Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Ho To Yehowa so Hwehwɛ Akwankyerɛ ne Ahobammɔ

Fa Wo Ho To Yehowa so Hwehwɛ Akwankyerɛ ne Ahobammɔ

Ti Dunsia

Fa Wo Ho To Yehowa so Hwehwɛ Akwankyerɛ ne Ahobammɔ

Yesaia 20:1-6

1, 2. Ɔhaw bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo hyia wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu, na hena nkyɛn na wɔn mu pii pɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ ahobammɔ?

SƐNEA yɛahu wɔ nhoma yi ti ahorow a edi kan mu no, Onyankopɔn nkurɔfo hyia ahunahuna a ɛyɛ hu wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu. Asiriafo a wɔyɛ mogyapɛfo no retow hyɛ nsase no so mmiako mmiako, na aka bere tiaa bi ma wɔatow ahyɛ Yuda ahemman a ɛwɔ kesee fam no so. Hena nkyɛn na asase no sofo bɛkɔ akɔhwehwɛ ahobammɔ? Wɔne Yehowa ayɛ apam, na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to ne so hwehwɛ ne mmoa. (Exodus 19:5, 6) Saa na Ɔhene Dawid yɛe. Ɔkae sɛ: “[Yehowa, NW], me botan ne m’abankɛse ne me gyefo.” (2 Samuel 22:2) Nanso, ɛda adi sɛ, nnipa pii a wɔwɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no mfa wɔn ho nto Yehowa so sɛ wɔn abankɛse. Wɔpɛ ankasa sɛ wɔkɔ kɔdan Misraim ne Etiopia mmom, na wɔwɔ anidaso sɛ aman abien yi bɛbɔ wɔn ho ban wɔ Asiria ntua a ɛyɛ hu no mu. Wɔredi mfomso.

2 Yehowa nam ne diyifo Yesaia so bɔ kɔkɔ sɛ Misraim ne Etiopia nkyɛn a wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ ahobammɔ no de ɔhaw na ɛbɛba. Odiyifo no nsɛm a efi honhom mu no ma ne bere sofo no nya asuade a mfaso wɔ so, na asuade titiriw bi wom ma yɛn fa hia a ehia sɛ yenya Yehowa mu ahotoso no ho.

Mogya Asase

3. Ka sɛnea Asiria si sraadi so dua no ho asɛm.

3 Ná wonim Asiriafo yiye sɛ nkurɔfo a wɔn ho yɛ den wɔ ɔko mu. Ancient Cities nhoma no ka sɛ: “Ná wɔsom ahoɔden, na na wɔn abo, agyata, ne anantwi ahoni akɛse a wɔn nan soso, wɔwɔ akɔre ntaban, ne nnipa ti akɛse, na ahoɔden, akokoduru, ne nkonimdi yɛ wɔn agyiraehyɛde no nkutoo na wɔbɔ wɔn mpae. Ná akodi ne ɔman no adwuma titiriw, na na wɔn asɔfo no yɛ nkurɔfo a wɔkanyan ɔko daa.” Ntease wom sɛ Bible diyifo Nahum kaa Niniwe, Asiria ahenkurow, ho asɛm sɛ “mogya kurow.”—Nahum 3:1.

4. Ɔkwan bɛn so na Asiriafo maa ehu kaa aman foforo?

4 Ná ɔkwan a Asiriafo fa so ko no yɛ atirimɔden ankasa. Adwini a wodii saa mmere no mu no kyerɛ sɛnea Asiria akofo de akɔtɔkorɔ hyehyɛ nnommum hwenem ne wɔn anom de wɔn kɔ. Wɔde mpeaw sɛee nnommum no bi ani. Asɛm bi a wɔakurukyerɛw ka nkonim bi a Asiria asraafo dii a wotwitwaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no mu de yɛɛ siw abien wɔ kurow no akyi ho asɛm—siw biako yɛ nnipa ti, ɛnna biako nso yɛ nan ne nsa. Ná wɔde ogya hyew nnommum no mma. Ɛbɛyɛ sɛ osuro a atirimɔdensɛm a ɛte saa de baa nkurɔfo so no boaa Asiriafo no wɔ akodi mu, na amma nkurɔfo annya akokoduru annyina wɔn asraafo anim.

