Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahene a Wɔn Ani Nhyia Hyɛn Afeha a Ɛto so 20 no Mu

Ahene a Wɔn Ani Nhyia Hyɛn Afeha a Ɛto so 20 no Mu

Ti Dunum

Ahene a Wɔn Ani Nhyia Hyɛn Afeha a Ɛto so 20 no Mu

1. Henanom na abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka sɛ na wɔne afeha a ɛto so 19 no mu Europa akannifo?

ABAKƆSƐM kyerɛwfo Norman Davies kyerɛw sɛ: “Nsakrae bi kɔɔ so wɔ afeha a ɛto so dunkron Europa mu a na ɛsen biribiara a wonim dedaw.” Ɔka kaa ho sɛ: “Europa nyaa tumi sen bere biara a atwam: enyaa mfiridwuma mu tumi, sikasɛm mu tumi, amammerɛ mu tumi, nsasepɔn ntam tumi.” Davies ka sɛ na “Aman a wodii anim maa Europa dii nkonim nyaa ‘afeha tumi’ no mu nea edi kan ne Great Britain . . . na akyiri yi na Germany nso bae.”

‘WƆBƐTƆ AKƆ BƆNE SO’

2. Bere a afeha a ɛto so 19 baa awiei no, tumi horow bɛn na ɛbɛyɛɛ ‘atifi fam hene’ ne ‘anafo fam hene’?

2 Bere a afeha a ɛto so 19 no bɛnee n’awiei no, na German Ahemman no ne “[atifi, NW] fam hene” na Britania di tumi sɛ “[anafo, NW] fam hene.” (Daniel 11:14, 15) Yehowa bɔfo ka sɛ: “Na ahene baanu no de, wɔn koma bɛtɔ akɔ bɔne so, na wɔbɛkɔ so aka atosɛm wɔ ɔpon biako ho.” Ɔtoaa so sɛ: “Nanso biribiara bɛyɛ ɔkwa, efisɛ awiei no bɛba wɔ bere a wɔahyɛ no mu.”—Daniel 11:27, NW.

3, 4. (a) Hena na ɔbɛyɛɛ German Nniso no hempɔn a odi kan, na nkabom bɛn na wɔyɛe? (b) Nhyehyɛe bɛn na Kaiser Wilhelm dii akyi?

3 Wɔ January 18, 1871 mu no, Wilhelm I bɛyɛɛ German Nniso anaa Ahemman no hempɔn a odi kan. Ɔpaw Otto von Bismarck sɛ ɔmampanyin. Esiane sɛ Bismarck de n’adwene sii nkɔso a ɔbɛma ahemman foforo no anya so nti, ɔkwatii sɛ ɔne aman foforo benya ntawntawdi, na ɔne Austria-Hungary ne Italy yɛɛ apam a wɔfrɛ no Aman Abiɛsa Nkabom. Nanso ankyɛ na nea atifi fam hene foforo yi pɛ ne nea anafo fam hene no pɛ dii asi.

4 Bere a Wilhelm I ne Frederick III a odii n’ade wui wɔ 1888 mu akyi no, Wilhelm II a na wadi mfe 29 no bedii tumi. Wilhelm II a na wɔsan frɛ no Kaiser Wilhelm hyɛɛ Bismarck ma ɔde ne dibea no too hɔ, na odii nhyehyɛe a ɛne sɛ ɔbɛma Germany nkɛntɛnso atrɛw wɔ wiase nyinaa no akyi. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi ka sɛ: “Wɔ Wilhelm II ase no, [Germany] bɛyɛɛ ahantan ne ɔtɔkwapɛfo.”

5. Ɔkwan bɛn so na ahene baanu traa “ɔpon biako” ho, na dɛn na wɔkae wɔ ho?

