Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔahyɛ Wo Agyirae Ama Ɔsɛe Anaa Nkwagye?

Wɔahyɛ Wo Agyirae Ama Ɔsɛe Anaa Nkwagye?

Ti 12

Wɔahyɛ Wo Agyirae Ama Ɔsɛe Anaa Nkwagye?

1. Nsɛmmisa bɛn na adesua yi hyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw ho?

TEBEA a nyamesom wom nnɛ no hwehwɛ sɛ yɛkyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam ankasa. Yɛdɔ Yehowa ne n’akwan ampa? Yɛte sɛ ne Ba, Yesu Kristo, a wɔkaa ne ho asɛm sɛ: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ” no? (Hebrifo 1:9) Yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛda eyi adi pefee ma afoforo ahu faako a yegyina? Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Yehu ne Rekab ba Yehonadab ho no boa yɛn ma yɛhwehwɛ yɛn gyinabea mu.

2. Na henanom ne Yehu ne Yehonadab?

2 Wɔ afeha a ɛto so du A.Y.B. mu no, wɔsraa Yehu sɛ onni Israel mmusuakuw du ahemman, a na n’ahenkurow wɔ Samaria no so hene. Wɔde ahyɛde maa no sɛ ɔnsɛe Ɔhene Ahab fifo abɔnefo nyinaa, a Ɔhemmaa Isebel a na wahyɛ Baal som ho nkuran wɔ Israel, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obegu Yehowa som no ka ho. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yehonadab a na ɔyɛ Kenini (ma enti ɔnyɛ Israelni) no, nim nnipa a Yehu rekɔsɛe wɔn no bere a okohyiaa Yehu no. Nanso na ɔdɔ a Yehonadab wɔ ma Yehowa no mu den te dɛn? Na ɔbɛda ne ho adi pefee sɛ obi a ogye di pintinn sɛ Yehowa, nokware Nyankopɔn, no nkutoo na ɛsɛ sɛ wɔsom no?

“SO WOWƆ ME HO KOMA PA?”

3. Ɔkwan bɛn so na Yehonadab daa ne gyinabea wɔ Yehowa som ho adi wɔ baguam?

3 Bere a mmarima baanu no kyiaa wɔn ho wiei no, Yehu ka kyerɛɛ Yehonadab sɛ ɔmma onhu ne gyinabea pefee. Yehu bisae sɛ: “So wowɔ me ho koma pa sɛnea mewɔ wɔ wo ho no?” Yehonadab buae ntɛm ara sɛ: “Ɛte saa.” Yehu buae sɛ: “Sɛ ɛte saa a, kyia me!” Enti ɔmaa Yehonadab foro baa ne teaseɛnam no mu na ɔkae sɛ: “Wo ne me nkɔ, na kɔhwɛ me ninkunu a metwe mema Yehowa.” Yehonadab amfa ehu antwentwɛn ne nan ase.—2 Ahene 10:15, 16, NW; hwɛ Deuteronomium 6:13-15.

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn na Yehu faa so maa Baal asomfo daa wɔn ho adi? (b) Afei dɛn na Yehu yɛe, na na Yehonadab wɔ he? (d) Wote nka dɛn wɔ Baal asomfo no sɛe ho?

4 Bere a Yehu duu Samaria no, ɔyɛɛ nhyehyɛe ahorow a ɛbɛma wɔn a wɔsom Baal nyinaa ada wɔn ho adi. Wɔfrɛɛ Baal adiyifo, asɔfo ne asomfo nyinaa kɔɔ afɔrebɔ kɛse bi ase wɔ Baal fie. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ onipa biara a wamma no bɛhwere ne nkwa. Yehu hyɛe sɛ wɔmfa ntade mma Baal asomfo nyinaa na ama wɔahu wɔn pefee. Wɔnam saayɛ so nso maa obiara a na ɔkyerɛ nso sɛ ɔsom Yehowa no kyerɛɛ onii ko a ɔsom no ankasa. Na ɛte sɛ nea ɛyɛ anuonyam bere ma Baal ne Satan Ɔbonsam, atoro nyame a na Baal yɛ ne ho mfonini ankasa no.

