Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atuatewfo Nnue!

Atuatewfo Nnue!

Ti Dubiako

Atuatewfo Nnue!

Yesaia 9:8–10:4

1. Mfomso a anibere wom bɛn na Yeroboam dii?

BERE a Yehowa nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam mu pae yɛɛ ahemman abien no, mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ kusuu fam no baa Yeroboam nniso ase. Ná ɔhene foforo no yɛ sodifo a osi pi na ne ho yɛ den. Nanso na onni Yehowa mu gyidi koraa. Esiane eyi nti odii mfomso kɛse bi a ɛkaa kusuu fam ahemman no abakɔsɛm nyinaa. Wɔ Mose Mmara no mu no, wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ wontu kwan nkɔ asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem a na afei de abedi Yuda ahemman a ɛwɔ kesee fam no asasesin mu no mprɛnsa afe biara. (Deuteronomium 16:16) Esiane sɛ na Yeroboam suro sɛ saa kwan a wotu no daa no betumi ama nkabom asan aba ne nkurɔfo no ne wɔn nuanom a wɔwɔ kesee fam no mu nti, “ɔyɛɛ sika nantwi mma abien, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ, wo Nyankopɔn a ɔde wo fi Misraim bae ni. Na ɔde biako kosii Bet-El na ɔde biako nso kosii Dan.”—1 Ahene 12:28, 29.

2, 3. Nkɛntɛnso bɛn na Yeroboam mfomso no nyae wɔ Israel so?

2 Ɛte sɛ nea Yeroboam nhyehyɛe no dii dwuma bere bi. Nkurɔfo no de nkakrankakra gyaee Yerusalem kɔ, na wɔsom nantwi mma abien no. (1 Ahene 12:30) Nanso, saa nyamesom mu ɔwae yi sɛee mmusuakuw du ahemman no. Mfe bi akyi no, Yehu mpo a ɔde nsi kɛse guu Baalsom wɔ Israel no kɔɔ so kotow sika nantwi mma no. (2 Ahene 10:28, 29) Dɛn bio na efii Yeroboam gyinae bɔne no mu bae? Amammui mu basabasayɛ ne amane a nkurɔfo no hui.

3 Esiane sɛ Yeroboam bɛyɛɛ ɔwaefo nti, Yehowa kae sɛ n’aseni renni asase no so, na awiei koraa no, kusuu fam ahemman no behyia ɔhaw a emu yɛ den. (1 Ahene 14:14, 15) Yehowa asɛm no baam. Israel ahene no mu baason de, nea odii tumi kyɛe koraa ne mfe abien—ebinom nso dii tumi nna kakraa bi pɛ. Ɔhene biako dii ne ho dɔm, na mmarima a wɔpɛ tumidi kum wɔn mu baasia bɛtraa agua no so. Wɔ Yeroboam II nniso a ɛbaa awiei bɛyɛ 804 A.Y.B. mu, bere a na Usia redi tumi wɔ Yuda akyi titiriw no, basabasayɛ, nsɛmmɔnedi, ne nnipakum kɔɔ so wɔ Israel. Saa adeyɛ yi nti na Yehowa nam Yesaia so de kɔkɔbɔ tee anaa “asɛm” kɔmaa kusuu fam ahemman no. [Yehowa, “NW”] de asɛm bi akra Yakob, na aduru Israel so.”—Yesaia 9:8. *

Ahantan ne Animtiaabu De Onyankopɔn Abufuw Ba

4. “Asɛm” bɛn na Yehowa de somae a na etia Israel, na dɛn ntia?

