Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Momma Yenni Asɛm’

‘Momma Yenni Asɛm’

Ti Abiɛsa

‘Momma Yenni Asɛm’

Yesaia 1:10-31

1, 2. Henanom na Yehowa de Yerusalem ne Yuda ahemfo ne ɔman no toto wɔn ho, na adɛn nti na eyi fata?

ƐBƐYƐ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛpɛ biribi ayi wɔn ho ano bere a woyii wɔn ntɛn wɔ Yesaia 1:1-9 no. Akyinnye biara nni ho sɛ na wɔbɛhoahoa wɔn ho aka sɛ wɔbɔ afɔre pii ma Yehowa. Nanso nkyekyem 10 kosi 15 ma yehu nsɛm a Yehowa de bɔɔ adwene a ɛte saa gui. Efi ase sɛ: “Muntie [Yehowa, “NW”] asɛm, Sodom atitiriw, monyɛ aso mma yɛn Nyankopɔn mmara, Gomora man.”—Yesaia 1:10.

2 Ɛnyɛ nna mu ɔbrasɛe nkutoo nti na wɔsɛee Sodom ne Gomora, na mmom ahantan ne wɔn komaden nso ntia. (Genesis 18:20, 21; 19:4, 5, 23-25; Hesekiel 16:49, 50) Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a Yesaia kasa kyerɛɛ wɔn no ho bedwiri wɔn sɛ wɔde wɔn totoo nkurow a na wɔadome wɔn ho. * Nanso na Yehowa nim sɛnea ne man te ankasa, na Yesaia angow Nyankopɔn asɛm mu sɛnea ‘ɛbɛyɛ dɛ wɔ wɔn asom.’—2 Timoteo 4:3.

3. Bere a Yehowa kae sɛ nkurɔfo no afɔre ‘afono no’ no, na ɔkyerɛ dɛn, na adɛn nti na ɛte saa?

3 Hwɛ sɛnea na Yehowa te nka wɔ ɔsom mu amanne a na ne nkurɔfo yɛ no ho. “Mo afɔre dodow yɛ me dɛn? [Yehowa, “NW”] na ose. Adwennini hyew afɔre ne nyɛmmoa srade afono me, na anantwi ne nguammaa ne mpapo mogya, ɛnsɔ m’ani.” (Yesaia 1:11) Na nkurɔfo no werɛ afi sɛ ɛnyɛ wɔn afɔre nti na Yehowa wɔ hɔ. (Dwom 50:8-13) Onhia nea nnipa de bɛma no biara. Enti sɛ nkurɔfo no susuw sɛ wɔde wɔn afɔrebɔ a emfi komam no reyɛ Yehowa adom a, na wɔredi mfomso. Yehowa de kasakoa a emu yɛ duru dii dwuma. Yebetumi akyerɛ “afono me” ase ɔkwan foforo so sɛ “mamee aboro so” anaa “ahyɛ m’afuru.” Woahu obi a wadidi aboro so ma afei aduan bɔn no pɛn? Saa na Yehowa tee nka wɔ afɔrebɔ a ɛte saa ho—na ɛbɔn no!

4. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 1:12 da no adi sɛ na Yerusalem asɔrefie a nnipa no kɔ nyinaa yɛ kwa?

4 Yehowa toa so sɛ: “Sɛ moba abepue m’anim a, hena na ose ɔhwehwɛ sɛ mubetiatia m’abangua so?” (Yesaia 1:12) Ɛnyɛ Yehowa ankasa mmara na na ɛse nkurɔfo ‘mmepue n’anim,’ kyerɛ sɛ wɔnkɔ n’asɔrefie hɔ wɔ Yerusalem? (Exodus 34:23, 24) Saa na na ɛte, nanso wɔmaa no bɛyɛɛ amanne bi kɛkɛ, ɔsom mu adeyɛ bi a na emfi wɔn komam. Na Yehowa bu n’asɔrefie a wɔkɔ daa no sɛ ‘wɔretiatia’ n’adihɔ, kyerɛ sɛ wɔresɛe fam hɔ kwa.

5. Ɔsom mu nneɛma bɛn na na Yudafo no yɛ, na adɛn nti na eyinom bɛyɛɛ ‘adesoa’ maa Yehowa?