5 Na saa beae yi nyɛ baabi a ɛsɛ sɛ Yehowa nokware asomfo kɔ. Wɔhwehwɛɛ wɔn mu de hwɛ huu ampa sɛ na Baal asomfo nkutoo na wɔwɔ hɔ. Afei wofii dwumadi no ase. Saa bere no na Yehu mmarima no gyina adiwo asiesie wɔn ho, na bere a ɔyɛɛ sɛnkyerɛnne bi no, wofii nea na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no ase. Ɔhyɛe sɛ: ‘Munkunkum wɔn, mommma obiara mmfi.’ Wɔsɛee Baal somfo biara. Wodwiriw Baal fie gui. “Sɛɛ na Yehu sɛee Baal fii Israel.” Na Yehonadab gyina Yehu nkyɛn na ama wahu saa nsɛm a ebesisi no. (2 Ahene 10:18-28) W’ankasa wote nka dɛn wɔ nea esii no ho? Ɛwom sɛ yɛn mu biara ani nnye afoforo wu, mpo nsɛmmɔnedifo de ho de, nanso yehu nea enti a na ɛho hia ne nea enti a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Bible mu ma yɛkenkan nnɛ no?—Fa toto Hesekiel 33:11 ho.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔbɛsɛe Babilon Kɛse no? (b) Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛe sɛ ɔtwe ninkunu ma Yehowa?

6 Asɛm no mma yɛn tumi sɛ yɛnsɛe nyamesom akuw adan anaa nnipa a wɔwɔ atoro som mu no. Yehowa apaw Yesu Kristo a wahyɛ no anuonyam sɛ Yehu Ɔkɛseɛ no, na ɛnyɛ ne nnɛyi adansefo, sɛ ommu N’atɛntrenee. Ɔsoro Hene no nam amammui tumi a wɔaka abom a wama wɔn kwan sɛ wɔnna ɔtan a wɔwɔ ma Babilon Kɛse no adi no so bɛma wɔasɛe wiase nyinaa atoro som ahemman no. (Adiyisɛm 6:2; 17:16; 19:1, 2) Bere a na Yesu wɔ asase so no, wampene sɛ ɔbɛyɛ ɔsom mu adeyɛ biako mpo a ɛbɛhyɛ Ɔbonsam anuonyam. Ɔkasa tiaa nnipa atetesɛm a wɔde sii Yehowa Asɛm ananmu na wɔde Onyankopɔn som pɛɛ sika fam mfaso no. Ɔtwee ninkunu maa Yehowa.—Luka 4:5-8; Mateo 15:3-9; 21:12, 13.

7. (a) Nnɛyi Baalsom ho adanse ahorow no bi ne dɛn? (b) Dɛn nti na Kristo sɛ Ɔhene no anya eyinom ho koma?

7 Ɛnde, dɛn nti na Kristo, a mprempren ɔredi tumi wɔ n’atamfo mfinimfini no ma nnɛyi Baalsom kwan ma ɛyɛ te sɛ nea ɛrenya nkɔso? Dɛn nti na ɛda adi sɛ ɔnyɛ nnipa hwee wɔ anuonyam a wɔhyɛ nneɛma nhyehyɛe yi nyame no denam Yehowa ahwehwɛde ahorow a wopia to nkyɛn so no ho? Dɛn nti na onya yɛ a wɔyɛ wɔn ade te sɛ nea Onyankopɔn nkasa ntia wɔn nna mu ɔbrasɛe no, kamfo a wɔkamfo honam fam ade dodowpɛ asetra, ahonhonsɛm a wodi bere a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo, na wɔkyerɛkyerɛ Babilon nkyerɛkyerɛ te sɛ nea ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no ho koma? Asɛm a esii tete no kyerɛ sɛ ɔde eyi sɔ nnipa hwɛ, na ama wɔde wɔn nneyɛe akyerɛ nea wɔsom no, ne sɛ ebia ɛfata sɛ wɔkora wɔn nkwa so anaa wokum wɔn.

8. Nsɛm a anibere wom bɛn na ɛho hia sɛ yebisa yɛn ho?

8 Ɔkwan bɛn na woapaw? Woagyae nneyɛe nyinaa a ebetumi ama wɔahu wo sɛ woyɛ nnɛyi Baal somfo? Woatwe wo ho afi wiase no ho ada no adi sɛ woyɛ Yehowa nokware somfo?—2 Korintofo 6:17.

9. (a) Sɛ yɛte sɛ Yehonadab ampa a, dɛn na yɛbɛyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din no si hia a nneɛma yi ho hia no so dua?

