Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena na Odi Yɛn Anim Kɔ Nkwagye Mu?

Hena na Odi Yɛn Anim Kɔ Nkwagye Mu?

Ti 9

Hena na Odi Yɛn Anim Kɔ Nkwagye Mu?

1. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ ase na ama wɔagye yɛn nkwa atwa “ahohiahia kɛse” no dwoodwoo? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnea Onyankopɔn de Mose dii dwuma no yɛɛ eyi ho mfatoho?

SƐ YEGYE Yesu Kristo akanni tom, de adanse a edi mu ma sɛ yetie no ampa na yedi n’anammɔn akyi nkutoo a na wobetumi agye yɛn nkwa wɔ wiase bɔne yi mu akora yɛn nkwa so atwa “ahohiahia kɛse” a ɛreba no. (Asomafo no Nnwuma 4:12) Nsɛm a esisii wɔ gye a wogyee honam fam Israel fii Misraim wɔ 1513 A.Y.B. mu no yɛɛ eyi ho mfatoho yiye. Yehowa nam anwonwakwan so de Israelfo no faa Po Kɔkɔɔ no mu dwoodwoo, na ɔsɛee Misrifo asraafo a na wɔretiw wɔn no. Eyi nyinaa mu no, Onyankopɔn de Mose dii dwuma ma odii ne nkurɔfo anim.—Yosua 24:5-7; Exodus 3:10.

2. (a) Na “afrafrafo pii” a wɔne Israefo fii Misraim no yɛ nnipa bɛn? (b) Dɛn na akyinnye biara nni ho sɛ ɛtwetwee wɔn? (d) Dɛn na ankyɛ biara wɔsɔɔ wɔn hwɛe wɔ ho?

2 Bere a Israelfo no fii Misraim a na wɔn anidaso ne sɛ wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no, afoforo kɔkaa wɔn ho. Sɛnea Mose kyerɛwee akyiri yi no: “Afrafrafo pii nso ne wɔn kɔe.” (Exodus 12:38) Ná eyinom yɛ nnipa bɛn? Na wɔyɛ Misrifo anaa aman foforo so nnipa a wosii gyinae sɛ wɔne Israelfo no bɛkɔ. Ná wɔahu ɔhaw ahorow a ɛkanyan ehu a Yehowa de baa Misraim man a ɛhyɛ nnipa so no so de kyerɛe sɛ ɔne nokware Nyankopɔn koro pɛ no, na Misraim anyame yɛ atoro anyame, na wɔantumi annye wɔn asomfo. Akyinnye biara nni ho nso sɛ nea wɔte fii Israelfo no hɔ faa asetra wɔ “asase a nufusu ne wo sen wɔ so” ho anidaso ho no yɛɛ wɔn dɛ. (Exodus 3:7, 8; 12:12) Nanso so wogyee Mose toom koraa sɛ nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔnyɛ Ne nkurɔfo sodifo ne agyenkwa? Ankyɛ na wɔsɔɔ wɔn hwɛe.—Asomafo no Nnwuma 7:34, 35.

3. (a) Dɛn nti na na ɛho hia sɛ wodi Mose akwankyerɛ ahorow akyi? (b) Na ‘asu a wɔbɔ kɔɔ Mose mu’ no kyerɛ dɛn? (d) Dɛn nti na ɛho hia honhom mu Israelfo?

3 Bere a Israel ne “afrafrafo pii” no bɛn Po Kɔkɔɔ no ano no, Misraim hene ne n’asraafo dɔm tiw wɔn sɛ wɔrekɔkyere wɔn de wɔn akɔyɛ nkoa bio. Sɛ wobegye wɔn a, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ biako na wodi Mose akwankyerɛ ahorow akyi, efisɛ na Yehowa de Mose redi dwuma sɛ onni wɔn anim. Yehowa nam anwonwakwan so mununkum bi so siw atamfo no kwan, bere a ɔpaee po no mu abien, na ɔmaa subɔnka no mu nsu yowee no. Nea ɛne nea ɛtoo Misrifo no akyiri yi bɔ abira koraa no, Israelfo nyinaa ne “afrafrafo pii” no ne Mose twaa subɔnka a emu awo no. (Exodus 14:9, 19-31) Bere a wɔtoo santen faa mu, a nsu no ayɛ ɔfasu wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum, na omununkum a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho wɔ wɔn atifi no, biribi titiriw bi sii. Bible no ka ho asɛm sɛ asubɔ—ɛnyɛ nsu mu asubɔ ankasa, na mmom sɛnkyerɛnne kwan so de a ɛde wɔn kɔɔ Mose mu sɛ Yehowa diyifo, nea Onyankopɔn asoma no sɛ ɔmmɛyɛ wɔn Agyenkwa. (1 Korintofo 10:1, 2) Saa ara nso na ɛsɛ sɛ honhom mu Israelfo nyinaa a wobenya nkwa wɔ wiase bɔne yi sɛe mu no bɛbɔ asu a ɛte saa ara akɔ Kristo mu sɛ agyenkwa, na wɔde adanse a edi mu ma sɛ wodi n’akanni akyi pɛɛ. Ɛsɛ sɛ nnɛ bere yi mu “afrafrafo” ne wɔn kɔ.

