Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ahofadi a Yehowa Asomfo Wɔ

Ahofadi a Yehowa Asomfo Wɔ

Ti 5

Ahofadi a Yehowa Asomfo Wɔ

1, 2. (a) Ahofadi bɛn na Onyankopɔn de maa adesamma baanu a wodi kan no? (b) Bobɔ mmara horow a edii wɔn adeyɛ so no bi din.

BERE a Yehowa bɔɔ adesamma baanu a wodi kan no, na wɔwɔ ahofadi a ɛsen biara a adesamma wɔ nnɛ koraa. Ná wɔn fi yɛ Paradise. Ɔyare biara ansɛe wɔn asetra mu anigye. Na owu nni hɔ a ɛretwɛn wɔn. Nanso na obu ma Onyankopɔn mmara horow yɛ ahofadi a ɛte saa a wɔbɛkɔ so anya no mu ade titiriw bi.

2 Ebia na wɔamfa nsɛm anka saa mmara horow no mu binom de, nanso wɔyɛɛ Adam ne Hawa wɔ ɔkwan bi so a adebɔsu mu no di ara na wobedi so. Enti aduan ho kɔm kyerɛɛ hia a ehia sɛ wodidi; sukɔm kyerɛ hia a ehia sɛ wɔnom nsu. Owia a ɛrekɔtɔ hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonnya ɔhome a ehia ne nna. Yehowa ne wɔn kasae na ɔmaa wɔn adwuma nso. Nokwarem no, na saa adwuma no yɛ mmara, efisɛ ɛbɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Nanso na ɛyɛ ayamye mmara a mfaso wɔ so! Ɛmaa wɔn adwuma a ɛbɛma wɔn bo atɔ wɔn yam koraa a ɛbɛma wɔatumi adi wɔn su horow no ho dwuma awie koraa akwan pa so. Na wɔbɛwo mma, adi asase so mmoa so na nkakrankakra wɔatrɛw Paradise no ahye mu akosi sɛ ɛbɛkata asase no so nyinaa. (Genesis 1:28; 2:15) Onyankopɔn ammfa nneɛma pii a ɛho nhia anhaw wɔn. Ɔmaa wɔn kwan pii ma wɔde asisi gyinae ahorow. Dɛn na obi betumi abisa bio?

3. Ɔkwan bɛn so na anka wobetumi afa aboa Adam ma wadi n’ahofadi no ho dwuma nyansa mu de asisi gyinae horow?

3 Ampa, bere a wɔde hokwan no maa Adam sɛ onsisi gyinae ahorow no, na ɛno nkyerɛ sɛ nneɛma pa befi gyinae biara a obesi no mu aba, ɛmfa ho sɛ ɛte dɛn. N’ahofadi a ɔde besisi gyinae horow no kyerɛ asɛyɛde. Ɔnam tie a obetie ne soro Agya no na wahwɛ Ne nnwuma horow no so betumi asua ade, na na Onyankopɔn ama Adam nyansa a ɛbɛma watumi de nea osua no adi dwuma. Esiane sɛ wɔbɔɔ Adam wɔ “Onyankopɔn suban so” nti, na n’adebɔsu mu nea ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ ɔbɛda su pa ahorow adi bere a osisi gyinae ahorow no. Ampa ara sɛ sɛ n’ani sɔɔ nea na Onyankopɔn ayɛ ama no na ɔpɛe sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani a, anka ɔbɛhwɛ yiye ayɛ saa.—Genesis 1:26, 27; fa toto Yohane 8:29 ho.

4. (a) Anohyeto ahyɛde a wɔde maa Adam no maa n’ahofadi fii ne nsa anaa? (b) Dɛn nti na na ɛyɛ nea wɔhwehwɛ a ɛfata?

4 Sɛ́ nea ɛbɛkae no sɛ onipa dan ne Bɔfo ne Nkwa-Mafo no, Yehowa de ahyɛde yi maa no sɛ: “Turom ha nnua nyinaa di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) So saa mmara no gyee onipa nsam ahofadi anaa? Dabida. Na Adam wɔ hokwan sɛ otie anaasɛ ontie. Nea wɔbarae no amfa adesoa biara anto ne so. Na ɔwɔ nea ɛboro so a obedi a ɔremfa ne nsa nka saa dua biako no. Nanso, fata ara na ɛfata sɛ ohu sɛ asase a na ɔte so no yɛ Onyankopɔn dea ne sɛ, sɛ Ɔbɔadeɛ no, Onyankopɔn ne n’abɔde Sodifo a ɔfata.—Dwom 24:1, 10.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na Adam ne Hawa yeraa ahofadi a ɛyɛ nwonwa a na wɔwɔ no? (b) Dɛn na ebesii ananmu, na ɔkwan bɛn so na aka yɛn?

