Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Asomfo a Yebehu Wɔn Wɔ Awiei Bere no Mu

Nokware Asomfo a Yebehu Wɔn Wɔ Awiei Bere no Mu

Ti Dunson

Nokware Asomfo a Yebehu Wɔn Wɔ Awiei Bere no Mu

1. Sɛnea Daniel 7 kyerɛ no, osuahu ahorow a ɛyɛ nwonwa bɛn na na yɛn bere yi mu nnipakuw ketewa bi a na wonni ahobammɔ rebenya?

WIASE tumi kɛse bi tow hyɛ nnipakuw ketewa bi a wonni ahobammɔ so denneennen. Antumi ansɛe wɔn na mpo wonyaa ahoɔden foforo—ɛnyɛ wɔn ankasa ahoɔden na ɛma ɛbaa saa na mmom Yehowa Nyankopɔn bu wɔn sɛ wɔsom bo nti. Daniel ti 7 hyɛɛ nkɔm sɛ nsɛm yi besisi, na esisii wɔ afeha a ɛto so 20 no mfiase. Nanso, na henanom ne nnipa yi a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm no? Daniel ti koro yi ara frɛɛ wɔn sɛ “ɔsorosoroni” Yehowa Nyankopɔn no “akronkronfo.” Ɛdaa no adi nso sɛ awiei koraa no, saafo no bɛyɛ yɔnko adedifo wɔ Mesia Ahenni no mu!—Daniel 7:13, 14, 18, 21, 22, 25-27.

2. (a) Yehowa te nka dɛn wɔ n’asomfo a wɔasra wɔn no ho? (b) Dɛn na nyansa wom sɛ yɛbɛyɛ wɔ mmere yi mu?

2 Sɛnea yehui wɔ Daniel ti 11 mu no, atifi fam hene no awiei bɛba bere a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe nnipa anokwafo yi honhom fam asase a wɔabɔ ho ban no. (Daniel 11:45; fa toto Hesekiel 38:18-23 ho.) Yiw, Yehowa bɔ ne nkurɔfo a wɔasra wɔn no ho ban yiye. Dwom 105:14, 15 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wɔn nti [Yehowa kaa] ahene anim sɛ: Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifo bɔne bi.” So wunnye ntom sɛ wɔ basabasayɛ bere yi mu no, nyansa wom sɛ “nnipakuw kɛse” a wɔredɔɔso no ne akronkronfo yi bɛbɔ denneennen sɛnea wobetumi? (Adiyisɛm 7:9; Sakaria 8:23) Yesu Kristo kamfo kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ nnipa a wɔte sɛ nguan yɛ saa pɛpɛɛpɛ—wɔne ne honhom fam nuanom a wɔasra wɔn mmɔ denam wɔn adwuma a wɔyɛ a wɔbɛboa wɔn no so.—Mateo 25:31-46; Galatifo 3:29.

3. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubehu Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no na woakɔ so ne wɔn abɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Daniel ti 12 bɛboa wɔ eyi mu?

3 Nanso, Onyankopɔn Tamfo Satan reko atia wɔn a wɔasra wɔn no denneennen. Wahyɛ atoro som ho nkuran na ɔde atoro Kristofo ahyɛ wiase no mu ma. Eyi nti, wɔadaadaa nnipa pii. Afoforo nso abam abu sɛ wɔrenhu wɔn a wɔyɛ nokware som ananmusifo no da. (Mateo 7:15, 21-23; Adiyisɛm 12:9, 17) Ɛsɛ sɛ wɔn a wohu “kuw ketewa” no na wɔne wɔn bɔ no mpo ko pere wɔn gyidi, efisɛ wiase no hwehwɛ bere nyinaa sɛ ɛbɛsɛe wɔn gyidi. (Luka 12:32) Na wo nso ɛ? So woahu “ɔsorosoroni no akronkronfo” no na wo ne wɔn rebɔ? So wunim adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ wɔn a woahu wɔn no ne wɔn a Onyankopɔn apaw wɔn no ankasa? Adanse a ɛte saa no betumi ahyɛ wo gyidi den. Ebesiesie wo nso ma woaboa afoforo ma wɔahu nneɛma a atu afra wɔ nyamesom mu wɔ nnɛ wiase no mu. Nimdeɛ a egye nkwa yi pii wɔ Daniel ti 12.

ƆBAPƆMMA KƐSE NO FI NE DWUMADI ASE

4. (a) Mikael ho nneɛma abien a ɛda nsow bɛn na Daniel 12:1 hyɛ ho nkɔm? (b) Dɛn na ‘gyina a ɔhempɔn bi gyina hɔ’ no taa kyerɛ wɔ Daniel nhoma no mu?

4 Daniel 12:1 kenkan sɛ: “Ɛbere no mu na Mikael, ɔbapɔmma kɛse a ogyina hɔ ma wo mma no bɛsɔre agyina.” Nkyekyem yi ka Mikael ho nneɛma abien a ɛda sow pefee ho asɛm sie: biako ne sɛ “ogyina hɔ,” a ɛkyerɛ tebea bi a ɛkɔ so bere tenten bi; nea ɛto so abien ne sɛ ‘ɔbɛsɔre agyina hɔ,’ a ɛkyerɛ asɛm bi a ebesi wɔ saa bere no mu. Nea edi kan no, yɛpɛ sɛ yehu bere a Mikael “gyina hɔ ma [Daniel] man mma no.” Kae sɛ Mikael yɛ din a wɔde ama Yesu wɔ ne dwuma a odi sɛ ɔsoro Sodifo no mu. “Ogyina hɔ” a wɔtwe adwene si so no ma yɛkae sɛnea wɔde asɛm yi di dwuma wɔ mmeae foforo wɔ Daniel nhoma no mu no. Ɛtaa ka ɔhene bi adeyɛ, te sɛ n’ahenni tumi a ɔfa ho asɛm.—Daniel 11:2-4, 7, 20, 21.

