Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bobeturo a Ɛnsow Aba no Nnue!

Bobeturo a Ɛnsow Aba no Nnue!

Ti Ason

Bobeturo a Ɛnsow Aba no Nnue!

Yesaia 5:1-30

1, 2. Ɛdɛn na ‘ɔdɔfo’ no yɛe, nanso ɔkwan bɛn so na edii no huammɔ?

“SƐ WOHWƐ sɛnea wɔanwene nsɛm dɛdɛɛdɛ wɔ mfatoho yi mu a, ne sɛso nni hɔ.” Eyi na nhomanimfo bi a ɔkyerɛw Bible ho nsɛm ka faa Yesaia ti 5 no nkyekyem kakraa a edi kan no ho. Yesaia annwene asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ dɛ kɛkɛ, mmom ɛyɛ asɛm a ɛka koma a ɛkyerɛ ɔdɔ a Yehowa wɔ ma ne nkurɔfo. Saa nso na asɛm yi bɔ yɛn kɔkɔ na yɛanyɛ nneɛma a ɛnsɔ n’ani.

2 Yesaia fi ne mfatoho no ase sɛ: “Ma mento me dɔfo ho dwom, me dɔfo dwom a ɛfa ne bobeturo ho. Me dɔfo wɔ bobeturo bi, asasebere koko bi so; na ɔfɛtɛw mu tutuu mu abo, na ɔtetɛw mu bobe pa, na ɔtoo abantenten sii mu, na otuu mu nsã-kyĩ-amana nso; na ɔtwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba. Ɛnna ɛsow abuntwɛre.”—Yesaia 5:1, 2; fa toto Marko 12:1 ho.

Bobeturo no Sohwɛ

3, 4. Ɛdɛn na bobeturo wura no yɛe a ɛkyerɛ sɛ na onni turo no ho agoru koraa?

3 Sɛ́ mfatoho yi yɛ dwom ankasa a Yesaia to kyerɛɛ n’atiefo anaa ɛte dɛn no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛkyee wɔn adwene. Ebia na wɔn mu pii nim bobeturo ho adwuma ma enti na wonim nea Yesaia reka no yiye. Sɛnea wɔn a wodua bobe yɛ no nnɛ no, bobeturo wura no annua aba bɔne, na mmom “bobe pa” a ɛwɔ bo—kyerɛ sɛ bobe dua bi sin a wɔatwa atɛw. Ɔhyɛɛ da yɛɛ bobeturo no wɔ ‘asasebere a ɛda koko’ bi so, baabi a na onim sɛ ɛbɛyɛ yiye.

4 Egye adwumaden na bobeturo atumi asow aba. Yesaia kyerɛkyerɛ mu sɛ turo no wura no ‘funtum asase no tutuu mu abo’—adwumaden a ɛnna fam! Ebetumi aba sɛ ɔde abo akɛse no na ‘ɛtoo abantenten’ no. Tete bere mu no, na awɛmfo tra abantenten a ɛte saa so wɛn mfuw na akorɔmfo ne mmoa amma hɔ. * Bio nso ɔtoo ban te sɛ atrapoe faa bobeturo no ho. (Yesaia 5:5) Na wɔtaa yɛ eyi na sɛ nsu tɔ a ampia asase ani dɔtepa no ankɔ.

5. Ɛdɛn na na ɛfata sɛ bobeturo wura no hwɛ kwan, nanso dɛn na ne nsa kae?

5 Esiane sɛ na turo wura no akũ ne ho ama turo no agyina nti, na ɛfata sɛ ɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛsow aba. Otuu nsã-kyi-amoa mpo too hɔ twɛnee. Nanso asɛm no ne sɛ, ɛsow aba a na n’ani da so no anaa? Dabi, bobeturo no sow aba a yenni.

Bobeturo no ne Ne Wura

6, 7. (a) Hena ne bobeturo wura no, na bobeturo no gyina hɔ ma dɛn? (b) Atɛn bɛn na owura no ka sɛ wommu?

6 Owura no ne hena, na dɛn ne bobeturo no? Turo no wura no ankasa bua asɛm no: “Afei, Yerusalem ne Yuda mmarima, mummu me ne me bobeturo ntam atɛn. Dɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛe? Ɛdɛn nti na metwɛnee sɛ ɛbɛsow obobe aba, na asow abuntwɛre yi? Na afei merema moahu nea merebɛyɛ me bobeturo no: Meyi ɛho ban, na mmoa adi, mebubu ne fasu, na wɔatiatia so.”—Yesaia 5:3-5.

