Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asomdwoe Hene no Ho Bɔhyɛ

Asomdwoe Hene no Ho Bɔhyɛ

Ti Du

Asomdwoe Hene no Ho Bɔhyɛ

Yesaia 8:19–9:7

1. Dɛn na ato adesamma fi Kain bere so?

BƐYƐ mfirihyia mpemnsia a atwam ni na wɔwoo akokoaa a odi kan. Ná ne din de Kain, na na n’awo yɛ soronko koraa. Ná n’awofo, ne abɔfo, ne Ɔbɔadeɛ no mpo nhuu akokoaa da. Anka akokoaa a wɔawo no foforo yi betumi ama adesamma abusua a wɔabu wɔn fɔ no anya anidaso. Hwɛ sɛnea odii wɔn huammɔ, bere a onyin bɛyɛɛ wudini no! (1 Yohane 3:12) Efi saa bere no, adesamma ahu awudisɛm a enni ano. Asomdwoe nni adesamma a wɔtɔ kɔ bɔne so no ntam, na saa ara na asomdwoe nni wɔne Onyankopɔn ntam.—Genesis 6:5; Yesaia 48:22.

2, 3. Anidaso bɛn na yɛnam Yesu Kristo so anya, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi anya nhyira a ɛte saa?

2 Wɔ Kain awo akyi bɛyɛ mfirihyia mpemnan no, wɔwoo akokoaa foforo bi. Ná ne din de Yesu, na na ɔno nso awo yɛ soronko koraa. Ɔbaabun na ɔwoo no, denam honhom kronkron tumi so—awo a ɛte saa biako pɛ na asi wɔ abakɔsɛm mu. Bere a wɔwoo no no, abɔfo bebree de anigye too dwom yii Onyankopɔn ayɛ sɛ: “Anuonyam wɔ sorosoro ma Onyankopɔn, na asomdwoe wɔ asase so, nnipa a wɔsɔ n’ani mu.” (Luka 2:13, 14) Sɛ́ anka Yesu bɛyɛ owudifo mmom no, obuee kwan maa asomdwoe baa adesamma ne Nyankopɔn ntam, na ama wɔatumi anya daa nkwa.—Yohane 3:16; 1 Korintofo 15:55.

3 Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛfrɛ Yesu “Asomdwoe-hene.” (Yesaia 9:6) Ná ɔde n’ankasa nkwa bɛto hɔ ama adesamma, na ama wɔatumi anya bɔne fafiri. (Yesaia 53:11) Ɛnnɛ, gyidi a yebenya wɔ Yesu Kristo mu na ɛbɛma asomdwoe aba yɛne Onyankopɔn ntam na yɛanya bɔne fafiri. Nanso nhyira a ɛte saa mma kwa. (Kolosefo 1:21-23) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ saa nhyira no sua sɛ wobetie Yehowa Nyankopɔn. (1 Petro 3:11; fa toto Hebrifo 5:8, 9 ho.) Wɔ Yesaia bere so no, Israel ne Yuda yɛ biribi a ɛne no bɔ abira koraa.

Wɔdan Kɔ Ahonhommɔne Nkyɛn

4, 5. Nsɛm tebea te dɛn wɔ Yesaia bere so, na hena nkyɛn na ebinom dan kɔ?

4 Esiane wɔn asoɔden nti, Yesaia bere sofo no abrabɔ sɛe koraa, wɔkɔ honhom fam amoa a emu ayɛ sum ankasa mu. Yuda ahemman a ɛwɔ kesee fam, baabi a Onyankopɔn asɔrefie no si mpo nni asomdwoe. Esiane Yudafo asoɔden nti, Asiriafo de ntua ba wɔn so, na mmere a emu yɛ den da wɔn anim. Hena nkyɛn na wɔkɔhwehwɛ mmoa? Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔn mu pii dan kɔ Satan nkyɛn, wɔnkɔ Yehowa nkyɛn. Dabi, wɔnteɛm mfa Satan din mfrɛ no. Mmom no, te sɛ tete hene Saulo no, wɔde wɔn ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu de hwehwɛ wɔn haw ano aduru denam awufo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn bedi nkitaho so.—1 Samuel 28:1-20.

