Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”

“Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”

Ti 17

“Momfa Ɔdɔ a Emu Yɛ Den Nnodɔ Mo Ho”

1, 2. (a) Dɛn na afoforofo a wɔba Yehowa Adansefo nhyiam horow ase no ani taa gye ho? (b) Su yi ho adanse foforo bɛn na wohu wɔ yɛn nhyiam akɛse ase?

SƐ NKURƆFO ba Yehowa Adansefo asafo nhyiam ahorow ase nea edi kan a, wɔn ani taa gye ɔdɔ a woyi adi kyerɛ wɔ hɔ no ho kɛse. Wohu eyi wɔ fekubɔ a emu yɛ hyew ne wɔn ankasa a wɔma wɔn akwaaba no mu.

2 Wɔ yɛn nhyiam akɛse ase no, wɔn a wɔba hɔ hu sɛ wɔn a wɔaba ase no mu pii abrabɔ ye kɛse. Sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee wɔ nhyiam kɛse bi a ɛte saa ho sɛ: ‘Na obiara nni hɔ a wanom nnubɔne anaasɛ nsa a ano yɛ den. Na nteɛteɛm biara nni hɔ. Na apiapia biara nni hɔ. Na obiara nni hɔ a ɔkeka ntam na ɔdome afoforo. Na wonni afoforo ho fɛw anaasɛ wɔnka kasafĩ. Na wusiw biara nni mframa no mu. Na wɔmmɔ korɔn wɔ hɔ. Na obiara nni hɔ a ɔretotow nkankyee gow agu sare no so. Na ɛyɛ ade a wɔntaa nhu ankasa.’ Eyi nyinaa di ɔdɔ a ‘ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata na ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de’ no ho adanse.—1 Korintofo 13:4-8.

3. (a) Wɔ bere ne bere mu no, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ ɔdɔ a yeyi adi kyerɛ no ho? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ a yebesuasua Yesu no, ɔdɔ bɛn na ɛho hia sɛ yenya?

3 Ɔdɔ yɛ su a ɛma wohu nokware Kristoni biara. (Yohane 13:35) Bere a yɛrenyin wɔ honhom mu no, ɛsɛ sɛ yɛda no adi kyerɛ kɛse. Ɔsomafo Paulo bɔɔ mpae sɛ ne nuanom dɔ ‘nkɔ so mmoro so ara.’ (Filipifo 1:9; 1 Tesalonikafo 3:12) Afei nso Petro hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ wɔmma wɔn dɔ no nyɛ nea ɛka “anuanom kuw no nyinaa.” (1 Petro 2:17, NW) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛyɛ pii sen nhyiam a yɛne nnipa a yɛbɔ mmɔden kakraa bi sɛ yebehu wɔn no bɛkɔ ara kwa no. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛsen ayamye mu a yebefi akyia afoforo wɔ bere ne bere mu. Ɔsomafo Yohane kyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ ho a wɔde bɔ afɔre. Ɔkyerɛwee sɛ: “Eyi mu na yehu ɔdɔ no, sɛ ɔno [Onyankopɔn Ba no] de ne kra too hɔ maa yɛn. Na ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma anuanom.” (1 Yohane 3:16; Yohane 15:12, 13) Yennya nyɛɛ saa ɛ. Nanso so yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama yɛn nuanom ampa? Wiɛ, yefi yɛn pɛ mu kɔboa wɔn kodu he bere a ebia ɛbɛyɛ ɔhaw ama yɛn mpo no?

4. (a) Ɔkwan foforo bɛn so na ebia yebehu sɛ yebetumi ada ɔdɔ adi kɛse? (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya ɔdɔ a emu yɛ den ma yɛn ho yɛn ho?

4 Nea ɛka nneyɛe ahorow a ɛda ho a wɔde bɔ afɔre adi ho no, ɛho hia sɛ yebenya yɛn nuanom ho ayamhyehye ankasa. Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye.” (Romafo 12:10) Yɛn nyinaa te nka saa wɔ nnipa binom ho. So yebetumi de nnipa afoforo pii aka wɔn a yɛwɔ ɔdɔ a ɛte sɛɛ ma wɔn no ho? Bere a nhyehyɛe dedaw no awiei rebɛn no, ɛho hia sɛ yɛbɛbɛn yɛn nuanom Kristofo kɛse. Bible no ma yehu eyi sɛ: “Ade nyinaa awiei abɛn . . . na ne titiriw momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.”—1 Petro 4:7, 8.

