Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Mose Mmara no Kyerɛ ma Wo

Nea Mose Mmara no Kyerɛ ma Wo

Ti 19

Nea Mose Mmara no Kyerɛ ma Wo

1. (a) Dɛn na ɛkyerɛe sɛ efi 36 Y.B. reba no, Yehowa gyee Amanaman mufo momonotofo toom sɛ Kristofo? (b) Nanso ɔsɛmpɔw bɛn na tete Kristofo no mu binom tee nka kɛse wɔ ho?

ƆSƐMPƆW bi a wogyee ho akyinnye denneennen wɔ ɔsomafo Paulo bere so ne sɛ ebia ɛsɛ sɛ Amanaman mufo Kristofo no di Mose Mmara no mu ahwehwɛde ahorow no so anaa. Ɛyɛ nokware sɛ na honhom kronkron aba Amanaman mufo momonotofo no so wɔ 36 Y.B. mu. Nanso Kristofo a wofi Yudafo mu no tee nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ wotwa asuafo a wɔyɛ Amanaman mufo no twetia na wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wodi Mose Mmara no so. So na ɛho hia sɛ wodi Mmara no—anaasɛ ne fã bi—so ampa? Wɔde ɔsɛmpɔw no kɔdan sodikuw no wɔ Yerusalem bɛyɛ 49 Y.B. mu.—Asomafo no Nnwuma 10:44-48; 15:1, 2, 5.

2. Dɛn nti na yɛn ani gye ɔsɛmpɔw yi ho?

2 Yɛn ani gye nea efii mu bae no ho yiye. Dɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ ɛtɔ bere bi a yehyia nkurɔfo a wogye akyinnye sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo di Mmara no mu ahwehwɛde ahorow binom te sɛ nea ɛfa Homedadi ho no so nko na mmom esiane sɛ Bible no ankasa ka sɛ: “Mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne trenee ne papa” no nso nti. (Romafo 7:12) Ɛwom sɛ wɔka ho asɛm sɛ Mose Mmara esiane sɛ Mose na ɔyɛɛ Mmara apam no ntamgyinafo nti de, nanso nokwarem no saa Mmara no fi Yehowa Nyankopɔn hɔ.—Exodus 24:3, 8.

Dɛn Nti Na Wɔde Mmara No Mae?

3. Dɛn nti na wɔde Mmara no maa Israel?

3 Yɛn ntease wɔ nea enti a Yehowa de Mmara bi a wɔakyerɛw maa Israel no ho no ka sɛnea yebu Mmara no nnɛ. Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mmara atotoatoto nti na wɔde kaa [Abraham apam no] ho de kosii sɛ aseni a wɔhyɛɛ bɔ maa no no bɛba, . . . enti Mmara ayɛ yɛn yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan na wɔafi gyidi mu abu yɛn bem.” (Galatifo 3:19, 24) Ɔkwan bɛn so na Mmara no nam yɛɛ eyi?

4. (a) Ɔkwan bɛn so na Mmara no “ma wohuu bɔne yiye”? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛkyerɛɛ anokwafo kwan kɔɔ Kristo so nso?

4 Ɛdenam nhwɛsode a ɛyɛ pɛ a ɛfa asetra mu nneyɛe horow ho a ɛde sii hɔ so no, ɛdaa Yudafo no adi sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo. Ɛbɛdaa adi sɛ wɔ adwempa biara a wɔwɔ ne mmɔden ahorow a emu yɛ den nyinaa a wɔbɔe akyi no, wɔantumi annu n’ahwehwɛde ahorow no ho. Bere a ɛde Yudafo dii dwuma sɛ adesamma abusua a ɛnyɛ pɛ ho nhwɛso no, Mmara no ma ɛdaa adi sɛ wiase no mufo nyinaa a yɛn mu biara ka ho no yɛ nnebɔneyɛfo a Onyankopɔn asotwe sɛ yɛn. (Romafo 3:19, 20) Ne saa nti, esii hia a agyenkwa ho hia adesamma no so dua na ɛkyerɛɛ anokwafo kwan kɔɔ Yesu Kristo so sɛ ɔno ne saa Agyenkwa no. Ɔkwan bɛn so? Ɛdaa no adi sɛ ɔno nkutoo na odii Mmara no so pɛpɛɛpɛ ma enti ɔne ɔdesani koro pɛ a wanyɛ bɔne. Ná mmoa afɔre horow a ɛwɔ Mmara no ase no bo a ɛsom no sua, nanso sɛ́ ɔdesani a ɔyɛ pɛ no, ná Yesu betumi de ne nkwa ama sɛ afɔre a ebeyi bɔne ampa na abue ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu ama wɔn a wɔkyerɛ gyidi nyinaa.—Yohane 1:29; 3:16; 1 Petro 1:18, 19.