5 Ebinom mpo rehyɛ saa adeyɛ yi ho nkuran. Yesaia da ɔwae a ɛte saa adi bere a ɔka eyi no: “Sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mummisa asamanfrɛfo ne asumanfo a wɔde nnomaa sũ ne asutu kasa no a,—so ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wobisa ne hɔ ade? So awufo hɔ na wommisa ade mma ateasefo?” (Yesaia 8:19) Asamanfrɛfo betumi adaadaa nnipa, na ‘wɔde nnomaa sũ ne asutu akasa.’ Ɔteasefo a otumi sakra ne nne na wɔnam ne so tumi de nne a ɛte sɛ nea efi awufo ahonhom no kasa. Nanso, ɛtɔ da bi a, ahonhommɔne no de wɔn ho gye mu tẽẽ, na wɔyɛ wɔn ho sɛ awufo no, te sɛ nea ɛbae bere a Saulo kɔɔ Endor samanfrɛfo nkyɛn kobisaa ade no.—1 Samuel 28:8-19.

6. Dɛn nti na yebetumi abɔ Israelfo a wɔde wɔn ho ahyɛ ahonhonsɛmdi mu no sobo ma afata ankasa?

6 Eyinom nyinaa rekɔ so wɔ Yuda ɛmfa ho sɛ Yehowa abara ahonhonsɛmdi no. Wɔ Mose Mmara ase no, ɛyɛ bɔne a ɛfata owu. (Leviticus 19:31; 20:6, 27; Deuteronomium 18:9-12) Dɛn nti na nnipa a wɔyɛ Yehowa agyapade titiriw no yɛ bɔne a anibere wom saa? Efisɛ wɔapo Yehowa Mmara ne afotu, na ‘bɔne nnaadaa apirim wɔn koma.’ (Hebrifo 3:13) “Wɔn koma apirim sɛ srade,” na wɔatwe wɔn ho afi wɔn Nyankopɔn ho.—Dwom 119:70. *

7. Ɔkwan bɛn so na nnipa pii suasua Israelfo a na wɔwɔ Yesaia bere so no nnɛ, na sɛ saafo no ansakra a, dɛn na ɛbɛba wɔn so daakye?

7 Ɛda adi sɛ wobisa wɔn ho sɛ, ‘Mfaso bɛn na ɛwɔ Yehowa Mmara so bere a ɛda adi sɛ Asiriafo rebɛtow ahyɛ yɛn so?’ Wɔpɛ sɛ wonya wɔn haw ano aduru ntɛm, na wɔmpɛ sɛ wɔbɛtwɛn Yehowa ma wayɛ n’apɛde. Ɛnnɛ nso, nnipa pii bu wɔn ani gu Yehowa mmara so de wɔn ho hyɛ asamanfrɛ, nsoromma mu hwɛ, ne ahonhonsɛmdi afoforo mu sɛ ebedi wɔn haw ho dwuma. Nanso, sɛ́ ateasefo bɛhwehwɛ mmoa afi awufo hɔ no bɛyɛ fɛwdi nnɛ sɛnea na ɛte saa bere no. Obiara a ɔyɛ nneɛma a ɛte saa a onnu ne ho no daakye bɛyɛ sɛ “awudifo ne nguamammɔfo ne . . . abosonsomfo ne atorofo nyinaa.” Wonni nkwa ho akwanhwɛ bi daakye.—Adiyisɛm 21:8.

Onyankopɔn “Mmara ne Adanse”

8. Dɛn ne “mmara” ne “adanse” a ɛsɛ sɛ yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ dan kɔ so kɔhwehwɛ akwankyerɛ no?

8 Yehowa mmara a ɛbara ahonhonsɛmdi ne ne mmara foforo no so nkatae wɔ Yuda. Wɔakyerɛw ato hɔ. Ɛnnɛ wɔakyerɛw N’asɛm mũ no nyinaa ato hɔ. Ɛno ne Bible no, a ɛnyɛ Onyankopɔn mmara ne ahyɛde nko na ɛwom, na mmom sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo dii ho kyerɛwtohɔ nso ka ho. Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Yehowa nsɛnnii ho yi yɛ adanse a ɛkyerɛ yɛn sɛnea Yehowa suban te. Sɛ́ anka Israelfo bɛkɔ akɔdan awufo no, ɛhe mmom na ɛsɛ sɛ wokogye akwankyerɛ? Yesaia bua sɛ: “Wónni mmara ne adanse no akyi!” (Yesaia 8:20a) Yiw, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ nokware hann no dan kɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no so.

