Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ko a Yɛko Tia Ahonhommɔne Dɔm’

‘Ko a Yɛko Tia Ahonhommɔne Dɔm’

Ti 8

‘Ko a Yɛko Tia Ahonhommɔne Dɔm’

1. Dɛn nti na ahonhommɔne dwumadi fa yɛn ho titiriw?

EBIA nnipa a wɔn ani gye honam fam nneɛma ho kɛse no bedi adwene a ɛkyerɛ sɛ ahonhommɔne wɔ hɔ no ho fɛw. Nanso ɛnyɛ aseresɛm. Sɛ́ ebia wogye di anaasɛ dabi no, adaemone dwumadi nya obiara so tumi. Yehowa asomfo ka ho. Nokwarem no, wɔn na wɔde ani asi wɔn so titiriw. Ɔsomafo Paulo ma yehu ɔko yi bere a ɔkaa eyi no: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya ɔko, na mmom yɛne nniso [a emfi nnipa mu], atumfoɔ, ne sum yi mu wiase sodifo, ne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ ɔsoro hɔnom.” (Efesofo 6:12, NW) Nhyɛso no mu yɛ den kɛse bere nyinaa wɔ yɛn bere yi so efisɛ wɔatow Satan afi soro akyene na ne bo afuw na onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.—Adiyisɛm 12:12.

2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ako atia ahonhommɔne a wɔwɔ tumi sen nnipa na yɛadi nkonim?

2 Ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara betumi adi nkonim wɔ ko a yɛko tia ahonhommɔne dɔm a wɔyɛ den sen onipa no mu? Ɛdenam Yehowa mu ahotoso a edi mũ a yebenya nkutoo so. Ɛsɛ sɛ yetie no na yedi n’Asɛm so. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi akwati nipadua, abrabɔ, nkate ne adwenem ɔsɛe a wɔn a wɔwɔ Satan tumi ase no hyia no.—Efesofo 6:11; Yakobo 4:7.

Wiase Sodifo A Wɔwɔ Ɔsoro Hɔnom

3. Dɛn ne henanom na Satan sɔre tia denneennen?

3 Yehowa ka sɛnea ohu wiase tebea no wɔ faako a ɔwɔ wɔ soro no ho asɛm kyerɛ yɛn pefee. Ɔde anisoadehu bi a wɔyɛɛ Satan ho mfonini wom sɛ “ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ” a wayɛ krado sɛ, sɛ ebetumi a ɔbɛsɛe Onyankopɔn Mesia Ahenni no ntɛm ara bere a wɔbɛwo no wɔ soro wɔ 1914 Y.B. mu no maa ɔsomafo Yohane. Esiane sɛ Satan antumi anyɛ saa nti, ɔde ɔtaa a emu yɛ den baa saa Ahenni no ananmusifo a aniwa hu wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn “ɔbea” no aseni no fã a ɛto so abien no so.—Adiyisɛm 12:3, 4, 13, 17.

4. (a) Nokwasɛm a ɛfa adesamma nniso horow fibea ho bɛn na Bible no ma yehu? (b) Mprempren wɔreboaboa amammui sodifo nyinaa ano akɔ he, na henanom na wɔreyɛ saa?

4 Wɔdaa adesamma nniso horow ahoɔden ne tumi fibea nso adi wɔ saa adiyisɛm a wɔde maa Yohane no mu. Wɔde akekaboa bi a ɔwɔ ti 7 ne mmɛn 10 a ɔyɛ aboa a “ɔwɔ mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so” tumi kyerɛɛ no. Eyi nnyina hɔ mma nniso biako pɛ bi, na mmom wiase nyinaa amammui nhyehyɛe no. Wɔka kyerɛɛ Yohane sɛ “ɔtweaseɛ no [Satan Ɔbonsam] de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa [aboa] no.” (Adiyisɛm 13:1, 2, 7; fa toto Luka 4:5, 6 ho.) Wɔ ka a amammui sodifo ka sɛ wɔyɛ nyamesomfo nyinaa akyi no, aman a ɛne “aboa” no mu biara nni hɔ a wabrɛ ne ho ase ahyɛ Yehowa tumidi ne ne Hene a wapaw no a ɔne Yesu Kristo no ase. Wɔn nyinaa rebɔ mmɔden sɛ wobekura wɔn ankasa tumidi mu. Ɛnnɛ, sɛnea Adiyisɛm kyerɛ no, “nsɛm a adaemone ma wɔka” no rema wɔn nyinaa aboaboa wɔn ho ano akɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ da kɛse mu ko no” wɔ Harmagedon. (Adiyisɛm 16:13, 14, 16, NW) Ampa, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no, “wiase sodifo no” nyɛ nnipa ara kwa, na mmom “ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ ɔsoro hɔnom.” (Efesofo 6:12, NW) Ɛho hia sɛ wɔn a wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Yehowa nokware asomfo no nyinaa te nea ɛno kyerɛ no ase yiye.

