Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Yesua Fi Bɔne a Onyankopɔn Ama Ho Kwan no Mu

Nea Yesua Fi Bɔne a Onyankopɔn Ama Ho Kwan no Mu

Ti 7

Nea Yesua Fi Bɔne a Onyankopɔn Ama Ho Kwan no Mu

1. (a) Sɛ Yehowa kum atuatewfo no ntɛm ara wɔ Eden a, anka ɛbɛka yɛn wɔ ɔkwan bɛn so? (b) Mmom no, ɔdɔ nsiesiei bɛn na Yehowa ayɛ ama yɛn?

ƐMFA ho sɛ nsɛnnennen ahorow bɛn ara na ebia yebehyia wɔ yɛn asetra mu no, yɛn awo no nyɛ biribi a ɛnteɛ a Onyankopɔn ayɛ. Ɔbɔɔ adesamma a wodi kan no a na wɔyɛ pɛ na ɔde Paradise maa wɔn sɛ wɔn fie. Sɛ okum wɔn ntɛm ara wɔ bere a wɔtew atua no akyi a, anka adesamma abusua no ne ne nyarewa, ohia ne nsɛmmɔnedi sɛnea yenim no no mu biara nni hɔ. Nanso Yehowa nam mmɔborohunu so maa Adam ne Hawa kwan ma wonyaa abusua ansa na wowui ɛwom sɛ na eyinom benya sintɔ afi awo mu de. Ɔnam Kristo so yɛɛ nsiesiei maa Adam asefo a wɔkyerɛ nea Adam hweree no mu gyidi—daa nkwa wɔ tebea horow a ɛbɛma wɔatumi anya asetra mu anigye a ɛsen biara mu.—Deuteronomium 32:4, 5; Yohane 10:10.

2. So wɔyɛɛ eyi nyinaa maa yɛn nkwagye nkutoo?

2 Mfaso horow a eyi ma yɛn ankasa yenya no nni ano. Nanso yesua fi Bible kyerɛwtohɔ no mu sɛ na biribi a ɛho hia kɛse sen yɛn nkwagye ho asɛm wom.

Esiane Ne Din Kɛse No Nti

3. Dɛn na na ɛho asɛm wɔ Yehowa atirimpɔw a ɛfa asase no ne adesamma ho no mmamu mu?

3 Ná Yehowa din, din a ɔwɔ sɛ Amansan Nyinaa Hene ne nokware Nyankopɔn no ho asɛm wɔ n’atirimpɔw a ɛfa asase no ne adesamma ho a ɛbɛba mu no mu. Esiane Yehowa dibea nti, amansan no nyinaa asomdwoe ne yiyedi hwehwɛ sɛ wɔde obu kɛse a ɛfata ma ne din ne sɛ obiara yɛ osetie ma no.

4. Dɛn pɔtee na na ɛka saa atirimpɔw no ho?

4 Bere a ɔbɔɔ Adam ne Hawa akyi no, ɔmaa wɔn adwuma bi sɛ wɔnyɛ. Ɔdaa no adi pefee sɛ na ɛnyɛ n’atirimpɔw ne sɛ obedi asase no nyinaa so na wɔnam saayɛ so atrɛw Paradise no ahye mu nko, na mmom na ɔde ɔbarima ne ɔbea a wodi kan a wɔne Adam ne Hawa asefo bɛtra so nso. (Genesis 1:28) So na saa atirimpɔw yi bɛyɛ ɔkwa esiane wɔn bɔne nti na ama ahohorabɔ aba Onyankopɔn din so?

5. (a) Sɛnea Genesis 2:17 kyerɛ no, na bere bɛn na obiara a obedi papa ne bɔne hu dua no bi no bewu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma enyaa mmamu bere a na ɔrekyerɛ obu ama n’atirimpɔw a ɛfa tra a wɔbɛtra asase no so ho no?