4 Wɔremmu ani ngu Yehowa “asɛm” so. ‘Ɔman mũ no nyinaa behu, Efraim ne Samariafo, esiane wɔn ahantan ne wɔn ahomaso nti.’ (Yesaia 9:9) “Yakob,” “Israel,” “Efraim,” ne “Samaria” nyinaa gyina hɔ ma Israel ahemman a ɛwɔ kusuu fam a Efraim ne emu abusua titiriw na Samaria yɛ ahenkurow no. Yehowa asɛm a etia saa ahemman no yɛ atemmusɛm a emu yɛ den, efisɛ Efraim asen ne kɔn wɔ ɔwae mu ama ne ho so denneennen atia Yehowa. Onyankopɔn remmɔ nkurɔfo no ho ban mfi nea ebefi wɔn akwammɔne mu aba no ho. Wɔbɛhyɛ wɔn ma wɔate na wɔatie Onyankopɔn asɛm.—Galatifo 6:7.

5. Ɔkwan bɛn so na Israelfo no sen wɔn kɔn wɔ Yehowa atemmu ho?

5 Bere a tebea no sɛe no, nkurɔfo no hwere ade kɛse, a nea ɛka ho ne wɔn afie—a na wɔtaa de ntayaa ne nnua a ne bo nyɛ den sisi no. So ɛno ma wɔn koma yɛ mmerɛw? So wobetie Yehowa adiyifo no na wɔasan aba nokware Nyankopɔn no nkyɛn? * Yesaia yɛ ahomaso mu a nkurɔfo no fi yɛ ade no ho kyerɛwtohɔ sɛ: “Ntayaa agu fam, na yɛde abo a wɔatwa bɛto; wɔatotow ankye agu na yɛde nkyeneduru besi ananmu.” (Yesaia 9:10) Israelfo no ne Yehowa twe, na wɔpo n’adiyifo a wɔka nea enti a wɔrehyia amanehunu a ɛte saa kyerɛ wɔn no. Enti, nkurɔfo no ka sɛ: ‘Yɛbɛhwere afie a wɔde ntayaa a etumi sɛe ne nnua a ne bo nyɛ den asi, nanso yɛde nneɛma a ɛyɛ den—abo a wɔatwa ne nkyeneduru—besi adan a yɛahwere no!’ (Fa toto Hiob 4:19 ho.) Ade a wɔma Yehowa yɛ ara ne sɛ ɔbɛsan atwe wɔn aso bio.—Fa toto Yesaia 48:22 ho.

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa sɛe Siria ne Israel apam a etia Yuda no?

6 Yesaia toa so sɛ: [Yehowa, “NW”] bɛma Resin ahohiafo so ahyɛ no.” (Yesaia 9:11a) Ná Israel hene Peka ne Siria hene Resin ayɛ apam. Ná wɔreyɛ nhyehyɛe sɛ wobedi mmusuakuw abien a ɛyɛ Yuda ahemman no so nkonim na wɔde ɔhene a wɔn ankasa pɛ—“Tabeel ba”—asi Yehowa ahengua so wɔ Yerusalem. (Yesaia 7:6) Nanso atirisopam no renyɛ yiye. Resin wɔ atamfo a wɔyɛ den, na na Yehowa ‘bɛhwanyan’ saa atamfo yi ahyɛ “no,” Israel. Asɛm ‘hwanyan’ no kyerɛ sɛ ɔbɛma kwan ma wɔne wɔn adi ako kɛse a ɛbɛma apam no ne n’atirimpɔw asɛe.

7, 8. Wɔ Israel fam no, dɛn na efi Siria so nkonim a Asiria di no mu ba?

7 Saa apam yi gu bere a Asiria tow hyɛ Siria so no. “Asiria hene foro baa Damasko [Siria ahenkurow], na ɔbɛfae, na otuu wɔn koduaa Kir, na okum Resin.” (2 Ahene 16:9) Bere a Peka ahwere apam mu hokafo a ɔyɛ den no, ohu sɛ nhyehyɛe a wɔayɛ fa Yuda ho no asɛe. Nokwarem no, Resin wu akyi bere tiaa bi no, Hosea kum Peka ankasa, na ɛno akyi no, obedi ade wɔ Samaria.—2 Ahene 15:23-25, 30.