4. Tumi a Yehowa de ama Kristo no kɛse te dɛn?

4 Yehowa ama ne Ba, Yesu Kristo, tumi kɛse. Onyankopɔn nam no so ama atumi ayɛ yiye sɛ ‘wobegye yɛn afi mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu,’ ma enti enhia sɛ nea ɛbɛba no bi ka yɛn. (Galatifo 1:3-5; 1 Tesalonikafo 1:9, 10) Yehowa nam Mose so maa Israelfo no mmara ahorow a na ɛka nkurɔfo no asetra a ɛda wɔn anim pɛɛ ho anidaso no. Bere a wodii saa mmara ahorow no so no, wonyaa so mfaso kɛse. Nanso na mmara ahorow no bi so a wobebu ho asotwe yɛ kumfɔ. Akyiri yi, Yesu bɛyɛɛ odiyifo a ɔsen Mose. Nea ɔkyerɛkyerɛe no yɛ “daa nkwa nsɛm,” na nsɛm yi a obi hyɛ da bu so no bɛma wawu a ɔrennya nkwagye biara. Enti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yebetie nea ɔka no!—Yohane 6:66-69; 3:36; Asomafo no Nnwuma 3:19-23.

5. Dɛn na ɛma brɛ a obi brɛ ne ho ase hyɛ Yesu ase no yɛ anigye yiye?

5 Ebinom fam no, ɛte sɛ nea wɔmpɛ adwene a ɛkyerɛ sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ ɔkannifo bi ase no. Wɔahu sɛ wɔde tumi adi dwuma ɔkwammɔne so pii dodo. Nanso, Yesu ankasa nsɛm a ɔkae no da su bi a ɛma awerɛhyem adi. Ɔde anigye to nsa frɛ yɛn sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Wɔn a wogye nsa a ɔto frɛ wɔn anigye so saa, na wɔde wɔn ho nyinaa to no so no nsa rensi fam. (Romafo 10:11) Wobenya ahobammɔ te sɛ nea oguanhwɛfo a ɔwɔ dɔ nguankuw mu nguan nya no.

NOKWARE GUANHWƐFO PA NO

6. (a) Ɔkwan bɛn so na na Israel man te sɛ nguan a wɔwɔ nguannan mu? (b) “Nguan” yi hwɛfo ho bɔhyɛ bɛn na Yehowa de mae, na enyaa mmamu dɛn?

6 Ná Israel man te sɛ nguankuw a wɔyɛ Yehowa dea. Ɔmaa wɔn Mmara apam a na ɛte sɛ nguannan a ɛma ahobammɔ, na egye wɔn ho ban wɔ Amanaman mufo a wonsuro Onyankopɔn no asetra kwan no ho. Ɛkyerɛkyerɛɛ wɔn a wodii so no kwan kɔɔ Mesia no nkyɛn nso. (Efesofo 2:14-16; Galatifo 3:24) Yehowa kaa Mesia a ɔyɛ Ɔhene Oguanhwɛfo no ho asɛm siei sɛ: “Na mede oguanhwɛfo biako mesi [me nguan] so na wayɛn wɔn, m’akoa Dawid.” (Hesekiel 34:23, 31) Ná eyi nkyerɛ sɛ Dawid a na wawu saa bere no ankasa bɛsan adi Onyankopɔn nkurɔfo so tumi sɛ ɔhene bio. Mmom no, na Yehowa bɛma ɔhene oguanhwɛfo a Onyankopɔn nam no so de ahobammɔ bɛma no so afi Dawid adehye abusua no mu. (Yeremia 23:5, 6) Ná ɛtɔ mmere bi a, nnipa di atoro ka sɛ wɔne Mesia agyenkwa no, nanso wɔ afe 29 Y.B. mu no, Yehowa de Osuboni Yohane dii dwuma ma ɔde Yesu Kristo kyerɛɛ Israel “nguan” no sɛ nea Onyankopɔn asoma no ankasa, Mesia a ɔwɔ nokware adanse ahorow no. Ná oyi ne Onyankopɔn soro Ba a na wayi ne nkwa abɛhyɛ Yudani ɔbaabun bi awotwaa mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi awo no ato Dawid adehye abusua no mu no. Edin Dawid no asekyerɛ ne “nea wɔdɔ no,” enti ɛfata sɛ wɔ Yesu asubɔ wɔ nsu mu akyi no, Yehowa fi soro paem mu kae sɛ: ‘Wone me Dɔba a wosɔ m’ani!’—Marko 1:11.

