Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ɔmanfo no Mu Bi Renka Sɛ: Meyare’

‘Ɔmanfo no Mu Bi Renka Sɛ: Meyare’

Ti Aduonu Asia

‘Ɔmanfo no Mu Bi Renka Sɛ: Meyare

Yesaia 33:1-24

1. Dɛn nti na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 33:24 no, yɛ awerɛkyekye?

“ABƆDE nyinaa penepene, na ɛko awo bedu nnɛ yi.” Saa na ɔsomafo Paulo kae. (Romafo 8:22) Ɛmfa ho aduruyɛ mu nkɔanim a wɔanya no, yare ne owu kɔ so haw adesamma abusua no. Ɛnde, hwɛ anigye a bɔhyɛ a ɛde Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi ba awiei no yɛ! Susuw bere a ‘ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Meyare,’ no ho hwɛ. (Yesaia 33:24) Bere bɛn na saa bɔhyɛ yi benya mmamu na ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ saa?

2, 3. (a) Ɔkwan bɛn so na Israel man no yare? (b) Ɔkwan bɛn so na Asiria som sɛ Onyankopɔn nteɛso “abaa”?

2 Yesaia kyerɛw no bere a na Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam yare wɔ honhom fam. (Yesaia 1:5, 6) Wɔadu akyiri wɔ ɔwae ne ɔbrasɛe mu araa ma wohia nteɛso a emu yɛ den fi Yehowa Nyankopɔn hɔ. Asiria som sɛ “abaa” a Yehowa de bedi dwuma de nteɛso a ɛte saa no ama. (Yesaia 7:17; 10:5, 15) Nea edi kan no, kusuu fam Israel mmusuakuw du ahemman no hwe ase wɔ Asiriafo nsam wɔ afe 740 A.Y.B. mu. (2 Ahene 17:1-18; 18:9-11) Mfe kakraa bi akyi no, Asiria hene Sanaherib de ntua a emu yɛ den ba Yuda ahemman a ɛwɔ kesee fam no so. (2 Ahene 18:13; Yesaia 36:1) Bere a Asiria asraafo dɔm no sen fa asase no so no, ɛte sɛ nea ɔsɛe pasaa a ɛreba Yuda so no yɛ nea wontumi nkwati.

3 Nanso Asiria, a ɛreyɛ ade aboro ahofadi a ɔde bɛteɛ Onyankopɔn nkurɔfo so no, redi n’ankasa pɛsɛmenkominya akɔnnɔ a ɛne sɛ ebedi wiase nyinaa so nkonim no akyi seesei. (Yesaia 10:7-11) So Yehowa bɛma wɔafa wɔn ho adi wɔ ayayade a ɛkɔ akyiri a wɔde ba ne nkurɔfo so no ho a ɔntwe wɔn aso? So ɔman no benya ne honhom fam yare no ano aduru? Yehu mmuae a Yehowa de ma wɔ saa nsɛmmisa yi ho no wɔ Yesaia ti 33.

Wɔsɛe Ɔsɛefo No

4, 5. (a) Dɛn na ɛba Asiria so ma ne tebea sakra? (b) Mpae bɛn na Yesaia bɔ ma Yehowa nkurɔfo?

4 Nkɔmhyɛ no fi ase sɛ: “Due, ɔsɛefo a wo de, wɔnsɛee wo ɛ, ɔfatwafo a wɔmfaa wo ntwae ɛ! Sɛ wuwie ɔsɛe no a, wɔbɛsɛe wo, na sɛ wunya wie ɔfatwa a, wɔde wo betwa.” (Yesaia 33:1) Yesaia kasa kyerɛ ɔsɛefo no, Asiria, tẽẽ. Bere a saa man a ɛyɛ den no du ne tumidi no mpɔmpɔnso no, ɛte sɛ nea obiara ntumi nni ne so nkonim. ‘Wasɛe afoforo, nanso ɔno de, wɔnsɛee no,’ wasɛe Yuda nkurow, na wasesa Yehowa fie agyapade nyinaa mpo—na ɔyɛ saa a ɛte sɛ nea obiara nka no hwee! (2 Ahene 18:14-16; 2 Beresosɛm 28:21) Nanso afei de, wobebutuw pon no. Yesaia ka no akokoduru so sɛ: “Wɔbɛsɛe wo.” Hwɛ sɛnea saa nkɔmhyɛ yi yɛ awerɛkyekye ma anokwafo!

