Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Ho To Yehowa So Wɔ Ahohia Mu

Fa Wo Ho To Yehowa So Wɔ Ahohia Mu

Ti Akron

Fa Wo Ho To Yehowa So Wɔ Ahohia Mu

Yesaia 7:1–8:18

1. Dɛn nti na ɛbɛyɛ mfaso ama Kristofo nnɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ Yesaia ti 7 ne 8 mu?

YESAIA ti 7 ne 8 no yɛ adesua a ɛka nneɛma abien ho asɛm. Ná Yesaia ne Ahas nyinaa fi ɔman a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa mu; Onyankopɔn maa wɔn baanu nyinaa dwumadi, obiako sɛ odiyifo, na ɔfoforo sɛ Yuda hene; na wɔn baanu nyinaa hyiaa asiane biako—atamfo a wɔyɛ den a wobetuaa Yuda no. Nanso, Yesaia de ne ho too Yehowa so de gyinaa ntua no ano, na Ahas de, osuroe. Dɛn nti na wɔyɛɛ wɔn ade wɔ akwan horow so? Esiane sɛ atamfo atwa Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho ahyia saa ara nti, ɛyɛ papa sɛ wɔhwehwɛ Yesaia nhoma no ti ahorow abien yi mu na wonya mu asuade.

Gyinae Bi a Ɛsɛ sɛ Wosi

2, 3. Nkyerɛkyerɛmu bɛn na Yesaia de ma wɔ ne nnianim nsɛm no mu?

2 Sɛnea sɛ mfoniniyɛfo fi mfonini foforo ase a odi kan yɛ ɛho nsesanee no, saa na Yesaia di kan bɔ nsɛm a esisii a ɔrebɛka ho asɛm no apɔwso apɔwso na ɔde wie ne kyerɛwtohɔ no: “Ɛbae sɛ Usia ba Yotam ba Ahas a ɔyɛ Yuda hene bere so no, Siria hene Resin ne Israel hene Peka a ɔyɛ Remalia ba baa Yerusalem, sɛ wɔne no rebɛko, nanso wɔantumi no.”—Yesaia 7:1.

3 Ɛyɛ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu. Ahas adi n’agya, Yotam, ade sɛ Yuda hene. Resin, Siria hene, ne Peka, a ɔyɛ kusuu fam Israel ahemman no hene no, tow hyɛ Yuda so, na wɔn asraafo tow hyɛ wɔn so anibere so. Awiei koraa no, wɔbɛtow ahyɛ Yerusalem ankasa so. Nanso, na wobedi nkogu wɔ ntua no mu. (2 Ahene 16:5, 6; 2 Beresosɛm 28:5-8) Dɛn ntia? Yebehu ɛno akyiri yi.

4. Dɛn nti na Ahas ne ne nkurɔfo bɔ hu?

4 Wɔ ɔko no mfiase no, “wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fi sɛ: Siria abɛbɔ Efraim mu. Ɛnna ne koma ne ne man koma wosowee sɛ kwae mu nnua wosow mframa anim.” (Yesaia 7:2) Yiw, Ahas ne ne nkurɔfo bɔ hu bere a wohu sɛ Siriafo ne Israelfo ayɛ biako na wɔn asraafo adu Efraim (Israel) asase so no. Aka nnaanu anaa nnansa pɛ na wɔadu Yerusalem!

5. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ te sɛ Yesaia?

5 Yehowa ka kyerɛ Yesaia sɛ: “Fi kohyia Ahas, wo ne wo ba Sear-Yasub, atifi tare suka no ano a ɛkyerɛ ntamasifo afuw tempɔn so no.” (Yesaia 7:3) Susuw ho hwɛ! Bere a anka ɛsɛ sɛ ɔhene no kɔhwehwɛ Yehowa diyifo bisa n’akwankyerɛ no, odiyifo no mmom na ɔkɔhwehwɛ ɔhene no! Ne saa mpo no, Yesaia fi ɔpɛ mu tie Yehowa. Saa ara na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ ntɛm fi adi kɔhwehwɛ nnipa a wiase yi nhyɛso ama wɔabɔ hu no. (Mateo 24:6, 14) Hwɛ abotɔyam a ɛyɛ sɛ afe biara nnipa ɔpehaha pii tie saa asɛmpakafo yi a wɔkɔsra wɔn no na woso Yehowa nsa a ahobammɔ wom no mu!

6. (a) Nkuranhyɛsɛm bɛn na odiyifo no de kɔma Ɔhene Ahas? (b) Tebea bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ?

