Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Agya Bi ne Ne Mma Asoɔdenfo

Agya Bi ne Ne Mma Asoɔdenfo

Ti Abien

Agya Bi ne Ne Mma Asoɔdenfo

Yesaia 1:2-9

1, 2. Kyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a Yehowa benyaa mma asoɔdenfo no mu.

NA ƆHWƐ ne mma yiye sɛnea agya pa biara bɛyɛ. Ɔde mfe pii hwɛ hui sɛ wobenya aduan, nkataho, ne baabi a wɔde wɔn ti bɛto. Sɛ ɛho behia a, na ɔtwe wɔn aso. Nanso na ɔntwe wɔn aso mmoro so; na ɔyɛ no ‘sɛnea ɛfata.’ (Yeremia 30:11) Enti yebetumi de yɛn adwene abu ahometew a agya a ɔdɔ ne mma no de kaa asɛm yi: “Mayɛn mma ma wɔanyin, na mama wɔn so, na wɔn de, wɔabɔ me so ko.”—Yesaia 1:2b.

2 Mma asoɔdenfo a wɔreka wɔn ho asɛm wɔ ha yi ne Yuda man no, na agya a asɛm ahaw no no ne Yehowa Nyankopɔn. Hwɛ awerɛhosɛm! Yehowa wowaa Yudafo no na ɔmaa wɔn so sen amanaman no nyinaa. Bere bi akyi no, ɔnam odiyifo Hesekiel so kaee wɔn sɛ: “Mede atade a wɔadi mu adwini mehyɛɛ wo, na mede sukraman nhoma mpaboa mehyɛɛ wo, na mede nwera pa mekyekyeree wo, na mede sedaa mekataa wo ho.” (Hesekiel 16:10) Nanso mpɛn pii no, na Yudafo no nkyerɛ anisɔ wɔ nea Yehowa ayɛ ama wɔn ho. Mmom no, wɔsenee wɔn kɔn, wɔbɔɔ ko.

3. Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ ɔsoro ne asase sɛ emmedi Yuda asoɔden no ho adanse?

3 Enti ntease wom sɛ Yehowa fi asɛm a ɔka kyerɛɛ ne mma asoɔdenfo no ase sɛ: “Ɔsoro, muntie, na asase, yɛ aso, na [Yehowa, “NW”] rekasa.” (Yesaia 1:2a) Sɛnkyerɛnne kwan so no, na ɔsoro ne asase ate dedaw sɛ wɔrebɔ Israelfo no kɔkɔ pefee sɛ sɛ wɔyɛ asoɔden a asotwe bedi so aba. Mose kae sɛ: “Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase sɛ emmedi mo adanse sɛ ɔyera na mobɛyera ntɛm so afi asase a moretwa Yordan akɔfa no so.” (Deuteronomium 4:26) Afei wɔ Yesaia bere so no, Yehowa frɛɛ ɔsoro a aniwa ntumi nhu ne asase a aniwa hu no sɛ emmedi Yuda asobrakye ho adanse.

4. Yehowa daa ne ho adi kyerɛɛ Yuda dɛn?

4 Na tebea no yɛ aniberesɛm enti na ɛsɛ sɛ Yehowa wae asɛm no anim. Nanso bere a Yehowa ani abere mpo no, ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow—na ɛma akomatɔyam—sɛ ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Yuda sɛ agya a ɔdɔ ne mma, ɛnyɛ wɔn wura a watɔ wɔn kɛkɛ. Ɔkwan bi so no, na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo hu asɛm no sɛ agya bi a ɔreteetee esiane ne mma ahohwibra nti. Ebia Yudafo awofo bi a wɔrehyia tebea a ɛte saa wɔ fie bɛte mfatoho no ase yiye. Sɛnea ɛte biara no, Yehowa de nea Yuda ayɛ atia no no rebɛto gua.