5. Dɛn nti na ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ ɔhaw biara rentumi mma asafo bi mufo bi ntam?

5 Ampa, bere tenten a yɛnyɛ pɛ no, bere bi bɛba a yɛbɛyɛ nneɛma a ɛhaw afoforo. Wɔn nso wɔnam akwan horow so bɛyɛ bɔne atia yɛn. (1 Yohane 1:8) Sɛ wuhu sɛ wɔwɔ tebea a ɛte saa mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

Nea Ɛsɛ Sɛ Yɛyɛ Bere A Nsɛnnennen Sɔre No

6. (a) Dɛn nti na ebia Bible afotu ne nea yɛpɛ renhyia bere nyinaa? (b) Sɛ yɛde di dwuma a, dɛn na ebefi mu aba?

6 Kyerɛwnsɛm no de akwankyerɛ a ɛho hia no ma. Nanso ebia afotu a wɔde ma no ne nea yɛn sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ no bɛpɛ sɛ yɛyɛ no renhyia. (Romafo 7:21-23) Nanso, mmɔdenbɔ a yɛde bedi ho dwuma no bedi adanse sɛ yefi koma pa mu pɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani, na ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo no nso ayɛ kɛse.

7. (a) Sɛ obi ma yedi yaw a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bi tua no so ka? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yekwati onua bi a ɔfom yɛn no ara kwa?

7 Ɛtɔ bere bi a, sɛ nkurɔfo di yaw a, wɔhwehwɛ akwan horow a wɔbɛfa so ayɛ bi atua nea wafom wɔn no so ka. Nanso ɛno ma tebea no sɛe kɛse. Sɛ aweredi ho hia a, ɛsɛ sɛ yegyaw ɛno ma Onyankopɔn. (Mmebusɛm 24:29; Romafo 12:17-21) Ebia afoforo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔne nea wafom wɔn no renyɛ hwee bio na wobekwati nkitaho a wɔne no bedi. Nanso yɛrentumi nyɛ yɛn mfɛfo asomfo saa. Yɛn som a ɛbɛsɔ ani no fã gyina yɛn nuanom a yɛbɛdɔ wɔn no so. (1 Yohane 4:20) So yebetumi aka wɔ nokwarem sɛ yɛdɔ obi a yɛne no renkasa anaasɛ hu a yehu no no haw yɛn ankasa no? Ɛho hia sɛ yɛte sɛnea ɔhaw no te ase na yedi ho dwuma. Ɔkwan bɛn so?

8, 9. (a) Sɛ yɛne yɛn nua bi wɔ asɛm bi a, dɛn ne nea ɛteɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Na sɛ wakɔ so ayɛ bɔne atia yɛn mpɛn pii nso ɛ? (d) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi asɛm yi ho dwuma wɔ saa kwan yi so, na dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa?

8 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ saa asɛm yi ho sɛ: “Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no.” (Kolosefo 3:13) So wubetumi ayɛ saa? Na sɛ onipa no kɔ so yɛ bɔne tia wo mpɛn pii wɔ akwan horow so nso ɛ?

9 Na ɔsomafo Petro wɔ asemmisa koro no ara na osusuwii sɛ ebia ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde onua bi bɔne befiri no mpɛn ason. Yesu buae sɛ: “Minse wo sɛ enkosi mpɛn ason, na mmom aduɔson ahorow ason!” Nanso dɛn ntia? Yesu de mfatoho bi a esii ka kɛse a yɛde Onyankopɔn no so dua, sɛ yɛde toto nea ebia onipa bi de yɛn no ho a, de kyerɛkyerɛɛ mu. (Mateo 18:21-35) Yɛyɛ bɔne tia Onyankopɔn da biara wɔ akwan horow pii so—ɛtɔ bere bi a, denam pɛsɛmekominya adeyɛ bi so na mpɛn pii denam nea yɛka anaasɛ yesusuw ne tumi a yentumi nyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ no so. Esiane sɛ yennim nti, ebia yɛrentumi nhu mpo sɛ nneɛma bi a yɛyɛe no nye anaasɛ esiane ahopere a yɛde yɛ ade wɔ asetra mu nti, ebia yɛrensusuw asɛm no ho anibere so. Onyankopɔn betumi agye yɛn nkwa afi yɛn nsam de atua yɛn bɔne so ka. (Romafo 6:23) Nanso wakɔ so ara ahu yɛn mmɔbɔ. (Dwom 103:10-14) Enti ɛnyɛ nea ntease nnim koraa sɛ ɔhwehwɛ sɛ yɛne yɛn ho yɛn ho bedi no saa ara. (Mateo 16:14, 15; Efesofo 4:1-3) Sɛ yɛyɛ saa sen sɛ yebenya afoforo ho tan a, ɛnde na ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛanya ‘ɔdɔ a ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam.’—1 Korintofo 13:4, 5; 1 Petro 3:8, 9.