5 Wɔ saa bere a emu yɛ hu no mu no, ɛho behia sɛ Yehowa nokware asomfo dan kɔ ne nkyɛn kɔhwehwɛ mmoa. Enti Yesaia bɔ mpae sɛ: [Yehowa, “NW”], dom yɛn, wo na yɛtwɛn wo. Wo na yɛ wɔn basa daa adekyee, yiw, yɛn nkwagye, ahohia bere mu. Hooyɛ no ano na aman guanguan, wo ho somã ano na amanaman pete.” (Yesaia 33:2, 3) Sɛnea ɛfata no, Yesaia bɔ mpae sɛ Yehowa nnye Ne nkurɔfo sɛnea Wayɛ mpɛn pii wɔ mmere a atwam no. (Dwom 44:3; 68:1) Na Yesaia bɔɔ saa mpae yi akyi no, ankyɛ na ɔhyɛɛ mmuae a Yehowa de mae no ho nkɔm!

6. Dɛn na ɛbɛto Asiria, na dɛn nti na ɛfata?

6 “Na wɔatase mo [Asiriafo] asade sɛ ntuntummɛ tase ade, sɛnea mmoadabi huruhuruw no, saa ara na wohuruhuruw wɔ so.” (Yesaia 33:4) Yuda nim sɛnea nkoekoemmoa sɛe ade no. Nanso, saa bere yi de, Yuda atamfo na wɔbɛsɛe wɔn. Wobedi Asiria so nkonim abrɛ no ase koraa, na wɔbɛhyɛ n’asraafo ma wɔaguan, na wobegyaw asade pii ama Yudafo atase! Ɛfata koraa sɛ, wɔbɛsɛe Asiriafo a wonim wɔn sɛ wɔn tirim yɛ den no.—Yesaia 37:36.

Nnɛyi Asiria

7. (a) Henanom na wobetumi de wɔn atoto Israel man a na ɛyare wɔ honhom fam no ho? (b) Henanom na wɔbɛsom sɛ Yehowa “abaa” a wɔbɛsɛe Kristoman no?

7 Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ no nya mmamu nnɛ? Yebetumi de Israel man a na ɛyare wɔ honhom fam no atoto Kristoman a enni nokware no ho. Sɛnea Yehowa de Asiria dii dwuma sɛ “abaa” de twee Israel aso no, saa ara na ɔde “abaa” bɛtwe Kristoman—ne wiase atoro som ahemman a aka, “Babilon kɛse,” aso. (Yesaia 10:5; Adiyisɛm 18:2-8) Saa “abaa” no bɛyɛ aman a wɔwɔ Amanaman Nkabom—ahyehyɛde a wɔyɛ ne ho mfonini wɔ Adiyisɛm sɛ aboa kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du—no mu no.—Adiyisɛm 17:3, 15-17.

8. (a) Hena na wobetumi de no atoto Sanaherib ho nnɛ? (b) Hena na nnɛyi Sanaherib bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtow ahyɛ ne so, na dɛn na ebefi mu aba?

