Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Munguan Mfi Babilon’

‘Munguan Mfi Babilon’

Ti 11

‘Munguan Mfi Babilon’

1. (a) Yɛbɛyɛ dɛn ahu ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani? (b) Onyankopɔn hyɛ yɛn sɛ yenguan mfi dɛn mu?

NNIPA pii afi nyamesom biako mu akɔ foforo mu, a wɔrehwehwɛ wɔn nsɛmmisa a ɛfa asetra ho no ho mmuae a ɛma akomatɔyam. Wohu gyidi ne nneyɛe mu nsɛdi ahorow bi, ne nsonsonoe pii nso. Nanso Onyankopɔn ankasa Asɛm a obi de bedi dwuma sɛ nea ɛkyerɛ no kwan no nkutoo so na ɔnam betumi ahu mmuae a ɛyɛ nokware ne nneyɛe a ɛsɔ Onyankopɔn ani ankasa no yiye. Ɔbɔadeɛ no nam Bible no so ma yehu ɔno ankasa ne n’atirimpɔw. Ɔma yehu faako a atoro som fi nso. Ɔnam saayɛ so bɔ yɛn kɔkɔ wɔ nea ɔka ho asɛm sɛ “Babilon Kɛse” no ho na ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yenguan’ mfi ne mu. Woatie saa kɔkɔbɔ no?—Adiyisɛm 18:4, 21; Yeremia 51:6.

2. Dɛn ne “Babilon Kɛse” no?

2 Dɛn ne “Babilon Kɛse” no? Sɛ wɔka wɔn nyinaa bom a, nyamesom ahorow nyinaa a wɔpene su horow, gyidi horow anaa nneyɛe a enyaa ne mfiase fii tete Babilon nyamesom mu no na wɔbom yɛ Babilon Kɛse no. Enti, yɛnam sɛnea tete Babilon ankasa bae ne ne nyamesom no mu nhwehwɛmu so betumi ahu nneɛma a ɛma wotumi hyɛ no nsow yiye no.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na tete Babilon nyaa ne mfiase, na honhom bɛn na nea ɔhyehyɛe no hyɛɛ ho nkuran? (b) Akwan bɛn so na saa honhom no da adi wɔ nnɛyi nyamesom ahorow mu?

3 Bɛboro mfe ɔha wɔ Noa Nsuyiri no akyi no, wɔkyekyee Babel kurow (akyiri yi wɔfrɛɛ no Babilon) no twaa abantenten bi ho hyiae—adwuma bi a ɛda adi sɛ Nimrod na ɔma wɔyɛe. Saa Nimrod yi maa n’ahokafo no nyaa atuatew honhom a wɔde sɔre tiaa Yehowa, ne ɔpɛ sɛ wɔn ankasa begye din. (Genesis 10:9, 10; 11:1-9) So wuhu saa honhom no nnɛ—Onyankopɔn Asɛm a wobu no animtiaa, a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nyamesomfo mpo ka ho, ne nyamesom a wɔnam so twe adwene ba wɔn ho so anaa wɔde gye din mpo?

4. Ɔkwan bɛn so na Babilonfo som akyinkyim nokware a ɛfa Onyankopɔn ankasa ho no?

4 Ná wɔde anyame baasakoro di dwuma yiye wɔ Babilonfo som mu. Ná anyame baasakoro a wɔne Anu, Bel ne Ea wɔ hɔ; afoforo nso ne Sin, Shamash ne Ishtar. Ná ahoni nso ayeyɛ Babilon asɔrefi ahorow ma. Eyi nyinaa danee wɔn adwene fii nokwasɛm a ɛne sɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ a ne din de Yehowa na ɔwɔ hɔ no so. (Deuteronomium 4:39; Yohane 17:3) Su horow ne nneyɛe a wobuu no sɛ wɔn anyame no da no adi, ne ahoni a nkwa nnim a wɔde dii dwuma no maa nnipa pii nyaa Ɔbɔadeɛ no ho adwene a akyinkyim.—Yeremia 10:10, 14; 50:1, 38; 1 Korintofo 10:14, 19-22.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Babilonfo gyidi wɔ owu ho no yɛ atoro a Satan di kyerɛɛ Hawa no a wɔapopa ho? (b) Nkyerɛkyerɛ afoforo bɛn na eyi de aba?

