Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Pɔw a Yehowa Abɔ Wɔ Amanaman no Ho

Pɔw a Yehowa Abɔ Wɔ Amanaman no Ho

Ti Dunum

Pɔw a Yehowa Abɔ Wɔ Amanaman no Ho

Yesaia 14:24–19:25

1. Atemmusɛm a etia Asiria bɛn na Yesaia yɛ ho kyerɛwtohɔ?

YEHOWA betumi de amanaman no adi dwuma ma wɔatwe ne nkurɔfo aso wɔ wɔn amumɔyɛ ho. Ɛno mpo, ɔmma amanaman no mfa wɔn ho nni wɔ wɔn atirimɔdensɛm a ɛho nhia, wɔn ahantan, ne tan a wɔtan nokware som no ho. Enti, ofi bere tenten de honhom ka Yesaia ma ɔkyerɛw “Babel ho atemmusɛm” to hɔ. (Yesaia 13:1) Nanso, Babilon ho bɛyɛ hu daakye. Wɔ Yesaia bere so no, Asiria haw Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no. Asiria sɛe Israel ahemman a ɛwɔ kusuu fam no, na ɛsɛe Yuda fã kɛse no ara. Nanso Asiria nkonimdi no nkyɛ. Yesaia kyerɛw sɛ: “Asafo [Yehowa, “NW”] aka ntam sɛ: Ampa ara, sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu . . . sɛ mebubu Asiriafo m’asase so, na matiatia no so, me mmepɔw so, na ne kɔndua no befi wɔn so akɔ, na n’adesoa no afi wɔn mmati so.” (Yesaia 14:24, 25) Yesaia hyɛɛ saa nkɔm yi akyi bere tiaa bi no, woyii Asiria ahunahuna no fii Yuda so.

2, 3. (a) Wɔ tete mmere mu no, henanom na Yehowa teɛɛ ne nsa wɔ wɔn so? (b) Dɛn na Yehowa nsa a ɔteɛ wɔ “amanaman nyinaa” so no kyerɛ?

2 Na aman foforo a wɔtan Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam no nso ɛ? Ɛsɛ sɛ wobu wɔn nso atɛn. Yesaia ka sɛ: “Ɛno ne pɔw a wɔabɔ asase nyinaa ho, na ɛno ne nsa a wɔateɛ, amanaman nyinaa so. Na asafo [Yehowa, “NW”] abɔ ne tirim, hena na ɔbɛma ayɛ ɔkwa? Na ne nsa ateɛ, hena na obesianka no?” (Yesaia 14:26, 27) Yehowa “pɔw” nyɛ pɔw hunu bi. Ɛyɛ ne bo a wasi ankasa, n’ahyɛde. (Yeremia 49:20, 30) Onyankopɔn “nsa” kyerɛ ne tumi a ɔde di dwuma. Wɔ Yesaia ti 14 no nkyekyem a etwa to ne ti 15 kosi 19 mu no, pɔw a Yehowa abɔ no tia Filistea, Moab, Damasko, Etiopia, ne Misraim.

3 Nanso, Yesaia ka sɛ Yehowa ateɛ ne nsa wɔ “amanaman nyinaa” so. Enti, bere a Yesaia nkɔmhyɛ ahorow yi nya mmamu a edi kan tete bere mu no, enya mmamu kɛse nso wɔ “awiei bere” yi mu, bere a Yehowa teɛ ne nsa wɔ asase so ahenni nyinaa so no. (Daniel 2:44; 12:9; Romafo 15:4; Adiyisɛm 19:11, 19-21) Ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn, Yehowa, de ahotoso da ne pɔw a wabɔ adi bere tenten. Obiara ntumi nsianka ne nsa a wateɛ mu no.—Dwom 33:11; Yesaia 46:10.

“Ogya Wɔ a Otu” Sɔre Tia Filistea

4. Dɛn ne atemmusɛm a Yehowa ka tia Filistea no mu nsɛm no bi?

4 Wɔde adwene si Filistifo so kan. “Afe a ɔhene Ahas wui no mu na atemmusɛm yi bae: Nni ahurusi, wo Filistea nyinaa, sɛ abaa a ɛhwee wo no abu, na ɔwɔ ntini no mu na ɔkyereben befi aba, na ne ba nso ayɛ ogya wɔ a otu.”—Yesaia 14:28, 29.

