Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mma Wo Kɔn Nnnɔ Nea Woagyaw Wɔ Akyi No!

Mma Wo Kɔn Nnnɔ Nea Woagyaw Wɔ Akyi No!

Ti 22

Mma Wo Kɔn Nnnɔ Nea Woagyaw Wɔ Akyi No!

1. (a) Nhyira horow bɛn na ɛda Onyankopɔn asomfo anokwafo anim pɛɛ? (b) Nanso, dɛn na nnipa binom ayɛ?

BIBLE nkɔmhyɛ mmamu da no adi pefee sɛ ɛnnɛ yɛabɛn Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo a anuonyam wom no pɛɛ. Ɛrenkyɛ na wiase bɔne no ne ɛyawdi, abasamtu, ne awerɛhow a ɛde aba no afi hɔ. Wɔbɛdan asase Paradise a nokware Nyankopɔn no asomfo betumi anya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ a enni awiei wom. Yehowa kaa ba a ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa eyinom ho no bɛbam ho asɛm kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ: “Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.” (Adiyisɛm 21:1-5) Nanso, ɛwom sɛ ebetumi ayɛ nwonwa de, nanso nnipa bi a wonim nokware ahorow yi san kɔfa wiase asetra kwan a Onyankopɔn ka sɛ ɔrebɛsɛe no no. Hwɛ awerɛhosɛm a ɛyɛ! Dɛn nti na wɔyɛ saa?

2. (a) Sɛ obi remma biribi a ɛte saa nto no a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ bere a wadi kan asua nokware no? (b) Sɛ wanyɛ eyi a, dɛn na ebegye n’adwene, na dɛn na ebefi mu aba?

2 Bere a wodii kan tee Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa ne nea ɛbɛyɛ no, wɔde anigye gye toom. Nanso ɛho hia nso sɛ obi pere du Kristofo onyin ho, ɔma Onyankopɔn Asɛm mu ntease a ɔwɔ no yɛ kɛse na ɔhwehwɛ akwan a ɔbɛfa so de adi dwuma akosi ase wɔ n’asetra mu. (Hebrifo 6:1, 11, 12) Sɛ anisɔ a obi nni ma obu n’ani gu eyi so a, ɔrenkɔ so mmu hokwan a wanya de resom Onyankopɔn no sɛ ɛsom bo. Ebia onipa a ɔte saa no ho bɛpere no sɛ obenya honam fam nhyira horow a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, nanso onhu hia a ɛho hia sɛ onyin wɔ honhom mu na onya asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn sɛ yɛnyɛ nnɛ no mu kyɛfa kosi ase sɛnea obetumi. Honam fam nneɛma ne nea ɛte sɛ anigyede ho akɔnnɔ a obedwudwo ano no betumi afi ase agye ne bere pii. Ɔma ɛno ho hia no sen honhom fam nneɛma. Ɔnsan nkɔ wiase no mu prɛko pɛ, na mmom ɔkɔ mu nkakrankakra.—1 Timoteo 6:9, 10.

3. (a) Dɛn nti na asiane wom sɛ wobɛpaw nnipa a wɔnsom Yehowa sɛ nnamfo? (b) Bere bɛn na ebia ɛbɛyɛ mmerɛw ama obi sɛ ɔne nnipa a wɔte saa no bɛbɔ fekuw?

3 Ebia obi bɛka sɛ ɔpɛ sɛ onya nkwa kɔ “asase foforo” no so, kɔtra wiase a trenee te mu mu. Nanso nnamfo a ɔpaw wɔn no di nea ɔka no ho adanse? Nokwarem no, obi ne nnipa a wɔnsom Yehowa di nkitaho da biara a ontumi nkwati wɔn—wɔ adwumam, wɔ sukuu mu, bere a okodi gua, wɔ fie mpo. Nanso henanom na ɔpaw sɛ ɔne wɔn bɛbɔ bere a wokogye wɔn ahome wɔ adwuma mu, ansa na wɔafi sukuu ase ne bere a wɔapɔn, bere a ɔfrɛ ne nnamfo wɔ telefon so anaa ɔresrasra wɔn no? So eyi ho hia ankasa? Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo! Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, NW) Nanso dɛn ne “fekubɔne”? Sɛ nnipa bi nsom Yehowa, wɔyɛ nea wosusuw sɛ ɛteɛ wɔ wɔn ani so kɛkɛ a, ɛsakra tebea no? Esiane nea yɛasua dedaw no nti, yenim sɛ saa nnipa no rennya nkwa nkɔ “asase foforo” no so. Obiara a obu Yehowa gyinapɛn ahorow adewa bere a ɔrepaw nnamfo no behu ntɛm sɛ wasan akɔ wiase a bere bi osusuw sɛ ɔregyaw hɔ no mu. Nanso sɛ yetie Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a ɛyɛ kɔkɔbɔ no a, ebetumi abɔ yɛn ho ban wɔ adeyɛ a ɛte saa ho.—1 Korintofo 10:11.