Mmoa Mpo Nim Wɔn Wura

5. Sɛ wode nantwi ne afurum toto Israel ho a, ɔkwan bɛn so na mmoa yi di nokware?

5 Yehowa nam Yesaia so kae sɛ: “Nantwi nim ne wura, na afurum nim ne wura adididaka, na Israel de, onnim; me man nhu mu.” (Yesaia 1:3) * Nnipa a wɔtete Mediterranea Supɔw ho nim anantwi ne mfurum yiye sɛ mmoa a wɔtwe nneɛma. Nokwarem no, Yudani biara begye atom sɛ mmoa a wɔte saa mpo yɛ biribi de kyerɛ sɛ wɔwɔ wura. Ɛdefa eyi ho no, hwɛ nea obi a na ɔreyɛ Bible nsɛm bi mu nhwehwɛmu wɔ kurow bi a ɛwɔ Mediterranea Supɔw no nkyɛn hɔ baabi kae: “Bere a mmoa no boom yuu beduruu kurom ara pɛ na wɔn mu biara faa ne kwan. Na aboa biara nim ne wura ne ne fie kwan yiye, na sɛ oduru nkwanta so a, ohu baabi a ɛsɛ sɛ ɔfa ntɛm ara. Na afurum de, ɔkɔ kosi pon ano twan, baabi a ‘ne wura de n’adididaka si.’”

6. Ɔkwan bɛn so na Yudafo kyerɛe sɛ wonni ntease?

6 Esiane sɛ na biribi a ɛte saa nyɛ na wɔ Yesaia nna no mu nti, na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛte nea Yehowa reka no ase: Sɛ aboa mpo nim ne wura ne n’adididaka a, ɛdɛn na Yudafo betumi de ayi wɔn ho ano akyerɛ nea enti a wɔapo Yehowa? Ɛyɛ nokware sɛ na ‘wonni ntease.’ Ɛte sɛ nea na afi wɔn adwenem koraa sɛ Yehowa na ama wɔanya baabi asi na wɔte nkwa mu. Nokwasɛm ne sɛ ɛyɛ mmɔborohunu a Yehowa wɔ nti na ɔkɔɔ so frɛɛ Yuda “me man” no!

7. Akwan horow bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa yɛ ma yɛn?

7 Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ yɛbɛda yɛn ho adi sɛ nnipa a wonni ntease a yebu yɛn ani gu nea Yehowa ayɛ ama yɛn so! Mmom ɛsɛ sɛ yesuasua ɔdwontofo Dawid a ɔkaa eyi no: “[Yehowa, NW], mɛda wo ase me koma nyinaa mu, mɛka w’anwonwade nyinaa.” (Dwom 9:1) Sɛ yɛkɔ so nya Yehowa ho nimdeɛ a, ɛbɛhyɛ yɛn nkuran wɔ eyi mu efisɛ Bible ka sɛ “ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne nhumu.” (Mmebusɛm 9:10) Sɛ yɛdwene nhyira a Yehowa de ama yɛn ho daa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea yɛn soro Agya no ani kũ yɛn ho. (Kolosefo 3:15) Yehowa ka sɛ: “Nea ɔde aseda bɔ afɔre no hyɛ me anuonyam, na ɔbɔ ɔkwan a mekyerɛ no Nyankopɔn nkwagye wɔ so.”—Dwom 50:23.

Wobu “Israel Kronkronni” no Animtia

8. Adɛn nti na wobetumi afrɛ Yudafo no “ɔman nnebɔneyɛfo”?

8 Yesaia toa so ka nsɛm a tumi wom yi kyerɛ Yuda man no: “Ɔman nnebɔneyɛfo, ɔman a wɔn asodi yɛ duru, amumɔyɛfo asefo, mma a wɔaporɔw. Wɔagyaw [Yehowa, “NW”], wɔatew Israel kronkronni no ahi, wɔasan wɔn akyi.” (Yesaia 1:4) Nnebɔne ano betumi aboaboa ma abɛyɛ adesoa a emu yɛ duru. Abraham bere so no, Yehowa kae sɛ Sodom ne Gomora bɔne “yɛ duru dodo.” (Genesis 18:20) Biribi a ɛte saa na yehu wɔ Yudafo ho, efisɛ Yesaia ka sɛ “wɔn asodi yɛ duru.” Bio nso ɔka sɛ wɔyɛ “amumɔyɛfo asefo, mma a wɔaporɔw.” Ɛyɛ nokwasɛm, na Yudafo te sɛ mmofrabɔne. Ná “wɔasan wɔn akyi,” anaa sɛnea New Revised Standard Version ka no, na “wɔabɔ ko,” wɔafi wɔn Agya nkyɛn.

