Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn a Wofi Aman Nyinaa mu Ka

Wɔn a Wofi Aman Nyinaa mu Ka

Ti 8

Wɔn a Wofi Aman Nyinaa mu Ka

1. Bɔhyɛ a wɔde maa Abraham bɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani betumi asɔ adesamma “mmusua nyinaa”?

YEHOWA fi ɔdɔ mu kyerɛ nnipa a wofi aman ne mmusuakuw nyinaa mu ho anigye. Wayɛ nsiesiei a ɛbɛma asase so mmusua nyinaa atumi anya ne dom ne ne nhyira. Yehowa ka kyerɛɛ Abram (Abraham), Noa ba Sem aseni, no sɛ: “Fi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fi, kɔ asase a mɛkyerɛ wo no so. Na mɛyɛ wo ɔman kɛse, na mahyira wo, na mama wo din asõ, na woayɛ nhyira. Na mehyira wɔn a wohyira wo, na wɔn a wɔdome wo no, mɛdome wɔn; na wo mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa.” (Genesis 12:1-3; Asomafo no Nnwuma 7:2-4) “Wiase mmusua nyinaa”—yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ka ho, ɛmfa ho ɔman ko a wɔwoo yɛn wom anaasɛ kasa ko a yɛka.—Dwom 65:2.

2. (a) Te sɛ Abraham no, su bɛn na yehia? (b) Sɛnea wɔada no adi wɔ Hebrifo 11:8-10 no, ɔkwan bɛn so na Abraham de adanse mae sɛ ɔwɔ saa su yi?

2 Onii a Yehowa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ no no yɛ onipa a na ɔwɔ gyidi, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya gyidi ansa na yɛanya Onyankopɔn nhyira a wahyɛ ho bɔ wɔ ha no mu kyɛfa no. (Yakobo 2:23; Hebrifo 11:6) Na Abraham gyidi no nyɛ gyidihunu ara kwa, na mmom na nnwuma bata ho. Ɛma otu fii Mesopotamia kɔɔ akyirikyiri asase bi a na onhui da so. “Gyidi na ɔde kɔyɛɛ ɔhɔho bɔhyɛ asase no so sɛ ananafo de so,” a wamfa ne ho ammɔ aman a ɛwɔ hɔ no mu biara ho. “Na ɔtwɛn kurow [Onyankopɔn Ahenni] a ɛwɔ nhyɛase a ne kyekyefo ne yɛfo ne Nyankopɔn.”—Hebrifo 11:8-10.

3. Gyidi ho sɔhwɛ a wɔde hwehwɛ obi mu bɛn na Abraham faa mu wɔ Isak ho?

3 Bere a Abraham dii mfe 100, na ne yere Sara nyaa mfe 90 no, Yehowa nam anwonwakwan so dom wɔn ɔbabarima, Isak. Ɛdefa ɔbabarima yi ho no, Abraham faa Onyankopɔn gyidi ne osetie ho sɔhwɛ a wɔde hwehwɛ obi mu mu. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak, a na ɔyɛ aberantewa saa bere no, nkɔ Moria asase so mfa no nkɔbɔ ɔhyew afɔre. Onyankopɔn mu gyidi a na ɔwɔ sɛ obetumi afa owusɔre so de ne ba no asan aba nkwa mu bio nti, Abraham tiei. (Hebrifo 11:17-19) Na wɔakyekyere Isak a ɔbrɛ ne ho ase ma n’agya no dedaw de no ato afɔremuka no so a Abraham kura sekan a ɔde rebekum no, na ɛhɔ ara na Yehowa bɔfo siankaa no. Ná sɔhwɛ no akɔ akyiri akodu baabi a na ɛda adi sɛ Abraham remfa biribiara nkame Nyankopɔn. Enti Onyankopɔn hyɛɛ n’apam a ɔne Abraham pamee no mu den, sɛnea Bible no ka no:

4. Saa bere no, ɛbɔ a ɛho hia foforo bɛn na Onyankopɔn hyɛ faa nkurɔfo a wofi aman nyinaa mu ho?

4 “Sɛ Awurade se ni: Esiane sɛ woadi saa asɛm yi, na woankame me wo ba koro no nti, maka me ho ntam sɛ: Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w’asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nhwea, na w’asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so; na w’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.”—Genesis 22:15-18.

5. (a) Isak a anka Abraham de no rebɔ afɔre no yɛ dɛn ho mfonini? (b) Sɛ́ Genesis 12:3 mmamu no, ɔkwan bɛn so na nkurɔfo ‘dome’ Abraham Ɔkɛseɛ no, na dɛn na efi mu ba? (d) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ‘ahyira’ no?

