Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Bi a Wɔsɛee No

Wiase Bi a Wɔsɛee No

Ti 6

Wiase Bi a Wɔsɛee No

1. (a) Adesamma ahyia wiase sɛe bi pɛn? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya anisɔ sɛ Noa anni kɔkɔbɔ a wɔde mae wɔ ho no ho fɛw?

BERE bi bae a na wiase rebɛsɛe. Aman nyinaa mu nnipa betumi de aseda ama sɛ na ɔbarima bi wɔ wɔn nenanom mu a wanni wiase nyinaa nsuyiri ho kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de mae no ho fɛw. Esiane sɛ Noa tiei na ɔyɛɛ osetie nti, ɔne ne yere, ne mmabarima baasa ne wɔn yerenom nyaa nkwa. Wɔn mu na yɛn nyinaa fi.—Genesis 10:1, 32.

2. Dɛn nti na Onyankopɔn sɛee saa wiase no?

2 Onyankopɔn sɛee saa wiase no efisɛ ohui sɛ na basabasayɛ ahyɛ asase no so ma. “Nnipa bɔne dɔɔso pii wɔ asase so.” (Genesis 6:3, 5, 13) Ná tebea horow no te sɛ yɛn afeha 20 yi mu de ara pɛ.

3. Dɛn na ɛmaa tebea no yɛɛ nea anibere wom pii saa?

3 Dɛn na ɛmaa Noa bere so tebea no yɛɛ nea anibere wom saa? Wɔka ade titiriw bi a ɛma ɛbae ho asɛm wɔ Genesis 6:2, nea ɛbɔ amanneɛ yi sɛ: “Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.” Nanso mfomso bɛn na na ɛwɔ ɛno mu? Wiɛ, na eyinom nyɛ mmarima a wɔyɛ nnipa a wosii gyinae sɛ wɔbɛware. Ná “Onyankopɔn mma” yi yɛ abɔfo, honhom abɔde, a wohuu mmea a wɔn ho yɛ fɛ wɔ asase so ne aware mu anigye ahorow na wɔdan wɔn ho nnipa. (Fa toto Hiob 1:6 ho.) Honam nipadua a wɔfae na wɔwarewaree no yɛ asoɔden a wɔyɛ tiaa Onyankopɔn. Kyerɛwnsɛm no se “wogyaw wɔn ankasa trabere,” na na wɔne mmea ntam ayɔnkofa no nyɛ “adebɔ su,” na ɛyɛ ahohwibra. (Yuda 6, 7; 1 Petro 3:19, 20) Wɔn mma a wɔwoo wɔn no yɛɛ abran akɛseakɛse. Na wɔfrɛ eyinom Neflim, anaasɛ “wɔn a wɔbɔ bɔtorɔ” efisɛ na wɔyɛ asisifo.—Genesis 6:4.

4. (a) Dɛn nti na Noa nyaa Onyankopɔn anim dom? (b) Ahosiesie bɛn na wɔyɛ maa nkwagye?

4 Ɛwom sɛ na Noa te saa wiase a aporɔw no mu de, nanso onyaa Yehowa anim dom. Dɛn ntia? Efisɛ na “Noa yɛ onipa trenee.” Na onim nsɛmpɔw a ɛsɔree wɔ Eden no, na ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ obi a asɛm nni ne ho, “ɔbarima a okura ne mudi mu.” (Genesis 6:8, 9; The Jerusalem Bible) Nea ɛbɛyɛ na Yehowa akora Noa ne n’abusua, ne afei asase so mmoa ne nnomaa mu biara bi so no, ɔhyɛe sɛ ɔmpam ade kɛse bi a ɛte sɛ adaka. Sɛnea Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ mu no: “Mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe ɔhonam a nkwa honhom wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu.” (Genesis 6:13-17) Noa fi nyansam tiee Onyankopɔn na ɔyɛɛ nea ɔkae no.

