Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea “Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo” Fi Ase

Sɛnea “Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo” Fi Ase

Ti 14

Sɛnea “Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo” Fi Ase

1. (a) Wɔ Bible mu no, dɛn na wɔtaa ka ho asɛm sɛ “ɔsoro”? (b) Wɔ nsɛm ahorow bi mu no, dɛn na “asase” kyerɛ?

SƐ WƆBƆ ɔsoro din a, ɛma nnipa pii susuw wim, ɔsram ne nsoromma ho. Bible no de “ɔsoro” ka nniso nso ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 7:49) Ɛtɔ mmere bi a, ɛde asɛm “ɔsoro” no gyina hɔ ma Onyankopɔn ankasa sɛ Amansan Hene. (Daniel 4:26; Mateo 4:17) Wɔka nnipa nniso mpo ho asɛm sɛ “ɔsoro,” efisɛ eyinom wɔ dibea a ɛkorɔn sen wɔn a wodi wɔn so tumi no. (2 Petro 3:7) Saara nso na wɔtaa de “asase” gyina hɔ ma okyinnsoromma kurukuruwa yi, na ebetumi akyerɛ adesamma abusua nso. (Genesis 11:1; Dwom 96:1) Eyi a wubehu no betumi aboa wo ma woate nea “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ anigye no kyerɛ ankasa ase. Bɔhyɛ ahorow yi bi dii kan baa mu wɔ tete Israelfo bere so.

‘MUNNI AHURUSI, ADE A MEREBƆ NO NTI’

2. Dɛn nti na Yehowa maa kwan ma wɔde Israel kɔɔ nnommumfa mu, nanso dɛn na ɔka siei?

2 Ná Onyankopɔn ne Israel man no ayɛ apam bi, ma wɔde obu apene so sɛ wɔbɛyɛ osetie ama no. Nanso wɔanni nokware. Eyi nti, Yehowa kae sɛ obeyi n’ahobammɔ afi wɔn so, na wama kwan ma wɔasɛe Yerusalem afa nnipa no nnommum akɔ Babilon. (Yesaia 1:2-4; 39:5-7) Nanso ofi mmɔborɔhunu mu ka siei sɛ ɔde nkaefo bi a wɔbɛkyerɛ ahonu bɛsan aba.—Yeseaia 43:14, 15; 48:20.

3. Dɛn na na bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:17 no kyerɛ?

3 Esiane sɛ na eyi bɛbam ankasa nti, Yehowa kaa saa ba a na ɔbɛsan de wɔn aba daakye no ho asɛm te sɛ nea ɛrekɔ so dedaw sɛ: “Na hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforo, NW], na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom, momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti; na hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw.” (Yesaia 65:17, 18) Ná eyi bɛkyerɛ ogye ama saa Israelfo a wonu wɔn ho no.

4. (a) Bere bɛn na ogye a wɔhyɛɛ ho nkɔm no bae? (b) Ná dɛn ne “ɔsoro foforo” ne “asase foforo” no saa bere no?

4 Ɛwom sɛ na eyi te sɛ nea ɛrentumi mma wɔ onipa ani so de, nanso Mediafo ne Persiafo dii Babilon a ɛyɛ den no so nkonim wɔ 539 A.Y.B. mu. Yudafo no baa nniso foforo, “ɔsoro foforo” ase. Kores Ɔkɛseɛ no dii dwuma titiriw bi wɔ saa “ɔsoro foforo” no mu. Ɛwom sɛ Kores annan ammɛyɛ Yudani de, nanso ogye toom sɛ Yehowa na ɔmaa kwan ma onyaa tumi a odii no, ne sɛ Yehowa na ahyɛ no sɛ ɔmma wɔnsan nsi asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no. (2 Beresosɛm 36:23; hwɛ Yesaia 44:28.) Wɔ Yerusalem wɔ 537 A.Y.B. mu no, Amrado Serubabel ne Ɔsɔfo Panyin Yesua nso som ɔkwan titiriw bi so wɔ saa “ɔsoro foforo” nniso no mu, na Yudafo nkaefo a wɔsan bae no boom yɛɛ “asase foforo,” nnipa a wɔatew wɔn ho a wɔsan de nokware som sii hɔ wɔ asase no so.—Esra 5:1, 2.

