Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm no a Wunnsuro

Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm no a Wunnsuro

Ti 22

Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm no a Wunnsuro

1. (a) Asɛmpa bɛn na Yesu asuafo no bɔɔ no dawuru fi Pentekoste 33 Y.B. mu, nanso dɛn na Yudafo sodifo ne mpanyimfo no yɛe? (b) Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho wɔ eyi ho?

NÁ ADESAMMA abakɔsɛm mu nsɛntitiriw a ɛsen biara wɔ bɛboro mfirihyia 4,000 mu no asisi. Ná wɔasra Onyankopɔn ankasa Ba Yesu Kristo sɛ Ɔhene a obedi asase nyinaa so daakye. Ɛmfa ho sɛ na nyamesom mu atamfo ahyɛ akyi ma wɔakum Yesu no, na Yehowa anyan ne Ba no afi awufo mu. Na wɔnam ne so betumi anya nkwagye a ebetumi ama wɔanya daa nkwa. Nanso bere a Yesu asuafo anokwafo reka saa asɛmpa yi wɔ baguam no, ɔsɔretia a ano yɛ den sɔree. Nea edi kan no, wɔde asomafo no baanu koguu afiase, na akyiri yi wɔde wɔn nyinaa koguu mu. Wɔhwee wɔn na wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu bio. (Asomafo no Nnwuma 4:1-3, 17; 5:17, 18, 40) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Dɛn na anka wobɛyɛ? So anka wobɛkɔ so adi adanse a wunnsuro?

2. (a) Asɛm a ɛyɛ nwonwa kɛse mpo bɛn na ɛho hia sɛ wɔbɔ no dawuru nnɛ? (b) Henanom na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔyɛ saa?

2 Ade a ɛyɛ nwonwa kɛse mpo sii wɔ 1914 Y.B. mu. Wɔde Onyankopɔn Ahenni a ɛwɔ Yesu Kristo nsam no sii hɔ ankasa wɔ ɔsoro. Afei, wɔtoo Satan ne n’adaemone kyenee asase so. (Adiyisɛm 12:1-5, 7-12) Na mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no awiei afi ase. Ansa na awo ntoatoaso a wohuu nneɛma a esisii 1914 mu no nyinaa bewu afi hɔ no, Onyankopɔn bebubu Satan nneɛma nhyehyɛe no nyinaa afi hɔ. (Mateo 24:34) Wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no wɔ hokwan sɛ wɔbɛtra ase daa. Wɔ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw no mmamu mu no, asase nyinaa bɛyɛ Paradise. Sɛ woagye saa asɛmpa yi atom dedaw a, ɛnde ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ woka kyerɛ afoforo. (Mateo 24:14) Nanso sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade bɛn na wubetumi ahwɛ kwan?

3. (a) Nkurɔfo yɛ wɔn ade dɛn wɔ Ahenni nkrasɛm no ho? (b) Enti, nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

3 Bere a ebia ebinom begye wo fɛw so sɛ Ahenni dawurubɔfo no, dodow no ara na wɔn ani rennye ho. (Mateo 24:37-39) Ebia ebinom bedi wo ho fɛw anaasɛ ebia wɔbɛsɔre atia wo denneennen. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ ɔsɔretia no bi mpo betumi afi w’ankasa abusuafo hɔ. (Luka 21:16-19) Ebia wubehyia wɔ w’adwumam anaa sukuu mu nso. Wɔ wiase mmeae ahorow pii no nniso ahorow no asiw Yehowa Adansefo adwuma no ano wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Sɛ wuhyia tebea horow a ɛtete saa no mu biara a, so wobɛkɔ so aka Onyankopɔn Asɛm no a wunnsuro?

4. So yɛn ankasa bo a yesi no kyerɛ sɛ yɛbɛkɔ so asom Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu?

4 Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛpɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn somfo ɔkokodurufo. Nanso ebinom a wɔtee nka sɛ biribiara rentumi ntwe wɔn nsan akyi no nyɛ Ahenni adawurubɔfo bio. Nea ɛne eyi bɔ abira no, afoforo a nnipa a wɔ awosu mu no wɔyɛ ahufo wɔ ɔkwan bi so nso ka ho akɔ so ayɛ Onyankopɔn asomfo mmɔdenbɔfo. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ada wo ho adi sɛ obi a ‘ogyina gyidi no mu pintinn?—1 Korintofo 16:13.

Yɛn Ho A Yɛremfa Nto Yɛn Ankasa Ahoɔden So

5. (a) Sɛ yɛbɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa anokwafo a, dɛn ne ahwehwɛde a edi kan? (b) Dɛn nti na nhyiam horow no ho hia kɛse?

