Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yehowa Da No Ntra Mo Adwene mu Yiye

Momma Yehowa Da No Ntra Mo Adwene mu Yiye

Ti 23

Momma Yehowa Da No Ntra Mo Adwene mu Yiye

1. (a) Bere a wuhui nea edi kan sɛ gye a wobegye yɛn afi asetra mu amanehunu a ɛwɔ nhyehyɛe dedaw yi mu abɛn no, woyɛɛ w’ade dɛn? (b) Eyi ho nsemmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho anibere so?

AKYINNYE biara nni ho sɛ nneɛma a edi kan a wuhu fii Bible no sua mu no mu biako ne sɛ gye a wobegye yɛn afi asetra mu amanehunu a ɛwɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe no mu no abɛn. (Luka 21:28) Wubehui sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ asase nyinaa bɛyɛ Paradise. Nsɛmmɔnedi, akodi, ɔyare ne owu rentra hɔ bio, na adɔfo a wɔawuwu mpo bɛsan anya nkwa bio. Anidaso a ɛma koma ani gye bɛn ara ni! Wosii bɛn a abɛn no so dua denam adanse a ɛkyerɛ sɛ Kristo ba a waba sɛ Ɔhene a ɔredi tumi a aniwa nhu no no fii ase wɔ 1914 Y.B. mu ne sɛ, efi saa bere no reba no yɛwɔ wiase bɔne yi nna a edi akyiri no mu no so. So saa nimdeɛ no de nsakrae ahorow aba w’asetra mu? So ɔkwan a wofa so tra ase kyerɛ ampa sɛ wugye di sɛ “Yehowa da no” abɛn?

2. (a) Bere bɛn na “Yehowa da” no bɛba? (b) Ɔkwan bɛn so na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yehowa anyi “ɛda anaasɛ dɔn ko no” ankyerɛ no ayɛ nea mfaso wɔ so?

2 Kyerɛwnsɛm no kyerɛ pefee sɛ “awo ntoatoaso” a ehuu Kristo ba a waba no mfiase no behu “Yehowa da kɛse” a emu na ɔde atemmu ba wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ nyinaa so no nso. (Mateo 24:34; Sefania 1:14–2:3) Saa “awo ntoatoaso” no akɔ anim ara yiye wɔ mfe mu. Nanso Bible nkyerɛ da pɔtee a Yesu Kristo bɛba sɛ Yehowa ɔbrafo a ɔko tia Satan nneɛma nhyehyɛe a ɛwɔ asase so no. Yesu kae sɛ: “Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro no nso nnim, ɔba no nso nnim, gye agya no.” (Marko 13:32) Eyi ayɛ nea mfaso wɔ so yiye. Ɔkwan bɛn so? Aboa ma nea ɛwɔ nkurɔfo koma mu no ada adi. Sɛ ebinom nnɔ Yehowa ampa a, wɔbɛpɛ sɛ wotu ne “da” no hyɛ da wɔ wɔn adwene mu na wokodi wiase nneɛma a wɔn koma pɛ no akyi. Yehowa ani sɔ wɔn a wɔdɔ no nokware mu na wɔde wɔn kra nyinaa mu a wofi som no no kyerɛ saa a bere a nhyehyɛe bɔne no awiei ba mfa ho no nkutoo sɛ ne nkoa. Onyankopɔn ne ne Ba no ani nsɔ wɔn a wɔyɛ boturobodwo anaasɛ wɔyɛ adwene ntanta.—Adiyisɛm 3:16; Dwom 37:4; 1 Yohane 5:3.

3. Dɛn na Yesu kae a ɛyɛ kɔkɔbɔ ma yɛn wɔ asɛm yi ho?

3 Wɔ kɔkɔbɔ asɛm bi a Yesu de maa Yehowa adɔfo mu no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ yiye, monwɛn . . . na munnim da ko a bere no du.” (Marko 13:33-37) Ɔhyɛ yɛn sɛ yɛmmma adidi ne ɔnom anaasɛ “nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw” nnye yɛn adwene pii na yɛn ani amfi aniberesɛm a bere no yɛ no so.—Luka 21:34-36; Mateo 24:37-42.