5, 6. (a) Wɔ bere bɛn mu na Mikael gyina hɔ? (b) Bere bɛn na Mikael ‘sɔre gyina hɔ,’ na ɔyɛ saa wɔ ɔkwan bɛn so, na dɛn na efi mu ba?

5 Ɛda adi sɛ na ɔbɔfo no rekyerɛ bere bi a wɔakyerɛ wɔ baabi foforo wɔ Bible nkɔmhyɛ mu. Yesu frɛɛ no ne “ba a waba” (Hela, pa·rou·siʹa), bere a obedi tumi sɛ Ɔhene wɔ soro no. (Mateo 24:37-39, NW) Wɔsan frɛ bere yi sɛ “nna a edi akyiri” ne “awiei bere.” (2 Timoteo 3:1; Daniel 12:4, 9) Efi bere a saa bere no fii ase wɔ 1914 mu no, Mikael gyina hɔ sɛ Ɔhene wɔ soro.—Fa toto Yesaia 11:10; Adiyisɛm 12:7-9 ho.

6 Nanso, bere bɛn na Mikael ‘sɔre gyina hɔ’? Ɛyɛ bere a ɔsɔre gyina hɔ sɛ ɔbɛyɛ ade titiriw bi no. Yesu bɛyɛ eyi daakye. Adiyisɛm 19:11-16 ka Yesu ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ mu sɛ Mesia Hene tumfoɔ a odi abɔfodɔm anim na ama wɔasɛe Onyankopɔn atamfo. Daniel 12:1 ka sɛ: “Na ɛbɛyɛ ahohia bere a efii sɛ ɔman bae no besi bere no so ɛmmae da.” Sɛ Yehowa Brafo Panyin no, Kristo bɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nyinaa wɔ “ahohiahia kɛse” a wɔahyɛ ho nkɔm no mu.—Mateo 24:21; Yeremia 25:33; 2 Tesalonikafo 1:6-8; Adiyisɛm 7:14; 16:14, 16.

7. (a) Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma anokwafo nyinaa wɔ “ahohiahia bere” a ɛreba no mu? (b) Dɛn ne Yehowa nhoma no, na dɛn nti na ɛho hia sɛ wohu wo wom?

7 Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔda gyidi adi wɔ amanehunu bere yi mu no so? Wɔsan ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Na ɛbere no mu na wobegye wo manfo afi mu, obiara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din nhoma no mu no.” (Fa toto Luka 21:34-36 ho.) Ɛyɛ nhoma bɛn? Ne titiriw no, ɛkyerɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn kae wɔn a wɔyɛ n’apɛde no. (Malaki 3:16; Hebrifo 6:10) Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma yi mu no ne nnipa a wɔwɔ ahobammɔ sen biara wɔ wiase, efisɛ wonya ɔsoro ahobammɔ. Ɛmfa ho sɛ ɔhaw bɛn na ebia wobehyia no, wobetumi adi ho dwuma. Sɛ wowu mpo ansa na “ahohia bere” a ɛreba no aba a, Yehowa werɛ remfi wɔn da. Ɔbɛkae wɔn anyan wɔn wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu.—Asomafo no Nnwuma 24:15; Adiyisɛm 20:4-6.

AKRONKRONFO ‘NYAN’

8. Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn na Daniel 12:2 de ma?

8 Owusɔre anidaso no ma awerɛkyekye ankasa. Daniel 12:2 ka eyi ho asɛm sɛ: “Na wɔn a wɔdeda fam dɔte mu no bebree benyan, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohorade ne daa ahiyɛ mu.” (Fa toto Yesaia 26:19 ho.) Nsɛm yi betumi ama yɛakae owusɔre ho bɔ a Yesu Kristo hyɛe a ɛka koma no. (Yohane 5:28, 29) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Susuw wo nnamfo ne w’abusuafo a wodɔ wɔn—a mprempren wɔawuwu—a wɔma wonya hokwan tra ase bio no ho! Nanso bɔhyɛ a ɛwɔ Daniel nhoma no mu yi twe adwene si owusɔre foforo bi so titiriw—nea aba dedaw. Ɛbɛyɛ dɛn atumi aba saa?

9. (a) Dɛn nti na ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Daniel 12:2 bɛbam wɔ nna a edi akyiri yi mu? (b) Owusɔre bɛn na nkɔmhyɛ no ka ho asɛm no, na yɛyɛ dɛn hu?

