Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔhene no ne N’asafohene

Ɔhene no ne N’asafohene

Ti Aduonu Anum

Ɔhene no ne N’asafohene

Yesaia 32:1-20

1, 2. Dɛn na yebetumi aka afa Yesaia Nhoma Mmobɔwee a wohuu no Po a Awu no mu no ho?

ƐREKƆ 1940 mfe no awiei no, wohuu nhoma mmobɔwee pii bi wɔ abodan a ɛbɛn Po a Awu no mu wɔ Palestina. Wɔbɛfrɛɛ no Po a Awu Nhoma Mmobɔwee, na wogye di sɛ wɔkyerɛw no bɛyɛ afe 200 A.Y.B. ne 70 Y.B. ntam. Nea wonim sen biara ne Yesaia nhoma mmobɔwee a wɔkyerɛw no Hebri kasa mu wɔ aboa nhoma a ɛyɛ den so no. Ɛkame ayɛ sɛ saa nhoma mmobɔwee yi di mũ, na nsonsonoe kakraa bi pɛ na ɛda ɛne Masoret nsaano nkyerɛwee a wɔkyerɛw no ɛno akyi bɛyɛ mfirihyia 1,000 no mu. Enti, nhoma mmobɔwee no kyerɛ sɛ Bible mu nsɛm no nsesae.

2 Yesaia Nhoma Mmobɔwee a wohuu no Po a Awu mu no ho ade a ɛda nsow ne sɛ ɔkyerɛwfo bi de nkyerɛwde “X” ahyɛ ɔfã a ɛyɛ Yesaia ti 32 nnɛ no agyirae. Yennim nea enti a ɔkyerɛwfo no yɛɛ saa, nanso yenim sɛ biribi titiriw bi wɔ Kyerɛw Kronkron Bible no fã yi ho.

Odi Hene Trenee ne Atɛntrenee Mu

3. Nniso bɛn na wɔhyɛ ho nkɔm wɔ Yesaia ne Adiyisɛm nhoma no mu?

3 Yesaia ti 32 no de nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛrenya mmamu soronko wɔ yɛn bere yi so na efi ase: “Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene, na asafohene nso, atemmu so na wobedi asafohene.” (Yesaia 32:1) Yiw, “Hwɛ.” Saa nteɛm yi ma yɛkae nteɛm koro no ara a ɛwɔ Bible no nkɔmhyɛ nhoma a etwa to mu no: ‘Nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.’ (Adiyisɛm 21:5) Yesaia ne Adiyisɛm nhoma a ɛwɔ Bible mu, a wɔkyerɛw biako wiei bɛyɛ mfirihyia 900 ansa na wɔrekyerɛw biako no, nyinaa ka nniso foforo bi—“ɔsoro foforo,” a ɛyɛ Ɔhene Kristo Yesu, a wɔde no sii agua so wɔ soro wɔ 1914 mu, ne mfɛfo adedifo 144,000 a “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu” no ne “asase foforo,” adesamma abusua a wɔayɛ biako wɔ wiase nyinaa no—ho asɛm a ɛma akomatɔyam. * (Adiyisɛm 14:1-4; 21:1-4; Yesaia 65:17-25) Kristo agyede afɔrebɔ no na ama saa nhyehyɛe yi nyinaa ayɛ yiye.

4. Nnipa bɛn na wɔwɔ hɔ mprempren a wɔde wɔn befi wiase foforo no ase?

4 Bere a ɔsomafo Yohane huu mfɛfo adedifo 144,000 no nsɔano wɔ anisoadehu mu no, ɔbɔɔ amanneɛ sɛ: ‘Mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no gyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim.’ Eyinom na wobefi wiase foforo no ase—nnipakuw kɛse a mprempren wɔn dodow yɛ ɔpepem pii a wɔaboaboa wɔn ano abɛka 144,000 no mu nkaefo kakraa bi a wɔn mu dodow no ara mfe kɔ anim ho no. Saa nnipakuw kɛse yi befi ahohiahia kɛse a ɛrebɛn ntɛmntɛm no mu aka, na wɔ Paradise asase so no, anokwafo a wobenyan wɔn ne afoforo ɔpepepem pii a wɔde hokwan bɛma wɔn ma wɔakyerɛ gyidi no bɛba abɛka wɔn ho. Wɔn a wɔkyerɛ saa gyidi no nyinaa benya daa nkwa.—Adiyisɛm 7:4, 9-17.