9. So Bible no a wɔfa mu asɛm ka no bere ne bere no so bɛba abɔnefo a wɔnsakra no mfaso?

9 Ebetumi aba sɛ Israelfo a wɔde wɔn ho ahyɛ ahonhonsɛmdi mu no bi kyerɛ sɛ wɔwɔ obu ma Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no. Nanso nsɛm a ɛte saa a wɔka no nyɛ nokware, ɛyɛ nyaatwom. Yesaia ka sɛ: “Sɛ wɔanka no sɛnea asɛm yi te a, ɛnde ade renkye wɔn.” (Yesaia 8:20b) Asɛm bɛn na Yesaia reka ho asɛm wɔ ha yi? Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ asɛm yi a: ‘Wonni mmara ne adanse akyi.’ Ebetumi aba sɛ Israelfo awaefo bi twe adwene si Onyankopɔn Asɛm so, te sɛ nea nnɛyi awaefo ne nnipa foforo twe adwene si Kyerɛwnsɛm no so no. Nanso eyi yɛ anosɛm kɛkɛ. Kyerɛwnsɛm no a wɔbɛtwe adwene asi so remma wonhu ‘adekyee’ biara, na wɔrennya hann a efi Yehowa hɔ, sɛ wɔamfa Yehowa apɛdeyɛ antaa akyi na wɔampo nneyɛe bɔne a. *

“Ɛnyɛ Aduankɔm”

10. Ɔkwan bɛn so na Yudafo rehu amane esiane sɛ wɔapo Yehowa nti?

10 Yehowa so asoɔdenyɛ ma adwenem duru sum. (Efesofo 4:17, 18) Sɛ yɛbɛka a, honhom fam no, na Yudafo no ani afura, na wonni ntease biara. (1 Korintofo 2:14) Yesaia ka wɔn tebea no ho asɛm sɛ: “Wɔbɛfa asase no mu akɔ, na aden wɔn na ɔkɔm ade wɔn.” (Yesaia 8:21a) Esiane nokware a ɔman no anni—titiriw wɔ Ɔhene Ahas nniso mu—nti, na tra a Yuda bɛtra hɔ sɛ ahemman a ɛde ne ho no da asiane mu. Atamfo atwa ɔman no ho ahyia. Asiria asraafo no tow hyɛ Yuda nkurow so mmiako mmiako. Atamfo no sɛe asase pa, na ama aduan ho ayɛ den. ‘Aden nnipa pii na ɔkɔm ade wɔn.’ Nanso ɔkɔm foforo ba asase no so. Mfe bi a atwam no, na Amos adi kan ahyɛ nkɔm sɛ: “Hwɛ, nna bi reba, [Yehowa, NW] Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na [Yehowa, NW] asɛm tie de.” (Amos 8:11) Honhom fam kɔm a ɛte saa na ɛde Yuda seesei!

11. So Yudafo besua biribi afi nteɛso a wɔde ma wɔn no mu?

11 So Yuda besua biribi afi mu na wɔasan aba Yehowa nkyɛn? So wɔbɛtwe wɔn ho afi ahonhonsɛmdi ne ahonisom ho na wɔasan aba “mmara ne adanse” no ho? Yehowa hu nea wɔbɛyɛ wɔ ho no sie: “Ɛbere a ɔkɔm rede wɔn no, wɔn ho bɛyeraw wɔn, na wɔadome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn, na wɔadannan wɔn ani akyerɛ soro.” (Yesaia 8:21b) Yiw, wɔn mu pii bɛbɔ wɔn desani hene sobo sɛ ɔde wɔn kɔ saa tebea yi mu. Ebinom mpo bedi nkwaseasɛm abɔ Yehowa sobo wɔ wɔn amanehunu ho! (Fa toto Yeremia 44:15-18 ho.) Ɛnnɛ, nnipa pii yɛ wɔn ade saa ara, bɔ Onyankopɔn sobo wɔ amanehunu a nnipa amumɔyɛ de ba ho.

12. (a) Yuda ho a ɔtwe fi Nyankopɔn ho no de no kɔ dɛn mu? (b) Nsɛmmisa atitiriw bɛn na ɛsɔre?