5 Ná Yehowa abɔ Adam kɔkɔ sɛ, sɛ ɔyɛ asoɔden na odi papa ne bɔne hu dua no bi a, “da” a obedi bi no owu na obewu. (Genesis 2:17) Sɛnea Onyankopɔn asɛm kae no, da no ara a Adam yɛɛ bɔne no, Yehowa dii mmaratofo no asɛm na obuu wɔn kumfɔ. Na ɛnyɛ nea wobetumi aguan asotwe no. Sɛnea Onyankopɔn atemmu te no, Adam ne Hawa wuu da no ara. (Fa toto Luka 20:37, 38 ho.) Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na Yehowa bedi n’ankasa atirimpɔw a waka ho asɛm a ɛfa tra a wɔbɛtra asase no so ho no ho dwuma no, ɔmaa wɔn kwan ma wonyaa abusua ansa na wowuwui. Nanso, esiane sɛ Onyankopɔn bu mfe 1,000 sɛ da koro nti, bere a Adam wui a na wanya mfe 930 no, na ɛyɛ nea esii “da” koro mu. (Genesis 5:3-5; fa toto Dwom 90:4; 2 Petro 3:8 ho.) Enti wosii Yehowa nokwaredi wɔ bere a ɔde asotwe bɛma no so dua na wɔansiw n’atirimpɔw a ɛkyerɛ sɛ wɔde Adam asefo bɛtra asase no so no kwan. Nanso akyerɛ sɛ wɔama nnipa a wɔyɛ abɔnefo kwan ma wɔatra ase bere tenten bi.

6, 7. (a) Dɛn na Exodus 9:15, 16 kyerɛ wɔ nea enti a Yehowa ma abɔnefo kwan ma wɔtra hɔ kosi bere bi no ho? (b) Wɔ Farao asɛm no mu no, ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ne tumi adi na ɔkwan bɛn so nso na wɔma wohuu ne Din? (d) Enti dɛn na ɛbɛba wɔ mprempren nhyehyɛe bɔne no awiei?

6 Nea Yehowa ka kyerɛɛ Misraim sodifo no wɔ Mose bere so no nso kyerɛ nea enti a Onyankopɔn ama abɔnefo akɔ so atra ase bere tenten bi no. Bere a Farao siw Israel mma kwan sɛ ɔmma womfi Misraim nkɔ no, Yehowa antwa no ankyene amonom hɔ ara. Wɔde ɔhaw ahorow du baa asase no so de daa Yehowa din adi wɔ akwan horow a ɛyɛ nwonwa so. Bere a na Yehowa de nea ɛto so ason no ho kɔkɔbɔ rema no, ɔka kyerɛɛ Farao sɛ anka obetumi apopa ɔne ne manfo afi asase so. Yehowa kae sɛ: “Nanso, eyi nti na mema wugyinaa hɔ sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.”—Exodus 9:15, 16.

7 Bere a Yehowa gyee Israel no, ne din hyetae ampa. Ɛnnɛ, ɛwom sɛ aka kakraa bi na adu mfe 3,500 de, nanso yɛn werɛ mfii nea ɔyɛe no. Ɛnyɛ sɛ wɔkaa Yehowa din ankasa no ho asɛm nko, na mmom wɔkaa nokware a ɛfa Onii a saa din no da no so no ho asɛm nso. Eyi maa Yehowa din a ɔwɔ sɛ Onyankopɔn a odi n’apam horow so na odi boa ne nkoa no daa adi kɛse. Ɛdaa adi nso sɛ esiane sɛ ɔwɔ tumi kɛse nti, biribiara nni hɔ a ebetumi asiw n’atirimpɔw kwan. Nea ɛbɛyɛ nwonwa kɛse nso ne nhyehyɛe bɔne a aniwa hu ne nea aniwa nhu no nyinaa sɛe a ɛreba no. Saa tumi kɛse a wɔbɛda no adi ne anuonyam a ɛde bɛbrɛ Yehowa din no bɛyɛ nea yɛn werɛ remfi da wɔ amansan no abakɔsɛm mu. Emu mfaso horow no remma awiei!—Hesekiel 38:23; Adiyisɛm 19:1, 2.

‘O Onyankopɔn Nyansa Bun A Emu Dɔ’

8. Nneɛma afoforo bɛn na Paulo hyɛ yɛn nkuran sɛ yensusuw ho?

8 Wɔ ɔsomafo Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, obisa sɛ: “So ade a ɛnteɛ wɔ Onyankopɔn hɔ?” Afei osi Onyankopɔn mmɔborohunu so dua denam nea Yehowa ka kyerɛɛ Farao no a ɔtwe adwene si so de ma mmuae no so. Ɔma yɛkae nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛn nnipa te sɛ dɔte wɔ ɔnwemfo nsam no nso. So dɔte nwiinwii wɔ nea wɔde no yɛ no ho anaa? Paulo de ka ho sɛ: “Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ oyi n’abufuw adi, na ɔma wohu ne tumidi, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no mu, sɛ ɔbɛma wɔahu n’anuonyam ahonya nso, mmɔborohunu ade a wɔasiesie ama anuonyam no so a, wobɛka dɛn? Sɛ wɔafrɛ yɛn nso nen, ɛnyɛ Yudafo nko mu, na amanaman mu nso.”—Romafo 9:14-24.