5-7. Dwuma bɛn na “asafohene” a wɔhyɛɛ wɔn ho nkɔm no di wɔ Onyankopɔn nguankuw ho?

5 Nanso, bere tenten a mprempren wiase a nitan ahyɛ mu ma wɔ hɔ no, nnipakuw kɛse no mufo hia ahobammɔ. Wɔ akwan pii so no, ‘asafohene a wodi ade wɔ atemmu mu’ no na wɔde eyi ma. Nhyehyɛe a edi mũ bɛn ara ni! Wɔka saa “asafohene” yi ho asɛm bio wɔ Yesaia nkɔmhyɛ a ɛma akomatɔyam yi mu: “Wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.”—Yesaia 32:2.

6 Saa bere yi a ɔhaw ahyɛ wiase nyinaa ma no, “asafohene” ho hia, yiw mpanyimfo a ‘wɔbɛwɛn nguankuw no nyinaa,’ na wɔahwɛ Yehowa nguan na wɔde Yehowa trenee nnyinasosɛm abu atɛn. (Asomafo no Nnwuma 20:28) Ɛsɛ sɛ saa “asafohene” no du ahwehwɛde a ɛwɔ 1 Timoteo 3:2-7 ne Tito 1:6-9 no ho.

7 Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛka “wiase awiei” a ahohia wom ho asɛm mu no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ na mo bo antu.” (Mateo 24:3-8) Dɛn nti na nnɛyi wiase tebea a ɛyɛ hu no mma Yesu akyidifo bo ntu? Ade biako ne sɛ “asafohene” no—sɛ wɔyɛ wɔn a wɔasra wɔn anaa “nguan foforo” no mufo no—de nokwaredi rebɔ nguan no ho ban. (Yohane 10:16) Wɔde akokoduru hwɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea, wɔ ahude te sɛ mmusua ntam akodi ne mmusua asetɔre mpo mu. Wɔ wiase a honhom mu kɔm asi mu mu no, wɔhwɛ hu sɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible mu nokware ahorow, bɛma wɔn a wɔahaw no anya ɔhome.

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa retete “asafohene” a wɔka nguan foforo no ho no de wɔn adi dwuma?

8 Mfirihyia 50 a abɛsen kɔ no, “asafohene” no abɛda adi pefee. Wɔretete “asafohene” no sɛ “obirɛmpɔn” kuw no sɛnea ɛbɛyɛ a ahohiahia kɛse no akyi no, wɔbɛpaw wɔn a wɔfata wɔ wɔn mu no de ɔhwɛ adwuma no ahyɛ wɔn nsa wɔ “asase foforo” no so. (Hesekiel 44:2, 3; 2 Petro 3:13) Bere a wodi anim wɔ Ahenni adwuma no mu na wɔde honhom fam akwankyerɛ ne ɔhome ma no, wɔda wɔn ho adi sɛ “botan kɛse onwini,” na wɔma nguan a wɔhwɛ wɔn no nya ɔhome. *

