Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔsɔɔ Wɔn Hwɛe—Nanso Wodii Yehowa Nokware!

Wɔsɔɔ Wɔn Hwɛe—Nanso Wodii Yehowa Nokware!

Ti Abiɛsa

Wɔsɔɔ Wɔn Hwɛe—Nanso Wodii Yehowa Nokware!

1, 2. Nsɛntitiriw bɛn na esisii ansa na Daniel refi ne kyerɛwtohɔ no ase?

WOFII Daniel nkɔmhyɛ nhoma no kyerɛw ase wɔ bere a na nsakrae titiriw rekɔ so wɔ amanaman no mu. Ná Asiria hweree n’ahenkurow Niniwe nkyɛe koraa. Na wɔama Misraim adan ɔman a ɛho nhia ahe biara wɔ Yuda man no kesee fam. Na Babilon redan tumi titiriw ntɛmntɛm wɔ wiase tumidi ho apereperedi no mu.

2 Wɔ 625 A.Y.B. mu no, Misrini Farao Neko bɔɔ mmɔden a etwa to sɛ obesiw trɛw a na Babilon retrɛw akɔ kesee fam no ano. Ne saa nti, odii n’asraafo anim kɔɔ Karkemis a na ɛda Eufrate Asubɔnten atifi fam ano no. Ná Karkemis ko no, sɛnea wɔbɛfrɛɛ no no yɛ abakɔsɛm mu ade titiriw a ɛkyerɛɛ nea ɔwɔ tumi pefee. Babilon asraafo a Ɔheneba Nebukadnesar tua wɔn ano no kunkum Farao Neko asraafo dɔm no pasaa. (Yeremia 46:2) Esiane sɛ Nebukadnesar nkonimdi no hyɛɛ no mpamden nti, ɔko faa Siria ne Palestina, na ɔmaa tumi biara a na Misraim di wɔ beae yi baa awiei. Ne papa Nabopolassar wu nkutoo na ɛma ogyaee n’akodi no bere tiaa bi.

3. Dɛn na efii ɔko a edi kan a Nebukadnesar ne Yerusalem koe no mu bae?

3 Afe a edi hɔ no, Nebukadnesar—a afei de wɔasi no Babilon hene no—san fii n’akodi no ase wɔ Siria ne Palestina. Ɛyɛ bere yi mu na ɔkɔɔ Yerusalem nea edi kan. Bible no bɔ amanneɛ sɛ: “Ne bere so na Babel hene Nebukadnesar tu bae, na Yehoiakim yɛɛ no akoa mfe abiɛsa; na ɔdanee tew no so atũa.”—2 Ahene 24:1.

NEBUKADNESAR WƆ YERUSALEM

4. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛte asɛm “Yehoiakim afe a ɛto so abiɛsa” a ɛwɔ Daniel 1:1 no ase?

4 Asɛm “mfe abiɛsa” no kyerɛ biribi titiriw ma yɛn, efisɛ nsɛm a efi Daniel nhoma no ase kenkan sɛ: “Yuda hene Yehoiakim afe a ɛto so abiɛsa mu no, Babel hene Nebukadnesar baa Yerusalem, na ɔbɛka hiaa mu.” (Daniel 1:1) Wɔ Yehoiakim a odii hene fi 628 besi 618 A.Y.B. ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu no, na Nebukadnesar nnya mmɛyɛɛ “Babilon hene,” nanso na ɔno na obedi ade. Wɔ 620 A.Y.B. mu no, Nebukadnesar hyɛɛ Yehoiakim sɛ ontua tow. Nanso bɛyɛ mfe abiɛsa akyi no, Yehoiakim tew atua. Enti, ɛyɛ afe 618 A.Y.B. anaa Yehoiakim a na ɔyɛ Babilon akoa no ahenni afe a ɛto so abiɛsa mu na Ɔhene Nebukadnesar kɔɔ Yerusalem ne mprenu so kɔtwee otuatewfo Yehoiakim aso.

5. Dɛn na efii ɔko a ɛto so abien a Nebukadnesar ne Yerusalem koe no mu bae?

5 Nea efii ntua yi mu bae ne sɛ “[Yehowa, NW] de Yuda hene Yehoiakim ne Onyankopɔn fi nneɛma no bi hyɛɛ ne nsa.” (Daniel 1:2) Ɛbɛyɛ sɛ obi hyɛɛ da kum Yehoiakim anaasɛ owui wɔ atuatew mu, wɔ ntua no mfiase pɛɛ. (Yeremia 22:18, 19) Wɔ 618 A.Y.B. mu no, ne babarima Yehoiakin a na wadi mfe 18 no bedii n’ade. Nanso Yehoiakin ahenni dii asram abiɛsa ne dadu pɛ, na ɔde ne ho mae wɔ 617 A.Y.B. mu.—Fa toto 2 Ahene 24:10-15 ho.

