Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena na Obetumi Asɔre Ahyɛ Ahene mu Hene No?

Hena na Obetumi Asɔre Ahyɛ Ahene mu Hene No?

Ti Du

Hena na Obetumi Asɔre Ahyɛ Ahene mu Hene No?

1, 2. Dɛn nti na anisoadehu a Daniel nyae wɔ Belsasar ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no ho hia yɛn?

NA MFE aduonum ason atwam fi bere a wɔsɛee Yehowa asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem no. Na Belsasar ne n’agya Nabonido aka abom di Babilon Ahemman a ɛne Bible nkɔmhyɛ mu wiase tumi a ɛto so abiɛsa no so hene. * Na Onyankopɔn diyifo Daniel wɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. Wɔ “ɔhene Belsasar ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no,” Yehowa maa Daniel nyaa anisoadehu bi a ɛda nokware som a wɔbɛsan de asi hɔ ho nsɛm bi adi.—Daniel 8:1.

2 Anisoadehu a ɛyɛ nkɔmhyɛ a Daniel nyae no nyaa no so tumi kɛse na ɛho hia yɛn a yɛte “awiei bere” yi mu no kɛse. Ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛ Daniel sɛ: “Hwɛ, merema woahu nea ɛbɛba abohuru no akyiri bere mu, na ɛfa awiei bere a wɔahyɛ no ho.” (Daniel 8:16, 17, 19, 27) Ɛnde, ma yɛmfa anigye kɛse nsusuw nea Daniel hui ne nea ɛkyerɛ ma yɛn bere yi nnɛ ho.

ODWENNINI A ƆWƆ MMƐN ABIEN

3, 4. Aboa bɛn na Daniel hui sɛ ogyina nsu no ano, na ɔyɛ dɛn ho sɛnkyerɛnne?

3 Daniel kyerɛw sɛ: “Na mihui anisoadehu mu, na mihui no, na mewɔ Susan ahemfi a ɛwɔ Elam asase so no mu; na mihui anisoadehu mu, na mewɔ asu Ulai ho.” (Daniel 8:2) Sɛ ebia na Daniel wɔ Susan (Susa)—Elam ahenkurow a na ɛwɔ Babilon apuei fam bɛyɛ kilomita 350 mu—anaasɛ na ɔwɔ hɔ wɔ anisoadehu mu kɛkɛ no, nyɛ nea wɔkae.

4 Daniel toa so sɛ: “Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ odwennini a ɔwɔ mmɛn abien gyina asu no ano.” (Daniel 8:3a) Afei na Daniel behu dekode a odwennini no yɛ. Ɔbɔfo Gabriel ka akyiri yi sɛ: “Odwennini a wuhuu no a ɔwɔ mmɛn abien no ne Media ne Persia ahene.” (Daniel 8:20) Na Mediafo fi mmepɔw asase a na ɛwɔ Asiria apuei fam no so, na mfiase no na Persiafo taa di atutra wɔ Persia Po Basa no kusuu fam asase no so. Nanso, bere a Medo-Persia Ahemman no yɛɛ kɛse no, emu nnipa ani gyee afɛfɛde ho yiye.

5. Ɔkwan bɛn so na abɛn a “efi dii akyiri” no bɛyɛɛ nea ɛware?

5 Daniel bɔ amanneɛ sɛ: “Na mmɛn no wowaree, na biako ware sen biako, na nea ɛware no na efi dii akyiri.” (Daniel 8:3b) Abɛn a ɛware a efi dii akyiri yi yɛ Persiafo ho mfonini, na abɛn a ɛka ho no gyina hɔ ma Mediafo. Mfiase no, na Mediafo no na wɔwɔ tumi kɛse. Nanso wɔ 550 A.Y.B. mu no, Persia hene Kores de ahoɔhare dii Media Hene Astyages so. Kores kaa aman abien yi amammerɛ, mmara ne wɔn ahenni boom na wɔko faa nsase pii. Efi saa bere no, ahemman no bɛyɛɛ abien a aka abom.

ODWENNINI NO DI AKOKUROKOSƐM

6, 7. Ɔkwan bɛn so na na “aboa biara ntumi nnyina” odwennini no ‘anim’?

6 Bere a Daniel retoa asɛm a ɔka fa odwennini no ho so no, ɔka sɛ: “Mihuu odwennini no sɛ ɔresisi akɔ atɔe ne benkum fam ne nifa fam, na aboa biara ntumi nnyina n’anim, na obi nni hɔ a obegye obi afi ne nsam, na ɔyɛ sɛnea ɔpɛ, na odi akokurokosɛm.”—Daniel 8:4.