7 Yiw, Yehowa ne bobeturo no wura, na sɛ yɛbɛka a, ɔkɔɔ asɛnnibea sɛ wommua ɔne ne bobeturo a adi no huammɔ no ntam asɛm. Ɛnde dɛn ne bobeturo no? Owura no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Asafo [Yehowa, “NW”] bobeturo ne Israel fi, na Yuda mmarima ne n’afuw a ɔdɔ ho.”—Yesaia 5:7a.

8. Frɛ a Yesaia frɛɛ Yehowa “me dɔfo” no kyerɛ dɛn?

8 Yesaia frɛ Yehowa, a ɔne bobeturo no wura no, “me dɔfo.” (Yesaia 5:1) Na Yesaia ne Nyankopɔn wɔ abusuabɔ a emu yɛ den, enti na obetumi afrɛ No saa. (Fa toto Hiob 29:4; Dwom 25:14 ho.) Nanso sɛ wode ɔdɔ a na odiyifo no wɔ ma Onyankopɔn no toto ɔdɔ a na Nyankopɔn wɔ ma ne “bobeturo”—ɔman a ɔde no ‘duaa’ asase no so—no ho a, wuhu sɛ odiyifo no de mma koraa.—Fa toto Exodus 15:17; Dwom 80:8, 9 ho.

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hwɛɛ ne man te sɛ bobeturo bi a ɛsom bo?

9 Yehowa de ne man ‘duaa’ Kanaan, na ɔmaa wɔn mmara a ɛbɛyɛɛ sɛ ɛban a wɔagye afa wɔn ho na aman foforo antumi ansɛe wɔn adwene. (Exodus 19:5, 6; Dwom 147:19, 20; Efesofo 2:14) Afei nso Yehowa maa wɔn atemmufo, asɔfo, ne adiyifo a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn. (2 Ahene 17:13; Malaki 2:7; Asomafo no Nnwuma 13:20) Sɛ atamfo bi behunahuna Israelfo a, na Yehowa yi mmarima ma wogye wɔn. (Hebrifo 11:32, 33) Enti na ntease wom sɛ Yehowa bisaa sɛ: “Dɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a menyɛe?”

Onyankopɔn Bobeturo a Yebehu Nnɛ

10. Mfatoho bɛn na Yesu de mae fa bobeturo bi ho?

10 Ebia Yesaia nsɛm yi na na ɛwɔ Yesu adwenem bere a ɔde mfatoho a ɛfa akuafo awudifo bi ho mae no: “Ofiwura bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ bobe turo, na ogyee ho ban hyiae, na otuu mu nsa-kyĩ-amoa, na ɔtoo abantenten, na ɔde fɛm akuafo bi, na ogyaw hɔ kɔɔ baabi.” Nanso awerɛhosɛm ne sɛ akuafo no dii turo wura no aborɔ, na wokum ne ba mpo. Yesu toaa so kaa nea edi so yi de kyerɛɛ sɛ mfatoho yi mfa honam fam Israel nkutoo ho: “Wobegye Onyankopɔn ahenni no afi mo [honam fam Israel] nsam de akɔma ɔman a wɔde mu aduaba bɛba.”—Mateo 21:33-41, 43.

11. Honhom fam bobeturo bɛn na na ɛwɔ hɔ afeha a edi kan no mu, na dɛn na esii bere a asomafo no wuwui no?

11 Ɛbɛdaa adi sɛ “ɔman” foforo yi ne “Nyankopɔn Israel”—honhom fam man a ɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔn dodow yɛ 144,000 no. (Galatifo 6:16; 1 Petro 2:9, 10; Adiyisɛm 7:3, 4) Yesu de asuafo yi totoo “bãa” a ɛwɔ “nokware bobe” a egyina hɔ ma n’ankasa ho no ho. Obiara bɛhwɛ kwan sɛ bãa a ɛte saa bɛsow aba. (Yohane 15:1-5) Ɛsɛ sɛ wɔda Kristo su adi na ‘wɔka ahenni no ho asɛmpa no.’ (Mateo 24:14; Galatifo 5:22, 23) Nanso asomafo dumienu no wu akyi no, nnipa a wɔka sɛ wɔyɛ “nokware bobe” no fã no ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ atorofo—wɔnsow aba pa, wɔsow aba bɔne mmom.—Mateo 13:24-30, 38, 39.

12. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nsɛm no bu Kristoman fɔ, na dɛn na nokware Kristofo betumi asua afi mu?

12 Enti nea Yesaia ka faa Yuda ho no fa Kristoman nso ho nnɛ. N’abakɔsɛm—n’akodi, Atirimɔden kwan so a na ɔne afoforo di—nyinaa kyerɛ sɛnea n’aba yɛ nwene fa! Nanso ehia sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔte sɛ nokware bobeturo no ne wɔn ahokafo “nnipakuw kɛse” no ma Yesaia nsɛm no tra wɔn adwenem. (Adiyisɛm 7:9) Sɛ wɔpɛ sɛ bobeturo wura no ani gye wɔn ho a, ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa, sɛ́ kuw ne ankorankoro no, sow aba a owura no ani gye ho.

“Abuntwɛre”

13. Esiane sɛ ne bobeturo no sow aba bɔne nti, dɛn na na Yehowa bɛyɛ no?

13 Esiane sɛ Yehowa too ne bo ase siesiee ne bobeturo no fɛfɛɛfɛ nti, ntease wom sɛ ɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ “bobeturo a ɛde nsã pa ba!” (Yesaia 27:2) Nanso, sɛ anka ɛbɛsow aba pa no, ɛsow “abuntwɛre,” kyerɛ sɛ “biribi a ɛbɔn” anaa “aduaba a aporɔw.” (Yesaia 5:2; NW ase hɔ asɛm; Yeremia 2:21) Enti Yehowa kae sɛ obeyi “ban” a wagye afa ɔman no ho no. ‘Ɔbɛma ɔman no ada mpan’ a obiara nhwɛ so bio, na ɛpɛ fitaa besi asase no so. (Kenkan Yesaia 5:6.) Na Mose abɔ wɔn kɔkɔ sɛ sɛ wɔanyɛ aso amma Nyankopɔn Mmara a, tebea a ɛte saa na ɛbɛto wɔn.—Deuteronomium 11:17; 28:63, 64; 29:22, 23.

14. Aba bɛn na na Yehowa hwɛ kwan fi ne man hɔ, nanso ɛdɛn na wɔsowee?

14 Onyankopɔn pɛ sɛ ɔman no sow aba pa. Yesaia bere soni Mika kae sɛ: “Nea [Yehowa, NW] hwehwɛ wo hɔ: ɛnyɛ biribiara sɛ adetreneeyɛ ne adɔepɛ ne ahobrɛase a wode ne wo Nyankopɔn nantew.” (Mika 6:8; Sakaria 7:9) Nanso, ɔman no antie Yehowa afotu. ‘Onyankopɔn hwehwɛɛ atemmu, na hwɛ, nhyɛso na ohui; ɔhwehwɛɛ trenee, na hwɛ, nteɛm na ɔtee.’ (Yesaia 5:7b) Mose kae sɛ ɔman asoɔdenfo no bɛsow aba a ɛbɔre wom afi “Sodom bobe mu.” (Deuteronomium 32:32) Enti bere a wɔman fii Nyankopɔn Mmara ho no, nneɛma a ebetumi aba sɛ wɔde wɔn ho hyeem no bi ne nna mu ɔbrasɛe te sɛ mmarima a wɔne wɔn ho da. (Leviticus 18:22) Yebetumi akyerɛ “nhyɛso” ase ɔkwan foforo so sɛ “mogya a wohwie gu.” Akyinnye biara nni ho sɛ atrimmɔdensɛm a ɛte saa no maa amanfo ‘teɛteɛɛm’—na nteɛteɛm yi duu bobeturo Wura no asom.—Fa toto Hiob 34:28 ho.