5 Bere a Czar Nicholas II a ɔwɔ Russia ma wɔyɛɛ asomdwoe nhyiam bi wɔ The Hague, Netherlands, wɔ August 24, 1898 mu no, na akasakasa wɔ amanaman no ntam. Saa nhyiam no ne nea wɔyɛe wɔ ɛno akyi wɔ 1907 mu no ma wɔhyehyɛɛ Asɛnnibea a Ɛbɛtra Hɔ Daa a Ebesiesie Aman Ntam wɔ The Hague. Bere a German Nniso ne Great Britain bɛyɛɛ asɛnnibea yi mufo no, wɔyɛɛ wɔn ho sɛ wɔpɛ asomdwoe. Wɔtraa “ɔpon biako” ho, yɛɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ nnamfo, nanso na ‘wɔn koma tɔ kɔ bɔne so.’ Anifere a wɔde ‘kaa atosɛm wɔ ɔpon biako ho’ no antumi amfa asomdwoe ankasa amma. Wɔn amammui, aguadi, ne sraadi mu botae ‘mu biara yɛɛ ɔkwa’ efisɛ na Yehowa Nyankopɔn ‘ahyɛ bere’ a ahene baanu no awiei bɛba.

‘ƆBƐSƆRE ATIA APAM KRONKRON NO’

6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na atifi fam hene no ‘san kɔɔ n’asase so’? (b) Dɛn na anafo fam hene no yɛe wɔ atifi fam hene no nkɛntɛnso a na ɛretrɛw no ho?

6 Onyankopɔn bɔfo no retoa so no, ɔkae sɛ: “Na [atifi fam hene] no de ahode kɛse bɛsan akɔ n’asase so, nanso ne koma bɛsɔre atia apam kronkron. Na ɔbɛyɛ ade wɔ ɔkwan a etu mpɔn so na ɛda adi sɛ ɔbɛsan akɔ n’asase so.”—Daniel 11:28, NW.

7 Kaiser Wilhelm san kɔɔ tete atifi fam hene no ‘asase so’ anaasɛ asase so tebea mu. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam ahempɔn ahenni bi a ɔhyehyɛe sɛ ɔde bɛtrɛw German Nniso ne ne nkɛntɛnso mu no so. Wilhelm II bɔɔ mmɔden sɛ obenya aman a obedi so wɔ Afrika ne mmeae foforo. Esiane sɛ ɔpɛe sɛ ɔne Britania pere tumi a odi wɔ po so no ho nti, ɔyɛɛ po so akohyɛn bebree. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Germany po so akohyɛn kakraa bi no bɛyɛɛ bebree a na Britiania nkutoo na ɛwɔ bi sen no wɔ mfe du ne kakra akyi.” Nea ɛbɛyɛ na Britania akɔ so adi ne tumi no, ɛmaa ne po so akohyɛn dɔɔso ankasa. Britania ne France yɛɛ entente cordiale, (ɛkyerɛ sɛ wɔte wɔn ho ase), na wɔne Russia nso yɛɛ saa apam no bi, na wɔhyehyɛɛ Aman Abiɛsa Ntam Apam. Afei na Europa mu akyɛ ayɛ asraafo akuw abien—Aman Abiɛsa Nkabom ne Aman Abiɛsa Ntam Apam.

8. Ɛyɛɛ dɛn na German Ahemman no nyaa “ahode kɛse”?

8 German Ahemman no yɛɛ akodi ho nhyehyɛe, na ɛmaa Germany nyaa “ahode kɛse” efisɛ na ɛne Aman Abiɛsa Nkabom no mu ɔman titiriw. Na Austria-Hungary ne Italy yɛ Roma Katolekfo. Enti, na pope no gyina Aman Abiɛsa Nkabom no akyi, nanso na ɔmpɛ anafo fam hene no ne N’aman Abiɛsa Ntam Apam a emufo dodow no ara nyɛ Katolekfo no asɛm.

9. Ɔkwan bɛn so na na atifi fam hene no ‘sɔre tia apam kronkron no’ wɔ ne koma mu?