6. Dɛn na Nebukadnesar de Yerusalem asɔrefie no mu nnwinne kronkron no yɛe?

6 Nebukadnesar faa Yerusalem asɔrefie hɔ nnwinne kronkron no sɛ asade “na ɔsoa de kɔɔ Sinar asase so de kɔɔ ne nyame fi, na ɔde nnwinne no kɔɔ ne nyame” Marduk, anaa Merodak wɔ Hebri mu “adekoradan mu.” (Daniel 1:2; Yeremia 50:2) Wohuu Babilonfo nkyerɛwee bi a wɔkyerɛ sɛ Nebukadnesar ka Marduk asɔrefie ho asɛm wom sɛ: “Mede dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne aboɔden abo siee mu . . . na mede m’ahenni ademude adekoradan sii hɔ.” Yɛbɛsan akenkan nnwinne kronkron yi ho asɛm wɔ Ɔhene Belsasar nna no mu.—Daniel 5:1-4.

YERUSALEM MMERANTEWAA MU ANIMDEFO

7, 8. Dɛn na yebetumi ahu wɔ Daniel 1:3, 4, ne 6 mu afa nnipa ko a Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no yɛ ho?

7 Ɛnyɛ Yehowa asɔrefie ademude nkutoo na wɔde kɔɔ Babilon. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na ɔhene ka kyerɛɛ n’apiafohene Aspenas, sɛ ɔmfa Israelfo mu, ahene asefo ne mmapɔmma no mu mmerantewa a wɔn ho nni dɛm na wɔn ho yɛ fɛ, na wɔn ani atew, nyansa nyinaa mu, na wonim de na wɔwɔ nhumu, na wobetumi agyina ɔhene aban mu.”—Daniel 1:3, 4.

8 Henanom na wɔpaw wɔn? Wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Na wɔn mu bi a wofi Yudafo mu ne Daniel, Hanania, Misael ne Asaria.” (Daniel 1:6) Eyi ma yehu Daniel ne n’ayɔnkofo a anka yennim wɔn ho nsɛm no ho biribi. Sɛ nhwɛso no, yehu sɛ na wɔyɛ ahene abusua a ɛne ‘Yuda no mufo.’ Sɛ na wɔyɛ adehye anaa wɔnyɛ no, ntease wom sɛ yebenya adwene sɛ anyɛ yiye koraa no na wofi mmusua a ɛwɔ din ne tumi bi mu. Adwene ne nipadua mu ahoɔden a na wɔwɔ akyi no, na wɔwɔ ntease, nyansa, nimdeɛ ne nhumu—na wɔwɔ saa su yi nyinaa bere a na wosusua ma wotumi frɛ wɔn “mmerantewa,” a ebia na wɔyɛ mmarimaa. Ɛbɛyɛ sɛ na Daniel ne n’ayɔnkofo no da nsow—Yerusalem mmerantewa mu animdefo.

9. Dɛn nti na ɛda adi sɛ na Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no wɔ awofo a wosuro Onyankopɔn?

9 Kyerɛwtohɔ no nka nnipa ko a na wɔyɛ mmerantewa yi awofo nkyerɛ yɛn. Nanso, ɛda adi sɛ na wɔyɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn a wɔantoto wɔn asɛyɛde ahorow a na wɔwɔ sɛ awofo no ase. Sɛ wohwɛ abrabɔ ne honhom fam porɔwee a na abu so wɔ Yerusalem saa bere no, titiriw wɔ “ahene asefo ne mmapɔmma” mu no a, ɛda adi sɛ Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no annya su pa ahorow a wohui wɔ wɔn ho no kwa. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn awofo werɛ howee bere a wohui sɛ wɔafa wɔn mmabarima no de wɔn kɔ akyirikyiri asase bi so no. Sɛ na wobetumi ahu nea ebefi mu aba a, anka hwɛ sɛnea wɔn ani begye afa! Hwɛ hia a ɛho hia sɛ awofo tete wɔn mma wɔ “[Yehowa, NW] kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.”—Efesofo 6:4.

