Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yɛate sɛ Onyankopɔn ne Mo na Ɛte”

“Yɛate sɛ Onyankopɔn ne Mo na Ɛte”

Ti 19

“Yɛate sɛ Onyankopɔn ne Mo na Ɛte”

1, 2. (a) Dɛn na Sakaria 8:23 ka siei wɔ yɛn nna yi ho? (b) Onyankopɔn bɛn na wɔka ne ho asɛm wɔ ha no, na ɔkwan bɛn so na Bible no si ne din ankasa so dua?

“YƐNE mo bɛkɔ, efisɛ yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” Eyi ne nea Bible ka siei sɛ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu bɛka wɔ yɛn nna yi mu. (Sakaria 8:23) Na hena ne saa Onyankopɔn yi a Sakaria nkɔmhyɛ no ka ne ho asɛm no? Wɔma yehu onii ko a ɔyɛ pefee. N’ankasa din pue mpɛn 135 wɔ saa Bible mu nhoma ketewaa yi mu. Ɛne YEHOWA!

2 Ɔno ankasa kaa ne din, Yehowa, no ho asɛm sɛ: “Eyi ne me din de kosi daa, na eyi na wɔmfa nkae me awo ntoatoaso nyinaa mu.” (Exodus 3:15) Nokwasɛm a ɛne sɛ saa din no pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ Hebri Bible kyerɛw nsɛm no nyinaa mu—ɛdɔɔso sen abodin te sɛ Awurade ne Nyankopɔn a wɔaka ne nyinaa abom—no kyerɛ hia a ɛho hia. Sɛnea wɔka siei no, wɔ “nna a edi akyiri” yi mu no, wɔde saa din no hu nnipakuw biako titiriw.

“YƐNE MO BƐKƆ”

3. Sɛnea wɔka siei wɔ Sakaria 8:20-23 no, (a) henanom na wɔbɛhwehwɛ Yehowa akyi kwan? (b) ne henanom a wɔne wɔn bɛbɔ so?

3 Bere a na wɔresan asi Yehowa asɔrefi no wɔ tete Yerusalem no, Onyankopɔn de ne honhom kaa odiyifo Sakaria ma ɔkyerɛw eyi ho asɛm sɛ: “Sɛ asafo Awurade se nni: Ɛbɛba bio sɛ aman ne nkurow pii mufo bɛba, na kurow biako mufo akɔ kurow biako mu akɔka sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔkotɔ nsrɛ Awurade anim, na yɛnhwehwɛ asafo Awurade akyi kwan! Me nso mɛkɔ. Na aman pii ne amanaman a wɔyɛ den bɛba abɛhwehwɛ asafo Awurade akyi kwan Yerusalem, na wɔakotɔ asrɛ Awurade anim. Sɛ asafo Awurade se ni: Nna no mu na mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.”—Sakaria 8:20-23.

4. Dɛn nti na saa nkɔmhyɛ yi mfa Yudasom anaa Kristoman ho?

4 Mmamu ketewaa a nkɔmhyɛ yi nyae bere a wɔsan sii asɔrefi no wɔ Yerusalem, a efii ase wɔ Serubabel nna no mu no kyerɛ sɛ ebenya mmamu kɛse wɔ yɛn nna yi mu. Ná ebenya mmamu wɔ nkurɔfo bɛn ho? Nokwarem no, ntease nnim sɛ nnipa a ‘wɔhwehwɛ Yehowa akyi kwan’ bɛdan akɔ wɔn a wɔnam gyidihunu so pow mpo sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn din no nkyɛn, te sɛ nea honam fam Yudafo a wokuraa wɔn nananom som mu denneennen yɛe no. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔdan kɔ Kristoman a wosuasua Yudafo amanne a ɛne sɛ wɔkwati sɛ wɔde Onyankopɔn din bedi dwuma no nkyɛn. Ɛnyɛ asase so Yerusalem na yɛn bere sofo redan akɔ hɔ akɔsom Yehowa. Sɛnea Yesu ka siei no, Onyankopɔn pow n’asɔrefi a na ɛwɔ hɔ no, na wɔsɛee no afe 70 Y.B. mu, na wɔansi bio de besi nnɛ. Eyi ma obiara a ɔda ntease adi hu sɛ Onyankopɔn nni Israel a ɛnyɛ Kristofo no afã bio.—Mateo 23:37, 38; fa toto 1 Ahene 9:8, 9 ho.

5. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ nea (a) “Yerusalem” a egyina hɔ ma Yehowa nnɛ no yɛ? (b) ‘Yudani barima’ a Sakaria hyɛɛ ne ho nkɔm no yɛ?