9 Susuw ɛho nsɛm afoforo ho. Sɛnea yɛahu no, ti 12 no nkyekyem a edi kan no ka nna a edi akyiri bere no nyinaa ho asɛm na ɛnyɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei nkutoo. Nokwarem no, ti no mu nsɛm dodow no ara nya mmamu wɔ awiei bere no mu, na ɛnyɛ asase so paradise a ɛreba no mu. So owusɔre bi aba wɔ bere yi mu? Ɔsomafo Paulo kyerɛw “wɔn a wɔyɛ Kristo dea” no wusɔre ho asɛm sɛ ɛbɛba ‘wɔ ne ba’ mu. Nanso, wonyan wɔn a wonya owusɔre kɔ ɔsoro asetra mu no sɛ ‘wɔn a wɔmporɔw da.’ (1 Korintofo 15:23, 52) Wɔn mu biara nni hɔ a wonyan no ‘kɔ ahohorade ne daa ahiyɛ’ a Daniel 12:2 ka siei no mu. So owusɔre foforo bi wɔ hɔ? Wɔ Bible mu no, ɛtɔ mmere bi a owusɔre kyerɛ biribi wɔ honhom fam. Sɛ nhwɛso no, nkɔmhyɛ nsɛm bi wɔ Hesekiel ne Adiyisɛm nhoma no nyinaa mu a ɛka ahoɔden a wɔsan nya wɔ honhom fam anaasɛ owusɔre ho asɛm.—Hesekiel 37:1-14; Adiyisɛm 11:3, 7, 11.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na wonyan nkaefo a wɔasra wɔn no wɔ awiei bere no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na nkaefo a wɔma wɔsan nya ahoɔden no mu binom nyan kɔɔ “ahohorade ne daa ahiyɛ” mu?

10 So wɔmaa Onyankopɔn asomfo a wɔasra wɔn san nyaa honhom fam ahoɔden wɔ awiei bere no mu? Yiw! Ɛyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm ankasa sɛ wɔsɔre tiaa Kristofo anokwafo nkaefo bi denneennen wɔ 1918 mu ma ɛsɛee wɔn baguam ɔsom adwuma no. Afei bere a na obiara nhwɛ kwan no, wɔbaa nkwa mu wɔ honhom fam wɔ 1919 mu. Nokwasɛm yi ne owusɔre a wɔkaa ho asɛm siei wɔ Daniel 12:2 no ho nkyerɛkyerɛmu hyia. Ebinom ‘nyanee’ wɔ honhom fam saa bere no ne ɛno akyi. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔkɔɔ so traa ase wɔ honhom fam. Wɔn a bere a wonyan wɔn akyi no wɔpaw sɛ wɔbɛpo Mesia Hene no na wogyaee Onyankopɔn som adwuma no kɔɔ “ahohorade ne daa ahiyɛ mu” sɛnea wɔkae wɔ Daniel 12:2 no. (Hebrifo 6:4-6) Nanso, bere a anokwafo a wɔasra wɔn no dii honhom fam tebea a wɔsan baa mu no ho dwuma yiye no, wɔde nokwaredi gyinaa Mesia Hene no akyi. Awiei koraa no, sɛnea nkɔmhyɛ no ka no, wɔn nokwaredi no ma wonya “daa nkwa.” Ɛnnɛ, honhom fam ahoɔden a wɔde gyina ɔsɔretia ano no boa ma yehu wɔn.

‘WƆHYERƐN SƐ NSOROMMA’

11. Henanom na wɔyɛ “mmadwemma” no nnɛ, na ɔkwan bɛn so na ‘wɔhyerɛn sɛ nsoromma’?

11 Daniel ti 12 no nkyekyem abien a edi hɔ no yɛ pii de boa yɛn mpo ma yehu “ɔsorosoroni no akronkronfo” no. Ɔbɔfo no ka kyerɛ Daniel wɔ nkyekyem 3 sɛ: “Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛ wim hyerɛn, na wɔn a wɔdan nnipa bebree kɔɔ trenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem.” Henanom na wɔyɛ “mmadwemma no” nnɛ? Bio nso, adanse no twe adwene si “ɔsorosoroni no akronkronfo” no ara so. Sɛ yɛbɛka a, wɔ nkaefo anokwafo a wɔasra wɔn no akyi no, henanom na na wɔwɔ nhumu a ɛma wohuu Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse, a ofii ase sɔre gyinae sɛ Ɔhene wɔ 1914 mu no? Ɛdenam nokware ahorow a ɛte saa a wɔka kyerɛ—ne wɔn Kristofo abrabɔ a wokuraa mu—so no, ‘wɔhyerɛn sɛ akanea’ wɔ wiase a aduru sum wɔ honhom fam no mu. (Filipifo 2:15; Yohane 8:12) Yesu hyɛɛ wɔn ho nkɔm sɛ: “Ɛnna atreneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔn agya ahenni mu.”—Mateo 13:43.

12. (a) Wɔ awiei bere no mu no, ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no ‘adan nnipa bebree kɔ trenee mu’? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no bɛdan nnipa bebree akɔ trenee mu na wɔahyerɛn sɛ nsoromma wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu?