5 Ampa, nneɛma bebree wɔ Onyankopɔn nokware somfo a wobɛyɛ no mu. Nanso nea edi ne nyinaa kan ne Yehowa ne ne nsiesiei horow mu ahotoso. Ɔkwan bɛn so na yɛkyerɛ ahotoso a ɛte saa? Ɔkwan biako ne asafo nhyiam horow a yɛbɛkɔ. Kyerɛwnsɛm no hyɛ yɛn sɛ yemmmu ani nngu so. (Hebrifo 10:23-25) Sɛ́ ɛyɛ amanfo a wɔn ani nnye ho mu anaa ɔtaa mu no, wɔn a wɔakɔ so ara ayɛ Yehowa Adansefo anokwafo no ayere wɔn ho ne wɔn mfɛfo asomfo akɔ nhyiam horow daa. Wɔ nhyiam horow ase no, Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ a yɛwɔ no kɔ anim, nanso ɛnyɛ nneɛma afoforo a ɛyɛ anigye ara kwa na ɛtwetwe yɛn. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 17:21 ho.) Anisɔ a yɛwɔ wɔ nokware ahorow a yenim yiye ho ne nim a yenim akwan horow a yɛbɛfa so de adi dwuma no yɛ kɛse. Nhwɛso a Yesu yɛ maa yɛn no bɛyɛ nea ɛka yɛn adwene ne yɛn koma yiye. (Efesofo 4:20-24) Ɛtwe yɛn bɛn yɛn nuanom Kristofo kɛse wɔ ɔsom mu biakoyɛ mu na ɛhyɛ yɛn ankasa den ma yɛkɔ so yɛ Onyankopɔn apɛde. Yehowa honhom nam asafo no so de akwankyerɛ ma na ɛdenam saa honhom no so na Yesu wɔ yɛn mfinimfini bere a yɛahyiam wɔ ne din mu no.—Adiyisɛm 3:6; Mateo 18:20.

6. Wɔ faako a wɔabara Yehowa Adansefo no, wɔyɛ nhyiam horow no dɛn?

6 So wokɔ nhyiam horow no nyinaa daa na w’ankasa wode nea wote wɔ hɔ no di dwuma? Ɛtɔ bere bi a bere a wɔabara adwuma no, ɛho behia sɛ wɔyɛ nhyiam horow no wɔ akuw nketewaa mu wɔ afie mu. Mmeae ne mmere horow no bɛsakra na ebia ɛnyɛ mmere nyinaa na ɛbɛyɛ mmerɛw esiane sɛ wɔbɛyɛ nhyiam horow no binom ɔdasum nti. Nanso wɔ mmerɛw a ɛnyɛ mma wɔn anaa asiane a ɛwom nyinaa akyi no, anuanom mmarima ne mmea anokwafo bɔ mmɔden kɛse sɛ wɔbɛkɔ nhyiam no mu biara.

7. (a) Ɔkwan foforo bɛn so na yɛda no adi sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi betumi aboa yɛn ma yɛakasa a yennsuro?

7 Yɛnam Yehowa nkyɛn a yɛdan kɔ daa wɔ mpaebɔ mu no so kyerɛ yɛn ho a yɛde to no so—a ɛnyɛ sɛ daa adeyɛ bi ara kwa, na mmom nim a yenim fi yɛn komam sɛ yehia Onyankopɔn mmoa no nti. So woyɛ saa? Yesu bɔɔ mpae mpɛn pii wɔ n’asase so som adwuma no mu. (Luka 3:21; 6:12, 13; 9:18, 28; 11:1; 22:39-44) Na anadwo ansa na wɔrebɔ no asɛndua mu no, ɔhyɛɛ n’asuafo no sɛ: “Monwɛn na mommɔ mpae, na moankɔ sɔhwɛ mu.” (Marko 14:38) Sɛ yehyia Ahenni nkrasɛm no ho anibiannaso pii a, ebia ebetumi aka yɛn ma yɛagow yɛn som adwuma no mu. Sɛ nkurɔfo di yɛn ho fɛw anaasɛ ɔtaa a emu yɛ den sɔre a, ebia yɛbɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ yemua yɛn ano na yɛde kwati. Nanso sɛ yɛde anibere bɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom sɛ ɛmmoa yɛn mma yɛnkɔ so nkasa a yennsuro a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi gyae a yebegyae mu ama saa sɔhwɛ no ho.—Luka 11:13; Efesofo 6:18-20.

Adanse A Wodi A Wonnsuro Ho Kyerɛwtohɔ

8. (a) Dɛn nti na yɛn ani gye kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma no mu no ho? (b) Bua nsemmisa a ɛwɔ nkyekyem yi awiei no na si sɛnea nsɛm no ho betumi aba yɛn mfaso no so dua.

