Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monkyekye Me Man Werɛ”

“Monkyekye Me Man Werɛ”

Ti Aduasa

“Monkyekye Me Man Werɛ”

Yesaia 40:1-31

1. Dɛn ne ɔkwan biako a Yehowa fa so kyekye yɛn werɛ?

YEHOWA yɛ “awerɛkyekye Nyankopɔn.” Ɔkwan biako a ɔfa so kyekye yɛn werɛ ne bɔhyɛ ahorow a wama wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ N’asɛm mu no. (Romafo 15:4, 5) Sɛ nhwɛso no, sɛ obi a wodɔ no wu a, dɛn na ebetumi ayɛ awerɛkyekye sɛ akwanhwɛ a ɛne sɛ wobenyan wo dɔfo no wɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no? (Yohane 5:28, 29) Na Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔde amumɔyɛ bɛba awiei nnansa yi ara na wadan asase yi paradise no nso ɛ? So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ wubenya anidaso sɛ wubenya wo ti adidi mu akɔ Paradise a ɛreba no mu a worenwu da?—Dwom 37:9-11, 29; Adiyisɛm 21:3-5.

2. Dɛn nti na yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn bɔhyɛ so?

2 So yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn bɔhyɛ so ankasa? Yiw, yebetumi! Nea ɔhyɛ saa bɔ no yɛ nokwafo koraa. Ɔwɔ tumi ne ɔpɛ a ɔde bedi n’asɛm ho dwuma. (Yesaia 55:10, 11) Yehowa daa eyi adi denneennen wɔ n’asɛm a ɔnam odiyifo Yesaia so kae sɛ ɔbɛsan de nokware som asi Yerusalem no mu. Momma yensusuw saa nkɔmhyɛ no ho, sɛnea epue wɔ Yesaia ti 40 no, efisɛ saa a yɛbɛyɛ no betumi ahyɛ yɛn gyidi den wɔ Yehowa, Nea odi ne bɔhyɛ so, no mu.

Bɔhyɛ a Awerɛkyekye Wom

3, 4. (a) Awerɛkyekyesɛm a Onyankopɔn nkurɔfo behia akyiri yi bɛn na Yesaia yɛ ho kyerɛwtohɔ? (b) Dɛn nti na wɔde Yudafo ne Yerusalemfo bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilon, na bere tenten bɛn na wɔde bɛtra nkoasom mu?

3 Wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, odiyifo Yesaia yɛ awerɛkyekyesɛm a Yehowa nkurɔfo behia akyiri yi ho kyerɛwtohɔ. Bere a ɔka Yerusalem sɛe a ɛreba ne Yudafo a wɔde wɔn bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilon ho asɛm kyerɛ Ɔhene Hesekia akyi bere tiaa bi no, Yesaia ka Yehowa nsɛm a ɛhyɛ afisiesie ho bɔ: “Monkyekye, monkyekye me man werɛ, mo Nyankopɔn na ose. Monka abodwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mommɔ no kaseɛ sɛ n’akode asã, sɛ wɔde ne mfomso akyɛ, sɛ ne bɔne nyinaa ho wanya [Yehowa, “NW”] nsam mmɔho.”—Yesaia 40:1, 2.

4 ‘Monkyekye werɛ,’ asɛm a wɔde fi Yesaia ti 40 no ase no, ka hann ne anidaso asɛm a ɛwɔ Yesaia nhoma a aka no nyinaa mu ho asɛm ma ɛfata. Esiane sɛ Yuda ne Yerusalemfo adan awaefo nti, wɔde wɔn bɛkɔ nnommumfa mu wɔ Babilon wɔ 607 A.Y.B. mu. Nanso saa Yudafo nnommum no rensom Babilon daa. Dabi, wɔn nkoayɛ no bɛba awiei bere a ‘wotua’ wɔn bɔne ‘so ka’ no. Bere tenten bɛn na ɛno bedi? Sɛnea odiyifo Yeremia kyerɛ no, ebedi mfirihyia 70. (Yeremia 25:11, 12) Ɛno akyi no, Yehowa bedi nkaefo a wɔasakra no anim afi Babilon asan akɔ Yerusalem. Wɔ Yuda amamfõ no afe a ɛto so 70 mu no, hwɛ awerɛkyekye a ɛbɛyɛ ama nnommum no sɛ wobehu sɛ bere a wɔhyɛɛ bɔ sɛ wobegye wɔn no adu!—Daniel 9:1, 2.

5, 6. (a) Dɛn nti na kwantenten a efi Babilon kɔ Yerusalem no remma Onyankopɔn bɔhyɛ mmamu nka akyiri? (b) Nkɛntɛnso bɛn na Yudafo a wɔbɛsan de wɔn akɔ wɔn asase so no benya wɔ aman foforo so?