5, 6. (a) Na dɛn na ebedi adanse sɛ wɔyɛ nnipa a wɔasakra ampa? (b) Bere a Yehowa kaa wɔn anim no, ɔkwan bɛn so na sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ ho no yɛ soronko wɔ sɛnea na wɔyɛ ansa na wɔrekɔ nnommumfa mu no ho?

5 Sɛ́ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔasakra wɔn adwene ne wɔn koma nyinaa no, na ehia sɛ wɔde ɔsom kronn di kan wɔ wɔn asetra mu, wobu Yehowa tumidi ankasa na wotie n’adiyifo. Nea ɛne eyi hyia no, nneɛma a wodii kan yɛe bere a wokoduu Yuda no mu biako ne sɛ “wokosii Israel Nyankopɔn afɔremuka” no na wɔbɔɔ afɔre.—Esra 3:1-6.

6 Bere a honam fam ade dodowpɛ su ne onipa ho suro amma wɔantumi anwie asɔrefie no si no, Yehowa nam n’adiyifo so kaa nnipa no anim, na wotiei. (Hagai 1:2, 7, 8, 12; 2:4, 5) Akyiri yi, bere a wɔdaa no adi kyerɛɛ nnipa no sɛ wɔabu Mmara no mu aware ho ahwehwɛde ahorow no so wɔ ɔkwan a anibere wom so no, wosiesiee wɔn akwan. (Esra 10:10-12) Sɛ́ anka wɔn ani bɛyɛ nea enhu ade na wɔn aso ayɛ nea ɛnte Onyankopɔn asɛm wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, wonyaa honhom fam ayaresa, na wɔde wɔn akwaa ahorow dii dwuma ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyiae. (Fa Yesaia 6:9, 10 toto 35:5, 6 ho.) Ne saa nti, Yehowa ma wodii yiye ma ɛne ne bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Yesaia 65:20-25 no hyiae.

7. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Yesaia nkɔmhyɛ no benya mmamu foforo?

7 Nanso so na “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho nkɔmhyɛ no mmamu nyinaa ara ne no? Dabida. Kristoni somafo Petro kae sɛ na afeha a edi kan Kristofo no de ahopere rehwɛ ne mmamu foforo kwan. (2 Petro 3:13) Yɛde yɛn aniwa rehu nea na wɔretwɛn no mmamu mprempren. Ɔkwan bɛn so? Ɛrebam wɔ nsɛm a esisii bere a wɔde Kores Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, a wɔahyɛ no anuonyam no sii ahengua so no mu.

8. (a) Bere bɛn na Yehowa maa “ɔsoro foforo” yi bae, na sɛ wɔde eyi toto nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan ho a, ɛte dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na “ɔsoro foforo” no mufo akɔ so adɔɔso nkakrankakra?

8 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Yehowa Nyankopɔn maa ne Ba no tumi sɛ omfi ase nni hene wɔ n’atamfo mfinimfini wɔ 1914 mu. Saa bere no na “ɔsoro foforo” a na wɔahwɛ kwan bere tenten no bae. Nsɛm a esisii no yɛɛ akɛse koraa sen nea esisii bere a wogyee tete Israel no. (Dwom 110:2; Daniel 7:13, 14) Nniso a wɔde sii hɔ wɔ 1914 mu no fi soro ankasa na edi tumi, na Onyankopɔn de asase nyinaa so tumidi ama no. Akyiri yi, wɔtrɛw saa nniso no mu bere a wonyan Kristo akyidifo a wɔde honhom asra wɔn (a na wɔawuwu dedaw) no sɛ wɔne wɔn Wura no nkɔyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro no. Bere a saa Ahenni kuw no mufo foforo asase so asetra aba awiei no, wɔde wɔn nso aka “ɔsoro foforo” no mufo a na wɔredɔɔso no ho. (1 Tesalonikafo 4:14-17; Adiyisɛm 14:13) Ɛde besi saa bere yi Kristo yɔnko adedifo no mu dodow no ara na wɔreyɛ adwuma mprempren wɔ saa ɔsoro Ahenni no mu. Kristofo a wɔde honhom asra wɔn a wɔnam saa kwan yi so akɔka Kristo ho no na wɔbom yɛ Yerusalem Foforo a Yehowa kaa ho asɛm sɛ: “Hwɛ, merebɔ Yerusalem ama ayɛ ahurusidi, ne ne man ama ayɛ ahosɛpɛw” no.—Yesaia 65:18.