WƆPƐE SƐ WONYA WƆN ADWENE SO TUMI

10. Dɛn na wɔkyerɛkyerɛɛ Hebrifo mmerantewa no, na na eyi atirimpɔw ne dɛn?

10 Apereperedi a ɛbɛma wɔanya mmerantewa nnommum yi adwene so tumi fii ase ntɛm ara. Nea ɛbɛyɛ na Nebukadnesar ama Hebrifo mmerantewa no ayɛ wɔn ade sɛ Babilonfo no, ɔhyɛɛ mmara sɛ ne mmapɔmma ‘nkyerɛ wɔn Kaldeafo nhoma ne kasa.’ (Daniel 1:4) Na ɛnyɛ nhomasua bi kɛkɛ. The International Standard Bible Encyclopedia kyerɛkyerɛ mu sɛ “na eyi hwehwɛ sɛ wosua Sumeria, Akadia, ne Aram . . . , ne kasa afoforo, ne nhoma pii a wɔde kasa ahorow yi akyerɛw no.” “Na nhoma pii” no bi yɛ abakɔsɛm, akontaabu, nsoromma ho nimdeɛ, ne nea ɛkeka ho. Nanso, na “nyamesom ho kyerɛw nsɛm, omina [abosonkɔm] ne nsoromma mu hwɛ . . . yɛ emu fã kɛse.”

11. Dɛn na wɔyɛe na ama Hebrifo mmerantewa no agye Babilon ahemfie asetra atom?

11 Nea ɛbɛyɛ na Hebrifo mmerantewa yi agye Babilon ahemfie amammerɛ ahorow atom koraa no, “ɔhene yii wɔn ahennuan no bi, da biara ne ne de, ne nsã a ɔnom no bi, sɛ wɔnyɛn wɔn mfe abiɛsa; na ɛno akyi wommegyina ɔhene anim.” (Daniel 1:5) Afei nso, “apiafohene no totoo wɔn din: ɔtoo Daniel Beltesasar, na ɔtoo Hanania Sadrak, na ɔtoo Misael Mesak, na ɔtoo Asaria Abed-Nego.” (Daniel 1:7) Bible mmere mu no, na wɔtaa ma obi din foforo de kae asɛntitiriw bi a esii wɔ n’asetra mu. Sɛ nhwɛso no, Yehowa sesaa Abram ne Sarai din yɛɛ no Abraham ne Sara. (Genesis 17:5, 15,16) Sɛ onipa bi tumi sesa obi foforo din a, na edi adanse pefee sɛ ɔwɔ no so tumi. Bere a Yosef bɛyɛɛ aduan sohwɛfo wɔ Misraim no, Farao too ne din sɛ Safnat-Panea.—Genesis 41:44, 45; fa toto 2 Ahene 23:34; 24:17 ho.

12, 13. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Hebrifo mmerantewa no din a wɔsesae no yɛ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe wɔn gyidi?

12 Wɔ Daniel ne ne Hebrifo nnamfo baasa no fam no, na sesa a wɔsesaa wɔn din no kyerɛ biribi titiriw. Na din a wɔn awofo de ama wɔn no ne Yehowa som hyia. Daniel kyerɛ “Onyankopɔn Ne Me Temmufo.” “Hanania” kyerɛ “Yehowa Ayi Ɔdom Adi Akyerɛ.” “Misael” betumi akyerɛ “Hena na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?” “Asaria” kyerɛ sɛ “Yehowa Aboa.” Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn awofo hwɛ kwan denneennen sɛ wɔn mmabarima no benyin wɔ Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ ase abɛyɛ n’asomfo anokwafo.

13 Nanso, din foforo a wɔde maa Hebrifo baanan no nyinaa fa atoro anyame ho, na ɛbɛyɛɛ sɛnea saa anyame no abrɛ nokware Nyankopɔn no ase. Hwɛ mmɔden kɛse a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe saa mmerantewa yi gyidi!

14. Dɛn na din foforo a wɔde maa Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no kyerɛ?

14 Wɔsesaa Daniel din yɛɛ no Beltesasar, a na ɛkyerɛ sɛ “Bɔ Ɔhene Nkwa Ho Ban.” Ɛda adi sɛ na eyi yɛ mpae tiawa a wɔbɔ Bel anaa Marduk, Babilon onyame titiriw no. Sɛ Nebukadnesar ka ho na wɔpaw din yi maa Daniel anaa ɔnka ho no, ɛyɛɛ no dɛ sɛ ohui sɛ ɛte sɛ nea “[ne] nyame no din te.” (Daniel 4:8) Wɔtoo Hanania din sɛ Sadrak, na animdefo bi gye di sɛ ɛyɛ din abien a ɛbom biako a ɛkyerɛ “Aku Ahyɛde.” Anwonwasɛm ne sɛ na Aku yɛ Sumeriafo nyame bi din. Wɔfrɛɛ Misael sɛ Mesak (ebetumi ayɛ Mi·sha·aku), a ɛne “Hena na Ɔte Sɛ Onyankopɔn?” a wɔde anitew adan no “Hena na Ɔte Sɛ Aku?” Babilonfo din a wɔde maa Asaria ne Abed-Nego a ɛbɛyɛ sɛ ɛkyerɛ sɛ “Nego Akoa.” Na “Nego” yɛ ɔkwan foforo a wɔfa so kyerɛw “Nebo,” onyame bi a wɔde Babilonfo sodifo dodow bi too no no din.

