Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Babilon Ahwe Ase!’

‘Babilon Ahwe Ase!’

Ti Dunson

‘Babilon Ahwe Ase!’

Yesaia 21:1-17

1, 2. (a) Dɛn ne Bible mũ no nyinaa asɛmti, nanso nsɛmti foforo a ɛho hia bɛn na epue wɔ Yesaia? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible no ka asɛmti a ɛne Babilon asehwe no ho asɛm?

YEBETUMI de Bible atoto nnwom pii a wɔde abom biako a ɛwɔ asɛmti titiriw biako ne nsɛmti nketenkete a sɛ wɔde ne nyinaa bom a ɛma no da nsow ho. Saa ara na Bible no wɔ asɛmti titiriw biako—Yehowa tumidi a wɔnam Mesia Ahenni nniso so bɛsan ho. Ɛsan nso wɔ nsɛmti atitiriw foforo a epue mpɛn pii. Eyi mu biako ne Babilon asehwe.

2 Wɔda saa asɛmti no adi wɔ Yesaia ti 13 ne 14. Ɛsan pue wɔ ti 21 ne afei ti 44 ne 45 nso. Afeha akyi no, Yeremia ka saa asɛmti koro no ara ho nsɛm pii, na Adiyisɛm nhoma no de ba awiei ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. (Yeremia 51:60-64; Adiyisɛm 18:1–19:4) Ɛsɛ sɛ Bible suani biara a ɔyɛ nsi susuw Onyankopɔn Asɛm no asɛmti foforo a ɛho hia yi ho. Yesaia ti 21 boa wɔ eyi mu, efisɛ ɛma yenya saa wiase tumidi kɛse no asehwe a wɔhyɛɛ ho nkɔm no ho nsɛm a ɛyɛ anigye. Akyiri yi, yebehu sɛ Yesaia ti 21 ka Bible asɛmti foforo a ɛho hia ho asɛm—nea ɛboa yɛn ma yehu sɛ yɛrewɛn sɛ Kristofo nnɛ anaa.

“Anisoadehu a Ɛyɛ Den”

3. Dɛn nti na wɔfrɛ Babilon “mpoano sare,” na dɛn na saa abodin no kyerɛ wɔ ne daakye ho?

3 Yesaia ti 21 de nsɛm a ɛyɛ hu yi na efi ase: “Mpoano sare ho atemmusɛm ni: Sɛ ahum tutu fi nifa fam ba no, saa ara na efi sare so, efi asase a ɛso yɛ hu so ba.” (Yesaia 21:1) Kurow a ɛda Eufrate Asubɔnten so ne Babilon, na ne fã a ɛda apuei fam no da asase a ɛda nsubɔnten akɛse abien, Eufrate ne Tigris, ntam no so. Ɛne po ankasa ntam kwan ware kakra. Ɛnde, dɛn nti na wɔfrɛ no “mpoano sare”? Efisɛ na nsu taa yiri fa Babilon asase no so afe biara, na na ɛma ‘po’ kɛse a atɛkyɛ wom bɛda hɔ. Nanso, Babilonfo nam subɔnka ne suka akɛse a wɔatwitwa a nsu no fa mu kɔ no so asiw sare so nsu yi ano. Wofi nyansam de saa nsu yi yɛ biribi a ɛbɔ kurow no ho ban. Nanso, onipa dwumadi biara nni hɔ a ebegye Babilon afi ɔsoro atemmu mu. Na ɛyɛ sare—na ɛbɛdan sare bio. Ɔhaw reba n’akwan mu, ɛreba sɛ ahum a ɛyɛ hu a ɛtɔ mmere bi a, efi nifa fam sare a ɛso yɛ hu so bɔ wɔ Israel no.—Fa toto Sakaria 9:14 ho.

4. Ɔkwan bɛn so na “nsu” ne “sare” ho asɛm wɔ “Babilon kɛse” ho anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm no mu, na dɛn na “nsu” no kyerɛ?