6 Yesaia hu Ahas wɔ Yerusalem fasu no akyi, a ɔrehwɛ nsu a ɛsen ba kurow no mu, de resiesie ne ho ama ntua a ɛreba no. Yesaia de Yehowa nkra no ma no sɛ: “Hwɛ yiye, na yɛ komm, nsuro, na mma wo koma nntu, nnyentia abien a efi wusiw yi nti, Resin ne Siria ne Remalia ba no abufuhyew no nti.” (Yesaia 7:4) Bere a edi kan a ntuafo no tow hyɛɛ Yuda so no, na wɔn abufuw ano hyew te sɛ ogya. Afei de, wɔyɛ “nnyentia abien a efi wusiw” ara kwa. Ɛnsɛ sɛ Ahas suro Siria hene Resin anaasɛ Israel hene Peka, Remalia ba no. Ɛte saa nnɛ. Mfehaha pii na Kristoman akannifo de ɔtaa a emu yɛ den aba nokware Kristofo so. Nanso afei de, Kristoman te sɛ gyentia a ɛreyɛ ahyew dwerɛbee. Ɔregye nna akɔ.

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesaia ne ne ba no din ma wonya anidaso?

7 Wɔ Ahas bere so no, ɛnyɛ Yesaia asɛm no nko na ɛmaa wɔn a wɔwɔ Yehowa mu ahotoso no nyaa anidaso, na mmom nea na Yesaia ne ne ba no din kyerɛ nso. Ampa, Yuda wɔ asiane mu, nanso edin Yesaia, a ɛkyerɛ “Yehowa Nkwagye” no da no adi sɛ Yehowa betwitwa agye wɔn. Yehowa ka kyerɛ Yesaia sɛ ɔmfa ne ba Sear-Yasub, a ne din no ase ne ‘Nkaefo Kakraa Bi Bɛsan Aba,’ no nka ne ho. Sɛ Yuda ahemman no hwe ase mpo a, Onyankopɔn befi mmɔborohunu mu asan de nkaefo bi aba asase no so.

Ɛsen Aman Abien Ntam Akodi

8. Dɛn nti na ntua a wɔde ba Yerusalem so no sen aman ntam akodi?

8 Yehowa nam Yesaia so kyerɛ ɔkwan a Yuda atamfo no bɛfa so. Nea wɔrebɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛyɛ ni: “Momma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔhaw no, na yemmubu mu mfa, na yensi Tabeel ba no hene wom.” (Yesaia 7:5, 6) Siria ne Israel yɛ apam bɔ pɔw sɛ wobedi Yuda so nkonim, na wɔde wɔn ankasa nipa asi Ahas, Dawid ba no, ananmu. Ɛda adi pefee sɛ ntua a wɔde reba Yerusalem so no sen aman ntam akodi seesei. Abɛdan Satan ne Yehowa ntam ko. Dɛn ntia? Efisɛ Yehowa Nyankopɔn ne Ɔhene Dawid yɛɛ apam maa no awerɛhyem sɛ ne mma na ebedi Yehowa nkurɔfo so. (2 Samuel 7:11, 16) Sɛ anka Satan tumi de adehye abusua foforo bi mufo traa agua no so wɔ Yerusalem a, hwɛ sɛnea anka ɛbɛkyerɛ sɛ wadi nkonim! Anka obetumi mpo asɛe Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ Dawid anato mu na ɔdedifo a ɔte hɔ daa, “Asomdwoe-hene,” no befi aba no.—Yesaia 9:6, 7.

Yehowa Bɔhyɛ Ahorow a Ɔdɔ Wom

9. Awerɛhyem nsɛm bɛn na na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ Ahas ne Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nkuran?

9 So na Siria ne Israel tirimbɔ no bɛyɛ yiye? Dabi. Yehowa ka sɛ: “Ɛrennyina na ɛremma.” (Yesaia 7:7) Yehowa nam Yesaia so ka sɛ ɛnyɛ sɛ Yerusalem ntua no rennyina nko, na mmom, “mfirihyia aduosia anum no, wobebubu Efraim na anyɛ ɔman bio.” (Yesaia 7:8) Yiw, na Israel renyɛ ɔman bio wɔ mfirihyia 65 akyi. * Anka ɛsɛ sɛ saa bɔhyɛ yi a bere nhyehyɛe wɔ ho no ma Ahas nya akokoduru. Ɔkwan koro no ara so no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya denhyɛ denam nim a wonim sɛ bere a aka ama Satan wiase no yɛ tiaa no so.

10. (a) Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asuasua Yehowa? (b) Hokwan bɛn na Yehowa de maa Ahas?

