Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munnsuro Asiria

Munnsuro Asiria

Ti Dumien

Munnsuro Asiria

Yesaia 10:5-34

1, 2. (a) Wɔ nnipa fam no, dɛn nti na na ɛte sɛ nea ntease wom sɛ Yona mpɛ sɛ otie ahyɛde a ɛne sɛ ɔnkɔka asɛm nkyerɛ Asiriafo no? (b) Niniwefo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ Yona asɛm no ho?

WƆ AFEHA a ɛto so akron A.Y.B. mu no, Hebri diyifo Yona, Amitai ba no, kɔɔ Niniwe, a na ɛyɛ Asiria Ahemman no ahenkurow no mu. Ná ɔwɔ asɛm bi a emu yɛ duru ka kyerɛ wɔn. Ná Yehowa aka akyerɛ no sɛ: “Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na pae mu gu no so sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.”—Yona 1:2, 3.

2 Bere a wɔmaa Yona dwumadi nea edi kan no, oguanee de n’anim kyerɛɛ baabi foforo kɔɔ Tarsis. Wɔ nnipa fam de, na ntease wom sɛ Yona mpɛ sɛ ɔkɔ. Ná Asiriafo no yɛ atirimɔdenfo. Hyɛ sɛnea Asiria hene bi ne n’atamfo dii no nsow: “Mitwitwaa mpanyimfo no nsa . . . Mede ogya hyew nnommum no pii, na mede pii kɔɔ nnommumfa mu anikan. Mitwitwaa ebinom nsa ne wɔn nsateaa, na mitwitwaa afoforo hwene.” Nanso, bere a awiei koraa Yona kɔkaa Yehowa asɛm no, Niniwefo no sakra fii wɔn bɔne ho, na Yehowa ansɛe kurow no saa bere no.—Yona 3:3-10; Mateo 12:41.

Yehowa Ma “Abaa” So

3. Ɔkwan bɛn so na nneyɛe a Israelfo daa no adi wɔ kɔkɔbɔ ahorow a Yehowa adiyifo de maa wɔn ho no yɛ soronko wɔ Niniwefo de ho?

3 So Israelfo a Yona kaa asɛm kyerɛɛ wɔn no nso tiei? (2 Ahene 14:25) Dabi. Wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ nokware som. Nokwarem no, wɔkɔɔ akyiri araa ma “wɔsɔree ɔsoro asafo nyinaa, na wɔsom Baal.” Bio nso, “wɔmomaa wɔn mmabarima ne wɔn mmabea fofaa ogya mu, na wɔhyehyɛɛ nkɔm bisabisaa ade, na wɔde wɔn ho mae sɛ wɔbɛyɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne de ahuru ne bo.” (2 Ahene 17:16, 17) Israelfo nyɛ wɔn ade sɛ Niniwefo; sɛ Yehowa soma adiyifo ma wɔkɔbɔ wɔn kɔkɔ a, wontie. Enti Yehowa si gyinae sɛ ɔbɛyɛ biribi a emu yɛ den atia wɔn.

4, 5. (a) “Asiria” kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na Yehowa de no bedi dwuma sɛ “abaa”? (b) Bere bɛn na Samaria hwe ase?

4 Efi bere a Yona kɔsraa Niniwe no, Asiria ntua so tewee. * Nanso, wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mfiase no, Asiria san bɛyɛɛ den wɔ akodi mu, na Yehowa de no dii dwuma ma ɛyɛɛ nwonwa. Odiyifo Yesaia de Yehowa kɔkɔbɔ kɔma kusuu fam Israel ahemman no sɛ: “Due, Asiria, m’abufuw abaa a wo nsam poma yɛ m’abufuhyew! Ɔman akɔnkɔnsafo mu na mɛsoma no makɔ, na m’abufuw man no so na mɛhyɛ no sɛ ɔnkɔ nkɔfa asade na ɔnkɔfow, na ontiatia wɔn so sɛ mmorɔn so dɔte.”—Yesaia 10:5, 6.