8 Yɛn nyinaa ani gye kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma no mu no ho titiriw. Ɛka sɛnea asomafo no ne tete asuafo afoforo a wɔyɛ nnipa a wɔwɔ nkate ahorow te sɛ yɛn ara no dii akwanside ahorow so na wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo a wonnsuro ne anokwafo. Momma yɛmmfa nsemmisa ne kyerɛw nsɛm a wɔabobɔ din a edidi so no mmoa so mpɛɛpɛe saa kyerɛwtohɔ no fã bi mu. Bere a yɛyɛ saa no, susuw sɛnea w’ankasa wubetumi anya mfaso afi nea worekenkan no mu no ho.

So na asomafo no yɛ nhomanimfo akɛse? So na wɔyɛ nnipa a wɔyɛ akokodurufo fi awo mu a nea na ɛbɛba biara mfa ho? (Asomafo no Nnwuma 4:13; Yohane 18:17, 25-27; 20:19)

Dɛn na ɛmaa Petro tumi kasae akokoduru so wɔ Yudafo asennibea a na abu Onyankopɔn ankasa Ba no fɔ adapɛn kakraa bi a atwam no anim? (Asomafo no Nnwuma 4:8; Mateo 10:19, 20)

Ná dɛn na Asomafo no reyɛ wɔ adapɛn a na edi bere a wɔde wɔn baa Sanhedrin no anim no mu? (Asomafo no Nnwuma 1:14; 2:1, 42)

Bere a sodifo no baraa wɔn sɛ wonnyae asɛnka wɔ Yesu din mu no, mmuae bɛn na Petro ne Yohane mae? (Asomafo no Nnwuma 4:19, 20)

Wogyaa wɔn no akyi no, hena nkyɛn na wɔhwehwɛɛ mmoa fii bio? So wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma ɔtaa no to ntwa, anaasɛ dɛn? (Asomafo no Nnwuma 4:24-31)

Ɔkwan bɛn so na Yehowa de mmoa mae bere a asɔretiafo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asɛnka adwuma no to atwa no? (Asomafo no Nnwuma 5:17-20, 33-40)

Ɔkwan bɛn so na asomafo no kyerɛe sɛ na wɔte nea enti a wɔagye wɔn no ase? (Asomafo no Nnwuma 5:21, 41, 42)

Bere a asuafo no bebree hwetee esiane ɔtaa no ano a na ayɛ den nti no, dɛn na wɔkɔɔ so yɛe? (Asomafo no Nnwuma 8:3, 4; 11:19-21)

9. (a) Dɛn na efii saa tete asuafo no som adwuma no mu bae a ɛyɛ anigye? (b) Ɔkwan bɛn so na abɛyɛ nea ɛfa yɛn ho?

9 Adwuma a wɔyɛe wɔ asɛmpa no ho no anyɛ ɔkwa. Ná wɔabɔ asuafo bɛyɛ 3,000 asu wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu. “Na wɔde nnipa a wogye dii no, mmarima ne mmea bebree, toatoa so bɛkaa Awurade ho.” (Asomafo no Nnwuma 2:41; 4:4; 5:14) Bere bi akyi no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ na ataafo a wɔyɛ den sen biara no mu biako, Saulo, a ofi Tarso mpo abɛyɛ Kristoni ma n’ankasa redi nokware no ho adanse a onnsuro. Wɔbɛfrɛɛ no ɔsomafo Paulo. (Galatifo 1:22-24) Adwuma a efii ase afeha a edi kan no mu no mmaa awiei. Emu ayɛ den “nna a edi akyiri” yi mu na adu asase no afã horow nyinaa. Yɛanya hokwan sɛ yebenya mu kyɛfa na bere a yɛyɛ saa no, yebetumi asua biribi afi nhwɛso a adansefo anokwafo a wodii kan somee no yɛe no mu.

10. (a) Hokwan ahorow bɛn na Paulo de dii adanse? (b) Akwan horow bɛn so na woka Ahenni nkrasɛm no kyerɛ afoforo?

10 Bere a Paulo huu nokware a ɛfa Yesu Kristo ho no, wantwentwɛn ne nan ase. “Ntɛm ara na ɔkaa Yesu ho asɛm . . . sɛ ɔne Nyankopɔn ba.” (Asomafo no Nnwuma 9:20) N’ani sɔɔ Onyankopɔn dom a ɛnsɛ no no, na ohui sɛ asɛmpa a wate no hia obiara. Sɛnea na saa bere no so amanne te no, esiane sɛ ná ɔyɛ Yudani nti, ɔkɔɔ hyiadan a na ɛyɛ Yudafo ɔman nhyiambea nso mu kodii adanse. Ɔkaa asɛm afie afie nso na ɔne nkurɔfo susuw nsɛm ho wɔ gua so. Na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛkɔ nsasesin afoforo mu nso akɔka asɛmpa no.—Asomafo no Nnwuma 17:17; 20:20; Romafo 15:23, 24.

