Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkwan Bɛn So Na Yehowa Kyerɛ N’ahyehyɛde no Kwan?

Ɔkwan Bɛn So Na Yehowa Kyerɛ N’ahyehyɛde no Kwan?

Ti 15

Ɔkwan Bɛn So Na Yehowa Kyerɛ N’ahyehyɛde no Kwan?

1. Yehowa ahyehyɛde no ho asɛm bɛn na Bible no da no adi, na dɛn nti na ɛho hia yɛn?

YEHOWA nam Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no so ma yehu ne soro ahyehyɛde a ɛyɛ nwonwa no ho biribi kakra. (Yesaia 6:2, 3; Hesekiel 1:1, 4-28; Daniel 7:9, 10, 13, 14) Ɛwom sɛ yentumi nhu honhom abɔde de, nanso ɔma yehu akwan horow a abɔfo kronkron no dwumadi nam so ka nokware asomfo a wɔwɔ asase so no. (Genesis 28:12, 13; 2 Ahene 6:15-17; Dwom 34:7; Mateo 13:41, 42; 25:31, 32) Bible no ka Yehowa ahyehyɛde no fã a aniwa hu nso ho asɛm na ɛboa yɛn ma yɛte sɛnea ɔkyerɛ no kwan no ase. Sɛ yɛwɔ saa nneɛma yi mu honhom mu ntease ampa a, ɛnde eyi bɛboa yɛn ma yɛanantew “sɛnea ɛfata [Yehowa] na ɛsɔ n’ani koraa.”—Kolosefo 1:9, 10.

Ɔfã A Aniwa Hu No A Yebehu

2. Efi Pentekoste 33 Y.B. reba no, henanom na wɔabɛyɛ Onyankopɔn asafo no?

2 Wɔ mfe 1,545 mu no na Israel man no yɛ Onyankopɔn asafo. Nanso wɔantumi anni Mmara apam no so na wɔpow Onyankopɔn ankasa Ba. Enti Yehowa hyehyɛɛ asafo foforo na ɔne no yɛɛ apam foforo. Wohu saa asafo yi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ Kristo “ayeforo” a emufo yɛ 144,000 a Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔmmɛka ne Ba no ho wɔ ɔsoro. (Efesofo 5:22-32; Adiyisɛm 14:1; 21:9, 10) Wɔde honhom kronkron sraa wɔn a wodi kan no wɔ Pentekoste wɔ 33 Y.B. mu. Yehowa nam honhom kronkron no so de adanse a mfomso biara nni ho mae sɛ afei de na asafo yi na ɔde bedi dwuma na ama n’atirimpɔw anya mmamu.—Hebrifo 2:2-4.

3. Henanom na nnɛ wɔyɛ ahyehyɛde a aniwa hu no mufo?

3 Ɛnnɛ 144,000 no mu nkaefo bi pɛ na wɔwɔ asase so. Nanso, wɔama wɔne nnipakuw kɛse a wɔne “nguan foforo” no anya fekubɔ a emu yɛ hyew de ama Bible nkɔmhyɛ anya mmamu. Yesu Kristo a ɔne Oguanhwɛfo Pa no aka “nguan foforo” yi ne n’akyidifo a wɔde honhom awo wɔn no nkaefo abom ma wɔayɛ “kuw biako” wɔ n’ase sɛ wɔn “ɔhwɛfo biako.” (Yohane 10:11, 16; Adiyisɛm 7:9, 10) Eyinom nyinaa ka bom yɛ ahyehyɛde biako a ɛne Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu nnɛ no.

Wɔahyehyɛ No Teokrase Kwan So

4. Hena na ɔkyerɛ ahyehyɛde no kwan, na ɔkwan bɛn so?

4 Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a ɛne “Nyankopɔn teasefo asafo” no ma wohu onii a ɔkyerɛ no kwan no. Ahyehyɛde no yɛ teokrase kwan so de anaasɛ nea Onyankopɔn di so tumi. Yehowa nam onii a Wapaw no sɛ ɔnyɛ asafo a aniwa hu no ti a ɔne Awurade Yesu Kristo no ne n’ankasa Asɛm a efi honhom mu a ɛne Bible no so kyerɛ ne nkurɔfo kwan.—1 Timoteo 3:14, 15; Efesofo 1:22, 23; 2 Timoteo 3:16, 17.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na soro a wofi kyerɛ asafo no kwan no daa adi wɔ afeha a edi kan no mu? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesu da so ara yɛ asafo no ti?