4 Sɛnea yesuae wɔ saa nhoma yi Ti 14 no, tete Babilon wɔ nnɛyi nsɛso—“Babilon kɛse,” wiase nyinaa atoro som ahemman no. Wɔ Adiyisɛm no, wɔyɛ Babilon Kɛse ho mfonini saa ara sɛ “sare” ne “nsu.” Wɔde ɔsomafo Yohane kɔ sare so kɔkyerɛ no Babilon Kɛse no. Wɔka kyerɛ no sɛ ‘ɔte nsu pii so,’ a ɛkyerɛ “nkurɔfo akuwakuw ne aman ne ɔkasa horow.” (Adiyisɛm 17:1-3, 5, 15) Nnipa pii a wɔtaa atoro som akyi no titiriw na wɔama atoro som anya nkɔso bere nyinaa, nanso “nsu” a ɛte saa no remmɔ ne ho ban nkosi awiei. Te sɛ ne sɛso a na ɛwɔ hɔ tete mmere mu no, ɛbɛda mpan, wɔbɛpo no, na adan amamfõ.

5. Ɔkwan bɛn so na Babilon begye din sɛ “ɔfowfo” ne “ɔsɛefo”?

5 Wɔ Yesaia bere so no, na Babilon nnya mmɛyɛɛ wiase tumidi a ɛsen biara, nanso Yehowa di kan hu sɛ ne bere du a, ɔde ne tumi bedi dwuma ɔkwammɔne so. Yesaia kɔ so ka sɛ: “Anisoadehu a ɛyɛ den na wɔayi akyerɛ me: Ɔfowfo refow, ɔsɛefo resɛesɛe.” (Yesaia 21:2a) Nokwarem no, na Babilon bɛsɛe aman a edi wɔn so nkonim, a Yuda ka ho no, na afow wɔn. Babilonfo bɛsɛe Yerusalem, abubu n’asɔrefie, na wɔde emufo akɔ nnommum mu wɔ Babilon. Ɛhɔ no, wɔbɛyɛ saa nnommum a wontumi nyɛ hwee yi ayayade, asi wɔn atwetwe wɔ wɔn gyidi ho, na wɔrennya anidaso biara sɛ wɔbɛsan aba wɔn asase so.—2 Beresosɛm 36:17-21; Dwom 137:1-4.

6. (a) Apinisi bɛn na Yehowa bɛma ɛto atwa? (b) Aman bɛn na wɔhyɛ nkɔm sɛ wɔbɛtow ahyɛ Babilon so, na ɔkwan bɛn so na eyi nya mmamu?

6 Yiw, saa “anisoadehu a ɛyɛ den” yi fata Babilon ankasa, na ɛbɛkyerɛ mmere bɔne ama no. Yesaia toa so sɛ: “Elam, foro bra! Media, bɛka no hyɛ mu! Mɛma n’apinisi nyinaa to atwa.” (Yesaia 21:2b) Wɔn a ahemman a ɛfow ade yi hyɛ wɔn so no benya ɔhome. Awiei koraa no, wɔn apinisi to betwa! (Dwom 79:11, 12) Ɔkwan bɛn so na saa ogye yi bɛba? Yesaia bɔ aman abien a ɛbɛtow ahyɛ Babilon so din: Elam ne Media. Afeha abien akyi, wɔ 539 A.Y.B. mu no, Persiani Kores bedi Persia ne Media asraafo a wɔabom anim ako atia Babilon. Ɛdefa Elam ho no, anyɛ yiye koraa no Persia ahene bɛfa asase no fã ansa na adu 539 A.Y.B. * Enti Elamfo bɛka Persia asraafo no ho.

7. Ɔkwan bɛn so na Yesaia anisoadehu no nya ne so nkɛntɛnso, na ɛkyerɛ dɛn?

7 Hyɛ sɛnea Yesaia ka nkɛntɛnso a n’anisoadehu no nya wɔ ne so ho asɛm no nsow: “Enti m’asen mu ka me dwɛɛdwɛɛ, ɔkyem aka me sɛ ɔwofo kyem; yaw a ɛyɛ me nti, mente asɛm, me ho a ɛyeraw me nti, minhu ade, me koma bɔ me paa paa, ehu ama mayɛ sipiripii, ama anadwofa hann a mehwehwɛe no adan me ahopopo ara nko.” (Yesaia 21:3, 4) Ɛte sɛ nea odiyifo no ani gye anadwofa hann ho, bere pa a obetumi ayɛ komm adwennwen nneɛma ho. Nanso, n’ani nnye anadwo ho bio, mmom no, ɛma ɔbɔ hu, odi yaw, na ne ho popo. Ɔkyem sɛ ɔbea a ɔrewo, na ne koma ‘bɔ no paa paa.’ Nhomanimfo bi ka saa asɛm yi sɛ “me koma bɔ kim kim,” a ɛkyerɛ sɛ asɛm no fa “koma a ɛbɔ kɛse wɔ ɔkwan a ɛmfata so” ho. Dɛn ne ahohia a ɛte saa yi? Ɛda adi sɛ Yesaia nkate no yɛ nkɔmhyɛ kwan so ade. Babilonfo behyia ahude a ɛte saa October 5/6, 539 A.Y.B. anadwo.

8. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm no, Babilonfo no yɛ wɔn ade dɛn ɛmfa ho sɛ wɔn atamfo wɔ afasu no akyi no?

8 Saa da no anadwo no, na Babilonfo nnim sɛ biribi bɛma wɔabɔ hu. Ná Yesaia aka asie mfeha abien a atwam no sɛ: “Wɔtow pon, wɔsesɛw nkuntu akɛtɛ, wodidi na wɔnom.” (Yesaia 21:5a) Yiw, Ɔhene Belsasar hantanfo no retow pon. Wɔato nsa afrɛ ne mpanyimfo apem, ne afei ne yerenom ne ne mpenafo pii. (Daniel 5:1, 2) Wɔn a wɔregye wɔn ani no nim sɛ asraafo wɔ afasu no akyi, nanso wogye di sɛ wɔn kurow no yɛ nea obiara ntumi nni so nkonim. N’afasu akɛse ne nsu a emu dɔ no ma ɛyɛ den sɛ obi bedi so nkonim; n’anyame pii no mma wonsusuw biribi a ɛte saa ho mpo. Enti “wodidi na wɔnom.” Belsasar bow nsa, na ebetumi aba sɛ ɛnyɛ ɔno nko. Bow a na kurow no mu mpanyimfo abobow no hwehwɛ sɛ wɔkanyan wɔn, sɛnea Yesaia nsɛm a edi hɔ no kyerɛ wɔ nkɔmhyɛ kwan so no.

9. Dɛn nti na ɛho abehia sɛ ‘wɔsra ɔkyɛm ho ngo’?

9 “Asafohene, monsɔre! Monsra akyɛm ho ngo.” (Yesaia 21:5b) Mpofirim ara, apontow no ba awiei. Ɛsɛ sɛ asafohene no kanyan wɔn ho! Wɔafrɛ odiyifo Daniel a ne mfe akɔ anim no aba adeyɛ no ase, na ohu sɛnea Yehowa ama Babilon hene Belsasar abɔ hu te sɛ nea Yesaia kaa ho asɛm no. Sakasakayɛ si ɔhene no mpanyimfo ntam bere a Media, Persia, ne Elam asraafo a wɔaka abom sɛe nneɛma a ɛbɔ kurow no ho ban no. Babilon hwe ase ntɛm ara! Nanso, dɛn na ‘akyɛm ho ngo a wɔbɛsra’ no kyerɛ? Ɛtɔ mmere bi a, Bible no ka ɔman bi mu hene ho asɛm sɛ ɔkyɛm, efisɛ ɔno na ɔbɔ asase no ho ban. * (Dwom 89:18) Enti ɛda adi sɛ saa nkyekyem a ɛwɔ Yesaia yi reka ɔhene foforo a wobehia ho asɛm. Dɛn ntia? Efisɛ wokum Belsasar “anadwo no ara.” Enti, ɛho hia sɛ ‘wɔsra ɔkyɛm ho ngo,’ anaasɛ wɔpaw ɔhene foforo.—Daniel 5:1-9, 30.

10. Awerɛkyekye bɛn na Yehowa asomfo betumi anya afi Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa ɔfowfo ho no mu?

10 Wɔn a wɔn ani gye nokware som ho nyinaa nya awerɛkyekye fi saa kyerɛwtohɔ yi mu. Nnɛyi Babilon, Babilon Kɛse no, yɛ ɔfowfo ne ɔsɛefo sen ne tete nsɛso no. Ebesi nnɛ no, nyamesom akannifo pam Yehowa Adansefo ti so sɛ wɔmmara wɔn, wɔntaa wɔn, anaasɛ wɔmma wontua tow akɛse. Nanso sɛnea saa nkɔmhyɛ yi kae yɛn no, Yehowa hu amumɔyɛde a ɛte saa nyinaa, na ɔremma wɔmfa wɔn ho nni. Ɔde ɔsom a ɛtoto n’ano na ɛhaw ne nkurɔfo no nyinaa bɛba awiei. (Adiyisɛm 18:8) So ebetumi aba saa? Nea ɛbɛyɛ na ahyɛ yɛn gyidi den no, ɛsɛ sɛ yehu sɛnea ne kɔkɔbɔ ahorow a ɛfa tete Babilon ne ne nnɛyi nsɛso asehwe ho no anya mmamu dedaw.