5 Efi Babilon rekɔ Yerusalem yɛ kilomita 800 kosi 1,600, na egyina ɔkwan a wɔbɛfa so no so. So ɔkwan no tenten bɛma Onyankopɔn bɔhyɛ mmamu aka akyiri? Dabida! Yesaia kyerɛw sɛ: “Obi nne teɛm sɛ: Mómmɔ [Yehowa, “NW”] kwan, ɛsare so, monteɛ anhwea pradada so tempɔn mma yɛn Nyankopɔn. Wɔ́mmoma abon nyinaa so, na wɔmmrɛ mmepɔw ne nkoko nyinaa ase; na nea ɛyɛ afuafu nyɛ asasetaw, na abonkyianbonkyi nyɛ toromtorom. Na [Yehowa, “NW”] anuonyam beyi ne ho adi, na ɔhonam nyinaa abom ahu, efisɛ [Yehowa, “NW”] ano na aka.”—Yesaia 40:3-5.

6 Sɛ Apuei famfo sodifo rebetu kwan a, wɔtaa ma mmarima kosiesie kwan so yiyi so abo akɛse, yiyi atempɔn, dwiriw nkoko mpo. Wɔ Yudafo a wɔresan aba no fam no, ɛte sɛ nea Onyankopɔn ankasa na odi wɔn anim resiesie akwanside biara. Anyɛ yiye koraa no, eyinom yɛ Yehowa nkurɔfo a ne din da wɔn so, na ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan de wɔn akɔ wɔn asase so a obedi so no bɛma n’anuonyam ada adi wɔ aman nyinaa anim. Sɛ́ amanaman no pɛ anaasɛ wɔmpɛ no, wɔbɛma wɔahu sɛ Yehowa yɛ Obi a odi ne bɔhyɛ so.

7, 8. (a) Mmamu bɛn na Yesaia 40:3 nyae wɔ afeha a edi kan Y.B. mu? (b) Mmamu kɛse bɛn na Yesaia nkɔmhyɛ no nyae wɔ 1919 mu?

7 Ɛnyɛ san a wɔsan bae wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no nkutoo ne nkɔmhyɛ yi mmamu. Enyaa mmamu bi nso wɔ afeha a edi kan Y.B. mu. Na Yohane Suboni ne nne a ‘ɛteɛɛm sare so’ no, na ɛyɛɛ Yesaia 40:3 mmamu. (Luka 3:1-6) Honhom kaa Yohane maa ɔkyerɛe sɛ Yesaia nsɛm no fa ne ho. (Yohane 1:19-23) Efi 29 Y.B. no, Yohane fii ase siesiee ɔkwan no maa Yesu Kristo. * Dawuru a Yohane dii kan bɔe no kanyan nkurɔfo ma wɔhwɛɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no kwan, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso betie no na wɔadi n’akyi. (Luka 1:13-17, 76) Ɛdenam Yesu so no, Yehowa bedi wɔn a wɔsakra no anim akɔ ahofadi a Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi de ama—bɔne ne owu nkoayɛ ho ahofadi—mu. (Yohane 1:29; 8:32) Yesaia nsɛm no nyaa mmamu kɛse wɔ honhom fam Israel nkaefo a wogyee wɔn fii Babilon Kɛse nsam wɔ 1919 mu ne nokware som a wɔsan ma wɔde sii hɔ no mu.

8 Na wɔn a wɔrebenya bɔhyɛ no mmamu a edi kan mu mfaso—Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Babilon—no nso ɛ? So wobetumi anya Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan de wɔn akɔ wɔn asase a wɔdɔ no so no mu ahotoso ankasa? Yiw, wobetumi! Afei, Yesaia nam nsɛm ne mfatoho ahorow a emu da hɔ a ɔfa fii da biara da asetra mu so de ntease a emu yɛ den a wobetumi agyina so anya awerɛhyem koraa sɛ Yehowa bedi n’asɛm so ma.

Onyankopɔn a N’asɛm Tim Hɔ Daa

9, 10. Ɔkwan bɛn so na Yesaia de onipa nkwa a ɛyɛ tiaa no toto Onyankopɔn “asɛm” a etim hɔ daa no ho?

9 Nea edi kan no, Nea ɔhyɛ sanba ho bɔ no yɛ nea n’asɛm tim hɔ daa. Yesaia kyerɛw sɛ: “Ɛnne bi se: Teɛm! Na ose: Menteɛm dɛn? Ɔhonam nyinaa yɛ wura, na ne papa nyinaa te sɛ wuram nhwiren. Wura guan, nhwiren twam, na [Yehowa, “NW”] ahome huw fa so. Ampa, ɔman no yɛ wura. Wura guan, nhwiren twam, na yɛn Nyankopɔn asɛm tim hɔ daa.”—Yesaia 40:6-8.