5 Yehu nea enti a afei Yehowa ka nsɛm anibere so no! “Monnkɔ so mmfa ayɛyɛde hunu mmma; aduhuam yɛ me akyide. Ɔsram foforo ne homeda, ne gua a mobɔ no: mintumi nhwɛ amumɔyɛ ne nhyiam kronkron. Mo asram foforo no ne mo afahyɛ no, me kra kyi; ɛyɛ me ɔhaw, emu kura apurow me.” (Yesaia 1:13, 14) Ayɛyɛde, aduhuam, Homeda, ne nhyiam kronkron no nyinaa yɛ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no fã. Ɛdefa “asram foforo” ho no, Mmara no kaa no tiawa sɛ wɔnhyɛ ho fã, nanso bere kɔɔ so no, wɔde amanne ahorow bɛbataa ho a na mfomso biara nnim. (Numeri 10:10; 28:11) Wɔmaa ɔsram foforo no bɛyɛɛ te sɛ homeda a wodi no bosome biara ma enti na nkurɔfo nyɛ adwuma, na na wohyiam mpo ma adiyifo ne asɔfo no kyerɛkyerɛ wɔn. (2 Ahene 4:23; Hesekiel 46:3; Amos 8:5) Na mfomso biara nnim sɛ wɔbɛyɛ saa. Nanso asɛm no ne sɛ wɔmaa no bɛyɛɛ ani so adeyɛ bi kɛkɛ. Bio nso na Yudafo no de wɔn ho hyehyɛ “amumɔyɛ” anaa ahonhonsɛmdi mu bere a wɔreyɛ amanne a Onyankopɔn Mmara hwehwɛ no. * Enti na Yehowa bu wɔn som sɛ ‘adesoa’ bi ma no.

6. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘brɛe’?

6 Nanso ɔkwan bɛn so na biribi betumi “apurow” Yehowa? Anyɛ hwee koraa no, ‘ɔwɔ tumi ne ahoɔden pii . . . Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw.’ (Yesaia 40:26, 28) Yehowa de kasakoa bi na edii dwuma na yɛatumi ahu sɛnea ɔte nka. Woasoa nneɛma duruduru bi atwa kwantenten bi pɛn, a wo yam a, anka wobɛsoɛ ato baabi? Saa na na Yehowa te nka bere a ohuu nkurɔfo no nkontompo som no.

7. Adɛn nti na Yehowa kae sɛ ɔrentie ne manfo mpae bio?

7 Afei Yehowa dan adwene si ɔsom mu adeyɛ bi a ɛho hia paa so. “Sɛ motrɛw mo nsam a, meyi m’ani mahintaw mo; nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie: mogya ayɛ mo nsa mama.” (Yesaia 1:15) Sɛ obi trɛw ne nsa mu ma so kɔ soro a, ɛkyerɛ sɛ ɔrebɔ mpae asrɛ biribi. Yehowa bu no sɛ mfaso nni so efisɛ na mogya ayɛ nkurɔfo no nsam mama. Ná nsɛmmɔnedi abu so wɔ asase no so. Ná wɔhyɛ ahiafo so wɔ baabiara. Sɛ amumɔyɛfo pɛsɛmenkominyafo a wɔte saa bɔ Yehowa mpae srɛ ne nhyira a, obu no atantanne. Enti Yehowa kae sɛ, “Merentie”!

8. Mfomso bɛn na Kristoman di nnɛ, na ɔkwan bɛn so na Kristofo bi tɔ asiane a ɛte saa mu?

8 Saa na nnɛ nso, Onyankopɔn ani nsɔ mpaehunu a Kristoman tĩ mu bɔ no daa ne nneɛma foforo a wɔfrɛ no ‘nyame-dwuma’ no. (Mateo 7:21-23) Ɛho hia ankasa sɛ yɛhwɛ yiye na yɛn som ammɛyɛ saa. Ɛtɔ da bi a, Kristoni bi de ne ho bɛhyɛ bɔne a anibere wom mu na wasusuw sɛ sɛ ɔkata nea ɔreyɛ no so, na ɔyere ne ho wɔ Kristofo asafo no mu a, Yehowa bebu n’ani agu ne bɔne no so. Nanso Yehowa ani nsɔ nkɔnkɔnsa som a ɛte saa. Sɛnea nkyekyem a edidi so wɔ Yesaia nhoma no mu kyerɛ no, ɔkwan biako pɛ na obi betumi afa so anya honhom mu ayaresa.

Honhom mu Ayaresa

9, 10. Ɔkwan bɛn so na ahotew ho hia wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu?

9 Afei Yehowa, ahummɔbɔ Nyankopɔn no, sesa ne nne ma afei ɔhyɛ wɔn nkuran. “Munguare, munnwira mo ho. Munyi mo nneyɛe mu bɔne mfi m’ani so, munnyae bɔneyɛ. Munsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntrenee, monteɛ omimfo so, munni mma ayisaa, na mompere [nnye] okunafo.” (Yesaia 1:16, 17) Yehu nneɛma akron a Yehowa hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ wɔ ha. Anan a edi kan no fa nneɛma bɔne bi a ɛsɛ sɛ wosiesie no yiye ho; anum a etwa to no yɛ nneɛma pa a ɛbɛma wɔanya Yehowa nhyira.