5. Dɛn nti na ahwɛyiye ho hia na ama yɛatumi akwati daadaa a wɔbɛdaadaa yɛn ma yɛaboa Satan nhyehyɛe no?

5 Ntawntawdi ahorow a ɛpaapae adesamma abusua no mu no ka yɛn asetra da biara. Nkurɔfo taa nam nsɛm a wɔka anaasɛ ɔkwan foforo a wɔfa so no so gyina ɔman, abusua, ɔkasa anaasɛ asetra mu kuw a wɔyɛ emufo akyi. Sɛ kuw pɔtee a wɔyɛ emufo no mfa wɔn ho nhyɛ ntawntawdi bi a ɛrekɔ so no mu tee mpo a, ebia wohu sɛ wɔpɛ obiako asɛm sen foforo no. Nanso ɔhaw no, onipa no anaasɛ ɔkwan ko a wɔnam so a wogye tom no mfa ho, dɛn ankasa na wɔreboa? Bible no ka no pefee sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na obi betumi akwati daadaa a wɔbɛdaadaa ɔne adesamma abusua a wɔaka no? Ɛdenam Onyankopɔn Ahenni no akyi a obegyina kɛse na wakura afã biara a onni no mu wɔ ntawntawdi a ɛrekɔ so wɔ wiase no mu no so.—Yohane 17:15, 16.

Ɔbɔne No Nnɛɛdɛe Ahorow

6. Dɛn na ɛka akwan horow a Satan afa so adan nkurɔfo afi nokware som ho no ho?

6 Wɔ abakɔsɛm mu mmere horow nyinaa mu no, Satan de nsɛm ne nipadua mu ɔtaa adi dwuma de adan nnipa afi nokware som ho. Nanso wafa anifere akwan horow so—anifere nneyɛe ne nnɛɛdɛe.

7. Ɔkwan bɛn so na Satan ada anifere a ɔyɛ no adi wɔ atoro som a ɔde di dwuma no mu?

7 Ɔnam anifere kwan so de atoro som adi dwuma de ama adesamma mu fã kɛse ara aka sum mu na ɔma wosusuw sɛ wɔresom Onyankopɔn, sɛ wɔpɛ no saa a. Esiane sɛ wonni ɔdɔ ankasa mma nokware no nti, ebia wɔn ani begye ahonhomsɛmdi ne asɔre ahorow a wɔyɛ a ɛkanyan nkate ne ahoɔden nnwuma ho. (2 Tesalonikafo 2:9, 10) Nanso wɔde kɔkɔbɔ ma yɛn sɛ wɔn a wɔanya nokware som mu kyɛfa mpo no mu ‘binom bɛwae . . . akotie nnaadaa honhom ne adaemone nkyerɛkyerɛ.’ (1 Timoteo 4:1) Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa?

8. Ɔkwan bɛn so na Satan adaadaa ebinom a na anka wɔsom Yehowa no mpo ma wɔde wɔn ho akɔhyɛ atoro som mu?

8 Ɔbonsam nam anifere kwan so kanyan obi mmerɛwyɛ. So onipa ho suro da so ara wɔ ne so tumi? Sɛ ɛte saa a, ɛnde obetumi agyaa ne ho mu ama abusuafo anaasɛ afipamfo nhyɛso na ɔde ne ho ahyɛ nneyɛe a efi atoro som mu no mu. So onipa no yɛ ahantan? Ɛnde ne bo betumi afuw bere a wɔde afotu rema no no anaasɛ bere a afoforo nnye n’adwene a ɔda no adi ntom no. (Mmebusɛm 29:25; 15:10; 1 Timoteo 6:3, 4) Na sɛ ɛnyɛ ɔdɔ na ɛkanyan no ma ɔde ne ho hyɛ asɛnka adwuma no mu nso ɛ? Sɛ anka ɔbɛsakra n’adwene ma ɛne Kristo nhwɛso no ahyia no, ebia ɔbɛdan akɔ wɔn a ‘wonunu n’asom’ no nkyɛn denam ka a ɔbɛka sɛ Bible no a ɔbɛkenkan ara kwa na wabu “bra pa” no dɔɔso no so. (2 Timoteo 4:3) Sɛ́ ebia ɔkɔdɔm nyamesom kuw foforo anaasɛ ɔbɛtra n’ankasa som bi mu no nyɛ nea ɛho hia Satan titiriw bere tenten a ɔnsom Yehowa wɔ ɔkwan a Onyankopɔn nam n’Asɛm ne n’ahyehyɛde so kyerɛ no so no.