12 Daniel 12:3 ka adwuma a Kristofo a wɔasra wɔn yi de wɔn bere bɛyɛ wɔ awiei bere no mu mpo kyerɛ yɛn. ‘Wɔbɛdan nnipa bebree akɔ trenee mu.’ Nkaefo a wɔasra wɔn no fii ase boaboaa Kristo yɔnko adedifo 144,000 a na wɔaka no ano. (Romafo 8:16, 17; Adiyisɛm 7:3, 4) Bere a wowiee saa adwuma no—ɛda adi sɛ wɔ 1930 mfe no mfinimfini no—wofii ase boaboaa “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no ano. (Adiyisɛm 7:9; Yohane 10:16) Eyinom nso wɔ Yesu Kristo ogye afɔre no mu gyidi. Enti, wɔwɔ gyinabea pa wɔ Yehowa anim. Wɔn dodow yɛ ɔpepem pii nnɛ, na wɔwɔ anidaso sɛ wobenya nkwa wɔ wiase bɔne yi sɛe a ɛreba no mu. Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yesu ne ne mfɛfo ahene ne asɔfo 144,000 no de agyede no mu mfaso nyinaa bɛyɛ adesamma asoɔmmerɛfo a wɔwɔ asase so no ho adwuma, na wɔnam saayɛ so bɛboa wɔn a wɔda gyidi adi no nyinaa ma wɔagyae bɔne biara a wonya fii Adam hɔ a aka no yɛ. (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 7:13, 14; 20:5, 6) Afei nkaefo no benya ‘nnipa bebree a wɔbɛdan wɔn akɔ trenee’ mu no mu kyɛfa akosi ase, na ‘wɔbɛhyerɛn sɛ nsoromma’ wɔ soro. So asase so asetra wɔ Kristo ne ne mfɛfo adedifo ɔsoro anuonyam nniso ase no som bo ma wo? Hwɛ hokwan a ɛyɛ sɛ wo ne “akronkronfo” no bɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa yi akyerɛ!—Mateo 24:14.

‘WƆBƐTWEETWEE MU’

13. Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ Daniel nhoma no ano na wɔma ɛyɛɛ ahintasɛm?

13 Afei de, asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Daniel, a efii ase wɔ Daniel 10:20 no de nsɛm a ɛma akomatɔyam yi wie: “Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nhoma no ano kodu awiei bere no; nnipa bebree bɛtweetwee mu na nimdeɛ adɔɔso.” (Daniel 12:4) Wɔmaa nea honhom kaa Daniel ma ɔkyerɛwee no mu dodow no ara yɛɛ ahintasɛm na wɔamma nnipa ante ase. Akyiri yi Daniel ankasa kyerɛwee sɛ: “Na metee, na manhu ase.” (Daniel 12:8) Wɔ saa kwan yi so no, wɔsɔɔ Daniel nhoma no ano mfehaha pii. Na nnɛ nso ɛ?

14. (a) Wɔ “awiei bere” no mu no, henanom na ‘wɔatweetwee nsɛm mu,’ na wɔ hefa? (b) Adanse bɛn na yɛwɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ahyira ‘nsɛm a wɔtweetwee mu’ yi so?

14 Yɛanya hokwan sɛ yɛte ase wɔ “awiei bere” a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Daniel nhoma no mu no mu. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, anokwafo pii ‘atweetwee’ Onyankopɔn Asɛm mu. Dɛn na afi mu aba? Yehowa nhyira nti, nokware nimdeɛ adɔɔso pii. Wɔama Yehowa Adansefo anokwafo a wɔasra wɔn no anya nhumu a ɛma wotumi tee ase sɛ onipa Ba no bɛyɛɛ Ɔhene wɔ 1914 mu, ɛma wohuu dekode a Daniel nkɔmhyɛ no mu mmoa no yɛ, na wɔde kɔkɔbɔ ma wɔ “amamfoyɛ akyide” no ho—eyinom yɛ ho nhwɛso kakraa bi pɛ. (Daniel 11:31) Enti, nimdeɛ a adɔɔso yi yɛ “ɔsorosoroni no akronkronfo” ho agyiraehyɛde foforo. Nanso Daniel nyaa adanse foforo.

‘WƆSƐE WƆN PASAA’

15. Asɛm bɛn na afei de ɔbɔfo bi bisa, na hena na asɛmmisa yi betumi ama yɛakae no?

15 Yɛkae sɛ Daniel tee abɔfo nsɛm yi wɔ “asu kɛse” Hidekel a wɔsan frɛ no Tigris no ano. (Daniel 10:4) Afei ohu abɔfo baasa wɔ hɔ na ɔka sɛ: “Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, mmarima foforo baanu gyina hɔ, obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha, na obiako wɔ asubɔnten no kɔn so ha. Na obiako ka kyerɛɛ ɔbarima a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu atifi no sɛ: Da bɛn na anwonwade no awiei bɛkɔ akodu?” (Daniel 12:5, 6) Asɛm a ɔbɔfo no bisae wɔ ha no betumi ama yɛasan akae “ɔsorosoroni no akronkronfo” no. Wɔ “awiei bere” no mfiase wɔ 1914 mu no, na wosusuw asɛmmisa a ɛne sɛ bere ahe na ebedi ansa na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow anya mmamu no ho yiye. Nea ɛma yehu sɛ wɔn na nkɔmhyɛ yi twe adwene si wɔn so no da adi wɔ asɛmmisa yi ho mmuae mu.

16. Nkɔm bɛn na ɔbɔfo no hyɛ, na ɔkwan bɛn so na osi so dua sɛ ebenya mmamu ɔkwan biara so?

16 Daniel kyerɛwtohɔ no toa so sɛ: “Na metee onipa a ofura nwera a ɔwɔ asubɔnten no nsu no so no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa nea ɔte ase daa no ho ntam sɛ enkodu bere, mmere ne fã, na sɛ wɔsɛe ɔman no kronkron no tumi pasaa wie a, wobewie eyinom nyinaa.” (Daniel 12:7, NW) Na eyi yɛ aniberesɛm. Ɔbɔfo no ma ne nsa abien no nyinaa so de ka ntam, ebia sɛnea ɛbɛyɛ na abɔfo baanu a wɔwɔ asubɔnten kɛse no kɔn so no ahu adeyɛ yi. Ɔnam saayɛ so si so dua sɛ nkɔmhyɛ yi benya mmamu koraa. Nanso, bere a wɔahyɛ yi yɛ bere bɛn? Mmuae no nyɛ den pii sɛnea ebia wubesusuw no.