“Ahwe Ase!”

11. (a) Ɔwɛnfo asɛyɛde ne dɛn, na hena na wadi dwuma sɛ ɔwɛnfo nnɛ? (b) Dɛn na apɔnkɔ nteaseɛnam ne mfurum nteaseɛnam no gyina hɔ ma?

11 Afei Yehowa kasa kyerɛ odiyifo no. Yesaia bɔ amanneɛ sɛ: “Nea [Yehowa, “NW”] ka kyerɛɛ me ni: kɔ, fa ɔwɛnfo kogyina hɔ, nea obehu no, ɔnka.” (Yesaia 21:6) Saa nsɛm yi de saa ti yi ho asɛmti foforo a ɛho hia ma—nea ɛfa ɔwɛn anaasɛ ɔwɛnfo ho no. Eyi ho hia nokware Kristofo nyinaa nnɛ, efisɛ Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ ‘wɔnwɛn.’ “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nnyaee da sɛ ɔbɛka nea ohu fa bɛn a Onyankopɔn atemmuda abɛn ne asiane a ɛwɔ wiase a aporɔw yi mu ho no akyerɛ. (Mateo 24:42, 45-47) Dɛn na Yesaia anisoadehu mu ɔwɛnfo no hu? “Ohuu nteaseɛnam, apɔnkɔfo baanu baanu, nteaseɛnam ne mfurum, nteaseɛnam ne yoma; na ɔwɛn n’aso wɛn pa ara.” (Yesaia 21:7) Akyinnye biara nni ho sɛ nteaseɛnam a wɔka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nteaseɛnam a ɛdɔɔso, na wɔde apɔnkɔfo baanu baanu a wɔatete wɔn wɔ mmirikatu mu na ɛrekɔ ɔko no. Ɔkwan a ɛfata so no, apɔnkɔ nteaseɛnam ne mfurum nteaseɛnam no gyina hɔ ma nniso abien, Media ne Persia, a wɔbɛka abom de saa ntua yi aba no. Bio nso, abakɔsɛm si so dua sɛ na Persia asraafo no de apɔnkɔ ne mfurum nyinaa di dwuma wɔ ɔko mu.

12. Su bɛn na Yesaia anisoadehu mu wɛnfo no da no adi, na henanom na wohia saa su no nnɛ?

12 Afei, ɔwɛnfo no de amanneɛbɔ bi ma. “Ɔteɛɛm sɛ gyata sɛ: O [Yehowa, “NW”], migyina awɛnee ha ara adesae, na migyina m’ahwɛe ara anadwo nyinaa, na hwɛ, nteaseɛnam ne nnipa, apɔnkɔfo baanu baanu na wɔreba yi.” (Yesaia 21:8, 9a) Anisoadehu mu wɛnfo no teɛm akokoduru so “sɛ gyata.” Egye akokoduru na obi apae mu aka atemmusɛm atia ɔman a ɛyɛ den, te sɛ Babilon. Biribi foforo nso ho hia—boasetɔ. Ɔwɛnfo no tra n’adwuma mu awia ne anadwo, na ɔngow frankaa a ɔde wɛn no mu. Saa ara na ɔwɛnfo kuw a ɔwɔ hɔ wɔ awiei mmere yi mu no hia akokoduru ne boasetɔ. (Adiyisɛm 14:12) Nokware Kristofo nyinaa hia saa su yi.

13, 14. (a) Esii tete Babilon dɛn, na ɔkwan bɛn so na wobubuu n’ahoni? (b) Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na Babilon Kɛse hyiaa asehwe a ɛte saa ara?