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na na Usia te sɛ ɔwɔ ma Filistifo? (b) Dɛn na Hesekia de yɛ Filistea?

5 Ná Ɔhene Usia yɛ den sɛ obetumi agyina Filistea ahunahuna no ano. (2 Beresosɛm 26:6-8) Wɔn fam no na ɔte sɛ ɔwɔ, na ɔkɔɔ so de n’abaa hwee ofipamfo tirimɔdenfo no. Usia wu akyi no—‘n’abaa no bui’—ɔnokwafo Yotam dii ade, nanso “ɔman no kɔɔ so bɔɔ bra bɔne ara.” Afei, Ahas bɛyɛɛ ɔhene. Nneɛma sakrae, na Filistifo no dii Yuda so nkonim wɔ akodi mu. (2 Beresosɛm 27:2; 28:17, 18) Nanso, afei nneɛma resakra bio. Ɔhene Ahas wu wɔ 746 A.Y.B. mu, na abofra Hesekia di ade. Sɛ Filistifo no susuw sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn a, na wɔredi mfomso ankasa. Hesekia bɛyɛ ɔtamfo a ne ho yɛ hu. Sɛ́ Usia aseni (‘ɔba’ a ofi ‘ne ntini mu’) no, Hesekia te sɛ “ogya wɔ a otu”—a ɔrepɛ ntɛm akɔtow ahyɛ obi so, na ɔhwe nkurɔfo hare so ma wɔn ho paapae sɛ nea ɔde bɔre awɔ wɔn paane.

6 Eyi yɛ asɛm a wɔka fa ɔhene foforo no ho ma ɛfata. “Ɔno [Hesekia] na okunkum Filistifo koduu Gasa ne ɛho asase . . . so.” (2 Ahene 18:8) Sɛnea Asiria hene Sanaherib ho kyerɛwtohɔ kyerɛ no, Filistifo no bɛyɛɛ Hesekia nkoa. “Mmɔborɔfo”—Yuda ahemman a ɛyɛ mmerɛw no—benya ahobammɔ adi yiye, na ɔkɔm ade Filistea.—Kenkan Yesaia 14:30, 31.

7. Gyidi ho mpaemuka bɛn na ɛsɛ sɛ Hesekia yɛ kyerɛ abɔfo a wɔaba Yerusalem no?

7 Ɛte sɛ nea abɔfo wɔ Yuda—a ebia wɔrehwɛ sɛ wɔne no bɛyɛ apam atia Asiria anaa. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ wɔn? “Asɛm bɛn na wɔde bebua ɔman no abɔfo?” So ɛsɛ sɛ Hesekia ne ananafo yɛ apam de hwehwɛ ahobammɔ? Dabi! Ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ abɔfo no sɛ: [Yehowa, “NW”] de Sion atim, na ne man mu amanehunufo te mu dwoodwoo.” (Yesaia 14:32) Ɛsɛ sɛ ɔhene no nya Yehowa mu ahotoso koraa. Sion fapem no atim. Kurow no befi mu aka dwoodwoo wɔ Asiria ntua no mu.—Dwom 46:1-7.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na aman bi a wɔwɔ hɔ nnɛ te sɛ Filistea? (b) Dɛn na Yehowa ayɛ de aboa ne nkurɔfo nnɛ, sɛnea ɔyɛe wɔ tete mmere mu no?