9. (a) Henanom ne “abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe no”? (b) Dɛn nti na Yehowa ada abodwokyɛre kɛse adi wɔ wɔn ɔsɔretia no mu, na ɔkwan bɛn so na nea awiei koraa no ebefi mu aba no bɛyɛ mfaso ama wɔn a wɔdɔ no no?

9 Efi bere a Yehowa kaa nkɔmhyɛsɛm a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Genesis 3:15 no, Satan ne n’asefo ayɛ “abufuw ade a wɔasiesie ama ɔsɛe.” Wɔ saa bere no nyinaa mu no, Yehowa anya abodwokyɛre. Abɔnefo adi ɔkwan a ɔnam so no ho fɛw; wɔataa ne nkoa na wɔakum ne Ba mpo. Nanso Yehowa ada ahosodi kɛse adi na ɛde mfaso a enni awiei abrɛ ne nkoa. Abɔde nyinaa anya hokwan ahu nneɛma a ɛyɛ hu a afi atua a wɔtew tia Onyankopɔn no mu aba no. Wɔ bere koro no ara mu no, Yesu wu no ma wonyaa ɔkwan a wɔbɛfa so agye adesamma asoɔmmerɛwfo na ‘wɔasɛe Ɔbonsam nnwuma.’—1 Yohane 3:8; Hebrifo 2:14, 15.

10. Dɛn nti na Yehowa akɔ so anya abɔnefo ho koma wɔ mfe 1,900 a atwam no mu?

10 Wɔ bɛboro mfe 1,900 fi Yesu wusɔre akyi reba no mu no, Yehowa asan anya “abufuw ade” no ho koma bio na ɔnsɛee no ɛ. Dɛn ntia? Efisɛ na ɔresiesie ɔbea no aseni a ɔto so abien a wɔne wɔn a wɔbɛka Yesu Kristo ho wɔ ne soro Ahenni no mu no. (Galatifo 3:29) Eyinom a wɔn dodow yɛ 144,000 no ne “mmɔborohunu ade” a ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm no. Nea edi kan no, wɔtoo nsa frɛɛ nnipa ankorankoro fii Yudafo mu sɛ wɔmmɛyɛ kuw yi mufo. Afei wɔde Samariafo a wɔatwa wɔn twetia bɛkaa ho na awiei koraa no wɔde Amanaman mufo nso bɛkaa ho. Yehowa de abodwokyɛre pii adi n’atirimpɔw ho dwuma a ɛnyɛ nea ɔhyɛ obiara sɛ ɔnsom no, na mmom wahwie nhyira kɛse agu wɔn a wɔde anisɔ agye ne ɔdɔ nsiesiei atom no so. Mprempren aka kakraa bi na wɔasiesie ɔsoro kuw no awie.

11. Kuw foforo bɛn na mprempren wɔrenya mfaso afi Yehowa abodwokyɛre no mu?

11 Na wɔn a wɔbɛtra asase so no nso ɛ? Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wobenyan nnipa ɔpepepem pii a wɔbɛtra asase so sɛ Ahenni no nkoa. Afei nso, efi 1935 titiriw reba no, Yehowa abodwokyɛre ama wɔatumi aboaboa “nnipakuw kɛse” bi ano ama nkwagye.—Adiyisɛm 7:9, 10; Yohane 10:16.

12. (a) Esiane eyi nti, dɛn na yɛasua afa Yehowa ankasa ho? (b) Ɔkwan bɛn so na yɛyɛ yɛn ade wɔ sɛnea Yehowa adi saa nsɛm yi ho dwuma no ho?

12 So nsisi bi wɔ eyi mu? Dabida! Sɛ Onyankopɔn twentwɛn sɛe a ɔbɛsɛe abɔnefo a wɔne “abufuw ade” no ase sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi mmɔborohunu adi akyerɛ afoforo ma ɛne n’atirimpɔw ahyia a, ɛbɛyɛ dɛn na obi betumi anwiinwii ma afata? Mmom no, bere a yehu sɛ Yehowa atirimpɔw reda adi no, yesua pii fa n’ankasa ho. Ne nipasu ahorow a ada adi—n’atɛntrenee, ne mmɔborohunu, n’abodwokyɛre, ne ne nyansa dodow no yɛ yɛn nwonwa. Nyansa kwan a Yehowa nam so redi ɔsɛmpɔw no ho dwuma no bɛtra hɔ daa sɛ nokwasɛm a ɛkyerɛ sɛ ɔkwan a ɔfa so di tumi no ye sen biara ho adanse. Yɛne ɔsomafo Paulo ka sɛ: “O Onyankopɔn ahonya ne nyansa ne nimdeɛ bun a emu dɔ! Wurenhu n’atemmu mu pɛɛpɛɛ, na wurenhu n’akwan akyi hwehwɛ nwie da.”—Romafo 11:33.

