Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkwagye ne Ahurusidi Wɔ Mesia no Nniso Ase

Nkwagye ne Ahurusidi Wɔ Mesia no Nniso Ase

Ti Dumiɛnsa

Nkwagye ne Ahurusidi Wɔ Mesia no Nniso Ase

Yesaia 11:1–12:6

1. Ka honhom fam tebea a na Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam wom wɔ Yesaia bere so no ho asɛm.

WƆ YESAIA bere so no, na Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no honhom fam tebea nye. Wɔ ahene anokwafo te sɛ Usia ne Yotam nniso ase mpo no, nnipa pii som wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ. (2 Ahene 15:1-4, 34, 35; 2 Beresosɛm 26:1, 4) Bere a Hesekia bedii hene no, na ɛsɛ sɛ oyiyi Baalsom ho nneɛma fi asase no so. (2 Beresosɛm 31:1) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo nkuran sɛ wɔnsan mmra ne nkyɛn na ɔkae sɛ sɛ wɔansan amma a ɔbɛtwe wɔn aso!

2, 3. Nkuranhyɛ bɛn na Yehowa de ma wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsom no ɛmfa ho sɛ nnipa pii nni nokware?

2 Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na ɛtew atua koraa. Ná Yehowa wɔ adiyifo anokwafo, na akyinnye biara nni ho sɛ na Yudafo bi wɔ hɔ a wotie wɔn. Ná Yehowa wɔ awerɛkyekyesɛm bi ma saafo yi. Bere a odiyifo Yesaia aka ade kɛse a Yuda bɛhwere wɔ Asiria ntua no mu ho asɛm awie no, honhom ka no ma ɔkyerɛw nsɛm a ɛyɛ dɛ sen biara wɔ Bible mu no biako, nhyira a Mesia nniso no de bɛba, ho asɛm. * Saa nhyira ahorow yi fã bi nyaa mmamu kakra bere a Yudafo fi Babilon nnommumfa mu bae no. Nanso nkɔmhyɛ no nyinaa nya ne mmamu kɛse nnɛ. Nokwarem no, Yesaia ne Yudafo anokwafo a na wɔwɔ ne bere so no antra ase anhu saa nhyira yi bi. Nanso wɔde gyidi hwɛɛ kwan, na wobehu Yesaia nsɛm no mmamu bere a wɔanyan wɔn no.—Hebrifo 11:35.

3 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso hia nkuranhyɛ. Abrabɔ ho mmara a ɛresɛe ntɛmntɛm wɔ wiase, sɔre a wɔsɔre tia Ahenni asɛm no denneennen, ne ankorankoro mmerɛwyɛ ahorow sɔ wɔn nyinaa hwɛ. Yesaia nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛfa Mesia no ne ne nniso ho no betumi ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den, na aboa wɔn ma wɔagyina sɔhwɛ ahorow yi ano.

Mesia—Ɔkannifo a Ɔfata

4, 5. Nkɔm bɛn na Yesaia hyɛ faa Mesia no ba ho, na ɔkwan bɛn so na ɛda adi sɛ Mateo de Yesaia nsɛm no dii dwuma?

4 Mfehaha pii ansa na Yesaia reba no, Hebri Bible no akyerɛwfo foforo twee adwene sii Mesia, Ɔkannifo ankasa a na Yehowa bɛsoma no aba Israel, no ba so. (Genesis 49:10; Deuteronomium 18:18; Dwom 118:22, 26) Afei, Yehowa nam Yesaia so de nkyerɛkyerɛmu foforo ka ho. Yesaia kyerɛw sɛ: “Duforo bi befifi afi Yisai dunsin no mu, na dubaa afi ne ntini mu asow aba.” (Yesaia 11:1; fa toto Dwom 132:11 ho.) “Duforo” ne “dubaa” no nyinaa kyerɛ sɛ Mesia no bɛyɛ Yisai aseni denam ne ba Dawid, a wɔsraa no ngo sɛ Israel hene, no so. (1 Samuel 16:13; Yeremia 23:5; Adiyisɛm 22:16) Sɛ Mesia no ankasa ba a, na saa “dubaa” a ofi Dawid fie yi bɛsow aba pa.