8 Sɛ nnɛyi Asiria bɔ fa atoro som mu a, ɛbɛyɛ sɛ nea obiara ntumi nsiw no kwan. Te sɛ Sanaherib no, Satan Ɔbonsam bɛbɔ mmɔden sɛ ɔde n’anibere bɛba—ɛnyɛ ahyehyɛde ahorow a awae a wɔfata asotwe no nko so, na mmom nokware Kristofo nso so. Nnipa ɔpepem pii a wɔafi Satan wiase, a Babilon Kɛse no ka ho abɛka Yehowa honhom mu mma a wɔasra wɔn no nkaefo no ho no agyina pintinn ama Yehowa Ahenni. Esiane sɛ Satan bo afuw sɛ nokware Kristofo nsom no nti no, “wi yi ase nyame,” no de ntua a emu yɛ den bɛba wɔn so. (2 Korintofo 4:4; Hesekiel 38:10-16) Akyinnye biara nni ho sɛ saa ntua yi bɛyɛ hu de, nanso ɛho renhia sɛ Yehowa nkurɔfo suro. (Yesaia 10:24, 25) Onyankopɔn ama wɔn awerɛhyem sɛ ‘obegye wɔn wɔ ahohia bere mu.’ Ɔde ne ho begye nsɛm mu, na ɔde ɔsɛe aba Satan ne ne dɔm so. (Hesekiel 38:18-23) Sɛnea ɛyɛe wɔ tete mmere mu no, wɔbɛsɛe wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Onyankopɔn nkurɔfo no ankasa! (Fa toto Mmebusɛm 13:22b ho.) Wɔbɛtew Yehowa din ho, na wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no benya akatua sɛ wɔhwehwɛɛ ‘nyansa ne nimdeɛ ne Yehowa suro.’—Kenkan Yesaia 33:5, 6.

Kɔkɔbɔ Ma Wɔn a Wonni Gyidi

9. (a) Dɛn na Yuda “abran” ne “asomdwoe bɔfo” bɛyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Asiria bɛyɛ n’ade wɔ asomdwoe nhyehyɛe a Yuda yɛ no ho?

9 Nanso, Yudafo a wonni gyidi no tebea bɛyɛ dɛn? Yesaia ka ɔsɛe a Asiria de reba wɔn so no ho asɛm a ɛyɛ hu yiye. (Kenkan Yesaia 33:7.) Yuda asraafo “abran” de ehu teɛm bere a Asiria reba no. Wodi “asomdwoe bɔfo,” ananmusifo a wɔsoma wɔn sɛ wɔne Asiriafo ntɔkwapɛfo no nkɔyɛ asomdwoe apam no ho fɛw brɛ wɔn ase. Wobesu yayaaya wɔ wɔn nkogudi no ho. (Fa toto Yeremia 8:15 ho.) Asiriafo atirimɔdenfo no renhu wɔn mmɔbɔ. (Kenkan Yesaia 33:8, 9.) Wofi atirimɔden mu bebu wɔn ani agu nhyehyɛe a wɔne Yudafo ayɛ no so. (2 Ahene 18:14-16) Asiria ‘bebu’ Yuda ‘nkurow animtiaa,’ na wabu wɔn anikyew, na wɔremmu nnipa nkwa. Tebea no bɛsɛe araa ma sɛnea yɛbɛka no no, asase no ankasa besu. Saa ara na Lebanon, Saron, Basan, ne Karmel besu wɔ ɔsɛe no ho.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na Kristoman “abran” rentumi nyɛ hwee? (b) Hena na ɔbɛbɔ nokware Kristofo ho ban wɔ Kristoman ahohia da no mu?

10 Akyinnye biara nni ho sɛ, tebea a ɛte saa ara bɛsɔre nnansa yi ara bere a amanaman no fi ase tow hyɛ nyamesom so no. Te sɛ Hesekia bere so no, mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛko atia asraafo a wɔsɛe ade no bɛyɛ ɔkwa. Kristoman “abran”—n’amammuifo, sikasɛm ho afotufo, ne nnipa foforo a wɔwɔ tumi—rentumi mmoa no. Wobebu amammui ne sikasɛm mu ‘apam’ anaa nhyehyɛe ahorow a wɔyɛe sɛ ɛmmɔ Kristoman yiyedi ho ban no so. (Yesaia 28:15-18) Mmɔden kɛse a wɔbɔ sɛ wobesiesie asɛm no renyɛ yiye. Aguadi bɛyɛ basaa bere a wogye Kristoman agyapade ne ne nnwuma anaa wɔsɛe no no. Obiara a n’ani da so gye Kristoman ho no ntumi nyɛ biribiara sɛ obegyina akyirikyiri asu ne sɛe no. (Adiyisɛm 18:9-19) So wɔbɛsɛe nokware Kristosom aka atoro som ho? Dabi, efisɛ Yehowa ankasa de awerɛhyem yi ma sɛ: [Yehowa, “NW”] se: Afei mɛsɔre, afei mɛma me ho so, afei wɔbɛma me so.” (Yesaia 33:10) Awiei koraa no, Yehowa de ne ho begye nsɛm mu ama anokwafo te sɛ Hesekia, na wasiw Asiria ntua no kwan.—Dwom 12:5.