9. Tebea bɛn na ɛma “asafohene” ho hia nnɛ?

9 Wɔ Satan wiase bɔne no nna a edi akyiri a emu yɛ den yi mu no, Kristofo a wɔahyira wɔn ho so hia ahobammɔ a ɛte saa denneennen. (2 Timoteo 3:1-5, 13) Atoro nkyerɛkyerɛ ne nnaadaasɛm rebɔ denneennen sɛ ahum. Ɔko ho ahum retu wɔ aman ntam ne aman mu, na nkurɔfo ayi wɔn anim de ntua reba Yehowa Nyankopɔn nokware asomfo so. Wɔ wiase a honhom fam kɔm asi mu yi mu no, Kristofo hia asuten a emu nsu yɛ kurennyenn, nokware a wɔmfraa mu no denneennen de adwudwo wɔn honhom fam sukɔm. Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔnam ne Hene a ɔredi tumi no nuanom a wɔasra wɔn ne nguan foforo no mu “asafohene” a wɔreboa wɔn no so de nkuranhyɛ ne akwankyerɛ bɛma wɔn a wɔahaw na wɔn abam abu wɔ ahohia mmere yi mu no. Enti Yehowa bɛhwɛ ahu sɛ ade a ɛteɛ na ɛyɛ pɛ na ɛbɛkɔ so.

Aniwa, Aso, ne Koma a Wɔde Tie

10. Nsiesiei bɛn na Yehowa ayɛ na ama ne nkurɔfo atumi ‘ahu,’ na ‘wɔate’ honhom fam nneɛma ase?

10 Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no ayɛ wɔn ade wɔ Yehowa teokrase nhyehyɛe no ho? Nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Wɔremfura adehufo aniwa, na wɔn a wɔte asɛm aso bɛwɛn.” (Yesaia 32:3) Mfe a abɛsen kɔ no, Yehowa akyerɛkyerɛ n’asomfo a wɔsom bo ama wɔn ho akokwaw. Teokrase Ɔsom Sukuu ne nhyiam foforo a wɔyɛ wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu; ɔmantam, ne amanaman ntam nhyiam ahorow; ne ntetee titiriw a wɔde ma “asafohene” no ma wɔhwɛ nguankuw no wɔ ɔdɔ mu no nyinaa ama wiase nyinaa nuayɛ kuw a wɔn dodow yɛ ɔpepem pii a wɔayɛ biako no ayɛ den. Baabiara a saa nguanhwɛfo yi wɔ wɔ asase so no, wobue wɔn aso fann ma nsakrae ahorow a wɔyɛ wɔ nokware no a ɛrenya nkɔanim no ntease mu. Esiane wɔn ahonim a wɔde Bible atete no nti, wɔayɛ krado bere nyinaa sɛ wobetie na wɔadi so.—Dwom 25:10.

11. Dɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo de ahotoso kasa a wonni adwenem naayɛ biara?

11 Afei nkɔmhyɛ no de kɔkɔbɔ ma sɛ: “Adwenharefo a ɛpere asɛm ho benya nhumu na dodowpofo tɛkrɛma akasa turodoo a emu tew.” (Yesaia 32:4) Ɛnsɛ sɛ obiara pere ne ho ka nsɛm fa nea eye ne nea enye ho. Bible ka sɛ: “Wuhu onipa a ɔpere ne nsɛm ho a, anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no.” (Mmebusɛm 29:20; Ɔsɛnkafo 5:2) Ansa na 1919 reba no, Yehowa nkurɔfo mpo de Babilon nsusuwii guu wɔn ho fĩ. Nanso efi saa afe no, Yehowa ama wɔate n’atirimpɔw ase yiye. Wɔahu nokware a wada no adi no sɛ ɛnyɛ ade a wɔpere ho, na mmom nea egye nsusuwho yiye, na mprempren wɔde gyidi a emu yɛ den kasa, a wonni adwenem naayɛ biara.