Ɔko a Etia Asdod

5. Ná hena ne Asiria sodifo a ɔyɛ den wɔ Yesaia bere so, na ɔkwan bɛn so na Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa ne ho no yɛ nokware?

5 Wɔ Yesaia bere so no, Asiria Ahemman no nyaa tumi a enni ano wɔ Ɔhene Sargon ase. * Mfe pii na akasatiafo agye akyinnye sɛ na sodifo a ɔte saa nni hɔ, efisɛ wɔmmɔ ne din wɔ wiase abakɔsɛm biara mu. Nanso, bere bi akyi no, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma huu Sargon ahemfie amamfõ, na edii Bible kyerɛwtohɔ no ho adanse.

6, 7. (a) Ɛda adi sɛ, dɛn nti na Sargon hyɛ ma wɔtow hyɛ Asdod so? (b) Ɔkwan bɛn so na Asdod asehwe nya aman a ɛbemmɛn Filistea no so nkɛntɛnso?

6 Yesaia ka Sargon sraadi mu ɔsatu ho asɛm tiawa sɛ: “Tartan baa Asdod, bere a Asiria hene Sargon somaa no na ɔne Asdod koe na ɔfae no.” (Yesaia 20:1) * Dɛn nti na Sargon hyɛ ma wɔtow hyɛ Filistifo kurow Asdod so? Ade biako ne sɛ, Filistea ne Misraim ayɛ apam, na Asdod, baabi a Dagon asɔrefie si no, da mpoano kwan a efi Misraim kɔ Palestina no so. Enti kurow no da baabi pa. Wobetumi abu ɛso nkonim a wobedi no sɛ ɔkwan titiriw a wɔnam so bedi Misraim so nkonim. Bio nso, Asiria kyerɛwtohɔ bɔ amanneɛ sɛ na Azuri, Asdod hene, repam Asiria tiri so. Enti, Sargon ma woyi ɔhene tuatewfo no fi hɔ, na ɔde ɔhene no nua kumaa, Ahimiti, si agua so. Nanso, ɛno nsiesie nsɛm. Atuatew foforo sɔre, na saa bere yi de, Sargon yɛ ade a anibere wom ankasa. Ɔhyɛ ma wɔtow hyɛ Asdod so, na wodi so nkonim. Ɛda adi sɛ, saa adeyɛ yi na Yesaia 20:1 reka ho asɛm no.

7 Asdod asehwe no ma aman a ɛbemmɛn no, titiriw Yuda, bɔ hu kɛse. Yehowa nim sɛ ne nkurɔfo no ayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkɔ akɔdan “ɔhonam nsa,” te sɛ Misraim anaasɛ Etiopia a ɛwɔ kesee fam no. Enti, ɔhyɛ Yesaia ma ɔde kɔkɔbɔ a emu yɛ den no ma wɔn.—2 Beresosɛm 32: 7, 8.

“Adagyaw ne Nammonhunu”

