Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkɔ So Ntwɛn Yehowa

Monkɔ So Ntwɛn Yehowa

Ti Aduonu Abiɛsa

Monkɔ So Ntwɛn Yehowa

Yesaia 30:1-33

1, 2. (a) Nsɛm bɛn na ɛwɔ Yesaia ti 30? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho afei?

YESAIA ti 30 no, yɛkenkan Onyankopɔn atemmu foforo a etia abɔnefo ho asɛm. Nanso, Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi si Yehowa su ahorow a ɛyɛ anigye so dua. Nokwarem no, wɔka Yehowa su ahorow ho asɛm ma emu da hɔ araa ma sɛnea yɛbɛka no no, ɛte sɛ nea yebetumi ahu n’awerɛkyekye, n’akwankyerɛ, ne n’ayaresa.—Yesaia 30:20, 21, 26.

2 Ɛno mpo no, Yesaia man mufo, Yudafo a wɔawae no mpɛ sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn. Mmom no, wɔde wɔn ho to onipa so. Yehowa te nka dɛn wɔ eyi ho? Na ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi boa Kristofo nnɛ ma wɔkɔ so twɛn Yehowa? (Yesaia 30:18) Ma yɛnhwɛ.

Agyimisɛm ne Asiane

3. Ɛpɔ bɛn na Yehowa pa ho ntama?

3 Yudafo akannifo de bere bi abɔ pɔ kokoam sɛ wobenya kwan a wɔbɛfa so akwati Asiria kɔndua a wɔbɛhyɛ ase no. Nanso, Yehowa hwɛ wɔn. Afei ɔpa wɔn pɔ no ho ntama: “Wónnue, mma atuatewfo, [Yehowa, “NW”] na ose, wɔn a wodi agyinatusɛm so, na emfi me, na wɔpam apam bi, na ɛnyɛ me honhom so, sɛ wɔde bɔne bɛka bɔne ho no. Wosim kɔ Misraim.”—Yesaia 30:1, 2a.

4. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔatew atua no de Misraim asi Onyankopɔn ananmu?

4 Hwɛ ahodwiriw ara a ɛbɛyɛ ama saa akannifo a wɔrebɔ pɔ no sɛ wɔbɛte sɛ wɔn pɔ no ada adi! Misraim a wɔretu kwan akɔ ne no akɔyɛ apam no sen Asiria a wɔne no redi asi; ɛyɛ atua a wɔtew tia Yehowa Nyankopɔn. Wɔ Ɔhene Dawid bere so no, ɔman no de ne ho too Yehowa so sɛ wɔn abannennen, na woguan kɔɔ ‘ne ntaban nwini ase.’ (Dwom 27:1; 36:7) Seesei “wokotweri Farao ahoɔden,” na “wɔakɔdɔ Misraim nwini.” (Yesaia 30:2b) Wɔde Misraim asi Onyankopɔn ananmu! Atirisopam bɛn ara ni!—Kenkan Yesaia 30:3-5.

5, 6. (a) Dɛn nti na apam a wɔne Misraim yɛ no yɛ mfomso a ɛyɛ hu ankasa? (b) Akwantu a edi kan a Onyankopɔn nkurɔfo tui bɛn na esi so dua sɛ ɔkwan a wɔretu akɔ Misraim yi yɛ agyimisɛm?

5 Yesaia de nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri ma de kyerɛ sɛ ɔkwan a wɔretu akɔ Misraim no nyɛ nsrahwɛ bi kɛkɛ. “Nifa fam mmoa ho atemmusɛm. Wɔfa ahohia ne ahokyere asase so, nea gyatabere ne gyatanini fi no, nea ahurutoa ne ɔtweaseɛ a otu wɔ no: wɔde wɔn nneɛma agugu mfurum mma awaremu, de wɔn akorade agugu yoma akyi apɔw so.” (Yesaia 30:6a) Ɛda adi pefee sɛ, wɔatɔ wɔn bo ase ayɛ akwantu no ho nhyehyɛe. Akwantufo no boaboa mfurum ne yoma pii ano ma wɔsoa nneɛma a ne bo yɛ den di wɔn anim fa asase kesee a agyata a wɔbobom ne awɔ a wɔn ano wɔ bɔre ayɛ so ma no so kɔ Misraim. Awiei koraa no, akwantufo no du baabi a wɔrekɔ, na wɔde wɔn akorade no ma Misrifo. Wɔatɔ ahobammɔ—anaasɛ wosusuw saa. Nanso, Yehowa ka sɛ: “Wɔde rekɔ ɔman a wɔn ho remma wɔn mfaso bi no nkyɛn. Efisɛ Misraim boa yɛ adehuhuw ne adehunu, enti na mafrɛ no Rahab . . . a ɔte hɔ dinn.” (Yesaia 30:6b, 7) “Rahab,” “asuboa” no, begyinaa hɔ maa Misraim. (Yesaia 51:9, 10) Ɔhyɛ nneɛma pii ho bɔ nanso ɔnyɛ emu biara. Apam a Yuda ne no yɛ no yɛ mfomso a ɛyɛ hu ankasa.

