Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmpɔw a Ɛbɛkyerɛ Nea Yɛn Daakye Bɛyɛ

Nsɛmpɔw a Ɛbɛkyerɛ Nea Yɛn Daakye Bɛyɛ

Ti 2

Nsɛmpɔw a Ɛbɛkyerɛ Nea Yɛn Daakye Bɛyɛ

1. (a) Nnɛyi nsɛmpɔw bɛn na edi akoten wɔ nnipa pii adwenem, na ɛhe na wɔhwehwɛ ano aduru? (b) Dɛn na wɔntaa nsusuw ho?

WƆ NNANSA yi mfe mu no, yɛahyia nsɛmpɔw akɛse a ɛfa yɛn daakye ho atoatoa so ntɛmntɛm. Sɛnea nsɛm tebea te no ama nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa hwehwɛ ahotɔ anibere so. Ebia wogye Onyankopɔn di, nanso ebia ɛbɛyɛ wɔn sɛ, sɛ asase so ha tebea bɛyɛ yiye a, nnipa na ɛsɛ sɛ wɔde ba. Ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔnam nniso horow a ɛwɔ hɔ so anaasɛ denam ɔyɛkyerɛ a nnipa pii bɛyɛ de asɔre atia nniso horow yi gyinaesi ahorow so bɛyɛ saa. Afoforo gye di sɛ ɔman anidan so nkutoo na wɔnam betumi ayɛ. Wɔte nka sɛ mmara ahorow a wɔbɛsakra mu, sodifo anaa aban no nyinaa a wobetu agu de foforo asi wɔn ananmu no betumi ama nsɛm tebea ayɛ yiye ankasa. Nanso dɛn na nokwasɛm ahorow no da no adi? Bere a nnipa de mfe mpempem pii abɔ wɔn ho mmɔden akyi no, wontumi nnyaa nniso biako mpo a atumi de atɛntrenee, nokware ahobammɔ ne anigye a ɛtra hɔ daa abrɛ ne manfo. Dɛn na ama aba saa?

2. Dɛn nti na wiase mu nsɛm tebea asɛe saa?

2 Ɛmfa ho sɛnea nnipa a wodi tumi atirimpɔw ahorow ye fa no, tumi bi a ɛboro nnipa a wodi tumi no de so de nnipa nniso horow nyinaa di dwuma ɔkwammɔne so. Wɔne henanom? Ahonhom a wɔkorɔn sen nnipa, Satan Ɔbonsam ne n’adaemone. Ampa, nnipa pii di honhom mu nnipa a wɔtete sɛɛ mu gyidi ho fɛw. Nanso Yesu Kristo anyɛ saa. Ná ɔno ankasa nim nea ɛyɛe a Satan bae, na ɔkaa ne ho asɛm sɛ “wi yi ase sodifo.” (Yohane 12:31) Bible no de sɛnkyerɛnne kwan so kasa ka wiase nyinaa amammui nhyehyɛe no ho asɛm sɛ aboa bi, na ɛda no adi sɛ “ɔtweaseɛ no [Satan] de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa no.” (Adiyisɛm 13:1, 2; fa toto Daniel 7:2-8, 12, 23-26 ho.) Na Bible no hyɛɛ nkɔm sɛ “asase . . . nnue” kɛse wɔ yɛn bere yi mu, “efisɛ Ɔbonsam asian aba mo nkyɛn.” (Adiyisɛm 12:12) Biribi foforo biara nni hɔ a wobetumi de akyerɛkyerɛ nea enti a adesamma abusua no akɔ basabasayɛ a ɛwom yi mu no mu ma atɔ asom. Nanso ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa? Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanya ahotɔ?

TUMIDI HO ƆSƐMPƆW NO

3. Dɛn na Genesis 2:16, 17 kyerɛ wɔ Onyankopɔn ne adesamma ntam abusuabɔ a ɛfata ho?

3 Bible no mu atiri a edi kan no bɔ yɛn amanneɛ sɛ bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, na ɔde wɔn koduaa Eden turo no mu, maa wɔne no ntam abusuabɔ ho ahyɛde ahorow. Ná ɔne wɔn Agya, Ɔdemafo a ne yam ye, ne Amansan Hene nso. Wɔn ankasa yiyedi nti, na ehia sɛ wohu sɛ nkwa a wɔbɛkɔ so anya no gyina osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn no so.—Genesis 2:16, 17; fa toto Asomafo no Nnwuma 17:24, 25 ho.