9. Asɛm “Israel kronkronni” no kyerɛ dɛn?

9 Yudafo no nam wɔn nnebɔne so buu “Israel kronkronni” no animtia ankasa. Dɛn na saa asɛm a epue mpɛn 25 wɔ Yesaia nhoma mu yi kyerɛ? Sɛ́ obi bɛyɛ kronkron no kyerɛ sɛ ne ho nni nkekae biara. Yentumi mfa hwee ntoto Yehowa kronkronyɛ ho. (Adiyisɛm 4:8) Israelfo no kaee saa nokwasɛm yi bere biara a wohuu nkyerɛwee a ɛwɔ sika abɔnim a ɛbɔ ɔsɔfo panyin abotiri ho yi: ‘kronkron ma Yehowa.’ (Exodus 39:30) Enti bere a Yesaia reka Yehowa ho asɛm sɛ “Israel kronkronni” no, na ɔresi so dua sɛ bɔne a Yudafo ayɛ no yɛ aniberesɛm paa. Na asobrakyefo yi reto mmara a wɔde maa wɔn agyanom no: “Monyɛ mo ho kronkron na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron”!—Leviticus 11:44.

10. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛkwati sɛ yebebu “Israel kronkronni” no animtia?

10 Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ yiye paa na wɔansuasua Yudafo a wobuu “Israel kronkronni” no animtia no. Ɛsɛ sɛ wosuasua Yehowa kronkronyɛ no. (1 Petro 1:15, 16) Ehia sɛ ‘wokyi bɔne.’ (Dwom 97:10) Nneyɛe bɔne te sɛ aguamammɔ, abosonsom, korɔnobɔ, ne asabow betumi asɛe Kristofo asafo no. Ɛno nti na sɛ obi annyae nneɛma a ɛtete saa a, wotu no fi asafo no mu no. Awiei koraa no, wɔn a wɔsen wɔn kɔn yɛ nneyɛe bɔne a ɛtete saa a wɔnkyerɛ ahonu no rennya nhyira a Onyankopɔn Ahenni de bɛba no bi. Nokwarem no, sɛ obi yɛ nnebɔne a ɛte saa a, na ɔrebu “Israel kronkronni” no animtia.—Romafo 1:26, 27; 1 Korintofo 5:6-11; 6:9, 10.

Wɔyare Fi Wɔn Ti Kosi Wɔn Nan Ase

11, 12. (a) Kyerɛkyerɛ tebea bɔne a na Yuda wom no mu. (b) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛhaw yɛn sɛ tebea a ɛte saa baa Yuda so?

11 Afei Yesaia bɔ mmɔden sɛ ɔne Yudafo no besusuw nsɛm ho ma wɔahu sɛ wɔyare ankasa. Ɔka sɛ: “Ɛdɛn nti na wɔmmɔ mo ara, sɛ morekɔ so asan akyiri yi?” Sɛ yɛbɛka no kwan foforo so a, Yesaia rebisa wɔn sɛ: ‘Enti nea afa mo ani so yi ara nnɔɔso? Adɛn nti na mokɔ so sen mo kɔn hu amane saa?’ Yesaia toa so sɛ: “Eti mũ no nyinaa yare, na koma mu no nyinaa agurow; efi nan ase kosi atifi, mũdi biara nni ho.” (Yesaia 1:5, 6a) Yuda yare yarebɔne—ɔyare honhom mu fi ne ti kosi ne nan ase. Yare a ɛyɛ hu ankasa!

12 Ɛsɛ sɛ ɛhaw yɛn sɛ tebea a ɛte saa aba Yuda so anaa? Dabida! Na wɔadi kan abɔ Israel man mũ no nyinaa kɔkɔ mfe bi a atwam ma wɔahu asotwe a ebefi wɔn asoɔden no mu aba. Nea wɔka kyerɛɛ wɔn no bi ni: “[Yehowa, NW] de akuru bɔne bɛbɔ wo wo nankoroma ne srɛ so a wɔrentumi nsa mma wo fi wo nan ase kosi w’atifi.” (Deuteronomium 28:35) Sɛnkyerɛnne kwan so no, na Yuda retwa ne kwammɔne no so aba. Sɛ Yudafo no tiee Yehowa kɛkɛ a, anka eyinom nyinaa amma wɔn so.