6 Bere a Yesaia ka akwantufo no akwantu ho asɛm no, ebia n’atiefo no bɛkae kwan a ɛte saa a wotuu no Mose bere so no. Wɔn nananom nantewee “sare . . . a ɛso yɛ hu” koro no ara so. (Deuteronomium 8:14-16) Nanso, wɔ Mose bere so no, na Israelfo no retu kwan afi Misraim, na na wɔrefi nkoasom mu. Saa bere yi de, akwantufo no retu kwan akɔ Misraim, na wɔde wɔn ho rekɔhyɛ nkoasom mu ankasa. Agyimisɛm bɛn ara ni! Mommma yennsi gyinae bɔne a ɛte saa da, na yɛamfa yɛn honhom fam ahofadi ansesa nkoasom!—Fa toto Galatifo 5:1 ho.

Wɔsɔre Tia Odiyifo no Asɛm

7. Dɛn nti na Yehowa ma Yesaia kyerɛw Ne kɔkɔbɔ a ɔde ma Yuda no to hɔ?

7 Yehowa ka kyerɛ Yesaia sɛ ɔnkyerɛw asɛm a ɔde ama no seesei ara no na “ɛntra hɔ nkosi daa daa.” (Yesaia 30:8) Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw to hɔ sɛ Yehowa mpene apam a wɔne onipa yɛ na wɔde wɔn ho to so sen Ne de no so na aboa nkyirimma—a awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ nnɛ no ka ho. (2 Petro 3:1-4) Nanso, ɛho hia sɛ wɔyɛ kyerɛwtohɔ bi ntɛm. “Wɔyɛ atuatew man, mma atorofo, mma a wɔmpɛ sɛ wotie [Yehowa, “NW”] mmara.” (Yesaia 30:9) Nkurɔfo no apo Onyankopɔn afotu. Enti, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw to hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a akyiri yi wontumi nni atoro sɛ wɔn nsa anka kɔkɔbɔ a ɛfata.—Mmebusɛm 28:9; Yesaia 8:1, 2.

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Yuda akannifo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma Yehowa adiyifo no asɛe? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia da no adi sɛ ɔremma wonhunahuna no?

8 Afei Yesaia de nkurɔfo no atuatew no ho nhwɛso ma. “Wɔka kyerɛ adehufo sɛ: Munnhu ade! Na wɔka kyerɛ adiyifo nso sɛ: Monnhyɛ yɛn nea ɛteɛ ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm!” (Yesaia 30:10) Yuda akannifo no nam hyɛ a wɔhyɛ adiyifo anokwafo sɛ wonnyae nea “ɛteɛ” anaa nokwasɛm ka, na wɔnka “adɛfɛdɛfɛsɛm” ne “nnaadaasɛm,” anaa atoro no so kyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔte nsɛm a ɛbɛyɛ wɔn asom dɛ. Wɔpɛ sɛ wɔkamfo wɔn, ɛnyɛ sɛ wɔbɛkasa atia wɔn. Wɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ odiyifo biara a ɔmpɛ sɛ ɔhyɛ nkɔm a wɔn ani gye ho no ‘man fi ɔkwan no so, ɔkwae ɔtempɔn no.’ (Yesaia 30:11a) Ɛsɛ sɛ ɔka asɛm a ɛbɛyɛ wɔn asom dɛ, nyɛ saa de a ɔnka hwee koraa!