8 Siria, a kan no na Israel ne no ayɛ biako no abɛyɛ ɔman a ɛhyɛ Asiria, nniso a ɛwɔ tumi wɔ ɔmantam no mu, ase. Yesaia hyɛ sɛnea Yehowa de tumidi foforo yi bedi dwuma no ho nkɔm sɛ: ‘Yehowa bɛhwanyan Israel atamfo, Siriafo wɔ anim, na Filistifo wɔ akyiri, na wɔbɛtɛɛ wɔn anom amene Israel. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.’ (Yesaia 9:11b, 12) Yiw, Siria yɛ Israel tamfo seesei, na ɛsɛ sɛ Israel yɛ ahoboa ma Asiria ne Siria ntua no. Wodi Israel so nkonim wɔ saa ntua yi mu. Asiria de ɔdedifo Hosea yɛ n’akoa, na otua sika a emu yɛ duru. (Mfe kakraa a atwam no, Asiria nyaa sika pii fii Israel hene Menahem nkyɛn.) Hwɛ sɛnea odiyifo Hosea nsɛm yi yɛ nokware sɛ: “Ahɔho adi [Efraim] ahoɔden”!—Hosea 7:9; 2 Ahene 15:19, 20; 17:1-3.

9. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Filistifo no ‘fi akyiri’ na ɛbɛtow ahyɛ wɔn so?

9 So Yesaia nka nso sɛ Filistifo ‘befi akyiri’ abɛtow ahyɛ wɔn so? Yiw. Ansa na wɔde akyerɛkyerɛkwan redi dwuma no, na ɔkwan a Hebrifo fa so kyerɛ kwan ne sɛ wɔde wɔn ani bɛkyerɛ apuei. Enti, na ‘apuei’ no wɔ onipa no anim, na na atɔe, Filistifo mpoano no, wɔ ‘n’akyi.’ Ebetumi aba sɛ Yuda ka “Israel” a wɔbɔɔ din wɔ Yesaia 9:12 no ho efisɛ Filistifo tow hyɛɛ Yuda so wɔ Peka bere soni, Ahas nniso mu, dii Yudea nkurow nketewa ne akɛse pii so nkonim fae. Te sɛ Efraim a ɛwɔ kusuu fam no, Yuda fata Yehowa asotwe efisɛ ɔno nso de ne ho hyɛ ɔwae mu.—2 Beresosɛm 28:1-4, 18, 19.

Efi ‘Eti Kosi Dua’—Ɔman a Wɔtew Atua

10, 11. Asotwe bɛn na Yehowa de bɛba Israel so esiane asoɔden a wɔkɔ so yɛ nti?

10 Ɛmfa ho n’amanehunu nyinaa—ne animka a emu yɛ den a efi Yehowa adiyifo hɔ—no, kusuu fam ahemman no kɔ so tew atua tia Yehowa. “Ɔman no nsan mmaa nea ɔhwee wɔn no nkyɛn, na asafo [Yehowa, “NW”] akyi kwan nso, wɔnhwehwɛe ɛ.” (Yesaia 9:13) Enti, odiyifo no ka sɛ: [Yehowa, “NW”] betwa Israel mu eti ne dua, popã ne sakran da koro. Ɔpanyin ne onuonyamfo ne eti, na odiyifo atorokyerɛfo ne dua. Na ɔman yi akwankyerɛfo ma wɔfom, na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.”—Yesaia 9:14-16.

11 “Eti” ne “popã” no gyina hɔ ma “ɔpanyin ne onuonyamfo”—ɔman no akannifo. “Dua” ne “sakran” no gyina hɔ ma atoro adiyifo a wɔka nsɛm a wɔn akannifo ani gye ho no. Bible mu nimdefo bi kyerɛw sɛ: “Wɔfrɛ atoro Adiyifo no dua, efisɛ wɔ nkurɔfo no mu no, na wɔne nnipa a wɔasɛe koraa, na na wofi nyaatwomyɛ mu taa sodifo amumɔyɛfo akyi.” Ɔbenfo Edward J. Young ka saa atoro adiyifo yi ho asɛm sɛ: “Ná wɔnyɛ akannifo, nanso esiane sɛ na wɔyɛ biribiara a akannifo no bɛkyerɛ nti, wɔkaa adɔkɔdɔkɔsɛm, yɛɛ wɔn ade sɛ ɔkraman dua a ɛrehim.”—Fa toto 2 Timoteo 4:3 ho.