17. (a) Nsɛdi bɛn na yebetumi ahu wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 7:25, Daniel 12:7, ne Adiyisɛm 11:3, 7, 9 no mu? (b) Mmere abiɛsa ne fã no tenten yɛ ahe?

17 Nkɔmhyɛ yi ne nkɔmhyɛ afoforo abien di nsɛ yiye. Biako a yesusuw ho wɔ nhoma yi Ti 9 no wɔ Daniel 7:25; na nea ɛka ho no wɔ Adiyisɛm 11:3, 7, 9. Hyɛ nsɛdi no bi nsow. Emu biara bɛbam wɔ awiei bere no mu. Nkɔmhyɛ abien no nyinaa fa Onyankopɔn asomfo akronkronfo ho, ɛkyerɛ sɛ wɔtaa wɔn, na wɔantumi anyɛ wɔn baguam som adwuma no mpo wɔ bere tiaa bi mu. Nkɔmhyɛ no mu biara kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo san nyaa ahoɔden, na afei wofii wɔn adwuma no ase de maa wɔn ataafo brɛ gui. Na nkɔmhyɛ no mu biara kyerɛ bere a amanehunu a akronkronfo no hyia di. Nkɔmhyɛ abien a ɛwɔ Daniel nhoma no mu (7:25 ne 12:7) kyerɛ “ɛbere bi ne mmere ne bere fã.” Nhomanimfo gye tom sɛ ɛyɛ mmere abiɛsa ne fã. Adiyisɛm kyerɛ sɛ saa bere koro no ara yɛ asram 42 anaa nnafua 1,260. (Adiyisɛm 11:2, 3) Eyi si so dua sɛ mmere abiɛsa ne fã a ɛwɔ Daniel nhoma no mu no kyerɛ mfe abiɛsa ne fã a afe biara yɛ nnafua 360. Nanso bere bɛn na nnafua 1,260 no fii ase?

18. (a) Sɛnea Daniel 12:7 kyerɛ no, dɛn na ɛde nnafua 1,260 bɛba awiei? (b) Bere bɛn na awiei koraa no wɔsɛee “ɔman kronkron no tumi” no, na ɔkwan bɛn so na eyi sii? (d) Bere bɛn na nnafua 1,260 no fii ase, na ɔkwan bɛn so na nkaefo no ‘furaa atweaatam de hyɛɛ nkɔm’ wɔ saa bere no mu?

18 Nkɔmhyɛ no kyerɛ bere a nnafua 1,260 no bɛba awiei no pefee—bere a “wɔasɛe ɔman kronkron no tumi pasaa awie” no. Wɔ 1918 mfinimfini no, wɔnam atoro sobo so buu Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo a J. F. Rutherford ka ho fɔ, kae sɛ wɔmfa wɔn nto afiase mfe pii. Nokwarem no, Onyankopɔn akronkronfo no hui sɛ ‘wɔasɛe wɔn adwuma pasaa,’ wɔasɛe wɔn tumi. Sɛ yɛkan mfe abiɛsa ne fã fi 1918 mfinimfini kɔ yɛn akyi a, ɛde yɛn kɔ 1914 awiei. Saa bere no na wɔn a wɔasra wɔn nkaefo kuw ketewaa bi resiesie wɔn ho ama ɔtaa. Na Wiase Ko I afi ase, na na wɔkɔ so sɔre tia wɔn adwuma no. Wɔde wɔn afe asɛm ma afe 1915 no mpo gyinaa asɛm yi a Kristo bisaa n’akyidifo no so: “Mubetumi anom kuruwa a merebɛnom no anaa?” (Mateo 20:22) Sɛnea wɔka siei wɔ Adiyisɛm 11:3 no, na bere a ɛbae a ɛyɛ nnafua 1,260 no yɛ awerɛhow bere ma wɔn a wɔasra wɔn no—na ɛte sɛ nea wofura atweaatam de rehyɛ nkɔm. Ɔtaa no ano yɛɛ den. Wɔde wɔn mu binom guu afiase, wɔboroo afoforo, na wɔyɛɛ ebinom nso ayayade. Asafo ti no titrani a odi kan, C. T. Russell, wu wɔ 1916 mu no maa pii aba mu bui. Nanso na dɛn na ɛbɛba bere a akronkronfo yi a wokum wɔn sɛ asɛnka ahyehyɛde no maa saa amanehunu bere yi baa awiei no?

19. Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm ti 11 no ma yenya awerɛhyem sɛ wɔremma wɔn a wɔasra wɔn no nka wɔn ano ntom nkyɛ?

19 Nkɔmhyɛ a ɛne eyi di nsɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 11:3, 9, 11 kyerɛ sɛ bere a wokum “adansefo baanu” no wiei no, wowui bere tiaa bi pɛ—nnansa ne fã—na wonyan wɔn. Saa ara na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel ti 12 kyerɛ sɛ na akronkronfo no renka wɔn ano ntom na mmom na wɔwɔ adwuma pii da wɔn anim.

‘WƆAPƆW WƆN HO, AHOA WƆN HO, ATEW WƆN HO’

20. Sɛnea Daniel 12:10 kyerɛ no, nhyira ahorow bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no benya wɔ wɔn osuahu a ɛyɛ yaw no akyi?