10 Israelfo no nim yiye sɛ wura ntra hɔ nkyɛ. Wɔ ɔpɛ bere mu no, owia hyew a ano yɛ den no ma ne kɔla a ɛyɛ ahabammono no guan. Ɔkwan bi so no, onipa nkwa te sɛ wura—ɛnkyɛ. (Dwom 103:15, 16; Yakobo 1:10, 11) Yesaia de nnipa nkwa a ɛsakra no toto tim a Onyankopɔn “asɛm” anaa n’atirimpɔw a waka tim hɔ daa no ho. Yiw, “yɛn Nyankopɔn asɛm” tim hɔ daa. Sɛ Onyankopɔn kasa a, biribiara ntumi mma n’asɛm nyɛ kwa anaasɛ ensiw ne mmamu kwan.—Yosua 23:14.

11. Dɛn nti na yebetumi anya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛma bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ N’asɛm a wɔakyerɛw mu no abam?

11 Ɛnnɛ, yɛwɔ Yehowa atirimpɔw a wada no adi no wɔ Bible mu. Mfehaha a abɛsen kɔ no, Bible no ahyia ɔsɔretia a emu yɛ den, na nsɛm asekyerɛfo a wɔwɔ akokoduru ne afoforo de wɔn nkwa ato asiane mu akora so. Nanso, ɛnyɛ wɔn mmɔdenbɔ nkutoo na ama no atra hɔ. Tra a atra hɔ no ho anuonyam nyinaa kɔ Yehowa, ‘Onyankopɔn teasefo a ɔte hɔ daa’ na Ɔkora N’asɛm so no nkyɛn. (1 Petro 1:23-25) Susuw eyi ho: Esiane sɛ Yehowa akora N’asɛm a wɔakyerɛw so nti, so yentumi nnya ne mu ahotoso sɛ ɔbɛma bɔhyɛ a ɛwom nyinaa abam?

Onyankopɔn Hoɔdenfo a Ɔyɛ Ne Nguan Brɛbrɛ

12, 13. (a) Dɛn nti na wobetumi de wɔn ho ato sanba ho bɔhyɛ no so? (b) Asɛmpa bɛn na ɛwɔ hɔ ma Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no, na dɛn nti na wobetumi anya ahotoso?

12 Yesaia de biribi foforo a enti yebetumi de yɛn ho ato sanba ho bɔhyɛ no so ma. Nea ɔhyɛ bɔ no yɛ Onyankopɔn hoɔdenfo a ɔyɛ ne man brɛbrɛ. Yesaia toa so sɛ: “Foro kɔ bepɔw a ɛkorɔn so, ɔsɛmpakafo Sion. Ma wo nne so ahoɔden so, ɔsɛmpakafo Yerusalem. Ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkurow sɛ: Hwɛ, mo Nyankopɔn ni. Hwɛ [Yehowa, “NW”] Nyankopɔn de tumi [“ɔde ahoɔden,” “NW” ase hɔ asɛm] reba, na ne basa bedi nim ama no; hwɛ, n’akatua ka no ho, na n’ananmuhyɛ di n’anim. Ɔbɛyɛn ne nguankuw sɛ oguanhwɛfo, obeturu nguammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nguan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛoo.”—Yesaia 40:9-11.

13 Wɔ Bible mmere mu no, na mmea taa di nkonimdi ho ahurusi, wɔteɛm anaa wɔto ɔko mu nkonimdi ho asɛmpa anaa ogye bi a ɛreba ho dwom. (1 Samuel 18:6, 7; Dwom 68:11) Yesaia kyerɛ nkɔmhyɛ kwan so sɛ asɛmpa bi wɔ hɔ ma Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no, amanneɛbɔ a wobetumi adi ho ahurusi a wonsuro, wɔ mmepɔw so mpo—Yehowa bedi ne nkurɔfo anim asan de wɔn akɔ Yerusalem a wɔn akoma wɔ no! Wobetumi anya ahotoso, efisɛ Yehowa ‘de ahoɔden’ na ɛbɛba. Enti, biribiara ntumi nsiw ne bɔhyɛ mmamu kwan.

14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa bedi ne nkurɔfo anim brɛbrɛ no mu? (b) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛkyerɛ sɛnea nguanhwɛfo ka wɔn nguan brɛbrɛ no mu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 405 no.)