WOSII WƆN BO SƐ WƆBƐKƆ SO ADI YEHOWA NOKWARE

15, 16. Asiane ahorow bɛn na Daniel ne n’ayɔnkofo no hyiae afei, na dɛn na wɔyɛe?

15 Na Babilonfo din, ntetee foforo ho nhyehyɛe, ne aduan soronko no—nyinaa nyɛ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛma Daniel ne Hebrifo mmerantewa baasa no abɔ wɔn bra sɛ Babilonfo nko, na mmom sɛ wɔde bɛtwe wɔn afi wɔn ankasa Nyankopɔn, Yehowa, no ne wɔn som ntetee ho. Na dɛn na mmerantewa yi bɛyɛ bere a na wohyia nhyɛso ne sɔhwɛ yi nyinaa no?

16 Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ: “Daniel bɔɔ ne tirim [sii nketekrakye wɔ ne komam, NW] sɛ ɔremfa ɔhene nnuan ne nsa a ɔnom no ngu ne ho fĩ.” (Daniel 1:8a) Ɛwom sɛ Daniel nkutoo din na wɔbɔe de, nanso nea esii wɔ ɛno akyi no kyerɛ sɛ n’ayɔnkofo no penee ne gyinaesi no so. Asɛm “sii nketekrakye wɔ ne komam” no kyerɛ sɛ nea Daniel awofo ne afoforo de kyerɛkyerɛɛ no wɔ fie no duu ne komam. Akyinnye biara nni ho sɛ ntetee a ɛte saa ara kyerɛɛ Hebrifo afoforo baasa no kwan wɔ wɔn gyinaesi mu. Eyi kyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn mma, bere a ɛte sɛ nea wosua dodo sɛ wɔbɛte ase mpo no.—Mmebusɛm 22:6; 2 Timoteo 3:14, 15.

17. Dɛn nti na Daniel ne n’ayɔnkofo no poo ɔhene aduan a na wɔde ma wɔn da biara no nkutoo na wɔampo nhyehyɛe afoforo no?

17 Dɛn nti na Hebrifo mmerantewa no poo nnuan ne nsa no nkutoo na wɔampo nhyehyɛe afoforo no? Adwene a na Daniel kura no kyerɛ nea enti a wɔyɛɛ saa: ‘Ɔrengu ne ho fĩ.’ Na ‘Kaldeafo nhoma ne kasa a obi besua’ ne Babilonfo din a wɔde bɛma no remma ne ho ngu fĩ, ɛwom sɛ n’ani rennye ho de. Susuw Mose nhwɛso a na adi bɛyɛ mfe 1,000 saa bere no ho. Ɛwom sɛ “wɔkyerɛɛ Mose Misrifo nyansa nyinaa” de, nanso ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware. Ntetee a n’ankasa awofo de maa no no ma onyaa nnyinaso a ɛyɛ den. Enti, “gyidi nti na Mose nyinii no, wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba, na ɔpawee sɛ ɔne Nyankopɔn man behu amane mmom kyɛn sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛw nna tiaa bi.”—Asomafo no Nnwuma 7:22; Hebrifo 11:24, 25.

18. Akwan bɛn so na na ɔhene no aduan no begu Hebrifo no ho fĩ?

18 Ɔkwan bɛn so na na Babilon hene nnuan no begu mmerantewa no ho fĩ? Nea edi kan no, ɛbɛyɛ sɛ na nnuan bi a Mose Mmara no abara ka ho. Sɛ nhwɛso no, na Babilonfo we mmoa a wɔn ho ntew a na wɔabara Israelfo sɛ ɛnsɛ sɛ wodi wɔ Mmara no ase no. (Leviticus 11:1-31; 20:24-26; Deuteronomium 14:3-20) Nea ɛto so abien no, na ɛnyɛ Babilonfo su sɛ wobehwie mmoa mogya agu ansa na wɔawe wɔn nam. Na mmoa a wɔanhwie wɔn mogya angu a wɔbɛwe no bɛma wɔabu Yehowa mmara a ɛfa mogya ho no so. (Genesis 9:1, 3, 4; Leviticus 17:10-12; Deuteronomium 12:23-25) Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ na atoro anyame asomfo taa de wɔn aduan ma abosom ansa na wɔabom adi. Na Yehowa nkoa renyɛ saa ade no bi da! (Fa toto 1 Korintofo 10:20-22 ho.) Awiei koraa no, ɛmfa ho mfe a obi adi no, sradeduan a ɛyɛ dɛ pii a odi ne mmosa pii a ɔnom da biara no remma no ahoɔden, na menne sɛ mmerantewa.