7 Wɔ anisoadehu a na wɔde ama Daniel dedaw no mu no, na wɔayɛ Babilon ho mfonini sɛ akekaboa a opue fii po mu a ɔte sɛ gyata a ɔwɔ ɔkɔre ntaban. (Daniel 7:4, 17) Saa sɛnkyerɛnne kwan so aboa no antumi annyina anisoadehu foforo yi mu “odwennini” no anim. Kores Ɔkɛseɛ dii Babilon so nkonim wɔ 539 A.Y.B. mu. Bɛyɛ mfe 50 wɔ ɛno akyi no, “aboa” anaasɛ amammui nniso biara antumi annyina Medo-Persia Ahemman—Bible nkɔmhyɛ mu wiase tumi a ɛto so anan no anim.

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na “odwennini” no ‘sisi kɔɔ atɔe ne benkum fam ne nifa fam’? (b) Dɛn na Ester nhoma no ka wɔ nea obedii Persia Hene Dario I ade no ho?

8 Medo-Persia Wiase Tumi a efi “apuei” reba no yɛɛ nea ɛpɛ, na ‘esisi kɔɔ atɔe ne benkum fam ne nifa fam.’ (Yesaia 46:11) Ɔhene Cambyses II a odii Kores Ɔkɛseɛ ade no ko faa Misraim. Persia hene Dario I a okotwaa Bosporus nsuka no kɔɔ atɔe fam wɔ 513 A.Y.B. mu, na otwiw faa Europa asase Thrace a n’ahenkurow ne Byzantium (mprempren Istanbul) so no na obedii n’ade. Wɔ afe 508 A.Y.B. mu no, odii Thrace so nkonim, na ɔko faa Makedonia wɔ 496 A.Y.B. mu. Enti, ebeduu Dario bere so no, na Medo-Persia “odwennini” no ako agye nsase wɔ mmeae atitiriw abiɛsa: kusuu fam kosi Babilon ne Asiria, atɔe fam kɔfa Asia Kumaa, ne kesee fam kosi Misraim.

9 Bere a Bible redi Medo-Persia Ahemman no kɛseyɛ ho adanse no, ɛka Xerxes I a obedii Dario ade no ho asɛm sɛ “Ahasweros a odii hene fi India de kosi Etiopia, amantam ahorow ɔha aduonu ason so.” (Ester 1:1) Nanso ahemman foforo dii ahemman kɛse yi so nkonim, na Daniel anisoadehu no da eyi ho anwonwasɛm bi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn gyidi den wɔ Onyankopɔn nkɔmhyɛ asɛm mu adi.

ƆPAPO NO SI ODWENNINI NO KUM NO

10. Wɔ Daniel anisoadehu no mu no, aboa bɛn na osii “odwennini” kum no no?

10 Hwɛ sɛnea ade a Daniel hu afei no ma no ho dwiriw no. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na m’ani gu so rehwɛ no, hwɛ, ɔpapo bi fi atɔe bae a ɔnam asase nyinaa ani, na ne ho nka fam, na ɔpapo no wɔ abɛn a wohwɛ a, ɛsõ, n’ani ntam. Na ɔbaa odwennini a ɔwɔ mmɛn abien a mihuu no sɛ ogyina asu no ano no ho, na ɔde n’ahoɔden tuu mmirika hyiaa no. Na mihuu no sɛ oduu odwennini no nkyɛn no, n’ani beree no so, na osii odwennini no bubuu ne mmɛn abien no, na ahoɔden bi nni odwennini no mu sɛ obegyina n’anim, na ɔtow no kyenee fam, na otiatiaa no so, na obi nni hɔ a obeyi odwennini no afi ne nsam.” (Daniel 8:5-7) Eyi nyinaa kyerɛ dɛn?

11. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔbɔfo Gabriel kyerɛkyerɛ nea “ɔpapo” ne ‘n’abɛn kɛse’ no yɛ no mu? (b) Na abɛn kɛse no yɛ hena ho mfonini?