12 So dome a Yudafo bɛdome Onyankopɔn no de asomdwoe bɛbrɛ wɔn? Dabi. Yesaia ka sie sɛ: “Wɔahwɛ fam nso; nanso hwɛ, ahohia ne sum ni, ahoguan kusuuyɛ, na wɔasum wɔn agu sum kabii mu.” (Yesaia 8:22) Sɛ wɔma wɔn ani so kyerɛ soro dome Nyankopɔn wie a, wɔsan hwɛ asase so, na wɔsan kɔ wɔn akwanhwɛ a anidaso biara nnim no so. Wɔn ho a wɔatwe afi Onyankopɔn ho no de wɔn kɔ amanehunu mu. (Mmebusɛm 19:3) Na bɔ ahorow a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham, Isak, ne Yakob no nso ɛ? (Genesis 22:15-18; 28:14, 15) So Yehowa ntumi nni so? So Asiriafo no anaa asraafo foforo bi de ahene anato a ɔde hyɛɛ Yuda ne Dawid bɔ no bɛba awiei? (Genesis 49:8-10; 2 Samuel 7:11-16) So wɔbɛtow Israelfo no agu sum mu koraa?

Asase a “Wammu”

13. Dɛn ne “amanaman Galilea” no, na ɔkwan bɛn so na “wammu” no?

13 Yesaia twe adwene si amanehunu a ɛsen biara a ɛbɛba Abraham asefo so no biako so sɛ: “Kusuuyɛ no rentra nea ahoguan no wɔ no; kan bere no wammu Sebulon asase ne Naftali asase no, nanso akyiri no, ɔbɛhyɛ no anuonyam, ɛpo kwan, Yordan agya, amanaman Galilea no.” (Yesaia 9:1) Galilea yɛ Israel ahemman a ɛwɔ kusuu fam no asasesin. Wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu no, na nea ɛka ho ne “Sebulon asase ne Naftali asase no,” ne afei nso “ɛpo kwan,” tete kwan a na ɛnam Galilea Po so kosi Mediterranea Po so no. Wɔ Yesaia bere so no, na wɔfrɛ ɔmantam no “amanaman Galilea,” a akyinnye biara nni ho sɛ esiane sɛ na wɔn a wɔnyɛ Israelfo tete ne nkurow no pii mu ntia. * Ɔkwan bɛn so na “wammu” saa asase yi? Asiriafo abosonsomfo no di so nkonim, fa Israelfo no kɔ nnommumfa mu, na wɔde abosonsomfo a wɔnyɛ Abraham asefo kɔtra ɔmantam no nyinaa mu. Enti, mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ kusuu fam no yera fi abakɔsɛm mu sɛ ɔman ankasa!—2 Ahene 17:5, 6, 18, 23, 24.

14. Ɔkwan bɛn so na Yuda “kusuuyɛ” no rennu mmusuakuw du ahemman no de?

14 Yuda nso wɔ Asiria nhyɛso ase. So ɛbɛkɔ “kusuuyɛ” mu sɛnea ɛtoo mmusuakuw du ahemman a na Sebulon ne Naftali gyina hɔ ma no no? Dabi. “Akyiri no,” Yehowa behyira Yuda ahemman a ɛwɔ kesee fam no mantam no, ne asase a kan no na kusuu fam ahemman no di so no mpo. Ɔkwan bɛn so?

15, 16. (a) ‘Akyiri yi bere’ bɛn na tebea no bɛsesa ama “Sebulon asase ne Naftali asase” no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔhyɛ asase a wammu no anuonyam?

15 Ɔsomafo Mateo bua saa asɛm yi wɔ Yesu asase so som adwuma a honhom kaa no ma ɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ no mu. Bere a Mateo reka saa adwuma no mfiase ho asɛm no, ɔka sɛ: “[Yesu fii] Nasaret kɔtraa Kapernaum a ɛwɔ mpoano no, Sebulon ne Naftali ahye so, na nea odiyifo Yesaia kae no aba mu sɛ: Sebulon asase ne Naftali asase, ɛpo kwan so, Yordan agya, amanaman Galilea, ɔman a wɔte sum mu no huu hann kɛse bi, na wɔn a wɔte owu asase so ne ne sunsuma mu no, hann bi apue ama wɔn.”—Mateo 4:13-16.