9. Ade a ɛma wodii “ahurusi” bɛn na Yehowa de baa asase so ha wɔ 1919 mu?

9 Ɛnyɛ ɔsoro nkutoo na Yehowa ayɛ biribi a ɛbɛma wɔadi “ahurusi,” na mmom asase so nso. Ahenni adedifo no nkaefo bi da so ara wɔ asase so. Wɔ Wiase Ko I mu no, Kristoman asɔfo nam ɔko mmere mu anikrakra no so de atoro sobo bɔɔ Bible Asuafo no, na wɔyɛe ma wobuu wɔn Sodikuw no mufo atɛn de wɔn koguu afiase mfe pii. Nanso wogyaa wɔn wɔ 1919 mu, na woyii wɔn fii Babilon Kɛse nnommumfa mu ankasa. Esiane sɛ Yehowa honhom boaa wɔn nti, wɔsan boaboaa wɔn ho ano sɛ nnipa a wɔahyira wɔn ho so ama ɔsom kronn ne Onyankopɔn Ahenni nneɛma nkutoo.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na na honhom fam Israelfo yi akwanhwɛ ahorow yɛ soronko wɔ Yudafo a wɔsan kɔɔ wɔn asase so wɔ 537 A.Y.B. mu no de ho? (b) Adwuma bɛn na Yehowa de maa wɔn sɛ wɔnyɛ? (d) Ɔkwan bɛn so na wahyira wɔn kɛse bere a wɔda so ara wɔ asase so no, na ɔkwan bɛn so na kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no kyerɛkyerɛ tebea horow a wɔwom no mu?

10 Nanso, na wɔn anidaso ne akwanhwɛ ahorow yɛ soronko wɔ Yudafo a wɔsan kɔɔ wɔn asase so wɔ 537 A.Y.B. mu no de ho. Ná honhom fam Israelfo no rehwɛ apɛgyade bi a “wɔde asie ɔsoro” ama wɔn kwan. (1 Petro 1:3-5) Nanso ansa na wɔn nsa bɛka saa akatua no ankasa no, na Yehowa wɔ adwuma bi ma wɔn a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Ɔkaa eyi ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Mede me nsɛm mahyɛ w’anom, na mede me nsa ase nwini makata wo so, na maka makyerɛ Sion sɛ: Me man ne wo.” (Yesaia 51:16) Ɔde ne “nsɛm,” ne nkrasɛm, hyɛɛ ne nkoa anom sɛ wɔnka wɔ asase so nyinaa. Wɔde ahotoso fii ase daa no adi sɛ Onyankopɔn de “ɔsoro foforo” no atim hɔ paraa ma enti nnipa anaa adaemone rentumi ntu ngu. Ɔkwan a Yehowa nam so ne ɔsoro Sion ananmusifo no adi nsɛm no ama wɔahu wɔn pefee sɛ ne man. Nea ɛne wiase no honhom fam ne abrabɔ fam tebea a asɛe pasaa no bɔ abira no, “asase” a honhom fam Israel te so, a ɛne beae a wɔyɛ adwuma no, abɛyɛ beae a honhom fam nneɛma a ɛsom bo ne dwumadi ahorow nya nkɔso. Ɛyɛ honhom fam paradise! (Yesaia 32:1-4; 35:1-7; 65:13, 14; Dwom 85:1, 8-13) Na “asase foforo” a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Yesaia 65:17 no nso ɛ?

AHOSIESIE MA “ASASE FOFORO” NO

11. (a) Efi bere bɛn titiriw na Yehowa asiesie wɔn a wɔbɛyɛ “asase foforo” no mufo? (b) Nnipa a wofi tete Babilon bae bɛn na wɔyɛɛ eyinom ho mfonini?