10. Sɛ onua bi wɔ yɛn ho asɛm a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

10 Ɛtɔ bere bi a yehu sɛ ɛwom sɛ yenni yɛn nua bi ho tan de, nanso ɔwɔ yɛn ho asɛm bi. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yɛne no kɔkasa ntɛm ara na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛma asomdwoe asan aba yɛn ntam. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yenni kan nyɛ saa. (Mateo 5:23, 24) Ebia saa a yɛbɛyɛ no renyɛ mmerɛw. Egye ɔdɔ ne ahobrɛase. So saa su ahorow no yɛ den kɛse wɔ wo mu ma enti wobɛyɛ nea Bible de afotu ma wɔ ho no? Eyi yɛ botae titiriw a ɛsɛ sɛ wudi ho dwuma.

11. Sɛ onua bi yɛ biribi a ɛma yɛn bo fuw a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho?

11 Wɔ ɔkwan foforo so no, ebia na obi reyɛ nneɛma bi a ɛma wo—ne ebia afoforo—bo fuw. So ɛrenyɛ papa sɛ obi bɛkasa akyerɛ no? Sɛ w’ankasa wobɛkyerɛkyerɛ ɔhaw no mu akyerɛ no wɔ ayamye kwan so a, anka nneɛma pa betumi afi mu aba. Nanso nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wubisa wo ho sɛ: ‘So nneɛma a ɔyɛ no nnyina kyerɛwsɛm so ampa? Anaasɛ ɔhaw no fi me nsɛm tebea ne me ntetee a ɛyɛ soronko fi ne de ho no nti no titiriw?’ Sɛ saa a, ɛnde hwɛ yiye na woamfa w’ankasa gyinapɛn ahorow ansisi hɔ na wɔannyina eyi so ammu atɛn. (Yakobo 4:11, 12) Yehowa gye nnipa a ɛsono wɔn nsɛm tebea horow nyinaa tom a animhwɛ biara nnim na ɔtɔ ne bo ase ma wɔn bere a wɔrenyin wɔ honhom mu no.

12. (a) Sɛ obi yɛ bɔne a anibere wom wɔ asafo no mu a, henanom na wodi ho dwuma? (b) Nanso wɔ tebea horow bɛn mu na ɛyɛ nea wɔayɛ bɔne atia no no asɛyɛde sɛ odi kan yɛ ade? Botae bɛn na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ saa?

12 Nanso, sɛ asafo no muni bi de ne ho hyɛ bɔne a anibere wom mu a, ɛho hia sɛ wodi ho dwuma ntɛm ara. Nanso henanom na wobedi eyi ho dwuma? Mpanyimfo no na wɔtaa yɛ saa. Nanso sɛ ɛyɛ anuanom ntam adwuma ho asɛm anaasɛ asɛm a wɔaka ma apira obi kɛse a, ɛnde ɛsɛ sɛ onii a wɔayɛ bɔne atia no no di kan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa nea wafom no. Ebia ɛno bɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ den ma ebinom. Nanso ɛno ne afotu a Yesu de ma wɔ Mateo 18:15-17. Ɔdɔ a obi wɔ ma ne nua ne ɔpɛ ankasa a ɔwɔ sɛ ɔbɛma wakɔ so ayɛ ne nua no bɛboa no ma wayɛ saa wɔ ɔkwan a sɛ ebetumi a, ebedu nea wafom no komam no so.—Mmebusɛm 16:23.

13. Sɛ ɔhaw bi ba yɛne onua foforo bi ntam a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛahwɛ asɛm no yiye?

13 Sɛ ɔhaw bi, sɛ ebia ɛyɛ kɛse anaasɛ ketewaa sɔre na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛte sɛnea Yehowa hu no no ase a, ɛboa yɛn. Ɔmpene bɔne biara so nanso ohu wɔ yɛn nyinaa mu. Wɔ ne bere a ɛsɛ mu no, woyi wɔn a wɔyɛ bɔne a wɔnkyerɛ ahonu no fi n’ahyehyɛde no mu. Na yɛn a yɛaka no nso ɛ? Oyi abodwokyɛre ne mmɔborohunu adi kyerɛ yɛn nyinaa. Ɔyɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesuasua. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛreyi ɔdɔ a ɔwɔ no adi akyerɛ.—Efesofo 5:1, 2.

Hwehwɛ Akwan Horow A Wobɛfa So ‘Atrɛw Mu’

14. (a) Dɛn nti na Paulo hyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ ‘wɔntrɛw mu’ no? (b) Kyerɛwnsɛm ahorow a wɔabobɔ din wɔ ha no kyerɛ sɛ eye sɛ yɛn nyinaa besusuw eyi ho dɛn?