11 Na ɛho nhia sɛ yɛne Daniel nyinaa de yɛn adwene bu nea anisoadehu yi kyerɛ. Ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛ Daniel sɛ: “Na ɔpapo a ɔyɛ kekã no ne Hela hene; na abɛn kɛse a ɛwɔ n’ani ntam no ne ɔhene a odi kan.” (Daniel 8:21) Wɔ 336 A.Y.B. mu no, wɔde Persia Ahemman no hene a otwa to, Dario III (Codommanus), sii ahengua so. Alexander bɛyɛɛ ɔhene wɔ Makedonia saa afe no ara. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ Alexander Ɔkɛseɛ no daa no adi sɛ ɔne “Hela hene” a odi kan a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Alexander fi “atɔe” wɔ afe 334 A.Y.B. mu de ahoɔhare ko kɔɔ n’anim. Ɔko faa nsase te sɛ nea “ne ho nka fam” na okum “odwennini” no. Bere a Hela maa Medo-Persia tumidi a na adi bɛyɛ mfe ahanu no baa awiei no, ɛbɛyɛɛ wiase tumi a ɛto so anum a ɛkyerɛ biribi wɔ Bible mu. Hwɛ sɛnea Onyankopɔn nkɔmhyɛ nya mmamu ma ɛyɛ nwonwa!

12. Ɛyɛɛ dɛn na sɛnkyerɛnne kwan so ɔpapo no “abɛn kɛse no” ‘bui,’ na mmɛn anan bɛn na ebesii ananmu?

12 Nanso na Alexander renni tumi nkyɛ. Anisoadehu no san da no adi sɛ: “Na ɔpapo no yɛɛ kɛse kokuroo, na ɔyɛɛ den no, abɛn kɛse no bui, na mmɛn anan a wohwɛ a, ɛsosõe fifii ananmu kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mframa anan.” (Daniel 8:8) Gabriel rekyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ no mu no, ɔka sɛ: “Na nea ebui a anan fifii sii ananmu no, ahenni anan bɛsɔre ɔman no mu, nso ennu kan de no ahoɔden.” (Daniel 8:22) Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, Alexander ‘bui’ anaasɛ owui bere a na wadi mfe 32 pɛ na ne nkonimdi ahorow ama wagye din yiye no. Na awiei koraa no, n’asafohene kyekyɛɛ n’ahemman kɛse no mu anan fae.

ABƐN KETEWA NWONWASO BI

13. Dɛn na efii mmɛn anan no mu biako mu bae, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛɛ n’ade?

13 Na anisoadehu no fã a edi hɔ no ka nea ɛbɛkɔ so mfe bɛboro 2,200 ho asɛm, na ɛrenya mmamu de besi nnɛ bere yi mu. Daniel kyerɛw sɛ: “Na abɛn ketewa biako fi [mmɛn anan no mu] biako mu bae, na ɛyɛɛ kɛse boroo so kyerɛɛ nifa fam ne apuei ne asase [Ahyehyɛde, NW] fɛfɛ no; na ɛsõe kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotow asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam, na otiatiaa wɔn so; na ɔmaa ne ho so koduu asafo no safohene so, na oyii daa afɔre no fii n’anim, na wɔtow ne kronkron trabea hwee fam. Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtow nokware kyenee fam, na ɔyɛɛ ade, na odii yiye.”—Daniel 8:9-12.

14. Dɛn na ɔbɔfo Gabriel ka wɔ sɛnkyerɛnne kwan so abɛn ketewa no dwumadi ahorow ho, na dɛn na ɛbɛba saa abɛn no so?

14 Ansa na yebetumi ate nea nsɛm a yɛafa aka seesei ara kyerɛ ase no, ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn bɔfo no. Bere a ɔbɔfo Gabriel twee adwene sii ahenni anan a ebefi Alexander ahemman no mu abedi tumi no so no, ɔka sɛ: “Na wɔn ahenni no akyiri bere mu a mmaratofo awie wɔn adeyɛ no, ɔhene a n’ani yɛ den na ohu nsɛm a emu yɛ kusuu mu no bɛsɔre; na ne tumi mu bɛyɛ den, nso ɛnyɛ n’ankasa tumi; na ɔbɛsɛe ade ma ayɛ nwonwa, na obedi yiye na ɔbɛyɛ nea ɔpɛ, na wasɛe ahoɔdenfo ne akronkronfo man no. Na n’anitew nti ne nnaadaa bɛkɔ so ne nsam, na obedi ne koma mu akokurokosɛm na obefi nkurɔfo bebree mpaase asɛe wɔn, na ɔbɛsɔre ahyɛ ahene mu hene, nanso obebubu a ɛnyɛ obi nsa na ebebu no.”—Daniel 8:23-25.

15. Dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Daniel sɛ ɔnyɛ wɔ anisoadehu no ho?

15 Ɔbɔfo no ka kyerɛ Daniel sɛ: “Enti sɔ anisoadehu no ano, na ɛfa nna bebree ho.” (Daniel 8:26) Na “nna bebree” betwam ansa na anisoadehu no fã yi anya mmamu, na ɛsɛ sɛ Daniel “sɔ anisoadehu no ano.” Ɛda adi sɛ ne nkyerɛase kɔɔ so yɛɛ ahintasɛm maa Daniel. Nanso, nnɛ de, akyinnye biara nni ho sɛ saa “nna bebree” no aba awiei. Enti yebisa sɛ: ‘Dɛn na wiase abakɔsɛm da no adi wɔ nkɔmhyɛ mu anisoadehu yi mmamu ho?’

ABƐN KETEWA NO NYA TUMI KƐSE

16. (a) Abɛn ketewa no fi sɛnkyerɛnne kwan so abɛn bɛn mu na ɛbae? (b) Ɔkwan bɛn so na Roma bɛyɛɛ Bible nkɔmhyɛ mu wiase tumi a ɛto

16 Sɛnea abakɔsɛm kyerɛ no, abɛn ketewa no fi sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn anan no biako mu—nea na ɛwɔ atɔe fam tɔnn no. Na eyi ne Ɔsahene Cassander Hela ahenni a edii Makedonia ne Hela so no. Akyiri yi Ɔsahene Lysimachus a odii Thrace ne Asia Kumaa so hene no ko faa ahenni yi. Wɔ afeha a ɛto so abien ansa na Yɛn Bere yi reba mu no, Roma dii Hela ahenni no fã a ɛwɔ atɔe fam yi so nkonim. Na ebeduu afe 30 A.Y.B. no, Hela ahenni no nyinaa bɛhyɛɛ Roma ase na ɛyɛɛ ne ho Bible nkɔmhyɛ mu wiase tumi a ɛto so asia. Nanso na Roma Ahemman no nyɛ Daniel anisoadehu no mu abɛn ketewa no, efisɛ saa ahemman no antra hɔ ammedu “awiei bere” no mu.—Daniel 8:19.

17. (a) Abusuabɔ bɛn na na Britania ne Roma Ahemman no wɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Britania Ahemman no ne tete Helafo ahenni a ɛne Makedonia ne Hela no wɔ abusuabɔ?

17 Ɛnde, dɛn na abakɔsɛm da no adi sɛ ɛne “ɔhene a n’ani yɛ den” no? Na Britania fi Roma Ahemman no fã a ɛwɔ kusuu fam atɔe no mu. Ebeduu afeha a ɛto so anum Y.B. mfiase tɔnn no, na Roma di mmeae bi so tumi wɔ baabi a nnɛ wɔfrɛ no Britania no. Bere bi akyi no, Roma Ahemman no tumi ano brɛɛ ase, nanso Helafo ne Romafo anibuei mu nkɛntɛnso traa Britania ne Europa mmeae foforo a na Roma di so tumi no. Mexiconi anwensɛm ne nhoma kyerɛwfo Octavio Paz a onyaa Nobel Akyɛde no kyerɛwee sɛ: “Bere a Roma Ahemman no hwee ase no, Asɔre no na esii n’ananmu.” Ɔde kaa ho sɛ: “Asɔre agyanom no ne nhomanimfo a wɔbaa akyiri yi de Helafo nyansapɛ baa Kristofo nkyerɛkyerɛ mu.” Na afeha a ɛto so 20 mu nyansapɛfo ne akontaabu ho nimdefo Bertrand Russell kae sɛ: “Apuei fam anibuei a efi Hela no gyina nyansapɛ ne nyansahu a efii ase wɔ Mileto [Helafo kurow a na ɛwɔ Asia Kumaa] mfe mpem abien ne fã a atwam ni no so.” Enti, yebetumi aka sɛ Britania Ahemman no nyaa n’amammerɛ fii Makedonia ne Hela ahenni no mu.