5 Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no ne Yesu. Asɛmpa kyerɛwfo Mateo twee adwene sii Yesaia 11:1 mu nsɛm so bere a ɔkae sɛ Yesu a wɔfrɛɛ no “Nasareni” no maa odiyifo no nsɛm no baam no. Esiane sɛ wɔtetee Yesu wɔ Nasaret kurow mu nti, na wɔfrɛ no Nasareni, edin a ɛda adi sɛ ɛne Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma maa “dubaa” wɔ Yesaia 11:1 no hyia. *Mateo 2:23, NW ase hɔ asɛm; Luka 2:39, 40.

6. Sodifo bɛn na wɔhyɛ nkɔm sɛ Mesia no bɛyɛ?

6 Sodifo bɛn na Mesia no bɛyɛ? So ɔbɛyɛ sɛ Asiriani tirimɔdenfo hantanfo no a ɔsɛee Israel mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ kusuu fam no? Dabida. Yesaia ka Mesia no ho asɛm sɛ: [Yehowa, “NW”] honhom besi no so, nyansa ne nhumu honhom, afotu ne mmaninyɛ honhom, nimdeɛ ne [Yehowa, “NW”] suro honhom. Na [Yehowa, “NW”] suro bɛyɛ no huam.” (Yesaia 11:2, 3a) Ɛnyɛ ngo na wɔde sra Mesia no, na mmom, Onyankopɔn honhom kronkron. Eyi si bere a wɔbɔ Yesu asu na Suboni Yohane hu Onyankopɔn honhom kronkron sɛ esian ba Yesu so sɛ aborɔnoma no. (Luka 3:22) Yehowa honhom ‘ba Yesu so,’ na odi eyi ho adanse bere a ɔde nyansa, nhumu, afotu, mmaninyɛ, ne nimdeɛ di dwuma no. Su a ɛkyɛn so a ɛfata sodifo bɛn ara ni!

7. Bɔhyɛ bɛn na Yesu de maa n’akyidifo anokwafo?

7 Yesu akyidifo nso betumi anya honhom kronkron. Wɔ Yesu kasa ahorow no biako mu no, ɔkae sɛ: “Sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?” (Luka 11:13) Enti, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛsrɛ Onyankopɔn na wama yɛn honhom kronkron, na saa ara na ɛnsɛ sɛ yegyae sɛ yɛbɛsow n’aba a ɛfata no—“ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ.” (Galatifo 5:22, 23) Yehowa hyɛ bɔ sɛ obetie abisade a Yesu akyidifo bisa fa “nyansa a efi soro” a ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi agyina asetram nsɛnnennen a wohyia ano ho no.—Yakobo 1:5; 3:17.

8. Ɔkwan bɛn so na Yesu nya anigye wɔ Yehowa suro mu?

8 Yehowa suro bɛn na Mesia no da no adi? Nokwarem no, ɛnyɛ sɛ Yesu wɔ Onyankopɔn ho suro a ɛmfata, osuro a ɛne sɛ obebu no atɛn. Mmom no, osuro a efi obu mu na Mesia no wɔ ma Onyankopɔn, ɔdɔ mu na ofi suro no. Onipa a osuro Nyankopɔn hwehwɛ sɛ ‘ɔbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani’ bere nyinaa sɛnea Yesu yɛ no. (Yohane 8:29) Yesu nam ne nsɛm ne ne nhwɛso so kyerɛkyerɛ sɛ anigye biara nni hɔ a ɛsen sɛ obi de Yehowa ho suro pa bɛbɔ ne bra da biara da.

Ɔtemmufo Treneeni ne Mmɔborohunufo

9. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ ma wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wodi nsɛm wɔ Kristofo asafo no mu no?