9 Yehonadab, a na ɔyɛ Yehowa somfo a ɔnyɛ Israelni no yɛ “nguan foforo” a mprempren wɔreboaboa wɔn ano a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ asase so no ho mfonini. Woda Yehonadab honhom no bi adi? Wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛda wo ho adi wɔ baguam sɛ woka Yehu Ɔkɛseɛ no ne n’asase so akyidifo a wɔasra wɔn a wɔrebɔ “yɛn Nyankopɔn aweredi da” a ɛrebɛn ho dawuru no ho? Wo ne wɔn abom reyɛ saa adwuma a egye ntɛmpɛ no? (Yesaia 61:1, 2; Luka 9:26; Sakaria 8:23) Wode ɔsom a edi mu ma Yehowa, na womma kwan mma biribiara mmɛhyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛtra wɔ wo komam no? (Mateo 6:24; 1 Yohane 2:15-17) W’asetra da no adi sɛ wo ne no ntam abusuabɔ ne ade a ɛsom bo sen biara ma wo, na biribi foforo biara gyina ɛno so?—Dwom 37:4; Mmebusɛm 3:1-6.

WOWƆ AGYIRAEHYƐDE NO?

10. Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ sɛ Yehowa asomfo nkutoo na wobenya nkwa?

10 Ɛbɛyɛ mfomso a anibere wom sɛ yɛbɛka sɛ sɛ obi bɔ mmɔden bu bra “pa” na ɔkwati ɔsom ahorow a ɛyɛ nneɛma a wɔkasa tia pefee wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no a, wɔnhwehwɛ hwee mfi ne hɔ bio. Ɛsɛ sɛ wohu wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so nyinaa pefee nso sɛ Yehowa asomfo. (Adiyisɛm 14:6, 7; Dwom 37:34; Yoel 2:32) Wɔdaa asɛm yi adi wɔ anisoadehu bi a wɔde maa odiyifo Hesekiel ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu no mu.

11. (a) Ka anisoadehu a wɔakyerɛw wɔ Hesekiel 9:1-11 no ho asɛm. (b) Dɛn na ɛmaa obi nyaa nkwa?

11 Hesekiel tee sɛ Yehowa ka kyerɛ wɔn a na wapaw wɔn no sɛ wɔnsɛe Yerusalem ne emufo a wonni nokware no. Ohuu mmarima baasia sɛ wokurakura akode a wɔde sɛe ade, na na ɔbarima bi a ofura nwera a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen nso ka ho. Yehowa dii kan ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera yi sɛ: “Sen fa kurow no mu, Yerusalem mu, na hyɛ mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ no nyinaa momaso agyirae.” Afei ɔka kyerɛɛ baasia a aka no sɛ: “Múnkodi n’akyi mfa kurow no mu, na munkunkum; mommma mo aniwa nnkyɛe so, na munnhu mmɔbɔ. Nkwakoraa, mmerante ne mmabaa ne mmofra ne mmea, múnkum wɔn nsɛe wɔn; na obiara a wɔahyɛ no agyirae no de, monnka no; na me kronkronbea hɔ na mumfi ase.” Hesekiel huu ɔsɛe a ɛbaa wɔ ɛno akyi wɔ anisoadehu mu—na ɛso araa ma ɛte sɛ nea na wɔresɛe Israelfo a na wɔda so ara wɔ asase no so nyinaa. (Hesekiel 9:1-11) Dɛn na ɛmaa obi nyaa nkwa? Na ɛyɛ agyiraehyɛde a ɔbarima a ɔkyerɛwfo toa bɔ n’asen de besi ne momaso no.

12. (a) Na dɛn ne akyide ahorow a wɔn a na wɔahyɛ wɔn agyirae no ‘sisi ho apini di so nkɔmmɔ’ no? (b) Dɛn nti na na nneɛma a ɛte saa no bɛyɛ Yehowa abofono?