5. Na Nsuyiri no kɛse te dɛn?

5 Sɛnea Bible mmerebu nkyerɛkyerɛmu kyerɛ no, Nsuyiri no bae wɔ afe 2370 A.Y.B. mu. Ná ɛyɛ ɔsɛe a ɛsen biara a aba pɛn wɔ adesamma abakɔsɛm mu, de besi mprempren bere yi so mpo. Ná ɛyɛ kɛse araa ma “ɛkataa mmepɔw atenten a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa so.” (Genesis 7:19) Wɔnam Nsuyiri no so “sɛee wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no.” (2 Petro 3:6, NW) Nanso ebia obi bebisa sɛ, ‘Sɛ nsu kataa mmepɔw a ɛyɛ atenten sen biara no mpo so a, nsu no nyinaa wɔ he nnɛ?’ Ɛda adi sɛ ɛwɔ asase yi ara so.

6. Nsuyiri no akyi no, nsu no nyinaa kɔɔ he?

6 Nea ɛsɛ sɛ yehu ne sɛ Bible no nka sɛ na Noa bere so mmepɔw no mu biara tenten te sɛ Bepɔw Everest. Nyansahufo se tete hɔ no na mmepɔw pii yɛ ntiantiaa sen sɛnea ɛte mprempren, na wɔkyerɛ sɛ emu bi mpo apuepue afi po ase aba soro. Bio nso, wogye di sɛ bere bi no na po a ɛwowɔ nsasepɔn ntam no ntrɛw pii na na nsasepɔn no yɛ akɛse sen sɛnea ɛte mprempren, sɛnea nsubɔnka a ɛkɔ po mu tɔnn no di ho adanse no. Nanso National Geographic nsɛmma nhoma ka mprempren tebea no ho asɛm wɔ January 1945 de no mu sɛ: “Po mu nsu no dɔɔso sen asase a enni po mu no mpɛn du. Fa asase yi nyinaa hyɛ po mu, na nsu no bɛkata ne nyinaa so ma akɔhyɛ ase akwansin biako ne fã.” Enti, nsuyiri no bae akyi ansa na mmepɔw repuepue aba soro na po no mu nsu a ɛdɔe no retwetwe fi asase no so na asukɔtweaa a akyenkyen wɔ asase no atifĩ ne anafo no reyɛ akɛseakɛse, na nsu pii wɔ hɔ a ebetumi akata ‘mmepɔw atenten nyinaa so,’ sɛnea Bible ka no.—Genesis 7:17-20; 8:1-3; fa Dwom 104:8, 9 toto ho.

7, 8. Wɔ Bible akyi no, Nsuyiri ho kyerɛwtohɔ bɛn na ɛwɔ hɔ?

7 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛyɛ sɛ wiase nyinaa nsuyiri kɛse a ɛte saa no nyaa wɔn a wonyaa nkwa wom no so nkɛntɛnso a wɔn werɛ remfi da. Wɔbɛka ho asɛm akyerɛ nkyirimma. Esiane sɛ Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ aman nyinaa yɛ nnipakuw koro no ara a wonyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no asefo nti, ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ yebehu adanse wɔ asase so baabiara a ɛma yɛkae saa tete ɔsɛe kɛse no. Eyi te saa? Yiw, ɛte saa ampa!

8 Bere a wɔn a wofii Nsuyiri no mu kae no asefo tu kɔtraa mmeaemmeae wɔ akyirikyiri, na bere kɔɔ so no, wɔsakraa ɛho nsɛm no mu, na wɔmaa ɛne wɔn nyamesom mu adwenhorow hyiae. Nanso ɛbɛyɛ den sɛ nsuyiri kɛse bi a ɛsɛee adesamma ma ɛkaa wɔn mu kakraa bi a wɔkoraa wɔn so ho atetesɛm a wɔka wɔ wiase nyinaa no bɛyɛ nea ɛbae ara kwa. Wohu nneɛma a wɔde kae eyi wɔ Mesopotamia ne Asia mmeae foforo, wɔ Australia ne Pasifik nsupɔw so, Kusuu ne Kesee Fam Amerika Indiafo mmusua pii mu, wɔ tete Helafo ne Romafo anansesɛm mu, wɔ Scandinavia, ne Afrikafo mmusua mu. Kyerɛwtohɔ ahorow yi mu pii ka mmoa a wɔkoraa wɔn so kaa nnipa ho wɔ ɔkorow bi mu ho asɛm. Nea ɛne Bible kyerɛwtohɔ sɛ no, emu bi se wɔsomaa nnomaa na ama wɔahu sɛ nsu no ayow. (Fa toto Genesis 7:7-10; 8:6-12 ho.) Asɛm foforo a esii tete biara nni hɔ a wɔkae wɔ mmeae pii saa.