9 Yesaia asɔretiafo no hyɛ sɛ: ‘Ma Israel Kronkronni no nyera yɛn ani so.’ (Yesaia 30:11b) Yesaia nnyae Yehowa, ‘Israel Kronkronni’ no, din bɔ! Saa abodin yi ankasa hyɛ wɔn abufuw efisɛ Yehowa gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no ma obiara hu tebea bɔne a wɔwom no. Yesaia yɛ n’ade dɛn? Ɔka sɛ: “Sɛ Israel kronkronni no ka ni.” (Yesaia 30:12a) Yesaia ka nsɛm a n’asɔretiafo no mpɛ sɛ wɔte no a ɔntwentwɛn ne nan ase. Ɔremma wonhunahuna no. Nhwɛso pa bɛn na wayɛ ama yɛn sɛɛ yi! Sɛ Kristofo reka Onyankopɔn asɛm a, ɛnsɛ sɛ wogyae wɔn mudi mu da. (Asomafo no Nnwuma 5:27-29) Te sɛ Yesaia no, wɔkɔ so ka sɛ: ‘Sɛɛ na Yehowa aka’!

Nea Atuatew De Ba

10, 11. Dɛn na ebefi Yuda atuatew no mu aba?

10 Yuda apo Onyankopɔn asɛm, wɔde wɔn ho ato atoro ne “nkontompo” so. (Yesaia 30:12b) Dɛn na ebefi mu aba? Sɛ́ anka Yehowa begyaw tebea no sɛnea ɔman no pɛ no, ɔbɛpopa ɔman no afi hɔ koraa! Eyi bɛba mpofirim, na ɛbɛyɛ ɔsɛe pasaa, sɛnea Yesaia de mfatoho si so dua no. Ɔman no atuatew no te sɛ ‘mpaapae a ɛwɔ fasu a ɛkorɔn na akurum a ɛreyɛ ahwe ase mu, na ne bu ba mpofirim, afrɛso.’ (Yesaia 30:13) Sɛnea ɔfasu mu mpaapae a ɛkɔ so yɛ kɛse ma ɔfasu no hwe ase no, saa ara na Yesaia bere sofo no atuatew a ɛreyɛ kɛse no bɛma ɔman no ahwe ase.

11 Yesaia de mfatoho foforo kyerɛ sɛnea ɔsɛe a ɛreba no bɛyɛ ɔsɛe pasaa: “Ɔbɛbɔ ɔman no sɛ ɔnwemfo ahina a wɔdwerɛw no dwerɛbee a ebi nka, na wonnya n’asinasin mu fɛre a wɔde betu muka mu gya anaasɛ wɔde bɛsaw abura mu nsu.” (Yesaia 30:14) Yuda sɛe no bɛyɛ dwerɛbee araa ma biribi a ɛsom bo biara renka—kyɛmfɛre a ne kɛse te sɛ nea wobetumi de atu muka mu gya anaa nea wobetumi de asaw nsu afi abura mu mpo nka. Awiei a ɛyɛ aniwu bɛn ara ni! Saa ara na ɔsɛe a ɛreba wɔn a wɔtew atua tia nokware som so nnɛ no bɛyɛ mpofirim adeyɛ na ayɛ wɔn pasaa.—Hebrifo 6:4-8; 2 Petro 2:1.

Wɔpo Yehowa Frɛ

12. Ɔkwan bɛn so na Yudafo betumi akwati ɔsɛe?

12 Nanso, wɔ Yesaia atiefo no fam no, ɛnyɛ nea wɔrentumi nkwati ɔsɛe. Hokwan wɔ hɔ sɛ wobenya wɔn ti adidi mu. Odiyifo no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”], Israel kronkronni no se ni: Ɔsanba ne brɛooyɛ mu na wobegye mo nkwa, kommyɛ ne anidaso mu na mo mmaninyɛ bɛtra.” (Yesaia 30:15a) Yehowa ayɛ krado sɛ obegye ne nkurɔfo—sɛ wɔkyerɛ gyidi ‘yɛ brɛoo’ twe wɔn ho fi mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔnam nnipa apam so benya nkwagye ho, na ‘wɔyɛ komm’ nya Onyankopɔn tumi a ahobammɔ wɔ mu no mu ahotoso a wɔmmɔ hu a. Yesaia ka kyerɛ nkurɔfo no sɛ: “Nanso moampene.”—Yesaia 30:15b.