5 Hwɛ sɛnea wɔabrɛ Israelfo ase! Onyankopɔn de ɔman a wɔsom abosom—“Asiria”—na edi dwuma sɛ “abaa” de twe wɔn aso. Wɔ 742 A.Y.B. mu no, Asiria hene Salmaneser V twa Samaria, Israel man a awae no ahenkurow, ho hyia. Samaria fi baabi a na ɛwɔ wɔ koko a ne tenten bɛyɛ mita 90 no so bu fa atamfo no so bɛyɛ mfe abiɛsa. Nanso onipa nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi atwitware Onyankopɔn atirimpɔw mu. Samaria hwe ase wɔ 740 A.Y.B. mu, na Asiria tiatia ne so.—2 Ahene 18:10.

6. Ɔkwan bɛn so na Asiria yɛ ade tra nea Yehowa pɛ sɛ ɔde no yɛ?

6 Ɛwom sɛ Yehowa de Asiriafo no dii dwuma twee ne nkurɔfo aso de, nanso wɔn ankasa anhu sɛ Yehowa na ɔde wɔn dii dwuma. Ɛno nti ɔkɔ so ka sɛ: “Nso [Asiria] de, ɛnyɛ́ saa na odwen, na ne koma nsusuw no sa, na ɛwɔ ne koma mu sɛ ɔbɛsɛe na watutu amanaman pii.” (Yesaia 10:7) Yehowa bu Asiria sɛ adwinnade a ɔde no redi dwuma. Nanso Asiria susuw sɛ ɔyɛ biribi foforo. Ne koma daadaa no ma odwen biribi a ɛkorɔn—wiase a wonim no saa bere no nyinaa a obedi so!

7. (a) Kyerɛkyerɛ asɛm, “So m’asafohene nyɛ ahene nko ara?” no mu. (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpo Yehowa nnɛ no hyɛ no nsow?

7 Ná nkurow a ɛnyɛ Israelfo de a Asiria dii so nkonim no wɔ ahene dedaw. Ná ɛsɛ sɛ saa ahene no brɛ wɔn ho ase sɛ asafohene a wɔhyɛ Asiria ase, enti na obetumi ahoahoa ne ho ampa sɛ: “So m’asafohene nyɛ ahene nko ara?” (Yesaia 10:8) Amanaman mu nkurow akɛse no atoro anyame antumi annye wɔn asomfo amfi ɔsɛe mu. Anyame a Samariafo som wɔn, te sɛ Baal, Molek, ne sika nantwi mma no remmɔ saa kurow no ho ban. Esiane sɛ Samaria apo Yehowa nti, ontumi nhwɛ kwan sɛ Yehowa begye no. Ɛmmra sɛ obiara a ɔpo Yehowa nnɛ no besua biribi afi ɔhaw a ɛtoo Samaria no mu! Asiria betumi de Samaria ne nkurow foforo a wadi wɔn so nkonim no ahoahoa ne ho ma afata sɛ: “So Kalno nte sɛ Karkemis, na Hamat nte sɛ Arpad, na Samaria nte sɛ Damasko?” (Yesaia 10:9) Wɔn nyinaa yɛ pɛ wɔ Asiria ani so—nneɛma a ɔrebɛfow.

8, 9. Dɛn nti na Asiria yɛ ade kɔ akyiri bere a ɔde n’ani si Yerusalem so no?

8 Nanso, Asiria hoahoa ne ho kɔ akyiri dodo. Ɔka sɛ: “Sɛnea me nsa kaa ahenni a wɔn abosonhuhuw no ahoni sen Yerusalem ne Samaria de no, so ɛnyɛ sɛnea meyɛɛ Samaria ne ɛhɔ abosonhuhuw no na mɛyɛ Yerusalem ne ɛhɔ ahoni no nso?” (Yesaia 10:10, 11) Ná ahemman a Asiria adi kan adi wɔn so nkonim no wɔ ahoni pii sen Yerusalem anaa Samaria mpo. Enti obisa sɛ, ‘dɛn na ebetumi asianka me a memfa nea mede yɛɛ Samaria no bi nyɛ Yerusalem?’

9 Ɔhoahoa ne ho! Ná Yehowa remma ɔmfa Yerusalem. Ampa, na Yuda awae afi nokware som ho. (2 Ahene 16:7-9; 2 Beresosɛm 28:24) Yehowa bɔɔ kɔkɔ sɛ esiane Yuda asoɔden nti, obehu amane pii wɔ Asiria ntua no mu. Nanso na Yerusalem befi mu aka. (Yesaia 1:7, 8) Hesekia na ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem bere a Asiriafo betua wɔn no. Hesekia nte sɛ n’agya, Ahas. Wɔ Hesekia nniso no ɔsram a edi kan pɛɛ mu no, ɔsan buebue asɔrefie apon no de nokware som si hɔ bio!—2 Beresosɛm 29:3-5.