9. Nneyɛe bɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔkae nea esisii wɔ “ɔsram a ɛto so abien” no mu wɔ Noa kalenda no so?

9 Abakɔsɛm mu nsɛm a ɛfa Nsuyiri no ho anya amammerɛ ahorow so nkɛntɛnso abesi yɛn bere yi so mpo. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, Bible no bɔ amanneɛ sɛ Nsuyiri no fii ase “ɔsram a etia abien so, ɔsram no dadu nnanson so.” Saa “ɔsram a ɛto so abien” no bɛyɛ sɛ October awiei ne November mfiase wɔ yɛn kalenda so. (Genesis 7:11) Enti ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nnipa pii a wɔwɔ wiase nyinaa no hyɛ Awufo Da anaasɛ Nananom a Wɔawuwu Apontow ho fã wɔ afe no mu saa bere no. Dɛn ntia? Efisɛ amanne ahorow yi ma wɔkae ɔsɛe a Nsuyiri no de bae no. *

10. Dɛn nti na Nsuyiri no ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no yɛ nea wotumi de ho to so na mfaso kɛse wɔ so sen biara?

10 Nanso Bible no ankasa na ɛde nea esii no ho adanse a ɛyɛ nokware turodoo ma. Akyiri yi wɔde nea Noa hui ne osuahu a onyae no kaa Bible no ho. Ɛno akyi mfehaha pii no, bere a Onyankopɔn ankasa nam odiyifo Yesaia so kasae no, ɔkaa “Noa nsu no” ho asɛm. (Yesaia 54:9) Onyankopɔn Abakan no huu nneɛma a esisii wɔ Noa bere so no. Akyiri yi, bere a ɔbaa asase so no, Oyi, a ɔne Yesu Kristo no, kaa Nsuyiri no ho asɛm sɛ ɛyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm na ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a nnipa pii wuwui saa bere no mu nso.

“WƆANTIE”

11. Dɛn nti na wɔsɛee nnipa bebree saa wɔ Nsuyiri no mu?

11 Yesu anka sɛ Noa fifo akyi no, na obiara yɛ nsɛmmɔnedifo kɛse. Mmom no, ɔkae sɛ: “Na sɛnea nna a edi nsuyiri no anim no wodidii na wɔnomee, mmarima waree na wɔde mmea maa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔantie de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na onipa Ba [Yesu Kristo] no ba bɛyɛ.”—Mateo 24:37-39, NW.

12. Dɛn nti na ‘tie a wɔantie’ no yɛ aniberesɛm saa?

12 Ná ɛnyɛ mfomso sɛ wobedidi na wɔanom sɛnea ɛsɛ anaasɛ wɔbɛware wɔ nidi mu. Nanso bere a wɔde amanehunu a ɛreba wiase nyinaa ho kɔkɔbɔ maa wɔn no, wɔn asetra a wɔde gyinaa wɔn ankasa nnwuma so daa no adi sɛ na wonnye Noa anaa Yehowa Nyankopɔn a ne kɔkɔbɔ nsɛm na Noa kae no nni koraa. Sɛ wogye dii a, anka wɔbɛyɛ ntɛm abisa ɔkwan a wɔbɛfa so atumi anya nkwa na afei wɔde ntɛmpɛ ayɛ ade ma wɔadu ahwehwɛde ahorow no ho. Ebia nnipa no mu binom gye toom sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi de siw saa bere no mu basabasayɛ a na atrɛw no ano, nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔannye anni sɛ wiase nyinaa nsuyiri bi betumi aba. Enti, sɛnea Yesu kae no, “wɔantie [Onyankopɔn asɛm a ɛnam Noa so no] kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.” Wɔkyerɛw ɛno too hɔ sɛ sɛnnahɔ a ɛbɛbɔ yɛn kɔkɔbɔ.