4. (a) Ɛhe na Satan fi bae? (b) Akɔnnɔ bɔne bɛn na ɔma enyinii ne mu?

4 Saa bere no, na abɔde nyinaa yɛ pɛ. Na abɔfo ne adesamma nte sɛ mmoa, mmom no, na wɔwɔ tumi a wɔde paw nea wɔpɛ. Nanso wɔbɔɔ onipa akyi bere tiaa bi no, abɔfo no mu biako de tumi a ɛyɛ nwonwa a ɔwɔ sɛ ɔde besi n’ankasa gyinae ahorow no dii dwuma ɔkwammɔne so sɔre tiaa Yehowa tumidi. Enti ɔyɛɛ ne ho ɔtamfo, anaasɛ ɔsɔretiafo, a ɛne nea edin Satan no kyerɛ ankasa no. (Fa toto Yakobo 1:14, 15; Adiyisɛm 12:9 ho.) Tumi ho akɔnnɔ maa Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa nnipa baanu a wodi kan no afi Yehowa Nyankopɔn ho na ɔde wɔn abɛhyɛ n’ankasa nkɛntɛnso ase. Ohui sɛ ɔnam wɔn so betumi anya asase bi a nnipa a wɔde nidi ma no sɛ wɔn nyame ahyɛ so ma. (Fa toto Yesaia 14:12-14; Luka 4:5-7 ho.) Nea ɛkɔɔ so wɔ Eden ho kyerɛwtohɔ no nyɛ anansesɛm bi ara kɛkɛ. Yesu Kristo kaa ho asɛm sɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm.—Mateo 19:4, 5.

5. (a) Nsɛmpɔw bɛn na ɛsɔree wɔ Eden? (b) Henanom na ɛka wɔn?

5 Yesu kaa Ɔbonsam ho asɛm sɛ: “Onnyina nokware so . . . Ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Ɔbonsam dii atoro a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ nea edi kan no kyerɛɛ Hawa, bere a ogyee Onyankopɔn nokwaredi ho kyim no. Ɔhyɛɛ nkuran sɛ wɔmpow Onyankopɔn mmara, na ɔkae sɛ ɛbɛyɛ mfaso ama obiara sɛ ɔbɛpaw n’ankasa gyinapɛn ahorow wɔ asetra mu. (Genesis 3:1-5; fa toto Yeremia 10:23 ho.) Enti, wotwaa Yehowa tumidi mpoa wɔ Eden hɔ. Sɛnea nsɛm a esisii akyiri yi kyerɛe no, wogyee abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa nokwaredi ma Onyankopɔn nso ho kyim. Wɔdɔ Onyankopɔn nokwarem nti na wɔsom no, anaasɛ wobetumi adaadaa wɔn ma wɔatwe wɔn ho afi ne ho? (Hiob 1:7-12; 2:3-5; Luka 22:31) Na nsɛmpɔw yi bɛka obiara a ɔwɔ soro ne asase so. Dɛn na Amansan Hene no yɛe?

6. Dɛn nti na Yehowa ansɛe atuatewfo no amonom hɔ ara?

6 Yehowa fi nyansam maa bere bi ho kwan na wɔde ahu nsɛmpɔw no ano prɛko, sen sɛ ɔbɛsɛe atuatewfo no amonom hɔ ara. Ɛnyɛ sɛ na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔno ankasa hu biribi nti na ɔyɛɛ saa, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ na abɔde a wotumi paw nea wɔpɛ no ankasa ahu aba bɔne a efi ne tumidi so atuatew mu aba no, na afei ama wɔanya hokwan akyerɛ wɔn ankasa gyinabea wɔ nsɛmpɔw atitiriw yi mu nti. Sɛ wohu nsɛmpɔw no ano a, wɔremma obiara kwan mma ɔnsɛe asomdwoe bio da.

7. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa nniso horow fii ase? (b) Dɛn na afi mu aba?