8 Te sɛ Filistea no, aman bi sɔre tia Onyankopɔn asomfo denneennen nnɛ. Wɔde Yehowa Adansefo Kristofo agu afiase ne nneduaban ahorow mu. Wɔabara wɔn. Wɔakunkum wɔn mu binom. Atamfo no kɔ so ‘bɔ ɔtreneeni kra so tukuw.’ (Dwom 94:21) Saa Kristofo kuw yi te sɛ “mmɔborɔfo” ne “ahiafo” ma wɔn atamfo no. Nanso, ɛdenam Yehowa mmoa so no, wodi yiye honhom fam, bere a wɔn atamfo di kɔm no. (Yesaia 65:13, 14; Amos 8:11) Sɛ Yehowa teɛ ne nsa wɔ nnɛyi Filistifo so a, saa “mmɔborɔfo” yi benya ahobammɔ. Wɔ he? Wɔ “Nyankopɔn fifo” fekuw a Yesu ne fapem tweatibo a ɛyɛ den no mu. (Efesofo 2:19, 20) Na wɔbɛba “ɔsoro Yerusalem,” Yehowa soro Ahenni a Yesu Kristo ne ne Hene no, ahobammɔ ase.—Hebrifo 12:22; Adiyisɛm 14:1.

Wabɔ Moab

9. Hena na wɔka atemmusɛm a edi hɔ no tia no, na ɔkwan bɛn so na saa nkurɔfo yi ada wɔn ho adi sɛ Onyankopɔn nkurɔfo atamfo?

9 Ɔman foforo a ɛbɛn Israel—Moab—da Po a Awu no apuei fam. Nea ɛnte sɛ Filistifo no, Moabfo ne Israel wɔ abusuabɔ, wɔyɛ Abraham wɔfase Lot asefo. (Genesis 19:37) Ɛmfa ho saa abusuabɔ no, wonim Moab sɛ Israel tamfo. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mose bere so no, Moab hene bɔɔ odiyifo Bileam paa sɛ ɔnkɔdome Israelfo. Bere a ɛno anyɛ yiye no, Moab nam ɔbrasɛe ne Baalsom so sum Israel afiri. (Numeri 22:4-6; 25:1-5) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa de honhom ka Yesaia ma ɔkyerɛw “Moab ho ahintasɛm”!—Yesaia 15:1a.

10, 11. Dɛn na ɛbɛba Moab so?

10 Yesaia nkɔmhyɛ no tia nkurow ne mmeae pii a ɛwɔ Moab, a Ar, Kir (anaasɛ Kir-Hareset), ne Dibon ka ho. (Yesaia 15:1b, 2a) Moabfo betwa adwo wɔ Kir-Hareset bobe aba tetare, a ebia ɛno ne kurow no aduan titiriw no ho. (Yesaia 16:6, 7) Wɔbɛtow ahyɛ Sibma ne Yaser, bobe mfuw a agye din no so. (Yesaia 16:8-10) Eglat-Selisiya, a ebia ne din no bɛkyerɛ “Nantwi Ba a Wadi Mfirihyia Abiɛsa” no bɛyɛ sɛ nantwi ba a osu su yayaw esiane ahohia nti. (Yesaia 15:5) Asase no so sare beguan, na “Dimon nsu” bɛdan mogya nkutoo esiane Moabfo a wokunkum wɔn nti. “Nimrim asu” no ‘bɛsɛe pɔtɔɔ,’ sɛ́ ɛyɛ sɛnkyerɛnne kwan so anaasɛ ɛyɛ paa ara—a ɛda adi sɛ esiane dan a atamfo asraafo bɛdan wɔn asuten ani nti.Yesaia 15:6-9.

11 Moabfo befura atweaatam, awerɛhodi ntama. Wɔbɛbɔ tikwaw de akyerɛ wɔn animguase ne abooboodi. ‘Wobeyi’ wɔn bogyesɛ, a ɛbɛkyerɛ wɔn awerɛhodi a ɛkɔ akyiri ne brɛ a wɔabrɛ wɔn ase. (Yesaia 15:2b-4) Yesaia a n’ankasa gye di sɛ saa atemmu yi bɛbam no werɛ how kɛse. Te sɛ sanku a wɔrebɔ no, ne yam hyehye no esiane atemmu a ɛreba Moab so no nti.Yesaia 16:11, 12.

12. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nsɛm a na etia Moab no nyaa mmamu?