“Ogyennyentwi”

12. Henanom ne ‘agyennyentwi’ nnɛ, na ɔkwan bɛn so na wonni ayamye?

12 Nea edi hɔ no, Yesaia nkɔmhyɛ no ma yehu nneɛma bi mu nsonsonoe: “Wɔremfrɛ ogyennyentwi sɛ bapɔmma bio, na wɔrenka sɛ ɔdaadaafo yɛ ɔdɛɛfoɔ. Na ogyennyentwi ka agyennyentwisɛm.” (Yesaia 32:5, 6a) Hena ne “ogyennyentwi” no? Te sɛ nea Ɔhene Dawid resi asɛm no so dua no, ɔde mmuae no ma mprenu sɛ: “Ogyennyentwi se ne komam sɛ: [Yehowa, NW] bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛe ayɛ no akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.” (Dwom 14:1; 53:1) Nokwarem no, ebinom si wɔn bo ankasa ka sɛ Yehowa bi nni hɔ. Saa ara na “animdefo” ne afoforo a wɔyɛ wɔn ade sɛ nea Onyankopɔn nni hɔ no gye di sɛ wɔremmu akontaa nkyerɛ obiara. Nokware no nni saafo no mu. Ayamye bi nni wɔn komam. Wonni dɔ. Nea ɛne nokware Kristofo bɔ abira no, wɔyɛ nyaa wɔ wɔn a ahia wɔn a wɔbɛboa wɔn wɔ ahohia mu no ho anaasɛ wontumi mmoa wɔn koraa.

13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na nnɛyi awaefo di amumɔyɛsɛm? (b) Dɛn na awaefo bɔ mmɔden de kame wɔn a ɔkɔm ne sukɔm de wɔn no, na dɛn na ebefi mu aba awiei koraa?

13 Agyennyentwi a wɔte saa pii bɛtan wɔn a woso Onyankopɔn nokware mu no. “Ne koma dwen amumɔyɛsɛm, sɛ obedi ahuhusɛm na waka [Yehowa, “NW”] ho asɛm a ɛnteɛ.” (Yesaia 32:6b) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nokware wɔ nnɛyi awaefo ho! Wɔ Europa ne Asia aman pii mu no, awaefo ne afoforo a wɔtan nokware no ayɛ biako rekeka atosɛm koraa akyerɛ atumfoɔ no, a wɔn adwene ne sɛ wɔbɛma wɔabara Yehowa Adansefo anaasɛ wɔremma wɔnyɛ wɔn adwuma no nyinaa. Wɔda honhom a “akoa bɔne” a Yesu hyɛɛ ne ho nkɔm no da no adi no bi: “Na sɛ akoa bɔne no ka ne komam sɛ: Me wura rekyɛ ba, na ofi ase boro ne nwurakwaa, na ɔne asabofo didi, na ɔnom a, akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a onnim mu, na wabetwa no mu abien, na wama ɔno ne nyaatwomfo anya kyɛfa. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.”—Mateo 24:48-51.

14 Ne nyinaa mu no, ɔwaefo ‘ma nea odi kɔm kra da mpan, na ɔma anonne bɔ nea odi sukɔm.’ (Yesaia 32:6d) Nokware no ho atamfo bɔ mmɔden sɛ wɔde honhom fam aduan bɛkame nnipa a nokware a ɛne honhom fam aduan ho kɔm de wɔn no, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔremma wɔn a sukɔm de wɔn no nnya Ahenni asɛm ho nsu a ɛma abotɔyam no. Nanso nea ebefi mu aba awiei koraa ne nea Yehowa nam odiyifo foforo so ka ho asɛm kyerɛ ne nkurɔfo no: “Wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo, efisɛ midi w’akyi, [Yehowa, NW] asɛm ni, na megye wo.”—Yeremia 1:19; Yesaia 54:17.

15. Ɛnnɛ, henanom titiriw ne “ɔdaadaafo” no, “atosɛm” bɛn na wɔahyɛ ho nkuran, na dɛn na afi mu aba?