10 Ɔsom kronn mu adetitiriw a ɛho hia bere nyinaa ne ahotew. (Exodus 19:10, 11; 30:20; 2 Korintofo 7:1) Nanso Yehowa hwehwɛ sɛ ahotew kɔ akyiri kodu n’asomfo komam. Nea ɛho hia paa ne abrabɔ ne honhom fam ahotew, na eyi na Yehowa twe adwene si so. Ahyɛde abien a edi kan wɔ nkyekyem 16 no nyɛ ade koro. Hebri kasa mmara ho nimdefo bi kaa sɛ ahyɛde a edi kan, “munguare,” no yɛ biribi a obi di kan yɛ na ne ho atew, na nea ɛto so abien, “munnwira mo ho [momma mo ho ntew, NW],” kyerɛ mmɔden a obi bɛbɔ no daa na ama ne ho atew.

11. Sɛ yɛpɛ sɛ yedi bɔne so a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ da?

11 Biribiara nni hɔ a yebetumi de asie Yehowa. (Hiob 34:22; Mmebusɛm 15:3; Hebrifo 4:13) Enti n’ahyɛde a ɛse “Munyi mo nneyɛe bɔne mfi m’ani so” no kyerɛ ade biako pɛ—sɛ wonnyae bɔne yɛ. Eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde bɔne a anibere wom sie, efisɛ saa a yɛbɛyɛ no ankasa nso yɛ bɔne. Mmebusɛm 28:13 bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Nea ɔkata ne mmarato so no, ɔrenkyẽ ade, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.”

12. (a) Adɛn nti na ɛho hia sɛ ‘yesua papayɛ’? (b) Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo titiriw de akwankyerɛ a ɛne sɛ ‘yɛnhwehwɛ atɛntrenee’ na ‘yɛnteɛ omimfo so’ no bedi dwuma?

12 Yebetumi asua pii afi nneɛma pa a Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnyɛ wɔ Yesaia ti 1, nkyekyem 17 no mu. Hyɛ no nsow sɛ ɔnka kɛkɛ sɛ “monyɛ papa,” na mmom ‘munsua papayɛ.’ Sɛ yebehu nea ɛsɔ Nyankopɔn ani na yɛayɛ a, ehia sɛ yɛn ankasa sua N’asɛm no. Bio nso, Yehowa nka kɛkɛ sɛ “mummu atɛntrenee” mmom ‘monhwehwɛ atɛntrenee.’ Ehia sɛ mpanyimfo a wɔn ho akokwa mpo pɛɛpɛɛ Nyankopɔn Asɛm mu yiye na wɔahu ɔkwampa a wɔbɛfa so adi nsɛnnennen bi. Ɛyɛ wɔn asɛyɛde nso sɛ ‘wɔbɛteɛ omimfo’ so, sɛnea Yehowa ka toaa so no. Ahyɛde yi ho hia ma Kristofo nguanhwɛfo nnɛ, efisɛ wɔpɛ sɛ wɔbɔ nguan no ho ban fi “mpataku bɔne” ho.—Asomafo no Nnwuma 20:28-30.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi de ahyɛde a wɔde ma faa nyisaa ne akunafo ho no adi dwuma nnɛ?

13 Ahyɛde abien a etwa to no fa Nyankopɔn nkoa a wɔn ho taa kam paa no ho—nyisaa ne akunafo. Wiase no taa sisi nnipa a wɔte saa; ɛnsɛ sɛ Nyankopɔn nkurɔfo yɛ saa. Mpanyimfo a wɔdɔ wɔn nguan ‘di ma’ nyisaa a wɔwɔ asafo no mu no, na wɔboa wɔn ma wonya atɛntrenee ne ahobammɔ wɔ wiase a asisi ne ɔbrasɛe ahyɛ no ma mu. Mpanyimfo ‘pere ma’ okunafo anaa, sɛnea Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma no betumi akyerɛ no, ‘woku’ wɔn ho ma no. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristoni biara yɛ guankɔbea a ahiafo a wɔwɔ yɛn mu no betumi anya awerɛkyekye ne atɛntrenee, efisɛ wɔsom bo ma Yehowa.—Mika 6:8; Yakobo 1:27.

14. Nkuranhyɛsɛm bɛn na ɛwɔ Yesaia 1:16, 17?

14 Hwɛ sɛnea ahyɛde akron a Yehowa de mae yi si pi na ɛhyɛ nkuran! Ɛtɔ da bi a wɔn a wɔyɛ bɔne no bɛka sɛ wontumi nyɛ biribi papa biara da. Adwene a ɛte saa nhyɛ nkuran. Ɛyɛ mfomso mpo sɛ wobesusuw saa. Yehowa nim—na ɔpɛ sɛ yɛn nso yehu—sɛ ɛdenam Ne mmoa so no, ɔbɔnefo biara betumi agyae ne bɔne, asesa abɛyɛ papa.

