Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Adiyifo no Nyinaa Dii Ne Ho Adanse No

Nea Adiyifo no Nyinaa Dii Ne Ho Adanse No

Ti 4

Nea Adiyifo no Nyinaa Dii Ne Ho Adanse No

1. Dɛn na nokwasɛm a ɛfa Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani ho no kyerɛ yɛn wɔ ɔne Yehowa abusuabɔ ho?

YESU reka abusuabɔ a emu yɛ hyew a n’ankasa ne Yehowa wɔ no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Agya no dɔ ɔba no, na ɔkyerɛ no nea n’ankasa yɛ nyinaa.” (Yohane 5:19, 20) Sɛnea saa abusuabɔ no mu yɛ den no fii ase fi bere a ɔbɔɔ no no, mfe mpempem pii ansa na wɔrewo no sɛ onipa. Ná ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro, nea Yehowa nkutoo na ɔbɔɔ no. Biribi foforo biara a ɛwɔ soro ne asase so no yɛ nea wɔnam saa abakan a wɔdɔ no kɛse yi so na ɛbɔe. Ɔsomee nso sɛ Onyankopɔn Asɛm anaa ne Kasamafo, nea ɔnam no so daa ɔsoro apɛde no adi kyerɛɛ afoforo. Oyi, Ɔba a na Onyankopɔn pɛ n’asɛm titiriw yi na ɔbɛyɛɛ onipa Yesu Kristo no.—Kolosefo 1:15, 16; Yohane 1:14; 12:49, 50.

2. Bible nkɔmhyɛ ahorow ka Yesu ho asɛm kodu he?

2 Ansa na wɔrewo no wɔ anwonwa kwan so sɛ onipa no, wɔkyerɛw ne ho nkɔmhyɛ ahorow pii too hɔ. Sɛnea ɔsomafo Petro dii ho adanse kyerɛɛ Kornelio no, “Ɔno na adiyifo nyinaa dii ne ho adanse.” (Asomafo no Nnwuma 10:43) Saa na wɔka Yesu afã wɔ ɔsom kronn mu ho asɛm wɔ Bible no mu ma enti ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ ɔsomafo Yohane sɛ: “Kotow Nyankopɔn! Na Yesu adanse ne adiyi honhom no.” (Adiyisɛm 19:10) Saa nkɔmhyɛ ahorow no da no adi pefee na ɛtwe adwene si Onyankopɔn atirimpɔw no afã horow a ɛfa ne ho a yɛn ani gye ho kɛse nnɛ no so.

Nea Nkɔmhyɛ Ahorow No Daa No Adi

3. (a) Wɔ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:14, 15 no mu no, hena na wɔde “ɔwɔ no” gyina hɔ ma no? “Ɔbea no” nso ɛ? ‘Ɔwɔ no asefo’ no nso ɛ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘ɔwɔ no ti a wɔbɛbɔ’ no yɛ nea Yehowa asomfo ani gye ho kɛse?

3 Wɔhyɛɛ nkɔm ahorow yi mu nea edi kan no wɔ Eden atuatew no akyi. Ná ɛka Yehowa atemmu a ɔka kyerɛɛ ɔwɔ no ho. Yehowa kae sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:14, 15) Dɛn na na ɛno kyerɛ? Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, nkɔmhyɛ afoforo kyerɛkyerɛɛ mu kɔɔ akyiri. Esiane eyi nti yenim sɛ nea wɔkaa eyi kyerɛɛ no a wɔde ɔwɔ no gyinaa hɔ maa no no ne Satan Ɔbonsam. “Ɔbea no” ne Yehowa ankasa ɔsoro ahyehyɛde a edi nokware a ɛte sɛ ɔyere nokwafo ma no no. Wɔn a wɔka ‘ɔwɔ no asefo’ ho ne abɔfo ne nnipa a wɔda Ɔbonsam honhom adi na wɔsɔre tia Yehowa ne ne nkurɔfo no. Esiane ɔkwan a Ɔbonsam faa so de ɔwɔ no dii dwuma wɔ Eden no nti, yebetumi ahu afi nkɔmhyɛ no mu sɛ ‘ɔwɔ no a wɔbɛbɔ ne ti’ no kyerɛ sɛe a awiei koraa no wɔbɛsɛe saa Onyankopɔn ba tuatewfo yi a otwirii Yehowa na ɔde awerɛhow kɛse aba adesamma so no. Nanso ɛdefa onii ko a ɔyɛ ‘aseni’ a ɔbɛbɔ ɔwɔ no ti no ho de, eyi yɛɛ ahintasɛm kronkron bere tenten.—Romafo 16:25, 26.