15, 16. Sɛ nokware Kristofo mpɛ sɛ wɔsow aba bɔne a Israelfo sowee no bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

15 Yehowa Nyankopɔn yɛ obi a “ɔdɔ asɛntrenee ne atemmu.” (Dwom 33:5) Ɔhyɛɛ Yudafo no sɛ: “Munntwa atemmu mu nkontompo: nhwɛ ɔbrɛfo anim na nyɛ nea ɛbɛsɔ otumfo ani; trenee mu na bu wo yɔnko atɛn.” (Leviticus 19:15) Enti ɛnsɛ sɛ yɛyɛ animhwɛ bere a yɛne afoforo redi no, na ɛnsɛ sɛ yɛma ɔman a obi fi mu, mfe a wadi, n’ahode, anaa ne hia nya yɛn so nkɛntɛnso. (Yakobo 2:1-4) Ɛho hia titiriw sɛ wɔn a wɔde ɔhwɛ adwuma ahyɛ wɔn nsa hwɛ sɛ ‘wɔnyɛ biribiara nyiyim so;’ na bere biara a asɛm bi bɛsɔre no, wɔhwɛ sɛ wɔbɛte afanu no mu biara anom asɛm ansa na wɔabu atɛn.—1 Timoteo 5:21; Mmebusɛm 18:13.

16 Bio nso, esiane sɛ Kristofo te wiase a mmara nyɛ adwuma mu nti, ɛnyɛ den sɛ wobenya su a ɛmfata anaa wɔbɛsen wɔn kɔn ama Onyankopɔn mmara. Nanso nokware Kristofo ‘ayɛ krado sɛ wɔbɛyɛ setie’ ama Nyankopɔn mmara. (Yakobo 3:17) Ɛwom sɛ nna mu brasɛe ne basabasayɛ abu so wɔ “wiase bɔne yi mu” de, nanso ehia sɛ ‘wɔhwɛ wɔn nantew yiye, ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo.’ (Galatifo 1:4; Efesofo 5:15) Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛpo adwenhunu a ebinom kura wɔ nna ho no, na sɛ asɛm bi ba wɔn ntam a, ɛsɛ sɛ wosiesie a ‘bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm’ biara nnim. (Efesofo 4:31) Bere a nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ adetrenee no, wɔhyɛ Nyankopɔn anuonyam na wonya n’anim dom.

Anibere so Akatua

17. Nneyɛe bɔne bɛn na Yesaia kasa tiae wɔ ɔhaw a edi kan a ɔkaa ho asɛm no mu?

17 Nkyekyem 8 no de, ɛnyɛ Yehowa anom asɛm pɔtee na Yesaia reka. Bere a ɔrekasa atia ‘bobe bɔne’ a na ɛwɔ Yuda no, n’ankasa kaa ɔhaw asia a na ɛbɛba wɔn so no mu nea edi kan: “Wonnue, wɔn a wɔde ɔdan toa ɔdan so, wɔn a wɔde afuw ka afuw ho, kosi sɛ ɔkwan bi nni hɔ bio, na mo nko motra asase no so. Asafo [Yehowa, “NW”] aka agu m’aso mu sɛ: Ampa ara, adan pii bɛdan amamfõ, adan a ɛsosõe na eye rennya obi ntra mu; na bobeturo a anka anantwi mpamho du yɛ mu adwuma no bɛma bobesa twahina biako pɛ, na ɔpɔɔdɔ biako a wɔadua bɛma susukorow biako pɛ.”—Yesaia 5:8-10.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na Yesaia bere sofo buu wɔn ani guu Yehowa mmara a ɛfa nsase ne adan ho no so, na na ebewie wɔn dɛn?

18 Tete Israel no, na asase biara yɛ Yehowa dea. Na abusua biara wɔ agyapade a Nyankopɔn de ama no a wobetumi de afɛm obi, nanso na wontumi ‘ntɔn no korakora.’ (Leviticus 25:23) Mmara yi nti, na onipa biako ntumi nnye nsase mmɔ so. Afei nso ɛbɔɔ mmusua ho ban na wɔanni hia buruburoo. Nanso anibere nti, Yudafo no binom buu nsase ho mmara a Onyankopɔn de mae yi so. Mika kyerɛwee sɛ: “Wɔn ani bere mfuw, na wogye, ne afi, na wɔfofa, na wosi ɔbarima ne ne fi ne onipa ne n’agyapade apempem.” (Mika 2:2) Nanso Mmebusɛm 20:21 bɔ kɔkɔ sɛ: “Awunnyade a wɔapere ho anya mfiase no, akyi renwie nhyira.”