10. Dɛn na Yehowa ka sɛ ɔbɛma Asiria ayɛ?

10 Enti Yehowa mpene ntua a Asiria yɛ sɛ ɔde bɛba Yerusalem so no so. Yehowa ka sɛ ɔbɛma saa wiase tumidi a ɛyɛ ahomaso no abu akontaa: “Sɛ [Yehowa, “NW”] nya yɛ n’ade a ɔbɛyɛ, Sion bepɔw so ne Yerusalem wie a, mɛba mabetua Asiria hene komapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.”—Yesaia 10:12.

Otu Yuda ne Yerusalem so Sa!

11. Dɛn nti na Asiria susuw sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛfow Yerusalem?

11 Bere a kusuu fam ahemman no hwee ase akyi mfe awotwe, wɔ 740 A.Y.B. mu no, Asiria hene foforo, Sanaherib, sɔre hyɛɛ Yerusalem. Yesaia de anwensɛm bi ka Sanaherib ahantan nhyehyɛe no ho asɛm sɛ: [Metwiw] aman no ahye, na mafow wɔn akorade, na masunsum wɔn a wɔtete agua so magu, sɛ ɔbran. Na me nsa aka aman no ahonyade sɛ berebuw; na sɛ wɔtase nkesua a wɔagyaw no, sɛ me nso matase asase nyinaa ne no, obiara nni hɔ a ɔkekaa ntaban anaasɛ ɔtɛɛ n’anom anaasɛ osui twẽe twẽe.” (Yesaia 10:13, 14) Sanaherib susuw sɛ nkurow foforo ahwe ase, na Samaria nni hɔ bio, enti obetumi afow Yerusalem ntɛm koraa! Kurow no betumi ako kakra, nanso esiane sɛ emufo besu denneennen nti, wobedi wɔn so nkonim ntɛm, afow wɔn nneɛma te sɛ nkesua a wɔagyaw no berebuw mu.

12. Dɛn na Yehowa kyerɛ sɛ ɛyɛ ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wɔfa so susuw Asiria ahohoahoa no ho?

12 Nanso, Sanaherib werɛ afi biribi. Ná Samaria fata asotwe a ɛbaa ne so no. Nanso, wɔ Ɔhene Hesekia nniso ase no, na Yerusalem abɛyɛ den bio wɔ nokware som mu. Ná obiara a ɔpɛ sɛ ɔka Yerusalem no ne Yehowa na ɛrebedi asi! Yesaia bisa no abufuw so sɛ: “So akuma hoahoa ne ho nea ɔde twa ade no so, anaasɛ ɔwan ma ne ho so nea ɔtwe no no so? Sɛ gyama dua tumi him nea ɔma so no, anaasɛ poma tumi ma nea ɔnyɛ dua no so.” (Yesaia 10:15) Asiria Ahemman no yɛ adwinnade bi ara kwa wɔ Yehowa nsam, sɛnea akuma, ɔwan, gyama dua, anaa poma yɛ nnwinnade ara kwa wɔ duahimfo, duatwafo, anaa nguanhwɛfo nsam no. Ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na abaa ama ne ho so asen nea ɔde no di dwuma no!

13. Kyerɛkyerɛ nea edidi so yi mu na kyerɛ nea ɛtoo wɔn (a) ‘abran.’ (b) ‘nguare ne nsɔe.’ (d) ‘ne kwae anuonyam.’

13 Dɛn na ɛbɛto Asiria? “Asafo [Yehowa, “NW”] no, bɛma n’abran afomfɔn, na wasɔ n’anuonyam ase gya sɛ ogya a ɛdɛw. Na Israel hann no bɛdan ogya, na ne kronkronni no adan gyaframa, na wadɛw ahyew ne nguare ne ne nsɔe da koro. Na ne kwae ne ne mfuw anuonyam no, obefi ɔkra so akosi honam so asɛe no, na ayɛ sɛ ɔyarefo a ɔyare rewie no kum. Na ne kwae mu nnua nkae no besua a abofra po betumi akan.” (Yesaia 10:16-19) Yiw, Yehowa bɛbrɛ Asiria “poma” no ase! Ɔbɛma Asiria ‘abran,’ asraafo a wɔyɛ den no, “afomfɔn.” Wɔn ho renyɛ den bio! Te sɛ nwura ne nsɔe pii no, Israel Hann, Yehowa Nyankopɔn, bɛhyew n’asase so asraafo no. Na ‘ne kwae anuonyam,’ n’asraafo mpanyimfo no, bɛtotɔ. Sɛ Yehowa ne Asiria di wie a, mpanyimfo kakraa bi pɛ na wɔbɛka ma enti abofra mpo betumi akan wɔn!—Hwɛ Yesaia 10:33, 34 nso.

