Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa a Wɔte Ase Nnɛ a Wɔbɛtra Onyankopɔn Ahenni mu Wɔ Asase So Ho Nkɔmhyɛ mu Nsusuwso ne Nkyerɛkyerɛmu

Nnipa a Wɔte Ase Nnɛ a Wɔbɛtra Onyankopɔn Ahenni mu Wɔ Asase So Ho Nkɔmhyɛ mu Nsusuwso ne Nkyerɛkyerɛmu

Nnipa a Wɔte Ase Nnɛ a Wɔbɛtra Onyankopɔn Ahenni mu Wɔ Asase So Ho Nkɔmhyɛ mu Nsusuwso ne Nkyerɛkyerɛmu

Akuw anaa ankorankoro a wodidi so yi yɛ wɔn ho mfonini

(1) Noa mmabarima ne ne nsenom mmea (Genesis 6-9).

(2) Lot ne ne mmabea (Genesis 19).

(3) Yosef agya mma du a wonuu wɔn ho (Genesis 37, 42-45).

(4) Misrifo a ɔkɔm dee wɔn a wɔn ankasa tɔn wɔn ho maa Yosef (Genesis 41; 47:13-26).

(5) Afrafrafo a wɔne Israel fi Misraim kɔe (Exodus 12:38).

(6) Israel mmusuakuw dumien a wɔnyɛ Lewifo wɔ Mpata Da no mu (Leviticus 16; Mateo 19:28).

(7) Ahɔho a na wɔte Israel (Leviticus 19:34).

(8) Mose akonta Hobab (Numeri 10:29-32).

(9) Rahab a ofi Yeriko (Yosua 2, 6).

(10) Gibeonfo a wɔpɛe sɛ wɔne Israel nya asomdwoe (Yosua 9, 10).

(11) Kenini Heber yere Yael (Atemmufo 4, 5).

(12) Ɔhene Saul ba Yonatan (1 Samuel 18; 23:16, 17).

(13) Ahɔho a wɔkaa Dawid ho dii ako (2 Samuel 15:18-22).

(14) Seba Hemmaa (1 Ahene 10).

(15) Naaman a ne kwata gyaee (2 Ahene 5).

(16) Rekab ba Yehonadab (2 Ahene 10:15-28).

(17) Ahɔho a wɔde wɔn ani kyerɛɛ Yehowa asɔrefi bɔɔ mpae (2 Beresosɛm 6:32, 33).

(18) Netinim ne Salomo nkoa a wɔnyɛ Israefo mma (Esra 2, 8).

(19) Rekabfo (Yeremiah 35).

(20) Etiopiani Ebed-melek (Yeremia 38; 39:16-18).

(21) Niniwefo a wɔsakraa wɔn adwene (Yona 3).

Wɔsan ka wɔn ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu sɛnea edidiso yi:

(1) Asase so mmusua a wɔfa Abraham so nya nhyira denam n’aseni so (Genesis 12:3; 22:18).

(2) Aman a wɔne Yehowa nkurɔfo ani gye (Deuteronomuim 32:43).

(3) Atreneefo, wɔn a wɔde wɔn ho to Yeowa so (Dwom 37:9, 29).

(4) Ayeforo no mfɛfo a wɔyɛ mmaabun (Dwom 45:14).

(5) Teefo ne wɔ a wɔyɛ pɛ (Mmebusɛm 2:21).

(6) Aman a wɔkyerɛkyerɛ wɔn Yehowa fi a wɔnantew n’akwan so (Yesaia 2:2-4).

(7) Aman a wɔhwehwɛ Frankaa no akyi kwan (Yesaia 11:10).

(8) Aman a wopue fi sum mu (Yesaia 49:6, 9, 10).

(9) Ɔman a na kan no wonnim wɔn (Yesaia 55:5).

(10) Ahɔho a wɔresom Yehowa na wɔdɔ ne din (Yesaia 56:6).

(11) “Ɛpo ahonyade dodow,” “amanaman ahode,” wɔn a ‘wotu ba sɛ mmorɔnoma kuw’ (Yesaia 60:5, 6, 8).

(12) Ahɔho a wɔhwɛ Israel nguan, ahɔho a wɔyɛ n’akuafo ne ne nguan turoyɛfo (Yesaia 61:5).

(13) Wɔn a ɔbarima a okura ɔkyerɛwfo toa hyɛ wɔn moma so agyirae (Hesekiel 9).

(14) Nnipa a wɔbɔ Yehowa din na wonya nkwa ne da a ɛyɛ hu no mu (Yoel 2:32).

(15) Aman nyinaa mu ade wɔpɛ (Hagai 2:7).

(16) Aman a “wɔde wɔn ho bɛbɔ Yehowa” (Sakaria 2:11).

(17) ‘Mmarima du a woso Yudani atade mmuano mu’ (Sakaria 8:23).

(18) Aman a Ɔhene ne wɔn ka ɔmannwoesɛm (Sakaria 9:10).

(19) “Nguan” a wɔyɛ Ɔhene nuanom papa (Mateo 25:31-46).

(20) Ɔba hohwini a onu ne ho (Luka 15:11-32).

(21) “Nguan foforo” a wotie Oguanhwɛfo Pa no nne (Yohane 10:16).

(22) Nnipa a wonya Kristo mu gyidi a “wɔrenwu da” (Yohane 11:26).

(23) Abɔde a wɔbɛfa wɔn ho adi afi ɔporɔw nkoasom mu na wɔanya Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi (Romafo 8:20, 21).

(24) Wiase no mu nnipa a Onyankopɔn Ba no mu gyidi a wɔwɔ nti wonya nkwa (1 Yohane 2:2; Yohane 3:16, 36).

(25) “Nnipakuw kɛse” a wɔsom awia ne anadwo wɔ Yehowa asɔrefi (Adiyisɛm 7:9-17).

(26) Obiara a ɔnom nkwa nsu no na n’ankasa ka kyerɛ afoforo sɛ “Bra!” (Adiyisɛm 22:17).

Wɔn a wɔka wɔn ho asɛm anaa wɔtwe adwene si wɔn so wɔ nhoma yi mu nkutoo na wɔn ho asɛm pue wɔ atifi hɔ.