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu asefo boa ma wohui sɛ ɔne bɔhyɛ Aseni no?

4 Wɔ adesamma abakɔsɛm mu mfe bɛyɛ 2,000 bi akyi no Yehowa de ho asɛm foforo pii mae. Ɔkyerɛe sɛ Aseni no bepue afi Abraham abusua mu. (Genesis 22:15-18) Nanso na anatõ a ekosi Aseni no so no renyɛ nea egyina honam fam asefo a nnipa bi yɛ ara kwa so na mmom nea Onyankopɔn pɛ so. Ɛmfa ho sɛnea na Abraham dɔ ne ba Ismael a n’afenaa Hagar woo no maa no no, Yehowa daa no adi pefee sɛ: “M’apam de, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo . . . no na ɛbɛpam ama agyina.” (Genesis 17:18-21; 21:8-12) Akyiri yi wosii saa apam no so dua kyerɛɛ Yakob a ɔno mu na Israel mmusuakuw 12 no fi bae no na ɛnyɛ Isak ba panyin Esau mmom. (Genesis 28:10-14) Bere bi akyi no wɔkyerɛe sɛ wɔbɛwo Aseni no wɔ Yuda abusua mu wɔ Dawid fi.—Genesis 49:10; 1 Beresosɛm 17:3, 4, 11-14.

5. Wɔ Yesu asase so som adwuma no mfiase mpo no, dɛn bio na ɛma ɛdaa adi sɛ ɔne Mesia no?

5 Bɛboro mfe 700 no na Bible no adi kan abɔ Betlehem din sɛ baabi a wɔbɛwo Aseni no sɛ ɔdesani na ɛdaa no adi nso sɛ ɔyɛ obi a watra ase dedaw “fi daa a enni ase nna mu,” a ɛyɛ fi bere a wɔbɔɔ no wɔ soro no. (Mika 5:2) Wɔnam odiyifo Daniel so kaa bere a obepue asase so sɛ Nea Yehowa Asra no, Mesia, no ho asɛm too hɔ. (Daniel 9:24-26) Na bere a wɔde honhom kronkron sraa no no, ɛnne bi fi soro kyerɛɛ onipa ko a ɔyɛ. (Mateo 3:16, 17) Enti bere a Filipo bɛyɛɛ Yesu kyidini akyi no, otumi de gyidi kae sɛ: “Nea Mose, wɔ mmara no mu, ne adiyifo no kyerɛw ne ho asɛm no, yɛahu no, Yesu, [nea] Yosef [faa no yɛɛ ne] ba a ofi Nasaret.”—Yohane 1:45.

6. (a) Dɛn na Yesu akyidifo no ba behui wɔ ne wu akyi? (b) Hena ne ‘ɔbea no aseni’ titiriw no, na dɛn na ɔwɔ no ti a ɔbɛpɛtɛw no kyerɛ?

6 Ɛno akyi no, Yesu akyidifo no behui sɛ wɔde nkɔmhyɛ ahorow pii a ɛfa ne ho ahyɛ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu. Wɔ ne wu ne ne wusɔre akyi no, n’ankasa “kyerɛɛ wɔn kyerɛw nyinaa mu nsɛm a ɛfa ne ho ase.” (Luka 24:27) Ada adi mprempren sɛ Yesu ne ‘ɔbea no aseni’ titiriw no, nea ɔpɛtɛw “ɔwɔ” no ti wɔ ɔkwan a ɛma awiei koraa no woyi Satan fi hɔ koraa so no. Ɛdenam Yesu so no, Onyankopɔn bɔ ahorow a wahyɛ adesamma no nyinaa, nneɛma ahorow a yɛde ahopere hwɛ kwan no nyinaa, bɛbam.—2 Korintofo 1:20.

7. Sɛ́ nea ɛka onii a wɔkaa ne ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ ahorow yi mu a wubehu no ho no, dɛn bio na mfaso wɔ so sɛ wubesusuw ho?