5 Wohuu saa teokrase akwankyerɛ no yiye bere a honhom kronkron no kanyan asafo no mufo a wodi kan no ma wɔyɛɛ ade wɔ Pentekoste wɔ 33 Y.B. mu no. (Asomafo no Nnwuma 2:1-4, 32, 33) Bere a Yehowa bɔfo kyerɛɛ nneɛma a ɛmaa asɛmpa no trɛw duu Afrika kwan no na ɛdaa adi pefee. (Asomafo no Nnwuma 8:26-39) Saa ara nso na na ɛte bere a Yesu nne de akwankyerɛ mae wɔ bere a Saulo a ofi Tarso no sakrae no mu ne wɔ bere a wofii asɛmpatrɛw adwuma ase wɔ Amanaman mufo no mu no. (Asomafo no Nnwuma 9:3-7, 10-17; 10:9-16, 19-23; 11:12) Nanso wɔamfa akwankyerɛ a na wohia no amma wɔ akwan horow a ɛyɛ nwonwa saa so bere nyinaa. Wɔ bere bi akyi no, wɔante nne ahorow amfi soro bio, abɔfo anyi wɔn ho adi ankyerɛ nnipa bio na anwonwa kwan so honhom akyɛde horow no baa awiei. Nanso na Yesu ahyɛ n’akyidifo anokwafo bɔ sɛ: “Hwɛ! Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi nneɛma nhyehyɛe no awiei,” na nokwasɛm ahorow kyerɛ sɛ ɔwɔ hɔ. (Mateo 28:20, NW; 1 Korintofo 13:8) Ɛnyɛ sɛ Yehowa Adansefo gye ti a ɔyɛ no tom nko, na mmom ɛda adi sɛ sɛ ɛnyɛ ne mmoa a, anka wɔrentumi nkɔ so nka Ahenni asɛm no wɔ ɔsɔretia a emu yɛ den mu.

6. (a) Henanom na wɔka bom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no, na dɛn ntia? (b) Adwuma bɛn na ɔde hyɛɛ saa “akoa” no nsa?

6 Bere tiaa bi ansa na Yesu rewu no, ɔkaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi a ɔno sɛ Owura no de asɛyɛde titiriw bi bɛhyɛ ne nsa no ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no. Sɛnea Yesu nkyerɛkyerɛmu no kyerɛ no, ɛbɛyɛ nea saa “akoa” no wɔ hɔ bere a Awurade kɔɔ soro no, na ɔbɛkɔ so atra nkwa mu wɔ bere a Kristo asan aba no mu. Na nkyerɛkyerɛmu a ɛte saa no nyɛ nea ebetumi ayɛ nea ɛfa onipa desani biako pɛ bi ho. Nanso ɛfa Kristo asafo a wɔasra no a ɛyɛ ɔnokwafo no mufo nyinaa ho. Na Yesu nim sɛ ɔde n’ankasa mogya rebɛtɔ wɔn, enti ɔkaa wɔn nyinaa ho asɛm sɛ “akoa” ma ɛfatae. Ɔmaa wɔn adwuma sɛ wɔnyɛ na ɔhyɛɛ wɔn nyinaa sɛ wɔnkɔyɛ asuafo na afei wɔnkɔ so mma eyinom aduan wɔ honhom mu na wɔmma wɔn “[honhom mu] aduan bere a ɛsɛ mu.” Wɔde honhom kronkron no sii paw a wɔpaw wɔn wɔ Pentekoste wɔ 33 Y.B. mu no so dua.Mateo 24:45-47; 28:19, 20; 1 Korintofo 6:19, 20; fa toto Yesaia 43:10 ho.

7. (a) Asɛyɛde ahorow pii bɛn na “akoa” no wɔ nnɛ? (b) Dɛn nti na sɛnea yedi ahyɛde a wɔde ma denam ɔkwan yi so so no ho hia?

7 Sɛ na “akoa” no de nokwaredi reyɛ adwuma wɔ bere a Owura no bɛsan aba no mu a, ɔde asɛyɛde ahorow pii bɛhyɛ ne nsa. Na mfe a ebedi akyi aba no bɛyɛ Ahenni no ho wiase nyinaa adansedi bere, na wɔbɛboaboa Yehowa asomfo a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no ano sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkora wɔn so wɔ “ahohiahia kɛse” no mu. (Mateo 24:14; Adiyisɛm 7:9, 10) Na eyinom nso behia honhom fam aduan, na Kristo asomfo a wɔde honhom asra wɔn a wɔka bom yɛ “akoa” no na wɔde bɛma wɔn. Sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani a, ɛho hia sɛ yegye akwankyerɛ a ɔnam kuw yi so de ma no tom na yɛyɛ ade ma ɛne no hyia pɛpɛɛpɛ.