15 Efi afeha a ɛto so 20 no mfinimfini no, ɔbrasɛe anya nkɔanim kɛse wɔ Kristoman nsase so. Dɛn ntia? Nkɔmhyɛ no ka ade biako nti a ɛte saa ho asɛm sɛ: “Ɔdaadaafo akwan yɛ bɔne, ɔbɔ ne tirim pɔw bɔne, sɛ ɔde atosɛm bɛsɛe mmɔboroni ne ohiani a ɔka nokware.” (Yesaia 32:7) Nea ɛbɛyɛ na saa nsɛm yi anya mmamu no, asɔfo no pii titiriw agye su a nnipa pii ma ho kwan a ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna a edi aware anim ho, nnipa a wɔnwaree a wɔbom tra sɛ awarefo, mmarima a wɔne wɔn ho da—nokwarem no, “aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa”—atom. (Efesofo 5:3) Enti, wɔde atosɛm ‘sɛe’ wɔn nguankuw no.

16. Dɛn na ɛma nokware Kristofo ani gye?

16 Nea ɛne no bɔ abira no, hwɛ abotɔyam a ɛyɛ sɛ odiyifo no nsɛm a edi hɔ no nya mmamu! “Na ɔdɛɛfo dwen ayamye, na ayamye ara na ɔde gyina.” (Yesaia 32:8) Yesu ankasa hyɛɛ ayamye ho nkuran bere a ɔkaa eyi no: “Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so no na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.” (Luka 6:38) Ɔsomafo Paulo nso kaa nhyira a efi ayamye mu ba ho asɛm bere a ɔkyerɛwee eyi no: ‘Monkae Awurade Yesu nsɛm no bere a ɔkae sɛ, Ɔma mu wɔ anigye sen ogye no.’ (Asomafo no Nnwuma 20:35) Nokware Kristofo wɔ anigye, ɛnyɛ wiase ahonyade a wɔwɔ anaa nnipa anim anuonyam nti, na mmom, ayamye a wɔwɔ sɛnea wɔn Nyankopɔn, Yehowa, nso wɔ ayamye no—nti. (Mateo 5:44, 45) Anigye a ɛsen biara a wonya no gyina Onyankopɔn apɛdeyɛ, ne wɔn ho a wofi ayamye mu de ma de ka ‘anigye Nyankopɔn anuonyam asɛmpa’ no kyerɛ afoforo no so.—1 Timoteo 1:11.

17. Henanom na wɔte sɛ ‘mmabea a hwee mfa wɔn ho’ a Yesaia ka wɔn ho asɛm no nnɛ?

17 Yesaia nkɔmhyɛ no toa so sɛ: “Mo mmea a mote hɔ dwoodwoo no, mónsɔre ntie me! Mmabea a mo ho dwo mo, mónyɛ asõ mma m’asɛm. Afe ne akyi nna bi mu no, mo a mo ho dwo mo no ho bɛpopo, na bobe abatew to betwa, nnuaba anoboa remma bio. Mo a mote hɔ dwoodwoo no, mo ho nsaw, mo a mo ho dwo mo [hwee mfa mo ho, “NW”], mo ho mpopo!” (Yesaia 32:9-11a) Saa mmea yi nneyɛe no kae yɛn wɔn a wɔkyerɛ nnɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn nanso wɔnyɛ nsi wɔ ne som mu no. Yehu saafo no wɔ “Babilon kɛse, aguamman na” no som ahorow mu. (Adiyisɛm 17:5) Sɛ nhwɛso no, Kristoman asɔre ahorow mufo te sɛ “mmea” a Yesaia ka wɔn ho asɛm yi pɛpɛɛpɛ. Wɔte hɔ “dwoodwoo,” a atemmu ne abufuw a ɛbɛba wɔn so nnansa yi ara no mfa wɔn ho.