7 Ebia bere a edi kan a wokenkan nkɔmhyɛ ahorow yi bi no, wubisae te sɛ nea Etiopiani piani no yɛe no sɛ, “Hena ho asɛm na odiyifo no ka yi?” Nanso bere a opiani no nyaa mmuae no wamma asɛm no anso hɔ ara. Bere a ɔbarima no atie nkyerɛkyerɛmu a Filipo de mae no akyi no, ohui sɛ sɛnea Yesu maa nkɔmhyɛ no nyaa mmamu no ho anisɔ hwehwɛ sɛ ɔbɛyɛ ho biribi denam asu a wɔbɛbɔ no no so. (Asomafo no Nnwuma 8:32-38; Yesaia 53:3-9) So yɛyɛ saa ara? Ɛtɔ bere bi a ɛyɛ ɔkwan a wɔfa so da nkɔmhyɛ bi adi no na ɛkanyan yɛn kɛse, anaasɛ ebia asɛm a wɔka wɔ Bible no mu ankasa bere a wɔada ne mmamu adi no na ɛka yɛn koma.

8. Nkɔmhyɛ nsusuwso ahorow anan a ɛfa Yesu Kristo ho na wɔaka ho asɛm wɔ ha. Susuw nsemmisa ne kyerɛw nsɛm a wɔde ama no ho fa kyerɛ sɛnea nkɔmhyɛ ahorow yi ka yɛn. Susuw ho mmiako mmiako.

8 Hyɛ sɛnea eyi te saa wɔ nkɔmhyɛ mu bɔhyɛ ne nsusuwso ahorow a ɛfa Yesu Kristo ho no nsow. Nsemmisa no wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wubua denam kyerɛw nsɛm a ɛwɔ hɔ no mmoa so.

(1) Ɔkwan bɛn so na kyerɛwtohɔ a ɛfa mmɔden a Abraham bɔe sɛ ɔde Isak bɛbɔ afɔre ho no boa yɛn ma yehu nea Yehowa yɛe wɔ agyede no a ɔnam ne Ba no so de mae no mu? (Yohane 3:16; Genesis 22:1-18 [hyɛ sɛnea wɔka Isak ho asɛm wɔ nkyekyem 2 no nsow.])

Ahotoso bɛn na ɛsɛ sɛ eyi ma yenya? (Romafo 8:32, 38, 39)

Nanso dɛn na wɔhwehwɛ wɔ yɛn ho? (Genesis 22:18; Yohane 3:36)

(2) Bere a Bible no da Yesu adi sɛ odiyifo a ɔte sɛ Mose no, asɛyɛde a anibere wom bɛn na ɛkae yɛn? (Asomafo no Nnwuma 3:22, 23; Deuteronomium 18:15-19)

Nsɛm a Yesu aka akyerɛ yɛn no bi ne nea ɛwɔ he, na dɛn nti na ɛyɛ ne bere mu de mprempren? (Mateo 28:18-20; 19:4-9; 18:3-6)

(3) Bere a Bible no rekyerɛkyerɛ nea wɔde Aaron asɔfodi no yɛɛ ho mfonini no mu no, Yesu su horow sɛ ɔsɔfo panyin a ɛyɛ anigye bɛn na ɛtwe adwene si so? (Hebrifo 4:15–5:3; 7:26-28)

Enti ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ Onyankopɔn anim a yɛbɛkɔ wɔ mpaebɔ mu denam Kristo so akɔhwehwɛ mmoa a yɛde bedi yɛn mmerɛwyɛ ahorow so no ho?

(4) Esiane korɔn a Yesu afɔrebɔ no kɔron (a ebesii nea wɔbɔe wɔ Mose Mmara no ase nyinaa ananmu) nti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye kɛse sɛ yɛrenyɛ biribi a yenim sɛ ɛnsɔ Onyankopɔn ani? (Hebrifo 10:26, 27)

Sɛ yɛn ani sɔ nkwa anidaso a Yesu afɔrebɔ no atumi ama ayɛ yiye no ampa a, nneɛma bɛn na yɛbɛyere yɛn ho sɛ yɛbɛyɛ? (Hebrifo 10:19-25)

Ɔkwan Bɛn So Na Yebetumi Akyerɛ Gyidi A Yɛwɔ Wɔ Kristo Mu?