19. Adwene bɛn na na Hebrifo mmerantewa no betumi anya, nanso dɛn na ɛboaa wɔn ma wosii gyinae a ɛteɛ no?

19 Ɛsono sɛ wunim nea wobɛyɛ, na ɛsono sɛ wubenya akokoduru de ayɛ dekode no bere a wuhyia nhyɛso anaa sɔhwɛ no. Anka Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no betumi anya adwene sɛ wɔne wɔn awofo ne wɔn nnamfo ntam kwan ware yiye, ma enti saafo no renhu nea wɔbɛyɛ. Anka wobetumi anya adwene nso sɛ ɛyɛ ɔhene ahyɛde ma enti hwee nni hɔ a wobetumi ayɛ. Ɛno akyi no, mmerantewa foforo penee wɔn nhyehyɛe no so ntɛm ara na wobuu no sɛ ɛyɛ hokwan a ɛbɛma wɔde wɔn ho ahyɛ mu na ɛnyɛ ahokyere. Nanso na saa nsusuwii a ɛnteɛ no betumi ama wɔayɛ kokoam bɔne a ɛyɛ afiri ma mmerante ne mmabaa pii no. Na Hebrifo mmerantewa no nim sɛ “[Yehowa, NW] aniwa wɔ mmaa nyinaa,” na “nneyɛe nyinaa na Onyankopɔn de bɛba atemmu mu, na nea ahintaw nyinaa nso, papa oo, bɔne oo, wabu so atɛn.” (Mmebusɛm 15:3; Ɔsɛnkafo 12:14) Momma yɛn nyinaa nsua biribi mfi mmerantewa yi adeyɛ no mu.

WONYAA AKOKODURU NE ANIMIA SO AKATUA

20, 21. Dɛn na Daniel yɛe, na dɛn na efii mu bae?

20 Esiane sɛ na Daniel asi gyinae wɔ ne koma mu sɛ ɔbɛko atia nkɛntɛnso bɔne nti, ofii ase yɛɛ ade ma ɛne ne gyinaesi no hyiae. “Ɔsrɛɛ apiafohene no, na wangu ne ho fĩ.” (Daniel 1:8b) ‘Ɔsrɛe’—ɛyɛ asɛmfua a ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow. Mpɛn pii no, sɛ yebetumi ako atia sɔhwɛ anaa yɛadi mmerɛwyɛ ahorow bi so a, ɛnsɛ sɛ yegow yɛn ho koraa.—Galatifo 6:9.

21 Wɔ Daniel fam no, onyaa animia so akatua. “Na Onyankopɔn maa Daniel nyaa apiafohene no anim adɔe ne mmɔborohunu.” (Daniel 1:9) Na ɛnyɛ Daniel ne n’ayɔnkofo no ahoɔfɛ ne wɔn nyansa nti na awiei koraa no ewiee wɔn yiye no. Mmom no, na ɛyɛ Yehowa nhyira. Akyinnye biara nni ho sɛ Daniel kaee Hebri bɛ yi: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Wonyaa saa afotu a wodii so no so akatua ankasa.

22. Anoyi a ntease wom bɛn na ahemfie dwumayɛni no de mae?

22 Mfiase no ahemfie panyin no ampene so: “Misuro, efisɛ anyɛ a, me wura ɔhene a wayi mo aduan ne mo anonne no behu mo anim sɛ ɛyɛ mmɔbɔmmɔbɔ sen mo tipɛnfo mmerantewa no de, na moama me ti atõ, ɔhene anim.” (Daniel 1:10) Ntease wom sɛ ɔpopoo ne nti na osuroe. Na Ɔhene Nebukadnesar nyɛ obi a wɔyɛ no so asoɔden, na ɔpanyin no hui sɛ sɛ obu ɔhene no ahyɛde horow so a, ne “ti” bɛto. Na dɛn na Daniel bɛyɛ?

23. Ɔkwan bɛn so na Daniel daa nhumu ne nyansa adi wɔ nea ɔyɛe no mu?

23 Ɛha na ɔde nhumu ne nyansa dii dwuma. Ebia aberantewa Daniel kaee bɛ yi: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” (Mmebusɛm 15:1) Sɛ anka Daniel bɛka katee sɛ wɔnyɛ n’abisade no na ahyɛ afoforo abufuw ma wɔakum no no, ɔmaa asɛm no soo hɔ ara. Bere a ɛsɛ mu no, ɔkɔɔ ne “hwɛfo” a ebia na ɔwɔ ɔpɛ kɛse sɛ ɔbɛma nneɛma ho kwan kakra no nkyɛn efisɛ na onyi n’ano nkyerɛ ɔhene no tẽẽ.—Daniel 1:11, NW.