19 Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛwerɛ agyapade a adifudepɛfo yi sisii nkurɔfo nyae yi nyinaa afi wɔn ho. Adan a wohwim fii afoforo nsam no “bɛdan amamfõ.” Nsase a wɔbɔɔ apoo gyei no remma wɔn nnɔbae titiriw biara. Wɔankyerɛ ɔkwan anaa bere pɔtee a nnome yi bɛbam. Nanso yebetumi aka sɛ, anyɛ yiye koraa no, ne fã bi baa mu bere a Babilonfo bɛfaa wɔn kɔɔ nnommumfa mu no.—Yesaia 27:10.

20. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayi anibere a Israelfo binom daa no adi no afi wɔn akwan mu?

20 Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ yiye na wɔamma anibere bɔne amma wɔn akwan mu sɛnea Israelfo no bi yɛe no. (Mmebusɛm 27:20) Sɛ yɛma wiase agyapade bɛyɛ te sɛ biribi a yɛn nkwa gyina so a, yebetumi afa kwammɔne so apɛ sika. Obi betumi de ne ho ahyɛ adwuma a ɛmfata mu anaa ɔbɛyɛ biribi a osusuw sɛ ɛbɛma wanya ne ho ɔkyena pɛ. “Nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.” (Mmebusɛm 28:20) Enti ehia sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ!—1 Timoteo 6:8.

Asiane a Ɛwɔ Anigyede a Ɛmfata Mu

21. Bɔne bɛn na Yesaia kasa tia wɔ ɔhaw a ɛtɔ so abien no mu?

21 Afei Yesaia de ɔhaw a ɛtɔ so abien no toa so sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu di nsã akyi, wɔn a wosi pɛ ma nsa bow wɔn, na ɔsankuten ne bɛnta sanku ne mpintin ne bɔtɔwa ne nsã wɔ wɔn apontow ase, na [Yehowa, “NW”] nneyɛe de, wɔnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso, wonhu.”—Yesaia 5:11, 12.

22. Ɛdɛn na Israelfo no ankyerɛ ahosodi wom, na na ebewie ɔman no dɛn?

22 Yehowa yɛ ‘anigye Nyankopɔn,’ enti sɛ ne nkoa fa ɔkwampa so gye wɔn ani a, ɔpene so. (1 Timoteo 1:11) Nanso na nnipa yi gye wɔn ani tra so koraa! Bible ka sɛ: “Wɔn a wɔbow bow anadwo.” (1 Tesalonikafo 5:7) Nanso akɔwensafo a nkɔmhyɛ no ka wɔn ho asɛm no fi anɔpatutuutu we nsã kosi anwummere! Wɔn nneyɛe yɛɛ sɛ nea Nyankopɔn nni hɔ a ɔbɛma wɔabu wɔn nnwuma ho akontaa. Yesaia kaa sɛ saafo yi daakye bɛyɛ hu. “Wɔrebetu me man akɔ, nimdeɛ a wonni nti; na ɔkɔm bekum n’anuonyamfo, na osukum ade ne nnipa dodow.” (Yesaia 5:13) Esiane sɛ wɔamma nokware nimdeɛ ankyerɛ wɔn kwan nti, na Nyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam—wɔn mu nketewa ne akɛse—besian akɔ asaman.—Kenkan Yesaia 5:14-17.

23, 24. Nneɛma bɛn mu saa na ɛsɛ sɛ Kristofo tumi di wɔn ho so?

23 “Fekunigyede ntraso” bɛyɛɛ asɛm maa afeha a edi kan no mu Kristofo bi nso. (Galatifo 5:21; Byington; 2 Petro 2:13) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nnɛ nso Kristofo binom a wɔahyira wɔn ho so mfa nhumu nni dwuma bere a wɔregye wɔn ani no. Ebinom nom nsã pii kekam teɛteɛm. (Mmebusɛm 20:1) Etumi ba mpo sɛ ebinom nom nsã tra so ma wobu bra bɔne; apontow bi kɔ so araa ma ade kye wɛɛ, na eyi mma saafo no ntumi mfa wɔn ho nhyɛ Kristofo dwumadi ahorow mu.