18. Dɛn ne abɛn ketewa a ɛbɛyɛɛ “ɔhene a n’ani yɛ den” wɔ “awiei bere” no mu no? Kyerɛkyerɛ mu.

18 Ebeduu 1763 mu no, na Britania Ahemman adi n’atamfo ahoɔdenfo, Spain ne France, so nkonim. Efi saa bere no, ɛdaa no adi sɛ ɛno na ɛwɔ po so tumi na ɛne Bible nkɔmhyɛ mu wiase tumi a ɛto so ason. Bere a Amerika aman 13 a Britania di so no tew wɔn ho fii ne ho wɔ 1776 mu kɔkyekyee United States, Amerika no, Britania Ahemman no trɛwee na edii asase nkyem anan mu biako ne emu nnipa nkyem anan mu biako so. Wiase tumi a ɛto so ason no san bɛyɛɛ den kɛse mpo bere a United States, Amerika ne Britania ka boom ma wɔbɛyɛɛ Anglo-Amerika wiase tumi a aka abom no. Saa tumi yi abɛyɛ “ɔhene a n’ani yɛ den” ampa wɔ sikasɛm ne sraadi mu. Enti, saa abɛn ketewaa a ɛbɛyɛɛ amammui tumi a ɛyɛ den wɔ “awiei bere” no mu no ne Anglo-Amerika Wiase Tumi no.

19. Dɛn ne “Ahyehyɛde” a wɔka ho asɛm wɔ anisoadehu no mu no?

19 Daniel hui sɛ saa abɛn ketewa no kɔɔ so ‘yɛɛ kɛse boroo so’ kyerɛɛ “Ahyehyɛde” no. (Daniel 8:9, NW) Na Bɔhyɛ Asase a Yehowa de maa ne nkurɔfo a ɔpaw wɔn no yɛ fɛ araa ma wɔfrɛɛ no “nsase nyinaa ahyehyɛde.” (Hesekiel 20:6, 15) Ampa, Britania ko faa Yerusalem wɔ December 9, 1917, na wɔ afe 1920 mu no, Amanaman Apam no de Palestina hyɛɛ Britania nsa ma edii so kosii May 14, 1948. Nanso na anisoadehu no yɛ nkɔmhyɛ a nsɛnkyerɛnne pii wom. Na “Ahyehyɛde” a wɔka ho asɛm wɔ anisoadehu no mu no nyɛ Yerusalem ho mfonini na mmom asase so tebea a na nkurɔfo a Onyankopɔn bu wɔn kronkron wom wɔ wiase tumi a ɛto so ason no bere mu. Momma yɛnhwɛ sɛnea Anglo-Amerika Wiase Tumi no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛhaw akronkronfo no.

WƆTOW ‘NE KRONKRONBEA’ HWE FAM

20. Henanom ne “ɔsoro asafo” ne “nsoromma” a abɛn ketewa no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛtow wɔn akyene fam no?

20 Abɛn ketewa no ‘kɔɔ so soe kɔpem ɔsoro asafo, na ɛtotow asafo no bi ne nsoromma no bi guguu fam.’ Sɛnea ɔbɔfo no kyerɛkyerɛɛ mu no, “ɔsoro asafo” ne “nsoromma” a abɛn ketewa no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛtow wɔn agu fam no ne “akronkronfo man” no. (Daniel 8:10, 24) “Akronkronfo” yi ne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no. Esiane sɛ wɔnam apam foforo a Yesu Kristo mogya a ohwie gui no ma ɛyɛɛ adwuma no so ne Onyankopɔn anya abusuabɔ nti, wɔatew wɔn ho na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Onyankopɔn nkutoo. (Hebrifo 10:10; 13:20) Esiane sɛ Yehowa apaw wɔn sɛ ne Ba no yɔnko adedifo wɔ ɔsoro apɛgyade no mu nti, obu wɔn akronkronfo. (Efesofo 1:3, 11, 18-20) Enti, wɔ Daniel anisoadehu no mu no, “ɔsoro asafo” no yɛ “akronkronfo” 144,000 nkaefo a wɔwɔ asase so a wɔne Oguammaa no bedi hene wɔ soro no.—Adiyisɛm 14:1-5.

21. Henanom na wɔwɔ “kronkronbea” hɔ a wiase tumi a ɛto so ason no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛsɛe no no?