Ɔkrɔkrɔɔ Wɔn

15. Ɔkwan bɛn so na ɛtɔ da bi a ebinom kyea asɛm ‘mommra mma yenni asɛm,’ na dɛn na ɛkyerɛ ankasa?

15 Afei Yehowa da no adi sɛ ne mmɔborohunu kɔ akyiri sen nea yɛahu mpo. “Mommra mma yenni ɛ, [Yehowa, “NW”] na ose; sɛ mo bɔne te sɛ dammaramma a, ɛbɛhoa sɛ sukyerɛma, sɛ ɛbere sɛ nkranhoma a, ɛbɛyɛ sɛ oguan nhwi.” (Yesaia 1:18) Mpɛn pii no, ebinom nte asɛm a wɔka de firii nkyekyem dɛdɛ yi ase no ase. Sɛ nhwɛso no, The New English Bible no ka sɛ, “Momma yɛntoa nsɛm”—te sɛ nea ɛsɛ sɛ afanu no mu biara gyae nsɛm mu ma ntease ba. Ɛnte saa koraa! Yehowa nnii mfomso ketewa bi mpo wɔ ɔne asobrakyefo nyaatwomfo yi nsɛnnii mu. (Deuteronomium 32:4, 5) Nea nkyekyem no ka ho asɛm no nyɛ atipɛnfo ntam asɛm bi a wosiesie, na mmom asɛm a wɔredi de ama atɛntrenee ada adi. Ɛte sɛ nea Yehowa reka akyerɛ Israelfo no sɛ wɔne no nni asɛm wɔ asɛnnibea.

16, 17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔde bɔne a anibere wom mpo befiri?

16 Ebia wubesusuw sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne ho mmusu sɛ ɔne Yehowa bedi asɛm, nanso ɔyɛ Ɔtemmufo a ɔwɔ mmɔborohunu ne ayamhyehye. Obiara nni hɔ a otumi de asɛm firi sen no. (Dwom 86:5) Ɔno nkutoo na obetumi ahohoro Israelfo bɔne a ɛte sɛ “dammaramma” no ma ‘ahoa sɛ sukyerɛma.’ Nnipa mmɔdenbɔ, nnwuma, afɔrebɔ, anaa mpaebɔ biara nni hɔ a ebetumi ayi bɔne ho nkekae afiri hɔ. Yehowa fafiri nkutoo na ebetumi ahohoro bɔne. Onyankopɔn da fafiri a ɛte saa adi bere a ɔpɛ, te sɛ bere a obi kyerɛ ahonu a efi komam.

17 Nokwasɛm yi ho hia araa ma Yehowa san nwene asɛm no ɔkwan foforo so—sɛ wɔn bɔne bere sɛ “nkranhoma” a, ɛbɛyɛ sɛ oguan nhwi fitaa. Yehowa pɛ sɛ yehu sɛ ɔyɛ Obi a ɔde bɔne firi ankasa, bɔne a anibere wom mpo, bere tenten a ohu sɛ yɛakyerɛ ahonu a edi mũ no. Ɛbɛyɛ papa sɛ wɔn a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye adi sɛ Yehowa betumi de wɔn bɔne afiri wɔn no susuw obi te sɛ Manase ho. Ɔyɛɛ bɔne a ɛyɛ abofono ankasa—mfe pii. Nanso onuu ne ho maa wɔde firii no. (2 Beresosɛm 33:9-16) Yehowa pɛ sɛ obiara, a wɔn a wɔayɛ bɔne a anibere wom ka ho, hu sɛ ɛnkaa akyi dodo sɛ wɔne no ‘bedi asɛm.’

18. Ɛdɛn na Yehowa de si ne nkoa asobrakyefo no anim sɛ wonyi mu biako?

18 Yehowa kaee ne nkurɔfo sɛ nneɛma abien wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔpaw biako. “Sɛ mopɛ na mutie a, mubedi asase so nnepa; na sɛ moampene na motew atua a, afoa bɛsɛe mo; na [Yehowa, “NW”] ano na aka.” (Yesaia 1:19, 20) Yehowa si nneyɛe so dua wɔ ha, na ɔde kasakoa foforo a emu da hɔ di dwuma de twe adwene si n’asɛm no so. Nea na esi Yuda anim a ɛsɛ sɛ woyi mu biako ni: Sɛ́ wobedi nnepa a ɛwɔ hɔ no anaa biribi bedi wɔn nam. Sɛ wɔyɛ aso ma Yehowa asɛm a, wobedi asase no so nnepa. Nanso sɛ wɔkɔ so sen wɔn kɔn a, biribi bedi wɔn nam—wɔn atamfo afoa! Ɛyɛ den sɛ wobɛte ase sɛ nnipa bi bɛpɛ sɛ wowu wɔ wɔn atamfo afoa ano sen sɛ wobenya Nyankopɔn mmɔborohunu ne fafiri a ɛdɔɔso no. Nanso saa na na ɛte wɔ Yerusalem fam sɛnea nkyekyem a edidi so wɔ Yesaia nhoma no mu kyerɛ no.