5. Bere a wode kyerɛw nsɛm a wɔde ama no redi dwuma no, bua nsemmisa a wɔde aka nkyekyem yi ho no.

5 Bere a saa nsɛm yi wɔ w’adwene mu no, wubebua nsemmisa a edidi so no dɛn?

So na wɔhwehwɛ sɛ Mose Mmara no bɛkyekyere adesamma nyinaa anaa? (Dwom 147:19, 20; Exodus 31:12, 13)

So Yehowa kaa biribi kyerɛɛ Israel a ɛkyerɛ sɛ Mmara apam no bɛba awiei da bi? (Yeremia 31:31-33; Hebrifo 8:13)

So Mmara Nsɛm Du a dapɛn dapɛn Homedadi ahwehwɛde no ka ho no kɔɔ so ara dii dwuma bere a wotwaa Mmara a aka no mu no? (Kolosefo 2:13, 14, 16; 2 Korintofo 3:7-11 [sɛnea Exodus 34:28-30 ma emu da hɔ no]; Romafo 7:6, 7)

Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam de Mmara apam no baa n’awiei? (Kolosefo 2:13-17; Mateo 5:17, 18; Romafo 10:4)

6. Dɛn na akyinnye a wogye sɛ Mose Mmara no da so ara yɛ adwuma no kyerɛ?

6 Esiane eyi nti, dɛn na akyinnye a wogye sɛ Mose Mmara no da so ara di dwuma no kyerɛ? Nokwarem no eyi kyerɛ Yesu Kristo mu gyidi a wɔpow. Dɛn nti na ɛno te saa? Efisɛ adwene a ɛte saa pow nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu maa Mmara no baam, ma enti ɔbɔɔ kwan ma Onyankopɔn de aba awiei no. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa nnipa bi a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nanso akyinnyegye ahorow a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wodi Mmara no anaasɛ emu fã bi so atwe wɔn no dennen sɛ: “Mo a wobu mo bem Mmara mu no, moatetew mo ho afi Kristo ho, moafi ɔdom mu ahwe ase.”—Galatifo 5:4; hwɛ Romafo 10:2-4 nso.

7. (a) Dɛn na wɔn a wogye akyinnye sɛ Mmara no afã horow bi da so yɛ adwuma no nnya ntee ase yiye? (b) Kristofo nnwuma ho hia dɛn, na abusuabɔ bɛn na eyinom ne daa nkwa akyɛde a yɛn nsa bɛka no wɔ?

7 Wɔn a wogye akyinnye sɛ Mmara no mu afã bi da so ara yɛ adwuma no ntee ase nwiei sɛ Onyankopɔn anim trenee nnyina Mmara nnwuma a obi yɛ so, na mmom egyina Yesu afɔrebɔ no bo a ɛsom no mu gyidi a obi wɔ no so. (Galatifo 3:11, 12) Wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ obi fa nnwuma a ɛte saa so da ne ho adi sɛ ɔtreneeni—biribi a ɛrentumi nyɛ yiye mma adesamma a wɔyɛ abɔnefo. Ampa, ɛho hia sɛ yɛyɛ nnwuma de yɛ osetie wɔ Onyankopɔn ne Kristo ahyɛde horow a ɛfa Kristofo ho no ho. (Yakobo 2:15-17; Mateo 28:19, 20) Eyinom yɛ akwan a yɛfa so da yɛn dɔ ne gyidi adi, na eyinom a yenni so no bɛkyerɛ sɛ yɛn gyidi awu. Nanso yɛrentumi nnya nkwagye a sɛnea yɛyɛɛ adwuma dennen mfa ho. Yɛrentumi nkwati Yesu Kristo afɔrebɔ nnya bɔne ne owu mu nkwagye. Enti, daa nkwa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ denam Yesu Kristo so, ayamye a ɛkyɛn so a ɛnyɛ yɛn nnwuma so akatua.—Efesofo 2:8, 9; Romafo 3:23, 24; 6:23.

8. Gyinae bɛn na afeha a edi kan sodikuw no sii wɔ ɔsɛmpɔw a ɛfa Mose Mmara a wɔde bedi dwuma Amanaman mufo Kristofo ho no ho?