5 Nanso dɛn na ɛbae? Ahopɛ akɔnnɔ kaa ɔbɔfo bi no, ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔkwankyerɛfo pa daadaa Hawa, hyɛɛ no biribi a ɛne Onyankopɔn pɛ bɔ abira ho bɔ. Sɛ anka Adam betie n’Agya mmom no, ɔkɔkaa Hawa ho wɔ mmarato no mu. Esiane sɛ wɔn ani beree sɛ wobenya biribi a na ɛnyɛ wɔn de nti, ahofadi a ɛyɛ nwonwa no fii wɔn nsa. Bɔne bɛyɛɛ wɔn wura na sɛnea na Onyankopɔn abɔ kɔkɔ no, owu a wobewu ampa ara na na ɛretwɛn wɔn. Esiane nea efii mu bae no nti, apɛgyade bɛn na wɔde gyaw wɔn mma? Bɔne a ɛda adi wɔ awosu mu ne so a wɔtɔ kɔ, mmerɛwyɛ ahorow a ɛma nyarewa tumi ka obi na awiei no ɛnam onyin so de ɔsɛe ba. Afei nso owu. Awosu mu a wofi tɔ kɔ bɔne so a Satan nkɛntɛnso ama emu ayɛ den no de adesamma abusua bi a asetra mu ayɛ den ama obiara wom na aba. Eyi ne ahofadi a Onyankopɔn de maa adesamma fi mfiase no bɔ abira koraa!—Romafo 5:12; Hiob 14:1; Adiyisɛm 12:9.

Faako A Wobetumi Anya Ahofadi

6. (a) Ɛhe na wobetumi anya ahofadi ankasa? (b) Na ahofadi bɛn ho asɛm na Yesu reka wɔ Yohane 8:31, 32 no?

6 Tebea horow a ɛwɔ hɔ nnɛ no nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo hwehwɛ ahofadi a ɛkyɛn nea wɔwɔ. Nanso ɛhe na wobetumi anya ahofadi ankasa? Yesu Kristo kae sɛ: “Sɛ motra m’asɛm mu a, mobɛyɛ m’asuafo; na mobehu nokware, na nokware no [bɛma moade mo ho].” (Yohane 8:31, 32) Ahofadi yi nyɛ nea wɔato ano hye a nnipa ani da so sɛ wobenya bere a wɔpow amammui sodifo bi anaa nniso bi na wɔhwehwɛ foforo no. Mmom no, ekodu adesamma nsɛnnennen ahorow no ase tɔnn. Nea na Yesu reka ho asɛm no ne bɔne mu ahofadi, bɔne nkoayɛ mu ahofadi. (Hwɛ Yohane 8:24, 34-36.) Ne saa nti, sɛ obi bɛyɛ Yesu Kristo nokware suani a, eyi de nsakrae titiriw bi ba n’asetra mu, ogye bi.

7. (a) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi ade yɛn ho afi bɔne mu mprempren? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya saa ahofadi no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

7 Ɛno nkyerɛ sɛ mprempren nokware Kristofo nte nea awosu mu a wofi tɔ kɔ bɔne so de ba no nka bio. Mmom no wɔwɔ aperepere bi di esiane ɛno nti. (Romafo 7:21-25) Nanso sɛ obi tra ase ma ɛne Yesu nkyerɛkyerɛ ahorow no hyia a, ɔrenyɛ bɔne akoa koraa bio. Bɔne remmɛyɛ sɛ ɔhene bi a ɔma no ahyɛde horow a ɛsɛ sɛ odi so mma no bio. Wɔrensum no afiri mma ɔnkɔtɔ asetra kwan bi a mfaso biara nni so na ɛma n’ahonim haw no mu bio. Obenya ahonim pa Onyankopɔn anim efisɛ wɔnam ne gyidi a ɔwɔ wɔ Kristo afɔrebɔ no mu no so de ne kan bɔne horow no nyinaa afiri no. Bɔne ho akɔnnɔ horow bɛbɔ mmɔden sɛ ebeyi ne ho adi de, nanso sɛ wammma ho kwan esiane sɛ ɔkae Kristo nkyerɛkyerɛ a ɛho tew no nti a, ɔbɛkyerɛ sɛ bɔne nyɛ ne wura.—Romafo 6:12-17.