21 Ɛnnɛ 144,000 nkaefo no ne “ɔsoro Yerusalem”—Onyankopɔn Ahenni a ɛte sɛ kurow—ne n’asɔrefi nhyehyɛe no ananmusifo wɔ asase so. (Hebrifo 12:22, 28; 13:14) Saa kwan yi so no wɔwɔ “kronkronbea” a wiase tumi a ɛto so ason no bɔ mmɔden sɛ ebetiatia so asɛe no no. (Daniel 8:13) Bere a Daniel reka kronkronbea no ho asɛm nso sɛ “[Yehowa] trabea” no, ɔka sɛ: “Na oyii daa afɔre no fii [Yehowa] anim, na wɔtow ne kronkron trabea hwee fam. Na wɔde dɔm sii hɔ hyɛɛ daa som no mmarato mu, na ɔtow nokware kyenee fam, na ɔyɛɛ ade, na odii yiye.” (Daniel 8:11, 12, NW) Ɔkwan bɛn so na eyi nyaa mmamu?

22. Wɔ Wiase Ko II mu no, ɔkwan bɛn so na wiase tumi a ɛto so ason no too ‘mmara’ titiriw bi?

22 Osuahu bɛn na Yehowa Adansefo nyae wɔ Wiase Ko II mu? Wɔtaa wɔn denneennen! Efii ase wɔ Nasi ne Fasist aman mu. Nanso ankyɛ na ‘wɔretow nokware akyene asase so’ wɔ ‘abɛn ketewa a ne tumi abɛyɛ kɛse’ no ahemman no mu nyinaa. Ɛkame ayɛ sɛ wɔbaraa Ahenni adawurubɔfo “asafo” no ‘asɛmpaka’ adwuma no wɔ Britania Adehyeman no mu nyinaa. (Marko 13:10) Bere a aman yi rekyere nnipa ama wɔakɔko no, wɔampene so sɛ wobeyi Yehowa Adansefo afi mu sɛ wɔyɛ asomfo, na wɔankyerɛ obu amma paw a wɔapaw wɔn wɔ teokrase kwan so sɛ Onyankopɔn asomfo no. Wɔyɛɛ Yehowa asomfo anokwafo a wɔwɔ United States no basabasa ne animguasede afoforo. Nokwarem no, wiase tumi a ɛto so ason no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛma wɔagyae ayeyi afɔre—‘anofafa aba’—a Yehowa nkurɔfo de ma no daa sɛ wɔn som mu “daa afɔre” no. (Hebrifo 13:15) Enti saa wiase tumi no too ‘mmara’ sɛ wɔtow hyɛɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no ahemman ankasa—“trabea” so.

23. (a) Wɔ Wiase Ko II mu no, ɔkwan bɛn so na Anglo-Amerika Wiase Tumi no sɔre ‘hyɛɛ ahene mu hene’ no? (b) Hena ne “ahene mu hene” no?

23 Esiane sɛ abɛn ketewa no taa “akronkronfo” no wɔ Wiase Ko II mu nti, edii akokurokosɛm “koduu asafo no safohene so.” Anaasɛ sɛnea ɔbɔfo Gabriel ka no, ɛsɔre ‘hyɛɛ ahene mu hene no.’ (Daniel 8:11, 25) Wɔde abodin “ahene mu hene” no frɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo. Hebri asɛmfua sar a wɔkyerɛ ase “hene” no te sɛ adeyɛ asɛm a ɛkyerɛ “di tumi.” Wɔ kyerɛ a asɛmfua no kyerɛ ɔhene ba anaa ɔdehye akyi no, ɛsan kyerɛ ti anaa otitiriw. Daniel nhoma no ka abɔfo a wɔyɛ ahene —sɛ nhwɛso no, Mikael, ho asɛm. Onyankopɔn ne saa ahene no nyinaa mu Hene Titiriw. (Daniel 10:13, 21; fa toto Dwom 83:18 ho.) So yebetumi anya adwene mpo sɛ obi betumi asɔre atia Yehowa—ahene mu Hene no?

WƆYƐ “KRONKRONBEA” NO YIYE

24. Awerɛhyem bɛn na Daniel 8:14 ma yenya?

24 Obiara ntumi nsɔre nhyɛ ahene mu Hene no—ɔhene a “n’ani yɛ den” te sɛ Anglo-Amerika Wiase Tumi no mpo ntumi nyɛ saa! Mmɔden a ɔhene yi bɔ sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn trabea no nyɛ yiye. Ɔbɔfo no ka sɛ: “Anadwofa ne anɔpa mpennu ahasa” betwam “ansa na wɔayɛ kronkronbea hɔ yiye” anaasɛ “adi nkonim.”—Daniel 8:13, 14; The New English Bible.