‘WƆAKYERƐW SƐ KƆKƆBƆ AMA YƐN’

4. (a) Na asetra bɛn na Israel wom wɔ Misraim wɔ Yosef wu akyi? (b) Dɛn nti na “afrafrafo pii” kɔkaa Israel ho bere a wogyee wɔn fii Misraim no? (d) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛsɛm yi anya mmamu wɔ yɛn bere yi mu?

4 Bere a Yehowa gyee Israel fii nkoasom mu wɔ Misraim no, hwɛ ahotɔ ara a ɛbɛyɛ sɛ wonyae! Hyɛ a wɔhyɛɛ wɔn so atirimɔden so wɔ Yosef wu akyi no maa Misraim yɛɛ sɛ fononoo bi a adɔ a wɔatow wɔn agu mu. (Exodus 1:13, 14; Deuteronomium 4:20) Nanso afei Yehowa de ɔhaw du baa Misraim so. Nsonsonoe a na ɛda nokware Nyankopɔn no ne Misraim anyame ntam no daa adi. Enti bere a Israel fii asase no so no, “afrafrafo pii” a wɔnyɛ Israelfo ne wɔn kɔe, sɛnea ɛnnɛ “nnipakuw kɛse” no twe wɔn ho fi wiase ho de wɔn ho bɛbɔ honhom fam Israel ho no. (Exodus 12:38) Nanso dɛn na esii wɔ nsra no mu bere a wɔhyɛɛ wɔn Akwantu no ase ara pɛ no?

5. (a) Wɔ wɔn gye akyi pɛɛ no, ɔkwan bɛn so na ‘wɔdan kɔɔ Misraim’? (b) Dɛn nti na ɛbaa saa?

5 Kristoni suani Stefano kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔdan wɔn koma kɔɔ Misraim.” Eyi sii wɔ asram kakraa bi mu wɔ wɔn gye no akyi. (Asomafo no Nnwuma 7:39, 40) Dɛn na edii ho adanse? Wɔyɛɛ sika nantwi ba—ade a na wonim wɔ Misraim—na wɔkae sɛ wɔredi “Awurade afahyɛ.” Nanso na wɔresuasua Misrifo no. (Exodus 32:1-6) Yehowa bo fuw wɔn yiye. Na nea wɔyɛe no ne Mmara a ɔde mae wɔ Bepɔw Sinai so no bɔ abira koraa. Mpempem pii hweree wɔn nkwa. Dɛn nti na ɛbaa saa? Ɛwom sɛ na wonim Yehowa mmara nsɛm de, nanso ɛda adi sɛ na wonnyaa eyi ne nokwasɛm a ɛne sɛ nokware Nyankopɔn no na nokwarem no ɔredi wɔn anim no ho anisɔ a efi komam.

6. (a) Nsiesiei bɛn na Yehowa yɛ maa wɔn wɔ sare no so? (1 Korintofo 10:3, 4) (b) Dɛn nti na ebinom kɔn fii ase dɔɔ nea na wɔwɔ wɔ Misraim no?

6 Bere a wofii Misraim no, na Israel ne “afrafrafo” a wɔne wɔn kɔe no nyinaa nim sɛ ɛno ne ade a ɛteɛ sɛ wɔyɛ. Nanso afe biako twaam a na wonnya nnuu Bɔhyɛ Asase no so; na wonnyaa afie wɔ “asase a ɛsen nufusu ne ɛwo” no so. Na wɔn nyinaa wɔ honam fam aduan bebree a wobedi, titiriw no na honhom fam aduan abu so wɔ hɔ. Na omununkum ne ogya dum no de adanse ma bere nyinaa sɛ Yehowa redi wɔn anim. Na wɔahu adanse a ɛyɛ hu a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ tumi wɔ Po Kɔkɔɔ no ne Bepɔw Sinai ho. Mmara apam no ma wonyaa honhom mu ahoɔden ne ɔhome. Ɛmaa wɔn ankasa nso nyaa nneɛma pii yɛe, ɛkyerɛɛ wɔn baabi a ɛho hia sɛ wɔsakra wɔn nneyɛe, wɔn nsusuwii, wɔn botae ahorow, na ama eyinom asɔ Yehowa ani. Nanso sɛ anka wɔbɛkyerɛ nea Yehowa reyɛ ama wɔn nyinaa ho anisɔ no, wɔn kɔn fii ase dɔɔ honam fam nneɛma a na wɔwɔ wɔ Misraim no. Pɛsɛmenkominya akɔnnɔ yi de ɔsɛe baa wɔn mu pii so.—Numeri 11:4-6, 31-34.