5 Wɔka “Yerusalem” a egyina hɔ ma Yehowa nnɛ no ho asɛm wɔ Hebrifo 12:22 sɛ “Onyankopɔn teasefo no kurow, ɔsoro Yerusalem.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Sɛnea na tete Yerusalem yɛ Yehowa nniso ho sɛnkyerɛnne a aniwa tua no, saa ara na “ɔsoro Yerusalem” yɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni a wɔde Yesu Kristo sii so Hene wɔ Amanaman Mmere no awiei wɔ 1914 mu no ho sɛnkyerɛnne. (1 Beresosɛm 29:23; Luka 21:24) Saa nniso no wɔ ananmusifo wɔ asase so ha, wɔn a wɔde nokwaredi bɔ ho dawuru sɛ ɛno nkutoo ne adesamma anidaso koro pɛ no. Wɔn a wodii kan bɔɔ dawuru sɛ wɔde Ahenni no asi hɔ wɔ 1914 mu no ne “kuw ketewa” no nkaefo no. Eyinom ne honhom fam “Onyankopɔn Israel” no. Wɔne honhom fam ‘Yudafo’ a Sakaria hyɛɛ wɔn ho nkɔm no. (Luka 12:32; Galatifo 6:16; Romafo 2:28, 29) Efi 1931 reba no, esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn asɛyɛde a ɛne sɛ wɔnna no adi sɛ Yehowa ne nokware ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ho anisɔ no nti, wɔafa edin Yehowa Adansefo no ato wɔn ho so.—Yesaia 43:10-12.

WƆYƐ DƐN HU WƆN?

6. (a) Dɛn na ama nnipa ɔpepem pii ahu nkurɔfo a Onyankopɔn ne wɔn te nnɛ no pefee? (Munsusuw nsɛmpɔw no ho mmiako mmiako; monkenkan kyerɛw nsɛm no.) (b) Asɛmpɔw anaa nsɛmpɔw bɛn na w’ankasa w’ani agye ho sen biara?

6 Esiane sɛ saa honhom mu Yudafo yi de nokwaredi adi wɔn asɛyɛde sɛ Yehowa Adansefo no ho dwuma nti, wɔaboa nnipa komapafo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa ma ‘wɔahwehwɛ Yehowa akyi kwan.’ Wɔaba abehu sɛ Yehowa ne wɔn a ne din da wɔn so no na ɛte ampa. Dɛn na ɛma wogye eyi di? Nneɛma pii, na emu atitiriw bi ni:

(1) Yehowa Adansefo gyidi nyinaa gyina Bible no so—ennyina kyerɛw nsɛm mmiako mmiako bi so kɛkɛ na mmom Onyankopɔn Asɛm mũ no nyinaa so. Sɛ́ anka Yehowa Adansefo bɛkyerɛkyerɛ wɔn ankasa nsɛm no, wɔma nsemmisa ho mmuae denam nea Bible ka a wɔtwe adwene si so no so. Wodi Yehowa ni denam ma a wɔma ɔkasa no so. (Fa toto Yohane 7:16-18 ho.)

(2) Bible no se Onyankopɔn ankasa bɛpaw “ɔman bi” afi amanaman no mu “ama ne din.” (Asomafo no Nnwuma 15:14) Wɔn ankasa bɛbɔ ne din na wɔayere wɔn ho sɛ wɔbɛma wɔahu wɔ asase so nyinaa. (Yesaia 12:4, 5) Wɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo ne nnipa a wɔde Onyankopɔn ankasa din, Yehowa no, hu wɔn titiriw.

(3) Yehowa Adansefo wɔ honhom fam nnuan pii a ɛmee wɔn. Nea wosua fi Kyerɛwnsɛm no mu ne nkɛntɛnso a enya wɔ wɔn adwene wɔ asetra ho so no ma wɔyɛ nnipa a wɔwɔ anigye, ma wɔda nsow wɔ wiase no ho. Eyi ne nea Yehowa kae sɛ n’asomfo benya. (Yesaia 65:13, 14; fa toto Mateo 4:4 ho.)

(4) Yehowa Adansefo de Onyankopɔn Asɛm na ɛhyehyɛ wɔn abrabɔ ho gyinapɛn ahorow na ɛkyerɛ wɔn kwan wɔ wɔn da biara da asetra mu nneɛma ho gyinaesi ahorow mu—wɔ wɔn mmusua mu, wɔn adwumam, sukuu mu, wɔ ahomegye mu, wɔ nneyɛe a ɛsɛ sɛ wɔkwati a wobehu no mu, sɛnea wobehu dwumadi ahorow a ɛfata a wɔde wɔn ho behyem mu. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ‘ɔno ankasa bɛteɛ wɔn a wɔyɛ eyi no akwan.’ (Mmebusɛm 3:5, 6)