Hokwan A Yɛde Bɛkyerɛ Yɛn Ahofama

13. (a) Sɛ yɛn ankasa hu amane a, hokwan ahorow bɛn na ɛma yenya? (b) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi ho dwuma nyansam?

13 Tebea horow wɔ hɔ a ɛma obi ankasa hu amane esiane sɛ Onyankopɔn nnya nsɛee abɔnefo na wama siesie a ɔbɛsan asiesie adesamma a wɔaka ho asɛm asie no aba no nti. Yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ade a ɛte saa ho? So yehu hokwan ahorow a ɛbɛma yɛayi ahohorabɔ afi Yehowa din ho na yɛada no adi sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo wom anaa? Afotu yi a yɛbɛma atra yɛn adwenem no betumi ahyɛ yɛn den ma yɛayɛ saa: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” (Mmebusɛm 27:11) Satan a ɔne onii a ɔbɔ Yehowa ahohora no kae sɛ, sɛ nkurɔfo honam fam nneɛma fi wɔn nsa anaasɛ wɔte yaw nka wɔ wɔn nipadua mu a, wɔde asodi bɛto Onyankopɔn so na wɔadome no mpo. (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Yɛma Yehowa koma tɔ ne yam bere a yɛda no adi sɛ ɛnte saa wɔ yɛn fam denam nokware a yedi ma Yehowa bere a yehu amane no so no. Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa dɔ ne nkoa ne sɛ, sɛ yedi nokware a Yehowa betua yɛn so ka wɔ bere a ɛsɛ mu sɛnea na ɛte wɔ Hiob fam no.—Yakobo 5:11; Hiob 42:10-16.

14. Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere a yehyia sɔhwɛ ahorow a, mfaso afoforo bɛn na yebetumi anya afi mu?

14 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so kɛse bere a yehyia sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den a, yebetumi anya su ahorow a ɛsom bo. Esiane nneɛma a Yesu huu mu amane no nti, “osuaa osetie” wɔ ɔkwan a na onnim da so. Yɛn nso yebetumi asua—abodwokyɛre, boasetɔ, ne Yehowa trenee akwan horow no ho anisɔ a emu dɔ a yebenya. So yɛde boasetɔ begye ntetee no atom?—Hebrifo 5:8, 9; 12:11; Yakobo 1:2-4.

15. Sɛ yɛde boasetɔ gyina amanehunu ano a, ɔkwan bɛn so na afoforo betumi anya mu mfaso?

15 Afoforo behu nea yɛyɛ. Esiane nea yehyia wɔ ɔdɔ a yɛwɔ ma adetreneeyɛ no mu nti, ɛrenkyɛ wɔn mu binom betumi abehu wɔn a wɔyɛ Kristo “nuanom” nnɛ ampa no na wɔnam biako a wɔne ne “nuanom” no bɛyɛ wɔ ɔsom mu no so betumi afata ama daa nkwa mu nhyira horow. (Mateo 25:34-36, 40, 46) Yehowa ne ne Ba no pɛ sɛ wonya saa hokwan no. So yɛpɛ? So yɛpɛ sɛ yebegyina amanehunu ano na yɛama atumi aba saa?

16. Yebu amanehunu a ɛte saa a yɛn ankasa hyia a ɛfa biakoyɛ ho no dɛn?

16 Hwɛ oye a eye bere a yebu asetra mu tebea horow a emu yɛ den mpo sɛ hokwan ahorow a ɛbɛma yɛada ahofama a yɛwɔ ma Yehowa no adi na yɛanya n’apɛde a wɔbɛma ayɛ hɔ no mu kyɛfa no! Saa a yɛbɛyɛ no betumi adi adanse sɛ yɛrebɛn Onyankopɔn ne Kristo mu biakoyɛ a Yesu bɔɔ ho mpae maa nokware Kristofo nyinaa no ho ampa.—Yohane 17:20, 21.

Asɛm No Mu Nti̇̃mu

● Bere a Yehowa rema bɔne ho kwan no, ɔkwan bɛn so na wakyerɛ obu kɛse ama n’ankasa din ma afata?

● Ɔkwan bɛn so na “abufuw ade” no ho koma a Yehowa anya no ama wayi mmɔborohunu adi akyerɛ yɛn nyinaa?

● Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu wɔ tebea horow a ɛfa amane a yɛn ankasa yehu no ho no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]