7. (a) Bere a akwansrafo no de wɔn amanneɛbɔ bae no, dɛn nti na nnipa no kae sɛ wɔbɛsan akɔ Misraim? (b) Dɛn na efii mu bae? (Hebrifo 3:17, 19)

7 Eyi akyi pɛɛ no, Mose somaa mmarima sɛ wɔnkɔhwehwɛ Bɔhyɛ Asase no so. Bere a wɔsan bae no, wɔn nyinaa gye toom sɛ “ɛsen nufusu ne ɛwo” ampa. Nanso na akwansrafo no mu du suro nnipa a wɔwɔ hɔ no, na wɔn nkurow a wɔabɔ ho ban no maa ehu kaa wɔn. Wɔamfa wɔn koma nyinaa anto Yehowa so na wɔmaa afoforo koma tui. Wɔn adwene san kɔɔ Misraim bio, na wɔkae sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe asan akɔ hɔ. Esiane sɛ wɔannya gyidi nti, awiei koraa no saa awo ntoatoaso a wɔadi mfe 20 ne akyi no nyinaa wuwui wɔ sare no so, wɔanhyɛn Bɔhyɛ Asase no so da.—Numeri 13:27-33; 14:1-4, 29.

8. (a) Bere a wɔsɛee Sodom no, na dɛn na ɛsɛ sɛ Lot ne n’abusua yɛ na wɔanya wɔn ti adidi mu? (b) Dɛn nti na Lot yere dan nkyene siw? (d) Kɔkɔbɔ bɛn na eyi de ma yɛn?

8 Wɔ bɛboro mfe 400 a na atwam no, wosii asuade koro no ara so dua wɔ tebea soronko bi mu. Na Abraham wɔfase Lot akɔtra Sodom, ɔbrasɛe kurow a wodi yiye wɔ honam fam. Na ɔbrasɛe a ɛkɔ so wɔ Sodom ne ne mpɔtam hɔ yɛ kɛse araa ma Yehowa sii nketekrakye sɛ ɔbɛsɛe no, a wɔrensan nkyekye bio. Wɔsomaa abɔfo sɛ wonkogye Lot ne ne fifo. Bere a Lot bɔɔ wɔn a na wɔbɛyɛ ne nsenom kɔkɔ no, ‘ɔyɛɛ wɔn ani so sɛ obi a ɔredi fɛw.’ Nanso na ɛnyɛ fɛwdi. Abɔfo no de Lot ne n’abusua kɔɔ kurow no akyi ntɛm ahemadakye ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonguan na wɔnnhwɛ wɔn akyi. Na wɔn nkwa gyina osetie so. Lot ne ne mmabea baanu no yɛɛ nea wɔka kyerɛɛ wɔn no, na wonyaa wɔn ti didii mu. Nanso na ɛda adi sɛ Lot yere mpɛ sɛ ɔtwe ne ho fi honam fam nneɛma a ogyaw wɔ akyi no ho. Bere a ɔdan ne ho sɛ ɔrehwɛ n’akyi no, ɔhweree ne nkwa, ɔdan nkyene siw. Yɛn ankasa de nea ɛkyerɛ no asie yɛn komam? Nea ɛbɛyɛ na yɛahu nea ɛkyerɛ no, Yesu de kaa sɛnea egye ntɛmpɛ sɛ yebeguan afi nhyehyɛe dedaw yi mu wɔ yɛn bere yi mu ho kɔkɔbɔ no ho. Na ɛyɛ bere a ɔde kɔkɔbɔ rema wɔ honam fam nneɛma a yebedwen ho dodo no ho na ɔkaa tiawa sɛ: “Monkae Lot yere no.” (Genesis 19:12-26; Luka 17:31, 32) Dɛn na ebetumi abɔ yɛn ho ban wɔ asiane ahorow a esum Israelfo no ne Lot yere no afiri no ho?

‘BEAE A EYE KYƐN SO A YƐBƐHWEHWƐ’

9. Dɛn ne gyidi, na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya?

9 Sɛ yɛbɛkwati daa a wɔbɛdaadaa yɛn ma yɛahwɛ yɛn akyi a, ɛho hia sɛ yɛkɔ so nya gyidi wɔ nea ɛda yɛn anim no mu. Hebrifo 11:1 kyerɛ gyidi ase sɛ “ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.” Ɛyɛ bɔhyɛ, ɛte sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ biribi yɛ yɛn de, ne sɛ yɛn nsa bɛka nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no. Gyidi gyina adanse a emu yɛ den so, na esiane eyi nti yɛwɔ ntease a emu yɛ den a yegyina so nya nneɛma a yentumi mfa yɛn aniwa ankasa nhu mu gyidi. Ɛnkyerɛ sɛ yegye biribiara kɛkɛ di, anaa yɛayɛ krado sɛ yebegye biribi adi esiane sɛ ɛte sɛ nea ɛyɛ papa ara kwa nti. Sɛ yebenya gyidi ankasa a, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ a ɛfata sɛ yɛn ankasa behu adanse a egyina so no. Ɛho hia nso sɛ yesusuw sɛnea nea yɛresua no fa yɛn ankasa asetra ho no ho, na yenya ho komam anisɔ ankasa.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Abraham de ne gyidi ho adanse mae, na ɔyɛɛ saa kosii bere bɛn? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nea ɔyɛe no teɛ?