10 Ebia Ahas anim yɛbea da no adi sɛ onnye nni, efisɛ Yehowa nam Yesaia so ka sɛ: “Sɛ morennye nni a, morennyina.” Yehowa de boasetɔ ‘kɔɔ so kasa kyerɛɛ Ahas.’ (Yesaia 7:9, 10) Nhwɛso pa bɛn ara ni! Ɛnnɛ, ɛmfa ho sɛ nnipa pii nnye Ahenni asɛm no ntom ntɛm so no, ɛyɛ papa sɛ yesuasua Yehowa na ‘yɛkɔ so kasa kyerɛ wɔn’ bere a yɛkɔ so sra wɔn bere nyinaa no. Yehowa ka kyerɛ Ahas bio sɛ: “Bisa [Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn hɔ sɛnkyerɛnne fa, esian kɔ asaman oo, ɛkorɔn kɔ ɔsoro oo!” (Yesaia 7:11) Ná Ahas betumi abisa sɛnkyerɛnne ma Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔbɛbɔ Dawid fie ho ban.

11. Awerɛhyem bɛn na yenya fi Yehowa asɛm ‘wo Nyankopɔn’ no mu?

11 Hyɛ no nsow sɛ Yehowa ka sɛ: ‘Bisa wo Nyankopɔn hɔ sɛnkyerɛnne.’ Yehowa yɛ ɔyamyefo ankasa. Ná wɔadi kan aka Ahas ho asɛm sɛ ɔsom abosom, na na ɔyɛ afide a ɛyɛ abosonsom. (2 Ahene 16:3, 4) Ɛno, ɛne hu a Ahas abɔ nyinaa akyi no, Yehowa kɔ so frɛ ne ho Ahas Nyankopɔn. Eyi ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa mpa nnipa ntɛm. Ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔfom anaasɛ wɔn gyidi ayɛ mmerɛw no. So na saa Onyankopɔn dɔ ho awerɛhyem yi bɛka Ahas ma waso Yehowa nsa?

Adwenem Naayɛ Ma Ɔyɛ Asoɔden

12. (a) Ahantan su bɛn na Ahas nyae? (b) Sɛ́ anka Ahas bɛdan akɔ Yehowa hɔ no, hena nkyɛn na ɔkɔhwehwɛ mmoa?

12 Ahas bua no animtiabu mu sɛ: “Meremmisa, na merensɔ [Yehowa, “NW”] menhwɛ.” (Yesaia 7:12) Ɛha yi, ɛnyɛ sɛ Ahas redi mmara a edi so yi so: “Monnsɔ [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn nnhwɛ.” (Deuteronomium 6:16) Mfehaha pii akyi no, Yesu faa saa mmara no mu nsɛm kae bere a Satan sɔɔ no hwɛe no. (Mateo 4:7) Nanso, wɔ Ahas asɛm no mu no, na Yehowa reka akyerɛ no sɛ ɔntwe ne ho mfi atoro som ho, na na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ sɛnkyerɛnne bi de ahyɛ ne gyidi den. Nanso, Ahas pɛ sɛ ɔhwehwɛ ahobammɔ fi baabi foforo. Ebetumi aba sɛ saa bere yi na ɔhene no de sika pii akɔma Asiria sɛ ɔmmɛboa no na ɔnko ntia n’atamfo a wɔwɔ kusuu fam no. (2 Ahene 16:7, 8) Saa bere yi Siria ne Israel asraafo gu so retwa Yerusalem ho hyia, na ntua no afi ase.

13. Nsakrae bɛn na yehu wɔ nkyekyem 13, na ɛkyerɛ dɛn?

13 Gyidi a ɔhene no ankyerɛ no ma Yesaia ka sɛ: “Dawid fi, muntie ɛ! So ɔhaw a mohaw nnipa yi, ɛnnɔɔ mo sõ, sɛ mobɛhaw me Nyankopɔn nso?” (Yesaia 7:13) Yiw, Yehowa betumi abrɛ wɔ animtiaa a wɔkɔ so bu no no ho. Hyɛ no nsow nso sɛ, afei de odiyifo no ka sɛ ‘me Nyankopɔn,’ ɛnyɛ ‘wo Nyankopɔn.’ Nsakrae a ɛyɛ hu ankasa ni! Bere a Ahas po Yehowa na ɔkɔdan Asiria no, ɔhwere hokwan fɛfɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan ne Onyankopɔn anya abusuabɔ no. Ɛmmra sɛ yɛrennyae yɛn gyidi a egyina Kyerɛwnsɛm so no mu nsiesie mfa nsɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ esiane bere tiaa mu mfaso nti.

Imanuel Ho Sɛnkyerɛnne

14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa da ne nokwaredi adi wɔ apam a ɔne Dawid yɛe no mu?

14 Yehowa kɔ so kura apam a ɔne Dawid pamee no mu. Ɔde sɛnkyerɛnne bi mae, na na ɔde sɛnkyerɛnne bi bɛsan ama! Yesaia toa so sɛ: [Yehowa, “NW”] ankasa bɛma mo sɛnkyerɛnne: Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato ne din Imanuel [ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ]. Nufusu ani srade ne ɛwo na obedi, bere a ohu bɔne kyi ne papa fa no; na abarimaa no nnya nhuu bɔne kyi ne papa fa no, wobegyaw asase a wusuro n’ahene baanu anim no.”—Yesaia 7:14-16.