13. Dɛn na Yuda akannifo de wɔn ho to so, na so saa ahotoso no fata?

13 Afei Yesaia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na mokae sɛ: Dabi, na apɔnkɔ so na yɛbɛtra aguan. Enti aguan na mubeguan! Na mmoa ahoɔharefo so na yɛbɛtra akɔ. Enti wɔn a wotiw mo no ho bɛyɛ hare!” (Yesaia 30:16) Yudafo no susuw sɛ apɔnkɔ a wɔn ho yɛ hare na ɛbɛma wɔanya nkwa, na ɛnyɛ Yehowa. (Deuteronomium 17:16; Mmebusɛm 21:31) Nanso, sɛnea odiyifo no kyerɛ no, wɔn ahotoso no bɛyɛ kwa efisɛ wɔn atamfo bedi wɔn so nkonim. Wɔn bebrebe no mpo remmoa wɔn. “Nnipa apem prɛko beguan obiakofo huyi ano; nnipa baanum huyi ano na mubeguan.” (Yesaia 30:17a) Yuda asraafo bɛbɔ hu na wɔaguan wɔ atamfo kakraa bi nteɛm ho. * Awiei koraa no, nkaefo bi na ɛbɛka a wɔnyɛ wɔn hwee, “sɛ frankaa dua a esi bepɔw atifi, sɛnkyerɛnne a esi koko so.” (Yesaia 30:17b) Nea ɛne nkɔmhyɛ no hyia no, bere a wɔsɛe Yerusalem wɔ 607 A.Y.B. mu no, nkaefo bi na wofi mu ka.—Yeremia 25:8-11.

Afobu Mu Awerɛkyekye

14, 15. Awerɛkyekye bɛn na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 30:18 no ma tete Yudafo ne ɛnnɛ nokware Kristofo nya?

14 Bere a Yesaia atiefo gu so retie nsɛm a ɛsɛ sɛ wosusuw ho anibere so yi no, n’asɛm no sesa. Nhyira ho bɔhyɛ si asiane ho ahunahuna ananmu. “Enti [Yehowa, “NW”] twɛn ansa na wadom mo, na ɛno nti na ɔma ne ho so ansa na wahu mo mmɔbɔ, na atemmu Nyankopɔn ne [Yehowa, “NW”], nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.” (Yesaia 30:18) Nsɛm a ɛka koma bɛn ara ni! Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ mmɔborohunu a ɔpɛ sɛ ɔboa ne mma. N’ani gye ho sɛ ɔbɛda mmɔborohunu adi.—Dwom 103:13; Yesaia 55:7.

15 Saa awerɛkyekyesɛm yi fa Yudafo nkaefo a wofi mmɔborohunu mu ma wonya wɔn ti didi mu wɔ Yerusalem sɛe mu wɔ 607 A.Y.B. mu no ne nnipa kakraa bi a wɔsan ba Bɔhyɛ Asase no so wɔ 537 A.Y.B. mu no ho. Nanso, odiyifo no nsɛm no kyekye Kristofo nso werɛ nnɛ. Ɛkae yɛn sɛ Yehowa ‘bɛma ne ho so’ ama yɛn, na ɔde amumɔyɛ wiase yi aba awiei. Nokware asomfo betumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa—“atemmu Nyankopɔn” no—remma Satan wiase no ntra hɔ da koro mpo mmoro nea atɛntrenee hwehwɛ. Enti, wɔn a ‘wɔretwɛn no’ no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye.

Yehowa Nam Mpaebɔ a Obua so Kyekye Ne Nkurɔfo Werɛ

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyekye wɔn a wɔn abam abu werɛ?

16 Nanso, ebia ebinom abam bebu esiane sɛ ogye mma ntɛm sɛnea wɔhwɛ kwan no nti. (Mmebusɛm 13:12; 2 Petro 3:9) Ɛmmra sɛ wobenya awerɛkyekye afi Yesaia nsɛm a edi hɔ a esi Yehowa su ho ade titiriw so dua no mu. “Na ɔman no bɛtra Sion, wɔ Yerusalem; na worensu bio; ɔdom na ɔbɛdom wo atie wo nteɛm no; ɔte ara pɛ a, obegye wo so.” (Yesaia 30:19) Yesaia da mmɔborohunu adi wɔ saa nsɛm yi mu efisɛ ɔdan “mo,” a ɛyɛ dodow kabea, a ɛwɔ nkyekyem 18 no yɛ no “wo,” a ɛyɛ biako kabea, wɔ nkyekyem 19. Sɛ Yehowa kyekye wɔn a wɔn abam abu werɛ a, odi wɔn ho dwuma sɛ ankorankoro. Sɛ́ Agya no, ommisa ɔba a n’abam abu sɛ, ‘Dɛn nti na wonyɛ den sɛ wo nua?’ (Galatifo 6:4) Mmom no, otie obiara yiye. Nokwarem no, “ɔte ara pɛ a, obegye wo so.” Awerɛkyekyesɛm bɛn ara ni! Sɛ wɔn a wɔn abasam atu no bɔ Yehowa mpae a, wobetumi anya denhyɛ kɛse.—Dwom 65:2.