7 Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn ne adesamma Bɔfo nti, na ɔno ara ne wɔn Sodifo a ɔfata. (Adiyisɛm 4:11) Nanso, bere bi akyi no, Satan ne n’adaemone no fii ase kanyan akɔnnɔ wɔ nnipa mu, ɛnyɛ sɛ wɔbɛpaw wɔn ankasa papa ne bɔne ho gyinapɛn ahorow nko, na mmom sɛ wobedi wɔn mfɛfo nnipa so nso. Nimrod ne nea odii kan sii ne ho hene, dii nkurow so tumi wɔ Mesopotamia. Ná ɔyɛ “[mmoa ne nnipa nyinaa] bɔmmɔfo a ɔsɔre tia Yehowa.” (Genesis 10:8-12, NW) Efi Nimrod bere so besi nnɛ no, wɔasɔ nniso ahorow biara a wobetumi anya ahwɛ. Nanso, sɛnea abakɔsɛm suani biara nim no, nea afi mu aba nyinaa ayɛ ɔporɔw ne mogyahwiegu.—Ɔsɛnkafo 8:9.

8. Dɛn nti na Yesu amfa ne ho anhyɛ wiase no amammui nhyehyɛe mu?

8 Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ɔno mpo bɛba ne nkɛntɛnso ase. Ɔkae sɛ ɔde “wiase ahenni nyinaa” bɛma Yesu de asesa ɔsom adeyɛ biako pɛ. Yesu ampene. (Luka 4:1-13) Akyiri yi, nkurɔfo pɛe sɛ wosi Yesu hene, nanso ɔtwee ne ho. (Yohane 6:15) Ná onim nea wiase no amammui nhyehyɛe no yɛ, na na onim sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ ɔbɛbɔ mmɔden ayɛ no yiye.

9. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ de di adesamma haw ahorow ho dwuma a Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi ayɛ? (b) Dɛn ne saa Ahenni no?

9 Yesu daa nokwaredi a edi mũ adi maa Yehowa, ne Nyankopɔn ne Agya no. Na n’ani gye n’Agya akwan ho na ɔyɛɛ nea ɛsɔ n’ani bere nyinaa. (Yohane 8:29) Na onim sɛ ɛnam Onyankopɔn Ahenni a ɛyɛ nniso ankasa a ebefi soro adi tumi na ama adesamma anya akwankyerɛ a trenee ne ɔdɔ wom a wohia no so benya adesamma haw ahorow ano aduru. Saa Ahenni no nkutoo na ebetumi ayi Satan ne n’adaemone nkɛntɛnso afi hɔ. Ɛno nkutoo na ebetumi aka mmusua ne aman nyinaa mu nnipa abom ayɛ wɔn asase nyinaa so abusua biako a wɔte hɔ wɔ asomdwoe mu. Ɛno nkutoo na ebetumi ayi adesamma afi bɔne ne owu nkoasom mu. Ɛno nkutoo na ebetumi de anigye a ɛtra hɔ daa abrɛ adesamma. Ahenni yi nyɛ nhyehyɛe bi a amammuifo bi ayɛ na asɔfo ahyira so. Nokware Kristofo mfa honam fam akode nni ako na ama anya nkɔso. Ɛyɛ Onyankopɔn ankasa nniso, a ɛwɔ ɔsoro Hene a ɔyɛ pɛ, a Onyankopɔn ankasa de no asi ahengua so. Eyi ne Ahenni a Yesu kaa ho asɛm na ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae no.—Daniel 2:44; Adiyisɛm 20:1, 2; 21:3, 4.

ƆFÃ BƐN NA WOBƐPAW?

10. (a) Dɛn ne ɔsɛmpɔw kɛse a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara susuw ho no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

10 Ɔsɛmpɔw a ɛda w’anim ne sɛ: Wugye tom sɛ Yehowa Nyankopɔn, amansan Bɔfo no, ara ne ɛso Hene a ɔfata, ne ɛso Sodifo Pumpuni? Woagye bere asua n’atirimpɔw ne n’ahwehwɛde ahorow sɛnea ɛwɔ Bible mu no? Obu a wowɔ ma ne dibea ne n’akwan ho anisɔ ama woda wo ho adi sɛ nea ofi ɔdɔ mu yɛ osetie ma no?—Dwom 24:1, 10; Yohane 17:3; 1 Yohane 5:3.