9 Yesaia ka Mesia no su ahorow ho nsɛm pii sie: “Ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obedi asɛm.” (Yesaia 11:3b) Sɛ ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ wokodi w’asɛm wɔ asɛnnibea a, so w’ani rennye sɛ wubenya ɔtemmufo a ɔte saa? Sɛ́ obi a ɔwɔ tumi sɛ adesamma nyinaa Temmufo no, Mesia no mma atosɛm, asɛnnibea nnɛɛdɛe, atesɛm, anaa nneɛma a ɛho nhia ahe biara te sɛ ahonyade, nnaadaa no. Ohu atosɛm biara, na ɔnhwɛ nea etua aniwa, na mmom, ɔhwɛ “komam nipa,” “nea ahintaw wɔ onipa no mu.” (1 Petro 3:4, NW ase hɔ asɛm) Yesu nhwɛso a ɛda nsow no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wodi nsɛm wɔ Kristofo asafo no mu nyinaa suasua.—1 Korintofo 6:1-4.

10, 11. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu teɛ n’akyidifo so? (b) Atɛn bɛn na Yesu bu abɔnefo?

10 Ɔkwan bɛn so na Mesia no su a ɛkyɛn so no benya n’atemmu so nkɛntɛnso? Yesaia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Trenee na ɔde bebu atɛn ama mmɔboroni, na ɔde asɛntrenee adi ama asase so amanehunufo; na ɔde n’anom abaa bɛbɔ asase, na ɔde n’anom honhom akum abɔnefo; na trenee bɛyɛ n’asen so abɔso, na gyidi ayɛ n’akwaa mu abɔmu.”—Yesaia 11:4, 5.

11 Sɛ Yesu akyidifo hia nteɛso a, ɔde ma wɔ ɔkwan a ɛbɛboa wɔn asen biara so—nhwɛso a ɛkyɛn so ma Kristofo mpanyimfo. Ɔkwan foforo so no, wɔn a wodi bɔne no betumi ahwɛ atemmu a emu yɛ den kwan. Sɛ Onyankopɔn ma wiase nhyehyɛe bɔne yi bu akontaa a, Mesia no de ne tumi a ɔwɔ no “bɛbɔ asase,” na wabu amumɔyɛfo atɛn asɛe wɔn. (Dwom 2:9; fa toto Adiyisɛm 19:15 ho.) Awiei koraa no, ɛrenka ɔbɔnefo bi na wasɛe adesamma asomdwoe. (Dwom 37:10, 11) Yesu, a trenee ne nokwaredi bɔ n’asen ne n’akwaa mu no, wɔ tumi a ɔde bɛyɛ eyi.—Dwom 45:3-7.

Asase so Tebea a Ɛsesa

12. Dadwen bɛn na ebetumi abɛtɔ Yudani so bere a osusuw san a ɔbɛsan afi Babilon aba Bɔhyɛ Asase so ho no?

12 Yɛ Israelni a afei na wate sɛ Kores ahyɛ sɛ Yudafo no nsan nkɔ Yerusalem nkosi asɔrefie no ho mfonini hwɛ. So obegyaw Babilon a ahobammɔ wɔ hɔ no atwa kwan tenten akɔ ne kurom? Wɔ mfirihyia 70 a Israel de kɔɔ nnommumfa mu no, asase a wogyawee no adan kwae. Mpataku, asebɔ, agyata, ne asisi na wodi akɔneaba wɔ saa asase yi so saa bere yi. Aprammire nso de hɔ ayɛ wɔn fie. Ɛsɛ sɛ Yudafo a wɔresan aba no de nyɛmmoa yɛ wɔn aduan—nguan ne anantwi bɛma wɔanya nufusu, ntade, ne nam, na wɔde anantwinini afuntum asase. So adwowtwafo bekunkum eyinom? So awɔ bɛkeka mmofra nketewa no? Na akwanmukafo a wobetumi ahyia wɔn wɔ wɔn akwantu no mu nso ɛ?

13. (a) Nsɛm a ɛyɛ anigye bɛn na Yesaia ka? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ asomdwoe a Yesaia ka ho asɛm no kɔ akyiri sen ahobammɔ a wobenya wɔ mmoa a wɔyɛ keka ho?