Tie Onyankopɔn Akwankyerɛ Denam N’asɛm a Wobɛkenkan So

17, 18. Wɔ ahokyere mmere mu mpo no, ɔkwan bɛn so na Yehowa de akwankyerɛ ma?

17 Bere a Yesaia toa n’asɛm no so no, ɔkae n’atiefo sɛ ahohia bɛba. Nkurɔfo no benya “ahohia mu aduan ne ahoguan mu nsu.” (Yesaia 30:20a) Ahohia ne ahoguan a wobehyia bere a wɔba ntua ase no bɛyɛ sɛ aduan ne nsu. Ɛno mu mpo, Yehowa ayɛ krado sɛ obegye komapafo. “Wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no renhintaw ne ho bio, na w’aniwa behu wo Kyerɛkyerɛfo Kunini no; na w’aso nso bɛte w’akyi asɛm bi sɛ: Eyi ne kwan no: ‘Sɛ mofa nifa oo, mofa benkum oo, monnantew so.’”—Yesaia 30:20b, 21, “NW.” *

18 Yehowa ne ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini’ no. Ɔkyerɛkyerɛfo biara ne no nsɛ. Nanso, ɔkwan bɛn so na nkurɔfo “behu” no na ‘wɔate’ ne nne? Yehowa da ne ho adi denam n’adiyifo a wɔakyerɛw wɔn nsɛm wɔ Bible mu no so. (Amos 3:6, 7) Ɛnnɛ, sɛ nokware asomfo kenkan Bible no a, ɛte sɛ nea Onyankopɔn nne a ɛte sɛ agya de no rekyerɛ wɔn kwan a wɔmfa so na ɛrehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ wɔn akwan ne wɔn abrabɔ mu nsakrae na ama wɔanantew so. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara tie no yiye bere a Yehowa nam Bible no ne Bible ho nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma so kasa no. (Mateo 24:45-47) Ɛmmra sɛ obiara de Bible akenkan bɛyɛ ne su, efisɛ ‘ɛkyerɛ nkwa.’—Deuteronomium 32:46, 47; Yesaia 48:17.

Susuw Daakye Nhyira Ho

19, 20. Nhyira bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wotie Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no nne?

19 Wɔn a wotie Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no nne no bɛtow wɔn ahoni agu, na wɔabu no sɛ akyide. (Kenkan Yesaia 30:22.) Afei, saafo a wɔyɛ osetie no benya nhyira a ɛyɛ anigye. Yesaia ka eyi ho nsɛm, sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 30:23-26 no, sanba nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye a enya ne mmamu a edi kan bere a Yudafo nkaefo no san fi nnommumfa mu ba wɔ 537 A.Y.B. mu no. Ɛnnɛ, saa nkɔmhyɛ yi boa yɛn ma yehu nhyira a ɛyɛ anigye a Mesia no ma yenya wɔ honhom fam paradise mu mprempren ne Paradise ankasa a ɛbɛba no mu.

20 “Ɔbɛma osu agu w’aba a woagu ɛfam ne asase nnɔbae aduan so, na ayɛ aduan pa sɔɔsɔɔ. Wo mmoakuw bedidi da no, adidibea a ɛtrɛw so; na anantwi ne mfurum mma a wɔyɛ mfuw mu adwuma no bedi afrafraduan pa a wɔde apampaa ne apaawa ahuw so.” (Yesaia 30:23, 24) Aduan “sɔɔsɔɔ”—aduan a aduannuru wom—bɛyɛ onipa aduan titiriw daa. Asase no bɛbɔ aduan araa ma mmoa mpo benya bi adi. Nyɛmmoa bedi “afrafraduan pa”—mmoa aduan a ɛyɛ dɛ a wɔkora so ma mmere pɔtee bi. ‘Wɔahuw’ saa aduan yi so mpo—ade a mpɛn pii no aduan a nnipa bedi nkutoo na wɔyɛ no saa. Anigyesɛm bɛn ara na Yesaia ka wɔ ha de kyerɛ sɛnea nhyira a Yehowa de bɛbrɛ adesamma anokwafo no bɛyɛ nea edi mũ sɛɛ yi!