14 Nanso, Onyankopɔn a ɔyɛ den yi yɛ brɛbrɛ nso. Yesaia de anigye ka sɛnea Yehowa bedi ne nkurɔfo anim asan de wɔn akɔ wɔn asase so no ho asɛm. Yehowa te sɛ oguanhwɛfo a ɔwɔ dɔ a ɔboaboa ne nguan ano gu ne “kokom.” Ɛha no, ɛda adi sɛ nea asɛmfua “kokom” no kyerɛ ne atade soro. Ɛha ne baabi a ɛtɔ mmere bi a nguanhwɛfo soa nguammaa a wɔawo wɔn foforo a wontumi ne nguankuw no mmom nnantew no. (2 Samuel 12:3) Akyinnye biara nni ho sɛ, nguanhwɛfo adeyɛ a ɛte saa a ɛka koma a wɔka ho asɛm no ma Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ nnommumfa mu no nya awerɛhyem sɛ ofi ɔdɔ mu dwen wɔn ho. Nokwarem no, yebetumi anya Onyankopɔn a ɔyɛ den saa nanso ɔyɛ brɛbrɛ no mu ahotoso sɛ ɔbɛma nea wahyɛ ho bɔ anya mmamu!

15. (a) Bere bɛn na Yehowa ‘de ahoɔden’ bae, na hena ne ‘basa a ɛredi tumi ama no’ no? (b) Asɛmpa bɛn na ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho dawuru a wonsuro?

15 Yesaia nsɛm no yɛ nea ɛkyerɛ biribi ma yɛn nnɛ wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Wɔ 1914 mu no, Yehowa ‘de ahoɔden’ bae, na ɔde N’ahenni no sii hɔ wɔ soro. ‘Basa a ɛredi tumi ama no’ no ne ne Ba, Yesu Kristo, a Yehowa de no asi ne soro ahengua so no. Wɔ 1919 mu no, Yehowa gyee n’asomfo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no fii Babilon Kɛse nkoasom mu, na ɔyɛɛ nhyehyɛe maa wɔsan de nokware Nyankopɔn teasefo no nokware som sii hɔ koraa. Eyi yɛ asɛmpa a ɛsɛ sɛ wɔbɔ no dawuru a wonsuro, te sɛ nea wɔreteɛm afi mmepɔw so na ama mpaemuka no adu akyirikyiri baabiara. Ɛnde, momma yɛmfa akokoduru mma yɛn nne so mma afoforo nhu sɛ Yehowa Nyankopɔn asan de ne nokware som asi asase yi so!

16. Ɔkwan bɛn so na Yehowa di ne nkurɔfo anim nnɛ, na nhwɛso bɛn na eyi yɛ?

16 Nsɛm a ɛwɔ Yesaia 40:10, 11 no so wɔ mfaso ma yɛn nnɛ nso. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛnea Yehowa di ne nkurɔfo anim brɛbrɛ no. Sɛnea oguanhwɛfo nim nguan no mu biara ahiade—a nguammaa nketewa a wontumi ne wɔn a aka no nnantew ka ho—no, saa ara na Yehowa te n’asomfo anokwafo mu biara sintɔ ase. Bio nso, Yehowa, sɛ́ Oguanhwɛfo a ɔyɛ brɛbrɛ no, ɔyɛ nhwɛso ma Kristofo ahwɛfo. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nguan no brɛbrɛ, na wosuasua sɛnea Yehowa ankasa fi ɔdɔ mu dwen wɔn ho no. Ɛsɛ sɛ wɔma sɛnea Yehowa te nka wɔ oguan biara a ‘ɔde n’ankasa Ba mogya tɔɔ no’ ho no tra wɔn adwenem bere nyinaa.—Asomafo no Nnwuma 20:28.

Tumi ne Nyansa Nyinaa Wura

17, 18. (a) Dɛn nti na Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no betumi anya sanba ho nkɔmhyɛ no mu ahotoso? (b) Nsɛm a ɛyɛ hu bɛn na Yesaia bisa?

17 Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no betumi anya sanba ho bɔhyɛ no mu ahotoso efisɛ Onyankopɔn yɛ tumi ne nyansa nyinaa wura. Yesaia ka sɛ: “Hena na ɔde ne nyansam susuw nsu, na ɔto ɔsoro nsaama, na ɔde susukora hyɛ asase so mfutuma, na ɔkari mmepɔw nsenia mu ne nkoko nsenia nkora mu? Hena na ɔteɛ [Yehowa, “NW”] honhom so, na ɔfotufo bɛn na ɔma ohu ade? Ɔne hena na atu agyina, na wama wahu biribi, na wakyerɛ no atemmu kwan, na wakyerɛ no nimdeɛ, na wama wahu nhumu kwan?”—Yesaia 40:12-14.