8 Bere a wɔde ɔsɛmpɔw a ɛfa Mose Mmara a Amanaman mufo Kristofo de bedi dwuma ho no kɔtoo sodikuw no anim wɔ Yerusalem afeha a edi kan no mu no, na wɔn gyinaesi ne nokwasɛm ahorow yi hyia. Wohui sɛ na Yehowa nhwehwɛ sɛ Amanaman mufo gyidifo yɛ nnwuma de yɛ osetie ma Mose Mmara no ansa na wɔahwie honhom kronkron agu wɔn so. Saa sodikuw no gyinaesi no bobɔɔ “nneɛma a ehia” a wosiw ho kwan a na ɛne saa Mmara no hyia nanso na eyinom gyina Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa nsɛm a esisii ansa na Mmara no reba ho so din. Enti wɔamfa asɛyɛde bi anto Amanaman mufo Kristofo no so sɛ wonni Mose Mmara no anaa emu fã bi so na mmom gyinapɛn ahorow a na wɔagye atom ansa na Mose Mmara no reba no so dua na wosii.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; fa toto Genesis 9:3, 4; 34:2-7; 35:2-5 ho.

9. (a) So Onyankopɔn hwehwɛ sɛ Yudafo kɔ so di Mose Mmara no so? (b) Nsiesiei titiriw bɛn na wɔnam ɔkwan a Kristo faa so wui no so yɛ maa wɔn?

9 Wɔ Pentekoste 33 Y.B. akyi no, ná Onyankopɔn nhwehwɛ sɛ Yudafo no ankasa bedi Mose Mmara a wɔakyerɛw no so bio. Na Yudafo a wɔagye adi no wɔ ade titiriw a enti ɛsɛ sɛ wɔn ani gye wɔ eyi mu. Dɛn ntia? Ɛwom sɛ na Amanaman mufo no nso yɛ nnebɔneyɛfo ma enti wɔrewuwu de, nanso na Yudafo no nkutoo na wɔaba Onyankopɔn nnome ase esiane sɛ na wɔabu Mmara apam no so nti. Nanso ɛdenam ɔkwan a Kristo faa so wui—wɔsɛn no dua so te sɛ nea ná ɔyɛ ɔbɔnefo a wɔadome no—so no, obegyinaa Yudafo a wobenya ne mu gyidi no ananmu na ɔde ogye a wɔde befi afobu a wɔde baa wɔn ho so sɛ biribi a efi Mmara no ho asoɔden a wɔyɛe mu bae no mu maa wɔn. (Galatifo 3:10-13) Ne saa nti, ɔma wonyaa fafiri a anka wɔrentumi nnya da wɔ Mose Mmara no ase.—Asomafo no Nnwuma 13:38, 39.

10. Ɔkwan bɛn so na Mmara no a woyi fii hɔ no bɛyɛɛ ade a ɛma ɔsom mu biakoyɛ tumi ba?

10 Nokwarem no, na Mmara no agye Yudafo no ho ban afi Amanaman mufo no ho. Wɔde ahwehwɛde ahorow a ná ɛmfa Amanaman mufo ho too Yudafo no so, na wosiw Amanaman mufo momonotofo no kwan wɔ Yudafo no som mu kyɛfa a wɔne wɔn benya akosi ase no ho. (Fa toto Exodus 12:48; Asomafo no Nnwuma 10:28 ho.) Nanso, bere a Mmara no adi n’atirimpɔw ho dwuma awie na wɔayi afi hɔ no, na ebetumi ayɛ yiye ama Yudafo ne Amanaman mufo momonotofo sɛ wɔbɛfa Kristo so ayɛ biako wɔ nokware Nyankopɔn koro no som mu.—Efesofo 2:11-18.

Mmara No Mu Nimdeɛ Ho Ba Yɛn Mfaso

11. Ɔkwan bɛn so na Mmara no ho nimdeɛ boa yɛn ma yɛte Kristo nkyerɛkyerɛ ase?

11 Ɛwom sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nni Mmara no ase de, nanso ɛho nimdeɛ yɛ mfaso kɛse ma yɛn mu biara. Ɔkwan bɛn so? Kae sɛ ɛna bi a na ɔyɛ Yudani na ɔwoo Yesu ma ɔbaa Mose Mmara no ase. Mmara no ahwehwɛde ahorow no ho nimdeɛ so nkutoo na yebetumi agyina ate nneɛma binom a ɔyeyɛe no ase awie koraa. (Galatifo 4:4; hwɛ Luka 22:7, 8.) Afei nso ɛyɛ nkurɔfo a na wɔwɔ saa Mmara no ase no mu na ɔyɛɛ ne som adwuma no. Enti na ne nkyerɛkyerɛ ahorow no taa gyina nsɛm tebea a ɛfa Mmara no ho so.—Fa toto Mateo 5:23, 24 ho.