12 Bere bɛn na saa nkɔmhyɛ yi benya mmamu? Nnansa yi ara. “Eyi ne asɛm a [Yehowa, “NW”] aka atia Moab dedadedaw; na afei [Yehowa, “NW”] rekasa sɛ: Ɛha mfe abiɛsa a ɛte sɛ ɔpaani mfe no Moab anuonyam bɛsopa, ɔne ne nnipa dodow no nyinaa; na nkae no bɛyɛ kakraa bi a wɔnyɛ den.” (Yesaia 16:13, 14) Nea ɛne eyi hyia no, fam a wotutu de hwehwɛ tetefo nneɛma mu kyerɛ sɛ wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, Moab huu amane kɛse, na ne nkurow pii danee amanfõ. Tiglat-Pileser III kaa Salamanu a ofi Moab no ho asɛm sɛ ahene a na wotua tow ma no no mu biako. Sanaherib gyee tow fii Kammusunadbi a ɔyɛ Moab hene no hɔ. Asiria ahene Esar-Hadon ne Asnapar kaa Moab ahene Musuri ne Kamashaltu ho asɛm sɛ na wɔyɛ wɔn nkoa. Mfehaha pii a atwam no, Moabfo ase tɔree koraa. Wɔahu nkurow amamfo a wosusuw sɛ ɛyɛ Moabfo de, na wɔnam saayɛ so anya Israelfo atamfo a bere bi na wɔyɛ den yi ho adanse kakra ankasa.

Wɔsɛe Nnɛyi “Moab”

13. Ahyehyɛde bɛn na yebetumi de no atoto Moab ho nnɛ?

13 Ɛnnɛ, wiase nyinaa ahyehyɛde bi wɔ hɔ a ɛte sɛ tete Moab. Ɛno ne Kristoman, “Babilon kɛse” no fã titiriw no. (Adiyisɛm 17:5) Ná Moab ne Israel nyinaa fi Abraham agya, Tera, mu. Saa ara na te sɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo a ɛwɔ hɔ nnɛ no, Kristoman kyerɛ sɛ efi afeha a edi kan Kristofo asafo no mu. (Galatifo 6:16) Nanso—te sɛ Moab no—Kristoman aporɔw, na ɛrehyɛ honhom fam brasɛe ne abosonsom ho nkuran mmom sen sɛ ɛbɛhyɛ nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, no som ho nkuran. (Yakobo 4:4; 1 Yohane 5:21) Sɛ́ kuw no, Kristoman akannifo sɔre tia wɔn a wɔka Ahenni ho asɛmpa no.—Mateo 24:9, 14.

14. Pɔw a Yehowa abɔ wɔ nnɛyi “Moab” ho nyinaa akyi no, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma ankorankoro a wɔwɔ saa ahyehyɛde no mu no?

14 Awiei koraa no, wɔbɔɔ Moab. Saa ara na wɔbɛyɛ Kristoman. Yehowa de nnɛyi Asiria bedi dwuma ma wadan no amamfõ. (Adiyisɛm 17:16, 17) Nanso anidaso wɔ hɔ ma nkurɔfo a wɔwɔ nnɛyi “Moab” mu no. Bere a Yesaia gu so rehyɛ nkɔm atia Moab no, ɔka sɛ: “Wɔbɛma agua bi atim, adɔeyɛ so, na obi atra so, nokware mu, wɔ Dawid ntamadan mu a obu atɛn na ɔpɛ atɛntrenee, na ɔyɛ adetrenee ntɛm.” (Yesaia 16:5) Wɔ 1914 mu no, Yehowa de Yesu, Sodifo a ofi Ɔhene Dawid anato mu, ahenni sii hɔ pintinn. Yesu ahenni yɛ Yehowa adɔe a ɔda no adi, ne Onyankopɔn apam a ɔne Ɔhene Dawid yɛe a ɔma ɛbam, na ɛbɛtra hɔ daa. (Dwom 72:2; 85:10, 11; 89:3, 4; Luka 1:32) Ahobrɛasefo pii agyaw nnɛyi “Moab,” na wɔabrɛ wɔn ho ase ama Yesu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nkwa. (Adiyisɛm 18:4) Hwɛ awerɛkyekye a ɛyɛ sɛ eyinom behu sɛ Yesu ‘bɛka atemmu akyerɛ amanaman’!—Mateo 12:18; Yeremia 33:15.