7. (a) Sɛ ‘oguanhwɛfo pa no,’ ɔkwan bɛn so na Yesu daa sɛnea ɔdɔ mu a ofi dwen “nguan” no ho mu dɔ te adi? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛno ne atoro mesia ahorow a wɔaba dedaw no nneyɛe bɔ abira?

7 Yesu kae wɔ bere a annu asram anan ansa na ɔrewu sɛ: “Mene guanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa de ne kra to hɔ ma nguan.” (Yohane 10:11) Ɔde n’adwuma totoo atoro mesia ahorow a wɔaba dedaw no de ho kae sɛ: “Nea ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifo ne odwowtwafo; na nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no ne nguan no hwɛfo. Ɔno na ɔpon ano hwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi. Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne. Na ɔnana de, wɔrenni n’akyi, efisɛ wonnim ananafo nne.”—Yohane 10:1-5, 8.

8. (a) “Nguannan” foforo bɛn na Yesu dii Yudafo a wodii n’akyi no anim kɔɔ mu? (b) Nnipa baahe na ɔde wɔn aba nguannan yi mu?

8 Yudafo nguannan no mufo a wodii Mmara apam no mu akwankyerɛ akyi no gyee Yesu toom sɛ Mesia no, bere a Yohane Suboni a ɔyɛ “ɔpon ano hwɛfo” no de no kyerɛɛ wɔn no. Wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Yesu ‘ankasa nguan,’ na odii wɔn anim kɔɔ sɛnkyerɛnne kwan so nguannan foforo a ɛyɛ Yehowa dea no mu. Saa nguannan yi gyina hɔ ma wɔne Yehowa ntam abusuabɔ pa a egyina apam foforo a wɔne honhom fam Israel yɛe, a Yesu ankasa mogya ma edi mu no so no. Wɔnam apam yi so ma etumi yɛɛ yiye sɛ wɔne Kristo benya ɔsoro asetra sɛ Abraham ‘aseni’ a wɔnam no so behyira amanaman nyinaa mu nnipa no. (Hebrifo 8:6; 9:24; 10:19-22; Genesis 22:18) Yesu Kristo a Onyankopɔn nyanee no fii awufo mu, na ɔsan maa no ɔsoro asetra no ne saa apam foforo nguannan yi ano “pon.” Nea ɛne n’Agya atirimpɔw hyia no, ɔde nnipa kakraa bi pɛ—144,000 pɛ—aba nguannan yi mu, na woyii wɔn fii Yudafo mu kan, na akyiri yi woyii bi fii Samariafo ne Amanaman mufo mu. Sɛ Oguanhwɛfo Pa no, Yesu nim ne guan biara din, na ofi ɔdɔ mu hwɛ wɔn, na ɔma n’ani ku wɔn ho.—Yohane 10:7, 9; Adiyisɛm 14:1-3.

9. Henanom ne “nguan foforo” a Yesu ka wɔn ho asɛm no, na bere bɛn na wɔboaboa wɔn ano?

9 Nanso, ɛnyɛ “kuw ketewa” yi a wonya ɛsoro Ahenni no nkutoo na Yesu hwɛ wɔn. (Luka 12:32) Ɔkae nso sɛ: “Na mewɔ nguan foforo a womfi ban yi mu; wɔn nso na etwa sɛ mede wɔn meba, na wobetie me nne, na ayɛ kuw biako ne ɔhwɛfo biako.” (Yohane 10:16) Eyinom yɛ nnipa bɛn? Wɔyɛ nnipa a wɔnka apam foforo no ho; wɔnyɛ honhom mu Israelfo. Wɔyɛ nnipa a wogyina bo a Yesu afɔrebɔ mogya no som mu gyidi a wɔwɔ so reboaboa wɔn ano wɔ Yehowa nsiesiei ma daa nkwa wɔ asase so no mu. Wɔn mu pii ne honhom mu Israelfo renya ayɔnkofa a emu yɛ den nnɛ bere a eyinom da so ara wɔ asase so no, na wɔne wɔn de wɔn ho to Kristo so sɛ Oguanhwɛfo Pa no. “Nguan foforo” no mufo a wɔda so ara te ase wɔ asase so a wɔda wɔn ho adi nnɛ no na wɔka bom yɛ “nnipakuw kɛse” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9, 10, 14, a wɔwɔ anidaso sɛ wobetwa ahohiahia kɛse a ɛreba no.