11. Dɛn nti na ɔkwan soronko bi a yɛbɛpaw sɛ yɛbɛfa so no remfa anigye mma?

11 Nnipa a wɔpaw sɛ wɔbɛfa ɔkwan foforo so no nya anigye? Dɛn na afi Satan akyinnyegye a ɛne sɛ adesamma twe wɔn ho fi Onyankopɔn ho sen sɛ wobetie no a, ɛso bɛba wɔn mfaso no mu aba? Nea afi gye a wonnye ntom sɛ asase yɛ Onyankopɔn dea, na adesamma nyinaa, sɛ́ nnipa baanu a wodi kan no asefo no, yɛ anuanom no mu aba ne mmarima, mmea ne mmofra a anyɛ yiye koraa no, wɔn ano si ɔpepem 99 a wɔakunkum wɔn wɔ afeha yi nkutoo mu akodi ahorow mu no. Bible no mu abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow a wɔanni so no de mmusua a emu apaapae, nsanyare a wonya fi nna mu, nnubɔne a wontumi nnyae nom a wɔde sɛe akwahosan, ne amumɔyɛ na aba. Nnipa a wɔkwati atɔfowu mpo hyia owu ara esiane bɔne a wonya fii Adam hɔ no nti. Adanse nyinaa kyerɛ sɛ sɛ nnipa bu wɔn ani gu Ɔbɔadeɛ no ahwehwɛde ahorow a nyansa ne ɔdɔ wom so a, wopira wɔn ankasa ho ne wɔn a atwa wɔn ho ahyia no nso. (Romafo 5:12; fa toto Yesaia 48:17, 18 ho.) Akyinnye biara nni ho, ɛnyɛ ɛno ne asetra a wopɛ. Wubetumi apaw biribi a eye koraa sen saa.

12. (a) Ɔfrɛ a emu yɛ hyew bɛn na Bible no de ma yɛn? (b) Sɛ yɛkɔ so de Onyankopɔn Asɛm no di dwuma wɔ yɛn asetra mu a, dɛn na yebehu?

12 Bible no de anigye to nsa frɛ sɛ: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Awurade ye, nhyira ne onipa a oguan toa no.” (Dwom 34:8) Sɛ wubetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ wuhu Yehowa na afei wutie n’afotu. Bere a woyɛ saa no, w’asetra bɛyɛ nea atirimpɔw wom. Sɛ́ anka wobɛhwehwɛ bere tiaa mu anigyede a ebetumi ama wo werɛ afi wo haw ahorow bere tiaa bi nanso ɛtaa de ɛyawdi ba akyiri yi mmom no, wubesua sɛnea wubetumi agyina asetra mu ɔhaw ahorow ano yiye ne sɛnea wubenya anigye a ɛtra hɔ daa. (Mmebusɛm 3:5, 6; 4:10-13; 1:30-33) Akwanhwɛ a ɛne sɛ wubenya nhyira horow a ɛyɛ anigye a ɛnam Onyankopɔn Ahenni so bɛba no bi nso bɛyɛ wo de. Sɛ eyi ne asetra a wo kɔn dɔ a, ɛnde ɛho behia sɛ woyɛ biribi mprempren yi ara. Dɛn ntia?

AMANAMAN NYINAA ANI KYERƐ HARMAGEDON

13. Dɛn nti na ɛho hia mprempren sɛ yebegyina Yehowa afã pintinn?

13 Yehowa renkɔ so nnya nnipa ne ahyehyɛde ahorow a wɔboapa anaasɛ wɔde anibiannaso di Satan akyi no ho koma nkosi daa. Wɔremma wɔn kwan na wɔakɔ so abu wɔn ani agu Onyankopɔn mmara so, asɛe asase no ne afoforo asetra. Akontaabu da bi da wɔn anim wɔ nea Bible no frɛ no “Awurade [Yehowa, NW] da kɛse no” mu.—Sefania 1:2, 3, 14-18.

14. Wɔreboaboa amanaman nyinaa ano akɔ ɛhe?

14 Bere a Yesu Kristo reyi nsɛm bi a ebesisi wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi nna a edi akyiri mu adi no, ɔkae sɛ “ahonhommɔne ahonhom” bɛkɔ ‘wiase nyinaa ahene nkyɛn akɔboaboa wɔn ano ama Onyankopɔn, Ade nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no.’ Sɛnea saa adiyisɛm no kyerɛ no, “ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.” Saa anoboaboa no rekɔ so mprempren!—Adiyisɛm 16:14, 16.

15, 16. (a) Dɛn ne Harmagedon? (b) Dɛn nti na ɛho hia?