14. Kyerɛkyerɛ sɛnea Asiria baa Yuda asase so wɔ 732 A.Y.B. mu.

14 Nanso, na ɛbɛyɛ den ama Yudafo a wɔwɔ Yerusalem wɔ 732 A.Y.B. no sɛ wobegye adi sɛ wobedi Asiria so nkonim. Asiria asraafo pii reba a adagyew nnim. Tie Yuda nkurow a ahwehwe ase no din: “Waba Ayat . . . Migron . . . Mikmas . . . Geba . . . Rama . . . Gibea-Saul . . . Galim . . . Laisa . . . Anatot . . . Madmena . . . Gebim . . . Nob.” (Yesaia 10:28-32a) * Awiei koraa no, ntuafo no du Lakis, a efi hɔ rekɔ Yerusalem yɛ kilomita 50 pɛ no. Ntɛm ara Asiria asraafo pii hunahuna kurow no. “Ɔwosow ne nsa gu Sion babea bepɔw, Yerusalem koko no, so.” (Yesaia 10:32b) Dɛn na ebetumi asianka Asiria?

15, 16. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Ɔhene Hesekia nya gyidi a emu yɛ den? (b) Dɛn na ɛbɛma Hesekia agye adi sɛ Yehowa bɛyɛ no mmoa?

15 Ɔhene Hesekia ho yeraw no wɔ n’ahemfie hɔ wɔ kurow no mu. Osunsuan ne ntade mu fura atweaatam. (Yesaia 37:1) Ɔsoma mmarima kɔ odiyifo Yesaia nkyɛn ma okobisa nea ɛbɛto Yuda fi Yehowa hɔ. Wɔsan ba ntɛm ara de mmuae a Yehowa wɔ no brɛ no sɛ: “Nsuro . . . Mɛwaw kurow yi.” (Yesaia 37:6, 35) Asiriafo no da so ara yɛ asiane, na wɔwɔ ahotoso kɛse.

16 Gyidi—ɛno ne ade a ɛbɛwowaw Ɔhene Hesekia wɔ ne haw yi mu. Gyidi yɛ “nneɛma a yenhu ho adansegye.” (Hebrifo 11:1) Nea ɛkyerɛ ne sɛ wubegye biribi a wunhu ho adanse atom. Nanso gyidi gyina nimdeɛ so. Ɛda adi sɛ, Hesekia kae sɛ Yehowa adi kan aka saa awerɛkyekyesɛm yi dedaw sɛ: “Me man a wɔte Sion, munnsuro Asiria . . . nanso aka ketewaa bi sɛɛ na abufuhyew no to atwa, na m’abufuw adan akɔdwerɛw wɔn. Na asafo [Yehowa, “NW”] behim mpire ahyɛ no, sɛ okum Midian, Oreb botan so no; na n’abaa bɛkyerɛ po no so, na wama so sɛ Misraim de no.” (Yesaia 10:24-26) * Yiw, na Onyankopɔn nkurɔfo aba tebea horow a emu yɛ den mu pɛn. Ɛte sɛ nea Misraim asraafo no bunkam Hesekia nananom so wɔ Po Kɔkɔɔ no so a na wonni anidaso biara. Mfehaha pii ansa na Hesekia reba no, Gideon gyinaa dɔm bebree ano bere a Midian ne Amalek tow hyɛɛ Israel so no. Nanso, Yehowa gyee ne nkurɔfo wɔ saa mmere abien no mu.—Exodus 14:7-9, 13, 28; Atemmufo 6:33; 7:21, 22.

17. Ɔkwan bɛn so na ‘woyii’ Asiria kɔndua no, na dɛn ntia?