12. (a) Twaka bɛn na Yesu kyerɛe sɛ ɛda n’asetra ne Mose Mmara no ntam? (b) Ɔkwan bɛn so na Ɔsomafo Paulo kyerɛɛ ɛbo a Mmara no ho nimdeɛ a yebenya no som? (d) Dɛn na ebetumi afi honhom mu nneɛma a ɛwɔ n’ahwehwɛde horow no mu no ase a yɛbɛte no mu aba?

12 Wɔ Yesu wusɔre akyi no, ɔkaee n’asuafo no sɛ ná n’asetra sɛ ɔdesani no ama nneɛma a wɔkyerɛw faa ne ho wɔ Mmara no, adiyifo no ne Nnwom no mu no abam. (Luka 24:44) Afei nso, ɔsomafo Paulo kaa nneɛma ahorow a ɛfa Mmara apam no ho ho asɛm sɛ ɛyɛ “ɔsoro nneɛma nhwɛso ne sunsuma” na ɔkae sɛ “Mmara no kura nnepa a ɛbɛba no sunsuma.” (Hebrifo 8:4, 5; 10:1) Nneɛma a ɛyɛ nwonwa pii a anya mmamu wɔ Yesu Kristo asɔfodi ne ne desani nkwa afɔrebɔ mu no wɔ Mose Mmara no mu. Eyinom ase a yɛbɛte no betumi ama yɛate nsiesiei ahorow a ɛte saa a wɔayɛ ama yɛn no ase yiye. Nea ɛwɔ nkɔmhyɛ nhwɛsode ahorow no mu ne nsɛm a ɛkyerɛ nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma Yehowa som a ɛsɔ ani nnɛ wɔ ne honhom mu asɔrefi kɛse no mu no. Bere a ntease a yɛwɔ wɔ eyinom ho nya nkɔanim no, yɛn anisɔ ma asafo a wɔde honhom asra no ne ne dwumadi wɔ Yesu Kristo ase wɔ yɛn som ho no nso benya nkɔanim.

13. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yebedwen nnyinasosɛm pa ahorow a ɛda adi wɔ Mmara no mu no ho?

13 Mose Mmara no yɛ Kyerɛwnsɛm a efi Onyankopɔn home mu a ne nyinaa ye “ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso” no fã. (2 Timoteo 3:16) Hwehwɛ a yɛbɛhwehwɛ mu na yɛadwen nnyinasosɛm ahorow a ɛtra hɔ daa a Mmara no gyina so ho no betumi aboa yɛn ma yɛama koma mu ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nneɛma a ɛsɔ Onyankopɔn ani no anya nkɔso. Sɛ yehu honhom a Mmara no twe adwene si so no na yɛda saa honhom no adi wɔ yɛn asetra mu a, mfaso bɛn ara na ebetumi ayɛ sɛɛ yi!

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛɛ honhom a Mmara no mu ahwehwɛde ahorow daa no adi no ho ntease a yebenya no bo a ɛsom ho nhwɛso? (b) Ka nnyinasosɛm pa afoforo binom a na ɛwɔ Mmara no mu sɛnea wɔakyerɛ wɔ kratafa 152 no ho asɛm. (d) Ɔkwan bɛn so na nneɛma yi ho anisɔ betumi aboa yɛn ma yɛasɔ Onyankopɔn ani yiye?

14 Yesu yɛɛ eyi ho nhwɛso wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. Bere a ɔrekasa akyerɛ nkurɔfo a na wɔwɔ Mmara no ase saa bere no, ɔkyerɛe sɛ, sɛ anka wɔbɛtwe wɔn ho afi awudi ho ara kwa mmom no, ɛho hia sɛ wotu su biara a ɛma abufuw kɔ so no ase na wɔtew wɔn ho fi wɔn tɛkrɛma a wɔde bedi dwuma de aka nsɛm a egu wɔn nuanom anim ase ho. Sɛ́ anka wɔn bo bɛtɔ wɔn yam esiane sɛ wɔnsɛee aware da nti mmom no, ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ ɔbea bi mpo wɔ ɔkwan a ɛkanyan akɔnnɔ so. Sɛnea na ɛte wɔ wɔn ho no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛn nipadua akwaa nyinaa di dwuma ma ɛne Yehowa trenee akwan horow hyia. (Mateo 5:21, 22, 27-30; hwɛ Romafo 13:8-10 nso.) Sɛ yɛyɛ eyi a, yɛbɛkyerɛ sɛ yɛn nso yɛte nea Mmara no mu ahyɛde a ɛsen biara: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu” no kyerɛ ase. (Mateo 22:36, 37) Ampa ara sɛ eyi bɛtwe yɛn abɛn Yehowa Nyankopɔn kɛse. Ɛwom sɛ yenni Mose Mmara a wɔakyerɛw no ase de, nanso nnyinasosɛm ahorow a egyina so ne nkɔmhyɛ nhwɛsode ahorow a ɛwom no ho nokware nimdeɛ no ho bɛba yɛn mfaso pii.