13 Yesaia anisoadehu mu wɛnfo no hu sɛ ɔko teaseɛnam bi reba. Asɛm bɛn na okura? “Ogyee so sɛ: Ahwe ase oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu agu fam.” (Yesaia 21:9b) Amanneɛbɔ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Awiei koraa no, ɔfowfo a ɔsɛe Onyankopɔn nkurɔfo no ahwe ase! * Nanso, ntease bɛn mu na wɔabubu Babilon ahoni pii no? So Medo-Persia ntuafo no betu aperenten akɔ Babilon asɔrefie ahorow mu akobubu ahoni pii no? Dabi, biribi a ɛte saa ho nhia. Wobebubu Babilon ahoni anyame no wɔ ntease a ɛne sɛ wɔbɛda wɔn anyame no adi sɛ wonni tumi a wɔde bɔ kurow no ho ban mu. Na Babilon bɛhwe ase bere a ontumi nkɔ so nhaw Onyankopɔn nkurɔfo bio no.

14 Na Babilon Kɛse nso ɛ? Ɔnam nhyɛso a ɔma wɔde baa Onyankopɔn nkurɔfo so wɔ Wiase Ko I no mu so maa wɔkɔɔ nnommum mu ankasa bere bi. Ɛkame ayɛ sɛ asɛnka adwuma no gui. Wɔbɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani ne mpanyimfo afoforo atoro sobo de wɔn guu afiase. Nanso nsakrae kɛse bi bae 1919 mu. Woyii mpanyimfo no fii afiase, wɔsan buee adwumayɛbea ti no, na wɔsan fii asɛnka adwuma no ase. Saa na Babilon Kɛse no nsa fii Onyankopɔn nkurɔfo so. * Wɔ Adiyisɛm mu no, ɔbɔfo bi ka saa asehwe yi ho asɛm mprenu, na nsɛm a wɔde bɔɔ amanneɛ wɔ Yesaia 21:9 no na ɔde dii dwuma.—Adiyisɛm 14:8; 18:2.

15, 16. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkurɔfo no yɛ ‘ade a wɔaporow,’ na dɛn na yebetumi asua afi su a Yesaia nyae wɔ wɔn ho no mu?

15 Yesaia nam ayamhyehye a onya ma n’ankasa nkurɔfo so de ne nkɔmhyɛ no ba awiei. Ɔka sɛ: “M’ade a wɔaporow ne m’awiporowee ase ba! Nea mate asafo [Yehowa, “NW”], Israel Nyankopɔn, anom no na maka makyerɛ wo yi.” (Yesaia 21:10) Wɔ Bible mu no, wɔde adeporow taa gyina hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtwe wɔn aso na wosiesie wɔn. Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no bɛyɛ ‘awiporowee,’ baabi a wɔporow ntɛtɛw fi awi ho ma ɛka awi a wɔapɔw ho a wohia, ‘ase mma’ no. Ɛnyɛ sɛ na Yesaia rekyerɛ saa asotwe yi ho anigye. Mmom no, na ne yam hyehye no ma saa daakye ‘awiporowee ase mma,’ a wɔn mu bi bɛtra nnommum mu wɔn nkwa nna wɔ ananafo asase so no.

16 Eyi betumi ayɛ nkaesɛm a mfaso wɔ so ama yɛn nyinaa. Wɔ Kristofo asafo mu nnɛ no, ebetumi aba sɛ ebinom rennya ayamhyehye mma abɔnefo. Na mpɛn pii no, ebetumi aba sɛ wɔn a wonya asotwe no bɛpo. Nanso, sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ Yehowa twe ne nkurɔfo aso de siesie wɔn a, yɛremmu asotwe ne wɔn a wofi ahobrɛase mu gye tom no animtiaa, na saa ara na yɛrempo asotwe bere a wɔde ma yɛn no. Momma yennye Onyankopɔn asotwe ntom sɛ ɔkwan a ɔfa so da ne dɔ adi.—Hebrifo 12:6.