Damasko Dan Amamfõ Koraa

15, 16. (a) Nitan bɛn na Damasko ne Israel de ba Yuda so, na dɛn na efi mu ba ma Damasko? (b) Hena na ne ho wɔ atemmu a etia Damasko no mu? (d) Dɛn na Kristofo betumi asua afi Israel nhwɛso no mu nnɛ?

15 Nea edi hɔ no, Yesaia ka “Damasko ho atemmusɛm.” (Kenkan Yesaia 17:1-6.) Damasko, a ɛwɔ Israel kusuu fam no yɛ “Siria ti.” (Yesaia 7:8) Wɔ Yuda hene Ahas nniso mu no, Resin a ofi Damasko ne Peka a ofi Israel yɛ apam tow hyɛ Yuda so. Nanso, Ahas kɔsrɛ Asiria hene Tiglat-Pileser III ma ɔbɛko tia Damasko di so nkonim de emufo pii kɔ nnommumfa mu. Ɛno akyi no, Damasko nhunahuna Yuda bio.—2 Ahene 16:5-9; 2 Beresosɛm 28:5, 16.

16 Ɛda adi sɛ esiane apam a Israel ne Damasko ayɛ nti, Yehowa atemmu a etia Damasko no yɛ nea ɛfa kusuu fam ahemman a ankyerɛ gyidi no nso ho. (Yesaia 17:3-6) Israel bɛyɛ sɛ twabere mu afuw a nnɔbae biara nni mu anaasɛ ngodua a wɔatew so aba nyinaa. (Yesaia 17:4-6) Nhwɛso a anibere wom ma wɔn a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa bɛn ara ni! Ɔhwehwɛ sɛ yɛbɛsom ne nkutoo, na ɔsom kronn a efi komam nkutoo na ɛsɔ n’ani. Na okyi wɔn a wɔtan wɔn nuanom.—Exodus 20:5; Yesaia 17:10, 11; Mateo 24:48-50.

Yehowa Mu Ahotoso Koraa a Wonya

17, 18. (a) Israelfo binom yɛ wɔn ade dɛn wɔ Yehowa atemmusɛm ho, nanso dodow no ara yɛ wɔn ade dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na nsɛm a esisi nnɛ no te sɛ nsɛm a esisii Hesekia bere so no?

17 Afei Yesaia ka sɛ: “Ɛda no na onipa ani begyina ne yɛfo, na n’aniwa bɛhwɛ Israel kronkronni no; na ɔrenhwɛ afɔremuka a ɛyɛ ne nsa ano adwuma no, na Asera nnua ne owia adum a ne nsateaa ayɛ no, ɔremmu bio.” (Yesaia 17:7, 8) Yiw, Israelfo binom tiee Yehowa kɔkɔbɔ no. Sɛ nhwɛso no, bere a Hesekia too nsa frɛɛ Israelfo sɛ wɔmmɛka Yuda ho ma wonni Twam afahyɛ no, ebinom gyee ɔfrɛ no so tuu kwan kɔɔ kesee fam kɔkaa wɔn nuanom ho wɔ ɔsom kronn mu. (2 Beresosɛm 30:1-12) Nanso, Israelfo dodow no ara di abɔfo a wɔde nkra no kɔe ho fɛw. Ɔman no awae a wontumi nyɛ ho hwee. Enti, Yehowa atemmu a etia no no ba ne so. Asiria sɛe Israel nkurow, asase no dan amamfõ, na nnua ntumi nsow aba.—Kenkan Yesaia 17:9-11.