15 Harmagedon a Bible ka ho asɛm no nyɛ biribi a wɔnam nuklea akode a wobegyae yɛ so betumi akwati. Amanaman ntam apam ahorow rentumi nsiw no kwan. Ɛda adi sɛ wonyaa din no fii tete kurow Megido mu, nanso ɛkyerɛ pii sen Mfinimfini Fam Apuei beae bi ara kɛkɛ. “Wi yi ase sodifo” a aniwa ntumi nhu no no repiapia amanaman nyinaa, ɛmfa ho sɛnea wɔn amammui adwene gu ahorow fa, akɔ wiase nyinaa tebea bi a ɛkyerɛ sɛ wɔsɔre tia Yehowa Nyankopɔn mu. Wɔrema “wiase nyinaa ahene,” ne wɔn akyidifo, apaw afã a wobegyina. Bere tiaa bi a edi Harmagedon anim no, sɛnea wɔsɔre tia Onyankopɔn Ahenni ne wɔn a wɔbɔ ho dawuru nyinaa no mu bɛyɛ den kɛse wɔ asase so nyinaa. Sɛ́ wogye tom sɛ Satan wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ no, “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu,” sɛnea Onyankopɔn Asɛm ka no. Ɛsɛ sɛ wiase bɔne yi nyinaa ne wɔn a wɔde wɔn ho to so nyinaa, yiw, wɔn a wosuasua emu akwan no nyinaa fi hɔ.—1 Yohane 5:19; 2:15-17.

16 Wiase yi aporɔw fi ti kosi ase. Ɛnyɛ nsɛmmɔnedifo a wɔagye dimmɔne nkutoo na mmom ɔmamfo pii ma ɛda adi sɛ wonni obu biara ma mmara, na wonsusuw wɔn mfɛfo nnipa ankasa ne wɔn nneɛma ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, wontie nea Onyankopɔn ankasa ka wɔ n’Asɛm Bible no mu no. Wonni obu ma ne tumidi. Ɛho hia sɛ Onyankopɔn yɛ ade de yi ahohora a wɔde abɔ ne din no fi hɔ, na afei ɔde siesie kwan ma asase no a wɔbɛyɛ no Paradise, faako a wɔn a wɔdɔ trenee betumi anya nokware asomdwoe ne ahotɔ no.

17. (a) Ɔsɛe no kɛse bɛyɛ dɛn? (b) Hena na ɔbɛkyerɛ nea ebefi mu aba no kwan?

17 Sɛ ɔsɛe no ba a, ɛbɛda adi pefee sɛ efi Yehowa hɔ. Ɔsɛe no bɛtrɛw afa asase so nyinaa. Bere a Yehowa abrafo no fi wɔn dwumadi ase no, amanaman no behu sɛ ɔno na ɔredi dwuma no. Bere a aban ahorow tumidi sɛe no, onipa biara bɛsɔre ahyɛ ne yɔnko. Onyankopɔn ankasa Ba no fi soro bɛkyerɛ nea ebefi mu aba no kwan.—Adiyisɛm 6:16, 17; 19:11-13; Sakaria 14:13.

18. Henanom na wobefi mu aka?

18 Nea ɛne nuklea akodi a nnipa de wɔn ho hyem mu ɔsɛe bɔ abira no, eyi renyɛ nea ɛbɛka obiara kɛkɛ. Nanso henanom na wobefi mu aka? So ɛbɛyɛ wɔn a wɔka sɛ wɔwɔ ɔsom bi mu, anaasɛ ebia wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no nyinaa? Yesu frɛ saafo yi mu “pii” sɛ wɔn a “wɔyɛ nea ɛnteɛ.” (Mateo 7:21-23) Wɔn a wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so no bɛyɛ wɔn a wɔatumi ahyehyɛ wɔne Yehowa ne ne Ba a ɔyɛ ɔhene, Kristo Yesu, ntam abusuabɔ a emu yɛ den ampa no nkutoo. Wɔnam wɔn asetra kwan ne Ahenni no ho adanse a wodi so bɛkyerɛ nokwarem sɛ ‘wonim Onyankopɔn’ na ‘wotie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no.’ Woreda wo ho adi sɛ woyɛ onipa a ɔte saa?—2 Tesalonikafo 1:8; Yohane 17:3; Sefania 2:2, 3.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]