Nsɛm a Wobisabisa Ɔwɛnfo No

17. Dɛn nti na wɔfrɛ Edom “Duma” ma ɛfata?

17 Nkɔmhyɛ asɛm a ɛto so abien a ɛwɔ Yesaia ti 21 no ma yehu nea ɔwɛnfo no bɛyɛ. Efi ase sɛ: “Duma ho atemmusɛm ni: Obi bɔn me fi Seir sɛ: Ɔwɛnfo, anadwo mu dasu bɛn ni? Ɔwɛnfo, anadwo mu dasu bɛn ni?” (Yesaia 21:11) Ɛhe na saa Duma yi wɔ? Ɛda adi sɛ na nkurow pii wɔ hɔ a ekura saa din no wɔ Bible mmere mu, nanso ɛnyɛ emu biara ho asɛm na wɔreka wɔ ha. Ɛnyɛ Seir, a ɛyɛ edin foforo a wɔde frɛ Edom no, na yebehu Duma. Nanso, “Duma” kyerɛ “Kommyɛ.” Enti ɛte sɛ nea sɛnea yehui wɔ atemmusɛm a edi kan mu no, wɔma ɔmantam no din de kyerɛ nea ɛbɛto no daakye. Edom, Onyankopɔn nkurɔfo atamfo a wɔahaw wɔn fi bere tenten no bɛyɛ komm—owu mu kommyɛ. Nanso, ansa na ɛno bɛba no, ebinom ho bɛpere wɔn sɛ wobehu nea ɛbɛto no daakye.

18. Ɔkwan bɛn so na atemmusɛm, “Ade rekye, na adesae nso reba,” nya mmamu wɔ Edom ho?

18 Bere a Yesaia rekyerɛw saa nsɛm no, na Asiria asraafo a wɔyɛ den no nsa da Edom so. Edomfo binom ani gyina sɛ wobehu bere a adesae a ɛne nhyɛso no bɛba awiei ama wɔn. Mmuae bɛn na wonya? “Ɔwɛnfo no se: Ade rekye, na adesae nso reba.” (Yesaia 21:12a) Nneɛma nkɔ yiye mma Edom. Anim bɛtetew kakra, nanso ɛnkyɛ, ɛbɛyɛ nnaadaa. Adesae—nhyɛso bere foforo a emu yɛ sum—bedi adekyee no akyi pɛɛ. Edom daakye ho asɛm a ɛfata bɛn ara ni! Asiria nhyɛso no bɛba awiei, nanso Babilon bedi Asiria ade sɛ wiase tumidi, na wɔbɛsɛe Edom. (Yeremia 25:17, 21; 27:2-8) Saa adeyɛ yi bɛkɔ so ara. Persia ne afei Helafo nhyɛso bedi Babilon de akyi. Afei, wobenya ‘adekyee’ kakra wɔ Romafo mmere mu, bere a Herodefo—a wɔn ase fi Edom no—di tumi wɔ Yerusalem no. Nanso saa ‘adekyee’ no renkyɛ. Awiei koraa no, Edom bɛyɛ komm koraa, na ayera afi abakɔsɛm mu. Edin Duma no bɛfata no awiei koraa.

19. Sɛ ɔwɛnfo no ka sɛ, ‘Sɛ mubebisa a, mummisa, mommra bio’ a, na dɛn na ebetumi aba sɛ ɔrekyerɛ?

19 Ɔwɛnfo no de n’asɛm tiawa no ba awiei sɛ: ‘Sɛ mubebisa a, mummisa, mommra bio.’ (Yesaia 21:12b) Asɛm ‘mommra bio’ no betumi akyerɛ “adesae” a enni awiei a ɛwɔ Edom anim no. Anaasɛ esiane sɛ wobetumi akyerɛ asɛm no ase “monsan mmra” nti, ebia na nea odiyifo no rekyerɛ ne sɛ Edomfo a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ti didi mu no nsakra na ‘wɔnsan mmra’ Yehowa nkyɛn. Sɛnea ɛte biara no, ɔwɛnfo no ma wɔyɛ nhwehwɛmu bio.

20. Dɛn nti na atemmusɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 21:11, 12 no ho hia ma Yehowa nkurɔfo nnɛ?

20 Saa atemmusɛm tiawa yi akyerɛ pii ama Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ. * Yɛte ase sɛ adesamma wɔ honhom fam anifurae ne esum mu pɛɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho, na eyi bɛkɔ akowie saa nneɛma nhyehyɛe yi sɛe mu. (Romafo 13:12; 2 Korintofo 4:4) Wɔ saa sum bere yi mu no, anidaso kakra biara a ɛne sɛ adesamma betumi de asomdwoe ne ahobammɔ aba ɔkwan bi so no te sɛ adekyee hann a anim ntetew papa a esum kabii di akyi ba no. Adekyee ankasa reba—adekyee a ɛne Kristo Mfirihyia Apem Nniso a ebedi asase yi so no. Nanso bere tenten a adesae wɔ hɔ no, ɛsɛ sɛ yedi ɔwɛnfo kuw no akwankyerɛ akyi denam wɛn a yɛbɛwɛn wɔ honhom fam na yɛde akokoduru abɔ nneɛma nhyehyɛe a aporɔw yi awiei a ɛrebɛn ntɛmntɛm no ho dawuru no so.—1 Tesalonikafo 5:6.