8. Nkɔmhyɛ kwan so adeyɛ a efi honhom mu bɛn na Yesaia di ho dwuma?

8 Yehowa ka kyerɛ Yesaia sɛ: “Kɔ na koyi atweaatam no fi w’asen mu, na san wo mpaboa fi wo nan ase.” Yesaia di Yehowa ahyɛde no so. “Na ɔyɛɛ saa de adagyaw ne nammonhunu nantewee.” (Yesaia 20:2) Atweaatam yɛ atade woserekaa bi a mpɛn pii no adiyifo na wɔhyɛ, na ɛtɔ mmere bi a ɛno na wɔhyɛ de kɔkɔbɔ bi ma. Wɔhyɛ no ahohia bere mu anaa bere a wɔate asɛm bɔne bi. (2 Ahene 19:2; Dwom 35:13; Daniel 9:3) So Yesaia nantew adagyaw mu ankasa, a ɔnhyɛ biribiara? Ɛnte saa ankasa. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “adagyaw” no betumi akyerɛ ntama a wɔde si asen anaa nhyɛase bi kɛkɛ nso. (1 Samuel 19:24, NW ase hɔ asɛm) Enti ebetumi aba sɛ na Yesaia ayi ne soro atade no ma aka nhyɛase a mpɛn pii no, wɔhyɛ ansa na wɔahyɛ soro de agu so no. Asiriafo taa di mmarima a wɔfa wɔn nnommum ho adwini wɔ saa kwan yi so.

9. Yesaia adeyɛ no ase ne dɛn wɔ nkɔmhyɛ kwan so?

9 Wɔkyerɛ ade soronko a Yesaia yɛ no ase: [Yehowa, “NW”] kae sɛ: Sɛnea m’akoa Yesaia nam adagyaw ne nammonhunu, na wayɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade mfensa Misraim ne Etiopia ho yi, saa ara nso na Asiria hene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia tukɔfo, mmerante ne mpanyin akɔ na wɔanantew adagyaw ne nammonhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.” (Yesaia 20:3, 4) Yiw, ɛrenkyɛ na wɔde Misrifo ne Etiopiafo akɔ nnommum mu. Obiara remfa ne ho nni. Wobegye “mmerante ne mpanyin”—mmofra ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim—ho nneɛma nyinaa, na wɔde wɔn akɔ nnommum mu. Yehowa nam sɛnkyerɛnne kwan so adeyɛ a ɛhaw adwene yi so bɔ Yudafo kɔkɔ sɛ sɛ wɔde wɔn ho to Misraim ne Etiopia so a, wobedi wɔn huammɔ. Saa aman yi asehwe na ɛbɛma wɔabɔ “adagyaw”—wɔbɛbrɛ wɔn ase koraa!

Anidaso Sa, Ahoɔfɛ Yera

10, 11. (a) Dɛn na Yudafo bɛyɛ bere a wobehu sɛ Misraim ne Etiopia ntumi nnyina Asiria anim no? (b) Dɛn nti na Yudafo betumi anya adwene sɛ wɔde wɔn ho bɛto Misraim ne Etiopia so?

10 Nea edi hɔ no, Yehowa ka ade a ne nkurɔfo bɛyɛ bere a wohu sɛ Misraim ne Etiopia, baabi a wɔn ani da so sɛ wobeguan akɔhwehwɛ ahobammɔ no ntumi nnyina Asiriafo anim no ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so. “Wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da so ne Misraim a ɛyɛ wɔn anuonyam no ho, na ɛpo yi anofo bɛka ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛ yɛn anidaso a yeguan kɔdɔɔ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asiria hene anim no te ni! Na afei yɛn de, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafi mu?”—Yesaia 20:5, 6.

11 Sɛ wɔde Yuda toto aman a wɔwɔ tumi te sɛ Misraim ne Etiopia ho a, ɛte sɛ mpoano asase ketewaa bi. Ebia Misraim ahoɔfɛ—n’abodan akɛse a ɛyɛ nwonwa, n’asɔrefie atenten, n’asikafo atrae akɛse a nturo, nnuaba, ne atare atwa ho ahyia no—na ɛdaadaa ‘mpoano asase yi’ sofo binom. Misraim adan fɛfɛ no ma ɛyɛ sɛ nea asomdwoe ne ahobammɔ wɔ hɔ. Nokwarem no, ɛte sɛ nea obiara ntumi nsɛe saa asase yi! Akyinnye biara nni ho sɛ, Etiopia bɛmmatofo, nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefo no nso ma Yudafo ho dwiriw wɔn.