18 Eyi yɛ nsɛmmisa a ɛyɛ hu a ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no susuw ho. So onipa desani betumi adan po asorɔkye ani? Dabida! Nanso, wɔ Yehowa fam no, po a ɛkata asase so no te sɛ nsu ketewa bi a ɛwɔ ne nsam. * So nnipa a wɔyɛ mmerɛw betumi asusuw wim a nsoromma ayɛ hɔ mã a ɛtrɛw no anaasɛ wobetumi akari asase so mmepɔw ne nkoko? Dabi. Nanso, ɔsoro susuw nyɛ Yehowa den koraa sɛnea onipa betumi de ne nsa kokrommoti ne ne kɔkorɔmmɔto asusuw ade no. Enti, Onyankopɔn betumi akari mmepɔw ne nkoko wɔ nsenia so. So nnipa a wonim nyansa sen biara mpo betumi atu Onyankopɔn fo wɔ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ mprempren tebea ho na wɔakyerɛ no nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ daakye? Dabida!

19, 20. Nea ɛbɛyɛ na wasi Yehowa kɛseyɛ so dua no, mfatoho a emu da hɔ bɛn na Yesaia de di dwuma?

19 Na asase so aman a wɔyɛ den no nso ɛ—so wobetumi ako atia Onyankopɔn bere a ɔma n’asɛm bam no? Yesaia bua denam aman no a ɔka wɔn ho asɛm sɛnea edi so yi no so: “Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, na wobu wɔn sɛ nsenia mu mfutumawa bi. Hwɛ, ɔmoma mmepɔw so sɛ mfutuma fekɔfekɔ. Na Lebanon nsõ hyew, na ne mmoadoma nsõ ɔhyew afɔre. Amanaman nyinaa nyɛ hwee n’anim; obu wɔn sɛ ade a ɛnyɛ hwee ne adehunu.”—Yesaia 40:15-17.

20 Wɔ Yehowa fam no, amanaman nyinaa te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ. Wɔnsɛ biribiara sɛ mfutuma muhumuhu a ɛboaboa ano wɔ nsenia so a emu duru nyɛ hwee no. * Fa no sɛ obi resi afɔremuka kɛse bi, ɛnna ɔde Lebanon mmepɔw so nnua nyinaa yɛɛ ogya maa afɔremuka no. Afei, fa no sɛ ɛsɛ sɛ ɔde mmoa a wɔwɔ saa mmepɔw no so nyinaa bɔ afɔre. Afɔrebɔ a ɛte saa mpo rensom bo mma Yehowa. Te sɛ nea mfatoho a Yesaia de adi dwuma abesi ha yi nnɔɔso no, ɔdan kɔ asɛm a emu yɛ den so mpo—amanaman nyinaa “nyɛ hwee” wɔ Yehowa ani so.—Yesaia 40:17.

21, 22. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesaia si so dua sɛ obiara ne Yehowa nsɛ? (b) Adwene bɛn na Yesaia nsɛm a emu da hɔ no ma yenya? (d) Asɛm a ɛyɛ nokware wɔ nyansahu mu bɛn na Yesaia yɛ ho kyerɛwtohɔ? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 412 no.)

21 Nea ɛbɛyɛ na wasi so dua bio sɛ obiara ne Yehowa nsɛ no, Yesaia kɔ so da wɔn a wɔde sika, dwetɛ, anaa dua yɛ ahoni no agyimisɛm adi. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ wobesusuw sɛ ahoni a wɔte saa no betumi ne nea “Ɔte asase kontonkron so” na odi ɛsotefo so no ayɛ pɛ!—Kenkan Yesaia 40:18-24.

22 Mfatoho a emu da hɔ yi nyinaa ma yenya adwene koro—biribiara ntumi nsiw Yehowa a ɔyɛ tumi ne nyansa nyinaa wura, na obiara ne no nsɛ no, bɔhyɛ a ɔbɛma abam no kwan. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesaia nsɛm no kyekyee Yudafo a na wɔwɔ Babilon nnommumfa mu a na wɔn ani agyina sɛ wɔbɛsan aba wɔn asase so no werɛ na ɛhyɛɛ wɔn den! Ɛnnɛ, yɛn nso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɔhyɛ a ɛfa daakye ho no bɛbam.

‘Hena na Ɔbɔɔ Eyinom?’

23. Dɛn nti na Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no betumi anya abotɔyam, na dɛn na afei Yehowa ka fa ne ho?

23 Biribi foforo nso wɔ hɔ a enti Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no betumi anya abotɔyam. Nea ɔhyɛ bɔ sɛ obegye wɔn no na Ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔne tumi nyinaa Wura. Nea ɛbɛyɛ na wasi ne tumi a ɛyɛ nwonwa so dua no, Yehowa twe adwene si ne tumi a ɛda adi wɔ adebɔ mu no so: “Ɛhena ho na mode me bɛto na me ne no asɛ? Ɔkronkronni no na ose. Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.”—Yesaia 40:25, 26.