8, 9. (a) Wɔ afeha a edi kan no mu no, na nhyehyɛe bɛn na ɛwɔ hɔ a wɔde di nsemmisa a ɛfa ɔkyerɛkyerɛ ne akwankyerɛ a wɔde ma wɔ asɛmpaka no ho ho dwuma? (b) Nhyehyɛe a ɛte saa ara bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ?

8 Nokwarem no, ɛtɔ bere bi a, nsemmisa a ɛfa nkyerɛkyerɛ ne ɔkwan a wɔfa so yɛ ade ho betumi asɔre. Ɛnde dɛn? Asomafo no Nnwuma ti a ɛto so 15 no ka ɔkwan a wɔfaa so dii Amanaman mufo no ahwehwɛde bi ho dwuma ho asɛm. Wɔde asɛm no kɔdan asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem a na wɔsom sɛ sodikuw titiriw no. Na saa mpanyimfo no nyɛ wɔn a wontumi nni mfomso; na wɔnyɛ nkurɔfo a wonnii mfomso da. (Fa toto Galatifo 2:11-14 ho.) Nanso Onyankopɔn de wɔn dii dwuma. Wosusuw nea na Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no ka wɔ asɛm no ne adanse a ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn honhom no rebue hokwan ama Amanaman mufo no ho, na afei wosii gyinae. Onyankopɔn hyiraa saa nhyehyɛe no so. (Asomafo no Nnwuma 15:1-29; 16:4, 5) Saa kuw titiriw yi somaa ankorankoro bi kɔɔ mmeae ahorow bi ma wɔkɔtrɛw asɛmpa no mu ma ɛne sɛnea Awurade ankasa ahyɛ no hyiae.—Asomafo no Nnwuma 8:14; Galatifo 2:9.

9 Wɔ yɛn bere yi so no, anuanom a wɔde honhom asra wɔn a wofi asase so mmeae ahorow na wɔka bom yɛ Sodikuw no. Ɛwɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa dwumadibea ti hɔ. Ɛde nokwaredi trɛw ɔsom kronn mu wɔ Yesu Kristo tiyɛ ase. Saa anuanom yi kura ɔsomafo Paulo a bere a ɔde honhom mu afotu rema mfɛfo Kristofo no ɔkyerɛw eyi no adwene no bi: “Ɛnyɛ sɛ yɛhyɛ mo gydi so, na mmom yɛyɛ mo anigye ho yɔnko adwumayɛfo; efisɛ gyidi na mode gyina hɔ.”—2 Korintofo 1:24.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na wohu wɔn a wɔbɛyɛ mpanyimfo anaasɛ asafo mu asomfo no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔapaw wɔn ama dibea a ɛte saa no yɛ biako yiye?

10 Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa gye saa Teokrase nhyehyɛe yi tom. Wɔn asafo ahorow no nyinaa bom kɛse yɛ adwuma. Wɔhwɛ Sodikuw no kwan sɛ ɛmpaw mpanyimfo ne asafo mu asomfo na ama wɔahwɛ asafo ahorow no so ma ne dwumadi akɔ so fɛfɛ. Dɛn so na wogyina paw nnipa ma dwumadi a ɛte saa? Wɔaka ahwehwɛde ahorow no ho asɛm pefee wɔ Bible no mu. Mpanyimfo a wɔkamfo afoforo kyerɛ ne wɔn a wɔama wɔn tumi sɛ wɔmpaw afoforo no nyinaa wɔ asɛyɛde a anibere wom wɔ Onyankopɔn anim sɛ wobedi eyinom so. (1 Timoteo 3:1-10, 12, 13; 5:22; Tito 1:5-9) Abatow adeyɛ biara nni asafo no mufo mu na saa ara nso na asafo no ntow aba mma obiara. Mmom no, nea ɛne nea asomafo no yɛe bere a wɔpaw nnipa maa dwumadi ahorow wɔ afeha a edi kan no mu no hyia no, ahwɛfo a ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛkamfo afoforo akyerɛ ne wɔn a akyiri yi wɔpaw wɔn a wɔakamfo wɔn akyerɛ no bɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom no mmoa na wɔhwehwɛ akwankyerɛ fi n’Asɛm a efi honhom mu no mu. (Asomafo no Nnwuma 6:2-4, 6; 14:23; fa toto Dwom 75:6, 7 ho.) Ɛdenam sɛnea yedi akwankyerɛ a mpanyimfo no de ma ho dwuma so no, yebetumi akyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma ɔdɔ mu a Kristo fi de saa ‘akyɛde wɔ nnipa mu’ yi ama sɛ wɔmmoa yɛn nyinaa na ama yɛadu “gyidi . . . biakoyɛ mu” no ho.—Efesofo 4:8, 11-16, NW.