18 Ɛnnɛ nso ɛ? Ná Israel yɛ ɔman a awae. Enti, sɛnea Hesekia bɔɔ mmɔden boaa ankorankoro wɔ saa man no mu ma wɔsan baa nokware som ho no kae yɛn sɛnea nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ mmɔden boa ankorankoro a wɔwɔ Kristoman ahyehyɛde a awae mu no. Efi 1919 no, asomafo a wofi “Nyankopɔn Israel” mu no akɔ Kristoman mu ato nsa afrɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra nokware som mu. (Galatifo 6:16) Dodow no ara apo. Pii adi asomafo no ho fɛw. Nanso, ebinom agye so. Wɔn dodow yɛ ɔpepem pii nnɛ, na wɔn ani gye sɛ ‘wɔbɛkɔ Israel Kronkronni no nkyɛn,’ na wakyerɛkyerɛ wɔn. (Yesaia 54:13) Wɔnsom wɔ afɔremuka a ɛho ntew so—ɔsom a wɔde ma anyame a nnipa ayɛ—na mmom, wɔde ahopere dan kɔ Yehowa nkyɛn. (Dwom 146:3, 4) Te sɛ Yesaia bere soni Mika no, wɔn mu biara ka sɛ: “Me de, [Yehowa, NW] na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no; me Nyankopɔn betie me.”—Mika 7:7.

19. Henanom na Yehowa bɛka wɔn anim, na dɛn na eyi bɛkyerɛ ama wɔn?

19 Hwɛ sɛnea ɛsono wɔn ne wɔn a wɔde wɔn ho to onipa so no! Basabasayɛ kutukutu ne nnipa a wɔyɛ keka ankasa abu so awiei bere yi mu. Adesamma atuatewfo “po” a ehuru kutukutu no kanyan basabasayɛ ne ɔman anidan. (Yesaia 57:20; Adiyisɛm 8:8, 9; 13:1) Yehowa ‘bɛka’ nnipadɔm yi a wɔyɛ dede yi ‘anim.’ Ne soro Ahenni no bɛsɛe ahyehyɛde biara ne ankorankoro a wɔhyɛ basabasayɛ ho nkuran no, na ‘wobeguan akɔ akyirikyiri sɛ ntɛtɛwa a ɛwɔ ahum anim.’—Yesaia 17:12, 13; Adiyisɛm 16:14, 16.

20. Ɛmfa ho sɛ amanaman no ‘fow’ nokware Kristofo no, ahotoso bɛn na wɔwɔ?

20 Dɛn na ebefi mu aba? Yesaia ka sɛ: “Anwummere no, na hwɛ, piriwbɔ aba; ade nnya nkyee no, na wonni hɔ bio. Eyi ne yɛn dwowtwafo kyɛfa ne yɛn afowfo ade a wonya.” (Yesaia 17:14) Nnipa pii refow Yehowa nkurɔfo, wɔreyɛ wɔn ayayade bu wɔn animtiaa. Esiane sɛ nokware Kristofo nyɛ wiase ɔsom atitiriw no fã—na wɔmpɛ sɛ wɔyɛ ne fã—nti, wɔn atamfo a wɔyɛ akasatiafo a wonni nnyinaso na wɔyɛ katee no bu wɔn sɛ nnipa a wonni ahobammɔ. Nanso Onyankopɔn nkurɔfo wɔ awerɛhyem sɛ ‘adekyee’ a ahohiahia no bɛba awiei no rebɛn ntɛmntɛm.—2 Tesalonikafo 1:6-9; 1 Petro 5:6-11.

Etiopia De Ayɛyɛde Brɛ Yehowa

21, 22. Ɔman bɛn bio na ne nsa ka atemmusɛm, na ɔkwan bɛn so na Yesaia nsɛm a efi honhom mu no nya mmamu?

21 Anyɛ yiye koraa no, Etiopia a ɛwɔ Misraim kesee fam no adi ako atia Yuda mprenu. (2 Beresosɛm 12:2, 3; 14:1, 9-15; 16:8) Afei Yesaia ka saa man no ho atemmusɛm: “Due, ntaban honyohonyo asase a ɛwɔ Etiopia nsubɔnten agya nohɔ.” (Kenkan Yesaia 18:1-6.) * Yehowa hyɛ sɛ ‘wobetwa’ Etiopia ‘akyene.’