13, 14. (a) Amanehunu bɛn na wɔde baa Yuda so? (b) Tebea a ɛtoo Yuda yi maa n’adwene baa fie?

13 Yesaia toa so ka Yuda amanehunu no ho asɛm sɛ: “Apirakuru ne nsoasoae ne akuru momono; wɔntotoẽ na wɔnkyekyeree, na wɔmfaa ngo nnwudwoo no ɛ.” (Yesaia 1:6b) Odiyifo no ka nneɛma ahorow abiɛsa a ebetumi ayɛ obi ho asɛm wɔ ha: apirakuru (te sɛ bere a sekan atwa obi), nsoasoae (te sɛ wɔahwe obi ma ne ho apaapae), kuru mono (kyerɛ sɛ kuru a atu obi nnansa yi ara a ne ko bɛyɛ ko na). Sɛ woyɛ ho mfonini a, ɛte sɛ obi a yɛahwe no hwetorɔ ama ne ho nyinaa abeabea. Yuda dii amia ankasa.

14 Awerɛhosɛm a ɛtoo Yuda no kaa no maa ɔsan baa Yehowa nkyɛn anaa? Dabi! Na Yuda te sɛ ɔsoɔdenfo a Mmebusɛm 29:1 (NW) ka ne ho asɛm no: “Nea wɔka n’anim daa nso ɔsen ne kɔn no, wobebubu no mpofirim, na onnya ano aduru.” Na aduru biara nni hɔ a ɛbɛsa ɔman no yare. Sɛnea Yesaia kaa no no, na ‘wommiaa ne kuru nkyekyeree, na wɔmfaa ngo nnwudwoe.’ * Ɔkwan bi so no na Yuda te sɛ kuru a wɔnkyekyeree a ahono.

15. Akwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn ho ban afi honhom fam yare ho?

15 Ɛsɛ sɛ yesua biribi fi nea ɛtoo Yuda no mu, na yɛhwɛ yiye na honhom mu yare ammɔ yɛn. Ebetumi abɔ yɛn mu biara te sɛ nea honam fam yare tumi bɔ yɛn no. Yɛn mu hena na honam fam akɔnnɔ ntumi nsum no afiri? Anibere ne akɔnnɔ ntraso a yebenya ama anigyede betumi agye nhini wɔ yɛn komam. Enti ehia sɛ yɛtete yɛn adwene ma ‘ekyi bɔne’ na ‘ɛbata papa ho.’ (Romafo 12:9) Ehia nso sɛ yenya Nyankopɔn honhom aba no bi wɔ yɛn da biara da asetram. (Galatifo 5:22, 23) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛkwati tebea a ɛtoo Yuda no—honhom mu yare a ɛbɔɔ no fi ne ti kosi ne nan ase no.

Asase a Ɛda Mpan

16. (a) Yesaia ka Yuda asase no ho asɛm dɛn? (b) Adɛn nti na ebinom ka sɛ ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa saa asɛm no wɔ Ahas bere so, nanso yebetumi ate ase dɛn?

16 Afei Yesaia gyae mfatoho a ɔde honam fam yare yɛe no, na ɔdan adwene si Yuda asase no tebea ankasa so. Bere a ɛte sɛ nea wasi ne ti ase rehwɛ asase a ɔko ayɛ no pasaa no, ɔkae sɛ: “Mo asase, ada ntuw; mo nkurow, wɔde ogya ahyew, mo mfuw, ananafo redi, mo anim, na asɛe sɛ ananafo abutuw no.” (Yesaia 1:7) Nhomanimfo bi ka sɛ ɛwom sɛ wɔakyerɛw saa asɛm yi wɔ Yesaia nhoma no mfiase de, nanso ɛbɛyɛ sɛ odiyifo no fii n’adwuma ase no, ɛkyɛe kakra, ebia ɔhemmɔne Ahas bere so, ansa na ɔreka saa asɛm no. Wɔkyerɛ sɛ na ɔman no di yiye paa wɔ Usia bere so, enti na Yesaia ntumi nka awerɛhosɛm a ɛte saa mfa ɔman no ho saa bere no. Nokwarem no, yentumi nka no pefee sɛ Yesaia kyerɛw ne nhoma no sɛnea nsɛm sisii nnidiso nnidiso no. Nanso ɛbɛyɛ sɛ nea Yesaia ka faa ɔman no amanfoyɛ ho no yɛ nkɔmhyɛ. Ebetumi aba sɛ bere a Yesaia reka asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no, na ɔreka daakye ho asɛm sɛ biribi a asi dedaw de akyerɛ sɛ nkɔmhyɛ no bɛbam ɔkwan biara so—Bible no fã baabi ka daakye ho asɛm saa.—Fa toto Adiyisɛm 11:15 ho.