11. (a) Nnwuma ahorow a mfaso wɔ so bɛn na mmea yɛ wɔ teokrase nhyehyɛe no mu? (b) Bere bɛn na ɛho hia sɛ wɔkata wɔn ti so? Dɛn ntia?

11 Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ mmarima na wɔnyɛ ahwɛfo adwuma wɔ asafo no mu. Eyi nyɛ nea ɛbrɛ mmea ase ɔkwan biara so, efisɛ wɔn mu pii ka ɔsoro Ahenni no adedifo no ho. Kristofo mmea nam odwo, abrabɔ a ɛho tew ne nsiyɛ a wɔde hwɛ wɔn mmusua no so nso boa ma asafo no nya din pa. (Tito 2:3-5) Wɔtaa yɛ adwuma a wɔde hwehwɛ afoforofo ne ahyehyɛde no mu a wɔde wɔn ba no mu fã kɛse. (Dwom 68:11) Nanso mmarima a wɔapaw wɔn no na wɔde nkyerɛkyerɛ ma asafo no mu. (1 Timoteo 2:12, 13) Na sɛ mmarima a wɔfata nni nhyiam bi a asafo no ayɛ ho nhyehyɛe ase a, ɛnde ɔbea bi bɛkata ne ti so bere a ɔrehwɛ so anaasɛ ɔrebɔ mpae no. * Ɔnam saayɛ so kyerɛ obu ma Yehowa ahyehyɛde sɛnea Yesu yɛɛ nhwɛso maa yɛn nyinaa wɔ brɛ a ɔbrɛ ne ho ase ma n’Agya no mu no.—1 Korintofo 11:3-16; Yohane 8:28, 29.

12. (a) Adwene bɛn na Bible no hyɛ mpanyimfo nkuran sɛ wonnya wɔ wɔn gyinabea no ho? (b) Hokwan kɛse bɛn na yɛn nyinaa betumi anya mu kyɛfa?

12 Wɔ wiase no mu no, wobu obi a okura dibea titiriw bi no sɛ ne ho hia nanso wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu no ahyɛde no ne sɛ: “Nea ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno ara na ɔbɛyɛ ɔkɛse.” (Luka 9:46-48; 22:24-26) Enti Kyerɛwnsɛm no tu mpanyimfo fo sɛ wɔnhwɛ yiye na wɔanni wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade no so bakoma na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso ma nguan no. (1 Petro 5:2, 3) Ɛnyɛ nnipa kakraa bi a wɔapaw wɔn no nko, na mmom Yehowa Adansefo mmarima ne mmea nyinaa wɔ hokwan kɛse a ɛne sɛ wobegyina Amansan Hene no ananmu na wɔde ahobrɛase aka n’Ahenni ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa.

13. Bere a wode Kyerɛwnsɛm ahorow a wɔabobɔ din no redi dwuma no, susuw nsemmisa a ɛwɔ nkyekyem yi awiei no ho.

13 Eye sɛ yebebisa yɛn ho sɛ: “So yɛn ani sɔ sɛnea Yehowa rekyerɛ n’ahyehyɛde a aniwa hu no kwan no ampa? So yɛn su, yɛn kasa ne yɛn nneyɛe ahorow kyerɛ saa?” Nsɛntitiriw a edidi so yi ho a yebesusuw no betumi aboa yɛn mu biara ma wayɛ mpɛɛpɛemu a ɛte saa:

Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Kristo ase sɛ asafo no ti ampa a, ɛnde sɛnea kyerɛw nsɛm ahorow a edidi so yi kyerɛ no, dɛn na yɛbɛyɛ? (Mateo 24:14; 28:19, 20; Luka 21:34-36; Yohane 13:34, 35)