Otwa Kurow a Ne Koma Da So Ho Kwadwom

19, 20. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa no adi sɛ wɔadi no huammɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na na ‘trenee ankasa te Yerusalem’?

19 Yehu nneyɛe bɔne a ɛkɔɔ so wɔ Yerusalem saa bere no yiye wɔ Yesaia 1:21-23. Afei honhom ka Yesaia ma ɔkyerɛw kurow no ho kwadwom, otwa adwo: “Ɛdɛn na kurow nokwafo adan aguaman yi? Anka atemmu ayɛ no ma, trenee nso te mu, na afei de awudifo nko!”—Yesaia 1:21.

20 Hwɛ sɛnea kurow no, Yerusalem, ahwe ase! Kurow a bere bi na ɛyɛ ɔbea a odi nokware ma ne kunu no abɛyɛ tuutuuni seesei. Dɛn na ebetumi akyerɛkyerɛ huammɔdi a Yehowa te nka no mu asen eyi? Ɛbere bi na ‘trenee ankasa te’ kurow no mu. Bere bɛn? Wiɛ, ansa na Israel rebɛyɛ ɔman, wɔ Abraham bere so mpo no, na kurow no de Salem. Na ɔbarima bi a ɔyɛ ɔhene san yɛ ɔsɔfo na odi so. Ne din Melkisedek no ase ne ‘Trenee Hene,’ na ɛda adi sɛ na ɛfata no ankasa. (Hebrifo 7:2; Genesis 14:18-20) Melkisedek akyi bɛyɛ mfe 1,000 no, Yerusalem benyaa anuonyam kɛse wɔ Ɔhene Dawid ne Ɔhene Salomo bere so. Na ‘trenee ankasa te mu’ titiriw bere a n’ahemfo yɛɛ nhwɛso pa maa nkurɔfo no faa Yehowa kwan so no. Nanso ebeduu Yesaia bere so no, na bere a ɛte saa no adan abakɔsɛm.

21, 22. Ɛdɛn na wɔde dwetɛ fĩ ne nsã a wɔafra mu yɛɛ ho sɛnkyerɛnne, na adɛn nti na mfatoho yi fata Yuda man akannifo no?

21 Ɛkame ayɛ sɛ wɔn a na wodi nnipa no anim no ka ho bi na tebea no baa saa. Yesaia kɔ so di abooboo sɛ: “Wo dwetɛ adan fĩ, wo nsã pa, wɔde nsu afra mu. Wo mansohwɛfo yɛ mansotwefo ne awifo nnamfo; wɔn nyinaa pɛ adanmude na wodi akatua akyi; wonni mma nyisaa, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.” (Yesaia 1:22, 23) Ɔde mfatoho abien di dwuma toatoa so de siesie yɛn adwene ma nea edi hɔ. Sika dwumfo a ɔwɔ n’atonnan mu nan dwetɛ yi mu fĩ gu. Israel mmapɔmma ne atemmufo te sɛ dwetɛ mu fĩ, ɛnyɛ dwetɛ no ankasa. Ɛsɛ sɛ wɔtow wɔn gu. Wɔte sɛ nsã a wɔde nsu afra mu asɛe no, wɔn ho nni mfaso biara. Nea wobetumi ayɛ nsã a ɛte saa ara ne sɛ wɔbɛtow agu!

22 Nkyekyem 23 kyerɛ nea enti a mfatoho a ɛte saa fata akannifo no. Mose Mmara no maa Nyankopɔn nkurɔfo so, na wɔbɛdaa nsow koraa wɔ aman a aka no ho. Sɛ nhwɛso no, Mmara no hyɛe sɛ wɔmmɔ nyisaa ne akunafo ho ban. (Exodus 22:22-24) Nanso Yesaia bere so no, na nyisaa nni anidaso biara sɛ wobenya atɛmpa. Akunafo de, na wonnya obi mpo a obetie wɔn asɛm, na kampɛsɛ nea obegyina wɔn akyi. Na atemmufo ne atumfoɔ no dwene wɔn yiyedi nkutoo ho—adanmugye ne akyɛde, na wodi maa awifo, a nea na ɛkyerɛ ne sɛ wɔbɔ nsɛmmɔnedifo ho ban ma ahiafo hu amane. Nea na ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ na wɔyɛ “mansotwefo” a wɔasen wɔn kɔn wɔ bɔne mu. Hwɛ awerɛhosɛm!