11, 12. (a) Bere bɛn na Yesaia 33:11-14 nya mmamu na ɔkwan bɛn so na enya mmamu? (b) Kɔkɔbɔ bɛn na Yehowa nsɛm no de ma nnɛ?

11 Wɔn a wonni nokware no rentumi mfa wɔn ho nto ahobammɔ a ɛte saa so. Yehowa ka sɛ: “Moanyinsɛn wura guanguan, morewo sakran; mo ahome ne ogya a ɛbɛhyew mo. Na aman bɛyɛ akado a wɔahyew, nkraadua a wɔatwa a wɔde gya sɔ ano. Mo a mowɔ akyirikyiri, muntie nea mayɛ, na mo a mobɛn, munhu me mmaninyɛ. Sion mu nnebɔneyɛfo ho popo, na ehu ka ahuhufo: Yɛn mu hena na ɔbɛtra ogya a ɛhyew ade ho? Yɛn mu hena na ɔbɛtra daa hyew mu?” (Yesaia 33:11-14) Ɛda adi sɛ saa nsɛm yi bɛbam bere a Yuda hyia ɔtamfo foforo, Babilon no. Wɔ Hesekia wu akyi no, Yuda san kɔ n’akwammɔne so. Mfe kakraa a edi hɔ no, tebea a ɛwɔ Yuda no sɛe araa ma ɛsɛ sɛ ɔman no nyinaa hyia Onyankopɔn abufuw gya.—Deuteronomium 32:22.

12 Nhyehyɛe bɔne a wɔn a wɔnyɛ setie yɛ sɛ wɔde bɛkwati Onyankopɔn atemmu no nyɛ biribiara sɛ sakran. Nokwarem no, ɔman no ahomaso ne n’atuatew honhom no na ɛbɛma nsɛm a ɛbɛkɔ akowie ne sɛe mu no asɔre ankasa. (Yeremia 52:3-11) Abɔnefo “bɛyɛ [sɛ] akado a wɔahyew”—wɔbɛsɛe wɔn koraa! Bere a Yudafo atuatewfo no susuw ɔsɛe a ɛreba yi ho no, wɔbɔ hu kɛse. Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛ Yudafo a wonni nokware no kyerɛkyerɛ tebea a Kristoman mufo wom nnɛ no mu. Sɛ wɔantie Onyankopɔn kɔkɔbɔ a, daakye a ɛyɛ hu retwɛn wɔn.

‘Trenee Mu a Wɔbɛkɔ so Anantew’

13. Bɔhyɛ bɛn na wɔde ma obi a ‘ɔkɔ so nantew trenee mu,’ na ɔkwan bɛn so na enyaa mmamu wɔ Yeremia fam?

13 Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa ka bio sɛ: “Nea ɔnam trenee mu na ɔka nea ɛteɛ, nea okyi apempensika, nea ɔtwe ne nsa na anso anadwode mu, nea osisiw n’aso na ante mogya ho asɛm, na omua n’aniwa na anhu bɔne, ɔno na ɔbɛtra sorɔnsorɔmmea, abotan aban bɛyɛ no guankɔbea, wɔde n’aduan bɛma no, ne nsu remmɔ no da.” (Yesaia 33:15, 16) Sɛnea ɔsomafo Petro ka akyiri yi no, “[Yehowa, NW] nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wɔama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da.” (2 Petro 2:9) Yeremia nyaa ogye a ɛte saa. Bere a Babilon betuaa wɔn no, nkurɔfo no ‘dii abodoo nkarii so ne nkɔmmɔdi mu.’ (Hesekiel 4:16) Mmea bi wee wɔn ankasa mma mpo. (Kwadwom 2:20) Nanso, Yehowa hwɛe sɛ biribiara renyɛ Yeremia.

14. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ‘akɔ so anantew trenee mu’?