16 Yiw, “akyiri no” a Yesaia kaa ho asɛm siei no ne bere a Kristo de yɛɛ n’asase so som adwuma no. Yesu dii n’asase so asetra no mu fã kɛse no ara wɔ Galilea. Ɛyɛ Galilea mantam mu na ofii ne som adwuma no ase na ofii ase kaa asɛm sɛ: “Ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mateo 4:17) Galilea na ɔyɛɛ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no, paw n’asomafo no, yɛɛ n’anwonwade a edi kan, na oyii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo bɛyɛ 500 wɔ ne wusɔre akyi no. (Mateo 5:1–7:27; 28:16-20; Marko 3:13, 14; Yohane 2:8-11; 1 Korintofo 15:6) Saa kwan yi so no, Yesu maa Yesaia nkɔmhyɛ no nyaa mmamu denam “Sebulon asase ne Naftali asase” no a ɔhyɛɛ no anuonyam no so. Nokwarem no, ɛnyɛ Galilea nkutoo na Yesu yɛɛ ne som adwuma no. Ɛdenam asɛmpa no a Yesu kaa no asase no nyinaa so no, ‘ɔhyɛɛ’ Israel man no nyinaa, a na Yuda ka ho, “anuonyam.”

“Hann Kɛse” No

17. Ɔkwan bɛn so na “hann kɛse” bi hyerɛn wɔ Galilea?

17 Na “hann kɛse” a Mateo kae sɛ aba Galilea no nso ɛ? Eyi nso yɛ asɛm a ɔfa fii Yesaia nkɔmhyɛ no mu kae. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Ɔman a wɔnam sum mu hu hann kɛse, wɔn a wɔte sum kabii asase so no, hann aharan wɔn so.” (Yesaia 9:2) Ebeduu afeha a edi kan Y.B. mu no, na abosonsomfo nkyerɛkyerɛ akata nokware no hann no so. Ná Yudafo nyamesom akannifo no ama ɔhaw no ayɛ kɛse denam wɔn som mu atetesɛm a wɔkɔɔ so kuraa mu no so, na wɔnam so ‘sɛee Onyankopɔn asɛm.’ (Mateo 15:6) Wɔhyɛɛ ahobrɛasefo so maa wɔyeraa kwan, na wodii “kwankyerɛfo anifuraefo” akyi. (Mateo 23:2-4, 16) Bere a Yesu a ɔne Mesia no bae no, nnipa ahobrɛasefo pii aniwa buebuei anwonwakwan so. (Yohane 1:9, 12) Wɔka Yesu asase so adwuma ne nhyira a efi n’afɔrebɔ mu bae no ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu sɛ “hann kɛse” ma ɛfata.—Yohane 8:12.

18, 19. Dɛn nti na na ɛfata sɛ wɔn a wogyee hann no toom no di ahurusi kɛse?

18 Wɔn a wohu hann no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wodi ahurusi. Yesaia toa so sɛ: “Woma ɔman no dɔ, woma n’anigye sõ, wɔn ani gye w’anim sɛ twabere mu anigye, sɛnea wodi asade kyɛ mu ahurusi.” (Yesaia 9:3) Esiane Yesu ne n’akyidifo no asɛnka adwuma no nti, nnipa komapafo daa wɔn ho adi, na wɔkyerɛe sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa honhom ne nokware mu. (Yohane 4:24) Bɛyɛ mfe anan mu no, nnipa pii gyee Kristosom toom. Wɔbɔɔ nnipa mpensa asu wɔ Pentekoste da wɔ 33 Y.B. mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, “na mmarima no bɛyɛ sɛ mpemnum.” (Asomafo no Nnwuma 2:41; 4:4) Bere a asuafo no de nsi daa hann no adi no, “asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ wɔn aso mmerɛw maa gyidi no.”—Asomafo no Nnwuma 6:7.