15. Nneɛma abien bɛn na Imanuel ho nkɔmhyɛ no ma yehu?

15 Eyi yɛ asɛmpa ma obiara a osuro sɛ ntuafo no de ahene a wofi Dawid anato mu bɛba awiei no. “Imanuel” ase ne “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.” Onyankopɔn ne Yudafo wɔ hɔ, na ɔremma apam a ɔne Dawid yɛe no nyɛ kwa. Bio nso, ɛnyɛ nea Yehowa bɛyɛ nkutoo na wɔka kyerɛɛ Ahas ne ne nkurɔfo, na mmom bere a ɔbɛyɛ dekode no nso. Ansa na abofra Imanuel benyin ahu papa ne bɔne no, na wɔasɛe atamfo no dedaw. Na eyi baam pɛpɛɛpɛ!

16. Dɛn nti na Yehowa amma wɔanhu nipa ko a Imanuel yɛ wɔ Ahas bere so?

16 Bible no nkyerɛ onii ko a ne ba ne Imanuel no. Nanso esiane sɛ abofra Imanuel bɛyɛ sɛ sɛnkyerɛnne na akyiri yi Yesaia kae sɛ ɔne ne mma “yɛ sɛnkyerɛnne” nti, ebetumi aba sɛ na Imanuel yɛ odiyifo no ba. (Yesaia 8:18) Ebia Yehowa amma wɔanhu nipa ko a Imanuel yɛ wɔ Ahas bere so sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma betumi ahu Imanuel Ɔkɛseɛ no. Ɔne hena?

17. (a) Hena ne Imanuel Ɔkɛseɛ no, na na n’awo no gyina hɔ ma dɛn? (b) Dɛn nti na Onyankopɔn nkurɔfo betumi aka nnɛ sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ”?

17 Yesaia nhoma no da nkyɛn a, edin Imanuel no pue pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu, wɔ Mateo 1:23. Yehowa de honhom kaa Mateo ma ɔde Imanuel awo ho nkɔmhyɛ no bataa Yesu, Dawid agua no Dedifo a ɔfata no, awo ho. (Mateo 1:18-23) Ná Imanuel a odi kan no awo no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nnyaw Dawid fie. Saa ara na na Yesu, Imanuel Ɔkɛseɛ no, awo no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nnyaw adesamma anaasɛ Ahenni apam a ɔne Dawid fie yɛe no. (Luka 1:31-33) Afei a na Yehowa nanmusifo panyin no wɔ adesamma mu no, na Mateo betumi aka ankasa sɛ, “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.” Ɛnnɛ, Yesu di tumi sɛ Ɔhene wɔ soro, na ɔne n’asase so asafo no wɔ hɔ. (Mateo 28:20) Akyinnye biara nni ho sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo wɔ nneɛma foforo a enti wɔde akokoduru teɛm sɛ: “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”

Ɔhaw Pii a Asoɔden De Ba

18. (a) Dɛn nti na Yesaia nsɛm a edi hɔ no ma n’atiefo bɔ hu? (b) Nsɛm bɛn na na ɛnkyɛ ebesisi?

18 Ɛwom sɛ Yesaia nsɛm a ɔka akyiri yi no yɛ awerɛkyekye de, nanso ne nsɛm a edi hɔ yi ma n’atiefo bɔ hu: [Yehowa, “NW”] de nna bi bɛba wo ne wo man ne w’agya fi so, nna a ɛmmae da fi bere a Efraim tew fii Yuda ho no: ɛne Asiria hene.” (Yesaia 7:17) Yiw, ɔhaw reba, na Asiria hene na ɔde reba. Ɛbɛyɛ sɛ Asiriafo atirimɔdenfo a na wɔhwɛ kwan sɛ wobetumi abedi wɔn so nti na Ahas ne ne man antumi anna nnafua pii no. Ná Ahas anya adwene sɛ ne ho a ɔde bɛbɔ Asiria no bɛma wanya ogye afi Israel ne Siria nsam. Nokwarem no, Asiria hene bɛyɛ Ahas adesrɛ no ho biribi ato ahyɛ Israel ne Siria so. (2 Ahene 16:9) Ɛda adi sɛ eyi ne ade a ɛbɛhyɛ Peka ne Resin ma wɔagyae Yerusalem ntua no. Enti, Siria ne Israel apam no rentumi nni Yerusalem so nkonim. (Yesaia 7:1) Nanso, afei de, Yesaia ka kyerɛ n’atiefo a wɔabɔ hu no sɛ Asiria, a wɔwɔ anidaso sɛ ɛbɛbɔ wɔn ho ban no, bɛsɔre atia wɔn!—Fa toto Mmebusɛm 29:25 ho.