8. (a) Ahofadi bɛn bio na nokware Kristosom de ma yɛn? (b) Ɛsɛ sɛ eyi ka su a yekura wɔ wiase atumfo ho no dɛn?

8 Sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ ahofadi kɛse. Wɔagye yɛn afi nea atoro nkyerɛkyerɛ de ba no mu, afi gyidi hunu nkoayɛ ne bɔne nkoasom mu. Awufo tebea ne owusɔre ho nokware ahorow a ɛyɛ anigye no ama yɛade yɛn ho afi atɔfowu ho suro a ntease nnim a ɛma nnipa hyɛ wɔn ahonim so no mu. Nimdeɛ a yɛwɔ sɛ wɔde Onyankopɔn trenee Ahenni besi adesamma nniso horow a ɛnyɛ pɛ ananmu no ma yɛde yɛn ho fi anidaso biara a enni hɔ ho nkate ho. Nanso ahofadi a ɛte saa nkyerɛ sɛ yebebu ani agu mmara so anaasɛ yɛremmu aban mpanyimfo esiane sɛ ɛrenkyɛ na nhyehyɛe dedaw yi afi hɔ nti.—1 Petro 2:16, 17; Tito 3:1, 2.

9. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam ɔdɔ so boa yɛn ma yenya ahofadi a ɛsɛ a ebetumi aba ama adesamma nnɛ no nyinaa no? (b) Wɔ gyinae horow si mu no, ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛte nea efi Adam ahofadi a wanni ho dwuma yiye no mu aba no ase pefee?

9 Yehowa nnyaw yɛn sɛ yɛmfa nneɛma a wɔsɔ hwɛ so nhwehwɛ asetra kwan a eye sen biara. Onim sɛnea wɔyɛɛ yɛn, nea ɛde abotɔyam ankasa ne yɛn ankasa ho nidi nkate bɛbrɛ yɛn, ne nea ɛbɛyɛ yɛn daa mfaso a ɛsen biara. Onim n’ankasa bere a wahyɛ a ɔde bedi n’atirimpɔw ho dwuma nso ma enti onim nneyɛe horow a ɛfata ma yɛn sen biara a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu. Saa ara nso na onim nsusuwii horow ne abrabɔ a ebetumi agu onipa anim ase anaasɛ ɛbɛsɛe ɔne afoforo ntam abusuabɔ ma mpo asiw no kwan wɔ Onyankopɔn Ahenni nhyira horow no nya ho. Ofi ɔdɔ mu nam Bible no ne n’ahyehyɛde a aniwa hu no so ka nneɛma horow yi kyerɛ yɛn. (Galatifo 5:19-23; Marko 13:10; fa toto 1 Timoteo 1:12, 13 ho.) Afei de na ɛyɛ yɛn asɛm sɛ yɛde ɔpɛ a ɔhyɛ nnim a Onyankopɔn de ama yɛn no di dwuma de si sɛnea yɛbɛyɛ ho ade no ho gyinae. Sɛ yɛde nea Bible ka kyerɛ yɛn wɔ sɛnea Adam hweree ahofadi a wɔde maa adesamma wɔ mfiase ho no hyɛ yɛn koma mu a, yebesisi saa gyinae no nyansa mu. Yɛbɛkyerɛ sɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ pa ne ade titiriw a ehia yɛn wɔ asetra mu.