21. Ka sɛnea nhyira a ɛreba no di mũ fa ho asɛm.

21 “Mmepɔw asorɔnsorɔn ne nkoko a ɛkorɔn nyinaa so no, asuasu . . . bɛsen hɔ.” (Yesaia 30:25a) * Yesaia kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa nhyira no bɛyɛ nea edi mũ no mu. Nsu ho renyɛ na—ade titiriw a ɛnyɛ nsase a ɛda fam nkutoo so na ɛbɛsen, na mmom bepɔw biara nso so, “mmepɔw asorɔnsorɔn ne nkoko a ɛkorɔn nyinaa” mpo so. Yiw, ɔkɔm bɛyɛ ade a atwam. (Dwom 72:16) Bio nso, odiyifo no dan adwene kɔ nneɛma a ɛkorɔn sen mmepɔw mpo so. “Ɔsram hann bɛyɛ sɛ owia hann, na owia hann bɛyɛ mmɔho ason, sɛ nnanson hann, ɛda a [Yehowa, “NW”] bɛkyekyere ne man bubu na wasa ne hwe ano akuru no.” (Yesaia 30:26) Nkɔmhyɛ dɛdɛ yi awiei a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Onyankopɔn anuonyam bɛhyerɛn koraa. Nhyira a wɔakora so ama Onyankopɔn nokware asomfo no bɛboro so koraa—mmɔho ason—asen biribiara a wɔahu pɛn.

Atemmu ne Anigye

22. Nea ɛne nhyira a ɛbɛba anokwafo so bɔ abira no, dɛn na Yehowa akora so ama abɔnefo?

22 Yesaia asɛm no sesa bio. Ɔka sɛ, “Hwɛ” te sɛ nea ɔpɛ sɛ n’atiefo yɛ dinn tie no. [Yehowa, “NW”] din fi akyirikyiri reba, n’abufuw redɛw, opumpun no yɛ duru, abohuru ayɛ n’anom ma, na ne tɛkrɛma te sɛ ogya a ɛhyew ade.” (Yesaia 30:27) Ebesi ha no, Yehowa atwe ne ho, na wama ne nkurɔfo atamfo ayɛ nea wɔn ankasa pɛ. Afei otwiw bɛn—te sɛ ɔprannaa a ɛrebom kurududu—bebu atɛn. “N’ahome te sɛ asu a eyiri bedu kɔn mu, na ɔde hunuyɛ sɔnee asɔn amanaman so, na ɔde ntwɛtwɛdɛwɔ nnareka ato aman anom.” (Yesaia 30:28) “Asu a eyiri” betwa Onyankopɔn nkurɔfo atamfo ho ahyia, na ‘ɔde sɔnee asɔn’ wɔn so koraa, na ɔde “nnareka” ato wɔn anom. Wɔbɛsɛe wɔn.

23. Dɛn na ɛma Kristofo nya ‘abotɔyam’ nnɛ?

23 Yesaia asɛm sesa bio bere a ɔka anigye tebea a nokware asomfo a wɔbɛsan akɔ wɔn asase so daakye bɛkɔ mu ho asɛm no. “Mobɛto dwom sɛ afahyɛ kronkron anadwo no, na mo bo bɛtɔ mo yam sɛ wɔn a wɔnam bɔtɔwa ano rekɔ [Yehowa, “NW”] bepɔw so, Israel botan no nkyɛn.” (Yesaia 30:29) Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya ‘abotɔyam’ a ɛte saa ara bere a wosusuw Satan wiase a wobebu no atɛn; ahobammɔ a Yehowa, “nkwagye botan,” no de ma wɔn; ne Ahenni nhyira a ɛreba ho no.—Dwom 95:1.

24, 25. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ no si so dua sɛ atemmu a ɛreba Asiria so no yɛ nokware?