5 Ná Babilonfo no gye di sɛ owu yɛ ɔkwan a ɛkɔ asetra foforo mu ara kwa, nanso na eyi ne asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn awofo a wodi kan no bɔ abira. Hela nyansapɛfo trɛw nsusuwii yi mu, kae sɛ adesamma wɔ ɔkra a enwu. Atoro a edi kan a Ɔbonsam dii ne sɛ, sɛ Adam ne Hawa yɛ asoɔden tia Onyankopɔn a, ‘ɛnyɛ wu na wobewu koraa’ wɔ ɔhonam mu. Afei de na wɔreka akyerɛ nkurɔfo sɛ nea ɛtraa ase daa no yɛ wɔn mu ade bi a na wontumi nhu. Atoro nkyerɛkyerɛ yi maa wogyee hellgya, ahodwiragya, nananom a wɔawuwu som ne pii a ɛkeka ho dii.—Genesis 3:1-5; Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Hesekiel 18:4.

6. (a) Nneyɛe foforo a abu so bɛn na enyaa ne mfiase wɔ Babilonfo som mu? (b) Eyi yɛ aniberesɛm dɛn?

6 Babilonfo som mu nneyɛe no bi nso ne nsoromma mu hwɛ, abosonkɔm, nkonyaayi ne abayisɛm, a nkurɔfo nam so ahwehwɛ akwankyerɛ a ɛboro nnipa de so, a wobetumi de adi dwuma de anya wɔn ho na wɔde akɛntɛn afoforo so. (Daniel 2:27; Hesekiel 21:21) Hwɛ sɛnea nneyɛe yi abu so nnɛ, ɛwom sɛ wɔde ɛnonom nyinaa ho kɔkɔbɔ ma wɔ Bible no mu de! Nkurɔfo nam wɔn ho a wɔde ahyem no so de wɔn ho akɔma adaemone a wɔhwehwɛ biribi atirimɔden so wɔ mmoa a wɔde ma ho no tee.—Deuteronomium 18:10-12; Yesaia 8:19; Asomafo no Nnwuma 16:16; Adiyisɛm 18:21, 23.

7. Adanse bɛn na ɛma wuhu sɛ Babilon Kɛse (a) ne amammui sodifo abɔ aguaman? (b) wɔ ahonyade pii? (d) di mogyahwiegu ho fɔ?

7 Bere a Bible no kɔ so ma wohu nea Babilon Kɛse no yɛ no, ɛka aguaman a ɔne amammui sodifo bɔ, n’ahonya ne mogya a wahwie agu, a Onyankopɔn nokware asomfo de ka ho no ho asodi ho asɛm. (Adiyisɛm 17:1-6; 18:24) Wonim wiase som ahorow no ho abakɔsɛm wɔ eyinom mu no ho asɛm yiye.

ƆDƆ A WOWƆ MA NOKWARE NO KƐSE TE DƐN?

8. Hena ne Babilon Kɛse no nyame ankasa?

8 Sɛ obi yɛ Babilon Kɛse no fã bi muni, odi n’afahyɛ ahorow bi anaasɛ osuasua n’akwan a, hena na odi no ni wɔ saa kwan no so? Nokwarem no, ɛnyɛ Yehowa. Mmom no, sɛ yɛbɛka a, onipa a ɔte saa no rekotow “wi yi ase nyame,” nea wafura adesamma adwene ani no.—2 Korintofo 4:4.

9. Ɛyɛɛ dɛn na Satan atumi adaadaa nnipa pii wɔ nyamesom mu saa?

9 Nanso ɛyɛɛ dɛn na wɔatumi adaadaa nnipa pii wɔ saa kwan yi so saa? Bible no bua sɛ wɔatɔ Satan afiri mu “efisɛ wɔannye nokware dɔ.” (2 Tesalonikafo 2:9-12) Ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa. Nnipa baahe na wunim wɔn a wɔka nokware bere nyinaa—wɔ fie, adwumam, bere a wɔka wɔn ankasa sintɔ ahorow kyerɛ wɔn no? Sɛ wɔma wohu nea Onyankopɔn nokware asɛm, Bible no, ka no a, wɔn mu baahe na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegyaw wɔn kan gyidi anaa amanne ahorow no, asakra wɔn asetra kwan mpo, na ama ɛne no ahyia? Wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ saa?

10. (a) Nnipa bɛn na Yehowa hwehwɛ? (b) Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔte saa?