17 So na Yehowa bɛsan ayɛ nea ɔyɛe mmere bi no bio? Yiw. Yehowa hyɛ bɔ sɛ: “Da no, n’adesoa beyi afi wo mmati so, na ne kɔndua afi wo kɔn so. Na srade nti kɔndua no bɛpae.” (Yesaia 10:27) Wobeyi Asiria kɔndua no afi Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no mmati ne wɔn kɔn mu. Nokwarem no, ná ‘wobeyi’ kɔndua no—na woyii nso! Da koro anadwo, Yehowa bɔfo kunkum Asiriafo no mu 185,000. Woyi ahunahuna no fi hɔ, na Asiriafo no fi Yuda asase so koraa. (2 Ahene 19:35, 36) Dɛn ntia? “Srade nti.” Ebia eyi gyina hɔ ma ngo a wɔde sraa Hesekia sɛ ɔhene wɔ Dawid anato mu no. Enti, Yehowa di ne bɔhyɛ so sɛ: “Mɛwaw kurow yi ani magye no, me ara ne m’akoa Dawid ntia!”—2 Ahene 19:34.

18. (a) So Yesaia nkɔmhyɛ no benya mmamu foforo bio? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Ahyehyɛde bɛn na ɛte sɛ tete Samaria nnɛ?

18 Yesaia kyerɛwtohɔ a yɛasusuw ho wɔ saa ti yi mu no fa nsɛm a esisii Yuda bɛboro mfe 2,700 a atwam ni no ho. Nanso saa nsɛm no ho hia sen biara nnɛ. (Romafo 15:4) So eyi kyerɛ sɛ wɔn a wɔka wɔn ho asɛm titiriw wɔ kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye yi mu—Samaria, Yerusalem, ne Asiriafo—no wɔ nnɛyi nsusuwso? Yiw, ɛte saa. Te sɛ Samariafo abosonsomfo no, Kristoman kyerɛ sɛ wɔsom Yehowa, nanso wɔawae koraa. Wɔ An Essay on the Development of Christian Doctrine mu no, Roma Katolekni John Henry Cardinal Newman gye tom sɛ nneɛma a Kristoman de adi dwuma mfehaha pii, te sɛ aduhuam, kyɛnerɛ, nhyiransu, asɔfotade, ne ahoni, “nyinaa fi abosonsom” mu. Yehowa ani nnye Kristoman som a adan abosonsom no ho bio te sɛ nea na n’ani nnye Samariafo abosonsom ho no.

19. Dɛn ho na wɔbɔ Kristoman kɔkɔ, na hena na ɔde kɔkɔbɔ no ma?

19 Yehowa Adansefo de mfe pii aka akyerɛ Kristoman denneennen sɛ wonni Yehowa anim dom. Wɔ 1955 mu sɛ nhwɛso no, wɔmaa baguam ɔkasa a wɔato din “Kristoman Anaa Kristosom—Emu Nea Ɛwɔ He na Ɛyɛ ‘Wiase Hann’?” wɔ wiase nyinaa. Ɔkasa no kyerɛkyerɛɛ sɛnea Kristoman awae afi Kristofo nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɛyɛ nokware ho no mu pefee. Ɛno akyi no, wotintim ɔkasa a tumi wom yi bi kɔmaa asɔfo wɔ aman pii mu. Sɛ́ ahyehyɛde no, Kristoman ntiee kɔkɔbɔ no. Nea ɔrema Yehowa ayɛ ara ne sɛ ɔde “abaa” bɛtwe n’aso.

20. (a) Dɛn na ebegyina hɔ sɛ nnɛyi Asiria, na ɔkwan bɛn so na wɔde no bedi dwuma sɛ abaa? (b) Wɔbɛtwe Kristoman aso akodu he?

20 Hena na Yehowa de no bedi dwuma atwe Kristoman tuatewfo no asõ? Yehu mmuae no wɔ Adiyisɛm ti 17. Ɛhɔ na wɔka aguaman bi ho asɛm, “Babilon kɛse,” a egyina hɔ ma wiase atoro som nyinaa, a Kristoman ka ho, kyerɛ yɛn. Aguaman no te aboa kɔkɔɔ bi a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so. (Adiyisɛm 17:3, 5, 7-12) Aboa no gyina hɔ ma Amanaman Nkabom ahyehyɛde no. * Sɛnea tete Asiria sɛee Samaria no, saa ara na aboa kɔkɔɔ no ‘bɛtan aguaman no, na wayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na ɔde ogya ahyew no.’ (Adiyisɛm 17:16) Enti nnɛyi Asiria (aman a wɔwɔ UN mu) no bɛbɔ Kristoman kuturuku, na wɔasɛe no koraa.