14 Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ‘kɔ so nantew trenee mu,’ na wodi Yehowa gyinapɛn ahorow akyi daa. (Dwom 15:1-5) Ɛsɛ sɛ ‘wɔka nea ɛteɛ’ na wɔpo atoro ne nnaadaa. (Mmebusɛm 3:32) Amimdi ne adanmudegye betumi abu so wɔ aman pii so de, nanso obi a ‘ɔkɔ so nantew trenee mu’ no kyi nneɛma a ɛtete saa. Ɛsɛ sɛ Kristofo nya “ahonim pa” nso wɔ adwumasɛm mu, na wɔbɔ mmɔden kwati nhyehyɛe a enni mu na amimdi wom. (Hebrifo 13:18; 1 Timoteo 6:9, 10) Na nea ‘wasisi n’aso na ante mogya ho asɛm, na wamua n’aniwa na anhu bɔne’ no bɛyɛ nyiyim wɔ nnwom ne anigyede a ɔpaw mu. (Dwom 119:37) Wɔ Yehowa atemmu da no, ɔbɛbɔ n’asomfo a wɔde gyinapɛn a ɛtete saa tra ase no ho ban akora wɔn so.—Sefania 2:3.

Wohu Wɔn Hene No

15. Bɔhyɛ bɛn na ɛbɛwowaw Yudafo anokwafo no wɔ nnommumfa mu?

15 Nea edi hɔ no, Yesaia ka daakye a ɛyɛ anigye ho asɛm tiawa sɛ: “W’aniwa behu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ebehu asase a ɛtrɛw haharaa. Wo koma bedwene ahude no ho: Ɔkanfo no wɔ he? Ɔkarifo no wɔ he? Nea ɔkan abantenten no wɔ he? Worenhu anuɔdenfo, ɔman a wɔn kasa mu dɔ a wɔnte, na wɔpɔtɔ a wɔnte ase no.” (Yesaia 33:17-19) Mesia Hene a ɔbɛba daakye ne N’ahenni ho bɔhyɛ no bɛwowaw Yudafo anokwafo wɔ bere tenten a wɔde bɛtra nnommumfa mu wɔ Babilon no mu, ɛwom mpo sɛ wobetumi ahu sɛ Ahenni no wɔ akyirikyiri de. (Hebrifo 11:13) Sɛ awiei koraa no Mesia ahenni no ba ankasa a, Babilon atirimɔdenne no bɛyɛ biribi a wɔnkae bio. Wɔn a wobefi Asiria ntua no mu afi no de anigye bebisa sɛ: “Ɛhe na mpanyimfo atirimɔdenfo a wogyee yɛn tow, twaa bo maa yɛn, na wogyee yɛn hɔ amanne no wɔ?”—Yesaia 33:18, Moffatt.

16. Efi bere bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo atumi ‘ahu’ Mesia Hene no, na dɛn na afi mu aba?

16 Ɛwom sɛ Yesaia nsɛm no hyɛ bɔ sɛ wobegye wɔn afi Babilon nnommumfa mu de, nanso ɛsɛ sɛ Yudafo nnommum no biara twɛn owusɔre na wɔahu nkɔmhyɛ no fã yi mmamu koraa. Na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Efi 1914 no, Yehowa nkurɔfo atumi ‘ahu’ Mesia Hene, Yesu Kristo, wɔ ne honhom fam ahoɔfɛ nyinaa mu. (Dwom 45:2; 118:22-26) Ne saa nti, wɔanya ogye afi Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu nhyɛso ne nniso mu. Wɔ Sion, baabi a Onyankopɔn Ahenni ahengua si, ase no, wonya nokware ahobammɔ wɔ honhom fam.

17. (a) Bɔ bɛn na wɔhyɛ fa Sion ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɔhyɛ a ɛfa Sion ho no nya mmamu wɔ Mesia Ahenni no ne n’akyitaafo a wɔwɔ asase so no ho?