10 Na Abraham wɔ gyidi a ɛte saa. Ɛno nti, Yehowa ahyɛde maa Abraham tu fii Ur kurow a edi yiye mu wɔ Kaldea kɔtraa Kanaan a ɛwɔ akyirikyiri no, asase a na ɔnkɔɔ so da so. Ɔtraa hɔ sɛ ɔhɔho, na wamfa ne ho amfam kurow-ahemman biara ho na wanya ahobammɔ. “Na ɔtwɛn kurow a ɛwɔ nhyɛase [Yehowa Mesia Ahenni] a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.” Sɛ ɔkɔɔ so maa ne kɔn dɔɔ Kaldea asetra a, akyinnye biara nni ho sɛ anka ɔsan kɔɔ hɔ. Mmom no, na ‘ɔrehwehwɛ beae a eye kyɛn so a ɛne ɔsoro de.’ (Hebrifo 11:8-16) Ɛnyɛ mfe kakraa bi pɛ, anaa mfe du anaa aduonu mpo na Abraham de hwehwɛɛ saa ‘beae a eye kyɛn so’ no. Ɔkɔɔ so yɛɛ saa kosii ne wu mu pɛɛ, mfe 100 anaa nea ɛboro saa wɔ bere a na wafi Ur akyi. Wanka kɛkɛ sɛ ɔwɔ gyidi; ɔde ne nnwuma kyerɛe. Esiane eyi nti n’akatua remmɔ no. Na ne wusɔre ho anidaso no bɛbam araa ma Yesu kae sɛ, ‘Onyankopɔn ani so no, na Abraham te ase.’—Luka 20:37, 38; Yakobo 2:18.

11. Ɔkwan bɛn so na Isak ne Yakob kyerɛe sɛ na wɔn nso wɔwɔ gyidi?

11 Na Abraham ba Isak, ne Isak ba Yakob nso ɛ? Na wɔnkaa Kaldeafo asetra nhwɛɛ da. Nanso wɔammu eyi sɛ ade a ɛsɛ sɛ wogyina so ma wɔn ankasa kɔhwɛ sɛnea na ɛte. Bere a wɔtee Yehowa bɔhyɛ ahorow ho asɛm fii wɔn awofo hɔ no, wɔde siee wɔn komam. Wonyaa gyidi a na ɛte sɛ Abraham de no. Wɔn nso ‘wɔhwehwɛɛ beae a eye kyɛn so.’ Wɔn ho anyɛ Onyankopɔn aniwu.—Hebrifo 11:9, 16, 20, 21; Genesis 26:24, 25; 28:20-22.

12. Dɛn na ɛmaa Esau ne Dina tɔɔ ɔhaw a anibere wom mu?

12 Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yakob nua Esau ankyerɛ honhom mu nneɛma ho anisɔ. Ɔwaree mmea a na wɔnsom Yehowa. Sɛ anka obebu akronkronne sɛ ɛsom bo no, ɔtɔn n’abakan gyee aduan. (Genesis 25:29-34; 26:34, 35; Hebrifo 12:14-17) Na ɔyɛ onipa a ɔpɛ sɛ odwudwo honam fam akɔnnɔ ano amonom hɔ ara. Yakob babea Dina nso tɔɔ ɔhaw a anibere wom mu. Dɛn ntia? Efisɛ na n’ani gye ho sɛ ɔne “asase no so mmea” abosonsomfo no bɛbɔ.—Genesis 34:1, 2.

13. (a) Asetra te dɛn ankasa ma nnipa a wɔyɛ wiase no fã nnɛ? (b) Dɛn na ɛbɛbɔ yɛn ho ban na wɔansan antwe yɛn ankɔ mu?

13 Sɛ ‘wohwehwɛ beae a eye kyɛn so’ ankasa, asetra wɔ Yehowa Mesia Ahenni no ase sɛ Abraham, Isak ne Yakob a, mma wɔnntwe wo nnkɔ wiase bio. Kae sɛ wiase no mfa daakye a enni awiei mma. “Na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” Hwɛ asetra a akomatɔyam pii wom a ɛno bɛyɛ!—1 Yohane 2:17.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 172 mfonini]

Kae Lot yere no!