21, 22. Hena na ɔbɛkanyan aboa no ma watow ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so?

21 So wɔbɛsɛe Yehowa Adansefo a wodi nokware no aka Babilon Kɛse ho? Dabi. Onyankopɔn bo mfuw wɔn. Nokware som befi mu aka. Nanso, adifudepɛ nti, aboa a ɔbɛsɛe Babilon Kɛse no de n’ani bɛkyerɛ Yehowa nkurɔfo nso so. Saayɛ so no, aboa no di obi foforo atirimpɔw ho dwuma, ɛnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw. Hena? Satan Ɔbonsam.

22 Yehowa pa Satan ahantan nhyehyɛe no ho ntama sɛ: “Ɛda no, nsɛm bi bɛsɔre wo [Satan] komam na woadwen adwemmɔne, na woaka sɛ: Mɛforo . . . makotua wɔn a wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo no, wɔn nyinaa tete hɔ a wonni ɔfasu [a ɛbɔ wɔn ho ban] . . . sɛ worekɔfa asade na woafow afow ade.” (Hesekiel 38:10-12) Satan besusuw sɛ, ‘Wiɛ, dɛn nti na yɛnkanyan amanaman no mma wɔntow nhyɛ Yehowa Adansefo so? Wɔyɛ mmerɛw, wonni ahobammɔ, wonni amammui mu tumi biara. Wontumi nko ntia yɛn. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛfow wɔn sɛ nkesua a ɛwɔ berebuw a wɔmmɔɔ ho ban mu!’

23. Dɛn nti na nnɛyi Asiria ntumi mfa nea ɔde bɛyɛ Kristoman no nyɛ Onyankopɔn nkurɔfo?

23 Nanso amanaman, monhwɛ yiye! Munhu sɛ sɛ mode mo nsa ka Yehowa nkurɔfo a, Onyankopɔn ankasa na mo ne no bedi asi! Yehowa dɔ ne nkurɔfo, na ɔbɛko ama wɔn ɔkwan biara so sɛnea ɔko maa Yerusalem wɔ Hesekia bere so no. Sɛ nnɛyi Asiria bɔ mmɔden sɛ ɔbɛtɔre Yehowa asomfo ase a, na ɔne Yehowa Nyankopɔn ne Oguammaa, Yesu Kristo, na ɛrebedi ako. Ɛno yɛ ɔko a Asiria rentumi nni mu nkonim. Bible ka sɛ: ‘Esiane sɛ ɔyɛ awuranom mu Awurade ne ahene mu Hene nti, oguammaa no bedi wɔn so nkonim.’ (Adiyisɛm 17:14; fa toto Mateo 25:40 ho.) Te sɛ tete Asiria no, aboa kɔkɔɔ no ‘bɛkɔ ɔsɛe mu.’ Wɔrensuro no bio.—Adiyisɛm 17:11.

24. (a) Dɛn na nokware Kristofo asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ de asiesie wɔn ho ama daakye? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia hwɛ n’anim bio? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 155 no.)

24 Sɛ nokware Kristofo ma wɔne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den, na wɔde n’apɛdeyɛ yɛ wɔn asetra mu ade titiriw a, wobetumi ahwɛ daakye kwan a wonsuro. (Mateo 6:33) Ɛnde, ɛnsɛ sɛ ‘wosuro bɔne bi.’ (Dwom 23:4) Wɔde wɔn gyidi aniwa behu sɛ Onyankopɔn ama n’ahoɔden nsa no so, ɛnyɛ sɛ ɔde rebɛtwe wɔn aso, na mmom sɛ ɔrebɔ wɔn ho ban afi n’atamfo nsam. Na wɔn aso bɛte awerɛkyekyesɛm yi sɛ: “Munnsuro.”—Yesaia 10:24.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, kratafa 203.

^ nky. 14 Nea ɛbɛyɛ na nneɛma mu ada hɔ no, yɛresusuw Yesaia 10:28-32 ho ansa na yɛasusuw Yesaia 10:20-27 ho.