11 Efi 1935 titiriw reba no, Yehowa maa honhom fam Israelfo no hui sɛ bere aso sɛ wɔboaboa nnipakuw kɛse a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daa nkwa wɔ Paradise asase so no ano. Sɛ wode wɔn toto Ahenni adedifo “kuw ketewa” no ho a, wɔabɛyɛ nnipakuw kɛse ampa. (Adiyisɛm 7:9, 10) Wɔde eyinom nso aba honhom fam paradise no mu. Na wɔyɛ wɔn a wɔnyɛ Israelfo a wɔne Yudafo no fii Babilon wɔ 537 A.Y.B. mu, ne wɔn a wɔyɛɛ saa akyiri yi nso no ho mfonini. (Esra 2:58, 64, 65; 8:17, 20) Saa nnɛyi Yehowa Adansefo nnipakuw kɛse yi a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtra asase so no nyinaa ne wɔn a wobetumi ayɛ “asase foforo” no mufo.

12. Ɔkwan bɛn so na wɔresiesie nkurɔfo mprempren ma wɔatumi ayɛ “asase foforo” no nhyɛase a ɛfata?

12 Wɔn a wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse no mu a wɔn anidaso ne sɛ wobenya ɔdesani nkwa a ɛyɛ pɛ no na wɔde wɔn bɛhyɛ saa “asase foforo” no ase ankasa, efisɛ wɔn na wɔbɛyɛ emufo a wodi kan. Ɛho hia sɛ nhyɛase no yɛ nea edi mũ. Enti, mprempren wɔrekyerɛkyerɛ wɔn Yehowa akwan fefeefe. Wɔreboa wɔn ma wɔanya amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho anisɔ a efi komam. Wɔresua sɛnea ehia yiye sɛ ‘wɔde wɔn koma nyinaa bɛbata Yehowa ho, na wɔamfa wɔn ho antweri wɔn ankasa nhumu.’ (Mmebusɛm 3:5, 6) Wɔwɔ hokwan sɛ wɔda wɔn ho adi sɛ Onyankopɔn Ahenni no akyigyinafo anokwafo a wɔyɛ nnam denam “ahenni no ho asɛmpa” no bi a wɔbɛka akosi ase mprempren no so. (Mateo 24:14) Wɔrehu sɛnea asase nyinaa so abusua a nnipa a wofi aman ne kasa ne mmusua nyinaa mu bom yɛ adwuma wom sɛ onuayɛ kuw a wɔdodɔ wɔn ho muni a wɔbɛyɛ no te. (Yohane 13:35; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) So w’ankasa worebɔ mmɔden na ama woanya saa ɔkyerɛkyerɛ dwumadi yi mu mfaso pii anaa? Anidaso a ɛyɛ anigye wɔ hɔ ma wɔn a wɔyɛ saa nyinaa.

“ASASE FOFORO” BA ANKASA

13. Ɔkwan bɛn so na “asase foforo” a ɛreba no bɛyɛ Yehowa bɔhyɛ no mmamu kɛse koraa sen nea ɛbae wɔ 537 A.Y.B. mu no?

13 Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde “asase foforo” bɛba no mmamu a etwa to koraa no bɛyɛ kɛse koraa asen nea ɛbae wɔ 537 A.Y.B. mu no. Ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔbom yɛ “asase foforo” no bɛyɛ nnipa a wɔagye wɔn afi Babilon Kɛse mu nko, na mmom ɛbɛyɛ nea wɔasɛe saa wiase atoro som ahemman no koraa. (Adiyisɛm 18:21) Ɛrenyɛ nea aman a wɔbɔ Yehowa ahohora a atwa saa adesamma trenee abusua—“asase foforo” no—ho ahyia, sɛnea na ɛte wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mmamu a edi kan no mu no. Esiane sɛ nnipa nniso nyinaa pow sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama Yehowa tumidi nti, wɔbɛdwerɛw wɔn koraa afi hɔ, na wɔatɔre mprempren adesamma abusua bɔne yi ase afi asase so koraa. (Daniel 2:44; Mmebusɛm 2:21, 22) Sɛ Onyankopɔn trenee Nhyehyɛe Foforo no fi ase a, wɔn a wodi Yehowa ni, na wɔn ani gye n’akwan ho pii no nkutoo na wɔbɛtra okyinnsoromma a ɛne Asase so.—Dwom 37:4, 9.