Yehowa Bɛtew Ne Nkoa Ho

23. Adwene bɛn na Yehowa da no adi wɔ n’atamfo ho?

23 Na Yehowa renhwɛ mma nneyɛe bɔne yi nkɔ so daa. Yesaia toa so sɛ: “Enti Awurade, asafo [Yehowa, “NW”], Israel tumfoɔ no, asɛm ni: Ao, meyi m’abufuhyew makyerɛ m’ahohiafo, na medi me were m’atamfo so.” (Yesaia 1:24) Wɔama Yehowa abodin abiɛsa wɔ ha de asi so dua sɛ ɔno ne amansan hene a ne tumi nni ano. Teɛ a ɔteɛm sɛ “Ao” no betumi akyerɛ sɛ Yehowa mmɔborohunu nyinaa akyi no, ɔde anibere bɛtwe wɔn aso. Ɛda adi sɛ ntease bi nti na ɔyɛ saa.

24. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ ɔbɛsɔn ne nkoa so?

24 Yehowa ankasa nkoa bɛdanee n’atamfo. Ɛyɛ ne kwan so sɛ ɔtwe wɔn aso. Yehowa ‘beyi’ wɔn afi n’ani so. Enti na eyi kyerɛ sɛ ɔbɛpopa ne man a ne din da wɔn so no afi hɔ koraa anaa? Dabi, efisɛ Yehowa toa so sɛ: “Na mɛdan me nsa maba wo so, na mede gyakisi mɛnan wo mayi wo mu fĩ, na mayi wo sumpii mfrafrae nyinaa makɔ.” (Yesaia 1:25) Yehowa de ɔkwan a wɔfa so nan sika yi mu fĩ no yɛ mfatoho wɔ ha. Tete no na sika dwumfo taa de gyakisi ka nneɛma foforo ho na ɔde ayi fĩ afi sika a wanan mu. Saa ara nso na Yehowa ammu ne nkoa sɛ gyama papa biara nnim, enti ‘ɔteɛ wɔn so sɛnea ɛfata.’ Wɔn mu nea ‘asɛe’—asobrakyefo a wɔasisi wɔn aso—no nkutoo na obeyi wɔn agu. * (Yeremia 46:28) Bere a Yesaia kaa saa asɛm yi no, na ɛyɛ hokwan a wanya sɛ ɔbɛkyerɛw biribi a ebesi daakye.

25. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa sɔnee ne nkoa so wɔ afe 607 A.Y.B. mu? (b) Bere bɛn na Yehowa sɔnee ne nkoa so wɔ yɛn bere yi so?

25 Yehowa sɔnee ne nkoa so yiyii akannifo a wɔaporɔw ne asoɔdenfo a wɔaka no fii mu sɛnea na waka ato hɔ no. Yesaia nna akyi bere tenten bi wɔ 607 A.Y.B. mu no, wɔsɛee Yerusalem, na wɔde emu nnipa kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon mfe 70. Ɔkwan bi so no, eyi ne biribi a Nyankopɔn yɛɛ no akyiri yi di nsɛ. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Malaki 3:1-5, a wɔkyerɛw no Babilon nnommumfa akyi bere tenten no, daa no adi sɛ Nyankopɔn bɛsan asɔn ne nkoa so. Ɛkyerɛɛ bere a Yehowa Nyankopɔn bɛba ne honhom mu asɔrefie a ‘n’apam bɔfo,’ Yesu Kristo, ka ne ho. Adanse kyerɛ sɛ eyi sii wɔ Wiase Ko I awiei. Yehowa bɛhwɛɛ wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa, na oyiyii anokwafo no fi atorofo no mu. Dɛn na efii mu bae?

26-28. (a) Bere bɛn na Yesaia 1:26 nyaa ne mmamu a edi kan? (b) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ yi anya mmamu wɔ yɛn bere so? (d) Ɔkwan bɛn so na nkɔmhyɛ yi betumi aboa mpanyimfo nnɛ?

26 Yehowa bua sɛ: “Mɛdan w’atemmufo mama wo sɛ kan no, ne w’afotufo sɛ mfiase no; ɛno ansa na wɔbɛfrɛ wo: Trenee man, nokware kurow. Wɔde atemmu begye Sion, na wɔde trenee agye ne mma a wɔsan ba.” (Yesaia 1:26, 27) Nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu a edi kan wɔ tete Yerusalem. Bere a wofii nkoasom mu san baa wɔn kurow a na wɔn ani agyina mu wɔ afe 537 A.Y.B. no, wɔsan nyaa atemmufo ne afotufo anokwafo te sɛ kan no. Adiyifo Hagai ne Sakaria, ɔsɔfo Yosua, ɔkyerɛwfo Esra, ne amrado Serubabel de akwankyerɛ maa nkaefo anokwafo a na wɔasan aba no na wɔatumi afa Nyankopɔn kwan so. Nanso nkɔmhyɛ no mmamu a ehia paa sii wɔ afeha a ɛtɔ so 20 mu.