^ nky. 16 Sɛ wopɛ sɛ wunya Yesaia 10:20-23 ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm “Yesaia Hwɛ N’anim Bio,” wɔ kratafa 155.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 155, 156]

YESAIA HWƐ N’ANIM BIO

Yesaia 10:20-23

Yesaia ti 10 no twe adwene si sɛnea na Yehowa nam Asiria ntua so bebu Israel atɛn ne ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛbɔ Yerusalem ho ban no so titiriw. Esiane sɛ nkyekyem 20 kosi 23 no wɔ nkɔmhyɛ yi mfinimfini nti, yebetumi aka sɛ enyaa mmamu kɛse pɛ. (Fa toto Yesaia 1:7-9 ho.) Nanso, nsɛm no kyerɛ sɛ nkyekyem ahorow yi fa akyiri nna ho titiriw bere a na ɛsɛ sɛ Yerusalem nso yi emufo bɔne ano no.

Ɔhene Ahas bɔ mmɔden kɔ Asiria kɔhwehwɛ ahobammɔ. Odiyifo Yesaia hyɛ nkɔm sɛ daakye no, wɔn a wobefi Israel fi mu aka no remfa ɔkwammɔne a ɛte saa so bio. Yesaia 10:20 ka sɛ “wobetweri [Yehowa, NW], Israel kronkronni no, nokware mu.” Nanso, nkyekyem 21 da no adi sɛ nnipa kakraa bi pɛ na wɔbɛyɛ saa: ‘Nkaefo kakraa bi bɛsan aba.’ Eyi kae yɛn Yesaia babarima Sear-Yasub, a ɔyɛ sɛnkyerɛnne wɔ Israel na ne din ase ne ‘Nkaefo Kakraa Bi Bɛsan Aba’ no. (Yesaia 7:3) Ti 10 nkyekyem 22 bɔ “ɔsɛe” bi a wɔahyɛ sɛ ɛreba ho kɔkɔ. Ɔsɛe a ɛte saa teɛ efisɛ ɛyɛ asotwe a ɛfata sɛ wɔde ba nnipa atuatewfo so. Ne saa nti, wɔ ɔman a emu nnipa dɔɔso ‘sɛ mpoano anhwea’ mu no, emu nkaefo kakraa bi pɛ na wɔbɛsan aba. Nkyekyem 23 no bɔ kɔkɔ sɛ ɔsɛe a ɛreba yi bɛka asase no nyinaa. Yerusalem remfa ne ho nni saa bere yi.

Saa nkyekyem yi ka nea esii wɔ 607 A.Y.B. mu, bere a Yehowa de Babilon Ahemman dii dwuma sɛ ‘n’abaa’ no ho asɛm pɛpɛɛpɛ. Asase no nyinaa, a Yerusalem ka ho, hwee ntuafo no nsam. Wɔfaa Yudafo no kɔɔ nnommumfa mu wɔ Babilon mfirihyia 70. Nanso, ɛno akyi no, wɔn mu bi—sɛ na ‘wɔyɛ kakraa bi’ mpo a—san baa Yerusalem de nokware som besii hɔ bio.

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 10:20-23 no nyaa mmamu bio wɔ afeha a edi kan no mu, sɛnea wɔada no adi wɔ Romafo 9:27, 28 no. (Fa toto Yesaia 1:9; Romafo 9:29 ho.) Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ honhom fam no, Yudafo ‘nkaefo’ bi ‘san baa’ Yehowa nkyɛn afeha a edi kan Y.B. mu, bere a Yudafo anokwafo kakraa bi bɛyɛɛ Yesu Kristo akyidifo na wofii ase som Yehowa “honhom ne nokware mu” no. (Yohane 4:24) Akyiri yi, Amanaman mufo a wogye di bɛkaa wɔn ho ma wɔbɛyɛɛ honhom mu man, “Nyankopɔn Israel.” (Galatifo 6:16) Saa bere yi na nsɛm a ɛwɔ Yesaia 10:20 nyaa mmamu sɛ: Ɔman bi renhyira ne ho so mma Yehowa, na omfi ne ho nkɔhwehwɛ nnipa mmoa “bio.”

[Mfonini wɔ kratafa 147]

Sanaherib susuw sɛ amanaman no a ɔbɛboaboa wɔn ano no yɛ mmerɛw sɛ nkesua a wɔboaboa ano fi birebuw mu