12 Nnipa a na ‘wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ Yerusalem so nkɔmmɔ no nyinaa’ nkutoo na wɔhyɛɛ wɔn agyirae maa nkwagye. Na saa “akyide” no yɛ dɛn? Wɔabobɔ anum din: (1) “Ninkuntwe honi” a na ɛwɔ Yehowa asɔrefi no abangua pon ano. Sɛnea ade yi te biara no, na Israelfo no de ɔsom a ɛsɛ sɛ wɔde ma Yehowa no ma no. (1 Ahene 14:22-24) (2) Ɔfasu ho mfonini a ɛyɛ mmoa a wɔwea ne mmoa horow a wɔhyew aduhuam wɔ wɔn anim wɔ asɔrefi hɔ pɛɛ. (3) Mmea a na wɔresu wɔ onyame Tamus, a ɛyɛ Nimrod a ɔtew atua tiaa Yehowa no din foforo, wu ho. (Genesis 10:9) (4) Mmarima a na wɔda animtiaabu kɛse adi denam wɔn akyi a wɔdan kyerɛ Yehowa asɔrefi na wɔkotow owia. (Deuteronomium 4:15-19) (5) Animguasede a etwa to no ne sɛ na nnipa reyɛ basabasa wɔ asase no so nyinaa, na wɔde “dubaa,” a ebetumi ayɛ nna ho sɛnkyerɛnne, reka Yehowa hwene ano. Wutumi hu nea enti a wɔn ho yɛɛ Yehowa abofono no?—Hesekiel 8:5-17.

13. (a) Ka nnɛyi nneyɛe a ɛte sɛ saa “akyide” no ho asɛm mmiako mmiako. (b) Wote nka dɛn wɔ saa nneyɛe no ho?

13 Dɛn na w’ankasa woyɛ wɔ nnɛyi Kristoman nneyɛe a ɛte sɛ saa “akyide” yi ho? (1) Ahoni a nnipa kotow wɔn som wɔn, ɛwom sɛ Bible bɔ kɔkɔ sɛ wɔnnyɛ saa de, wɔ n’asɔre adan pii mu. (1 Korintofo 10:14; fa toto 2 Ahene 17:40, 41 ho.) (2) Ɔpene so sɛ wɔnka sɛ onipa dannan fi mmoa mu na ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ no; afei nso onya ɔsom a emu yɛ den a wɔde ma wɔ mmoa ne nnomaa ahoni a ɛyɛ aman sɛnkyerɛnne no anim no mu kyɛfa. (3) Ɔde mmeamudua a ɛyɛ Tamus som ho sɛnkyerɛnne fi teteete no di dwuma wɔ ne som mu, na ɔde ne ho hyɛ guasodeyɛ ahorow a wɔde gyam wɔn a wɔawuwu wɔ akodi a wohwiee mogya guu wom a ɛda Nimrod honhom adi no mu. (Nanso hwɛ Yohane 17:16, 17.) (4) Ontie nea Onyankopɔn nam n’Asɛm so ka no, na mmom, ɔpaw “anibuei” a nnɛyi nyansahu ne nnipa nyansapɛ de ma no. (1 Timoteo 6:20, 21; fa toto Yeremia 2:13 ho.) (5) Ɔmma ɛnso hɔ ara, ɔpene ɔman anidan so wɔ mmeae bi na ommu nna mu ɔbrasɛe aniberesɛm, bere a ɛkyerɛ sɛ ɛkasa wɔ Onyankopɔn din mu no. (2 Petro 2:1, 2) Nnipa bi bu su horow yi sɛ fakaayɛ. Ebia wonnye ne nyinaa ntom de, nanso ebia wɔde wɔn ho bɛhyɛ foforo mu anaasɛ anyɛ yiye koraa no wɔpene so. Wote nka dɛn wɔ saa nneyɛe a egu Onyankopɔn ho fĩ a ɛdan nnipa fi adesamma Bɔfo ho no ho?

14. Dɛn nti na nokwasɛm a ɛne sɛ obi nni asɔre ahorow no ho anigye no nkyerɛ ankasa sɛ obenya nkwa?

14 Nnipa pii nni asɔre ahorow no ho anigye bio, na wɔnkɔ. Ebia wiase no mu basabasayɛ ne nsisi haw wɔn yiye. Nanso ɛno nkyerɛ ankasa sɛ wɔahyɛ wɔn agyirae ama nkwagye. Ɛsɛ sɛ ‘ɔbarima a okura ɔkyerɛwfo toa’ no hyɛ wɔn agyirae. Nokwasɛm ahorow no da no adi sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no reyɛ saa agyiraehyɛde adwuma no nnɛ.—Mateo 24:45-47.