4. Sɛnea Petro kyerɛkyerɛɛ mu no, dɛn na “Yehowa da” no de bɛba?

4 Akyiri yi, ɔsomafo Petro tuu wɔn a wɔwɔ nokware gyidi nyinaa fo sɛ ‘wɔntwɛn na wɔmma Yehowa da no ba no ntra wɔn adwene mu yiye, a emu na ɔsoro bɛhyew asɛe na ne mfitiasede hyew a ayɛ nti ɛbɛnan.’ Bɛn a Yehowa da no abɛn no yɛ nokwasɛm a ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara bu no adewa da. Wɔde “ɔsoro foforo ne asase foforo” a Onyankopɔn ayɛ no besi ɔsoro nniso a aniwa hu no ne adesamma abusua bɔne no ananmu nnansa yi ara, na wɔde “mfitiasede” a ɛka mprempren wiase nhyehyɛe—n’ahofadi su, ne ɔbrasɛe ne ne honam fam adedodowpɛ asetra kwan—no ho nyinaa bɛba awiei wɔ “Yehowa da” no ɔhyew a ɛsɛe ade no mu. (2 Petro 3:10-13, NW) Ɛho hia sɛ yɛma yɛn ani da hɔ, na yehu sɛ nsɛm a ebesisi a ɛbɛsɛe wiase yi no betumi afi ase bere biara.—Mateo 24:44.

Momma Mo Ani Nna Hɔ Wɔ Nsɛm A Esisi A Ɛma Sɛnkyerɛnne No Bam No Ho

5. (a) Mmuae a Yesu mae wɔ asemmisa a wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:3 ho no faa Yudafo nhyehyɛe no awiei ho koduu he? (b) Ne mmuae no mu afã horow bɛn na ɛtwe adwene si nneɛma a asisi fi 1914 Y.B. de reba no so?

5 Esiane bere a yɛwɔ mu no titiriw nti, ɛsɛ sɛ yehu sɛnkyerɛnne a ɛbom a ɛma yehu “nna a edi akyiri” anaasɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei” no ho nsɛm nyinaa yiye. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛate sɛnkyerɛnne no ase yiye no, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ bere a Yesu maa n’asuafo no asemmisa no ho mmuae sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:3 no, na nea ɔkae no mu binom fa Yudafo nhyehyɛe no awiei wɔ afeha a edi kan no mu no ho, nanso nea ɛfa ho titiriw no kɔɔ akyiri sen saa. Nea ɔkaa ho asɛm wɔ nkyekyem 4 kosi 22 no nyaa ne mmamu ketewaa wɔ 33 ne 70 Y.B. ntam hɔ. Nanso nkɔmhyɛ no nya ne mmamu kɛse yɛn bere yi so na ɛda bere a efi 1914 Y.B. reba no adi sɛ ɛne Kristo “ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei” bere. (Marko 13:5-20 ne Luka 21:8-24, NW, nso) Mateo 24:23-28 ka nea na ɛbɛba fi 70 Y.B. de besi bere a Kristo aba no mu. (Marko 13:21-23 nso) Nneɛma horow a ɛbɛkɔ so a wɔaka ho asɛm fi Mateo 24:29 kosi ti 25 awiei hɔ no twe adwene kɔ bere a efi 1914 Y.B. de reba no so.—Marko 13:24-27 ne Luka 21:25-36 nso.

6. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ankasa ani da yɛn ho so wɔ sɛnea nsɛm a esisi mprempren no ma “sɛnkyerɛnne no” bam no ho? (b) Bua nsemmisa a ɛwɔ nkyekyem yi awiei no fa kyerɛ sɛnea “sɛnkyerɛnne no” abam fi 1914 de reba yi no.