20 Sɛnea yɛahu dedaw no, Daniel kyerɛw eyinom too hɔ nanso wante ase. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ osusuw sɛ ebia akronkronfo no ataafo bɛsɛe wɔn, efisɛ obisae sɛ, “Nneɛma yi akyiri awiei bɛyɛ dɛn?” Ɔbɔfo no buae sɛ: “Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano rekosi awiei bere no. Wɔbɛpɔw nnipa bebree ho ahoa wɔn ho atew wɔn ho, na abɔnefo bedi asɛmmɔne, na abɔnefo nyinaa renhu ase, na mmadwemma na ebehu ase.” (Daniel 12:8-10) Na anidaso ankasa wɔ hɔ ma akronkronfo no! Sɛ anka wɔbɛsɛe wɔn mmom no, wɔbɛhoa wɔn ho, na wɔama wɔanya gyinabea pa wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. (Malaki 3:1-3) Nea ɛne eyi bɔ abira no, abɔnefo rempɛ sɛ wɔbɛte honhom fam nneɛma ase. Nanso eyinom nyinaa besi bere bɛn?

21. (a) Bere a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Daniel 12:11 no befi ase bere a wɔayɛ nneɛma bɛn? (b) Na “daa afɔre” no yɛ dɛn, na bere bɛn na woyii? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 298 no.)

21 Wɔka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Na efi bere a wobeyi daa afɔre na wɔde amamfõyɛ akyide asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduakron.” Enti saa bere yi befi ase bere a wɔayɛ nneɛma bi no. Na ɛsɛ sɛ woyi “daa afɔre” *—no fi hɔ. (Daniel 12:11) Afɔre bɛn na na ɔbɔfo no reka ho asɛm no? Na ɛnyɛ mmoa afɔre a wɔbɔ wɔ asase so asɔrefie biara mu. Asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem bere bi mpo no yɛ “kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne” kɛkɛ—Yehowa honhom fam asɔrefie kɛse a efii ne dwumadi ase bere a Kristo bɛyɛɛ Ɔsɔfopanyin wɔ 29 Y.B. mu no! Ɛho nhia sɛ wɔkɔ so bɔ bɔne ho afɔre wɔ honhom fam asɔrefie a egyina hɔ ma Onyankopɔn nhyehyɛe ma nokware som no mu, efisɛ ‘wɔde Kristo bɔɔ afɔre prɛko sɛ ɔnsoa nnipa bebree bɔne.’ (Hebrifo 9:24-28) Nanso, Kristofo nyinaa bɔ afɔre wɔ asɔrefie yi mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma yɛmfa [Kristo] so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 13:15) Enti nkɔmhyɛ yi mu adeyɛ a edi kan yi—“daa afɔre” a woyii no—sii wɔ 1918 mfinimfini bere a ɛkame ayɛ sɛ wogyaee asɛnka adwuma no yɛ koraa no.

22. (a) Dɛn ne amamfõyɛ “akyide” no, na bere bɛn na wɔde sii hɔ? (b) Bere bɛn na bere a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Daniel 12:11 no fii ase, na bere bɛn na ɛbaa awiei?

22 Na adeyɛ a ɛto so abien—“amamfõyɛ akyide” a wɔde si hɔ no nso ɛ? Sɛnea yehui wɔ bere a yɛresusuw Daniel 11:31 ho no, mfiase no na akyide yi yɛ Amanaman Apam no, na ɛsan baa akyiri yi sɛ Amanaman Nkabom. N’abien nyinaa yɛ akyide efisɛ wɔakamfo sɛ ɛne anidaso koro pɛ ma asomdwoe wɔ asase so. Enti, wɔ nnipa pii komam no, ahyehyɛde yi asi Onyankopɔn Ahenni ananmu ankasa! Wodii kan kae sɛ wɔnyɛ Apam no wɔ January 1919 mu. Saa bere no na wodii tebea abien a wɔka ho asɛm wɔ Daniel 12:11 no ho dwuma. Enti, nnafua 1,290 no fii ase wɔ 1919 mfiase na ekoduu 1922 twabere (Asase no Atifi Fam) mu.

23. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn akronkronfo nyaa nkɔso a ɛbɛma wɔanya gyinabea pa wɔ nnafua 1,290 a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Daniel ti 12 no mu?

23 So akronkronfo no nyaa nkɔso a na ɛbɛma wɔapɔw wɔn ho atew wɔn ho wɔ Onyankopɔn ani so wɔ saa bere no mu? Saa na ɛbae ankasa! Wɔ March 1919 mu no, woyii Ɔwɛn Aban Asafo no titrani ne n’ayɔnkofo fii afiase. Akyiri yi wobuu wɔn bem wɔ atoro sobo a wɔde bɔɔ wɔn no ho. Esiane sɛ na wonim sɛ wonwiee wɔn adwuma no koraa nti, wofii ase yɛɛ adwuma denneennen ntɛm ara, na wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam September 1919 mu. Saa afe no ara, wodii kan tintim nsɛmma nhoma a ɛka Ɔwɛn-Aban ho no. Mfiase no na wɔfrɛ no The Golden Age (seesei wɔfrɛ no Nyan!), na ɛboa Ɔwɛn-Aban no bere nyinaa ma ɛde akokoduru da wiase yi ɔporɔw adi, na ɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔn ho kɔ so tew. Bere a nnafua 1,290 a wɔhyɛɛ ho nkɔm no baa awiei no, na akronkronfo no resan anya gyinabea pa. Wɔ September 1922 mu, bɛyɛ bere a saa bere yi baa awiei no, wɔyɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. Ɛhyɛɛ asɛnka adwuma no mu den kɛse. Nanso, na ehia ara sɛ wonya nkɔanim kɛse. Na ɛno bɛba wɔ bere a edi hɔ a wɔahyɛ no agyirae no mu.