25. Nnafua 2,300 nkɔmhyɛ bere no tenten yɛ ahe, na asɛm a esii bɛn na ɛfa ho?

25 Nnafua 2,300 no yɛ nkɔmhyɛ bere. Enti, ɛyɛ nkɔmhyɛ mfe a emu biara yɛ nnafua 360. (Adiyisɛm 11:2, 3; 12:6, 14) Ɛnde, nnafua 2,300 bɛyɛ mfe 6, asram 4 ne nnafua 20. Na ɛyɛ bere bɛn? Wiɛ, wofii ase taa Onyankopɔn nkurɔfo kɛse wɔ aman ahorow mu wɔ 1930 mfe no mu. Wɔ Wiase Ko II mu no, wɔtaa Yehowa Adansefo denneennen wɔ Anglo-Amerika wiase tumi a aka abom no aman mu. Dɛn ntia? Efisɛ wogyinaa pintinn sɛ ‘wobetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom asen nnipa.’ (Asomafo no Nnwuma 5:29) Enti, nnafua 2,300 no bɛyɛ nea ɛfa saa ɔko no ho. * Nanso dɛn na yebetumi aka wɔ nkɔmhyɛ bere yi mfiase ne n’awiei ho?

26. (a) Ayɛ ntɛm koraa no, bere bɛn na ɛsɛ sɛ yefi ase kan mfe 2,300 no? (b) Bere bɛn na nnafua 2,300 no baa awiei?

26 Nea ɛbɛyɛ na ‘wɔama’ “kronkronbea” no ‘ayɛ yiye’ anaa aba ne kan tebea mu sɛnea ɛsɛ sɛ ɛyɛ no, ɛbɛyɛ sɛ nnafua 2,300 no fii ase bere a na Onyankopɔn bu no sɛ ɛwɔ ‘tebea pa’ mu no. Eyi mfiase koraa yɛ June 1, 1938 bere a Engiresi Ɔwɛn-Aban no tintim asɛm a ɛne “Ahyehyɛde” no fã 1 no. Ne fã a ɛto so 2 no baa June 15, 1938 Engiresi de no mu. Sɛ yɛkan nnafua 2,300 (mfe 6, asram 4, ne nnafua 20 wɔ Hebrifo Kalenda so) fi June 1 anaa June 15, 1938 a, ɛde yɛn ba October 8 anaa 22, 1944. Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no kaa asɛmti “Ɛnnɛ Teokrase Biakoyɛ” no ho asɛm wɔ nhyiam titiriw bi a wɔyɛe wɔ Pittsburgh, Pennsylvania, U.S.A., wɔ September 30 ne October 1, 1944 mu no da a edi kan. Wɔ ahyehyɛde no afe afe nhyiam a wɔyɛe no October 2 mu no, wɔsakraa Asafo ti no dwumadi nhyehyɛe no de bɔɔ mmɔden ma ɛbɛn teokrase nhyehyɛe ho sɛnea mmara no bɛma kwan. Bere a wotintim Bible ahwehwɛde ahorow a wɔakyerɛkyerɛ mu no, ankyɛ wɔmaa teokrase nhyehyɛe baa Yehowa Adansefo asafo ahorow no mu koraa.

27. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔmaa “daa afɔre” no so tewee wɔ Wiase Ko II bere a ɔtaa wom no mu?

27 Ɛwom sɛ nnafua 2,300 no baa awiei wɔ Wiase Ko II a efii ase wɔ 1939 no mu de, nanso ɔtaa nti “daa afɔre” a wɔde ma wɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ no so tew kɛse. Na Ɔwɛn Aban Asafo no wɔ baa dwumadibea 39 a ɛhwɛ Yehowa Adansefo adwuma so wɔ wiase nyinaa wɔ 1938 mu, nanso ebeduu 1943 no, na aka 21 pɛ. Ahenni adawurubɔfo kakraa bi nso na wonyae wɔ saa bere no mu.

28, 29. (a) Bere a Wiase Ko II bɛn awiei no, dɛn na wɔyɛe wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu? (b) Dɛn na yebetumi aka wɔ mmɔden akɛse a ɔtamfo no bɔe sɛ ɔbɛsɛe “kronkronbea” no ho?