6 Ɛsɛ sɛ yɛn ankasa hu nsɛm a esisi nnansa yi a ɛma “sɛnkyerɛnne no” bam no yiye. Nsɛm a esisi yi a yɛde bɛtoto Bible nkɔmhyɛ ho no bɛboa yɛn ma yɛama Yehowa da no atra yɛn “adwene mu yiye.” Ɛbɛma yɛatumi adan nkurɔfo adwene nso bere a yɛrebɔ afoforo kɔkɔ wɔ bɛn a “yɛn Nyankopɔn aweredi da no” abɛn no ho no. (Yesaia 61:1, 2) Bere a botae ahorow yi wɔ w’adwene mu no, san hwehwɛ “sɛnkyerɛnne no” afã horow a edidi so yi mu.

Ɔkwan a ɛyɛ soronko bɛn so na ‘ɔman a ɛbɛsɔre ɔman so ne ahenni ahenni so’ ho asɛm a wɔka siei no fii ase baam wɔ 1914 Y.B. mu? Dɛn na aba nnansa yi asram no mu mpo a ɛde bi ka mmamu no ho?

Wɔ afeha a ɛtɔ so 20 yi mu nyansahu mu nimdeɛ nyinaa akyi no, aduankɔm aka asase akodu he?

So nsonsonoe ankasa bi wɔ sɛnea asasewosow ba ntoatoaso wɔ mmeaemmeae no mu fi 1914 Y.B. de reba no mu?

Wɔ 1918 mu no, ɔyaredɔm bɛn na ekunkum nnipa pii sen wiase nyinaa ko no? Wɔ ayaresa ho nimdeɛ nyinaa akyi no, nyarewa ahorow bɛn na ɛda so ara yɛ nea ɛtrɛw kɔ akyiri kɛse?

Adanse bɛn na wuhu a ɛkyerɛ sɛ ehu nti nnipa atotɔ beraw ampa sɛnea wɔka siei wɔ Luka 21:26 no?

Dɛn na ɛma wugye di ampa sɛ tebea horow a wɔkaa ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no nyɛ sɛnea asetra te daa ara kwa, na mmom emu reyɛ den akodu baabi a ɛbɛma ehu aka nkurɔfo bere a yɛrebɛn nna a edi akyiri no awiei no?

Nkurɔfo Mu A Wɔrepaapae

7. (a) Nsɛm afoforo a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 13:36-43 bɛn na Yesu de bataa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho? (b) Dɛn na saa bɛ no kyerɛ?

7 Nsɛm afoforo a ɛkyerɛ biribi nso wɔ hɔ a Yesu de bataa nneɛma nhyehyɛe no awiei ho. Eyinom mu biako ne “ahenni no mma” mu a wɔpaapae fi “ɔbɔne no mma” ho no. Yesu kaa eyi ho asɛm wɔ ne bɛ a ɛfa awifuw bi a ɔtamfo bi koduaa wura fraa mu no mu. “Awi” a ɛwɔ bɛ no mu no gyina hɔ ma nokware Kristofo a wɔasra wɔn. “Wura” no yɛ asuasua Kristofo. Wɔ nneɛma nhyehyɛe no awiei no wɔbɛtew “wura”—wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nanso wɔda wɔn ho adi sɛ “ɔbɔne no mma” esiane wɔn ho a wɔde bata wiase a Ɔbonsam di so no ho nti no—afi Onyankopɔn “ahenni no mma” no ho na wɔahyɛ wɔn agyirae ama ɔsɛe. (Mateo 13:36-43) So eyi aba ampa?

8. (a) Wɔ Wiase Ko I akyi no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa mu mpaapaemu kɛse bɛn na ɛkɔɔ so? (b) Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo a wɔasra wɔn no dii adanse kyerɛe sɛ na wɔyɛ “ahenni no mma” ampa?