15. (a) Dɛn ne agyiraehyɛde no? (b) Ɛyɛ dɛn na obi nya bi?

15 Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔhyɛ wɔn agyirae sɛ wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn anim dom no nyinaa gye Yehowa nkyerɛkyerɛ a ɔnam saa “akoa” kuw no so de ma no tom na wɔbɛyɛ Yehowa nokware asomfo. Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔde wɔn ano yi Yehowa ayɛ nanso wɔdɔ wiase no akwan ankasa. (Yesaia 29:13, 14; 1 Yohane 2:15) Ɛsɛ sɛ wɔdɔ Yehowa ne ne gyinapɛn ahorow na wodi yaw wɔ wɔn komam, ‘wosisi apini na wodi’ nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a egu ne ho fĩ “so nkɔmmɔ.” Obiara remfa adubiri ankasa nhyɛ wɔn momaso agyirae. Nanso sɛ wɔwɔ sɛnkyerɛnne kwan so agyiraehyɛde no a, obiara behu sɛ, sɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no, wɔahyɛ “nipasu foforo” a wɔka ho asɛm wɔ Efesofo 4:24, NW, no. Wɔwɔ gyidi a enwui. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam wɔ baguam ne kokoam. Ɛnyɛ nnipa a wɔafi Kristoman mu nko na ɛsɛ sɛ wonya agyiraehyɛde yi, na mmom wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so nyinaa a wɔn asetra gyinabea mfa ho.

16. Dɛn nti na anisoadehu yi ho hia ma mmofra ne wɔn awofo titiriw?

16 Nea ɛho hia titiriw ne nokwasɛm a ɛne sɛ wɔka kyerɛɛ Yehowa abrafo no sɛ mfe a obi adi, bɔbeasu, sigyadi anaa aware nyɛ ade a ɛsɛ sɛ wogyina so kora obi a ɔyɛ bɔne tia Yehowa nkwa so. Ɛsɛ sɛ ɔwarefo biara nya n’ankasa agyiraehyɛde na ama wɔakora ne nkwa so. Sɛ awofo amma kwan ma wɔanhyɛ wɔn mma agyirae anaa wɔantete wɔn sɛ Yehowa asomfo a, ɛsɛ sɛ wogye nea ɛbɛba saa mmofra no so ho asodi to wɔn ho so. Ɛwom sɛ Yehowa bu awofo a wosuro Onyankopɔn mma asoɔmmerɛfo sɛ wɔyɛ “kronkron” de, nanso ommu wɔn a wɔyɛ atuatewfo saa. (1 Korintofo 7:14; Dwom 102:28; Mmebusɛm 20:11; 30:17) Sɛ mmofra anyin sɛnea wobetumi abɛyɛ Kristofo a wɔabɔ asu nanso wɔmpɛ sɛ wɔtra ase ma ɛne ahwehwɛde ahorow no hyia a, sɛ́ wɔabɔ wɔn asu anaa wɔmmɔɔ wɔn asu no, mfe a wɔadi no remma wɔnkora wɔn nkwa so. Ɛnde, hwɛ hia a ɛho hia sɛ wɔhyɛ obiara a wanyin adu baabi a otumi paw nea ɔpɛ no agyirae pefee sɛ obi a wahyira ne ho so ama Onyankopɔn a ɔreyɛ n’apɛde!

17. Dɛn na yɛasua wɔ eyi mu afa Yehowa mmɔborohunu ho?

17 Yehowa ayi mmɔborohunu kɛse adi akyerɛ adesamma denam n’adansefo a wasoma wɔn sɛ wɔmmɛbɔ wɔn kɔkɔ wɔ ɔsɛe a ɛreba no ho, na wɔnkyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so anya wɔn ti adidi mu no so. Nanso onim din a atoro som anya ne aba porɔwee a asow no. Sɛ wɔsɛe Babilon Kɛse no a, ɔrenyi mmɔborohunu nkyerɛ obiara a ɔkɔ so ka sɛ ɔde ne ho bɛfam ho no. Sɛ yebenya nkwa wɔ ɔsoro atemmu a ɛreba no mu a, ɛsɛ sɛ yedi Yesu Kristo anammɔn akyi sɛ Yehowa, ɔsoro ne asase Bɔfo no nokware asomfo.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 95 mfonini ahorow]

Wowɔ agyiraehyɛde a ɛho hia ma nkwagye no ampa?