9 Yehowa nkurɔfo nso ɛ? Na wofi bere tenten aka sɛ “amanaman no bere” bɛba awiei wɔ 1914 mu. * (Luka 21:24) Saa afe no, wɔde Onyankopɔn Ahenni a Ɔhene Dawid Ɔdedifo, Yesu Kristo, da ano no sii hɔ wɔ soro. (2 Samuel 7:12-16; Luka 22:28, 29) Wɔ March 1880 mu tɔnn no, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no de tumi a Onyankopɔn Ahenni bedi no bataa “amanaman no bere a wɔahyɛ” (NW) anaa “amanaman no bere” ho. Nanso na atifi fam German hene no koma ‘sɔre tia Ahenni apam kronkron no.’ Sɛ anka Kaiser Wilhelm begye Ahenni nniso no atom no, ‘ɔyɛɛ ade wɔ ɔkwan a etu mpɔn so’ denam nhyehyɛe a ɛbɛma wadi wiase no so a ɔhyɛɛ ho nkuran no so. Nanso, wɔ saayɛ mu no, oguu aba a ɛmaa Wiase Ko I bae no.

ƆHENE NO ‘DI AWERƐHOW’ WƆ ƆKO MU

10, 11. Ɛyɛɛ dɛn na Wiase Ko I fii ase, na ɔkwan bɛn so na eyi bae wɔ “bere a wɔahyɛ no mu”?

10 Ɔbɔfo no hyɛɛ nkɔm sɛ: “Bere a wɔahyɛ no mu, [atifi fam hene no bɛsan] aba [anafo, NW] fam, nanso akyiri de no renyɛ sɛ kan de no.” (Daniel 11:29) Onyankopɔn ‘bere a na wahyɛ’ sɛ ɔde bɛma tumi a Amanaman no di wɔ asase so no aba awiei no dui wɔ 1914 mu bere a ɔde ɔsoro Ahenni no sii hɔ no. Wɔ saa afe no June 28 no, Serbiani ɔsɛmmɔnedifo bi kum Austria Hene Ba Francis Ferdinand ne ne yere wɔ Sarajevo, Bosnia. Ɛno na ɛkɔfaa Wiase Ko I bae.

11 Kaiser Wilhelm hyɛɛ Austria-Hungary sɛ wɔnyɛ Serbia biribi mfa ntua wɔn so ka. Esiane sɛ Germany maa Austria-Hungary awerɛhyem sɛ ɔbɛboa wɔn nti, wotuu Serbia so sa wɔ July 28, 1914 mu. Nanso, Russia bɛboaa Serbia. Bere a Germany tuu Russia so sa no, France (Aman Abiɛsa Ntam Apam no muni) kɔboaa Russia. Enti Germany tuu France so sa. Nea ɛbɛyɛ na Germany atumi ako afa Paris ntɛm no, ɔko faa Belgium a na Britania ahyɛ bɔ sɛ ɛmmfa ne ho nnhyɛ ɔko no mu no. Enti Britania tuu Germany so sa. Aman foforo de wɔn ho bɛhyɛɛ mu na Italy fii ne nnamfo no akyi kɔkaa atamfo no ho. Wɔ ɔko no mu no, Britania faa Egypt dii so sɛnea ɛbɛyɛ na atifi fam hene no ansiw Suez Suka kwan no na wanko amfa Misraim, tete anafo fam hene no asase no.

12. Wɔ wiase ko a edi kan no mu no, ɔkwan bɛn so na nneɛma anyɛ “sɛ kan de no”?

12 The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Wɔ Apam no Mufo dodow ne wɔn ahoɔden nyinaa akyi no, ɛkɔyɛɛ sɛnea na Germany redi ɔko no mu nkonim.” Wɔ ko a ahene baanu no koe wɔ bere a atwam no mu no, na Roma Ahemman a ɛne atifi fam hene no di nkonim bere nyinaa. Nanso, saa bere yi de, ‘nneɛma anyɛ sɛ kan no.’ Atifi fam hene no dii nkogu wɔ ɔko no mu. Bere a ɔbɔfo no rekyerɛ nea enti a ɛbaa saa no, ɔkae sɛ: “Ɛda adi sɛ Kitim ahyɛn bɛba no so, na obedi awerɛhow.” (Daniel 11:30a, NW) Na dɛn ne “Kitim ahyɛn” no?