5 Sɛ yɛte ase sɛ Abraham Ɔkɛseɛ no ne Yehowa, ɛne sɛ Isak yɛɛ Yesu Kristo ho mfonini a, yebetumi afi ase anya sɛnea nsɛm a esisii yi ho hia yɛn mu biara no ho anisɔ. Ɛyɛ nokware sɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ Yehowa Nyankopɔn ho no na ɛkyerɛ nea yɛn daakye bɛyɛ. Daa nkwa ho anidaso no betumi abam esiane sɛ Onyankopɔn de ne Ba a ɔwoo no koro no mae sɛ yɛn bɔne ho afɔre nti, sɛnea wɔde afɔre a anka Abraham de Isak rekɔbɔ no ho mfatoho kyerɛkyerɛ mu no. (Yohane 3:16) Obiara a ɔkɔ so ‘dome’ Yehowa no, sɛ́ ɔpow no anaasɛ ommu n’atirimpɔw ahorow a ɔdɔ wom no, ba nnome a ɛbɛkyerɛ ne daa sɛe ase. (Fa toto 1 Samuel 3:12-14; 2:12 ho.) Nanso sɛ yɛyɛ nnipa a yɛkyerɛ anisɔ a, ɛnde ‘yebehyira’ Abraham Ɔkɛseɛ no. Wɔ ɔkwan bɛn so? Ɛne sɛ yebegye atom koraa sɛ Yehowa nkyɛn na nneɛma pa nyinaa, a nkwa akyɛde a ɛkyɛn so a ɔnam ne Ba no so de mae, no ka ho fi. Afei nso yɛbɛka Yehowa papayɛ ne su horow a ɛyɛ anigye a ɔda no adi wɔ n’Ahenni no mu ho asɛm akyerɛ afoforo. (Yakobo 1:17; Dwom 145:7-13) Yɛnam saa kwan yi so nya gyinabea a ɛbɛma yɛanya ne nhyira daa.

ABRAHAM ‘ASENI’ A WƆAHYƐ NE HO BƆ NO

6. (a) Hena ne Abraham ‘aseni’ titiriw no? (b) Ɛbɛyɛ dɛn na yɛanya nhyira a ɛnam ne so ba no?

6 Sɛ́ ne nhyehyɛe a ɔde behyira adesamma no fã bi no, Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔde ɔsoro trenee nniso bi besi hɔ. Wɔwoo Yesu Kristo sɛ Abraham aseni, sɛ n’asen mu ba anaasɛ ‘aseni’ titiriw, na ɔno na Yehowa ama no adi hene. (Galatifo 3:16; Mateo 1:1) Enti, sɛnea Onyankopɔn ntam a ɔkaa Abraham no kyerɛ no, ɛnam Yesu Kristo so na wobehyira nkurɔfo a wofi asase so aman nyinaa mu. W’ankasa woreyɛ nea wɔhwehwɛ na ama woanya saa nhyira no? Sɛ́ nhwɛso no, w’asetra kwan da no adi sɛ w’ani sɔ hia a Yesu afɔrebɔ no hia no? Worebrɛ wo ho ase ne tumi sɛ́ Ɔhene no ase nokwarem?—Yohane 3:36; Asomafo no Nnwuma 4:12.

7. (a) Henanom nso na wɔka ‘Abraham aseni’ no ho? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokwarem nyinaa na wɔbɛkɔ soro?

7 Wodii kan de nsɛm a ebesisi wɔ soro maa ɔsomafo Yohane wɔ nkɔmhyɛ kwan so, na emu na ohuu afoforo a wɔka Yesu Kristo ho wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so. Wɔn nso yɛ ‘Abraham aseni’ no fã bi. Sɛnea wɔaka wɔ Adiyisɛm 14:1-5 no, “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu,” na wɔn dodow si 144,000. (Galatifo 3:26-29) Henanom na wɔka ho? Bible no ma ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛɛ Onyankopɔn pɛ da sɛ ɔbɛfa atreneefo nyinaa akɔ soro. (Mateo 11:11; Asomafo no Nnwuma 2:34; Dwom 37:29) Wɔde hokwan kɛse a ɛne sɛ wɔne Kristo benya ɔsoro Ahenni no mu kyɛfa no ama “kuw ketewa” bi a wɔne no bedi ahene ne asɔfo mfirihyia apem.—Luka 12:32; Adiyisɛm 5:9, 10; 20:6.

