Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhoma a Yɛde Ma

Nhoma a Yɛde Ma

Nhoma a Yɛde Ma

Onyankopɔn Ahenni no ‘ba’ bɛkyerɛ pii ama adesamma asen abakɔsɛm mu asɛm foforo biara. Ɛno nti na ehia sɛ yɛn nyinaa hu Ahenni no ho nsɛm yiye koraa no.

Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔne mo besusuw asɛm yi ho sɛ abusua anaa ankorankoro a muntua hwee. Wo de, fa address a wɔahyehyɛ wɔ nhoma yi kratafa a etwa to a ɛfata no kyerɛw Watch Tower sɛ obi ne wo mmɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ a ɛte saa. Wɔbɛyɛ nhyehyɛe ma Ɔdansefo bi a ɔfata aba wo nkyɛn na wabɛboa wo ma woanya Ahenni no ho ntease a emu da hɔ pefee.

Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase afannan nyinaa anya ɔsom a wɔde ma kwa yi mu mfaso dedaw. Wo nso wubetumi anya mmuae ahorow a ɛma abotɔyam a ɛbɛboa wo ma woanya Onyankopɔn Ahenni no mu gyidi.