13, 14. (a) Na “Kitim ahyɛn” a ɛbɛko tiaa atifi fam hene no yɛ dɛn titiriw? (b) Ɔkwan bɛn so na Kitim ahyɛn pii bae bere a wiase ko a edi kan no kɔɔ so no?

13 Daniel bere so no na Kitim ne Cyprus. Wɔ wiase ko a edi kan no mfiase no, Britania faa Cyprus dii so. Afei nso, sɛnea The Zondervan Pictorial Encyclopedia of the Bible kyerɛ no, wɔtrɛw edin Kitim no mu ma “ɛfaa Atɔe fam nyinaa ho, nanso ne titiriw no, Atɔe famfo a wɔde po so ahyɛn tu akwan no.” New International Version kyerɛ asɛm “Kitim ahyɛn” no ase sɛ “atɔe fam mpoano ahyɛn.” Wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mu no, na Kitim ahyɛn yɛ Britania, a ɛda Europa atɔe fam mpoano no ahyɛn titiriw.

14 Bere a na wogu so reko no, Kitim ahyɛn pii bɛkaa Britania Po so Akohyɛn ho. Wɔ May 7, 1915 mu no, Germanfo nsu ase akohyɛn U-20 maa po so hyɛn Lusitania bɔe wɔ Ireland mpoano anafo fam. Wɔn a wowuwui no mu 128 yɛ Amerikafo. Akyiri yi Germany trɛw po ase akohyɛn akodi no mu kɔɔ Atlantic po no mu. Enti, wɔ April 6, 1917 mu no, U.S. Mampanyin Woodrow Wilson tuu Germany so sa. Bere a U.S. akohyɛn ne asraafo bɛkaa ho no, ɛmaa anafo fam hene—seesei Anglo-Amerika Wiase Tumi no—ne ɔhene a ɔne no ani nhyia no koo koraa.

15. Bere bɛn na atifi fam hene no ‘dii awerɛhow’?

15 Esiane sɛ na Anglo-Amerika Wiase Tumi no atow ahyɛ atifi fam hene no so nti, ‘odii awerɛhow,’ na ɔkae sɛ wadi nkogu wɔ November 1918 mu. Wilhelm II guan kɔtraa Netherlands, na Germany bɛyɛɛ kwasafoman. Nanso na atifi fam hene awiei mmae.

ƆHENE NO YƐ ADE ‘WƆ ƆKWAN A ETU MPƆN’ SO

16. Sɛnea nkɔmhyɛ no kyerɛ no, na dɛn na atifi fam hene no bɛyɛ wɔ ne nkogudi no ho?

16 “[Atifi fam hene no] bɛsan akɔ, na wakasa atia apam kronkron no, na wayɛ ade wɔ ɔkwan a etu mpɔn so; na ɔbɛsan n’akyi akɔ na n’ani bɛba wɔn a wogyaw apam kronkron no so.” (Daniel 11:30b, NW) Nkɔm yi na ɔbɔfo no hyɛe, na ɛbaa mu saa.