24 Nanso Kristofo a wɔkari pɛ sow aba pa, na sɛ wɔregye wɔn ani a, wɔma wɔn ani da hɔ. Wotie Paulo afotu a ɛwɔ Romafo 13:13 yi: “Momma yɛnnantew fɛfɛɛfɛ, sɛnea ɛfata awia, ɛnyɛ agobɔne ne asabow mu.”

Bɔne a Yɛbɛtan na Yɛadɔ Nokware

25, 26. Israelfo no adwemmɔne bɛn na Yesaia maa ho daa hɔ wɔ ne haw a ɛto so abiɛsa ne anan no mu?

25 Afei tie ɔhaw a ɛtɔ so abiɛsa ne anan a Yesaia kaa ho asɛm no: “Wonnue, wɔn a wɔde ahuhusɛm hama twe amumɔyɛ, na wɔde teaseɛnam ntampehama twe bɔne: wɔn a wɔka sɛ: Ma ɔnyɛ no hare nyɛ n’adwuma ntɛm na yenhu! Na ma Israel kronkronni no agyina mmɛn na ɛmmra mma yenhu. Wonnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa, ne papa sɛ bɔne, wɔn a wɔde sum yɛ hann, na wɔde hann yɛ sum, wɔde nwenenwene yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwenenwene!”—Yesaia 5:18-20.

26 Hwɛ sɛnea eyi ma yehu sɛnea abɔnefo te paa! Wɔafam bɔne ho te sɛ aboa bi a wɔde teaseɛnam asɔ ne kɔn. Na abɔnefo yi nsuro atemmuda a ɛreba biara. Wodii fɛw kaa sɛ: “Ma [Nyankopɔn] nyɛ n’adwuma ntɛm na yenhu!” Sɛ anka wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Nyankopɔn Mmara ase no, wokyinkyim nneɛma kaa sɛ ‘papa yɛ bɔne na bɔne yɛ papa.’—Fa toto Yeremia 6:15; 2 Petro 3:3-7 ho.

27. Ɛbɛyɛ dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ atumi akwati su te sɛ nea Israelfo no daa no adi no?

27 Ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma su a ɛte saa ho kwan koraa. Sɛ nhwɛso no, wonnye wiase no adwene a ɛne sɛ eye sɛ obi bɛbɔ aguaman anaasɛ ɔde ne ho bɛhyɛ bɔbeasu koro ntam nna mu no ntom. (Efesofo 4:18, 19) Ɛyɛ nokware sɛ Kristoni betumi ‘adi mfomso’ ma akowie bɔne a emu yɛ duru mu. (Galatifo 6:1) Mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no ayɛ krado sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔahwe ase a wohia mmoa. (Yakobo 5:14, 15) Ɛdenam mpaebɔ ne Bible mu afotu so no, nnipa a wɔte saa betumi anya honhom fam ayaresa. Anyɛ saa a, saafo no betumi abɛyɛ ‘bɔne nkoa.’ (Yohane 8:34) Sɛ anka Kristofo bedi Nyankopɔn ho fɛw na atemmuda a ɛreba no afi wɔn adwenem no, wɔbɔ mmɔden sɛ wonnya “nkekae ne dɛm” biara wɔ Yehowa anim.—2 Petro 3:14; Galatifo 6:7, 8.

28. Bɔne bɛn na Yesaia kasa tiae wɔ ɔhaw a etwa to no mu, na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɛyɛ dɛn akwati bɔne a ɛte saa?

28 Enti na ɛfata sɛ Yesaia de nea edi so yi wie n’asɛm no: “Wonnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa ani so anyansafo na wɔyɛ wɔn ani so nhumufo no! Wonnue, asanom mu mmarima ne nsafra mu ahoɔdenfo! Wɔn a wobu ɔbɔnefo bem gye adanmude, na wɔmfa nea odi bem no bem mma no.” (Yesaia 5:21-23) Ebetumi aba sɛ wɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ atemmufo a na wɔwɔ ɔman no mu no. Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ yiye na wɔanyɛ “wɔn ankasa ani so anyansafo.” Wɔbrɛ wɔn ho ase gye afotu fi wɔn mfɛfo mpanyimfo hɔ, na wɔhwɛ hu sɛ wobedi akwankyerɛ a ahyehyɛde no de ma no akyi pɛɛ. (Mmebusɛm 1:5; 1 Korintofo 14:33) Wodi wɔn ho so wɔ wɔn asanom mu, na sɛ asafo dwumadi bi da wɔn anim a, wɔmfa nsã nka wɔn ano. (Hosea 4:11) Afei nso mpanyimfo hwɛ yiye sɛ wɔnyɛ biribi ketewaa bi mpo mfa nkyerɛ animhwɛ. (Yakobo 2:9) Hwɛ sɛnea eyi yɛ soronko wɔ Kristoman mu asɔfo no ho! Wɔn mu pii hoahoa atitiriw ne asikafo a wɔwɔ wɔn mu no, na eyi ne kɔkɔbɔ a ɔsomafo Paulo de maa wɔ Romafo 1:18, 26, 27; 1 Korintofo 6:9, 10; ne Efesofo 5:3-5 no bɔ abira koraa.