18. Hena na wɔhyɛ no sɛ ‘ɔmfa atweatam mmɔ n’asen,’ na dɛn ntia?

18 Enti, wɔkɔ so ka kyerɛ atoro som sɛ: “Mómpa mo ho, monyeyɛ kwaterekwa, momfa atweatam mmobɔ mo asen. Mómmobɔ mo nkoko, mfuw afɛfɛ no nti, bobe nnua a ɛsow pii no ntia. Nsɔe ne nguare fuw me man asase no so, anigye kurow no mu anigye adan nyinaa so po.” (Yesaia 32:11b-13) Asɛm “Mómpa mo ho, monyeyɛ kwaterekwa” no nkyerɛ adagyaw koraa a wɔbɛbɔ. Tete no, na ɛyɛ amammerɛ sɛ obi bɛhyɛ atade foforo agu nea ɛhyɛ no dedaw so. Mpɛn pii no, na nkataso no na ɛma wohu onii ko a ɔyɛ. (2 Ahene 10:22, 23; Adiyisɛm 7:13, 14) Enti nkɔmhyɛ no rehyɛ atoro som mufo sɛ wonyi wɔn nkataso—boa a wɔboapa yɛ wɔn ho sɛ Onyankopɔn asomfo—na wɔmfa atweatam, a ɛyɛ wɔn awerɛhodi ne atemmu a abɛn ho sɛnkyerɛnne, no mfura. (Adiyisɛm 17:16) Aba pa biara nni hɔ a Kristoman nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔkyerɛ sɛ wɔne Onyankopɔn ‘kurow a wɔama so sen biara,’ anaasɛ ɛkorɔn sen wiase atorosom ahemman no mufo a aka nyinaa, no sow. Aba a wɔn dwumadi sow ne “nsɔe ne nguare,” a ɛne anibiannaso ne po a wɔpo wɔn no.

19. “Yerusalem” a awae no tebea bɛn na Yesaia da no adi?

19 Tebea bɔne ho mfonini yi fa “Yerusalem” afã a awae no nyinaa ho: “Aban fɛfɛ no bɛda ntuw, wobegyaw kurow a nnipa dɔɔ mu sõ no, ne koko [Ofel, “NW”] ne ɔwɛn aban bɛdan atu de akosi daa, sare so mfurum anika ne mmoakuw adidibea.” (Yesaia 32:14) Yiw, Ofel mpo ka ho. Ofel yɛ bepɔw bi a ɛwɔ Yerusalem a wogyina hɔ ko bɔ kurow no ho ban. Ka a wɔka sɛ Ofel bɛdan atu no kyerɛ sɛe a wɔbɛsɛe kurow no koraa. Yesaia nsɛm no kyerɛ sɛ “Yerusalem” a awae—Kristoman—mma n’ani nku Onyankopɔn apɛdeyɛ ho. Adan atu wɔ honhom fam, na awae afi nokware ne atɛntrenee ho koraa—ɛte sɛ aboa ankasa.

Abirabɔ a Ɛyɛ Anigye!

20. Dɛn na afi Onyankopɔn honhom a ɔrehwie agu ne nkurɔfo so no mu aba?

20 Yesaia san de anidaso a ɛma akomatɔyam si wɔn a wɔyɛ Yehowa apɛde no anim bio. Ɔsɛe biara a ɛbɛba Onyankopɔn ankasa nkurɔfo so no bɛba awiei ‘bere a wofi soro ahwie honhom no agu wɔn so, na sare so adan ɛkwã, na wɔabu ɛkwã sɛ kwae no.’ (Yesaia 32:15) Anigyesɛm ne sɛ, efi 1919 no, Yehowa ahwie ne honhom agu ne nkurɔfo so kɛse, na sɛnea yɛbɛka no no, wama Adansefo a wɔasra wɔn no adan ɛkwã a ɛsow aba, na kwae, nguan foforo a wɔredɔɔso no di wɔn akyi. Nkɔso ne onyin ne ade titiriw a yehu wɔ n’ahyehyɛde a ɛwɔ asase so nnɛ no ho. Wɔ honhom fam paradise a wɔasiesie mu no, “[Yehowa, NW] anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde,” da adi wɔ ne nkurɔfo mu bere a wɔka N’ahenni a ɛreba wiase nyinaa ho asɛm no.—Yesaia 35:1, 2.

21. Ɛhe na wohu trenee, kommyɛ, ne ahobammɔ nnɛ?