22 Wiase abakɔsɛm kyerɛ yɛn sɛ wɔ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. awiei no, Etiopia dii Misraim so nkonim dii so tumi bɛyɛ mfirihyia 60. Asiria ahempɔn Esar-Hadon ne Asnapar nso tow hyɛɛ Misraim so. Bere a Asnapar sɛee Thebes no, Asiria bedii Misraim so, na ɛde tumi a na Etiopia wɔ wɔ Nil Bon mu hɔ no baa awiei. (Hwɛ Yesaia 20:3-6 nso.) Na nnɛ mmere yi nso ɛ?

23. Dwuma bɛn na nnɛyi “Etiopia” di, na dɛn nti na n’awiei ba?

23 Wɔ Daniel nkɔmhyɛ a ɛfa “awiei bere” ho mu no, wɔka ‘atifi fam hene’ a n’ani abere no ho asɛm sɛ ɔbɛma Etiopia ne Libia ‘adi n’anammɔn akyi,’ kyerɛ sɛ, wobetie n’akwankyerɛ. (Daniel 11:40-43) Wɔka Etiopia nso ho asɛm sɛ ɔka ‘Gog a ofi Magog asase so’ asraafo a wɔrebedi ako no ho. (Hesekiel 38:2-5, 8) Gog asraafo, a atifi fam hene ka ho no awiei bɛba bere a wɔtow hyɛ Yehowa man kronkron no so no. Enti, Yehowa bɛteɛ ne nsa wɔ nnɛyi “Etiopia” nso so esiane sɔre a ɛsɔre tia Yehowa tumidi nti.—Hesekiel 38:21-23; Daniel 11:45.

24. Akwan bɛn so na Yehowa anya “ayɛyɛde” afi amanaman no hɔ?

24 Nanso, nkɔmhyɛ no ka bio sɛ: “Ɛbere no mu na wɔde ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw bɛyɛ ayɛyɛde abrɛ asafo [Yehowa, “NW”], wɔn a wofi ɔman a wɔn ho yɛ hu ara fi ha rekɔ no mu, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa n’asase mu no, wɔde wɔn bɛba asafo [Yehowa, “NW”] din atrae a ɛne Sion bepɔw no so.” (Yesaia 18:7) Ɛwom sɛ amanaman no mmu Yehowa tumidi de, nanso mmere bi wɔ hɔ a wɔyɛ nneɛma a ɛde mfaso brɛ Yehowa nkurɔfo. Wɔ nsase bi so no, atumfoɔ no ahyehyɛ mmara abu atɛn wɔ asɛnnibea a ɛbɛma Yehowa asomfo anokwafo anya mmara mu hokwan. (Asomafo no Nnwuma 5:29; Adiyisɛm 12:15, 16) Na ayɛyɛde foforo wɔ hɔ. “Ahene de ayɛyɛde bɛbrɛ wo. . . . Kɔbere mfrafrae anwenne befi Misraim aba, Kus [Etiopia] bɛteɛ ne nsa ntɛm de ayɛyɛde ama Onyankopɔn.” (Dwom 68:29-31, NW) Nnɛyi ‘Etiopiafo’ ɔpepem pii a wosuro Yehowa de “ayɛyɛde” a ɛyɛ ɔsom rebrɛ Yehowa nnɛ. (Malaki 1:11) Wɔrenya adwuma kɛse a ɛne Ahenni ho asɛmpa a wɔreka wɔ wiase nyinaa no mu kyɛfa. (Mateo 24:14; Adiyisɛm 14:6, 7) Ayɛyɛde pa a ɛsɛ sɛ wɔde brɛ Yehowa bɛn ara ni!—Hebrifo 13:15.