19. Kɔkɔbɔ bɛn na abakɔsɛm mu adeyɛ yi wɔ ma Kristofo nnɛ?

19 Saa abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nokware yi wɔ kɔkɔbɔ bi ma Kristofo nnɛ. Sɛ yɛba nhyɛso ase a, ebetumi apiapia yɛn ma yɛagyae Kristofo nnyinasosɛm mu asiesie na yɛnam so apo Yehowa ahobammɔ. Eyi bɛkyerɛ nhumu a yenni, na ebetumi adi yɛn awu mpo, sɛnea Yesaia nsɛm a edi hɔ no da no adi no. Odiyifo no kɔ so ka nea Asiria ntua no de bɛba asase no ne ɛsotefo so no ho asɛm.

20. Henanom ne “nwansena” ne “ɔdowa” no, na dɛn na wɔbɛyɛ?

20 Yesaia kyɛ n’atemmusɛm no mu anan, na emu biara ka nea ebesi “ɛda no”—kyerɛ sɛ, ɛda a Asiria bɛtow ahyɛ Yuda so—ho asɛm. “Ɛda no, [Yehowa, “NW”] bɛbɔ ohwirema afrɛ nwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awiei no, ne ɔdowa a ɔwɔ Asiria asase so no, na wɔn nyinaa aba abesisi abon a esian kuronkuron ne abotan mpaapae mu ne nsɔe nyinaa so ne sare nyinaa so.” (Yesaia 7:18, 19) Misraim ne Asiria asraafo a wɔte sɛ nwansena ne ɔdowa no bɛdan wɔn adwene aba Bɔhyɛ Asase no so. Eyi renyɛ bere tiaa mu ntua. “Nwansena” ne “ɔdowa” no bɛba atrase, na wɔahyɛn asase no so baabiara.

21. Ɔkwan bɛn so na Asiria hene bɛyɛ sɛ oyiwan?

21 Yesaia toa so sɛ: “Ɛda no ara na [Yehowa, “NW”] de oyiwan a wɔabɔ no paa asuogya hɔnom a ɛne Asiria hene no beyi eti ne anan ho nhwi, na ayi bogyesɛ nso.” (Yesaia 7:20) Afei de, Asiria, a ne ho yɛ hu titiriw no, nkutoo din na wɔbɔ. Ahas kɔbɔ Asiria hene paa sɛ ‘onyi’ Siria ne Israel ‘ti nhwi.’ Nanso, saa “oyiwan a wɔabɔ no paa” a ofi Eufrate mantam mu no bɛtow ahyɛ Yuda ‘ti’ so ayi ne ti nhwi ne ne bogyesɛ mpo!

22. Nhwɛso horow bɛn na Yesaia de di dwuma de kyerɛ ɔhaw a ebefi Asiria ntua no mu aba?

22 Dɛn na ebefi mu aba? “Ɛda no, obi bɛyɛn nantwi aburuwa ne nguan abien bi, na nufusu a obenya no dodow nti, obedi nufusu ani srade, na nufusu ani srade ne ɛwo ara na wɔn a wɔbɛka asase no so nyinaa bedi.” (Yesaia 7:21, 22) Ebedu bere a Asiria “beyi” asase ‘ti nhwi’ no, na aka nnipa kakraa bi ma enti mmoa kakraa bi pɛ na wobehia de wɔn ayɛ aduan. “Nufusu ani srade ne ɛwo” na wobedi—biribiara nka ho, nsa, abodoo, ne aduan titiriw biara nka ho. Te sɛ nea Yesaia resi sɛnea ɔsɛe no kɛse bɛyɛ so dua no, ɔka mpɛn abiɛsa sɛ baabi a na asase pa a ɛsow aba wɔ no, nsɔe ne nnɛnkyɛnse na ɛbɛba hɔ. Wɔn a wɔreguan akɔ nkuraase no behia “agyan ne ta” a wɔde bɛbɔ wɔn ho ban afi wuram mmoa a wɔhyehyɛ adɔtɔ mu no ho. Anantwi ne nguan na wobetiatia nsase a wɔadɔw no so. (Yesaia 7:23-25) Saa nkɔmhyɛ yi fi ase nya mmamu wɔ Ahas ankasa bere so.—2 Beresosɛm 28:20.

Nkɔmhyɛ Ahorow a Enya Ne Mmamu Pɛpɛɛpɛ

23. (a) Dɛn na wɔhyɛ Yesaia sɛ ɔnyɛ afei? (b) Ɔkwan bɛn so na wosi kyerɛwpon ho sɛnkyerɛnne no so dua?