17. Adɛn nti na na nkɔmhyɛ a ɛfa Yuda amamfoyɛ ho no renyɛ ɔman no nwonwa?

17 Sɛnea ɛte biara no, na ɛnsɛ sɛ nkɔmhyɛ a ɛka Yuda sɛe ho asɛm no yɛ nnipa asobrakyefo no nwonwa. Na Yehowa abɔ wɔn kɔkɔ bere tenten ama wɔahu nea asoɔden de bɛba wɔn so. Ɔkae sɛ: “Me ara mɛsɛe asase no ma mo atamfo a wɔbɛtra so no ani so ayɛ wɔn yaa; na mo de, mɛbɔ mo apete wiase amanaman mu, na matwe nkrante madi mo akyi, na mo asase bɛda ntuw, na mo nkurow ayɛ akurofõ.”—Leviticus 26:32, 33; 1 Ahene 9:6-8.

18-20. Bere bɛn na Yesaia 1:7, 8 nyaa mmamu, na ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘gyaa nkaefo kakra’ saa bere no?

18 Asɛm a ɛwɔ Yesaia 1:7, 8 no baa mu bere a Asiriafo bɛsɛee Israel ne Yuda na ɛde amanehunu bae no. (2 Ahene 17:5, 18; 18:11, 13; 2 Beresosɛm 29:8, 9) Nanso wɔansɛe Yuda korakora. Yesaia ka sɛ: “Sion babea aka sɛ bobeturom sese, sɛ fere turom homebea, sɛ kurow a wɔatua.”—Yesaia 1:8.

19 Ɔsɛe no nyinaa akyi no, na “Sion babea,” anaa Yerusalem, bɛkɔ so agyina. Nanso, te sɛ sese anaa ɔwɛmfo apata a ɛwɔ turo bi mu no, na ne nkotodwe mu agow. Bere a afeha a ɛtɔ so 19 mu nhomanimfo bi nam Nil asubɔnten ho no, ɔkaee Yesaia asɛm no bere a ohuu apata bi a ɛte saa no, na ɔka ho asɛm sɛ “ɛte sɛ ban bi a wɔde si mframa ano” kɛkɛ. Wɔ Yuda no, sɛ wotwa nnɔbae wie a, na wogya apata yi ma ebubu. Ɛwom sɛ na Yerusalem bɛhenhan Asiriafo asraafo nnɔmmarima no nsam de, nanso na ebegyina.

20 Yesaia de nkɔmhyɛsɛm yi ba awiei sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa, “NW”] annyaw yɛn nkae ketewa bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom, na yɛadan sɛ Gomora.” (Yesaia 1:9) * Bere a Asiriafo ato ahyɛ Yuda so no, na Yehowa bɛba abɛboa no. Na ɔnhwɛ mma wɔntɔre Yuda ase sɛ Sodom ne Gomora. Ɛnsɛe.

21. Bere a Babilon sɛee Yerusalem no, adɛn nti na Yehowa ‘gyaa nkaefo kakra’?

21 Bɛboro mfe 100 akyi no, ɔman foforo de n’ani sii Yuda so. Yudafo no ansua biribi amfi asotwe a Yehowa nam Asiria so de baa wɔn so no mu. “Wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo.” Eyi nti, ‘Yehowa abufuhyew sɔre hyɛɛ ne man no a wɔannya ano aduru.’ (2 Beresosɛm 36:16) Babilon hene Nebukadnesar dii Yuda so nkonim, na saa bere yi de, biribi te sɛ “bobeturom sese” mpo anka. Wɔsɛee Yerusalem mpo. (2 Beresosɛm 36:17-21) Nanso, Yehowa ‘maa nnipa kakra kae.’ Ɛwom sɛ wɔde Yuda kɔɔ nnommumfa mu mfe 70 de, nanso Yehowa hwɛ hui sɛ ɔman no ase ntɔre sɛnea ɛbɛyɛ a anyɛ yiye koraa no Dawid abusua no bɛtra hɔ ma Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no afi mu aba.