Adesae Ba Ahweatam Asasetaw So

21. (a) Nsɛmfua koro a wɔdannan mu bɛn na ɛbɛyɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ asɛm “ahweatam asasetaw ho atemmusɛm” no mu? (b) Henanom ne Dedanim mmarima akwantufo?

21 Wɔka Yesaia ti 21 atemmusɛm a etwa to no fa “ahweatam asasetaw” ho. Efi ase sɛ: Ahweatam asasetaw ho atemmusɛm ni: Dedanim akwantufo asafo, Ahweatam asasetaw so kwae mu na mobɛda anadwo.” (Yesaia 21:13, “NW”) Ɛda adi sɛ, ahweatam asasetaw a wɔka ho asɛm ne Arabia, efisɛ atemmusɛm a wɔka ho asɛm no fa Arab mmusua dodow bi ho. Ɛtɔ mmere bi a, wɔkyerɛ “ahweatam asasetaw” ase “anwummere,” asɛmfua a ɛte saa ara wɔ Hebri mu. Ebinom kyerɛ sɛ eyi sɛ nsɛmfua koro a wɔdannan mu, te sɛ nea anadwosum—ɔhaw bere bi—rebesi ɔmantam yi mu. Atemmusɛm no de adeyɛ bi a esi anadwo a ɛfa Dedanim mmarima akwantufo, Arab abusua titiriw bi, ho na efi ase. Saa akwantufo no yɛ aguadifo a wokyinkyin sare so asasebere no so mmiako mmiako di gua, a wokura ahuamhuamnne, nhene, ne nnwinne afoforo. Nanso ɛha yi, yehu sɛ wogyaw ɔkwan a wɔfa so tu kwan daa no kohintaw kwae mu anadwo. Dɛn ntia?

22, 23. (a) Adesoa duruduru bɛn na ɛbɛba Arab mmusua so, na dɛn na ɛde bɛba wɔn so? (b) Ɔhaw yi bɛba ntɛm dɛn, na henanom na wɔde bɛba?

22 Yesaia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mómfa nsu mmehyia wɔn a osukɔm de wɔn, Tema asase sofo, mómfa abodoo mmehyia aguanfo; efisɛ mfoa ano na wɔreguan, afoa a wɔatwe ne ɔta a wɔapono ne ɔko dennen ano.” (Yesaia 21:14, 15) Yiw, ɔko dennen ho adesoa bɛba abɛda Arab mmusua yi so. Wɔhyɛ Tema, a ɛda asasebere a nsu pa wɔ so sen biara wɔ ɔmantam no mu, so ma wɔde nsu ne abodoo brɛ ɔko mu aguanfo a wɔn asɛm yɛ awerɛhow no. Bere bɛn na saa haw yi bɛba?

23 Yesaia toa so sɛ: “Nea [Yehowa, “NW”] ka kyerɛɛ me ni: Ɛha afe, sɛ ɔpaani mfe te no, na Kedar anuonyam nyinaa asa koraa, na Kedar mma mu nnɔmmarima ta dodow nkae no besua, efisɛ [Yehowa, “NW”], Israel Nyankopɔn, na aka.” (Yesaia 21:16, 17) Kedar yɛ abusua a ɛkorɔn araa ma ɛtɔ mmere bi a, wɔde wɔn gyina hɔ ma Arabia nyinaa. Yehowa asi ne bo sɛ ɔbɛma saa abusua yi mu bɛmmatofo ne nnɔmmarima dodow so atew ma aka kakraa bi. Bere bɛn? ‘Afe biako mu,’ wɔrenhu wɔn bio, te sɛ nea ɔpaani nyɛ adwuma mmoro bere dodow a wotua no ho ka no. Sɛnea eyi nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ de, yennim. Asiria sodifo baanu—Sargon II ne Sanaherib—mu biara kyerɛe sɛ wɔn na wodii Arabia so nkonim. Ebetumi aba sɛ wɔn mu biako na ɔsɛee saa Arab mmusua ahantanfo yi, sɛnea wɔka siei no.

24. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ahotoso sɛ Yesaia nkɔmhyɛ a etia Arabia no nyaa mmamu?