13 Afei Yesaia ka tebea a ɛma abotɔyam a Onyankopɔn de bɛba asase no so ho asɛm. Ɔka sɛ: “Habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa ho nimdeɛ, “NW”] bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:6-9) So saa nsɛm yi nka koma? Hyɛ no nsow sɛ asomdwoe a wɔaka ho asɛm wɔ ha no gyina Yehowa ho nimdeɛ so. Enti, pii ho hia sen ahobammɔ kɛkɛ a wobenya afi mmoa a wɔyɛ keka no ho. Yehowa ho nimdeɛ rensakra mmoa, nanso ebenya nnipa so nkɛntɛnso. Ɛho nhia sɛ Israelfo no suro mmoa a wɔyɛ keka anaa nnipa a wɔyɛ wɔn ade sɛ mmoa bere a wɔnam kwan so rekɔ wɔn kurom anaa bere a wɔte wɔn asase a wɔasiesie so no so no.—Esra 8:21, 22; Yesaia 35:8-10; 65:25.

14. Mmamu kɛse bɛn na Yesaia 11:6-9 benya?

14 Nanso, saa nkɔmhyɛ yi benya ne mmamu kɛse. Wɔ 1914 no, wɔde Yesu a ɔne Mesia no sii agua so wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so. Wɔ 1919 mu no, woyii “Nyankopɔn Israel” no nkaefo no fii Babilon nnommumfa mu ma wonyaa kyɛfa wɔ nokware som a wɔsan de sii hɔ mu. (Galatifo 6:16) Ne saa nti, ɔkwan no bue maa Yesaia Paradise ho nkɔmhyɛ no nyaa ne nnɛyi mmamu. ‘Nokware nimdeɛ,’ a ɛne Yehowa ho nimdeɛ, asesa nipasu ahorow. (Kolosefo 3:9, 10) Nnipa a kan no na wɔyɛ basabasa no abɛyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe. (Romafo 12:2; Efesofo 4:17-24) Saa nneɛma a ɛkɔɔ so yi aka nnipa ɔpepem pii seesei efisɛ Yesaia nkɔmhyɛ no abɛfa Kristofo a wɔwɔ asase so anidaso a wɔn dodow renya nkɔanim ntɛmntɛm no ho. (Dwom 37:29; Yesaia 60:22) Wɔasua sɛ wɔbɛtwɛn bere a asase nyinaa bɛdan paradise a ahobammɔ ne asomdwoe wom, sɛnea Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw te no.—Mateo 6:9, 10; 2 Petro 3:13.

15. So ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no benya mmamu paara wɔ wiase foforo no mu? Kyerɛkyerɛ mu.

15 Wɔ saa Paradise a wɔasiesie so no mu no, so Yesaia nkɔmhyɛ no bɛsan anya mmamu a ebia ɛyɛ paara ankasa? Ɛte sɛ nea ntease wom sɛ yebesusuw saa. Nkɔmhyɛ no ma wɔn a wɔbɛtra Mesia nniso ase no nyinaa awerɛhyem koro no ara a na Israelfo a wɔresan aba wɔ no; biribiara—nnipa anaa mmoa—renyi wɔne wɔn mma hu. Wɔ Mesia Ahenni nniso ase no, wɔn a wɔte asase so nyinaa benya tebea a asomdwoe wom te sɛ nea na Adam ne Hawa wɔ wɔ Eden no. Nokwarem no, Kyerɛwnsɛm no nka sɛnea na asetra te wɔ Eden—anaa sɛnea ɛbɛyɛ wɔ Paradise—no ho nsɛm nyinaa. Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wɔ Ɔhene Yesu Kristo a onim nyansa na ɔwɔ dɔ nniso ase no, biribiara bɛyɛ pɛpɛɛpɛ sɛnea ɛte.