24. Bere a Yehowa rekasa ama ne ho no, ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛ sɛ obiara ne no nsɛ?

24 Israel Kronkronni no rekasa ama n’ankasa ho. Nea ɛbɛyɛ na Yehowa akyerɛ sɛ obiara ne no nsɛ no, ɔtwe adwene si ɔsoro nsoromma so. Te sɛ ɔsahene a otumi de asraafo a wɔhyɛ n’ase sisi gyinabea a ɛfata no, Yehowa wɔ nsoromma so tumi. Sɛ ɔka sɛ ɔreboaboa wɔn ano a, ‘emu koro mpo renyera.’ Ɛwom sɛ nsoromma no yɛ bebree de, nanso ɔde emu biara din frɛ no, sɛ́ ɛyɛ ankorankoro din anaasɛ ekuw din no. Te sɛ asraafo a wɔyɛ setie no, wogyina wɔn gyinabea, na wodi nhyehyɛe a ɛfata akyi, efisɛ wɔn Kannifo no wɔ “tumi” a ɛdɔɔso na ‘n’ahoɔden sõ.’ Enti, Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wonya ahotoso. Ɔbɔadeɛ a odi nsoromma so no wɔ tumi a ɔde bɛboa n’asomfo.

25. Ɔkwan bɛn so na yebetumi agye nsa a Onyankopɔn to frɛ yɛn a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 40:26 no so, na nkɛntɛnso bɛn na ebenya wɔ yɛn so?

25 Yɛn mu hena na obetumi asɔre atia Onyankopɔn nsa a wato afrɛ yɛn a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yesaia 40:26 sɛ: “Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro” no? Nneɛma a nnɛyi nsoromma ho animdefo ahu ada no adi sɛ wim nsoromma yɛ nea ɛyɛ nwonwa sen sɛnea na ɛte wɔ Yesaia bere so no. Nsoromma ho animdefo a wɔde afiri hwɛ ade akyirikyiri hu ɔsoro nneɛma no bu akontaa sɛ nsoromma kuw bɛyɛ ɔpepepem 125 na ɛwɔ amansan a aniwa hu yi mu. Wiɛ, sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, nsoromma bɛboro ɔpepepem 100 na ɛwɔ eyinom mu biako pɛ—Milky Way nsoromma kuw—no mu! Ɛsɛ sɛ nimdeɛ a ɛte saa kanyan yɛn ma yenya obu kɛse ma yɛn Bɔfo no, na yɛde yɛn ho to n’asɛm a bɔhyɛ wom no so koraa.

26, 27. Ɔkwan bɛn so na wɔka nnommum a wɔwɔ Babilon no nkate ho asɛm, na nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wohu?

26 Esiane sɛ Yehowa nim sɛ mfe a Yudafo de bɛtra nnommumfa mu no bɛbrɛ wɔn honhom ase nti, ɔde honhom ka Yesaia ma odi kan kyerɛw nsɛm a ɛma wonya awerɛhyem yi: “Ɛdɛn nti na, Yakob, woka, na Israel, wokasa sɛ: Me kwan ahintaw [Yehowa, “NW”], na me Nyankopɔn abu n’ani agu m’atemmu so? So wunhui? So wontee ɛ? Daa Onyankopɔn ne [Yehowa, “NW”] a ɔbɔɔ asase awiei no. Ɔmmrɛ, na ɔmpa abaw; ne nhumu mu nni ahwehwɛye.”—Yesaia 40:27, 28. *

27 Yesaia na ɔyɛ Yehowa nsɛm a ɛka nnommum a wɔwɔ Babilon, a efi hɔ rekɔ wɔn asase so yɛ kilomita ɔhaha pii no nkate ho asɛm ho kyerɛwtohɔ no. Ebinom susuw sɛ wɔn Nyankopɔn nhu anaa onnim wɔn “kwan”—wɔn asetra a ayɛ den—no. Wosusuw sɛ amane a wɔrehu no mfa Yehowa ho. Wɔkae wɔn nneɛma a ɛsɛ sɛ wohu, sɛ wɔn ankasa mpo nhuu biribi a ɛte saa a, ɛnde anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wotumi hu fi nsɛm a wɔaka akyerɛ wɔn no mu. Yehowa betumi agye ne nkurɔfo, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔyɛ saa nso. Ɔyɛ daa Nyankopɔn ne asase nyinaa Bɔfo. Enti, ɔda so ara wɔ tumi a ɔde dii dwuma wɔ adebɔ mu no, na Babilon a ɛyɛ den no mpo ntumi nnyina n’anim. Onyankopɔn a ɔte saa no ntumi mmrɛ na wadi ne nkurɔfo huammɔ. Wɔnhwɛ kwan sɛ wobetumi ate Yehowa adeyɛ ase koraa, efisɛ ne nsusuwii—anaasɛ ne nhumu, ne n’adwene—boro wɔn ntease so.