23 Afei Yesaia dan adwene kɔ tebea a edi hɔ no so. Bere a Yerusalem da so ara wɔ Siria ne Israel ntua ase no, Yesaia bɔ amanneɛ sɛ: [Yehowa, “NW”] ka kyerɛɛ me sɛ: Fa kyerɛwpon kɛse, na fa ɔdesani krammɛn kyerɛw so sɛ: ‘Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.’ Na mɛma adansefo anokwafo, ɔsɔfo Uria ne Yeberekia ba Sakaria adi me adanse.” (Yesaia 8:1, 2) Edin Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow no ase ne ‘Fow Ade Ntɛm So! Waba Sɛ Ɔrebɛfow Ade Ntɛm So.’ Yesaia srɛ mmarima baanu a wɔwɔ obu wɔ ɔman no mu sɛ wonni edin yi a ɔkyerɛw gu kyerɛwpon kɛse so no ho adanse, sɛnea ɛbɛyɛ a akyiri yi wobetumi akyerɛ nokware a saa nhoma no yɛ. Nanso, sɛnkyerɛnne a ɛto so abien na ebesi saa sɛnkyerɛnne yi so dua.

24. Nkɛntɛnso bɛn na na ɛsɛ sɛ Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow ho sɛnkyerɛnne no nya wɔ Yudafo so?

24 Yesaia ka sɛ: “Na mekɔɔ odiyifobea no ho, na onyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabanin. Na [Yehowa, “NW”] ka kyerɛɛ me sɛ: Frɛ ne din sɛ: ‘Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow.’ Na abarimaa no nnya nhuu agya anaa ɛna frɛ no, wɔbɛsoa Damasko ahoɔden ne Samaria asade adi Asiria hene anim.” (Yesaia 8:3, 4) Ná kyerɛwpon kɛse no ne abarimaa a wɔawo no foforo no nyinaa bɛyɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ Asiria bɛfow Yuda atamfo, Siria ne Israel. Bere bɛn? Ansa na abarimaa no betumi abɔ nsɛmfua a edi kan a nkokoaa dodow no ara sua no—“Agya” ne “Ɛna.” Ná ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛ a edi mũ saa no ma nkurɔfo no nya Yehowa mu ahotoso. Anyɛ saa a anka ebetumi ama ebinom adi Yesaia ne ne mma no ho fɛw. Sɛnea ɛte biara no, Yesaia nkɔmhyɛ no baa mu.—2 Ahene 17:1-6.

25. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Yesaia mmere no ne yɛn mmere yi mu?

25 Kristofo betumi asua biribi afi Yesaia kɔkɔbɔ a ɔde mae mpɛn pii no mu. Ɔsomafo Paulo daa no adi kyerɛɛ yɛn sɛ wɔ abakɔsɛm mu adeyɛ yi mu no, Yesaia yɛɛ Yesu Kristo ho mfonini, na Yesaia mma no yɛɛ Yesu asuafo a wɔasra wɔn no ho mfonini. (Hebrifo 2:10-13) Yesu nam n’asase so akyidifo a wɔasra wɔn no so akɔ so akae nokware Kristofo sɛnea ɛsɛ sɛ ‘wɔwɛn’ wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no. (Luka 21:34-36) Bere koro no ara no, wɔbɔ asɔretiafo a wɔnkyerɛ ahonu no kɔkɔ wɔ ɔsɛe a ɛreba no ho, ɛwom sɛ mpɛn pii no, wodi kɔkɔbɔ a ɛte saa ho fɛw de. (2 Petro 3:3, 4) Nkɔmhyɛ a enyaa mmamu wɔ bere a wɔahyɛ mu wɔ Yesaia bere so no si so dua sɛ Onyankopɔn bere a wahyɛ ama yɛn bere yi nso ‘bɛbam ɔkwan biara so. Ɛrenka akyi.’—Habakuk 2:3.

“Nsu” a Ɛsɛe Ade

26, 27. (a) Nsɛm a ebesisi bɛn na Yesaia ka ho asɛm sie? (b) Dɛn na Yesaia nsɛm no kyerɛ ma Yehowa asomfo nnɛ?

26 Yesaia toa ne kɔkɔbɔ no so sɛ: “Esiane sɛ ɔman yi bu Siloa nsu a ɛsen brɛoo animtiaa na wɔn ho san wɔn Resin ne Remalia ba no ho nti, hwɛ, [Yehowa, “NW”] de asubɔnten no mu nsu a ano yɛ den na ɛdɔɔso no reba wɔn so, Asiria hene ne n’anuonyam nyinaa; na ɛbɛba abɛforo ne suka nyinaa, na ayiri asram ne kɔn so nyinaa; na ɛbɛsen afa Yuda mu ayiri akodu kɔn mu, na ne ntaban mu han adu w’asase trɛw so, o Imanuel.”—Yesaia 8:5-8.