21 Afei, tie Yehowa bɔhyɛ a ɛyɛ anigye no: “Atemmu bɛtra sare so, na trenee nso atra ɛkwã mu; na trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa.” (Yesaia 32:16, 17) Hwɛ sɛnea eyi ka honhom fam tebea a Yehowa nkurɔfo wom nnɛ ho asɛm ma ɛfata! Nea ɛne adesamma pii a nitan, basabasayɛ, ne honhom fam ohia buruburoo apaapae wɔn mu no bɔ abira no, nokware Kristofo ayɛ biako wɔ wiase nyinaa, ɛwom mpo sɛ “wofi aman ne mmusuakuw, ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” de. Wɔtra ase, yɛ adwuma, som ma ɛne Onyankopɔn trenee hyia, na wɔyɛ saa a wɔwɔ ahotoso sɛ awiei koraa no, wobenya nokware asomdwoe ne ahobammɔ akosi daa.—Adiyisɛm 7:9, 17.

22. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo tebea ne wɔn a wɔwɔ atoro som mu no de mu?

22 Wɔ honhom fam paradise mu no, Yesaia 32:18 renya mmamu dedaw. Ɛka sɛ: “Me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” Nanso atoro Kristofo de, “amparuwbo begu da a kwae no bɛhwe fam no, na wɔbɛbrɛ kurow no ase korakora.” (Yesaia 32:19) Yiw, te sɛ amparuwbo a ano yɛ den no, Yehowa atemmu bɛba nnaadaa kurow a ɛne atoro som no so ɔkwan biara so, na ama ne “kwae” a wɔtaa n’akyi no ahwe fam, na wɔasɛe no koraa!

23. Wiase nyinaa adwuma bɛn na ɛreba awiei, na ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wonya mu kyɛfa no dɛn?

23 Nkɔmhyɛ no fã yi ba awiei sɛ: [Anigye, “NW”] ne mo a mugu aba, asu nyinaa ho, na moto nantwi ne afurum nan kwan.” (Yesaia 32:20) Anantwi ne mfurum yɛ mmoa a wɔn ho yɛ den a na Onyankopɔn tete nkurɔfo de wɔn dɔw mfuw dua nneɛma. Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo de mfiri a wɔde tintim nhoma, ɛlɛtrɔnik mfiri, adan ne akwantu ho nneɛma a aba so, ne nea ɛsen ne nyinaa no, teokrase ahyehyɛde a biakoyɛ wom, tintim Bible ho nhoma ɔpepepem pii kyekyɛ. Adwumayɛfo a wɔwɔ ɔpɛ de saa nwinnade yi dua Ahenni ho nokware no wɔ wiase nyinaa, wɔ “asu nyinaa ho” ankasa. Wɔatwa mmarima ne mmea a wosuro Nyankopɔn ɔpepem pii dedaw, na afoforo pii rebɛka wɔn ho. (Adiyisɛm 14:15, 16) Nokwarem no, yebu wɔn nyinaa sɛ wɔwɔ ‘anigye’!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Ɛbɛyɛ sɛ na “ɔhene” a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesaia 32:1 no fa Ɔhene Hesekia ho nea edi kan. Nanso Yesaia ti 32 no mmamu ankasa fa Ɔhene, Kristo Yesu, ho.

^ nky. 8 Hwɛ March 1, 1999, Ɔwɛn-Aban a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania tintimii no nkratafa 13-18.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 331]

Wɔ Po a Awu Nhoma Mmobɔwee mu no, wɔde nkyerɛwde “X” na ahyɛ Yesaia ti 32 no agyirae

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 333]

“Asafohene” no biara te sɛ mframa ano hintabea, osu ano guankɔbea, nkyerekyerewa so nsuwansuwa, ne owia ano nwini

[Mfonini wɔ kratafa 338]

Kristoni nya anigye kɛse denam asɛmpa no a ɔne afoforo kyɛ no so