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Dɛn nti na wɔn a wɔka sɛ ɛsɛ wodi Mose Mmara no so no repow Kristo ankasa?

● Ɔkwan bɛn so na Mmara no ho nimdeɛ boa yɛn ma yɛte afã a Yesu wɔ wɔ Yehowa atirimpɔw mu no ase?

● Ɛwom sɛ yenni Mmara no ase de, nanso nneɛma a ɛho wɔ mfaso bɛn na yebetumi ahu afi ne sua mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa 152 adaka]

Mose Mmara No Mu Nnyinasosɛm Atitiriw Bi

Onyankopɔn Ho Asɛyɛde Ahorow

Som Yehowa nkutoo Ex. 20:3; 22:20

Fa obu ma ne din Ex. 20:7; Lev. 24:16

Fa koma, ɔkra ne ahoɔden nyinaa Deut. 6:5; 10:12; 30:16

dɔ no na som no

Suro sɛ wobɛyɛ asoɔden, suro no Deut. 5:29; 6:24

Kɔ ne nkyɛn ɔkwan a Lev. 1:1-5;

Num. 16:1-50;

ɔpene so nkutoo so Deut. 12:5-14

Fa nea wowɔ a eye sen biara ma no; Ex. 23:19; 34:26

efi ne hɔ na ɛbae

Ɛsɛ sɛ n’asomfo ho tew nipadua mu Ex. 19:10, 11; 30:20

Ɛnsɛ sɛ wupia akronkronne to nkyɛn Ex. 20:8-10; 34:21;

kodi wiase nneɛma akyi Num. 15:32-36

Ɔsom Nneyɛe Horow A Wɔabara

Abosonsom Ex. 20:4-6; Deut. 7:25

Gyidi afrafra Ex. 23:13; 34:12-15;

Deut. 6:14, 15; 13:1-5

Ahonhonsɛmdi, asumansɛm, adebisa, Ex. 22:18; Lev. 20:27;

abosonkɔm, ntafoayi, kaberɛkyere Deut. 18:10-12

Aware Ne Abusua Asetra

Wɔabara awaresɛe Ex. 20:14; Lev. 20:10

Nnware obi a ɔnsom Yehowa Deut. 7:1-4

Wɔabara mogyafra Lev. 18:6-16; 20:11

Kwati nna mu nneyɛe a enye Lev. 18:23; 20:13

Bu abofra a wɔnnwoo no no nkwa Ex. 21:22, 23

Di w’awofo ni̇̃ Ex. 20:12; 21:15, 17;

Deut. 21:18-21

Kyerɛkyerɛ wo mma Yehowa akwan Deut. 6:4-9; 11:18-21

Asɛyɛde Ahorow A Ɛfa Nnipa Afoforo Ho

Bu ɔdesani nkwa kronkron Ex. 20:13; Num. 35:9-34

Dɔ wo yɔnko; kwati menasepɔw Lev. 19:17, 18

Susuw wɔn a wɔn mfe akɔ anim ho Lev. 19:32

Dwen ahiafo, nyisaa, Lev. 25:35-37;

akunafo ho ɔdɔ mu Deut. 15:7-11; 24:19-21

Nnyɛ ɔsotifo ne onifuraefo bɔne Lev. 19:14; Deut. 27:18

Di adwumayɛ mu nokware Lev. 19:35, 36; 25:14

Bu afoforo agyapade Ex. 20:15; 22:1, 6; 23:4;

Deut. 22:1-3

Mma w’ani mmere Ex. 20:17

nea ɛyɛ afoforo de

Pa abɔnefo ho ntama Lev. 5:1; Deut. 13:6-11

Yɛ ɔnokwafo; nni adansekurum Ex. 20:16; 23:1, 2

Nhwɛ obi anim ne dibea nti Ex. 23:3, 6; Lev. 19:15