27 “Ɔman yi,” Israel ahemman a ɛwɔ kusuu fam no, po apam a Yehowa ne Dawid yɛe no. (2 Ahene 17:16-18) Wɔn fam no, apam no mu yɛ mmerɛw sɛ Siloa nsu a ɛsen brɛoo no, baabi a Yerusalem nya nsu fi no. Wodi ahurusi sɛ wɔne Yuda rekodi ako. Nanso wɔremfa wɔn ho nni wɔ saa animtiabu yi mu. Yehowa bɛma Asiriafo “ayiri” asram Siria ne Israel so anaasɛ wɔabu afa wɔn so, sɛnea ɛrenkyɛ Yehowa bɛma mprempren wiase amammui no ayiri asram atoro som ahemman so no. (Adiyisɛm 17:16; fa toto Daniel 9:26 ho.) Yesaia ka bio sɛ, “nsu” a eyiri no ‘bɛsen afa Yuda mu akodu kɔn mu,’ akodu Yerusalem, baabi a Yuda ti (ɔhene) di tumi no. * Wɔ yɛn bere yi so no, saa ara na amammuifo a wɔbɛtɔ atoro som so were no bɛtow ahyɛ Yehowa asomfo so, atwa wɔn ho ahyia “akodu kɔn mu.” (Hesekiel 38:2, 10-16) Dɛn na ebefi mu aba? Wiɛ, dɛn na esii wɔ Yesaia bere so? So Asiriafo no sɔre twaa kurow no fasu ho hyiae sɛee Onyankopɔn nkurɔfo? Dabi. Ná Onyankopɔn ne wɔn wɔ hɔ.

Munnsuro—“Onyankopɔn ne Yɛn Wɔ Hɔ”

28. Ɛmfa ho mmɔden kɛse a Yudafo atamfo bɔ no, dɛn ho awerɛhyem na Yehowa de ma wɔn?

28 Yesaia bɔ kɔkɔ sɛ: “Aman [a wɔsɔre tia Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam], monyɛ hoo, na monnwerɛw ara, asase a ɛwɔ akyirikyiri sofo nyinaa, monyɛ aso, mummia na monnwerɛw, mummia na monnwerɛw. Muntu agyina na ɛbɛyɛ ɔkwa, monka asɛm na ɛrennyina, na Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.” (Yesaia 8:9, 10) Saa nsɛm yi nyaa mmamu mfe bi akyi wɔ Ahas ba nokwafo Hesekia nniso mu. Bere a Asiriafo hunahunaa Yerusalem no, Yehowa bɔfo kunkum wɔn mu 185,000. Ɛda adi pefee sɛ, Onyankopɔn ka ne nkurɔfo ne Dawid ahene abusua no ho. (Yesaia 37:33-37) Saa ara na wɔ Harmagedon ko a ɛreba mu no, Yehowa bɛsoma Imanuel Ɔkɛseɛ, ɛnyɛ sɛ ɔmmɛsɛe N’atamfo nko, na mmom sɛ ommegye wɔn a wɔwɔ Ne mu ahotoso nyinaa nso.—Dwom 2:2, 9, 12.

29. (a) Ɔkwan bɛn so na Ahas bere so Yudafo no yɛ soronko wɔ Hesekia bere sofo no ho? (b) Dɛn nti na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ mfa wɔn ho nhyɛ nyamesom ne amammuisɛm mu apam mu?

29 Nea ɛnte sɛ Yudafo a na wɔwɔ hɔ wɔ Hesekia bere so no, Ahas bere sofo no nni Yehowa ahobammɔ mu gyidi. Nea wɔpɛ ne apam anaa “atirisopam” a wɔne Asiriafo no bɛyɛ na ama wɔanya mmoa kɛse de ako atia Siria ne Israel apam a wɔayɛ no. Nanso, Yehowa “nsa” kanyan Yesaia ma ɔkasa tia “ɔman yi kwan” no anaasɛ nneɛma a wɔyɛ no. Ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn suro nso munnsuro, na mo bo nntu. Asafo [Yehowa, “NW”] no, ɔno na monyɛ no kronkron, na ɔno na ɔnyɛ mo suro ne mo abotu.” (Yesaia 8:11-13) Bere a eyi wɔ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ adwenem no, wɔhwɛ yiye sɛ wɔne nyamesom bagua ne amammui apam ahorow no renyɛ atirisopam bi anaasɛ wɔremfa wɔn ho nto wɔn so. Yehowa asomfo wɔ Onyankopɔn ahobammɔ tumi no mu ahotoso a edi mũ. Na sɛ ‘Yehowa wɔ yɛn afã a, dɛn na onipa betumi ayɛ yɛn?’—Dwom 118:6.