11. (a) Ɔkwan bɛn so na Paulo kyerɛe sɛ bere a na onnsuro no, na ɔwɔ nhumu nso wɔ ɔkwan a ɔfaa so dii adanse no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada saa su no adi bere a yedi abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo anaa mfɛfo sukuufo adanse no?

11 Ná Paulo wɔ akokoduru na na ɔwɔ nhumu nso, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no. Ogyinaa bɔ ahorow a Onyankopɔn hyɛɛ Yudafo no agyanom no so kanyan wɔn nkate ahorow. Ogyinaa nneɛma a na Helafo nim no so kasa kyerɛɛ wɔn. Ɛtɔ bere bi a ɔde n’ankasa osuahu a ɔwɔ wɔ nokware no a ohui no mu no di dwuma sɛ biribi a ɔnam so di adanse. Sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ mu no: “Eyi nyinaa asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu kyɛfa.”—1 Korintofo 9:20-23; Asomafo no Nnwuma 22:3-21.

12. (a) Ɛwom sɛ na Paulo nsuro de, nanso dɛn na ɔyɛe sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkwati ntawntawdi a ɔbɛma aba ɔne asɔretiafo ntam? (b) Bere bɛn na ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yesuasua saa nhwɛso no, na wɔ ɔkwan bɛn so? (d) Ɛhe na tumi a yɛde bɛkɔ so akasa a yennsuro no fi ba?

12 Bere a asɛmpa no ho ɔsɔretia ma ɛbɛdaa adi sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ Paulo kɔka asɛm no wɔ baabi foforo anaasɛ obetu akɔ asasesin foforo mu wɔ bere bi mu no, ɔyɛɛ eyi mmom sen sɛ ɔbɛma ɔne nokware no atamfo ntam akasakasa akɔ so. (Asomafo no Nnwuma 14:5-7; 18:5-7; Romafo 12:18) Nanso n’ani anwu asɛmpa no ho da. (Romafo 1:16) Ɛwom mpo sɛ na Paulo ani nnye asɔretiafo no adapaabɔ, basabasayɛ mpo, ne anuɔdensɛm no ho de, nanso “ɔyɛɛ nnam yɛn Nyankopɔn mu” ma ɔkɔɔ so kaa asɛm no. Wɔ nsɛm tebea horow a emu yɛ den a ohyiae no nyinaa akyi no, ɔkae sɛ: “Awurade gyinaa m’akyi na ɔhyɛɛ me den na wafa me so awie asɛnka no.” (1 Tesalonikafo 2:2; 2 Timoteo 4:17) Awurade Yesu a ɔyɛ Kristofo asafo no ti no kɔ so de ahoɔden a wohia na wɔde ayɛ adwuma a ɔka siei a ɛfa yɛn bere yi ho no ma.—Marko 13:10.

13. Dɛn na edi Kristofo suro a wonnsuro no ho adanse, na dɛn so na egyina?

13 Yɛwɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka Onyankopɔn Asɛm a yennsuro sɛnea Yesu Kristo ne afeha a edi kan Onyankopɔn asomfo anokwafo no yɛe no. Eyi nkyerɛ sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wɔn ani nsɔ ade anaasɛ wɔyɛ ahantan wɔ yɛn nneyɛe mu. Ɛho nhia sɛ yɛyɛ wɔn a wonsusuw afoforo ho anaasɛ yɛde nkrasɛm no bɛhyɛ wɔn a wɔmpɛ no. Nanso nkurɔfo ani a ennye asɛm no ho no mma yɛn abaw mu mmu, na saa ara nso na ɔsɔretia mma yɛmmɔ hu na yemmua yɛn ano. Te sɛ Yesu no, yɛtwe adwene kɔ Onyankopɔn Ahenni no so sɛ nea ɛfata sɛ edi asase nyinaa so. Yɛde ahotoso kasa efisɛ yegyina Yehowa, Amansan Hene no ananmu, na nkrasɛm a yɛbɔ no dawuru no nyɛ yɛn de, na mmom efi ne hɔ.—Filipifo 1:27, 28; 1 Tesalonikafo 2:13.

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛka Ahenni nkrasɛm no kyerɛ obiara a ebetumi ayɛ yiye? Nanso sɛnea nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan?

● Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛde yɛn ho bɛto yɛn ankasa ho so wɔ Yehowa som mu?

● Asuade a mfaso wɔ so bɛn na yenya fi Asomafo no Nnwuma nhoma no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]