13. (a) Sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no, nnipa pii yɛ wɔn ade dɛn bere a wɔka kyerɛ wɔn sɛ Kristo aba a aniwa nhu no no, na dɛn ntia? (b) Dɛn na Petro ka sɛ wobu wɔn ani gu so?

13 Ɔsomafo Petro fi honhom mu de kɔkɔbɔ mae saa ara bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Nna a ebedi akyiri [baabi a yɛadu nnɛ seesei] no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.” Saa nnipa no mpɛ sɛ wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn nneyɛe ho akontaa kyerɛ obiara. Enti woyi ba a Kristo aba ne nea ɛbɛkyerɛ ama wɔn a wodi asetra kwan a ɛmfata akyi no ho nsusuwii fi wɔn adwenem. Nanso Petro toa so sɛ: “Wɔboapa ma wɔn werɛ fi sɛ efi teteete no, ɔsoro ne asase a efii nsu mu na ɛfaa nsu mu betim hɔ, Onyankopɔn asɛm so, no wɔ hɔ; na ɛno ara so na ɛnam na nsu yirii wiase a ɛwɔ bere no so no ma ɛsɛee. Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara akora so, na wɔde asie ama ogya, ama atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da no.”—2 Petro 3:3-7.

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ “Onyankopɔn asɛm” a enyaa mmamu wɔ adebɔ bere ne Noa nna no mu no ma yesusuw nneɛma ho anibere so nnɛ?

14 Wɔn a wodi fɛw no bu wɔn ani gu nokwasɛm a ɛne sɛ “Onyankopɔn asɛm” bam no so. Ɔsomafo Petro twe yɛn adwene si adebɔ bere no so de bɔ wɔn nsusuwii no gu. Saa bere no Onyankopɔn kae sɛ: “Ntrɛwmu mmra nsu no ntam, na ɛmmɛpae nsu ne nsu no mu.” Bere a ɔkaa saa no, “Onyankopɔn yɛɛ ahun mu ntrɛwmu, na ɛpaee nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no ase ne nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no so no mu.” Enti, “Onyankopɔn asɛm,” n’atirimpɔw ho asɛm a ɔkae no baam. (Genesis 1:6, 7) N’asɛm no baam nso bere a ɔhyɛe sɛ wiase nyinaa nsuyiri mmra wɔ Noa nna no mu na ɔde saa nsu no sɛee “wiase a ɛwɔ bere no so no.” Na ɛnam saa Onyankopɔn asɛm a wontumi nkwati no ara so na ɔsɛe bɛba mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so.

15. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ okyinnsoromma Asase a wɔbɛhyew no ho nkɔm na na 2 Petro 3:7 rehyɛ? (b) Ɛnde dɛn ne “ɔsoro” ne “asase” a wɔde “asie ama ogya” no?

15 Nea esii wɔ Nsuyiri bere no mu no yɛ nneɛma a ɛbɛba ho nsusuwso. Saa bere no wɔansɛe asase no, na mmom nnipa abɔnefo na wɔsɛee wɔn. Ɛnde, asɛm ‘ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde asie ama ogya’ no kyerɛ dɛn? (2 Petro 3:7; 2:5) Wiɛ, dɛn na ogya ankasa bɛyɛ owia ne nsoromma a ɛyɛ hyew yiye dedaw a ɛwɔ ɔsoro a ɛhata hɔ yi no? Na ɔkwan bɛn so na asase no ankasa a wɔbɛhyew no ne Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛyɛ no Paradise no behyia? Ɛda adi sɛ “ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi” a wɔka ho asɛm wɔ ha yi no yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. (Fa toto Genesis 11:1; 1 Ahene 2:1, 2; 1 Beresosɛm 16:31 ho.) “Ɔsoro no” gyina hɔ ma nniso mu atumfoɔ a wodi adesamma nyinaa so no, na “asase” no yɛ adesamma abɔnefo abusua no. Wɔbɛsɛe wɔn korakora wɔ Yehowa da kɛse no mu te sɛ nea wɔde ogya ahyew wɔn. Wɔn a wɔkɔ so di ɔsoro kɔkɔbɔ a wɔde ma wɔ eyi ho no ho fɛw no de wɔn nkwa to asiane mu.