17. Dɛn na ɛmaa Adolf Hitler bedii tumi?

17 Bere a ɔko no baa awiei wɔ 1918 mu no, Apam no mufo a wodii nkonim no ne Germany yɛɛ asomdwoe apam de twee n’aso. Germanfo no hui sɛ nea na apam no hwehwɛ sɛ wɔyɛ no bɛma wɔn ho akyere wɔn, na mfiase no na kwasafoman foforo no yɛ mmerɛw. Germany kɔɔ ahokyere kɛse mu mfe dodow bi na awiei koraa no Sikasɛm mu Ahokyere no maa nnipa ɔpepem asia nnwuma fii wɔn nsa. Ebeduu 1930 mfe no mfiase no, tebea horow no maa Adolf Hitler sɔree. Ɔbɛyɛɛ ɔmampanyin wɔ January 1933 mu, na afe a edi hɔ no ɔbɛyɛɛ nea Nasifo frɛɛ no Nniso a Ɛto so Abiɛsa no panyin. *

18. Ɔkwan bɛn so na Hitler ‘yɛɛ ade wɔ ɔkwan a etu mpɔn so’?

18 Bere a Hitler bedii tumi pɛ, ɔkasa tiaa “apam kronkron” a Yesu Kristo nuanom a wɔasra wɔn no yɛ ho mfonini no denneennen. (Mateo 25:40) Eyi mu no, ɔyɛɛ ade “wɔ ɔkwan a etu mpɔn so” de tiaa Kristofo anokwafo yi na ɔtaa wɔn mu pii atirimɔden so nso. Hitler dii yiye wɔ sikasɛm ne amansɛm mu, na ‘otuu mpɔn’ wɔ ɛno mu nso. Wɔ mfe kakraa bi mu no, ɔmaa Germany bɛyɛɛ ahenni a ɛyɛ den wɔ wiase no mu.

19. Esiane sɛ na Hitler pɛ mmoa nti, henanom na ɔfaa wɔn nnamfo?

19 Hitler ‘ani baa wɔn a wogyaw apam kronkron no so.’ Na henanom ne eyinom? Ɛda adi sɛ wɔne Kristoman akannifo a wɔkyerɛe sɛ wɔne Onyankopɔn ayɛ apam nanso wɔnyɛ Yesu Kristo asuafo bio no. Hitler tumi ka kyerɛɛ “wɔn a wɔagyaw apam no” ma wɔbɛboaa no. Sɛ nhwɛso no, ɔne pope a ɔwɔ Rome no yɛɛ apam. Wɔ 1935 mu no, Hilter tew Asoɛe Ma Asɔre Nsɛm. Na ne botae biako ne sɛ ɔde Evangelical asɔre ahorow no bɛhyɛ ɔman no ase.

“DƆM” FI ƆHENE NO HƆ BA

20. “Dɔm” bɛn na atifi fam hene no de wɔn dii dwuma, na ɔde wɔn ko tiaa henanom?

20 Ankyɛ Hitler kɔɔ ɔko sɛnea ɔbɔfo no hyɛɛ nkɔm no pɛpɛɛpɛ. “Na ɔde dɔm besisi hɔ, na wɔahura kronkronbea ne aban no ho, na wɔayi daa afɔre no.” (Daniel 11:31a) Na “dɔm” no yɛ asraafodɔm a atifi fam hene no de wɔn dii dwuma sɛnea ɛbɛyɛ na wako atia anafo fam hene no wɔ Wiase Ko II mu no. Wɔ September 1, 1939 mu no, Nasifo “dɔm” ko faa Poland. Ne nnanu akyi no, Britania ne France tuu Germany so sa sɛnea ɛbɛyɛ na wɔaboa Poland. Saa na ɛyɛe na Wiase Ko II fii ase. Poland dii nkogu ntɛm ara, na ɛno akyi no, German asraafo ko faa Denmark, Norway, Netherlands, Belgium, Luxembourg, ne France. The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Ebeduu 1941 awiei no, na Germany di asasepɔn no so tumi.”

21. Ɔkwan bɛn so na atifi fam hene no fii ase dii nkogu wɔ Wiase Ko II mu, na dɛn na efii mu bae?