24 Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ saa nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu pɛpɛɛpɛ. Biribiara nni hɔ a ebetumi ama asɛm no adi mũ sen atemmusɛm no mu nsɛm a etwa to yi: “[Yehowa, NW], Israel Nyankopɔn, na aka.” Wɔ Yesaia bere sofo no fam no, na ɛte sɛ nea sɛ Babilon di Asiria so nkonim a, entumi nhwe ase anadwo biako pɛ wɔ ahohwibra apontow ase. Saa ara na ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye sɛ Edom a ɛyɛ den no bɛyɛ komm sɛ owufo anaasɛ ahokyere ne ɔkɔm ho adesae bɛba Arab mmusua a wodi yiye no so. Nanso Yehowa ka sɛ ɛbɛbam, na saa na ɛba. Ɛnnɛ, Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ wɔbɛsɛe wiase atoro som ahemman no pasaa. Ɛnyɛ sɛ anhwɛ a ɛbɛba; ɛbɛba ɔkwan biara so. Yehowa ankasa na waka!

25. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asuasua ɔwɛnfo no nhwɛso no?

25 Ɛnde, momma yɛnyɛ sɛ ɔwɛnfo no. Momma yɛnkɔ so nwɛn, te sɛ nea yegyina ɔwɛn aban a ɛkorɔn bi so, na ama yɛahu asiane biara a ɛreba ho sɛnkyerɛnne no. Momma yɛmfa yɛn ho mmɔ ɔwɛnfo kuw nokwafo no, Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo a wɔwɔ asase so nnɛ no yiye. Momma yɛne wɔn mmom mfa akokoduru nka nea yehu no ho asɛm—adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Kristo redi ade wɔ soro; sɛ ɛrenkyɛ na ɔde sum bere a adesamma de atew wɔn ho afi Onyankopɔn ho bere tenten no aba awiei; ɛne sɛ ɛno akyi no, ɔde nokware adekyee, Mfirihyia Apem Nniso wɔ paradise asase so, no bɛba!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Ɛtɔ mmere bi a, na wɔfrɛ Persia hene Kores “Anshan hene”—a na Anshan yɛ ɔmantam anaa kurow a ɛwɔ Elam. Ebetumi aba sɛ na Yesaia bere so Israelfo—afeha a ɛto so awotwe A.Y.B.—no nnim Persia, nanso na wonim Elam. Eyi tumi ma yehu nea enti a Yesaia bɔ Elam din wɔ ha na ɛnyɛ Persia no.

^ nky. 9 Bible ho nkyerɛkyerɛmufo pii susuw sɛ “monsra akyɛm ho ngo” no kyerɛ tete asraafo adeyɛ a na ɛne sɛ wɔbɛsra kyɛm a wɔde aboa nhoma ayɛ ho ngo ansa na wɔakɔ ɔko sɛnea ɛbɛyɛ a mpeaw dodow no ara ntumi nwɔ mu no. Bere a nkyerɛkyerɛmu yi betumi ayɛ nokware no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ anadwo a kurow no hwee ase no, na Babilonfo nni bere a wɔde bɛko, na kampɛsɛ wɔasiesie wɔn ho ama ɔko denam wɔn akyɛm a wɔbɛsra ho ngo so!

^ nky. 13 Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa Babilon asehwe ho no di mũ araa ma Bible ho akasatiafo bi asusuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ asɛm no sii ansa na wɔrekyerɛw. Nanso sɛnea Hebrini nhomanimfo F. Delitzsch ka no, enhia sɛ yenya saa nsusuwii no, sɛ yegye tom sɛ wobetumi de honhom aka odiyifo ma wadi kan ahyɛ nsɛm bi ho nkɔm mfehaha pii ansa na asisi a.

^ nky. 20 Mfirihyia 59 a edi kan a wotintim Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu no, wɔkyerɛw Yesaia 21:11 wɔ anim. Kyerɛwsɛm koro no ara na wɔde yɛɛ asɛm a etwa to a Charles T. Russell, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan, kyerɛwee no asɛmti. (Hwɛ mfonini a edi kratafa yi anim no.)

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 219]

‘Munnidi na monnom!’

[Mfonini wɔ kratafa 220]

‘Ɔwɛnfo no teɛɛm sɛ gyata’

[Mfonini wɔ kratafa 222]

‘Migyina awɛnee ha ara awia ne anadwo nyinaa’