wode adanse a wogye tom ma mprempren sɛ wode ‘wo ho abɛbɔ Yehowa ho’ na woyɛ ne de.—Sakaria 2:11; Mateo 7:21.

WOSII GYINAE A ƐFATA

10, 11. (a) Ná hena ne Hobab, na dɛn na wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnyɛ? (b) Yɛyɛ dɛn hu gyinae a osii?

10 Wɔn a wɔabɛyɛ Yehowa asomfo sɛ Yesu Kristo akyidifo nyinaa ankasa asi gyinae sɛ wɔbɛyɛ saa. Eyi te saa wɔ wɔn a wɔyɛ ɔsoro Ahenni no adedifo no nyinaa fam. Mprempren hokwan a ɛsom bo abue ama afoforo sɛ wɔbɛpaw nea wɔpɛ, a wɔn anidaso ne sɛ wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu, na wɔatra ase wɔ pɛyɛ mu wɔ asase so. Hobab yɛɛ nhwɛso bi a ɛfata sɛ wosuasua.

11 Ná Hobab yɛ Mose akonta. Na ɔnyɛ Israelni na mmom Kenifo abusua a wɔte Midianfo asase so no muni. Bere a Israel nsa kaa Mmara no denam Mose so, na wosii ahyiae ntamadan maa Yehowa som akyi no, bere dui sɛ wotu kɔ kusuu fam a na wɔn ani kyerɛ Bɔhyɛ Asase no. Ná omununkum dum a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ka wɔn ho no bedi wɔn anim akyerɛ wɔn kwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so ne faako a wɔbɛbɔ nsra. Nanso na ɛbɛboa wɔn sɛ wobenya obi a onim asase no so ne faako a wobenya nneɛma a wohia ma wɔn nsrabɔ no aka wɔn ho. Mose too nsa frɛɛ Hobab sɛ ɔne wɔn nkɔ, nanso mfiase no Hobab ampene, efisɛ osusuwii sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ ɔne n’abusuafo bɛtra beae a wɔwoo no no. Nanso, Mose hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnsan nsusuw ho na ɔne wɔn nkɔ, na wɔayɛ Israelfo no “aniwa,” na ama ɔno nso anya nhyira horow a Yehowa de bɛma ne nkurɔfo no bi. Hobab fi nyansam yɛɛ saa, sɛnea wɔakyerɛ wɔ Atemmufo 1:16 no.—Numeri 10:29-32.

12. (a) Henanom na wɔte sɛ Hobab nnɛ, na akwan bɛn so na wɔsɛ no? (b) Ɔfrɛ a wɔde to gua bɛn na ɛte sɛ nea Mose de too Hobab anim no?

12 Nnipa bi wɔ hɔ nnɛ a Hobab yɛ wɔn ho mfonini. Ɛwom sɛ wɔnyɛ honhom fam Israelfo de, nanso wɔbɛka eyinom ho bere a wɔretu kwan akɔ Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no mu no. Nea ɛbɛma wɔatumi ayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ wone wiasefo abusuafo ne nnipa nniso horow gyae fekubɔ. Wɔne Kristo “nuanom” nkaefo no abom asom anigye so wɔ Mose Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, akanni ase, na wɔn na wɔtaa kɔhwehwɛ nsasesin foforo a wɔbɛka asɛmpa no wɔ hɔ. Wɔn mu pii atu akɔtra mmeae a na wohia Ahenni asɛmpakafo yiye wɔ hɔ no, mpɛn pii no sɛ akwampaefo anaa asɛmpatrɛwfo, na wɔde wɔn bere nyinaa bɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru sɛ ɛno nkutoo ne adesamma anidaso ankasa. Hokwan ahorow pii da so ara wɔ hɔ sɛ wobenya ɔsom kronn a ɛte saa mu kyɛfa. Wɔto nsa frɛ wɔn a wɔfata sɛ wɔmfa wɔn ho mma, na wɔnam saayɛ so anya nhyira horow a efi ɔsom a wɔtrɛw mu wɔ saa kwan yi so mu ba no bi. Wubetumi ayɛ saa?

13. (a) Ná hena ne Yael, na na ne kunu gyinabea wɔ Yehowa nkoa ho te dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ Yael hwɛe?