WƆKA SƐ WƆNSƆ WƆN NHWƐ DADU

24. Sɔhwɛ bɛn na Daniel kae sɛ wɔnyɛ?

24 Daniel de sɔhwɛ bi too ne hwɛfo no anim sɛ: “Sɔ wo nkoa hwɛ dadu ɛ, na wɔmma yɛn afumduan nni ne nsu nnom, na wode w’ani ahwɛ yɛn ne mmerantewa a wodi ahennuan no anim, na sɛnea wubehu no wo ne wo nkoa adi.”—Daniel 1:12, 13.

25. Na “afumduan” a wɔde maa Daniel ne ne nnamfo baasa no betumi akyerɛ dɛn?

25 Sɛ wodi ‘nhabannuan nom nsu’ dadu,—a, so wɔbɛyɛ ‘mmɔbɔmmɔbɔ’ bere a wɔde wɔn toto afoforo ho no? Nea Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “afumduan” kyerɛ titiriw ne “aba.” Bible nkyerɛase ahorow bi kyerɛ ase sɛ “asɛ.” Nhomanimfo bi te nka sɛ nsɛm a ɛka ho no nkyerɛ sɛ ɛyɛ asɛ nkutoo. Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Nea na Daniel ne n’ayɔnkofo no rebisa no yɛ nhabannuan a na ɔman no mu nnipa dodow no ara di na ɛnyɛ ahemfie sradeduan a mogyanam wom no.” Enti, na nhabannuan no betumi ayɛ asɛ, ɛfɛre, gyeene, ne paanoo a wɔde awi ahorow ato. Akyinnye biara nni ho sɛ obiara nni hɔ a obebu eyi sɛ aduan a ɛbɛma ɔkɔm ade obi. Ɛda adi sɛ ɔhwɛfo no tee ase. “Ɛnna ɔpenee nea wɔkae no, na ɔsɔɔ wɔn hwɛe dadu.” (Daniel 1:14) Dɛn na efii mu bae?

26. Dɛn na efii dadu sɔhwɛ no mu bae, na dɛn nti na ɛbaa saa?

26 “Na dadu no wiee odu no, wohuu wɔn anim sɛ ɛyɛ fɛ na wɔn honam aba wɔn ho sen mmerantewa a wodi ahennuan no nyinaa.” (Daniel 1:15) Ɛnsɛ sɛ yebu eyi sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ aduan a nnam nka ho ye sen sradeduan a mogyanam wom. Dadu nyɛ bere a ɛware a aduan bi bɛma obi anya honam nanso ɛnyɛ tiaa dodo mma Yehowa sɛ ɔde bɛma n’atirimpɔw abam. N’asɛm ka sɛ: “[Yehowa, NW] nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.” (Mmebusɛm 10:22) Hebrifo mmerantewa baanan no nyaa gyidi ne ahotoso wɔ Yehowa mu, na wannyaw wɔn. Mfehaha pii akyi no, Yesu Kristo traa ase nna 40 a wannidi. Wɔ eyi mu no, ɔkaa asɛm a ɛwɔ Deuteronomium 8:3 no, faako a yɛkenkan sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa, NW] anom so na onipa nam tra ase.” Daniel ne ne nnamfo no suahu no yɛ eyi ho nhwɛso titiriw.

NHUMU NE NYANSA A WƆDE SI NNUAN NE NSA ANANMU

27, 28. Akwan bɛn so na aduan a Daniel ne ne nnamfo baasa no dii no siesiee wɔn maa nneɛma akɛse a na ɛda wɔn anim no?

27 Na dadu no yɛ sɔhwɛ kɛkɛ, nanso nea efii mu bae no ma wohuu nokwasɛm no pefee. “Ɛnna opiani no yii wɔn aduan pa ne nsa a wɔbɛnom no, na ɔmaa wɔn afumduan.” (Daniel 1:16) Ɛnyɛ den sɛ yebehu adwene a mmerantewa a wɔaka a na wɔretete wɔn no benya wɔ Daniel ne n’ayɔnkofo no ho. Ɛte sɛ nea ahennuan a wɔpoe dii afumduan da biara no yɛ agyimisɛm paa ma wɔn. Nanso na Hebrifo mmerantewa no rebehyia sɔhwɛ akɛse, na na ɛbɛhwehwɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ sɛnea wobetumi. Nea ɛsen ne nyinaa no, na gyidi ne ahotoso a wobenya wɔ Yehowa mu no na ɛbɛma wɔadi nkonim wɔ wɔn gyidi ho sɔhwɛ no mu.—Fa toto Yosua 1:7 ho.