27 Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ fii sɔhwɛ a ɛbaa wɔn so no mu fii wɔ 1919 mu. Wɔgyee wɔn fii Babilon Kɛse, wiase atorosom ahemman, no nkoasom mu. Nsonsonoe a ɛda nkaefo anokwafo a wɔasra wɔn ne Kristoman asɔfo a wɔawae mu no bɛdaa adi pefee. Ɛha nso Onyankopɔn hyiraa ne nkoa maa ‘wɔsan nyaa atemmufo ne afotufo’—mmarima anokwafo a wɔde Nyankopɔn Asɛm tu n’asomfo fo na ɛnyɛ nnipa atetesɛm. Ɛnnɛ, “kuw ketewa” a wɔn so kɔ so huan ne wɔn mfɛfo “nguan foforo” ɔpehaha pii mu no, yɛwɔ mmarima a wɔte saa mpempem pii wɔ hɔ.—Luka 12:32; Yohane 10:16; Yesaia 32:1, 2; 60:17; 61:3, 4.

28 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo ma no tra wɔn adwenem sɛ ɛtɔ da bi a, wɔsom sɛ ‘atemmufo’ de bɔ asafo no ho ban na abrabɔ fam anaa honhom fam nkekae bɔne biara amma mu, na wɔhwɛ teɛteɛ abɔnefo. Ɛyɛ wɔn botae sɛ wɔbɛfa Nyankopɔn kwan so, asuasua ne mmɔborohunu ne n’atɛntrenee a ɛkari pɛ no. Nanso mpɛn pii no wɔsom sɛ ‘afotufo.’ Enti wɔkwati adehyesɛm ne anipoopoo, na wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔrenyɛ biribiara a ɛbɛkyerɛ sɛ “wɔredi wɔn a wɔyɛ Nyankopɔn agyapade no so bakoma.”—1 Petro 5:3, NW.

29, 30. (a) Ɛdɛn na Yehowa kaa sɛ ɛbɛba wɔn a wɔamma kwan amma wɔansɔn wɔn so no so? (b) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo no ‘ani wuu’ wɔn nnua ne wɔn nturo no ho?

29 Na ‘dwetɛ fĩ’ a wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ mu no nso ɛ? Ɛdɛn na ɛba wɔn a wɔamma Nyankopɔn ansɔn wɔn so no so? Yesaia toa so sɛ: “Na wɔbɛdwɛre mmaratofo ne nnebɔneyɛfo prɛko, na wɔn a wogyaw [Yehowa, “NW”] no bɛhyew. Na mo ani bewu nnupɔn a mo ani gyee ho no ho, na moafɛre nturo a mopawee no ho.” (Yesaia 1:28, 29) Nokwarem no, wɔn a wɔsen wɔn kɔn yɛɛ bɔne tiaa Yehowa, na wobuu wɔn ani guu kɔkɔbɔ a n’adiyifo de mae so kosii sɛ ɛkaa akyi dodo no, ‘wɔdwɛree’ wɔn ‘hyew’ wɔn. Eyi sii afe 607 A.Y.B. mu. Na nnupɔn ne nturo a wɔkaa ho asɛm no nso kyerɛ dɛn?

30 Yudafo no som abosom araa ma na wontumi nnyae. Mpɛn pii no, na nnua, nturo, ne nkyɛkyerɛ di akoten wɔn abosonsom mu. Sɛ nhwɛso no, na Baal ne ne hokafo Astoret asomfo gye di sɛ ɛpɛ si a, na anyame abien no awu ma wɔasie wɔn. Nea ɛbɛyɛ na anyame yi anyan na ɔbea ne barima no ahyia ma nnɔbae aba no, na abosonsomfo no hyia nnua “kronkron” ase wɔ wuram anaa nturo mu de wɔn ho hyɛ nna mu adapaade mu. Sɛ nsu tɔ na nnɔbae ba a, na wɔde ɛho aseda ma atoro anyame no; na eyi hyɛɛ abosonsomfo no den ma wokuraa wɔn gyidihunu no mu. Nanso bere a Yehowa dwɛree saa abosonsomfo komadenfo no, ahoni a wɔsom wɔn no mu biara antumi annye wɔn. Saa awaefo yi ‘ani wuu’ nnua ne nturo a wontwa tau no ho.

31. Ɛdɛn na ɛtoo abosonsomfo no a na ɛsen aniwu?