OGYE MA NNIPA A WƆDA ONYAMESOM PA ADI

16. Sɛnea wɔada no adi wɔ 2 Petro 2:9 no, dɛn titiriw na ɛbɛma obi anya nkwa?

16 Nsuyiri no ho kyerɛwtohɔ no kyerɛkyerɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ yi fa no aniberesɛm mu. Ɛne dɛn? Bere a ɔsomafo Petro aka nea Onyankopɔn yɛe wɔ Noa nna no mu ho asɛm awie no, owie sɛ: “Yehowa nim sɛnea obeyi wɔn a wɔda onyamesom pa adi afi sɔhwɛ mu, na wakora nnipa amumɔyɛfo so ama atemmu da ma wɔasɛe wɔn.” (2 Petro 2:9, NW) Ɛnde, ade titiriw a ɛbɛma obi anya nkwa ne sɛ ɔbɛyɛ obi a ɔda onyamesom pa adi.

17. Ɔkwan bɛn so na Noa de onyamesom pa ho adanse mae?

17 Ɛno kyerɛ dɛn? Ɛda adi sɛ na Noa yɛ ɔbarima a ɔda onyamesom pa adi. “Noa ne Onyankopɔn na ɛnantewee.” (Genesis 6:9) Ɔtraa ase ma ɛne Yehowa apɛde a wada no adi no hyiae. Na ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Na adaka no a ɔbɛpam de nnomaa ne mmoadoma ahorow nyinaa bi akɔ mu no yɛ adwuma a ɛsõ yiye. Noa anyɛ sɛ ɔbɛtra hɔ ahwɛ nea ɛbɛba. Na ɔwɔ gyidi. Noa “yɛɛ sa; sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa, saa ara na ɔyɛe.” (Genesis 6:22; Hebrifo 11:7) Ná ehia sɛ wɔma nnipa kae Yehowa akwantrenee na wɔde abɔnefo sɛe a ɛreba no ho kɔkɔbɔ ma wɔn. Noa yɛɛ saa ara sɛ “treneekafo.”—2 Petro 2:5.

18. Dɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ na obiara a onyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu no wɔ saa ahofama no bi?

18 Na Noa yere, ne mmabarima ne wɔn yerenom no nso ɛ—na dɛn na wɔhwehwɛ sɛ wɔyɛ? Bible kyerɛwtohɔ no ka Noa ho asɛm titiriw efisɛ na ɔne abusua no ti, nanso ɛbɛyɛ sɛ na afoforo no nso yɛ nnipa a wɔda onyamesom pa adi. Dɛn ntia? Akyiri yi Yehowa kaa Noa mma asɛm no kyerɛɛ ne diyifo Hesekiel de kyerɛɛ sɛ, sɛ na Noa te Israel saa bere no a, anka ne mma no rentumi nhwɛ kwan sɛ wobegyina wɔn agya trenee so de agye wɔn. Na wɔanyinyin sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɛyɛ osetie anaasɛ asoɔden, enti na ehia sɛ wɔn ankasa de ahofama a wɔwɔ ma Yehowa ne n’akwantrenee ho adanse ma.—Hesekiel 14:19, 20.

19. Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ɔkwan bɛn so?

19 Esiane nokware a wiase sɛe a ɛreba no yɛ nti, Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma ɛntra yɛn adwenem, na yɛnna no adi sɛ yɛn nso, yɛyɛ nnipa a yɛda onyamesom pa adi. (2 Petro 3:11-13) Nnipa a wofi Noa asefo mu wɔ wiase afanan nyinaa nnɛ a wɔretie saa afotu a nyansa wom no na wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 The Worship of the Dead (London; 1904), a Colonel J. Garnier yɛe, nkratafa 3-8; Life and Work at the Great Pyramid (Edinburgh; 1867), Po II, a Ɔbenfo C. Piazzi Smyth yɛe, nkratafa 371-424.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]