Wɔnam Mesia no so De Nokware Som Si Hɔ Bio

16. Dɛn na ɛyɛɛ frankaa maa Onyankopɔn nkurɔfo wɔ 537 A.Y.B. mu?

16 Nokware som ho baa asɛm nea edi kan wɔ Eden bere a Satan tumi daadaa Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden no. Ɛde besi nnɛ no, Satan nnyaee ne botae a ɛne sɛ ɔbɛma nnipa pii atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho no mu. Nanso Yehowa remma kwan mma nokware som nyera mfi asase so. Ne din ho asɛm wom, na odwen wɔn a wɔsom no no ho. Enti, ɔnam Yesaia so hyɛ bɔ a anibere wom yi sɛ: “Na da no, Yuda ntini mu duforo a esi hɔ sɛ ɔfrankaa ma aman no, n’akyi kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne trabea bɛyɛ anuonyam trabea.” (Yesaia 11:10) Wɔ 537 A.Y.B. mu no, na Yerusalem, kurow a Dawid de yɛɛ ɔman no ahenkurow no gyina hɔ ma frankaa, na ɛfrɛɛ Yudafo nkaefo a na wɔapete no sɛ wɔnsan mmra mmesi asɔrefie no.

17. Ɔkwan bɛn so na Yesu ‘sɔre dii amanaman no so’ wɔ afeha a edi kan no mu ne yɛn bere yi?

17 Nanso, nkɔmhyɛ no ka nsɛm kɔ akyiri sen saa. Sɛnea yɛahu dedaw no, ɛtwe adwene si Mesia no, nnipa a wofi aman nyinaa mu nokware Kannifo koro pɛ no, nniso so. Ɔsomafo Paulo faa Yesaia 11:10 no mu asɛm kae de kyerɛɛ sɛ amanaman mufo a na wɔwɔ ne bere so no benya gyinabea bi wɔ Kristofo asafo no mu. Ɔrefa saa nkyekyem yi mu asɛm aka sɛnea ɛwɔ Septuagint mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yesaia ka sɛ: Yisai ntini ne nea ɔbɛsɔre abedi amanaman so bɛba; ɔno na amanaman ani bɛda no so.” (Romafo 15:12) Bio nso, nkɔmhyɛ no kɔ akyiri bio mpo—ebesi yɛn bere yi so, bere a amanaman mufo da wɔn dɔ adi kyerɛ Yehowa denam Mesia no nuanom a wɔasra wɔn a wɔboa wɔn so no.—Yesaia 61:5-9; Mateo 25:31-40.

18. Wɔ yɛn bere yi so no, ɔkwan bɛn so na Yesu ayɛ ɔfrankaa?

18 Wɔ nnɛyi mmamu mu no, “da no,” a Yesaia kaa ho asɛm no fii ase bere a wɔde Mesia no sii agua so sɛ Onyankopɔn soro Ahenni so Hene wɔ 1914 mu no. (Luka 21:10; 2 Timoteo 3:1-5; Adiyisɛm 12:10) Efi saa bere no, Yesu Kristo ayɛ frankaa ankasa ama honhom fam Israel ne aman nyinaa mu nnipa a wɔn kɔn dɔ trenee nniso no. Wɔ Mesia no akwankyerɛ ase no, wɔaka Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa, sɛnea Yesu ka siei no. (Mateo 24:14; Marko 13:10) Saa asɛmpa yi wɔ tumi kɛse. “Nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman . . . nyinaa mu” rebrɛ wɔn ho ase ama Mesia no denam nkaefo a wɔasra wɔn no a wɔabɛka wɔn ho wɔ nokware som mu no so. (Adiyisɛm 7:9) Bere a afoforofo pii kɔ so de wɔn ho bɔ nkaefo no wɔ Yehowa honhom fam “mpaebɔ fi” no mu no, wɔma Mesia no “trabea,” Onyankopɔn honhom fam asɔrefie kɛse no anuonyam yɛ kɛse.—Yesaia 56:7; Hagai 2:7.