19 Te sɛ wɔn a wodi ahurusi wɔ nnɔbae pii a wotwa ho anaasɛ wɔn a wodi asade kɛse a wɔkyɛ ho ahurusi no, Yesu akyidifo no dii nkɔanim a wonyae no ho ahurusi. (Asomafo no Nnwuma 2:46, 47) Bere bi akyi no, Yehowa maa hann no haran amanaman no mu. (Asomafo no Nnwuma 14:27) Enti nnipa a wofi mmusua nyinaa mu dii ahurusi sɛ ɔkwan a wɔfa so kɔ Yehowa hɔ abue ama wɔn.—Asomafo no Nnwuma 13:48.

“Sɛ Midian Da No”

20. (a) Akwan bɛn so na Midianfo bɛyɛɛ Israel atamfo, na ɔkwan bɛn so na Yehowa de ahunahuna a wɔde baa Israel so no baa awiei? (b) Ɔkwan bɛn so na “Midian da” bi a ɛreba no, Yesu de ahunahuna a atamfo de ba Onyankopɔn nkurɔfo so bɛba awiei?

20 Mfaso a efi Mesia no dwumadi mu ba no tra hɔ daa, sɛnea yehu fi Yesaia nsɛm a edi hɔ mu no: “Wɔn adesoa dua ne wɔn akyi abaa ne wɔn kafo poma no, woabubu mu sɛ Midian da no.” (Yesaia 9:4) Mfehaha pii ansa na Yesaia reba no, Midianfo ne Moabfo yɛɛ biako daadaa Israelfo maa wɔyɛɛ bɔne. (Numeri 25:1-9, 14-18; 31:15, 16) Akyiri yi, Midianfo no teetee Israelfo denam wɔn nkuraa ne wɔn mfuw a wɔfow fae mfe ason no so. (Atemmufo 6:1-6) Nanso, Yehowa nam n’akoa Gideon so dii Midian asraafo so nkonim. Wɔ saa “Midian da no” akyi no, adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo huu amane wɔ Midianfo nsam bio. (Atemmufo 6:7-16; 8:28) Yesu Kristo, Gideon kɛseɛ no, bɛbɔ nnɛyi Yehowa nkurɔfo atamfo akum wɔn nnansa yi ara. (Adiyisɛm 17:14; 19:11-21) Afei, te “sɛ Midian da no,” ɛnyɛ nnipa tumi so na wɔnam bedi nkonim kɛse a ɛtra hɔ daa, na mmom, Yehowa tumi so. (Atemmufo 7:2-22) Wɔrenhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so bio!

21. Dɛn na Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ ɛbɛba akodi so daakye?

21 Onyankopɔn mfa ne tumi nni dwuma nhyɛ ɔko ho nkuran. Yesu a wɔanyan no no yɛ Asomdwoe Hene, na ɔnam n’atamfo a ɔbɛsɛe wɔn so de asomdwoe a enni awiei bɛba. Afei Yesaia ka akode a wɔde ogya sɛe no koraa ho asɛm: “Ɔko kitikitiyɛ mu amiafo amiade nyinaa ne ntama a wɔde afɔtɔfɔtɔw mogya no, wɔbɛhyew no sɛ ade a wɔde sɔ gya.” (Yesaia 9:5) Asraafo a wɔretu aperenten nan ase kitikitiyɛ yɛ nea wɔrente bio. Wɔrenhu nnɔmmarima a wɔyɛ den a wɔn ntade afɔtɔw mogya no bio. Wɔrenni ako bio!—Dwom 46:9.

‘Ɔfotufo Nwonwafo’

22. Nkɔmhyɛ kwan so din ahorow bɛn na wɔde ma Yesu wɔ Yesaia nhoma no mu?

22 Bere a wɔwoo nea ɔbɛyɛɛ Mesia no anwonwakwan so no, wɔtoo ne din Yesu, a ase ne “Yehowa Ne Nkwagye.” Nanso, ɔwɔ din afoforo, nkɔmhyɛ kwan so din a ɛkyerɛɛ ne dwumadi ne ne dibea a ɛkorɔn no. Ná saa din no biako ne Imanuel, a ase ne “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.” (Yesaia 7:14) Yesaia ka nkɔmhyɛ kwan so din foforo ho asɛm afei sɛ: “Wɔawo akokoaa ama yɛn, wɔama yɛn ɔbabanin; na n’ahenni bɛda ne mmati so, na wɔafrɛ ne din sɛ: Nwonwa, Ɔfotufo, Onyankopɔn-tumfoɔ, Daa-agya, Asomdwoe-hene.” (Yesaia 9:6) Susuw saa nkɔmhyɛ kwan so din ahorow a n’asekyerɛ tu mpɔn yi ho hwɛ.