17 Yesaia toa so sɛ: “Hwɛ Sion, yɛn afahyɛ kurow no, w’aniwa behu Yerusalem, ofi a ɛyɛ komm, ntamadan a entwiw nkɔ a wɔrentutu ne mmofunnua da biara da na ne ntampehama biara rentetew no. Na mmom [Yehowa, “NW”] bɛtra hɔ ama yɛn, tumidi mu, kurow a ɛho wɔ asu akɛse ne nsuwansuwa; atabon ahyɛmma biara renkɔ mu, na ahyɛn akɛse rentwam wɔ hɔ.” (Yesaia 33:20, 21) Yesaia ma yɛn awerɛhyem sɛ wɔrentumi ntu Onyankopɔn Mesia Ahenni no ngu anaasɛ wɔrensɛe no. Bio nso, ɛda adi pefee sɛ anokwafo a wɔtaa Ahenni no akyi wɔ asase so nnɛ no nso benya ahobammɔ a ɛte saa no bi. Sɛ mpo wɔsɔ ankorankoro pii hwɛ ma ɛtra so a, wɔma Onyankopɔn Ahenni no nkoa awerɛhyem sɛ mmɔden biara nni hɔ a wɔbɔ sɛ wɔbɛsɛe wɔn sɛ asafo a ebetumi ayɛ yiye. (Yesaia 54:17) Yehowa bɛbɔ ne nkurɔfo ho ban sɛnea asu kɛse anaa osuka bɔ kurow ho ban no. Ɔtamfo biara a ɔbɛsɔre atia wɔn—nea ɔyɛ den sɛ “atabon ahyɛmma” anaa “ahyɛn akɛse” mpo—behyia ɔsɛe!

18. Asɛyɛde bɛn na Yehowa gye tom?

18 Nanso, dɛn nti na wɔn a wɔn ani gye Onyankopɔn Ahenni ho no betumi anya awerɛhyem koraa sɛ Onyankopɔn bɛbɔ wɔn ho ban? Yesaia kyerɛkyerɛ mu sɛ: [Yehowa, “NW”] ne yɛn temmufo, [Yehowa, “NW”] ne yɛn mmarahyɛfo, [Yehowa, “NW”] ne yɛn hene, ɔno na obegye yɛn nkwa.” (Yesaia 33:22) Yehowa gye asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo a wogye ne dibea tom sɛ Otumfoɔ Pumpuni ho ban na wakyerɛ wɔn kwan no tom. Eyinom fi wɔn pɛ mu brɛ wɔn ho ase hyɛ ne tumidi a ɛwɔ ne Mesia Hene nsam no ase, na wogye tom sɛ ɛnyɛ mmara nko na Yehowa wɔ tumi sɛ ɔhyɛ, na mmom, sɛ ɔbɛma wɔde adi dwuma nso. Nanso, esiane sɛ Yehowa ani gye trenee ne atɛntrenee ho nti, ne tumidi a ɛnam ne Ba no so no, nyɛ adesoa mma n’asomfo. Mmom no, ‘esi wɔn yiye’ denam ahobrɛase a wɔde hyɛ ne tumidi ase no so. (Yesaia 48:17) Ɔrennyaw n’anokwafo da.—Dwom 37:28.

19. Ɔkwan bɛn so na Yesaia ka tumi a atamfo ntumi Yehowa nkurɔfo a wodi nokware no ho asɛm?

19 Yesaia ka kyerɛ Yehowa nkurɔfo anokwafo atamfo sɛ: “Wo ntampehama mu agow, entumi nsuso ne hyɛn dua mu, ɛntrɛw frankaa mu: ɛno na wɔbɛkyɛ asade a wɔafa no bebree mu, mpakye po bɛfow ade.” (Yesaia 33:23) Ɔtamfo a ɔreba biara ntumi nyɛ hwee wɔ Yehowa anim, wɔte sɛ akohyɛn mu nhama a emu agow, hyɛn dua a ɛwosow, ne frankraa a wɔntrɛw mu. Onyankopɔn atamfo a wɔbɛsɛe wɔn no bɛma asade abu so araa ma wɔn a wɔadi dɛm mpo benya adefow no mu kyɛfa. Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nam ne Hene Yesu Kristo so bedi n’atamfo so nkonim wɔ “ahohia kɛse” a ɛreba no mu.—Adiyisɛm 7:14.