Nnipa a Wɔde Biakoyɛ Som Yehowa

19. Mmere abien bɛn na Yehowa boaboa ne nkurɔfo a wɔapete wɔ wiase nyinaa ano?

19 Yesaia kae Israelfo bio sɛ Yehowa gyee wɔn nkwa bere bi a atamfo a wɔyɛ den sɔre tiaa ɔman no. Saa Israel abakɔsɛm no fã no—ɔman no a Yehowa gyee wɔn fii Misraim nkoasom mu no—ma Yudafo a wodi nokware no nyinaa nya abotɔyam ankasa. Yesaia kyerɛw sɛ: “Na da no, [Yehowa, “NW”] bɛteɛ ne nsa ne mprenu so de agye ne man nkae a wɔaka afi Asiria ne Misraim ne Patros ne Etiopia ne Elam ne Sinear ne Hamat ne po mu nsupɔw mu. Na wama ɔfrankaa so ama amanaman, na wapɔn Israel asɛnkyɛfo aboa ano, na wama Yuda nnipa a wɔapete no afi asase ahin anan so abehyia.” (Yesaia 11:11, 12) Te sɛ nea Yehowa aso wɔn nsa no, obedi Israel ne Yuda nkaefo anokwafo anim afi aman a wɔapete wom no mu de wɔn aba wɔn kurom dwoodwoo. Eyi nya ne mmamu ketewaa bi wɔ 537 A.Y.B. mu. Nanso, hwɛ sɛnea ne mmamu kɛse no bɛyɛ nea anuonyam wom ankasa! Wɔ 1914 no, Yehowa maa Yesu Kristo a wɔde no asi agua so no so sɛ ‘ɔfrankaa maa amanaman.’ Efi 1919 no, “Nyankopɔn Israel” no mu nkaefo fii ase sen kɔɔ saa ɔfrankaa yi ho, a wɔn ani abere sɛ wobenya nokware som mu kyɛfa wɔ Onyankopɔn Ahenni ase. Saa honhom fam man soronko yi fi “mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu.”—Adiyisɛm 5:9.

20. Biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn nkurɔfo benya bere a wofi Babilon ba no?

20 Afei Yesaia ka ɔman a wɔde asi hɔ no biakoyɛ ho asɛm. Bere a ɔrefrɛ kusuu fam ahemman no Efraim ne kesee fam ahemman no Yuda no, ɔka sɛ: “Efraim anibere befi akɔ, na Yuda ahohiafo ase agu; Efraim ani remmere Yuda bio, na Yuda nso renhiahia Efraim ho bio. Na wobetu akosi Filistifo mmati so atɔe fam, wɔbɛbom afow apueifo; Edom ne Moab bɛka wɔn nsa, na Amon mma atie wɔn.” (Yesaia 11:13, 14) Sɛ Yudafo no fi Babilon ba a, wɔrenkyɛ wɔn mu abien bio. Israel mmusua nyinaa bɛba wɔn asase so sɛ ɔman biako. (Esra 6:17) Wɔrennya wɔn ho wɔn ho menasepɔw, na wɔntentan wɔn ho bio. Sɛ́ nnipa a wɔayɛ biako no, wobedi aman a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔtan wɔn no so nkonim.

21. Ɔkwan bɛn so na biakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ no da nsow ankasa?

21 Ade a ɛda so ara kanyan adwene ne biakoyɛ a ɛwɔ “Nyankopɔn Israel” no mu no. Honhom fam Israel yi a sɛnkyerɛnne kwan so mmusuakuw 12 na ɛwom no de bɛyɛ mfirihyia 2,000 ayɛ biako denam ɔdɔ a wɔwɔ ma Nyankopɔn ne wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea no so. (Kolosefo 3:14; Adiyisɛm 7:4-8) Ɛnnɛ, Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Mesia no nniso ase no—honhom fam Israel ne wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no nyinaa—wɔ asomdwoe ne biakoyɛ wɔ wiase nyinaa, tebea horow a enni Kristoman asɔre ahorow mu. Yehowa Adansefo de biakoyɛ reko atia mmɔden a Satan rebɔ sɛ obetwitware wɔn som mu no wɔ honhom fam. Sɛ́ nnipa a wɔayɛ biako no, wodi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka Mesia Ahenni ho asɛmpa no wɔ wiase nyinaa na wɔnkyerɛkyerɛ no so.—Mateo 28:19, 20.

Wobedi Akwanside Ahorow So

22. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘bɛyow Misraim nsu korakora,’ na ‘ɔde ne nsa akyerɛ asu so’?