9. Ɔkwan bɛn so na Satan nam anifere kwan so de ɔbarima ne ɔbea nna di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obedu ne botae ho?

9 Satan nam anifere so nso daadaa nkurɔfo ma wodwudwo wɔn akɔnnɔ ano wɔ akwan a ɛnteɛ so. Wayɛ saa wɔ ɔbarima ne ɔbea nna ho akɔnnɔ ho. Esiane sɛ nnipa pii a wɔwɔ wiase no mu no pow Bible mu abrabɔ pa no nti, wobu nnipa a wɔnwaree a wɔne wɔn ho da no sɛ anigyede a eye anaasɛ ɔkwan a wɔnam so kyerɛ sɛ wɔanyinyin. Na awarefo nso ɛ? Ɛnyɛ nea ɛntaa mma sɛ wiasefo a wohyia nsɛnnennen wɔ aware mu no begyae aware na wɔasan aware obi foforo anaasɛ wɔbɛtew wɔn ho na wɔne obi foforo akɔtra. Sɛ yɛhwɛ asetra kwan yi a, so yɛte nka sɛ yɛrehwere biribi ne sɛ Kristosom yɛ katee dodo? Anifere kwan a Satan nam so no ne sɛ ɔbɛma obi asusuw sɛ Yehowa de biribi pa bi rekame no. Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw anigye a yebetumi anya mprempren no ho—na ɛnyɛ nea ebefi mu aba daakye a ɛbɛka yɛne afoforo ne yɛne Yehowa ne ne Ba no ntam abusuabɔ ho.—Galatifo 6:7, 8; 1 Korintofo 6:9, 10.

10. Ɔkwan bɛn so na Satan abɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe su a yekura wɔ basabasayɛ ho no?

10 Ade foforo nso a yɛn kɔn betumi adɔ ne anigyede. Sɛ eye a, ebetumi ama yɛanya nipadua, adwene ne nkate mu ahoɔden. Nanso yɛyɛ yɛn ade dɛn bere a Satan nam anifere kwan so de ahomegye bere di dwuma de bɔ mmɔden sɛ ɔremma yensusuw nneɛma ho te sɛ Onyankopɔn no? Sɛ nhwɛso no, yenim sɛ Yehowa tan wɔn a wɔpɛ basabasayɛ. (Dwom 11:5) Nanso bere a woyi kyerɛ wɔ television so anaasɛ agodibea no, so yɛtra hɔ komm hwɛ ne nyinaa? Anaasɛ sɛ woyi kyerɛ sɛ agumadi a, so yegye tom na ebia yɛteɛteɛm mpo de hyɛ wɔn a wonya mu kyɛfa no nkuran?—Fa toto Genesis 6:13 ho.

11. Akwan horow bɛn so na sɛ obi a onim nokware a ɛfa ahonhomsɛmdi ho no amma n’ani anna hɔ a, ebetumi asum no afiri?

11 Yenim nso sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ahonhomsɛmdi biara mu—adebisa, abayisɛm ne mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔne awufo bɛkasa—no yɛ “[Yehowa] akyide.” Yɛrennya adwene sɛ yɛbɛkɔ akobisa ade wɔ asamanfrɛfo hɔ na ɛda adi sɛ yɛrennye wɔn mma yɛn fie sɛ wommedi wɔn adaemonesɛm no wɔ hɔ. Na sɛ wɔba yɛn television so a, so yebetie wɔn na yɛde ahodwiriw ahwɛ wɔn? Ɛwom sɛ yɛrempene so mma ɔkɔmfo bi nsa yɛn yare de, nanso so yɛde hama bi bɛto yɛn ba a yɛawo no foforo nsa a yekura adwene sɛ ebetumi abɔ ne ho ban afi ɔhaw ho anaa? Anaasɛ bere a yenim sɛ Bible no ka sɛ ‘kaberɛ a wɔde kyekyere afoforo’ no nye no, so yɛbɛma kwan ma nkonyaayifo bi akyerɛ yɛn adwene kwan wɔ bere tiaa bi mpo mu anaa?—Deuteronomium 18:10-12; Galatifo 5:19-21.

12. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde nnwom di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma yɛanya adwene a yenim sɛ enye? (b) Ɔkwan bɛn so na obi atadehyɛ, sɛnea ɔyɛ ne ti, anaasɛ ɔkasa betumi akyerɛ sɛ n’ani gye wɔn a Yehowa mpene wɔn asetra kwan so no ho? (d) Sɛ yebekwati Satan anifere nnɛɛdɛe ahorow a yɛbɛma anya yɛn no a, dɛn na wɔhwehwɛ wɔ yɛn fam?

12 Yɛakenkan wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma ‘wɔde adwene a ɛnteɛ bɔ aguamammɔ ne afideyɛ biara din wɔ yɛn mu mpo.’ (Efesofo 5:3-5) Na sɛ wɔnam anifere kwan so de nsɛm a ɛte saa yɛ nnwom a ɛyɛ dɛ na ɛkanyan obi nso ɛ? So yebefi ase ato nnwom a ɛkamfo ɔbarima ne ɔbea nna a nnipa a wɔnyɛ awarefo de wɔn ho hyem, nnubɔne a wɔde di dwuma de gye wɔn ani ne nneɛma afoforo pii kyerɛ no bi? Anaasɛ bere a yenim sɛ ɛnsɛ sɛ yesuasua wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nneɛma a ɛtete saa mu no asetra kwan no, so yɛne wɔn bɔ denam ɔkwan a wɔfa so hyɛ wɔn ntade, sɛnea wɔyɛ wɔn ti, anaasɛ wɔkasa a yesuasua no so? Hwɛ sɛnea Satan yɛ anifere! Hwɛ sɛnea akwan horow a ɔfa so daadaa adesamma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nneyɛe ne n’adwene a asɛe no behyia no yɛ nea edi awu! (2 Korintofo 4:3, 4) Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremma n’anifere nnɛɛdɛe no nnya yɛn no, ɛsɛ sɛ yekwati bɔ a yɛne wiase no bɛbɔ. Ɛho hia sɛ yɛma wɔn a wɔyɛ “wiase yi sum mu atumfoɔ” no ho asɛm tra yɛn adwenem na yɛde nnamyɛ ko tia wɔn nkɛntɛnso.—Efesofo 6:12; 1 Petro 5:8.

Wɔasiesie Yɛn Na Ama Yɛayɛ Nkonimdifo

13. Ɔkwan bɛn so na yɛn mu bi, wɔ yɛn sintɔ ahorow no nyinaa akyi, betumi adi wiase a Satan di so tumi no so nkonim?

13 Ansa na Yesu rewu no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase no so nkonim.” Enti, wɔn nso wobetumi ayɛ nkonimdifo; na wɔ bɛboro mfe 60 akyi no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Ɛhena ne nea odi wiase so nkonim sɛ nea ogye di sɛ Yesu ne Nyankopɔn ba?” (Yohane 16:33; 1 Yohane 5:5) Yɛnam Yesu ahyɛde horow a yedi so ne yɛn ho a yɛde to Onyankopɔn Asɛm so no so na yɛda gyidi a ɛte saa no adi. Dɛn bio na wɔhwehwɛ? Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho bɔ asafo a ɔno ne ne ti no ho kɛse. Sɛ yɛtɔ sin a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kyerɛ ahonu na yɛfa Yesu afɔrebɔ no so hwehwɛ Onyankopɔn hɔ fafiri. Ɛmfa ho sɛ yɛwɔ sintɔ ahorow no, yɛn nso yebetumi ayɛ nkonimdifo wɔ saa kwan yi so.

14. (a) Kenkan Efesofo 6:13-18. (b) Gyina nsemmisa ne kyerɛw nsɛm ahorow a wɔde ama no so fa ka mfaso horow a efi honhom mu akode ahorow no mu fã biara mu ba no ho asɛm.