29. Amanehunu bɛn na na ɛbɛba Israelfo a wɔyɛ Yehowa bobeturo no so?

29 Bere a Yesaia rewie saa nkɔmhyɛ yi no, ɔkaa amanehunu a ɛbɛba wɔn a ‘wɔapo Yehowa mmara’ na wɔnsow trenee aba no so. (Yesaia 5:24, 25; Hosea 9:16; Malaki 4:1) Ɔkaa sɛ: [Yehowa besi] frankaa ama amanaman [ɔman kɛse bi, “NW”] a ɛwɔ akyirikyiri, na wabɔ hwirema afrɛ ɔman bi afi asase ano, na hwɛ, wɔreba ɔhareso ntɛm.”—Yesaia 5:26; Deuteronomium 28:49; Yeremia 5:15.

30. Hena na na ɔbɛboaboa ‘ɔman kɛse bi’ ano atia Yehowa nkurɔfo, na ɛdɛn na na ebefi mu aba?

30 Tete berem no, na wotumi de dua tenten si bepɔw so sɛ “frankaa” ma nkurɔfo anaa asraafo boa wɔn ho ano wɔ hɔ. (Fa toto Yesaia 18:3; Yeremia 51:27 ho.) Afei de, na Yehowa ankasa bɛboaboa ‘ɔman kɛse bi’ a wɔammɔ din ano na ɔnam so ama ɛde n’atemmu aba. * Ɔbɛbɔ ‘hwirema afrɛ no’ aba ne nkurɔfo asoɔdenfo no so abɛsɛe wɔn. Afei odiyifo no ma yehu mmirika ne ahopere a atamfo no de ‘bɛkyere’ Nyankopɔn man sɛ ‘hanam’ de wɔn akɔ nkoasom mu a ‘biribiara nsiw wɔn kwan.’ (Kenkan Yesaia 5:27-30a.) Nea ɛtoo asase a Yehowa nkurɔfo te so no yɛ awerɛhosɛm ankasa! “Wɔhwɛ asase a, na hwɛ, ahohia ne sum ni, na hann reduru wɔn so sum.”—Yesaia 5:30b.

31. Sɛ nokware Kristofo mpɛ sɛ wonya asotwe a Yehowa de baa Israel a na ɛyɛ ne bobeturo no so bi a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

31 Yiw, bobeturo a Nyankopɔn too ne bo ase yɛe no antumi ansow aba—nea na ɛfata no ara ne ɔsɛe. Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa betumi asua nneɛma pii afi Yesaia nsɛm no mu! Ɛmmra sɛ wɔbɛyere wɔn ho asow trenee aba nkutoo de ahyɛ Yehowa anuonyam na wɔnam so anya nkwa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Nhomanimfo bi gye di sɛ na nnipa taa bɔ apata anaa sese mmom sen sɛ wɔde abo bɛto aban, efisɛ na ɛno na wɔn ahoɔden bɛso so. (Yesaia 1:8) Enti sɛ obi tumi si abantenten wɔ hɔ a, ɛkyerɛ sɛ onii no ani kũ ne “bobeturo” no ho paa.

^ nky. 30 Yesaia ka wɔ ne nkɔmhyɛ afoforo mu sɛ Babilon ne ɔman a Yehowa de dii dwuma sɛee Yuda.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 83]

Ɔbɔnefo tumi fam bɔne ho te sɛ aboa bi a wɔde teaseɛnam asɔ ne kɔn

[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 85]