Wɔ mmɔden a wɔn a wɔyɛ ahyehyɛde no mufo nyinaa bɔ sɛ wɔbɛyɛ Kristofo a wɔsow aba no mu no, ɛsɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔdan Onyankopɔn ne Kristo kodu he? (Yohane 15:5; 1 Korintofo 3:5-7)

Bere a mpanyimfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nkurɔfo asakra wɔn adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwɛ nneɛma ma ɛne sɛnea ahyehyɛde no mufo a wɔaka nyinaa hu no ahyia no, hena nsusuwii a efi ayamye mu na ɛsɛ sɛ yehu wɔ eyi mu? (Efesofo 4:7, 8, 11-13; 2 Korintofo 13:11)

Sɛ yɛde anisɔ gye honhom mu nsiesiei ahorow a wɔde ma denam “akoa” kuw no ne ne Sodikuw no so no tom a, henanom na yɛrekyerɛ obu ama wɔn? Nanso sɛ yɛde animtiaabu ka eyinom ho asɛm nso ɛ? (Luka 10:16; fa toto 3 Yohane 9, 10 ho.)

Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia mpanyimfo a wɔapaw wɔn no denneennen? (Asomafo no Nnwuma 20:28; Romafo 12:10)

14. (a) Ɛdenam su a yɛwɔ wɔ teokrase ahyehyɛde no ho so no, dɛn na yɛda no adi? (b) Wɔ eyi mu no, hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ ma yɛn a yebetumi de akyerɛ sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo na ama Yehowa koma ani agye?

14 Yehowa nam n’ahyehyɛde a aniwa hu a ɛhyɛ Kristo a wɔapaw no ase no so na ɔne yɛn redi nnɛ. Enti su a yekura wɔ ahyehyɛde yi ho no kyerɛ nea yɛreyɛ wɔ tumidi ho ɔsɛmpɔw no ho ankasa. (Hebrifo 13:17) Satan kyerɛ sɛ mfaso a yɛn ankasa benya no na ɛkanyan yɛn nyinaa, sɛ yɛn ankasa ho na yesusuw titiriw. Nanso sɛ yefi anigye mu de yɛn ho ma sɛ yɛbɛsom wɔ ɔkwan biara a ɛho hia so bere a yekwati nsɛm a yɛbɛka ne nneɛma a yɛbɛyɛ a ɛbɛtwe adwene aba yɛn so wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, na yɛkyerɛ sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo. Sɛ yɛdɔ wɔn a ‘wodi kan’ wɔ yɛn mu no na yebu wɔn na yesuasua wɔn gyidi na yɛpow sɛ yɛbɛyɛ nnipa a ‘wɔn ankasa mfaso nti na wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa’ a, yɛma Yehowa koma ani gye. (Hebrifo 13:7; Yuda 16) Sɛ yenya obu ma Yehowa ahyehyɛde no na yefi koma nyinaa mu yɛ adwuma a ɔkyerɛ sɛ yɛnyɛ no a, yɛde adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne yɛn Nyankopɔn ampa ne sɛ yɛayɛ biako wɔ ne som mu no ma.—1 Korintofo 15:58.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Nanso, sɛ ɔreka asɛm wɔ afie afie a, ɛho nhia sɛ ɔbɛkata ne ti efisɛ asɛmpaka ho asɛyɛde no da Kristofo nyinaa so. Nanso, sɛ tebea horow hwehwɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ofie Bible adesua bere a ne kunu (a ɔyɛ ne ti a ɛwom sɛ ebia ɔnyɛ Kristoni mpo) wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ade kata ne ti. Afei nso, sɛ́ nea ɛyɛ tebea soronko mu no, sɛ asafo no muni bi a ɔyɛ ɔbarima a wahyira ne ho so wɔ hɔ bere a ɔno yɛ Bible adesua a wadi kan ayɛ ho nhyehyɛe a, ɛsɛ sɛ ɔkata ne ti nanso ɔbarima no na ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae.

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Dɛn ne Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no nnɛ? N’atirimpɔw ne dɛn?

● Hena ne asafo no ti a wɔapaw no? Nhyehyɛe ahorow a aniwa hu bɛn so na ɔnam de akwankyerɛ a efi ɔdɔ mu ma yɛn?

● Asɛyɛde ne nnipa a wɔwɔ ahyehyɛde no mu no ho su pa bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]