Ahofadi Foforo Ho Akɔnnɔ

10. Ahofadi bɛn na ebinom a wose wɔyɛ Kristofo hwehwɛ?

10 Ɛtɔ bere bi a mmofra a wɔyɛn wɔn sɛ Yehowa Adansefo, ne afoforo nso a wɔnnyɛ mmofra saa, te nka sɛ wɔpɛ ahofadi foforo bi. Ebia wiase no bɛyɛ wɔn fɛ, na dodow a wosusuw ho no dodow no ara na wɔn akɔnnɔ sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a wiasefo yɛ no mu yɛ den nen. Ebia na wɔnyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛnom nnubɔne, wɔbɛnom nsa mmoroso anaasɛ wɔbɛbɔ aguaman. Nanso wofi ase sɛe bere bere a wɔapɔn sukuu anaasɛ wɔapɔn adwuma no na wɔne wiasefo kɔbɔ fekuw. Ampa, wɔpɛ sɛ wɔn ayɔnkofo afoforo no gye wɔn tom, enti wofi ase suasua wɔn kasa ne wɔn abrabɔ.—3 Yohane 11.

11. Ɛtɔ mmere bi a, ɛhe na nea ɛdaadaa wɔn sɛ wɔnyɛ eyi no fi ba?

11 Ɛtɔ mmere bi a nnaadaa a ɛma wɔde wɔn ho hyɛ wiase abrabɔ mu no fi obi foforo a ose ɔresom Yehowa hɔ na ɛba. Nea ɛbae wɔ Eden nen, bere a Satan daadaa Hawa, ne afei bere a Hawa hyɛɛ Adam ma ɔbɛkaa ne ho no. Ɛbaa saa wɔ tete Kristofo no mu nso, na ade koro no ara ba wɔ yɛn bere yi so. Mmere pii nnipa a wɔte saa pɛ anigyede na wɔn kɔn dɔ nneɛma a ɛde anigye a emu yɛ den ba. Wɔhyɛ afoforo sɛ “munnye mo ani.” Wɔhyɛ ‘ahofadi ho bɔ, bere a wɔn ankasa yɛ ɔporɔw nkoa.’—2 Petro 2:18, 19.

12. (a) Wiase abrabɔ kowie nsɛm a ɛyɛ awerɛhow bɛn mu? (b) Sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyem no nim nea efi mu ba a, dɛn nti na wɔkɔ so ara sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛtete saa?

12 Aba a efi mu ba no nye. Ahohwibɔ de nkate mu ɔhaw ba. Ebetumi de ɔyare, nyinsɛn a wɔmpɛ ne awaregu nso aba. (Mmebusɛm 6:32-35; 1 Korintofo 6:18; 1 Tesalonikafo 4:3-8) Nnubɔne nom betumi de abufuw, ɔkasa a emu nna hɔ, ani so wusiwusiyɛ, ani so biribiri, home a wontumi nhome yiye, nneɛma a wohu wɔn ani so ne owu aba. (Fa toto Mmebusɛm 23:29-35 ho.) Ebetumi aka mogya mu, na ebetumi ama wɔakodi nsɛmmɔne sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya sika a wɔbɛkɔ so de atɔ anom. Wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ abrabɔ a ɛte saa mu no taa hu nea ebetumi afi mu aba. Nanso wɔn kɔn a ɛdɔ anigyede ne ahohwibɔ mu anigye no ma wɔto wɔn adwene mu wɔ nneɛma a ebefi mu aba no ho. Wɔka kyerɛ wɔn ho sɛ ɛyɛ ahofadi, nanso wobehu wɔn ho sɛ wɔyɛ bɔne nkoa no na aka akyiri dodo, na bɔne yɛ owura otirimɔdenfo dɛn ara! Asɛm no ho a yebesusuw mprempren no betumi aboa yɛn ma yɛabɔ yɛn ho ban wɔ osuahu a ɛte saa no ho.—Galatifo 6:7, 8.

Faako A Nsɛnnennen No Fiase

13. (a) Mpɛn pii no ɔkwan bɛn so na wɔfa kanyan akɔnnɔ horow a ɛde kɔ nsɛnnennen yi mu no? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛate nea “ayɔnkofa bɔne” yɛ ase no, hena adwene na yehia? (d) Bere a woma nsemmisa a ɛwɔ nkyekyem no awiei ho mmuae no, si Yehowa adwene a ɔwɔ wɔ ho no so dua. Ka asemmisa biako ho asɛm wɔ bere koro mu.