8. Bere bɛn na wofii ase paw “kuw ketewa” no mufo, na ɛkɔ so kosi bere bɛn?

8 Ɔkwan bɛn so na wɔfa paw saa “kuw ketewa” no mufo no? Wodii kan fi ɔdom mu too nsa frɛɛ honam fam Israelfo sɛ wommenya ɔsoro Ahenni no mu kyɛfa. Nanso esiane gyidi a wonni nti, wɔannya 144,000 no nyinaa. Enti wɔtoo nsa frɛɛ Samariafo ne, akyiri yi, nnipa a wofi aman nyinaa mu. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Wɔde honhom kronkron sraa Kristo yɔnkodifo a wodi kan no wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu. Saa kuw yi mufo paw kɔ so ara de kosi sɛ Onyankopɔn sɔw 144,000 no ano sɛ wɔsɔ n’ani. Ɛno akyi no, wɔtwe adwene si nnipa a wɔbɛtra asase so sɛ wɔn a wɔkyerɛ ɔsoro nniso no ho anisɔ no anoboaboa so.

9. (a) Nsɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu a wɔka de fa saa ɔsoro kuw yi ho? (b) Henanom na na honam fam Israelfo yɛ wɔn ho mfonini?

9 Wɔfrɛ wɔn a wɔne Kristo yɛ ɔsoro Ahenni no mu adedifo no wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ “wɔn a wɔapaw wɔn,” “ahotefo,” nnipa a ‘Onyankopɔn asra wɔn.’ (2 Timoteo 2:10; 1 Korintofo 6:1, 2; 2 Korintofo 1:21) Wɔsan ka wɔn nyinaa ho asɛm sɛ Kristo “ayeforo.” (Adiyisɛm 21:2, 9; Efesofo 5:22-32) Sɛ wohwɛ no wɔ akwan foforo so nso a, wɔfrɛ wɔn Kristo “nuabarimanom,” “Kristo yɔnkodifo,” ne Onyankopɔn “mma.” (Hebrifo 2:10, 11; Romafo 8:15-17; Efesofo 1:5) Ɛmfa ho ɔman ko a wofi mu no, honhom fam no, wɔyɛ “Onyankopɔn Israel.” (Galatifo 6:16; Romafo 2:28, 29; 9:6-8) Bere a Yehowa twaa ɔne honam fam Israel Mmara apam no mu no, ɔde honhom fam Israel baa wɔne no ankasa apam foforo mu. Nanso sɛnea ɔne honam fam Israel dii nsɛm fae bere a wɔhyɛ Mmara no ase no yɛ nneɛma a na ɛbɛba ho nhwɛso. (Hebrifo 10:1) Ɛnde, henanom na na honam fam Israel man a Onyankopɔn pawee sɛ ‘n’agyapade soronko’ no yɛ ho mfonini? Nokwasɛm ahorow no twe adwene si honhom fam Israel, wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ ɔsoro, no so. (Fa Exodus 19:5, 6, NW, toto 1 Petro 1:3, 4 ne 2:9 ho.) Wɔka Kristo ho, na wɔbom yɛ nea wɔnam so bɛtrɛw nhyira horow mu agu adesamma foforo mu asoɔmmerɛfo nyinaa so. Eyi ho anisɔ a wɔkyerɛ no yɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so de te Bible ase.

WƆN A WƆNAM ‘ASENI’ NO SO AHYIRA WƆN

10. Henanom na na Yehowa asomfo a wɔnyɛ Israelfo no yɛ wɔn ho mfonini?

10 Bere a na Onyankopɔn ne Israel man redi nsɛm wɔ ɔkwan soronko so no, ɔyɛɛ ɔdɔ nsiesiei ahorow nso maa nnipa a na wɔnyɛ saa man no mufo, nanso wɔn koma kaa wɔn ma wɔne Israelfo no nyaa nokware som mu kyɛfa no. Wɔahyɛ da abobɔ wɔn din wɔ Bible kyerɛwtohɔ no mu. So wɔn nso wɔwɔ nnɛyi nsɛso? Yiw, wɔwɔ bi. Wɔ akwan pii so no, wɔyɛ wɔn a wɔnyɛ honhom fam Israelfo nanso wɔkyerɛ daa nkwa anidaso a ɛyɛ nwonwa no ho anigye sɛ Onyankopɔn Ahenni no asase so nkoa no ho mfonini. Eyinom ne wɔn a Onyankopɔn kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Abraham sɛ nkurɔfo a wofi “asase so amanaman nyinaa” mu a wɔnam ‘n’aseni’ no so benya nhyira no.—Genesis 22:18; Deuteronomium 32:43.