10. Sɛ wobɛyɛ saa “nguan foforo” no muni a, dɛn na ehia?

10 Sɛ obi bɛfata ama nkyerɛkyerɛmu a Bible no de ma wɔ “nguan foforo” a Oguanhwɛfo Pa no bɔ wɔn ho ban na ɔkora wɔn so no ho a, ɛsɛ sɛ ‘otie’ Ne nne na ɔde adanse ma sɛ ɔyɛ “kuw biako” a ɔsoro Ahenni no nokware adedifo no yɛ emufo no muni ampa. So woreyɛ saa? Ɔkwan bɛn so na woretie ne nne yiye?

11. Dɛn na ebedi adanse sɛ ‘yetie’ nea Yesu kae wɔ Yohane 15:12 no ampa?

11 Akyinnye biara nni ho sɛ wunim sɛ Yesu kae sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.” (Yohane 15:12) Ɔkwan bɛn so na saa ahyɛde no renya w’asetra so nkɛntɛnso? Ɔdɔ a woda no adi no yɛ nea Yesu yɛɛ ho nhwɛso no bi? Ɛyɛ ho a wɔde bɔ afɔre dɔ ampa? Wo nneyɛe ne wo nkate di adanse sɛ wuyi saa ɔdɔ no adi kyerɛ Kristofo asafo no mufo nyinaa ne w’ankasa wo fifo?

12. (a) Sɛ ‘wɔnam Yesu so kyerɛkyerɛ’ yɛn ampa a, nsakrae bɛn na ɛbɛma yɛayɛ wɔ yɛn mu? (b) Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a yesua fi Bible mu no yɛ?

12 Ɔsomafo Paulo ka sɛ, sɛ ‘yetie’ Yesu ankasa, na ‘wɔnam no so kyerɛkyerɛ’ yɛn a, yɛn nipasu nyinaa bɛsakra. Yebeyi nipasu a ɛne yɛn kan asetra kwan hyia no akyene, na yɛahyɛ ‘nipasu foforo’ a ɛda Yehowa su pa ahorow adi no. (Efesofo 4:17-24; Kolosefo 3:8-14) Bere a wusua Bible no, woresusuw mmeae a ehia sɛ w’ankasa woyɛ nsakrae na woasɔ Onyankopɔn ani no ho anibere so? Worebɔ mmɔden ayɛ nsakrae a ɛte sɛɛ no? So worehyɛ adwuma a ɛho hia a Yesu hyɛe sɛ wɔnyɛ wɔ yɛn bere yi mu—Onyankopɔn Ahenni a ɔde asi hɔ ho asɛmpaka no—nsow na worehwehwɛ akwan a wobɛfa so anya mu kyɛfa? Ɔdom a Onyankopɔn ayi adi akyerɛ wo ho anisɔ kanyan wo ma wufi komam pɛ sɛ woyɛ saa?—Mateo 24:14.

13. (a) Sɛ yɛanhwɛ yiye a, ɔkwan bɛn so na yɛn koma betumi adaadaa yɛn? (b) Ɛnde, ɛsɛ sɛ yedi Kristo anammɔn akyi kodu he?

13 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamma yɛn koma annaadaa yɛn. Nnipa ɔpepem pii ka sɛ wogye Yesu Kristo di, na ebia wobetumi afa nea ɔkyerɛkyerɛe no bi aka asɛm, nanso wɔde nea wohu sɛ eye ma wɔn no nkutoo na edi dwuma. Ebia ebinom kwati nneyɛe a wobu no sɛ enye koraa no. Ebia wɔn ani gye Paradise asase so asetra wɔ Onyankopɔn Ahenni ase ho anidaso no ho, na ebia wɔn ani gye ho sɛ wɔne wɔn a wofi koma pa mu bɔ mmɔden sɛ wɔde Kristofo nnyinasosɛm ahorow bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu no bɛbɔ fekuw nnɛ. Nanso sɛ yɛpɛ sɛ yɛka wɔn a wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ aso tie biribiara a Yesu ka no yiye. Ɛho hia sɛ yehu sɛ yɛrentumi nkyerɛ yɛn ankasa yɛn anammɔn kwan ma ensi yɛn yiye. Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn Ba no, nea Yehowa apaw no sɛ Ne nkurɔfo Agyenkwa no, na yɛde ahwɛyiye di n’anammɔn akyi.—Yeremia 10:23; Mateo 7:21-27; 1 Petro 2:21.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]