23, 24. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu yɛ ‘Ɔfotufo Nwonwafo’? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo afotufo betumi asuasua Yesu nhwɛso nnɛ?

23 Ɔfotufo yɛ obi a ɔde afotu ma. Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no ɔde afotu a ɛyɛ nwonwa mae. Yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ “ne kyerɛkyerɛ maa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn.” (Mateo 7:28) Ɔyɛ onyansafo ne Fotufo a ɔyɛ timmɔbɔ, a ɔwɔ nnipa tebea ho ntease soronko. N’afotu nnyina animka ne asotwe nkutoo so. Mpɛn pii no, n’afotu yɛ nkyerɛkyerɛ ne afotu a ɔdɔ wom. Yesu afotu yɛ nwonwa efisɛ nyansa wom bere nyinaa, na ɛyɛ pɛ, a mfomso nni ho. Sɛ obi di akyi a, ɛde no kɔ daa nkwa mu.—Yohane 6:68.

24 Yesu afotu mfi nyansa kɛkɛ a ɔwɔ mu. Mmom no, ɔka sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) Sɛnea na ɛte wɔ Salomo fam no, Yehowa Nyankopɔn ne Yesu nyansa no Fibea. (1 Ahene 3:7-14; Mateo 12:42) Ɛsɛ sɛ Yesu nhwɛso no kanyan akyerɛkyerɛfo ne afotufo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu ma wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ gyina Onyankopɔn Asɛm so bere nyinaa.—Mmebusɛm 21:30.

“Onyankopɔn-Tumfoɔ” ne “Daa-Agya”

25. Dɛn na edin “Onyankopɔn-tumfoɔ” no ka kyerɛ yɛn fa Yesu a ɔwɔ soro no ho?

25 Yesu yɛ “Onyankopɔn-tumfoɔ” ne “Daa-agya” nso. Eyi nkyerɛ sɛ wagye Yehowa a ɔne “yɛn Agya Onyankopɔn” no tumi ne ne dibea. (2 Korintofo 1:2) “[Yesu ammu] no mfasode sɛ ɔne Nyankopɔn sɛ.” (Filipifo 2:6) Wɔfrɛ no Onyankopɔn Tumfoɔ, ɛnyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Yesu ammu ne ho da sɛ ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn, efisɛ ɔkaa N’agya no ho asɛm sɛ “nokware Nyankopɔn koro,” kyerɛ sɛ, ɔne Onyankopɔn koro pɛ a ɛsɛ sɛ wɔsom no. (Yohane 17:3; Adiyisɛm 4:11) Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua “onyame” betumi akyerɛ “otumfoɔ” anaa “ɔhoɔdenfo.” (Exodus 12:12; Dwom 8:5; 2 Korintofo 4:4) Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔyɛ “onyame,” a “ɔwɔ Onyankopɔn tebeam.” Wɔ ne wusɔre akyi no, ɔsan kɔɔ dibea a ɛkorɔn sen saa mpo mu wɔ soro. (Yohane 1:1 NW; Filipifo 2:6-11) Afei, edin “onyame” no kyerɛ biribi foforo nso. Ná wɔfrɛ Israel atemmufo no “anyame”—Yesu ankasa kaa saa bere bi. (Dwom 82:6; Yohane 10:35) Yesu yɛ Yehowa Temmufo a wapaw no, a “obebu ateasefo ne awufo atɛn.” (2 Timoteo 4:1; Yohane 5:30) Ɛda adi pefee sɛ, ɛfata sɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn Tumfoɔ.

26. Dɛn nti na yebetumi afrɛ Yesu “Daa-agya”?

26 Abodin “Daa-agya” no kyerɛ tumi ne ahoɔden a Mesia Hene no de bɛma adesamma atra ase daa wɔ asase so. (Yohane 11:25, 26) Ade a yɛn papa a odi kan, Adam, de gyaw yɛn ne owu. Yesu, Adam a odi akyiri no, “yɛɛ honhom a ɔma nkwa.” (1 Korintofo 15:22, 45; Romafo 5:12, 18) Sɛnea Yesu, Daa Agya no, bɛtra ase daa no, saa ara na adesamma asoɔmmerɛfo benya agya a ɔbɛyɛ no mu mfaso daa.—Romafo 6:9.