8 Wɔ Wiase Ko I akyi no, wɔpaapaee nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mu ampa yɛɛ wɔn akuw abien: (1) Kristoman asɔfo ne wɔn akyidifo a wogyina Amanaman Apam (a mprempren ɛne Amanaman Nkabom) no akyi denneennen a na wɔda so ara kura wɔn ɔmampɛ mu denneennen no. (2) Nokware Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ hɔ wɔ saa ɔko akyi mfe no mu a sɛ wɔde wɔn toto ho a wɔyɛ nnipa kakraa bi a wogyina Onyankopɔn Mesia Ahenni no akyi no. Kuw a edi kan no nam wiase nniso horow akyi a wogyinae sɛ nea wɔnam so benya asomdwoe ne dwoodwoo asetra no so maa emu daa hɔ pefee sɛ ná wɔnyɛ nokware Kristofo. (Yohane 17:16) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa nkoa daa Amanaman Apam no adi pɛpɛɛpɛ sɛ nnɛyi “akyide a ɛbɔ ɔman” a wɔkaa ho asɛm wɔ Mateo 24:15 no. Bere a wɔreda wɔn ho adi sɛ Nyankopɔn “ahenni no mma” anokwafo no, wofii ase kaa “ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa.” (Mateo 24:14) Dɛn na afi mu aba?

9. Dɛn na edii kan fii Ahenni asɛnka dwumadi yi mu bae?

9 Nea edi kan no, wɔboaboaa “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no nkaefo no ano. Ɛwom sɛ na wɔabɔ ahwete amanaman no mu nyinaa te sɛ “mframa anan” mu de, nanso wɔ abɔfo akwankyerɛ ase no, wɔde wɔn baa ahyehyɛde biakoyɛ mu.—Mateo 24:31.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔayɛ mpaapaemu adwuma foforo bi bio, na ɛne nkɔmhyɛ bɛn na ehyia? (b) Nkɔmhyɛ ahorow yi mmamu no kyerɛ dɛn?

10 Afei, sɛnea Yesu ka siei no, wofii ase paapaee nkurɔfo a wofi amanaman nyinaa mu no mu, “sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten ne mpapo mu.” Saa adwuma a Kristo fi ne soro ahengua so kyerɛ no kwan yi akɔ so ara abedu mprempren, na ɛfa wo ho ankasa. Adesamma mu dodow no ara bu Onyankopɔn Ahenni ne ne “mma” a wɔde honhom asra wɔn no animtiaa ma enti wobebu wɔn fɔ ama “daa ɔsɛe” wɔ owu mu. Nanso, Awurade to nsa frɛ afoforo sɛ wɔmmɛfa n’Ahenni no asase no nni a daa nkwa da wɔn anim. Wɔn a wɔte sɛ nguanten yi de wɔn ho abɔ “ahenni no mma” a wɔasra wɔn no, ɛwom sɛ eyinom yɛ wɔn a wɔtaa wɔn atirimɔden so mpo de. (Mateo 25:31-46) Wɔde nokwaredi boa wɔn ma wɔbɔ ahenni nkrasɛm a ɛho hia no dawuru. Nnipakuw kɛse a wɔn dodow adu ɔpepem pii no renya saa adwuma yi mu kyɛfa. Wɔrete Ahenni nkrasɛm no wɔ asase ano nohɔ nyinaa. Nsɛm a esisii yi kyerɛ dɛn? Sɛ yɛabɛn “nna a edi akyiri” no awiei pɛɛ ma enti “Yehowa da” no abɛn.

Dɛn Na Ɛreba?

11. So asɛnka adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ansa na “Yehowa da no” aba?

11 So nkɔmhyɛ ahorow da so wɔ hɔ a ɛbɛba mu ansa na Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no afi ase anaa? Yiw! Wonnwiee nkurɔfo mu a wɔpaapae wɔ Ahenni ɔsɛmpɔw no ho no ɛ. Wɔ mmeae binom a wohyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den wɔ hɔ mfe pii no, afei de wɔanya asuafo afoforo pii wɔ hɔ. Na wɔ faako a nkurɔfo pow asɛmpa no mpo no, yɛnam yɛn adansedi no so gyina Yehowa atɛntrenee ne mmɔborohunu no akyi. Enti, monkɔ so nyɛ adwuma no! Yesu ma yɛn awerɛhyem sɛ, bere a yɛawie no, “awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.