28 Yebetumi ahu adanse a na ɛkyerɛ sɛ na Yehowa ka mmerantewa yi ho wɔ nea wɔka toaa so no mu: “Na mmerantewa baanan yi, Onyankopɔn maa wɔn nhoma ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne anitew, na Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.” (Daniel 1:17) Nea ɛbɛyɛ na wɔadi bere a emu yɛ den a na ɛreba no ho dwuma no, na wohia nea ɛsen honam fam ahoɔden ne akwahosan pa. “Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban, na ayi wo afi bɔne kwan mu.” (Mmebusɛm 2:10-12) Eyi pɛpɛɛpɛ na Yehowa maa mmerantewa anokwafo baanan no nyae de siesiee wɔn maa nea na ɛda wɔn anim no.

29. Dɛn nti na na Daniel tumi te ‘anisoadehu ne adae nyinaa ase’?

29 Wɔka sɛ Daniel “nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu nhumu.” Eyi nkyerɛ sɛ ɔbɛyɛɛ osumanni. Anigyesɛm ne sɛ ɛwom sɛ na wobu Daniel sɛ Hebrifo adiyifo akɛse no mu biako de, nanso wɔamfa honhom anka no da ma wanka nsɛm te sɛ “sɛ [Yehowa, NW] se ni” anaa “sɛ asafo [Yehowa, NW] se ni.” (Yesaia 28:16; Yeremia 6:9) Nanso, Onyankopɔn honhom kronkron akwankyerɛ nkutoo so na Daniel nam tumi tee anisoadehu ne adae a ɛdaa Yehowa atirimpɔw adi ase kyerɛɛ ase.

AWIEI KORAA NO, WƆYƐ WƆN SƆHWƐ A ƐYƐ DEN NO

30, 31. Ɔkwan bɛn so na ɔkwan a Daniel ne n’ayɔnkofo no faa so no ho baa wɔn mfaso?

30 Mfe abiɛsa ntetee foforo ne ɔyɛn no baa awiei. Nea edii hɔ bae ne sɔhwɛ a emu yɛ den no—ɔhene no ankasa bebisabisaa wɔn nsɛm. “Na bere a ɔhene kae sɛ wɔmfa wɔn mmra no dui no, apiafohene no de wɔn baa Nebukadnesar anim.” (Daniel 1:18) Na bere adu sɛ mmerantewa baanan no bu akontaa kyerɛ. So Yehowa mmara a wodii so no ho bɛba wɔn mfaso asen sɛ anka wɔbɛfa Babilon akwan so?

31 “Na ɔhene ne wɔn kasae, na wɔanhu wɔn nyinaa mu nea ɔte sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria; na wobegyinaa ɔhene anim.” (Daniel 1:19) Hwɛ sɛnea nea wɔyɛe wɔ mfe abiɛsa a na atwam mu no buu wɔn bem koraa! Na ɛnyɛ agyimisɛm sɛ wodii aduan a wɔn gyidi ne wɔn ahonim kyerɛɛ wɔn sɛ wonni no. Esiane nokware a Daniel ne ne nnamfo no dii wɔ biribi a ɛte sɛ nea ɛyɛ ketewaa mu nti, wɔmaa wɔn nneɛma akɛse. Na hokwan a ɛne sɛ ‘wobegyina ɔhene no anim’ yɛ ade a mmerantewa a na wɔretete wɔn no nyinaa hwehwɛ. Sɛ Hebrifo mmerantewa baanan no nkutoo na wɔpaw wɔn anaa afoforo ka wɔn ho no, Bible no nka. Sɛnea ɛte biara no, wɔn nokwaredi no ma wonyaa “akatua pii” ankasa.—Dwom 19:11.

32. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria nyaa hokwan a na ɛkyɛn wɔ a na wɔwɔ ahemfie hɔ no?

32 Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina.” (Mmebusɛm 22:29) Enti Nebukadnesar paw Daniel, Hanania, Misael, ne Asaria sɛ wommegyina ɔhene anim, kyerɛ sɛ, wɔmmɛka ahemfie baguafo no ho. Eyi nyinaa mu no, yebetumi ahu sɛ Yehowa dii nneɛma ho dwuma na ama wɔafa mmerantewa yi—titiriw Daniel—so ada Onyankopɔn atirimpɔw afã atitiriw bi adi. Ɛwom sɛ na ɛyɛ nidi sɛ wɔbɛpaw obi sɛ Nebukadnesar ahemfie baguani de, nanso na ɛyɛ nidi kɛse sɛ Amansan Hene, Yehowa, no de no bedi dwuma wɔ anwonwakwan a ɛte saa so.

33, 34. (a) Dɛn nti na ɔhene no ani gyee Hebrifo mmerantewa no ho? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Hebrifo baanan no suahu no mu?