13 Bere a Hobab sii gyinae sɛ ɔne Israelfo bɛkɔ no akyi bɛyɛ mfe 180 no, na n’asefo mu biako, ɔbarima bi a ɔde Heber ne ne yere Yael te bɛn Megido. Ná Heber atwe ne ho afi Kenifo a aka no ho na ɔne Yabin a ɔyɛ Kanaanfo hene bi a ɔde nhyɛso a emu yɛ den baa Israelfo so no te hɔ wɔ asomdwoe mu. Bere a Yehowa yii Barak sɛ Israel ogyefo no, Yabin safohene panyin Sisera boaboaa asraafodɔm ne ɔko nteaseɛnam a dade hyehyɛ ne ntwahonan ho ahankron ano. Nanso Yehowa ko maa ne nkurɔfo, na ɔmaa atamfo no nsra mu yɛɛ basabasa, na nsuyiri maa wɔn nteaseɛnam no kaa dontori mu. Sisera ankasa gyaw ne teaseɛnam no guan n’ananmu kɔɔ Heber yere Yael ntamadan mu. Sɛnea na Sisera hwɛ kwan no, ɔtoo nsa frɛɛ no kɔɔ ntamadan no mu.—Atemmufo 4:4-17; 5:20, 21.

14. Gyinae bɛn na Yael sii, na eyi dii dɛn ho adanse?

14 Afei na ayɛ sɔhwɛ. Dɛn na ɔbɛyɛ saa Yehowa nkurɔfo tamfo yi? Ɔde kuntu kataa Sisera so, maa no nufusu ma ɔde kum ne sukɔm, na ɔtwɛn kosii sɛ ɔdae hatee. Afei ɔfaa “ntamadan no bofunnua, na ɔfaa asae kuraa ne nsam, na ɔkɔɔ ne nkyɛn brɛoo, na ɔde bofunnua no kɔbɔɔ n’asontɔre mu kitaa fam, efisɛ ɔbrɛ nti wada hatee, na owui.” Ná nea ɔyɛe no gye akokoduru ne ɔdɔ ma Yehowa ne ne nkurɔfo. Ná ɛhwehwɛ sɛ ɔyere ne ho yɛ ade pa ankasa nso.—Atemmufo 4:18-22; 5:24-27, 31.

15. Ɔkwan bɛn so na nnɛ nnipa rekyerɛ sɛ wɔte sɛ Yael?

15 Te sɛ Yehowa asomfo afoforo a wɔnyɛ Israelfo no, Yael yɛ “nguan foforo” a wɔyɛ Kristo honhom fam nuanom no papa no ho mfonini. Ɛmfa ho sɛ abusuabɔ bɛn na wɔne wɔn abusuafo a wɔbɛn wɔn pɛɛ no ne wiase no ne mu atumfoɔ wɔ no, “nguan foforo” no ani nnye sɛnea wiase atumfoɔ hyɛ Yehowa nkurɔfo so no ho. Wogyina Barak Ɔkɛseɛ, Awurade Yesu Kristo, ne ne nokware akyidifo no akyi. Yael kuw no mufo yi ankasa mma wɔn nsa so nhyɛ wiase atumfoɔ no, nanso wɔde biribiara a wɔwɔ no di dwuma de tia mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhyɛ Yehowa nkoa so no. Wɔntwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma wɔahu pefee sɛ wɔpene Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛsɛe n’atamfo nyinaa no so koraa no.

16, 17. (a) Nhwɛso a ɛfata sɛ yesuasua bɛn na wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo no Nnwuma ti 8? (b) Ɛno akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ?

16 Ɛnsɛ sɛ wosɛe bere. Sɛ wowɔ Yehowa ne ne Mesia Ahenni no mu gyidi ampa, na woama w’asetra ne Bible mu ahwehwɛde ahorow ahyia a, ɛnde ma ɛnna adi pefee ntɛm ara. Da honhom a Etiopiani piani a wɔaka ne ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma ti 8 no daa no adi no bi adi. Ɔtee nea wɔhwehwɛ afi ne hɔ ase ara pɛ, obisaa Filipo a ɔkyerɛkyerɛɛ no Yesu asɛmpa no mu no sɛ: “Ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” Na ntɛm ara na wɔbɔɔ no asu wɔ nsu mu.

17 Bere a woanya mfiase pa a ɛte saa no, hyɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ no mu den daa, hwehwɛ akwan a wobɛfa so de n’Asɛm adi dwuma akosi ase wɔ w’asetram, fa wo ho hyɛ adwuma titiriw a ɛne Ahenni asɛmpa a wɔreka wɔ nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu no mu kosi ase.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]