10 Yehowa hwehwɛ nnipa a wɔwɔ nokware no ho dɔ a ɛte saa. Ɔno ankasa ne “nokware Nyankopɔn” no. (Dwom 31:5) Nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ n’Asɛm mu no nyɛ bɔsrɛmka. Ɛne nokware no. Yesu ka kyerɛɛ ɔbea bi wɔ Samaria sɛ: “Nokware asɔrefo bɛsɔre agya no honhom ne nokware mu; na wɔn a wɔsɔre no saa no nso na agya no rehwehwɛ. Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23, 24) Onipa a ɔte saa na wopɛ sɛ woyɛ?

ONYANKOPƆN NSIESIEI MA OGYE

11. (a) Nkɔm bɛn na wɔhyɛe wɔ Yesaia 49:8, 9? (b) Bere bɛn na enyaa ne mmamu a edi kan? (d) Dɛn nti na ɛho hia yɛn?

11 Nea ɛbɛyɛ na Yehowa ama yɛn akwankyerɛ no, ɔma wɔkyerɛwee ogye a wobenya afi Babilon atirimɔden nniso ase ho bɔhyɛ wɔ Bible no mu wɔ bere tenten a atwam no mu. Enyaa mmamu bere a Kores Ɔkɛseɛ no gyee Yudafo ne Netinim a wɔnyɛ Israelfo no, ma wotumi san kɔɔ Yerusalem kosii Yehowa asɔrefi no. Nanso na ɛnyɛ ne nyinaa ne no. Nea esii saa bere no twee adwene sii ogye foforo bi a ɛnam Kores Ɔkɛseɛ, Awurade Yesu Kristo, so bɛba no so. N’akwankyerɛ ahorow akyidi bɔ yɛn ho ban na nnipa a nea wɔhwehwɛ ara ne sɛ wobegye din no annaadaa yɛn. Ná nkɔmhyɛ a ɛka nea edi so yi fa Yesu ho titiriw: “Sɛ Awurade se ni: Anisɔ bere mu na matie wo, na nkwagye da mu na maboa wo, na mɛkora wo so, na mede wo mayɛ ɔman apam, sɛ: Ma asase no so si hɔ, na ma wɔmfa agyapade a ɛyɛ afõ no nni so bio. Na ka kyerɛ nneduafo sɛ: Mumfi adi! ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mumpue!” (Yesaia 49:8, 9) Ɔkwan bɛn so na eyi nyaa mmamu wɔ Yesu so?

12. (a) Ɔkwan bɛn so na saa nkɔmhyɛ no baa mu wɔ Yesu so? (Luka 4:16-18) (b) Nkuranhyɛ bɛn na yenya fi eyi mu?

12 Yehowa tiee Yesu mpaebɔ. Ɔboaa ne Ba no, koraa ne so bere a Yesu de akokoduru paa nyamesom atoro ho ntama, na ɔma wohuu ‘nokware a ɛbɛma nnipa ade wɔn ho’ no. (Yohane 8:32) Mmɔden a Satan bɔe sɛ ɔbɛsɛe Yesu nyinaa akyi no, Yehowa koraa ne Ba no so kosii sɛ owiee n’asase so adwuma no. Afei onyanee Yesu kɔɔ asetra a owu nnim mu wɔ soro, na wakɔtoa n’adwuma so sɛ ogyefo no wɔ hɔ. Onyankopɔn de no mae sɛ “apam,” anaa bɔhyɛ, sɛ wobegye nnipa afi Babilon Kɛse nkoasom mu. Sɛnea yɛwɔ Yesu Kristo a wɔanyan no ahyɛ no anuonyam wɔ soro ampa no, saa ara na ɛyɛ ampa sɛ wɔbɛma nnipa komapafo anya ogye afi Babilon Kɛse nyamesom mu sum no mu. So wubenya saa ogye no mu mfaso?

13. Efi 36 Y.B. reba no, ɔkwan bɛn so na Yesu daa ne ho adi sɛ ɔyɛ “amanaman hann”?

13 Ɛdefa faako a ogye no kodu ho no, Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ: “Mede wo mɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagye akodu asase ano.” (Yesaia 49:6) Enti, wɔ 36 Y.B. mu no, wofii ase de Amanaman mufo, anaa nnipa a womfi Yuda man mu, baa honhom fam Israel asafo mu. Nanso, na ɛnyɛ ka a wɔde Amanaman mufo bɛka Kristofo asafo a wɔde honhom asra wɔn no ho no ne faako a Yesu bɛsom sɛ “amanaman hann” akodu.