‘Akunafo ne Nyisaa’ Mpo Tew Atua

12. Israel man no aporɔw akodu he?

12 Yehowa yɛ akunafo ne nyisaa Agya. (Exodus 22:22, 23) Nanso, tie nea Yesaia ka afei: [Yehowa, “NW”] rennya wɔn mmerante ho anigye, na ne yam renhyehye no wɔn nyisaa ne wɔn akunafo ho, na wɔn nyinaa yɛ nkɔnkɔnsafo ne nnebɔneyɛfo, na ano nyinaa ka agyennyentwisɛm. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.” (Yesaia 9:17) Ɔman mũ no nyinaa, a akunafo ne nyisaa ka ho, awae! Yehowa fi boasetɔ mu soma n’adiyifo, a ɔwɔ anidaso sɛ nkurɔfo no bɛsakra wɔn akwan. Sɛ nhwɛso no, Hosea srɛ sɛ: “Israel, san bra [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.” (Hosea 14:1) Hwɛ sɛnea ɛyɛɛ akunafo ne nyisaa Agya no yaw sɛ ɛsɛ sɛ obu wɔn mpo atɛn!

13. Dɛn na yebetumi asua afi tebea a na ɛwɔ hɔ wɔ Yesaia bere so no mu?

13 Te sɛ Yesaia no, yɛte mmere a emu yɛ den a edi Yehowa atemmu da a etia abɔnefo anim mu. (2 Timoteo 3:1-5) Ɛnde, hwɛ sɛnea ehia sɛ nokware Kristofo bɛkɔ so ama wɔn ho atew wɔ honhom, abrabɔ, ne adwene mu, ɛmfa ho wɔn asetra mu gyinabea, na ama wɔanya Onyankopɔn anim dom. Momma yɛn mu biara nkura abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ no mu denneennen. Ɛnsɛ sɛ obiara a waguan afi “Babilon kɛse” mu no nya ‘ne nnebɔne mu kyɛfa’ bio da.—Adiyisɛm 18:2, 4.

Atoro Som De Basabasayɛ Ba

14, 15. (a) Dɛn na efi adaemone som mu ba? (b) Ɔhaw bɛn na Yesaia hyɛ nkɔm sɛ Israel bɛkɔ so ahyia?

14 Nokwarem no, atoro som yɛ ɔsom a efi adaemone. (1 Korintofo 10:20) Sɛnea ɛdaa adi wɔ mmere a edi Nsuyiri no anim no, adaemone nkɛntɛnso de basabasayɛ ba. (Genesis 6:11, 12) Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ, bere a Israel dan awaefo na wofi ase som adaemone no, basabasayɛ ne amumɔyɛ yɛ asase no so ma.—Deuteronomium 32:17; Dwom 106:35-38.

15 Yesaia de nsɛm a emu da hɔ ka trɛw a amumɔyɛ ne basabasayɛ atrɛw wɔ Israel no ho asɛm sɛ: “Abɔnefosɛm dɛw sɛ ogya, ɛhyew nnɛnkyɛnse ne nsɔe, na ɛsɔ kwae mu adɔtɔ mu ma efi wusiw kumɔnn foro kɔ soro. Asafo [Yehowa, “NW”] abufuhyew nti na asase no ahyew tumm, na ɔman no ayɛ sɛ ade a wɔde sɔ gya: obi nkora ne nua so. Na wohwim di, nifa so, nanso ɔkɔm de wɔn ara, na wodidi benkum so, nanso wɔmmee, wɔwewe wɔn ara nsa ho nam. Manase we Efraim, na Efraim we Manase, na wɔn baanu nyinaa sɔre hyɛ Yuda. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.”—Yesaia 9:18-21.

16. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 9:18-21 nya mmamu?

16 Te sɛ ogya a ɛtɔ nnɛnkyɛnse mu no, wontumi nni basabasayɛ so, na ɛsɔ “kwae mu adɔtɔ” mu ntɛm ma ɛdan kwae mu gya kɛse a ɛne basabasayɛ. Bible ho nkyerɛkyerɛmufo Keil ne Delitzsch ka basabasayɛ a ɛkɔ so ho asɛm sɛ “atirimɔden a ɔman biako de twa wɔn ho ko bere a mmara nni hɔ. Esiane sɛ na wonni tema biara nti, wɔwee wɔn ho wɔn ho a wɔammee.” Ɛda adi sɛ, wɔhyɛ da bɔ Efraim ne Manase mmusua no din wɔ ha efisɛ wɔn titiriw na wogyina hɔ ma kusuu fam ahemman no. Esiane sɛ wɔyɛ Yosef mmabarima baanu no asefo nti, wɔn na wɔne wɔn ho bɔ paa wɔ mmusuakuw du no mu. Nanso, eyi nyinaa akyi no, bere a wɔne Yuda a ɛwɔ kesee fam no dii ako no nkutoo na wogyaee wɔn ho akunkumakunkum.—2 Beresosɛm 28:1-8.

Atemmufo a Wɔaporɔw Nya Wɔn Atemmu

17, 18. Ntɛnkyea bɛn na ɛwɔ Israel mmara ne nhyehyɛe mu?

17 Nea edi hɔ no, Yehowa de n’ani si Israel atemmufo ne mpanyimfo afoforo a wɔaporɔw no so bu wɔn atɛn. Saafo yi di tumi-bɔne sisi ahiafo ne mmɔborɔfo a wɔba wɔn nkyɛn bɛhwehwɛ atɛntrenee no. Yesaia ka sɛ: “Wónnue, wɔn a wɔhyehyɛ ahyɛde huhuw ne kyerɛwfo a wɔkyerɛw mmusu, sɛ wɔbɛdan ahiafo afi atɛntrenee ho, na wɔakyea ne man mu mmɔborɔfo atemmu, na akunafo adan wɔn asade, na wɔafom nyisaa.”—Yesaia 10:1, 2.

18 Yehowa Mmara bara atɛnkyea nyinaa: “Munntwa atemmu mu nkontompo: nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani.” (Leviticus 19:15) Saa mpanyimfo yi buu wɔn ani guu saa mmara no so, hyehyɛɛ wɔn ankasa “ahyɛde huhuw,” sɛnea ɛbɛyɛ na korɔnbɔ a enye koraa ayɛ nea ɛfata—na ama obi atumi afa agyapade kakra a akunafo ne nyisaa wɔ no. Ɛda adi sɛ, Israel atoro anyame no nhu saa nsisi yi, nanso Yehowa hu. Yehowa nam Yesaia so twe adwene si atemmufo atirimɔdenfo yi so afei.

19, 20. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛsesa tebea a Israel atemmufo a wɔaporɔw wom no, na dɛn na ɛbɛba wɔn “anuonyam” so?

19 “Mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛe a efi akyirikyiri reba no mu? Hena nkyɛn na mubeguan akogye ɔboa, na ɛhe na mubegyaw mo anuonyam no? Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafo mu na wɔne atɔfo atotɔ afra.” (Yesaia 10:3, 4a) Akunafo ne nyisaa nni atemmufo a wodi nokware a wɔde wɔn asɛm bɛdan wɔn. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ afei Yehowa bisa Israel atemmufo apoobɔfo no nipa ko a wɔbɛkɔ ne nkyɛn, afei a Yehowa rema wɔabu akontaa no. Yiw, afei wɔrebehu sɛ “Onyankopɔn a ɔte ase no nsam hwe yɛ hu.”—Hebrifo 10:31.