21 Ɛwom sɛ na Germany ne Soviet Union de wɔn nsa ahyɛ Adamfofa, Biakoyɛ, ne Ahye Ho Apam ase de, nanso Hilter kɔtow hyɛɛ Soviet asase so wɔ June 22, 1941 mu. Eyi maa Soviet Union baa Britania afã. Ɛwom sɛ mfiase no German asraafo no dii nkonim ntɛmntɛm ma ɛyɛɛ nwonwa de, nanso Soviet asraafo no ne wɔn koe denneennen. Wɔ December 6, 1941 mu no, German asraafo no dii nkogu ankasa wɔ Moscow. Ade kyee no, Japan a na egyina Germany akyi no kɔtow atopae too Pearl Hyɛn Gyinabea wɔ Hawaii. Bere a Hitler tee eyi no, ɔka kyerɛɛ n’aboafo sɛ: “Afei de, yenni nkogu da wɔ ɔko no mu.” Wɔ December 11 no, ɔde ahopere tuu United States so sa. Nanso, obuu ahoɔden a na Soviet Union ne United States wɔ no adewa. Bere a Soviet asraafo fi apuei tow hyɛɛ wɔn so na Britania ne Amerikafo asraafo fi atɔe tow hyɛɛ wɔn so no, ankyɛ na Hitler fii ase dii nkogu. German asraafo fii ase hweree nsase. Bere a Hitler kum ne ho akyi no, Germany ka kyerɛɛ Apam no mufo wɔ May 7, 1945 mu sɛ adi nkogu.

22. Ɔkwan bɛn so na atifi fam hene no ‘huraa kronkronbea no ho na oyii daa afɔre no’?

22 Ɔbɔfo no kae sɛ: “[Nasi asraafodɔm no behura] kronkronbea ne aban no ho, na wɔayi daa afɔre no.” Wɔ tete Yuda no, na kronkronbea yɛ Yerusalem asɔrefie no fã. Nanso, bere a Yudafo no poo Yesu no, Yehowa poo wɔne wɔn asɔrefie no. (Mateo 23:37–24:2) Efi afeha a edi kan Y.B. mu no, Yehowa asɔrefie no ayɛ honhom fam de ankasa, ne kronkron mu kronkronbea no wɔ ɔsoro na ne honhom fam adiwo no wɔ asase a Yesu, Ɔsɔfo Panyin no nuanom a wɔasra wɔn no som wɔ so no mu. Efi 1930 reba no, “nnipakuw kɛse” no ne nkaefo a wɔasra wɔn no abom asom ma enti wɔka sɛ wɔsom ‘wɔ Onyankopɔn asɔredan mu.’ (Adiyisɛm 7:9, 15; 11:1, 2; Hebrifo 9:11, 12, 24) Atifi fam hene no huraa asase so asɔrefie no adiwo ho wɔ aman a na odi so tumi no mu denam nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn ayɔnkofo no a wɔtaa wɔn denneennen no so. Ɔtaa no mu yɛɛ den araa ma woyii “daa afɔre” no—baguam afɔre a wɔbɔ de yi Yehowa din ayɛ no fii hɔ. (Hebrifo 13:15) Nanso, wɔ amanehunu kɛse yi nyinaa akyi no, Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no kɔɔ so kaa asɛm no wɔ Wiase Ko II mu.—Yohane 10:16.

‘WƆDE AKYIDE NO SI HƆ’

23. Na dɛn ne “akyide” no wɔ afeha a edi kan no mu?

23 Bere a na wiase ko a ɛto so abien no rebɛn n’awiei no, biribi foforo sii, sɛnea Onyankopɔn bɔfo no hyɛɛ nkɔm no. “Na wɔde amamfõyɛ akyide no [besi] hɔ.” (Daniel 11:31b) Na Yesu nso aka “akyide no” ho asɛm. Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛdaa adi sɛ ɛyɛ Roma asraafo na wɔkɔɔ Yerusalem wɔ 66 Y.B. mu kosiw Yudafo atuatew ano no. *Mateo 24:15; Daniel 9:27.

24, 25. (a) Dɛn ne “akyide” no wɔ nnɛ mmere yi mu? (b) Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na wɔde ‘akyide no sii hɔ’?