9. Dɛn nti na wɔ Yesu Kristo akyi no nkwagye biara nni hɔ mma yɛn?

9 Bere a ɔsomafo Petro ada no adi akyerɛ Yudafo asennibea kɛse a ɛwɔ Yerusalem no wɔ sɛnea nkɔmhyɛ anya mmamu wɔ Yesu ho akyi no, ɔde n’asɛm no baa awiei ahoɔden so sɛɛ se: “Nkwagye nni obiara mu, na nso din foforo nni ɔsoro ase a wɔde ama wɔ nnipa mu a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa wɔ mu.” (Asomafo no Nnwuma 4:11, 12; Dwom 118:22) Adam asefo nyinaa yɛ abɔnefo, enti owu a wowu no yɛ bɔne ho afobu na wonni biribiara a wobetumi de adi dwuma sɛ agyede ama obi. Nanso na Yesu yɛ pɛ, na ne nkwa a ɔde too hɔ no som bo wɔ afɔrebɔ mu. (Dwom 49:6-9; Hebrifo 2:9) Ɔde agyede a ɛne nea Adam ma ɛbɔɔ n’asefo no som bo pɛ maa Onyankopɔn. Ɔkwan bɛn so na eyi ho aba yɛn mfaso?—1 Timoteo 2:5, 6.

10. Kyerɛkyerɛ ɔkwan biako a Yesu afɔrebɔ no ho aba yɛn mfaso kɛse no mu.

10 Ama ayɛ yiye sɛ yebenya ahonim pa esiane bɔne fafiri no nti—biribi a ɛsen nea wɔnam mmoa afɔrebɔ wɔ Mose Mmara no ase no tumi yɛ maa Israel no koraa. (Asomafo no Nnwuma 13:38, 39; Hebrifo 9:13, 14) Nanso eyi a yenya no hwehwɛ sɛ yebedi nokware na yɛanya Yesu Kristo mu gyidi a ɛyɛ nokware. So yɛn ankasa yehu sɛnea yehia Kristo afɔrebɔ no? “Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnteɛ nyinaa mu.”—1 Yohane 1:8, 9.

11. Dɛn nti na nsu mu asubɔ yɛ ade a ɛho hia wɔ ahonim pa a yebenya wɔ Onyankopɔn fam no mu?

11 Nanso ebinom a wɔka sɛ wonim sɛ wɔyɛ abɔnefo na wogye Kristo di na wonya afoforo a wɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ wɔn te sɛ nea Yesu yɛe no mu kyɛfa kosi baabi no mpo gyidi a wɔwɔ wɔ Yesu mu no nwie pɛyɛ. Ɔkwan bɛn so? Wiɛ, sɛnea wɔakyerɛ wɔ Bible mu no, bere a nnipa a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu bɛyɛɛ gyidifo ampa no, ɔkwan bɛn so na wɔkyerɛɛ eyi wɔ baguam? Wɔbɔɔ wɔn asu. Dɛn ntia? Efisɛ na Yesu ahyɛ sɛ wɔmmɔ asuafo no asu. (Mateo 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 8:12; 18:8) Sɛ ɔdɔ nsiesiei a Yehowa nam Yesu Kristo so yɛe no ma obi koma ka no ampa a, ɔrentwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛyɛ eyi. Ɔbɛyɛ nsakrae ahorow biara a ɛho hia wɔ n’asetra mu, ahyira ne ho so ama Onyankopɔn na ɔde nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne. Sɛnea Bible kyerɛ no, ɛyɛ gyidi a ɔda no adi wɔ saa kwan yi so no na ɛma ɔyɛ ‘Onyankopɔn hɔ ahonim pa ho adebisa’ no.—1 Petro 3:21.