28, 29. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa kae ne nkurɔfo sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔabrɛ no? (b) Mfatoho bɛn na wɔde di dwuma de kyerɛ sɛnea Yehowa ma n’asomfo tumi?

28 Yehowa nam Yesaia so toa nkuranhyɛ a ɔwɔ ma nnommum a wɔn abam abu no so sɛ: “Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso. Mmerante brɛ, na wɔpa abaw, na nkwankwaa hwehwe ase. Na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, “NW”] no nya ahoɔden foforo, wɔde ntaban foro sɛ akɔre, wotu mmirika, na wɔmpa abaw, wɔnantew, na wɔmmrɛ.”—Yesaia 40:29-31.

29 Bere a na Yehowa reka hia a ehia sɛ ɔma nea wabrɛ tumi no, ɛbɛyɛ sɛ akwantu a ɛyɛ den a na nnommum no betu ansa na wɔasan akɔ wɔn asase so no na na ɛwɔ n’adwenem. Yehowa kae ne nkurɔfo sɛ ɛyɛ ne su sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔabrɛ a wɔba ne nkyɛn bɛhwehwɛ mmoa no. Ebia adwumaden ne nantew bɛma nnipa a wɔwɔ ahoɔden sen biara mpo—“mmerante” ne “nkwankwaa”—abrɛ. Nanso, Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no tumi—tumi a edi mũ a wɔde betu mmirika na wɔde anantew. Wɔde tu a ɔkɔre, anomaa a ɔyɛ den a obetumi adi nnɔnhwerew pii wɔ wim a ɔnhome, tu a ɛte sɛ nea ɔmmrɛ ho no di dwuma de kyerɛkyerɛ sɛnea Yehowa ma n’asomfo tumi no mu. * Bere a Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu wɔ anidaso a ɛte saa sɛ Onyankopɔn bɛboa wɔn no, biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma wɔn abam bu.

30. Ɔkwan bɛn so na nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya awerɛkyekye afi Yesaia ti 40 no nkyekyem a etwa to no mu?

30 Yesaia ti 40 no nkyekyem a etwa to no kura awerɛkyekyesɛm ma nokware Kristofo a wɔte nneɛma nhyehyɛe bɔne yi nna a edi akyiri mu no. Bere a nhyɛso ne ɔhaw pii a ebu abam wɔ hɔ no, ɛyɛ akomatɔyam sɛ yebehu sɛ nsɛnnennen a yehyia ne amane a yehu no nyɛ nea yɛn Nyankopɔn nhu. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ nneɛma nyinaa Bɔfo, Nea ne “nhumu nni anobu” no besiesie atɛnkyea nyinaa wɔ n’ankasa bere a ɛsɛ mu wɔ ɔkwan a ɔpɛ so. (Dwom 147:5, 6) Enkosi saa bere no, ɛnyɛ yɛn ankasa ahoɔden na ɛbɛma yɛatumi agyina. Yehowa a n’ahoɔden nni ano no betumi de tumi—“tumi a ɛboro so” mpo—ama n’asomfo wɔ sɔhwɛ bere mu.—2 Korintofo 4:7.

31. Anidaso ho bɔhyɛ bɛn na na ɛwɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu ma Yudafo nnommum a na wɔwɔ Babilon no, na dɛn mu na yebetumi anya ahotoso koraa?

31 Susuw Yudafo nnommum a na wɔwɔ Babilon wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu no ho hwɛ. Wɔn kurow Yerusalem a wɔn akoma wom no wɔ akyirikyiri kilomita ɔhaha pii, na ɛne n’asɔrefie adan amamfõ. Wɔn fam no, ná honhom fam hann ne anidaso ho bɔhyɛ a ɛma awerɛkyekye—sɛ Yehowa bɛsan de wɔn akɔ wɔn asase so no—wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu! Wɔ 537 A.Y.B. mu no, Yehowa dii ne nkurɔfo anim kɔɔ fie, na ɛdaa adi sɛ ɔyɛ Obi a odi ne bɔhyɛ so. Yɛn nso yebetumi anya Yehowa mu ahotoso koraa. N’ahenni ho bɔhyɛ ahorow, a wɔka ho asɛm fɛfɛɛfɛ wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu no bɛbam ankasa. Ɛno yɛ asɛmpa ankasa—hann asɛm ma adesamma nyinaa!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Yesaia hyɛ ɔkwan a wobesiesie wɔ Yehowa anim ho nkɔm. (Yesaia 40:3) Nanso, Nsɛmpa no de saa nkɔmhyɛ no dii dwuma maa nea Yohane Suboni yɛe de siesiee ɔkwan maa Yesu Kristo no. Mmarima a honhom kaa wɔn ma wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no yɛɛ saa ntotoho no efisɛ na Yesu gyina hɔ ma N’agya, na ɔbae wɔ N’agya din mu.—Yohane 5:43; 8:29.