24 “Akyide” bɛn na wɔde “asi hɔ” wɔ nnɛ mmere yi mu? Ɛda adi sɛ ɛyɛ “akyide” a ɛyɛ Onyankopɔn Ahenni atoro nsusuwso. Na eyi yɛ Amanaman Apam, akekaboa kɔkɔɔ a ɔkɔɔ bun no mu anaasɛ egui sɛ wiase asomdwoe ahyehyɛde bere a Wiase Ko II fii ase no. (Adiyisɛm 17:8) Nanso, na “aboa” no ‘befi bun no mu aba.’ Saa bere no na wɔde Amanaman Nkabom a aman 50 na ɛwom a kan Soviet Union ka ho no sii hɔ wɔ October 24, 1945 mu. Enti wɔde “akyide”—Amanaman Nkabom—a ɔbɔfo no hyɛɛ ho nkɔm no sii hɔ.

25 Na Germany ayɛ anafo fam hene no tamfo titiriw wɔ wiase ko abien no nyinaa mu na odii tumi sɛ atifi fam hene. Hena na afei ɔbɛfa saa dibea no?

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Hwɛ nhoma yi Ti 6.

^ nky. 17 Na Roma Ahemman Kronkron no ne nniso a edi kan, na German Ahemman no ne nea ɛto so abien.

^ nky. 23 Hwɛ nhoma yi Ti 11.

DƐN NA WUHUI?

• Wɔ afeha a ɛto so 19 no awiei no, tumi bɛn na ɛbɛyɛɛ atifi fam hene ne anafo fam hene?

• Wɔ Wiase Ko I mu no, ɔkwan bɛn so na nea efii ahene baanu no ntam ɔko no mu bae no ‘anyɛ sɛ kan de no’ amma atifi fam hene no?

• Wɔ Wiase Ko I akyi no, ɔkwan bɛn so na Hitler yɛɛ Germany tumi a ɛyɛ den wɔ wiase no mu?

• Dɛn na efii atifi fam hene ne anafo fam hene no ntam ntawntawdi no mu bae wɔ Wiase Ko II mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛmm a wɔahyehyɛ/Mfonini ahorow wɔ kratafa 268]

AHENE A WƆN HO ASƐM WƆ DANIEL 11:27-31

Atifi Fam Hene Anafo Fam Hene

Daniel 11:27-30a German Ahemman Britania, a Anglo-

(Wiase Ko I) Amerika Wiase Tumi

na edii hɔ

Daniel 11:30b, 31 Hitler Nniso a Ɛto so Anglo-Amerika

Abiɛsa (Wiase Ko II) Wiase Tumi

[Mfonini]

Ɔmampanyin Woodrow Wilson ne Ɔhene George V

[Mfonini]

Wɔtaa Kristofo pii wɔ nnadeban mu

[Mfonini]

Kristoman akannifo gyinaa Hitler akyi

[Mfonini]

Kar a wokum Ɔhene Ba Ferdinand wom no

[Mfonini]

German asraafo, Wiase Ko I

[Kratafa 257 mfonini]

Wɔ Yalta wɔ 1945 mu no, Britania Mampanyin Winston Churchill, U.S. Mampanyin Franklin D. Roosevelt, ne Soviet Mampanyin Joseph Stalin penee so sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe adi Germany so, ahyehyɛ aban foforo wɔ Poland, na wɔayɛ nhyiam de Amanaman Nkabom no asi hɔ

[Kratafa 258 mfonini ahorow]

1. Ɔhene Ba Ferdinand 2. Germanfo po so akohyɛn 3. Britania po so akohyɛn 4. Lusitania 5. U.S. ɔsa a wotui ho krataa

[Kratafa 263 mfonini ahorow]

Adolf Hitler nyaa ahotoso sɛ obedi nkonim bere a Germany ɔko mu adamfo Japan kɔtow ɔtopae too Pearl Hyɛn Gyinabea no