14. (a) Bere bɛn na 2 Petro 3:13 ne Adiyisɛm 21:1 benya mmamu? (b) Dɛn na ɛbɛyɛ soronko wɔ tebea horow a “ɔsoro foforo” no bɛyɛ adwuma wom no ho? (d) Henanom na wɔde wɔn bɛka “asase foforo” no ho?

14 Ɛyɛ saa anuonyam bere no na ɔsomafo Petro twee adwene sii so wɔ ne nhoma a ɛto so abien a efi honhom mu no mu. (2 Petro 3:13) Ɔsomafo Yohane retwe adwene asi anidaso a ɛyɛ anigye koro no ara so no, ɔbɔɔ adiyisɛm a wɔde maa no no ho amanneɛ sɛ: “Mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan soro ne kan asase no atwam, na ɛpo nni hɔ bio.” (Adiyisɛm 21:1) Sɛ ahohiahia kɛse no twam na wɔde Satan ne n’adaemone gu ebun no mu a, bere foforo bi befi ase. Na Satan ne n’adaemone nkɛntɛnso bɔne no afi hɔ. Na wɔasɛe ne nneɛma nhyehyɛe no nyinaa. Afei “ɔsoro foforo” no bedi Yehowa atirimpɔw a ɔdɔ wom ma n’abɔde no ho dwuma, a nniso horow a wobu wɔn ani gu Yehowa tumidi so nsiw wɔn kwan. Wɔn a wɔbɛtra saa “ɔsoro foforo” no ase ne nokware “asase foforo,” a emufo ne “nnipakuw kɛse” a Onyankopɔn de asase so Paradise a ɛhɔ yɛ fɛ, na aduan, anigye ne asomdwoe wɔ hɔ ho bɔhyɛ a ɛsom bo ma wɔn no. Sɛ Onyankopɔn bere a wahyɛ ato hɔ sɛ obenyan awufo no du a, eyinom nso benya hokwan abɛyɛ “asase foforo” a trenee bɛtra mu no fã.—Adiyisɛm 20:12, 13.

15. Dɛn nti na bɔhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 21:3, 4 no ho hia wo?

15 Ɔsomafo Yohane tee nea Onyankopɔn bɛyɛ ama adesamma saa bere no ho amanneɛbɔ yi fii soro sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Hwɛ sɛnea asetra bɛyɛ anigye kɛse!

16. Daakye ho anisɔ bɛn na Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ (a) Yesaia 11:6-9 (b) Yesaia 35:1-7 (d) Yesaia 65:20-25 no kanyan wɔ yɛn komam? (e) Hena na ɔma anidaso ahorow a ɛyɛ anigye yi bam ma yɛn?

16 Sɛnea na nneɛma te wɔ Eden, ne anwonwade ahorow a Yesu yɛe no ma yehu sɛnea asetra bɛyɛ wɔ saa “asase foforo” no so wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Afei nso, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 11:6-9 ne 35:1-7 ne 65:20-25 no mu nsɛm benya mmamu paa ara saa bere no, na ɛde nhyira kɛse abrɛ adesamma asoɔmmerɛfo. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ ahomeka sɛ wobetumi anya tebea horow a ɛho hia yiye a ɛne honhom fam ahoɔden ne yiyedi no mu anigye aka ɔhonam ne adwenem pɛyɛ wɔ asase a adan Paradise koraa so no ho! Sɛ anidaso a ɛyɛ nwonwa saa da yɛn anim a, ɛnde nea yebetumi ayɛ ara ne sɛ yɛbɛma yɛn nne so kɛse de aseda ama Yehowa, nneɛma yi nyinaa Bɔfo Kɛse no!

[Adesua no ho Nsɛmmisa]