11. (a) Kuw yi ho asɛm bɛn na wɔkae bere a Salomo rebue asɔrefi no ano no? (b) Ɔkwan bɛn so na “ananafo” ‘de wɔn ho rema Yehowa’ wɔ yɛn bere yi mu, sɛnea wɔaka asie wɔ Yesaia 56:6, 7 no?

11 Ayɛ Onyankopɔn atirimpɔw bere nyinaa sɛ adesamma nyinaa bɛyɛ biako de ɔsom kronn ama no. Enti sɛnea ɛfata no, bere a wobuee asɔrefi a Salomo sii wɔ Yerusalem no ano no, ɔhene no bɔɔ mpae sɛ Yehowa ntie ahɔho a wɔbɛpɛ sɛ wɔne Israel bom de ɔsom a ɛfata ma no mpaebɔ. (2 Beresosɛm 6:32, 33) Na Onyankopɔn hyɛɛ bɔ wɔ Yesaia 56:6, 7 sɛ: “Na ananafo a wɔabɛbata Awurade ho sɛ wɔresom no ma wɔadɔ Awurade din na wɔadannan no nkoa no, . . . mede wɔn mɛba me bepɔw kronkron no so, na mama wɔn ani agye me mpaebɔ fi, . . . na me fi no, wɔbɛfrɛ no mpaebɔ fi ama aman nyinaa.” Sɛ́ honhom a woyi no adi wɔ ha no ho nhwɛso no, nnɛyi “ananafo” no reboaboa wɔn ho ano afi aman nyinaa mu, ɛnyɛ sɛ bere tiaa bi mu bɛhwɛadefo kɛkɛ, na mmom sɛ nnipa a ‘wɔde wɔn ho bɔ Yehowa.’ Wɔyɛ eyi denam wɔn nkwa so a wohyira ma no, de nsu mu asubɔ yɛ eyi ho sɛnkyerɛnne, na afei wɔsom no wɔ ɔkwan a ɛda wɔn dɔ a wɔwɔ ma “Awurade din” ne nea egyina hɔ ma nyinaa adi, no so.—Mateo 28:19, 20.

12. Ɔkwan bɛn so na Mose Mmara no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa no di gyinapɛn a ɛkorɔn a wɔhwehwɛ fi wɔn a wɔyɛ honhom fam Israelfo hɔ no so?

12 Wɔhwehwɛ nokwaredi koro no fi wɔne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nyinaa hɔ. Wɔ Mose Mmara ase no, Yehowa hwehwɛe sɛ “ɔhɔho a wabɛsoɛ wo mu” a ɔbɛsom nokware som no de ne ho hyɛ mmara koro no ara a na ɛkyekyere Israel no ase. (Numeri 15:15, 16) Ná ɛnsɛ sɛ abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no yɛ aniani de kɛkɛ, na mmom nea egyina nokware dɔ so. (Leviticus 19:34) Saa ara nso na wɔn a ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no yɛ wɔn ho mfonini no bɔ mmɔden sɛ wobesiesie wɔn asetra ma ɛne Yehowa ahwehwɛde ahorow ahyia, na wɔne honhom mu Israel nkaefo no de biakoyɛ asom wɔ ɔdɔ mu.—Yesaia 61:5.

13. Sɛ yɛpɛ sɛ wogye yɛn kɔ “asase foforo” no so a, nsɛm a ɛwɔ Yesaia 2:1-4 bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn komam?

13 Yehowa nam ne diyifo Yesaia so kaa nnipadɔm a wɔwɔ anigye a wofi “amanaman nyinaa” mu a wɔreba Yehowa amansan asɔrefie mu nnɛ no ho asɛm. Ɔka siei sɛ: “Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.” Nea afi mu aba ne sɛ wɔde ‘wɔn nkrante abobɔ nsɔw’ na wɔ wiase yi a emu apaapae mu mpo no, ‘wonsua akodi bio.’ (Yesaia 2:1-4) Wuhu sɛ woka nnipadɔm a wɔwɔ anigye no ho? Wowɔ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobesua Yehowa ahwehwɛde ahorow, de adi dwuma wɔ wɔn asetra mu, na wɔakwati sɛ wɔbɛkɔ so de wɔn ho ato akode so no bi? Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ nnipakuw kɛse bi a wotiw saa kwan yi ‘befi ahohiahia kɛse no mu’ aka sɛ wɔn a wobenya nkwa akɔ ‘n’asase foforo’ a asomdwoe wom no so.—Adiyisɛm 7:9, 10, 14; Dwom 46:8, 9.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]