24 Bere a Yesaia da saa anigye yi adi wie no, ɔsan dan adwene kɔ asɛmti a ɛfa atemmu ho so, na ɔda nea Onyankopɔn abufuw kyerɛ no adi. [Yehowa, “NW”] bɛma wɔate ne nne kɛseyɛ, na wama wɔahu ne nsa a ɛresian, abufuw ahomegu ne adehyew gyaframa, osu babababa ne osu yɔɔ ne amparuwbo mu. Na [Yehowa, “NW”] nne nti Asiria ho bɛpopo, ɔde abaa bɛhwe no.” (Yesaia 30:30, 31) Yesaia de nsɛm a emu da hɔ yi si so dua sɛ Onyankopɔn atemmu a ɔde ba Asiria so no yɛ paa. Enti, Asiria gyina Onyankopɔn anim, na ne ho popo wɔ n’atemmu “nsa a ɛresian” no mu.

25 Odiyifo no toa so sɛ: “Hyɛbea abaa a [Yehowa, “NW”] bɛma asi no so no bɛka no, mpintin ne asanku ano, na nsa wosow na ɔde ne no bɛko. Wofi teteete na asiesie akyide hyewbea no [ne Tofet, “NW”]; ɔhene no na wɔasiesie ama no, emu dɔ, ɛtrɛw, ne ntannaa wɔ ogya ne nnyentia pii, [Yehowa, “NW”] ahome bɛsɔ ano sɛ sufre asubɔnten.” (Yesaia 30:32, 33) Wɔde Tofet hyewbea a ɛwɔ Hinom Bon mu di dwuma wɔ ha sɛnkyerɛnne kwan so, sɛ́ ade a ogya rehyew. Yesaia nam kyerɛ a ɔkyerɛ sɛ Asiria bɛkɔ akowie hɔ no so si ɔsɛe pasaa a ɛbɛba saa man no so mpofirim no so dua.—Fa toto 2 Ahene 23:10 ho.

26. (a) Mmamu bɛn na Yehowa atemmu a etia Asiria no benya nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no kɔ so twɛn Yehowa?

26 Ɛwom sɛ wɔka saa atemmusɛm yi kyerɛ Asiria de, nanso asɛntitiriw a ɛwɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu no kɔ akyiri. (Romafo 15:4) Sɛnea yɛbɛka no no, Yehowa bɛsan afi akyirikyiri abeyiri afa wɔn a wɔhyɛ ne nkurɔfo so no, awosow wɔn, na ɔde nnareka ato wɔn ano. (Hesekiel 38:18-23; 2 Petro 3:7; Adiyisɛm 19:11-21) Saa da no mmra ntɛm! Enkosi saa bere no, Kristofo de anigye twɛn nkwagye da no. Wonya ahoɔden fi nsɛm a emu da hɔ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia ti 30 a wosusuw ho no mu. Saa nsɛm yi hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran ma wɔkyerɛ mpaebɔ hokwan a wɔwɔ no ho anisɔ, sua Bible no, na wosusuw Ahenni nhyira a ɛreba no ho. (Dwom 42:1, 2; Mmebusɛm 2:1-6; Romafo 12:12) Enti Yesaia nsɛm no boa yɛn nyinaa ma yɛkɔ so twɛn Yehowa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 13 Hyɛ no nsow sɛ, sɛ Yuda dii nokware a, anka ɔrenhu nea ohui no.—Leviticus 26:7, 8.

^ nky. 17 Eyi ne Bible mu beae koro pɛ a wɔfrɛ Yehowa ‘Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini.’

^ nky. 21 Yesaia 30:25b kenkan sɛ: “Okunkɛse da a aban atenten bɛhwehwe ase no.” Wɔ ne mmamu a edi kan mu no, eyi bɛkyerɛ Babilon asehwe, ade a ebuee kwan maa Israel nyaa nhyira a wɔkaa ho asɛm wɔ Yesaia 30:18-26 no. (Hwɛ nkyekyem 19.) Ebetumi akyerɛ ɔsɛe a ɛbɛba Harmagedon a ɛbɛma saa nhyira yi anya mmamu a ɛsen biara wɔ wiase foforo no mu nso.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 305]

Wɔ Mose bere so no, Israelfo no guan fii Misraim. Wɔ Yesaia bere so no, Yudafo no kɔ Misraim kɔhwehwɛ mmoa

[Mfonini wɔ kratafa 311]

‘Asuasu bɛsen nkoko a ɛkorɔn nyinaa so’

[Mfonini wɔ kratafa 312]

Yehowa de ‘abufuw ne omununkum a emu yɛ duru’ bɛba