(5) Sɛnea wɔhwɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow no so no te sɛ nea na wɔhwɛ afeha a edi kan no mu Onyankopɔn asafo no a na mpanyimfo no yɛ nhwɛso ma nguankuw no ne wɔn mfɛfo adwumayɛfo ma Onyankopɔn Ahenni no mmom sen sɛ wɔbɛyɛ asɔfokuw bi a wɔkorɔn no so no ara pɛ. (1 Petro 5:2, 3; 2 Korintofo 1:24)

(6) Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyehyɛ wiase amammui nsɛm mu, na mmom wɔreyɛ adwuma a Bible no ka sɛ nokware Kristofo nyɛ, a ɛne Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa a wɔbɛka no wiase nyinaa de adi adanse ansa na awiei no aba no. (Mateo 24:14; fa toto Yohane 17:16; 18:36 ho.)

(7) Yehowa Adansefo dodɔ wɔn ho wɔn ho ankasa, sɛnea Yesu kae sɛ ne nokware asuafo bɛyɛ no. Obi honam ani hwɛbea, abusua a ofi mu, sikasɛm tebea, ɔman a ofi so, ne ne kasa—eyinom mu biara mma obi mmu ne yɔnko animtiaa. Wɔ ɔdesani sintɔ ahorow nyinaa akyi no, wɔn nyinaa ayɛ biako sɛ amanaman ntam nuayɛkuw, na wɔde eyi ho anuonyamhyɛ nyinaa ma Onyankopɔn. (Yohane 13:35; fa toto Asomafo no Nnwuma 10:34, 35 ho.)

(8) Te sɛ tete Kristofo no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ kɔ so som Onyankopɔn a ɔtaa mfa ho. Esiane sɛ wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so nti, wɔmfa bɔne ntua wɔn asɔretiafo bɔne so ka. Sɛnea na ɛte wɔ mmere a atwam no mu no, ada adi sɛ Onyankopɔn ka n’asomfo ho na ogye wɔn. (Yeremia 1:8; Yesaia 54:17)

7. (a) Henanom ne “mmarima du” no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde adanse ma sɛ Yehowa abɛyɛ wɔn Nyankopɔn ankasa?

7 Eyinom yɛ ntease ahorow no mu kakraa bi a enti, sɛnea wɔka siei no, “mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu” de nokware gyidi reka akyerɛ Ahenni no adedifo nkaefo no sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.” (Sakaria 8:23) Kyerɛwnsɛm no de “du” gyina hɔ ma asase so nneɛma a edi mu, enti “mmarima du” no gyina hɔ ma wɔn a wɔne Kristo “nuanom” a wɔde honhom asra wɔn no bom som nokware mu nnɛ no nyinaa. Ɛnyɛ sɛ wɔne nkaefo no bɔ fekuw wɔ wɔn nhyiam horow ase ara kɛkɛ, na mmom wɔda no adi sɛ wɔyɛ wɔn Nyankopɔn, Yehowa no asomfo. Wɔnam Yesu Kristo so hyira wɔn nkwa so ma no na wɔde nsu mu asubɔ yɛ eyi ho sɛnkyerɛnne, ma enti wɔda no adi sɛ wɔpɛ sɛ ‘wɔde wɔn ho bɔ Yehowa.’ Afei wɔyɛ adwuma a n’adansefo reyɛ wɔ asase so nyinaa no bi anigye so.—Sakaria 2:11; Yesaia 61:5, 6.

NHWƐSO HOROW A ƐFATA SƐ YESUASUA

8. (a) Dɛn na ɛmaa Seba hemmaa no tuu kwan kɔɔ Yerusalem? (b) Bere a oduu hɔ no, dɛn na ɔyɛe, na dɛn na efii mu bae? (d) Ɔkwan bɛn so na ada adi sɛ nnipa bi wɔ yɛn bere yi so a wɔte sɛ ɔno? (Dwom 2:10-12)

8 Wɔn a wɔyɛ eyi no mu binom te sɛ Seba hemmaa a ɔtraa ase wɔ Salomo mmere so no. “Ɔtee Salomo nka a ɛfa Awurade [Yehowa, NW] din ho” wɔ akyirikyiri. Ná n’ankasa ne Salomo nkasae da, na saa ara nso na na ɔnkɔɔ Yehowa asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem no mu da. Ná n’adwene mu yɛ no naa sɛ ebia nsɛm a ɔtee no nyinaa betumi ayɛ nokware anaa. Nanso ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkɔ akɔhwɛ, na ebia ɔde yoma tuu kwan bɛyɛ kilomita 2,250 na ama watumi ayɛ saa. Onyaa ne “nsemmisa a ɛkyere adwene” no nyinaa ho mmuae, na ɔkae sɛ: “Hwɛ! wɔanka me emu fã mpo.” Osii no pi sɛ Yehowa dɔ n’asomfo ampa. (1 Ahene 10:1-9, NW) Ebinom a na wɔwɔ din wɔ wiase no mu no asuasua ne nhwɛso no nnɛ, na bebree a wɔba fam nso ayɛ saara. Wohu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo mfa wɔn ani nto onipa foforo biara so sɛ Yesu Kristo, Salomo Ɔkɛseɛ no, nkutoo so sɛ wɔn Hene. Mmuae ahorow a wofi Onyankopɔn Asɛm mu de ma wɔn no ma wɔn adwene ne wɔn koma nya nea ehia, na ɛka wɔn ma wɔka bom hyira Yehowa.—Fa toto Luka 11:31 ho.