20 Saa atemmufo amumɔyɛfo yi “anuonyam”—edin, nidi, ne tumi a wɔn ahonya ne wɔn dibea ama wɔanya wɔ wiase mu no—bɛyɛ bere tiaa mu ade. Wɔbɛfow ebinom wɔ ɔko mu, na ‘wɔabrɛ wɔn ho ase,’ anaasɛ wɔde wɔn ho afra nneduafo foforo mu, na wɔakunkum ebinom nso wɔ ɔko mu. Nea ɛka wɔn “anuonyam” ho nso ne ahonyade bɔne a atamfo bɛfow no.

21. So asotwe a aba Israel so no ama Yehowa abufuw agyae?

21 Yesaia nam kɔkɔbɔ a anibere wom so de asɛm a etwa to yi ba awiei sɛ: “Eyi nyinaa [ɔhaw a ɔman no ahyia besi saa bere yi nyinaa] mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.” (Yesaia 10:4b) Yiw, Yehowa wɔ nsɛm pii ka kyerɛ Israel. Yehowa nsa a emu ateɛ no mu rengow gye sɛ ɔka ɔhaw a etwa to kyerɛ kusuu fam ahemman no ansa.

Nnyae Wo Ho Mu Mma Atosɛm ne Ahopɛ Su

22. Asuade bɛn na yebetumi anya afi nea ɛtoo Israel no mu?

22 Yehowa asɛm a ɔnam Yesaia so kae no yɛɛ adesoa kɛse maa Israel, na ‘ansan ankɔ ne nkyɛn kwa.’ (Yesaia 55:10, 11) Wɔayɛ sɛnea Israel ahemman a ɛwɔ kusuu fam no baa awiei awerɛhow mu no ho kyerɛwtohɔ wɔ abakɔsɛm mu, na yebetumi de yɛn adwene abu amanehunu a ɔmanfo no faa mu no. Saa pɛpɛɛpɛ na akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn asɛm bɛbam wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so, titiriw Kristoman a awae no. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho nhia sɛ Kristofo tie atosɛm a wɔka tia Onyankopɔn no! Esiane Onyankopɔn Asɛm nti, wɔapa Satan anifere kwan ho ntama, enti ɛnsɛ sɛ yɛma wɔdaadaa yɛn sɛ nea wɔdaadaa tete Israelfo no. (2 Korintofo 2:11) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛkɔ so asom Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu” daa. (Yohane 4:24) Saa kwan no so no, ne nsa a wateɛ mu no renhaw n’asomfo sɛnea ɛhaw Efraimfo atuatewfo no; obegye wɔn aba ne nkyɛn anigye so, na ɔbɛboa wɔn wɔ ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu wɔ paradise asase so no so.—Yakobo 4:8.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Yesaia 9:8–10:4 wɔ afã anan, (ɛte sɛ anwensɛm), na emu biara de kɔkɔbɔ a anibere wom yi na ɛba awiei: “Eyi nyinaa mu no n’abufuw nnyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.” (Yesaia 9:12, 17, 21; 10:4) Saa nsɛm yi a wɔhyehyɛɛ no pɛpɛɛpɛ no maa wotumi de Yesaia 9:8–10:4 boom yɛɛ no “asɛm” biako. (Yesaia 9:8) Hyɛ no nsow nso sɛ, Yehowa “nsa ateɛ ara,” ɛnyɛ sɛ ɔde rebesiesie nsɛm, na mmom, sɛ ɔde rebebu atɛn.—Yesaia 9:13.

^ nky. 5 Adiyifo a Yehowa somaa wɔn kɔɔ kusuu fam Israel ahemman mu no bi ne Yehu (ɛnyɛ ɔhene no), Elia, Mikaia, Elisa, Yona, Oded, Hosea, Amos, ne Mika.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 139]

Amumɔyɛ ne basabasayɛ trɛw Israel nyinaa te sɛ kwae a ogya atɔ mu

[Mfonini wɔ kratafa 141]

Yehowa bɛma wɔn a wosisi afoforo no abu akontaa