31 Nanso na biribi a ɛsen aniwu da Yudafo abosonsomfo no anim. Yehowa sesa mfatoho no de abosonsomfo no ankasa toto dua ho afei. “Mobɛdan sɛ dupɔn a n’ahaban apo, na moayɛ sɛ turo a nsu nni mu.” (Yesaia 1:30) Esiane sɛ na Mediterranea Supɔw no so yɛ hyew na nsu ntaa ntɔ wɔ hɔ nti, na mfatoho yi fata paa. Dua anaa turo biara nni hɔ a sɛ annya nsu a ebetumi akyɛ. Sɛ ɛwo a, egya ketewaa bi betumi atɔ mu ma ahyew. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔyɛ mfatoho a ɛwɔ nkyekyem 31 no.

32. (a) Hena ne “ɔhoɔdenfo” a wɔka ne ho asɛm wɔ nkyekyem 31 no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛ sɛ “asaawa mfuturu,” “ogya nturuturuwii” bɛn na ɛbɛhyew no, na dɛn na ebefi mu aba?

32 “Ɔhoɔdenfo bɛyɛ sɛ asaawa mfuturu, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturuturuwii, na n’abien nyinaa ahyew, a obi bi rennum.” (Yesaia 1:31) Hena ne “ɔhoɔdenfo” yi? Hebri asɛm a wɔde dii dwuma no kyerɛ obi a ne ho yɛ den anaa wanya ne ho. Ebia nea wɔreka ne ho asɛm no ne ɔbosonsomfo a wanya ne ho a odi akokurokosɛm. Sɛnea ɛte nnɛ no, saa na nnipa pii poo Yehowa ne nokware som wɔ Yesaia bere so. Ɛte sɛ nea na saafo no bi di yiye. Nanso Yehowa bɔ kɔkɔ sɛ nnipa a wɔte saa bɛyɛ sɛ “asaawa mfuturu,” siwabiri mmerɛmmerɛw a awo a sɛ egya ka no kakraa bi a ɛbɛhyew. (Atemmufo 16:8, 9) Nea na ebefi ɔbosonsomfo no dwumadi mu aba—sɛ ɛyɛ ahoni, ahonyade, anaa biribiara a ɔde besi Yehowa ananmu asom no no—bɛyɛ sɛ “ogya nturuturuwii.” Wɔbɛhye asaawa mfuturu ne nturuturuwii nyinaa wɔ ogya a obiara ntumi nnum no mu. Tumi biara nni amansan yi mu a ebetumi adan Yehowa atemmu a ɛyɛ pɛ no.

33. (a) Ɔkwan bɛn so na kɔkɔbɔ a Nyankopɔn de ma fa atemmu a ɛreba ho no kyerɛ nso sɛ ɔwɔ mmɔborohunu? (b) Hokwan bɛn na Yehowa de ama adesamma nnɛ, na ɔkwan bɛn so na eyi fa yɛn mu biara ho?

33 Yebetumi aka sɛ asɛm a etwa to yi ne mmɔborohunu ne bɔnefafiri a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyem 18 no hyia anaa? Ɛte saa! Yehowa maa ne nkoa kyerɛw kɔkɔbɔ yi too hɔ kaa ho asɛm efisɛ ɔyɛ mmɔborohunufo. “Ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.” (2 Petro 3:9) Ɛyɛ hokwan kɛse ma nokware Kristoni biara nnɛ sɛ ɔka Nyankopɔn asɛm kyerɛ obiara sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔbɛkyerɛ ahonu betumi anya bɔnefafiri na wɔatra ase daa. Hwɛ ayamye a Yehowa wɔ sɛ wama adesamma kwan sɛ wɔne no ‘nni asɛm’ ansa na aka akyi dodo!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Sɛnea Yudafo atetesɛm bi kyerɛ no, ɔhemmɔne Manase maa wɔde asradaa paee Yesaia mu kum no. (Fa toto Hebrifo 11:37 ho.) Nhoma bi ka sɛ nea ɛbɛyɛ na wɔanya biribi agyina so akum Yesaia no, odiyifo torofo bi bɔɔ no sobo sɛ: “Ɔfrɛ Yerusalem Sodom, na ɔka sɛ Yuda ne Yerusalem mmapɔmma fi Gomora.”

^ nky. 5 Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “amumɔyɛ” no betumi akyerɛ “biribi a wɔtan,” “ahonhonsɛm,” anaa “biribi a mfomso wom.” Sɛnea Theological Dictionary of the Old Testament nhoma no kyerɛ no, Hebri adiyifo no de asɛmfua no dii dwuma de kasa tiaa “amumɔyɛsɛm a ɛba bere a obi di tumi-bɔne no.”

^ nky. 24 Asɛm “mɛdan me nsa maba wo so” no kyerɛ sɛ Yehowa beyi ne nsa a ɔde taa wɔn akyi no atwe wɔn aso.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]