13 Gyina hɔ na susuw faako a saa nsɛnnennen no taa fi ase no ho. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye no na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ: ansa na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyin a, ɛwo owu.” (Yakobo 1:14, 15) Nanso ɔkwan bɛn so na wɔfa kanyan saa akɔnnɔ horow no? Ɛnam nea ɛkɔ adwene no mu so, na mpɛn pii eyi fi nkurɔfo a wɔmmfa Bible nnyinasosɛm ahorow nni dwuma no ayɔnkofa mu na ɛba. Ampa, yɛn nyinaa nim sɛ ɛsɛ sɛ yekwati “ayɔnkofa bɔne.” Nanso asemmisa no ne sɛ, Ayɔnkofa bɛn na enye? Yehowa susuw asɛm no ho dɛn? Ɛsɛ sɛ nsemmisa ne kyerɛw nsɛm ahorow a edidi so yi ho nsusuwii boa yɛn na yesisi gyinae a eye.

So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nkurɔfo bi te sɛ nea wobu wɔn no kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ ayɔnkofo pa? (Fa toto Genesis 34:1, 2, 18, 19 ho.)

So wɔn nkɔmmɔbɔ, ebia wɔn asereseresɛm ahorow betumi akyerɛ sɛ yɛne wɔn afa yɔnko denneennen anaa? (Efesofo 5:3, 4)

Sɛ yɛpaw sɛ yɛbɛfa nkurɔfo a wɔnnɔ Yehowa no yɔnko a, ɔbɛte nka dɛn? (Fa toto 2 Beresosɛm 19:1, 2 ho.)

So biribi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ ɛhaw yɛn bere a ɛba sɛ wonnye nneɛma koro no ara a yegye di fa Onyankopɔn atirimpɔw ho no nni no? (Fa toto 1 Korintofo 15:12, 32, 33 ho.)

Ɛwom sɛ yɛne wɔn a wonnye nni bɛyɛ adwuma anaasɛ yɛne wɔn bɛkɔ sukuu de, nanso ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛmpɛ wɔn ayɔnkofa? (1 Petro 4:3, 4)

Television hwɛ ne nhoma ahorow, nsɛmma nhoma ne atesɛm nkrataa ahorow kenkan nso yɛ akwan a wɔfa so ne afoforo nya ayɔnkofa. Nneɛma bɛn a efi saa mmeae horow yi na ehia titiriw sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho wɔ nna yi mu? (Mmebusɛm 3:31; Yesaia 8:19; Efesofo 4:17-19)

Ayɔnkofo a yɛpaw no ka dɛn kyerɛ Yehowa wɔ nnipa ko a yɛyɛ no ho?—Dwom 26:1, 4, 5; 97:10.

14. Ahofadi kɛse bɛn na ɛda wɔn a wɔde nokwaredi di Onyankopɔn Asɛm mu afotu ho dwuma mprempren no anim?

14 Onyankopɔn Nhyehyɛe Foforo no da yɛn anim pɛɛ. Ɛdenam n’Ahenni no so no, wɔbɛma adesamma ade wɔn ho afi Satan ne ne nneɛma nhyehyɛe bɔne no nyinaa nkɛntɛnso nkoayɛ mu. Nkakrankakra wobeyi nea bɔne de ba no nyinaa afi adesamma so. Daa nkwa wɔ Paradise na ɛda wɔn anim. Ahofadi a ɛne “Yehowa honhom” hyia koraa na awiei no abɔde nyinaa benya. (2 Korintofo 3:17) So ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubebu Onyankopɔn Asɛm mu afotu animtiaa mprempren ma woahwere eyinom nyinaa anaa? Momma yɛn nyinaa mfa ɔkwan a yɛfa so di yɛn Kristofo ahofadi ho dwuma nnɛ no so nkyerɛ pefee sɛ nea yɛpɛ ankasa ne “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi” no ampa ara.—Romafo 8:21.

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Ahofadi bɛn na adesamma baanu a wodi kan no nyae? Sɛ wɔde ɛne nea adesamma hu mprempren no toto ho a ɛte dɛn?

● Nea ɛne wiase no bɔ abira no, ahofadi bɛn na nokware Kristofo wɔ? Ɛyɛ dɛn na eyi tumi yɛ yiye?

● Ka bɛn na wɔn a wɔpɛ sɛ wonya ahofadi a wiase wɔ no bi no tua?

● Dɛn nti na ehia denneennen saa sɛ wɔkwati “ayɔnkofa bɔne”? Nea ɛnte sɛ Adam de no, hena gyinaesi ahorow wɔ nea enye ho na yegye tom?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]