12. (a) Sɛnea wɔakyerɛw wɔ 1 Tesalonikafo 5:2, 3 no, asɛm a ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow bɛn na ebesi? (b) Ɛbɛkyerɛ dɛn ama yɛn?

12 Bible nkɔmhyɛ foforo bi a ɛkyerɛ biribi kɛse ka siei sɛ: “Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ no; ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.” (1 Tesalonikafo 5:2, 3) Ɔkwan ko a saa “asomdwoe ne ahotɔ mpaemuka no bɛfa so aba no de, yennya nhui ɛ. Nanso ɛda adi sɛ ɛrenkyerɛ sɛ wiase akannifo atumi adi adesamma nsɛnnennen no ho dwuma ampa. Wɔn a wɔma Yehowa da no “tra [wɔn] adwene mu yiye” no remma saa mpaemuka no nnaadaa wɔn. Wonim sɛ ɛno akyi pɛɛ no, “mpofirim na ɔsɛe” bɛba.

13. Nsɛm bɛn na ebedi “asomdwoe ne ahotɔ” mpaemuka no akyi aba ntɛm ara, na wɔ nnidiso bɛn mu?

13 Nea edi kan, sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, amammui sodifo no bɛsɔre ahyɛ Babilon Kɛse, wiase nyinaa atorosom ahemman no wɔ wiase nyinaa na wɔasɛe no. (Adiyisɛm 17:15, 16) Ɛyɛ nea ɛfata sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ nitan su a woyi no adi tia Kristoman nyamesom ahorow no titiriw no reda adi mprempren mpo. Nniso horow a wɔwɔ amammui nhyehyɛe a ɛsɔre tia nyamesom a emu yɛ den no anya Amanaman Nkabom no so nkɛntɛnso a emu yɛ den dedaw, na tete nyamesom nsase so amanfo no ankasa mu pii repa wɔn agyanom nyamesom ahorow no. Ne nyinaa kyerɛ dɛn? Sɛ atoro som nyinaa amamfoyɛ abɛn. Ɛno akyi no, bere a amanaman no de wɔn ahoɔden nyinaa sɔre hyɛ wɔn a wogyina Yehowa tumidi akyi wɔ animtiaabu mu no, wobehwie ɔsoro abufuhyew agu amammui nniso horow no ne wɔn aboafo so, na wɔasɛe wɔn nyinaa pasaa. Awiei no wɔbɛtow Satan ankasa ne n’adaemone akyene bun no mu a wɔasiw wɔn kwan koraa a wɔrentumi nnya adesamma so nkɛntɛnso. Eyi bɛyɛ “Yehowa da” ampa, da a wɔbɛma ne din so.—Hesekiel 38:18, 22, 23; Adiyisɛm 19:11–20:3.

14. Dɛn nti na ɛbɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yebesusuw sɛ Yehowa da no da so ara wɔ akyirikyiri?

14 Ɛbɛba bere ano pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn nhyehyɛe te. Ɛrenka akyi. (Habakuk 2:3) Kae sɛ Yerusalem sɛe wɔ 70 Y.B. mu no bae ntɛm ara bere a ná Yudafo no nhwɛ kwan, bere a wosusuwii sɛ asiane no atwam no. Nanso ɛhwee ase anadwo biako pɛ. Saa ara nso na “mpofirim ɔsɛe” bɛba mprempren nneɛma nhyehyɛe no so. Bere a ɛbɛba no, ɛmmra sɛ wobehu yɛn sɛ yɛayɛ biako wɔ nokware som mu, a yɛama Yehowa da no “atra [yɛn] adwene mu yiye.”

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma Yehowa da no ‘tra yɛn adwene mu yiye’? Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa?

● Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo mu mpaapaemu a ɛrekɔ so no ka yɛn ankasa?

● Dɛn na ɛda so ara da yɛn anim ansa na Yehowa da no afi ase? Enti dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn ankasa kɔ so yɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]