“Asomdwoe-Hene”

27, 28. Mfaso a ɛyɛ anigye bɛn na “Asomdwoe-hene” no nkoa benya nnɛ ne daakye?

27 Sɛ daa nkwa da nkyɛn a, adesamma hia asomdwoe nso, wɔ wɔne Nyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa ntam. Ɛnnɛ mpo, wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ “Asomdwoe-hene” no tumidi ase no de ‘wɔn nkrante abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare.’ (Yesaia 2:2-4) Wɔntan wɔn ho wɔn ho esiane amammuisɛm, nsase, abusua, anaa sikasɛm mu ntawntawdi nti. Wɔayɛ biako resom nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma asomdwoe aba wɔne wɔn mfɛfo ntam wɔ asafo no mu ne akyiri nyinaa.—Galatifo 6:10; Efesofo 4:2, 3; 2 Timoteo 2:24.

28 Wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, Kristo de asomdwoe a enni awiei bɛba asase nyinaa so. (Asomafo no Nnwuma 1:7) “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba, Dawid ahengua so ne n’ahenni so, na ɔde atemmu ne trenee awowaw no atim no afi sesɛɛ de akosi daa.” (Yesaia 9:7a) Bere a Yesu di ne tumi sɛ Asomdwoe Hene no, ɔremfa atirimɔden kwan biara so. Ɔrennye hokwan a ne nkoa wɔ mfi wɔn nsam na ɔrenhyɛ wɔn so. Mmom no, ‘atemmu ne trenee so na ɔnam’ bedi nea ɔbɛyɛ nyinaa ho dwuma. Nsakrae a abotɔyam wom bɛn ara ni!

29. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn nsa ka asomdwoe a enni awiei a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

29 Esiane sɛ nea Yesu nkɔmhyɛ kwan so din no kyerɛ no yɛ anigye nti, nsɛm a Yesaia ka de ne nkɔmhyɛ no fã yi ba awiei no yɛ anigye ankasa. Ɔkyerɛw sɛ: “Asafo [Yehowa, “NW”] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.” (Yesaia 9:7b) Yiw, Yehowa yɛ ade ahoɔden so. Ɔmfa koma fã nyɛ biribiara. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ bɔ biara a ɔhyɛ no, obedi ho dwuma koraa. Ɛnde, sɛ obi pɛ sɛ onya asomdwoe a enni awiei a, omfi koma nyinaa mu nsom Yehowa. Te sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu, Asomdwoe Hene no, ɛmmra sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa bɛbɔ “nnwuma pa ho mmɔden.”—Tito 2:14.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Nnipa pii gye di sɛ Hesekia na ɔkyerɛw Dwom 119 ansa na ɔrebedi hene. Sɛ ɛte saa a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ, wɔkyerɛwee bere a na Yesaia rehyɛ nkɔm no.

^ nky. 9 “Asɛm yi” a ɛwɔ Yesaia 8:20 no betumi akyerɛ asɛm a ɛfa ahonhonsɛmdi a wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia 8:19 no ho. Sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde na Yesaia reka sɛ wɔn a wɔhyɛ ahonhonsɛmdi ho nkuran wɔ Yuda no bɛkɔ so ahyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnkɔ asamanfrɛfo nkyɛn, ma enti wɔrennya hann biara mfi Yehowa hɔ.

^ nky. 13 Ebinom akyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ wɔn a wɔnyɛ Israelfo na na wɔte Galilea nkurow 20 a Ɔhene Salomo de maa Tiro hene Hiram no mu.—1 Ahene 9:10-13.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 122]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Korasin

Kapernaum

Betsaida

Genesaret Tataw so

Galilea Po

Magadan

Tiberia

Yordan Asubɔnten

GADARA

Gadara

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 119]

Ná Kain ne Yesu nyinaa awo yɛ awo titiriw. Yesu awo nkutoo na nea efii mu bae yɛ anigye

[Mfonini wɔ kratafa 121]

Ɔkɔm bi bɛba a emu yɛ den sen aduankɔm ne sukɔm koraa

[Mfonini wɔ kratafa 127]

Ná Yesu ne asase no so hann