14. (a) Ná Yesu bɛyɛ hann ama “amanaman” mufo bɛn nso? (b) Akuw a wofii tete Babilon bɛn na wɔyɛɛ eyinom ho mfonini? (d) Honhom fam nhyira horow bɛn na wɔwɔ dedaw a ɛma Yesaia 49:10 nya mmamu?

14 Ná Yesu nim sɛ ɔbɛboaboa “nguan foforo” bi a wobenya daa nkwa wɔ asase so nso ano. (Yohane 10:16) Netinimfo a wɔnyɛ Israelfo a wɔne Salomo nkoa mma a wɔne Yudafo no fii Babilon wɔ 537 A.Y.B. mu no yɛɛ wɔn ho mfonini. (Esra 2:1, 43-58) Eyinom mu nnɛyi nnipakuw kɛse bi atie ahyɛde a ese ‘womfi’ Babilon Kɛse no mu no dedaw. Mprempren eyinom nya honhom fam nhyira horow a ɛyɛ anigye a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yesaia 49:10 no: “Ɔkɔm renne wɔn, na osukɔm renne wɔn, na kumaforote ne owia renka wɔn, na nea ohu wɔn mmɔbɔ no begya wɔn, na wakyerɛ wɔn mmasu so kwan.” Wɔ Adiyisɛm 7:9, 16, 17 no, wɔkyerɛ sɛ nhyira yi fa “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no ho ɔkwan a ɛfata so.

“ME MAN, MUMFI NO MU”

15. Dɛn nti na Bible no hyɛ wɔn a wɔbɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo no sɛ womfi Babilon Kɛse no mu?

15 Wɔ anisoadehu bi a wɔnam honhom so de maa ɔsomafo Yohane mu no, wɔkyerɛɛ no nea Onyankopɔn atemmu bɛkyerɛ ama Babilon Kɛse no. Esiane sɛ ɛbɛbam ampa nti, ɔbɔfo bi a ɔkasa ma Onyankopɔn fi soro hyɛe sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.”—Adiyisɛm 18:4, 5.

16. Dɛn na ebetumi akyerɛ sɛ yɛadi saa ahyɛde no so ankasa?

16 Honhom fam Israelfo adi saa ahyɛde no so, na mprempren wɔhyɛ afoforo sɛ wɔnyɛ saa ara. Wonim sɛ, sɛ obi de nokware som fra atoro a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ obi ne Yehowa Adansefo bɔ nanso ɔntwee ne ho mfii Babilon Kɛse no ho ara a, ɔbɛyɛ dɛn atumi aka sɛ ɔnyɛ ne fã? Sɛ ɔnkɔ n’asɔre mpo na sɛ odi n’asɔre nnapɔnna ahorow no bi wɔ n’adwumam anaa ɔne n’abusuafo di bi a, na ɔda so ara ka nea ɛho ntew. (Yesaia 52:11) Sɛ ɔde ne ho hyɛ abusua amanne ahorow a ɛkyerɛ ɔkra a enwu mu gyidi anaa gyidihunu a ɛma wosuro ahonhommɔne mu a, na ɔda so ara nya ne nnebɔne mu kyɛfã. Yɛrentumi nyɛ damusaa. Sɛ yegye di sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛsom ɔno nkutoo.—1 Ahene 18:21.

17. (a) Sɛnea wɔakyerɛ wɔ Adiyisɛm 14:6, 7 no, dɛn na wɔto nsa frɛ nnipa a wɔwɔ baabiara sɛ wɔnyɛ? (b) Sɛ wobetumi asom Yehowa ɔkwan a ɛsɔ n’ani so a, ahyɛde foforo bɛn na ɛsɛ sɛ wodi so?

17 Wɔto nsa frɛ aman, mmusuakuw, ne kasa biara mu nnipa sɛ: Mommra mmɛsom Yehowa, nokware Nyankopɔn koro pɛ no bi! (Adiyisɛm 14:6, 7) Sɛ wubetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ wusuasua Onyankopɔn tete asomfo a wodii ahyɛde a edi so yi so no nso: “Munguan mfi Babel, na mommoma mo kra mfi mu mfi.”—Yeremia 51:6.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]