14 Sɛnea ɛbɛyɛ a yebedi nkonim no, ɛho hia sɛ yɛhyɛ “Onyankopɔn akode no nyinaa” a yɛremmu yɛn ani ngu emu biara so. Yɛsrɛ wo, bue wo Bible no mu wɔ Efesofo 6:13-18 na kenkan nkyerɛkyerɛmu a ɛde ma wɔ akode no ho no. Afei susuw sɛnea wubetumi anya mfaso afi ahobammɔ a akode no fã biara de ma no ho denam nsemmisa a ɛwɔ ase ha no a wubebua no so.

“Momfa nokware nkyekye mo asen”

Ɛwom sɛ ebia yenim nokware no de, nanso ɔkwan bɛn so na adesua a yɛyɛ daa, Bible no mu nokware no ho a yedwen ne nhyiamkɔ bɔ yɛn ho ban? (Filipifo 3:1; 4:8, 9; 1 Korintofo 10:12, 13; 2 Korintofo 13:5; 1 Petro 1:13, Kingdom Interlinear)

“Trenee nkatabo”

Eyi yɛ hena trenee gyinapɛn? (Adiyisɛm 15:3)

Kyerɛ sɛnea Yehowa ahyɛde horow ho asoɔdenyɛ esiane ɔdɔ a obi nnya mma n’akwan horow nti no betumi apira no kɛse wɔ honhom mu. (Hwɛ 1 Samuel 15:22, 23; Deuteronomium 7:3, 4)

“Asomdwoe asɛmpa ho ahodaso nhyehyɛ mo anan”

Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ ahobammɔ sɛ yɛbɛma yɛn anan ayɛ hare na yɛakɔka Onyankopɔn nsiesiei a wayɛ ama asomdwoe no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo? (Romafo 10:15; Dwom 73:2, 3; 1 Timoteo 5:13)

“Gyidi kyɛm” kɛse

Sɛ yɛwɔ gyidi a atim pintinn a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ mmɔden ahorow a wɔbɔ sɛ wɔbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn nãã anaasɛ yɛasuro no ho? (Fa toto 2 Timoteo 1:12; 2 Ahene 6:15-17 ho.)

“Nkwagye dade kyɛw”

Ɔkwan bɛn so na nkwagye ho anidaso no boa obi ma ɔkwati honam fam nneɛma ho adwene ntraso a ebesum no afiri no? (1 Timoteo 6:7-10, 19)

“Honhom nkrante”

Bere a yɛko tia ntua ahorow a wɔde ba yɛn anaa afoforo honhom mu yiyedi so no, dɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to bere nyinaa? (Dwom 119:98; Mmebusɛm 3:5, 6; fa toto Mateo 4:3, 4 ho.)

Nea ɛne ɛno hyia no, dɛn bio na wɔkyerɛ sɛ ɛho hia na ama yɛadi nkonim wɔ honhom mu akodi no mu sɛnea wɔaka wɔ Efesofo 6:18, 19 no? Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma? Ma henanom?

15. (a) So ɛyɛ yɛn ankasa honhom mu ɔko ara kwa na yɛn nyinaa redi? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ako wɔ ɔko no mu?

15 Sɛ́ Kristofo asraafo no, yɛyɛ asraafo dɔm kɛse bi a wɔredi honhom mu ako no fã. Sɛ yɛkɔ so ma yɛn ani da hɔ na yɛde Onyankopɔn akode no nyinaa di dwuma kosi ase a, yɛrenyɛ saa ɔko no mu atɔfo. Mmom no, yɛbɛhyɛ yɛn mfɛfo Onyankopɔn asomfo den. Yɛbɛyɛ krado sɛ yebenya ɔpɛ sɛ yebedi kan ayɛ ade de atrɛw Onyankopɔn Mesia Ahenni nniso a Satan sɔre tia denneennen no ho asɛmpa no mu.

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Dɛn nti na Yehowa asomfo bɔ mmɔden sɛ wobekura afã biara a wonni no mu wɔ ntawntawdi a ɛkɔ so wɔ wiasefo ntam no mu?

● Anifere nnɛɛdɛe a Satan de di dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe Kristofo wɔ honhom mu no bi ne nea ɛwɔ he?

● Ɔkwan bɛn so na akode a Onyankopɔn de ama no bɔ yɛn ho ban wɔ akwan horow a ɛho hia kɛse wɔ honhom mu ɔko yi mu no so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]