33 Ankyɛ na Nebukadnesar hui sɛ nyansa ne nhumu a Yehowa de ama Hebrifo mmerantewa baanan no sen nea n’ahemfie afotufo ne anyansafo nyinaa wɔ no. “Na nyansa ne nhumu asɛm biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohuu wɔn sɛ wɔkyɛn akurukyerɛwfo ne pɛadeahufo a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu nyinaa mpɛn du.” (Daniel 1:20) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛba saa? “Akurukyerɛwfo” ne “pɛadeahufo” no de wɔn ho too Babilon wiase nneɛma ne gyidihunu ho adesua so, bere a Daniel ne ne nnamfo no de wɔn ho too nyansa a efi soro no so. Na obiara ne wɔn nsɛ—akansi ho nhia!

34 Efi saa bere no de besi nnɛ no nsakrae mmae ahe biara. Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu, bere a na Helafo nyansapɛ ne Romafo mmara agye din no, wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Na wi yi ase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: Ɔkyere anyansafo wɔn anifere mu. Na bio: [Yehowa, NW] nim anyansafo nsusuwii sɛ ɛyɛ hunu. Enti obiara nnhoahoa ne ho nnipa fam.” (1 Korintofo 3:19-21) Ɛnnɛ, ehia sɛ yekura nea Yehowa akyerɛ yɛn no mu pintinn na wiase no afɛfɛde amma yɛanhinhim ntɛm ara.—1 Yohane 2:15-17.

WODII NOKWARE KODUU AWIEI

35. Wɔma yehu Daniel ayɔnkofo baasa no ho nsɛm kosi he?

35 Wɔaka Hanania, Misael, ne Asaria gyidi a emu yɛ den no ho asɛm pefee wɔ Daniel ti 3 wɔ Nebukadnesar sika honi a ɔde sii Dura asasetaw so ne ogya a ɛrefram fononoo ho sɔhwɛ no mu. Ɛda adi pefee sɛ Hebrifo a na wosuro Onyankopɔn yi dii Yehowa nokware koduu wɔn wu mu. Yenim eyi efisɛ akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ho asɛm na na ɔsomafo Paulo reka bere a ɔkyerɛw “wɔn a na wɔnam gyidi so . . . dum ogya tumi” ho asɛm no. (Hebrifo 11:33, 34) Wɔyɛ nhwɛso soronko ma Yehowa nkoa, mpanyin ne mmofra nyinaa.

36. Adwuma titiriw bɛn na Daniel yɛe?

36 Daniel de, nkyekyem a etwa to wɔ ti 1 ka sɛ: “Na Daniel traa hɔ koduu ɔhene Kores afe a edi kan so.” Abakɔsɛm kyerɛ sɛ Kores ko faa Babilon anadwo biako pɛ, wɔ 539 A.Y.B. mu. Ɛda adi sɛ Daniel din ne ne gyinabea nti, ɔkɔɔ so somee wɔ Kores ahemfie. Nokwarem no, Daniel 10:1 ka kyerɛ yɛn sɛ “Persia hene Kores afe a ɛto so abiɛsa mu no,” Yehowa yii asɛm titiriw bi adi kyerɛɛ Daniel. Sɛ na ɔyɛ aberantewa wɔ bere a wɔde no kɔɔ Babilon wɔ 617 A.Y.B. no mu a, ɛnde na wadi bɛyɛ mfe 100 bere a onyaa saa anisoadehu a etwa to no. Bere tenten a ɔde som Yehowa nokwaredi mu a na nhyira wom bɛn ara ni!

37. Dɛn na yebetumi asua afi Daniel ti 1 a yɛasusuw ho no mu?

37 Ɛnyɛ mmerantewa anokwafo baanan a wotumi gyinaa wɔn gyidi ho sɔhwɛ ano ho asɛm nkutoo na Daniel nhoma no ti a edi kan ka. Ɛkyerɛ yɛn sɛnea Yehowa betumi de obiara a ɔpɛ adi dwuma ma n’atirimpɔw abam. Kyerɛwtohɔ no da no adi sɛ sɛ Yehowa ma kwan a, nea ebetumi ayɛ te sɛ amanehunu no betumi adi atirimpɔw pa ho dwuma. Na ɛka kyerɛ yɛn sɛ nokware a obi di wɔ nneɛma nketenkete mu no ma onya akatua kɛse.

DƐN NA WUHUI?

Dɛn na yebetumi aka afa nnipa ko a Daniel ne ne nnamfo mmerantewa baasa no yɛ no ho?

Ɔkwan bɛn so na wɔsɔɔ ntetee pa a Hebrifo mmerantewa no nyae no hwɛe wɔ Babilon?

Ɔkwan bɛn so na Yehowa tuaa Hebrifo baanan no ka wɔ wɔn akokoduru adeyɛ no ho?

Dɛn na Yehowa nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi Daniel ne n’ayɔnkofo baasa no hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 30]