22 Akwanside pii wɔ hɔ a ɛbɛhaw Israelfo no bere a wofi nnommumfa mu reba no, nea ɛyɛ paara ne sɛnkyerɛnne kwan so de. Wɔbɛyɛ dɛn adi so? Yesaia ka sɛ: [Yehowa, “NW”] bɛyow Misraim po mu nsu korakora, na ɔde ne mframa a ɛhyehye bɛwosow ne nsa akyerɛ asu [Eufrate] so, na wabɔ no ma adan nsuwansuwa ason a wɔde mpaboa po bɛfa mu.” (Yesaia 11:15) Ɛyɛ Yehowa na obeyi biribiara a ɛbɛyɛ akwanside ama ne nkurɔfo bere a wɔresan aba no afi hɔ. Ɔbɛma akwanside a ɛte sɛ nea wontumi nni so, Po Kɔkɔɔ (te sɛ Suez Faka) anaa Eufrate Asubɔnten kɛse a wontumi mfa mu no ayow, sɛnea yɛbɛka no no, na ama obi atumi afa mu a ɛho renhia sɛ oyi ne mpaboa mpo!

23. Ɔkwan bɛn so na “ɔtempɔn bɛda hɔ afi Asiria”?

23 Wɔ Mose bere so no, Yehowa siesiee kwan no maa Israel fii Misraim kɔɔ Bɔhyɛ Asase so. Ɔbɛyɛ ade koro no ara bi saa bere yi: “Ɔtempɔn bɛda hɔ afi Asiria ama ne man nkae a wɔaka no, sɛnea ɛdaa hɔ maa Israel, ɛda a wofi Misraim asase so bae no.” (Yesaia 11:16) Yehowa bedi nnommum no a wɔresan aba no anim sɛ nea wɔnam ɔtempɔn bi so fi baabi a wɔkɔɔ nnommumfa mu no rekɔ wɔn asase so. Asɔretiafo bɛbɔ mmɔden asiw wɔn kwan, nanso wɔn Nyankopɔn, Yehowa, bɛka wɔn ho. Saa ara na Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn ahokafo ba ntua a ɛyɛ hu ase nnɛ, nanso wɔkɔ wɔn anim akokoduru so! Wɔafi nnɛyi Asiria, Satan wiase, no mu afi, na wɔboa afoforo ma wɔyɛ saa ara. Wonim sɛ nokware som begyina na anya nkɔso. Ɛnyɛ onipa adwuma, na mmom Onyankopɔn.

Mesia no Nkoa Bedi Ahurusi a Enni Awiei!

24, 25. Ayeyi ne nkamfo bɛn na Yehowa nkurɔfo de ma no?

24 Afei Yesaia de anigye ka ahurusi a Yehowa nkurɔfo bedi bere a N’asɛm anya mmamu no ho asɛm sɛ: “Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, [Yehowa, “NW”], sɛ, wo bo fuw me mpo a, w’abufuw no asan, na woakyekye me werɛ.” (Yesaia 12:1) Nteɛso a Yehowa de ma ne nkurɔfo a wɔawae no mu yɛ den. Nanso edi n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɛbɛma ɔman no asan ne no anya abusuabɔ na wɔasan de nokware som asi hɔ no ho dwuma. Yehowa ma n’asomfo anokwafo no awerɛhyem sɛ obegye wɔn korakora. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔkyerɛ anisɔ!

25 Wɔma Yehowa mu ahotoso a Israelfo a wɔresan aba wɔ no mu yɛ den, na wɔteɛm sɛ: “Hwɛ, me nkwagye Nyankopɔn ni. Mete hɔ dwoodwoo, na minsuro, na m’ahoɔden ne me dwom ne Yah [Yehowa, “NW”], na wadan me nkwagye. Na mode anika bɛsaw nsu afi nkwagye nsuaniwa no mu.” (Yesaia 12:2, 3) Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘ahoɔden’ wɔ nkyekyem 2 no kyerɛ “ayeyi” wɔ Septuagint mu. Asomfo no to ‘Yah Yehowa’ nkwagye ho ayeyi dwom. Sɛ́ Yehowa din a wɔatwa no tiaa no, wɔde “Yah” di dwuma wɔ Bible mu de kyerɛ ayeyi ne aseda kɛse a wɔde ma. Asɛm ‘Yah Yehowa’—Onyankopɔn din a ɛbɔ ho abien—a wɔde di dwuma no ma ayeyi a wɔde ma Nyankopɔn no yɛ kɛse ankasa.