AKRONKRONFO NO NYA ANIGYE

24, 25. (a) Bere bɛn na wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Daniel 12:12, na ɛda adi sɛ bere bɛn na efii ase, na bere bɛn na ɛbaa awiei? (b) Na nkaefo a wɔasra wɔn no honhom fam tebea te dɛn wɔ nnafua 1,335 no mfiase?

24 Yehowa bɔfo no de nsɛm yi wie ne nkɔmhyɛ a ɛfa akronkronfo no ho no: “[Anigye, NW] ne nea ɔtwɛn na okodu nna apem ahasa aduasa anum no so.” (Daniel 12:12) Ɔbɔfo no nka biribiara a yebegyina so de ahu bere a bere yi fi ase anaa ɛba awiei. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ efii ase wɔ bere a edi ɛno anim akyi pɛɛ. Sɛ saa de a, ebefi ase afi 1922 twabere mu akosi 1926 fefɛw bere awiei (Asase Atifi Fam). So akronkronfo no ani gyei wɔ saa bere no awiei? Yiw, wɔ honhom fam akwan titiriw so.

25 Wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ 1922 mu akyi mpo (sɛnea wɔakyerɛ wɔ kratafa 302) no, na Onyankopɔn akronkronfo no bi ani gyina nea atwam no. Na Bible no ne Studies in the Scriptures a C. T. Russell kyerɛwee no apo ahorow ne nhoma atitiriw a wosua wɔ wɔn nhyiam horow ase. Saa bere no na wɔn mu bebree kura adwene a ɛkyerɛ sɛ 1925 ne afe a owusɔre no befi ase na wɔasan de Paradise aba asase so. Enti, na nnipa bebree resom a da bi a wɔahyɛ wɔ wɔn adwenem. Ebinom de ahomaso poe sɛ wɔbɛyɛ adwuma a ɛma wɔka asɛm kyerɛ ɔmanfo no. Na eyi nyɛ tebea a ɛhyɛ nkuran.

26. Bere a nnafua 1,335 rebɛn n’awiei no, ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no honhom fam tebea sakrae?

26 Nanso, bere a na nnafua 1,335 rebɛn n’awiei no, eyi nyinaa fii ase sakrae. Asɛnka bɛyɛɛ adwuma titiriw, bere a wɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma obiara anya asɛnka adwuma mu kyɛfa no. Wɔyɛɛ nhyiam a ɛbɛma wɔasua Ɔwɛn-Aban no dapɛn biara. Na March 1, 1925 de no kura asɛntitiriw “Ɔman no Awo,” na ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo tee nea esii wɔ 1914-19 bere no mu no ase koraa. Bere a 1925 twaam no, akronkronfo no ankɔ so ansom Onyankopɔn a bere pɔtee bi a ɛsɛ sɛ ɛba ntɛm wɔ wɔn adwenem. Mmom no, na Yehowa din a wɔbɛtew ho ne ade titiriw. Wosii nokware titiriw yi so dua sen bere biara a atwam wɔ January 1, 1926 Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu asɛm a ɛne “Hena na Ɔbɛhyɛ Yehowa Anuonyam?” no mu. Wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ May 1926 mu no mu no, woyii nhoma Deliverance no adi. (Hwɛ kratafa 302.) Na eyi yɛ nhoma ahorow a wɔyɛe sɛ wɔde besi Studies in the Scriptures ananmu no mu biako. Na akronkronfo no nhwɛ nea atwam bio. Na wɔde ahotoso rehwɛ daakye ne adwuma a ɛda wɔn anim no. Enti sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, nnafua 1,335 no baa awiei a akronkronfo no wɔ anigye.

27. Ɔkwan bɛn so na Daniel ti 12 a yɛbɔ no mua boa yɛn ma yehu Yehowa nkurɔfo a wɔasra wɔn no pefee?

27 Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na otumi faa basabasayɛ bere yi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nti na ɔbɔfo no sii so dua sɛ ɛho hia sɛ ‘wɔtwɛn.’ Wohyiraa wɔn a wotumi gyinaa mu twɛnee no pii. Daniel ti 12 a wɔbɔ no mua ma eyi da adi pefee. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, wɔmaa nkaefo no san yɛɛ den anaasɛ wonyanee wɔn wɔ honhom fam. Wɔma wɔtee Onyankopɔn Asɛm ase yiye, wɔma wotumi ‘tweetwee’ mu, na honhom kronkron no kyerɛɛ wɔn kwan ma wotumi tee ahintasɛm ahorow a adi mfe pii no ase. Yehowa tew wɔn ho ma wɔhyerɛn wɔ honhom fam sɛ nsoromma. Enti, wɔmaa nnipa pii nyaa gyinabea pa wɔ Yehowa Nyankopɔn anim.

28, 29. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ bere a “awiei bere” no rebɛn no?