9. (a) Ɔkwan bɛn so na Rahab nneyɛe yɛ soronko wɔ Seba hemmaa no de ho? (b) Dɛn na ɛda nsow wɔ nsɛm a esisii a ɛmaa Rahab ne ne fifo nyaa nkwagye no mu? (d) Dɛn na ɛma wohu nnipa a wɔte sɛ Rahab nnɛ no?

9 Ebinom te sɛ Rahab a ofi Yeriko, a na amanneɛbɔ a ɔtee no ama wagye adi dedaw sɛ Israel Nyankopɔn no ne “Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam” no. (Yosua 2:11) Bere a akwansrafo a wofi Israel kɔɔ asase no so no, ogyee wɔn de wɔn siei, na ɔde ne nkwa too asiane mu de bɔɔ wɔn ho ban. Ná ɔwɔ gyidi, na ɔnam ne nnwuma so dii ho adanse, na ogyinaa Yehowa nkurɔfo afã. (Hebrifo 11:31; Yakobo 2:25) Odii ne nkwagye ho akwankyerɛ ahorow a wɔde maa no no so pɛpɛɛpɛ. Rahab fi ɔdɔ mu dwen n’agya ne ne na, ne nuanom mmarima ne mmea ho nso, na ɛma wonyaa hokwan sɛ wɔbɛkora wɔn so, sɛ na wobedi nkwagye ho ahwehwɛde ahorow no so a. (Yosua 2:12, 13, 18, 19) Nea efii mu bae ne sɛ, wogyee ɔne ne fifo nkwa bere a wɔsɛee Yeriko ne emu Baal asomfo nyinaa no. (Yosua 6:22, 23) Eyi kyerɛ biribi titiriw wɔ yɛn da yi mu. Ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɛkora nnipa a wɔte sɛ Rahab so. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔte sɛ ɔno? Wɔkyerɛ Yehowa mu gyidi, wɔde wɔn ho bɔ honhom mu Israelfo no ho, wodi akwankyerɛ ahorow a wɔnam eyinom so de ma no akyi pɛpɛɛpɛ, na wɔbɔ mmɔden yiye sɛ wɔbɛboa wɔn abusuafo a wɔbɛn wɔn pɛɛ ne abusuafo foforo ma wɔahu sɛnea nyansa wom sɛ wɔn nso wɔbɛyɛ saa ara.

10. (a) Sɛnea Sakaria nkɔmhyɛ no kyerɛ no, dɛn ankasa na ɛretwetwe nkurɔfo na ama wɔne Yehowa Adansefo abɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn su ne yɛn nneyɛe akyerɛ sɛ Yehowa ho dɔ na ahyɛ yɛn koma ma ampa?

10 Nokwarem no, nea ɔretwetwe nnipa a wofi amanaman nyinaa mu ma wɔne Yehowa Adansefo abɛbɔ no ankasa ne Yehowa Nyankopɔn. Wɔn ani gye n’Asɛm ho. Aba a honhom no resow wɔ n’asomfo asetra mu no twetwe wɔn. Bere a wobehu ne su horow ne sɛnea ɔne adesamma di nsɛm no yiye no, wɔn ani gyina bere a wɔbɛtew Onyankopɔn din ho afi ahohorabɔ a Satan ne adesamma a wonni gyidi de aba so no nyinaa ho. Wɔn ankasa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ akwan a ɛbɛsɔ wɔn Bɔfo no ani, na akanyan afoforo ma wɔahyɛ no anuonyam no so. (1 Petro 2:12) Wofi koma nyinaa mu bɔ mpae sɛnea Yesu kyerɛɛ n’asuafo no: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:9, 10) Na nea ɛne wɔn mpaebɔ hyia no, wɔne wɔn a wɔde adanse ma pefee sɛ wɔne ‘ɔman a Yehowa apaw wɔn ama ne din’ no bom koraa de ɔsom kronn ma Onyankopɔn.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]