26. Henanom na wɔda Onyankopɔn nneyɛe adi wɔ amanaman mu nnɛ?

26 Yehowa asomfo anokwafo ntumi nkora wɔn anigye so. Yesaia ka sie sɛ: “Na da no mobɛka sɛ: Monkamfo [Yehowa, “NW”], mommɔ ne din. Momma wonhu ne nneyɛe, aman mu. Monka sɛ wɔama ne din so! Monto dwom mma [Yehowa, “NW”], na wayɛ ade akɛse; momma wonhu eyi asase nyinaa so.” (Yesaia 12:4, 5) Efi 1919 no, Kristofo a wɔasra wɔn—a akyiri yi wɔn ahokafo “nguan foforo” no bɛboaa wɔn no—‘aka nea ɔfrɛɛ wɔn fii sum mu baa hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ akyerɛ.’ Wɔyɛ “abusua a wɔapaw wɔn . . . ɔman kronkron” a wɔayi wɔn asi hɔ ama n’atirimpɔw. (Yohane 10:16; 1 Petro 2:9) Wɔn a wɔasra wɔn no ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔma Yehowa din so, na wɔma wohu wɔ asase nyinaa so. Wodi Yehowa asomfo nyinaa anim ma wodi ahurusi wɔ nsiesiei a wayɛ ama wɔn nkwagye ho. Ɛte sɛ nea Yesaia kyerɛkyerɛ mu yi: “Sion babea, huro na di ahurusi, na Israel kronkronni a ɔwɔ wo mu no sõ”! (Yesaia 12:6) Israel Kronkronni no ne Yehowa Nyankopɔn ankasa.

Fa Ahotoso Hwɛ Daakye Kwan!

27. Dɛn mu ahotoso na Kristofo nya bere a wɔretwɛn sɛ wɔn anidaso bɛbam no?

27 Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii asen yuu aba ‘ɔfrankaa ma ɔman no’—Yesu Kristo a wɔde no asi agua so wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no—ho. Wodi ahurusi sɛ wɔyɛ saa Ahenni no nkoa, na wɔn ani gye sɛ wonim Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no. (Yohane 17:3) Wonya anigye kɛse wɔ wɔn Kristofo biakoyɛ mu, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkora asomdwoe a ɛyɛ Yehowa nokware asomfo agyiraehyɛde no so. (Yesaia 54:13) Esiane sɛ wogye di sɛ Yah Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔma ne bɔhyɛ bam nti, wɔwɔ ahotoso sɛ wɔn anidaso bɛbam, na wonya anigye kɛse sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Ɛmmra sɛ Yehowa somfo biara bɛkɔ so de n’ahoɔden nyinaa asom Onyankopɔn na waboa afoforo ma wɔayɛ saa ara. Momma yɛn nyinaa mfa Yesaia nsɛm no nto yɛn koma so na yenni nkwagye a ɛnam Yehowa Mesia so ba no ho ahurusi!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Wonyaa edin “Mesia” no fii Hebri asɛmfua ma·shiʹach, a nea ɛkyerɛ ne “Nea Wɔasra No,” mu. Hela asɛmfua a ɛne no sɛ ne Khri·stosʹ, anaa “Kristo.”—Mateo 2:4, NW ase hɔ asɛm.

^ nky. 5 Hebri asɛmfua a wɔde di dwuma ma “dubaa” ne neʹtser, na nea wɔde di dwuma ma “Nasareni” ne Nots·riʹ.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 158]

Ná Mesia no yɛ “duforo” a ofi Yisai mu denam Ɔhene Dawid so

[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 162]

[Mfonini wɔ kratafa 170]

Yesaia 12:4, 5, sɛnea epue wɔ Po a Awu Nhoma Mmobɔwee mu (Wɔhyɛ Onyankopɔn din a epue wom no nsow)