28 Sɛnea yɛahu no, wɔ asram a etwa to wɔ Wiase Ko II mu no, Yehowa Adansefo san sii so dua sɛ wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn ahenni dawuru denam som a wɔbɛsom no sɛ teokrase ahyehyɛde no so. Eyi nti na wofii ase san yɛɛ wɔn adwuma no sohwɛ ne ɛho nhyehyɛe wɔ 1944 mu no. Nokwarem no, na asɛm bi a ne ti ne “Wɔahyehyɛ Wɔn Ama Adwuma a Etwa To” no wɔ October 15, 1944 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu. Ɛno ne ɔsom adwuma no ho nsɛm foforo a ɛbae wɔ saa bere no ara mu no kyerɛe sɛ nnafua 2,300 no aba awiei, ne “kronkronbea” no sɛ asan ‘ayɛ yiye.’

29 Mmɔden akɛse a ɔtamfo no bɔe sɛ ɔbɛsɛe “kronkronbea” no ankosi hwee koraa. Nokwarem no, “akronkronfo” nkaefo a wɔwɔ asase so ne wɔn ayɔnkofo “nnipakuw kɛse” no dii nkonim. (Adiyisɛm 7:9) Na kronkronbea a mprempren ɛwɔ teokrase tebea pa mu no kɔ so de ɔsom kronn ma Yehowa.

30. Dɛn na ɛrenkyɛ koraa ɛbɛto “ɔhene a n’ani yɛ den” no?

30 Anglo-Amerika Wiase Tumi no da so ara kura ne dibea no. Ɔbɔfo Gabriel kae sɛ: “Nanso obebubu a ɛnyɛ obi nsa na ebebu no.” (Daniel 8:25) Ɛrenkyɛ koraa wobebu Bible nkɔmhyɛ mu wiase tumi a ɛto so ason—“ɔhene a n’ani yɛ den”—yi, ɛnyɛ nnipa nsa na ebebu no na mmom tumi a ɛsen onipa de na ɛbɛyɛ wɔ Harmagedon. (Daniel 2:44; Adiyisɛm 16:14, 16) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ wɔbɛsan Yehowa Nyankopɔn, ahene mu Hene no tumidi ho saa bere no!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Wiase tumi ason a ɛho hia wɔ Bible nsɛm mu titiriw ne Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela, Roma, ne Anglo-Amerika wiase tumi a aka abom no. Ɛfata sɛ yɛhyɛ eyinom nyinaa nsow efisɛ wɔne Yehowa nkurɔfo dii.

^ nky. 25 Daniel 7:25 nso ka bere bi a ‘wɔbɛkɔ so ahaw ɔsorosoroni no akronkronfo’ no ho asɛm. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ ti a edi eyi anim no mu no, eyi sii wɔ wiase ko a edi kan no mu.

DƐN NA WUHUI?

• Dɛn na nea edidi so yi yɛ ho mfonini

“odwennini” a ɔwɔ “mmɛn abien” no?

“ɔpapo no” ne ‘n’abɛn kɛse’ no?

mmɛn anan a epue besii “abɛn kɛse” no ananmu no?

abɛn ketewa a epue fii mmɛn anan no biako mu no?

• Wɔ Wiase Ko II mu no, ɔkwan bɛn so na Anglo-Amerika Wiase Tumi no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛsɛe “kronkronbea” no, na etumi yɛɛ saa anaa?

so asia, nanso dɛn nti na ɛnyɛ sɛnkyerɛnne kwan so abɛn ketewa no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 166]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Medo-Persia Ahemman

MAKEDONIA

MISRAIM

Memfis

ETIOPIA

Yerusalem

Babilon

Ecbatana

Ahmeta

Susan

Persepolis

INDIA

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 169]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Hela Ahemman

MAKEDONIA

Babilon

MISRAIM

Indus Asubɔnten

[Asase mfonini wɔ kratafa 172]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Roma Ahemman

BRITANIA

ITALIA

Roma

Yerusalem

MISRAIM

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 164]

[Kratafa 174 mfonini ahorow]

Anglo-Amerika Wiase Tumi no mu nnipa atitiriw bi:

1. George Washington, U.S. ɔmampanyin a odi kan (1789-97)

2. Ɔhemmaa Victoria a ofi Britania (1837-1901)

3. Woodrow Wilson, U.S. ɔmampanyin (1913-21)

4. David Lloyd George, Britania ɔmampanyin (1916-22)

5. Winston Churchill, Britania ɔmampanyin (1940-45, 1951-55)

6. Franklin D. Roosevelt, U.S. ɔmampanyin (1933-45)