30. Dɛn na ɛbɛba wɔn a wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so no so?

30 Yesaia kɔ so ka sɛ Yehowa bɛkɔ so ayɛ “kronkronbea,” ahobammɔ, ama wɔn a wonya ne mu ahotoso no. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔn a wɔpo no no “bɛwatiriw, na wɔahwehwe ase na wɔabubu, na wɔatotɔ afiri mu na wɔayiyi wɔn”—adeyɛ asɛm anum a emu da hɔ pefee na wɔde kyerɛ nea ɛbɛba wɔn a wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so no so. (Yesaia 8:14, 15) Wɔ afeha a edi kan mu no, wɔn a wɔpoo Yesu no watiriw hwehwee ase saa ara. (Luka 20:17, 18) Tebea a ɛte saa ara retwɛn wɔn a wonnyina nea wɔde no asi agua so wɔ ɔsoro, Ɔhene Yesu, akyi no.—Dwom 2:5-9.

31. Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asuasua Yesaia ne wɔn a wotiee ne nkyerɛkyerɛ no nhwɛso?

31 Ɛnyɛ obiara na ɔwatirii wɔ Yesaia bere so. Yesaia ka sɛ: Kyekyere adanse no, sɔ kyerɛ no ano m’asuafo mu. Na metwɛn [Yehowa, “NW”] a oyi n’ani hintaw Yakob fi no, na m’ani da no so.” (Yesaia 8:16, 17) Yesaia ne wɔn a wotie ne nkyerɛkyerɛ no rempo Onyankopɔn Mmara. Wɔkɔ so de wɔn ho to Yehowa so, ɛwom mpo sɛ wɔn mfɛfo asoɔdenfo no nyɛ saa ma enti Yehowa de n’anim hintaw wɔn. Ɛmmra sɛ yebedi wɔn a wɔkyerɛ Yehowa mu ahotoso no nhwɛso akyi na yɛasi yɛn bo saa ara abata ɔsom kronn ho!—Daniel 12:4, 9; Mateo 24:45; fa toto Hebrifo 6:11, 12 ho.

“Sɛnkyerɛnne” ne “Anwonwade”

32. (a) Henanom na wogyina hɔ sɛ “sɛnkyerɛnne ne anwonwade” nnɛ? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo da nsow wɔ wiase no ho?

32 Afei Yesaia ka sɛ: “Hwɛ, me ne me mma a [Yehowa, “NW”] ama me no fi asafo [Yehowa, “NW”] a ɔte Sion bepɔw so no yɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade, Israel mu.” (Yesaia 8:18) Yiw, Yesaia, Sear-Yasub, ne Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow yɛ atirimpɔw a Yehowa wɔ ma Yuda no ho sɛnkyerɛnne. Saa ara na nnɛ, Yesu ne ne nuanom a wɔasra wɔn no yɛ sɛnkyerɛnne. (Hebrifo 2:11-13) Na “nguan foforo” no mu “nnipakuw kɛse” no abɛka wɔn ho wɔ wɔn adwuma no mu. (Adiyisɛm 7:9, 14; Yohane 10:16) Nokwarem no, sɛnkyerɛnne bɛyɛ biribi a mfaso wɔ so bere a ɛda nsow wɔ nneɛma a atwa ho ahyia mu no. Saa ara na Kristofo di wɔn asɛyɛde ho dwuma sɛ sɛnkyerɛnne bere a wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ soronko wɔ wiase yi ho, de wɔn ho to Yehowa so koraa, na wɔde akokoduru ka n’atirimpɔw ho asɛm nkutoo no.

33. (a) Dɛn na nokware Kristofo asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ? (b) Dɛn nti na nokware Kristofo betumi agyina pintinn?

33 Ɛnde, momma yɛn nyinaa nni Onyankopɔn gyinapɛn ahorow so, ɛnyɛ wiase yi de no. Kɔ so da wo ho adi akokoduru so—sɛ sɛnkyerɛnne—na kɔ w’anim wɔ ahyɛde a wɔde ama Yesaia Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, yi mu sɛ: ‘Pae mu ka ahofadi ne yɛn Nyankopɔn aweredi da no.’ (Yesaia 61:1, 2; Luka 4:17-21) Nokwarem no, sɛ Asiria nsu no yiri fa asase so—sɛ edu yɛn kɔn mu mpo—a, ɛremfa nokware Kristofo. Yebegyina pintinn efisɛ “Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.”

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Sɛ wopɛ saa nkɔmhyɛ yi mmamu ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Insight on the Scriptures, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii no Po 1, nkratafa 62, ne 758.

^ nky. 27 Wɔde Asiria nso toto anomaa a sɛ ɔtrɛw ne ntaban mu a, ‘edu asase trɛw so’ ho. Enti, baabiara a na asase no trɛw kodu no, Asiria asraafo bɛyɛ hɔ mã.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 103]

Yesaia de Sear-Yasub kaa ne ho bere a ɔde Yehowa asɛm kɔmaa Ahas no

[Mfonini wɔ kratafa 111]

Dɛn nti na Yesaia kyerɛw “Ntɛm-so-asade, ɔhare-so-afow” wɔ kyerɛwpon kɛse bi so?