12. Sɛ yehu sɛ yɛayɛ bɔne bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho, na dɛn ntia?

12 Wɔ ɛno akyi mpo no, bɔne su nketenkete bi bɛda ne ho adi ara. Ɛnde dɛn bio? Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne.” Enti ɛnsɛ sɛ yebu bɔne adewa, sɛ́ ɛyɛ nea ɛda adi wɔ nneyɛe, ɔkasa anaa abrabɔ mu. “Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yohane 2:1, 2) So ɛno kyerɛ sɛ ɛmfa ho sɛ dɛn ara na yɛyɛ no, sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae sɛ, ‘Fa yɛn bɔne firi yɛn’ a biribiara bɛyɛ yiye? Dabi. Nea ɛde fafiri ba ne nokware ahonu. Ebia mmoa ho behia nso afi mpanyimfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no hɔ. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ nea yɛyɛe no nye na yenu yɛn ho ampa wɔ ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛbɔ mmɔden kɛse sɛ yɛrensan nyɛ saa bio. (Asomafo no Nnwuma 3:19; Yakobo 5:13-16) Sɛ yɛyɛ eyi a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu bɛboa yɛn. Bere a egyina yɛn gyidi wɔ bɔne ho mpata bo a n’afɔrebɔ no som so no, etumi yɛ yiye sɛ yɛbɛsan anya Yehowa dom, na sɛ yɛn som bɛsɔ n’ani a eyi ho hia.

13. (a) Kyerɛ ɔkwan foforo a Yesu afɔrebɔ no ho aba yɛn mfaso. (b) Dɛn nti na adwuma a yɛyɛ ma Onyankopɔn no mma yennya akatua yi? (d) Nanso sɛ yɛwɔ gyidi ampa a, dɛn na yɛbɛyɛ?

13 Yesu afɔrebɔ no abue daa nkwa ho kwan nso ama yɛn—wɔ ɔsoro ma “kuw ketewa” no, ne Paradise asase ma adesamma ɔpepepem pii. (Luka 12:32; Adiyisɛm 20:11, 12; 21:3, 4) Eyi nyɛ akatua a yɛayɛ adwuma anya. Ɛmfa ho sɛ ahe ara na yɛbɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, yɛrentumi nyɛ biribi a ɛbɛma Onyankopɔn ade yɛn nkwa ho ka. Daa nkwa yɛ “Onyankopɔn dom akyɛde . . . yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Romafo 6:23; Efesofo 2:8-10) Nanso, sɛ yɛwɔ saa akyɛde no mu gyidi na yɛn ani sɔ ɔkwan a wɔfaa so ma ɛyɛɛ yiye no a, yɛbɛma eyi ada adi. Bere a yɛahu sɛnea Yehowa de Yesu adi dwuma wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so de ama n’apɛde ayɛ hɔ ne sɛnea ɛho hia sɛ yɛn nyinaa di Yesu anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ no, yɛbɛma Kristofo som adwuma no ayɛ nneɛma a ɛho hia titiriw sen biara wɔ yɛn asetra mu no mu biako. Yɛn gyidi bɛda adi wɔ ahotoso a yɛde ka Onyankopɔn akyɛde kɛse yi ho asɛm kyerɛ afoforo no mu.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:24 ho.

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu Kristo mu gyidi a ɛte sɛɛ wɔ biakoyɛ tumi?

14 Hwɛ biakoyɛ tumi fɛfɛ a gyidi a ɛte sɛɛ wɔ! Wɔnam ɛno so twe yɛn bɛn Yehowa, ne Ba no ne yɛn ho yɛn ho wɔ Kristofo asafo no mu. (1 Yohane 3:23, 24) Ɛma yɛn ani gye sɛ Yehowa fi ayamye mu de eyi ama ne ba no a ɛyɛ “din a edi din nyinaa so [gye sɛ Onyankopɔn din nko], sɛ Yesu din mu na ɔsorofo ne asase sofo ne asase asefo nkotodwe nyinaa nkotow, na tɛkrɛma nyinaa mpaem nka sɛ Yesu Kristo ne Awurade mma agya Onyankopɔn anuonyam.”—Filipifo 2:9-11.

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Bere a Mesia no bae no, dɛn nti na onipa ko a ɔyɛ no daa adi pefee maa wɔn a wogye Onyankopɔn Asɛm no di ampa no?

● Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛ nsusuwso ahorow a ɛbaa mu wɔ Yesu ho a wɔada no adi wɔ kratafa 34 no ka yɛn?

● Akwan horow bɛn so na Yesu afɔrebɔ no ho aba yɛn mfaso dedaw? Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ anisɔ a yɛwɔ wɔ ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 34 adaka/mfonini]

Nkɔmhyɛ Nsusuwso Ahorow A Ɛfa Yesu Ho—Ɛsɛ sɛ Ɛka Wo Dɛn?

Abraham de Isak rebɔ afɔre

Mose sɛ́ Onyankopɔn kasamafo

Aaron sɛ́ ɔsɔfo panyin

Mmoa afɔre ahorow