12. Hena na ɛsɛ sɛ Yudafo nya ne mu ahotoso?

12 Esiane kɔkɔbɔ a Yesaia nam ɔyɛkyerɛ so de ama ne Yehowa nkɔmhyɛ nsɛm no nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho to Misraim ne Etiopia so no susuw nneɛma ho anibere so. Hwɛ sɛnea eye sɛ anka wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so mmom asen nnipa! (Dwom 25:2; 40:4) Bere a nsɛm no ba mu no, Yuda hu amane kɛse wɔ Asiria hene nsam, na akyiri yi, wohu sɛ Babilon sɛe wɔn asɔrefie ne wɔn ahenkurow no. Nanso, “abupɛn du,” “asefo kronkron” bi ka, te sɛ odupɔn bi dunsin. (Yesaia 6:13) Sɛ bere no du a, Yesaia asɛm no bɛhyɛ saa kuw ketewa a wɔkɔ so de wɔn ho to Yehowa so no den kɛse!

Fa Wo Ho To Yehowa So

13. Ɔhaw bɛn na nnipa nyinaa—gyidifo ne wɔn a wɔnyɛ gyidifo—hyia nnɛ?

13 Kɔkɔbɔ a ɛwɔ Yesaia a ɛfa Misraim ne Etiopia mu ahotoso a ɛbɛdan adehunu ho no nyɛ abakɔsɛm hunu bi kɛkɛ. Mfaso wɔ so ma yɛn nnɛ. Yɛte “mmere a emu yɛ den” mu. (2 Timoteo 3:1) Ɛnyɛ wɔn a wɔpo Onyankopɔn tumidi nko na sikasɛm mu ahokyere, ohia buruburoo, amammui ne ɔman mu basabasayɛ, ne akodi nketewa ne akɛse ma wɔn ho hia wɔn, na mmom, wɔn a wɔsom Yehowa nso. Asɛm a ɛsɛ sɛ obiara bisa ne sɛ, ‘Hena nkyɛn na mɛkɔ akɔhwehwɛ mmoa?’

14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa nkutoo so?

14 Ebia ebinom ani betumi agye ka a sika ho abenfo, amammuifo, ne nyansahufo ka sɛ wɔnam wɔn nyansahu ne mfiridwuma mu nimdeɛ so bedi adesamma haw ahorow ho dwuma no ho. Nanso, Bible ka no pefee sɛ: “Eye sɛ wɔkɔdɔ [Yehowa, NW] sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto ahene so.” (Dwom 118:9) Nhyehyɛe biara a nnipa yɛ sɛ wɔbɛma asomdwoe ne ahobammɔ aba no bedi nkogu, na odiyifo Yeremia kaa nea enti a ɛte saa ho asɛm ma ɛfatae sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.”—Yeremia 10:23.

15. Ɛhe na adesamma a wɔahaw anidaso koro pɛ no wɔ?

15 Enti, ɛho nhia sɛ Onyankopɔn asomfo kyerɛ wiase yi ahoɔden ne nyansa bi ho anigye wɔ ɔkwan a ɛmfata so. (Dwom 33:10; 1 Korintofo 3:19, 20) Ɔbɔadeɛ, Yehowa, nsam na anidaso koro pɛ a ɛwɔ hɔ ma adesamma a wɔahaw no wɔ. Wobegye wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no. Sɛnea honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛwee no, “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Abakɔsɛm akyerɛwfo ka saa ɔhene yi ho asɛm sɛ Sargon II. Na ɔhene a odi kan a wɔfrɛ no “Sargon I” no nyɛ Asiria hene, na mmom na ɔyɛ Babilon hene.

^ nky. 6 “Tartan” nyɛ din, na mmom, abodin a wɔde frɛ Asiria asraafo panyin a ɛda adi sɛ ɔne obi a ɔto so abien a ɔwɔ tumi sen biara wɔ ahemman no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 209]

Asiriafo furafuraa wɔn nnommum no bi ani

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 213]

Ebia ebinom bɛkyerɛ nneɛma a nnipa atumi ayɛ ho anigye, nanso eye sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so