Ayaresa Bi

20. Ayaresa bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo benya, na bere bɛn?

20 Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi de bɔhyɛ a ɛma akomatɔyam yi na ewie: ‘Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Meyare. Ɔman a wɔte mu no, wɔde wɔn amumɔyɛ befiri wɔn.’ (Yesaia 33:24) Yare a Yesaia ka ho asɛm no yɛ honhom fam yare titiriw, efisɛ ɛfa bɔne, anaa ‘amumɔyɛ’ ho. Wɔ saa nsɛm yi mmamu a edi kan mu no, Yehowa hyɛ bɔ sɛ sɛ woyi ɔman no fi Babilon nnommumfa mu a, wɔbɛsa wɔn yare honhom fam. (Yesaia 35:5, 6; Yeremia 33:6; fa toto Dwom 103:1-5 ho.) Bere a wɔde Yudafo kan bɔne afiri wɔn no, wɔn a wɔbɛsan aba no de ɔsom kronn besi hɔ bio wɔ Yerusalem.

21. Akwan bɛn so na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya honhom fam ayaresa?

21 Nanso, Yesaia nkɔmhyɛ no nya mmamu nnɛ mmere yi. Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso anya honhom fam ayaresa. Wɔagye wɔn afi atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ ɔkra a enwu da, Baasakoro, ne hellgya mu. Wonya abrabɔ fam akwankyerɛ, na ɛma wɔde wɔn ho fi ɔbrasɛe ho, na ɛboa wɔn ma wosi gyinae pa. Na esiane Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no nti, wonya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim wɔ ahonim pa. (Kolosefo 1:13, 14; 1 Petro 2:24; 1 Yohane 4:10) Honam fam mfaso wɔ saa honhom fam ayaresa yi so nso. Sɛ nhwɛso no, nna mu ɔbrasɛe ne tawanom a Kristofo twe wɔn ho fi ho no bɔ wɔn ho ban wɔ nna mu nyarewa ne kokoram ahorow bi ho.—1 Korintofo 6:18; 2 Korintofo 7:1.

22, 23. (a) Mmamu kɛse bɛn na Yesaia 33:24 benya daakye? (b) Tirimbɔ bɛn na nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ayɛ?

22 Bio nso, Yesaia 33:24 benya mmamu kɛse wɔ Harmagedon akyi, wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Wɔ Mesia Ahenni no tumidi ase no, adesamma benya honam fam ayaresa kɛse aka wɔn honhom fam ayaresa no ho. (Adiyisɛm 21:3, 4) Wɔ Satan nneɛma nhyehyɛe no sɛe akyi bere tiaa bi no, akyinnye biara nni ho sɛ anwonwade ahorow te sɛ nea Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no bɛkɔ so wɔ wiase nyinaa. Anifuraefo behu ade, asotifo bɛte asɛm, na mmubuafo anantew! (Yesaia 35:5, 6) Eyi bɛma wɔn a wobefi ahohiahia kɛse no mu aka nyinaa atumi ayɛ adwuma kɛse a wɔde bɛma asase no adan paradise no bi.

23 Akyiri yi, sɛ owusɔre no fi ase a, akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn a wobenyan no de akwahosan pa na ɛbɛsɔre. Nanso bere a wɔde agyede afɔrebɔ no di dwuma koraa no, wobenya honam fam mfaso pii kosi sɛ adesamma bedu pɛyɛ ho. Afei, atreneefo ‘benya nkwa’ koraa. (Adiyisɛm 20:5, 6) Saa bere no, wɔ honhom ne honam fam nyinaa no, ‘Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Meyare.’ Bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Ɛmmra sɛ nokware asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa de nsi bɛka wɔn a wobehu ne mmamu no ho!

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 344]

Yesaia de ahotoso bɔ Yehowa mpae

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 353]

Esiane agyede afɔrebɔ no nti,

Yehowa nkurɔfo wɔ gyinabea pa wɔ n’anim

[Mfonini wɔ kratafa 354]

Wɔ wiase foforo no mu no, honam fam ayaresa kɛse bɛkɔ so