22, 23. Afeha a edi kan mu no, adɛn nti na Yehowa ‘gyaa nkaefo kakra’?

22 Afeha a edi kan mu no, Israel baa ahohia a etwa to mu sɛ ɔman a ɛne Nyankopɔn ayɛ apam. Bere a Yesu bae sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no, ɔman no poo no, na eyi maa Yehowa nso poo wɔn. (Mateo 21:43; 23:37-39; Yohane 1:11) Eyi kyerɛ sɛ na Yehowa nni ɔman titiriw bi wɔ asase so bio? Dabi. Ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛ Yesaia 1:9 nyaa mmamu foforo. Ɔfaa Septuagint mu asɛm kae sɛ: “Sɛnea Yesaia aka asie no: Sɛ asafo [Yehowa, NW] annyaw aba amma yɛn a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na wɔama yɛasɛ Gomora.”—Romafo 9:29.

23 Saa bere no na na nkaefo no yɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wogye Yesu Kristo di no. Mfiase no, na saafo yi yɛ Yudafo gyidifo. Akyiri yi Amanaman mufo a wogye di bɛkaa wɔn ho. Ná wɔn nyinaa ka bom yɛ Israel foforo, “Nyankopɔn Israel.” (Galatifo 6:16; Romafo 2:29) Bere a wɔsɛee Yudafo nneɛma nhyehyɛe wɔ afe 70 Y.B. no, saa “aba” yi na wofii mu kae. Nokwasɛm ne sɛ “Nyankopɔn Israel” no da so ara wɔ hɔ nnɛ. Wɔanya gyidifo ɔpehaha pii a wɔbom yɛ “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” abɛka wɔn ho seesei.—Adiyisɛm 7:9.

24. Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ otwa ahohia kɛse a ɛda adesamma anim no hu?

24 Ɛnkyɛ ɔko kɛse a ɛne Harmagedon bɛpae agu wiase a ɛwɔ hɔ yi so. (Adiyisɛm 16:14, 16) Ɛwom sɛ eyi bɛyɛ ahohia kɛse asen ɔsɛe a Asiria ne Babilonfo mu biara de baa Yuda so no, na ɛbɛsen bere a Romafo bɛsɛee Yudea afe 70 Y.B. no mpo de, nanso ebinom befi mu aka. (Adiyisɛm 7:14) Eyi nyinaa kyerɛ hia a ehia sɛ obiara susuw nsɛm a Yesaia ka kyerɛɛ Yuda no ho yiye! Saa bere no, na nsɛm no kyerɛ nkwa ma gyidifo. Ɛnnɛ nso ɛbɛkyerɛ nkwa ama wɔn a wobegye adi.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Ɛha yi, “Israel” kyerɛ Yuda ahemman a na mmusua abien na ɛwom no.

^ nky. 14 Yesaia nsɛm no kyerɛ ɔkwan a na wɔfa so hwɛ kuru wɔ ne bere so. Bible mu nhwehwɛmufo E. H. Plumptre ka sɛ: “Sɛ kuru tu obi a, nea na wodi kan yɛ ne sɛ ‘womia’ ma nsu a ɛwom fi; ɛno akyi no, wɔde aduru tare so ‘kyekye’ te sɛ Hesekia de no (ti xxxviii [38]. 21), na afei wɔde biribi a ɛbɛdwodwo kuru no te sɛ ngo ne nsã gugu mu sɛnea yehu wɔ Luka x [10]. 34 no.”

^ nky. 20 Commentary on the Old Testament a C. F. Keil ne F. Delitzsch kyerɛwee no ka sɛ: “Ɛha no, odiyifo no de ɔfã bi baa awiei. Kwan a wɔagya wɔ nkyekyem 9 ne 10 ntam no si so dua sɛ na ɔrebefi ɔfã foforo ase. Akwan a wogya toto afã horow ntam no yɛ biribi a na wɔyɛ no teteete ansa na wɔrebefi ase de nneɛma asisi nkyerɛwee bi so de akyerɛ sɛnea wɔbɔ din, na egyina atetesɛm bi a akyɛ paa so.”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Wampopa Yuda amfi hɔ koraa te sɛ Sodom ne Gomora