14 Na ɔsomafo Paulo de asram pii ahyɛ asafo a na ɛwɔ Korinto wɔ Hela no den. Na wayɛ adwuma denneennen de aboa anuanom a wɔwɔ hɔ no na na ɔdɔ wɔn. Nanso na wɔn mu binom nni ɔdɔ mma no. Na wɔkasa tia no kɛse. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ‘wɔntrɛw’ ɔdɔ a woyi adi kyerɛ no ‘mu.’ (1 Korintofo 6:11-13; 12:15) Eye sɛ yɛn nyinaa besusuw faako a ɔdɔ a yeyi adi kyerɛ afoforo no kodu no ho na yɛhwehwɛ akwan horow a yɛbɛfa so ‘atrɛw mu.’—1 Yohane 3:14; 1 Korintofo 13:3.

15. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛama ɔdɔ a yɛwɔ ma obi a ebia yɛn ani nnye ne ho no anyin ayɛ kɛse?

15 So ebinom wɔ asafo no mu a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛbɛn wɔn kɛse? Sɛ yefi yɛn pɛ mu bɔ mmɔden sɛ yebebu yɛn ani agu mfomso nketenkete biara a wɔyɛ no so sɛnea yɛbɛpɛ sɛ wɔyɛ ma yɛn no a, eyi betumi aboa ma abusuabɔ a ɛda yɛne wɔn ntam no ayɛ anigye. (Mmebusɛm 17:9; 19:11) Sɛ yɛhwehwɛ su pa a wɔwɔ na yɛde yɛn adwene si eyi so a, sɛnea yɛte nka wɔ wɔn ho no nso betumi ayɛ yiye. So yɛahyɛ akwan horow a Yehowa nam so de anuanom yi di dwuma no nsow ankasa? Eyi bɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma wɔn no anyin ampa.—Luka 6:32, 33, 36.

16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ‘atrɛw’ ɔdɔ a yebeyi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ yɛn asafo no mu no ‘mu’ wɔ ɔkwan pa so?

16 Yegye tom sɛ anohyeto wɔ nneɛma ahorow a yebetumi ayɛ ama afoforo no mu. Ebia yɛrentumi nkyia obiara wɔ nhyiam biara ase. Ebia ɛrentumi nyɛ yiye sɛ bere a yɛto nsa frɛ yɛn nnamfo ma wɔabedidi no, yebetumi afrɛ obiara. Yɛn nyinaa wɔ nnamfo paa a yɛne wɔn bom yɛ ade kɛse sen sɛnea yɛne afoforo yɛ. Nanso so yebetumi ‘atrɛw mu’? So yebetumi de simma kakraa bi ahu yɛn asafo no muni bi a ɔnyɛ yɛn adamfo paa no yiye dapɛn biara? Sɛ ɛtɔ bere bi a, so yebetumi ato nsa afrɛ eyinom mu bi ma wɔne yɛn abɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu? Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma yɛn ho yɛn ho ampa a, ɛnde nokwarem no, yɛbɛhwehwɛ akwan horow a yɛbɛfa so akyerɛ saa.

17. Bere a yɛwɔ anuanom a yenhyiaa wɔn da mu no, dɛn na ebetumi akyerɛ sɛ yɛwɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma wɔn nso?

17 Kristofo nhyiam akɛse ma yenya hokwan ahorow a eye a ɛbɛma ‘yɛatrɛw’ yɛn dɔ mu. Ebia nnipa mpempem pii bɛba ase. Yɛrentumi nkyia wɔn nyinaa. Nanso sɛ yenhyiaa wɔn da mpo a, yebetumi ayɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ sɛ yɛde wɔn yiyedi di nea ɛma yɛn ho tɔ yɛn no anim kan. Na yebetumi akyerɛ denam di a yebedi kan akokyia wɔn a wɔtete yɛn nkyɛn no bere a wɔapɔn nhyiam no ma yɛrekogye yɛn ahome no so. Da bi, wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛyɛ anuanom a wɔayɛ biako resom yɛn nyinaa Nyankopɔn ne Agya no. Anigye bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛɛ yi sɛ yebehu wɔn nyinaa ne wɔn su ahorow ahorow pii no! Ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma wɔn no bɛka yɛn ma yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ saa. Dɛn nti na wumfi ase mprempren?

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Sɛ ɔhaw ba anuanom mmarima anaasɛ mmea ntam a, ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma dɛn? Dɛn ntia?

● Bere a yɛrenyin wɔ honhom mu no, akwan horow bɛn so na ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ no nso nyin?

● Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada ɔdɔ a emu yɛ den adi akyerɛ wɔn a wɔnka yɛn nnamfo paa ho no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]