28 Esiane sɛ yɛwɔ nkɔmhyɛ agyiraehyɛde ahorow yi nyinaa a ɛma yehu “ɔsorosoroni no akronkronfo” no nti, dɛn na yebetumi de ayi yɛn ho ano sɛ yɛanhu wɔn na ama yɛne wɔn abɔ? Nhyira ahorow a ɛyɛ nwonwa retwɛn nnipakuw kɛse a wɔabɛka kuw a wɔasra wɔn a na wɔn so rehuan no ho ma wɔsom Yehowa no. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa twɛn Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu. (Habakuk 2:3) Wɔ yɛn bere yi so no, Mikael, Ɔbapɔmma Kɛse, no asɔre agyina hɔ ama Onyankopɔn nkurɔfo mfe pii. Ɛrenkyɛ koraa obedi dwuma sɛ nea Onyankopɔn apaw no sɛ ɔnsɛe nneɛma nhyehyɛe yi. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛhe na yebegyina?

29 Saa asɛmmisa no mmuae gyina sɛ ebia yɛpaw sɛ yɛde nokwaredi bɛtra ase nnɛ no so. Nea ɛbɛyɛ na yɛahyɛ yɛn tirim a yɛabɔ sɛ yɛbɛyɛ saa bere a “awiei bere” no resa no, ma yensusuw Daniel nhoma no nkyekyem a etwa to no ho. Sɛ yesusuw ho wɔ ti a edi hɔ no mu a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea Daniel gyinaa ne Nyankopɔn no anim ne sɛnea obegyina N’anim daakye.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 21 Wɔkyerɛ ase tiawa sɛ “afɔrebɔ” wɔ Hela Septuagint no mu.

DƐN NA WUHUI?

Mikael ‘gyina hɔ’ bere bɛn, na ɔkwan bɛn so na ‘ɔbɛsɔre agyina hɔ,’ na ɔbɛyɛ saa bere bɛn?

Owusɔre bɛn na Daniel 12:2 ka ho asɛm no?

Bere bɛn na efi nea edidi so yi ase na bere bɛn na ɛde ba awiei

mmere abiɛsa ne fã a wɔka ho asɛm wɔ Daniel 12:7 no?

nnafua 1,290 a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Daniel 12:11 no?

nnafua 1,335 a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Daniel 12:12 no?

Ɔkwan bɛn so na Daniel ti 12 mu nsɛm a yetie no boa yɛn ma yehu Yehowa nokware asomfo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 298 adaka]

YI A WOYI DAA AFƆRE NO FI HƆ

Asɛm “daa afɔre” no pue mpɛn anum wɔ Daniel nhoma no mu. Ɛkyerɛ ayeyi afɔre—‘anofafa aba’—a Yehowa Nyankopɔn asomfo de ma no daa no. (Hebrifo 13:15) Wɔhyɛɛ yi a wobeyi no ho nkɔm wɔ Daniel 8:11, 11:31, ne 12:11.

Wɔ wiase nyinaa ko abien no mu no, wɔtaa Yehowa nkurɔfo denneennen wɔ ‘atifi fam hene’ ne ‘anafo fam hene’ no ahemman mu. (Daniel 11:14, 15) Woyii “daa afɔre” no wɔ ɛrekɔ Wiase Ko I awiei bere a ɛkame ayɛ sɛ wogyaee asɛnka adwuma no wɔ 1918 mfinimfini no. (Daniel 12:7) Wɔ Wiase Ko II mu no, Anglo-Amerika Wiase Tumi no ‘yii daa afɔre’ no saa ara nnafua 2,300. (Daniel 8:11-14; hwɛ nhoma yi Ti 10.) Nasi “dɔm” nso yi kosii bere bi a wɔankyerɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu.—Daniel 11:31; hwɛ nhoma yi Ti 15.

[Nsɛmm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 301]

DANIEL NHOMA NO MU NKƆMHYƐ MMERE

Mmere ason (mfe 2,520): October 607 A.Y.B. kosi

Daniel 4:16, 25 October 1914 Y.B.

(Wɔde Mesia Ahenni no sii hɔ.

Hwɛ nhoma yi Ti 6.)

Mmere abiɛsa ne fã December 1914 kosi June 1918

(Nnafua 1,260): (Wɔhaw Kristofo a wɔasra wɔn.

Daniel 7:25; 12:7 Hwɛ nhoma yi Ti 9.)

Anwummere June 1 anaa 15, 1938, kosi

ne anɔpa 2,300: October 8 anaa 22, 1944

Daniel 8:14 (“Nnipakuw kɛse” da wɔn ho adi,

wɔdɔɔso. Hwɛ nhoma yi Ti 10.)

Adapɛn 70 (mfe 490): 455 A.Y.B. kosi 36 Y.B.

Daniel 9:24-27 (Mesia no ba ne n’asase so

som adwuma. Hwɛ nhoma yi Ti 11.)

Nnafua 1,290: January 1919 kosi

Daniel 12:11 September 1922

(Kristofo a wɔasra wɔn nyan na

wonya honhom fam nkɔso.)

Nnafua 1,335: September 1922 kosi May 1926

Daniel 12:12 (Kristofo a wɔasra wɔn

nya anigye.)

[Kratafa 287 mfonini ahorow]

Wɔde Yehowa asomfo mpanyimfo koguu afiase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so wɔ Atlanta, Georgia, U.S.A. Efi benkum so kɔ nifa: (wɔn a wɔte hɔ no) A. H. Macmillan, J. F. Rutherford, W. E. Van Amburgh; (wɔn a wogyina hɔ) G. H. Fisher, R. J. Martin, G. DeCecca, F. H. Robison, ne C. J. Woodworth

[Kratafa 299 mfonini ahorow]

Wɔyɛɛ nhyiam atitiriw wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., wɔ 1919 (atifi) ne 1922 mu (ase hɔ)

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 302]