^ nky. 18 Wobu akontaa sɛ “ɛpo mu duru bɛyɛ mɛtrik tɔn ɔpepepepepepem 1.35 (1.35 x 1018), anaasɛ bɛyɛ Asase mu duru 1/4400.”—Encarta 97 Encyclopedia.

^ nky. 20 The Expositor’s Bible Commentary ka sɛ: “Wɔ mmeae a ɛbɛn Apuei fam aguadibea no, sɛ wɔrekari nam anaa nnuaba a, wɔremmu nsukoko a ɛsɔ gu bokiti a wɔde susuw ade mu anaasɛ mfutuma kakraa bi a egu nsenia so no ho akontaa.”

^ nky. 26Yesaia 40:28 no, asɛm “daa” no kyerɛ “daapem,” efisɛ Yehowa yɛ “mmeresanten hene.”—1 Timoteo 1:17.

^ nky. 29 Ɔkɔre de ahoɔden kakraa bi pɛ na etu. Ɔyɛ saa denam ɔhyew, anaa mframa a emu yɛ hyew a ɛrekɔ wim a ɔde di dwuma yiye no so.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 404, 405]

Yehowa, Oguanhwɛfo a Ɔwɔ Dɔ

Yesaia de Yehowa toto oguanhwɛfo a oturu ne nguammaa ne koko mu ho. (Yesaia 40:10, 11) Ɛda adi sɛ Yesaia de ne mfatoho a ɛyɛ anigye yi gyina nneɛma a na tete nguanhwɛfo no yɛ ankasa so. Ɔdɛɛmmani bi a na ɔhwɛ nguanhwɛfo a wɔwɔ Bepɔw Hermon a ɛwɔ Mediterranea Supɔw ase no bɔ amanneɛ sɛ: “Oguanhwɛfo biara hwɛɛ ne nguan yiye huu sɛnea wɔn ho te. Sɛ na ohu oguan a wɔawo no foforo a, na ɔde no ka nguan a wɔwɔ . . . n’atade nkataso kɛse mu no ho, esiane sɛ onni ahoɔden a ɔde bedi ne maame akyi nti. Sɛ ne kokom yɛ mã a, na osuso wɔn nan de wɔn gu ne mmati, anaasɛ ɔde wɔn gu bag anaa kɛntɛn mu de soa afurum kosi sɛ nguammaa no betumi adi wɔn maamenom akyi.” So ɛnyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ yɛsom Nyankopɔn a odwen ne nkurɔfo ho kɛse saa?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 412]

Asase Te Dɛn?

Wɔ tete mmere mu no, na nnipa nyinaa gye di sɛ asase no yɛ tratraa. Nanso, wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu mfiase no, Helani nyansapɛfo Pythagoras kyerɛe sɛ ɛbɛyɛ sɛ asase no yɛ kurukuruwa. Sɛ saa mpo a, mfeha abien ansa na Pythagoras nyaa adwenkyerɛ yi no, na odiyifo Yesaia de ahotoso aka ma emu ada hɔ pefee sɛ: ‘Ɔno na ɔte asase kontonkron so.’ (Yesaia 40:22) Hebri asɛmfua chugh, a wɔkyerɛ ase wɔ ha sɛ ‘kontonkron’ no yɛ nea wobetumi akyerɛ ase “kurukuruwa.” Nea ɛyɛ nwonwa no, nneɛma a ɛyɛ nkuruwankuruwa nkutoo na sɛ wugyina baabiara hwɛ a, wubehu sɛ ɛyɛ kontonkron.* Enti, bere tenten ansa na ɔreka n’asɛm no, na odiyifo Yesaia akyerɛw asɛm a ɛyɛ nokware wɔ nyansahu mu, na ɛnyɛ tete anansesɛm bi.

[Ase hɔ asɛm]

Sɛ yɛbɛka paa a, asase no yɛ kurukuruwa san yɛ tratra kakra. Atifi paa ne ase paa yɛ tratra kakra.

[Mfonini wɔ kratafa 403]

Yohane Suboni ne nne a ‘ɛteɛɛm sare so’ no