Misraim Koma Nan

25. Dɛn na ɛba tete Misraim so de ma Yesaia 19:1-11 nya mmamu?

25 Ɔman a ɛbɛn Yuda pɛɛ ne Misraim a ɛwɔ kesee fam, a wɔyɛ Onyankopɔn nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam tamfo bere tenten no. Yesaia ti 19 ka Misraim tebea a ɛyɛ basaa wɔ Yesaia bere so no ho asɛm. Misrifo no atwa wɔn ho reko, “kurow ne kurow, ahenni ne ahenni.” (Yesaia 19:2, 13, 14) Abakɔsɛm akyerɛwfo de adanse ma sɛ na ɔman no mu akyekyɛ ma obiara wɔ ne hene. Misraim nyansa a ɔde hoahoa ne ho, ne ‘n’abosonhuhuw ne kaberɛkyerefo’ nnye no mfi “owura tirimɔdenfo” no nsam. (Yesaia 19:3, 4) Asiria, Babilon, Persia, Hela, ne Roma, di Misraim so nkonim mmiako mmiako. Saa nsɛm yi nyinaa ma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 19:1-11 no nya mmamu.

26. Wɔ ne mmamu kɛse mu no, nnɛyi ‘Misrifo’ bɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ Yehowa atemmu ho?

26 Nanso, wɔ Bible mu no, wɔtaa de Misraim gyina hɔ ma Satan wiase no. (Hesekiel 29:3; Yoel 3:19; Adiyisɛm 11:8) Enti, so Yesaia ‘atemmusɛm a ɛfa Misraim ho’ no benya mmamu kɛse anaa? Yiw, ɛte saa! Ɛsɛ sɛ nsɛm a wɔde fi nkɔmhyɛ no ase no ma obiara hyɛ biribi nsow: “Hwɛ, [Yehowa, “NW”] te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anãn wɔ ne mu.” (Yesaia 19:1) Yehowa bɛtow ahyɛ Satan ahyehyɛde no so nnansa yi ara. Saa bere no, yebehu sɛ nneɛma nhyehyɛe yi mu anyame no yɛ huhuw. (Dwom 96:5; 97:7) Ehu bɛma “Misraim koma anãn.” Yesu kaa saa bere no ho asɛm siei sɛ: “Amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru nti; na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw; efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden.”—Luka 21:25, 26.

27. Mpaapaemu bɛn na wɔka siei sɛ ɛbɛba “Misraim,” na ɔkwan bɛn so na eyi renya mmamu nnɛ?

27 Ɛdefa bere a Yehowa de bebu atɛn ho no, ɔka no nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Mɛhwanyan Misraim mahyɛ Misraim, na wɔne wɔn ho akoko: onua ne onua, adamfo ne adamfo, kurow ne kurow, ahenni ne ahenni.” (Yesaia 19:2) Efi bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ 1914 mu no, nea ahyɛ ‘Yesu mmae ho sɛnkyerɛnne’ no agyirae ne aman a wɔsɔre aman so ne ahenni a ɛsɔre ahenni so. Mmusua mu nnipakum, mogyahwiegu akɛse, ne nea wɔfrɛ no mmusua asetɔre no ama nnipa ɔpepem pii ahwere wɔn nkwa wɔ nna a edi akyiri yi mu. Saa “awoko yaw” yi mu bɛyɛ den ankasa bere a awiei no bɛn kɛse no.—Mateo 24:3, 7, 8.

28. Atemmuda no, mmoa bɛn na atoro som betumi ayɛ de agye nneɛma nhyehyɛe yi?

28 “Misraim honhom bɛsã wɔ ne mu, na n’agyinatu nso, mahwete na wɔakɔ akobisa abosonhuhuw ne kaberɛkyerefo ne asamanfrɛfo ne asumanfo.” (Yesaia 19:3) Bere a Mose kogyinaa Farao anim no, Misraim asɔfo no anim guu ase, na wɔantumi annyina Yehowa tumi ano. (Exodus 8:18, 19; Asomafo no Nnwuma 13:8; 2 Timoteo 3:8) Saa ara na atemmuda no, atoro som rentumi nnye saa nhyehyɛe a aporɔw yi. (Fa toto Yesaia 47:1, 11-13 ho.) Awiei koraa no, Misriam bɛba abɛhyɛ “owura trimɔdenfo” Asiria ase. (Yesaia 19:14) Eyi yɛ daakye a ɛyɛ hu a ɛretwɛn nneɛma nhyehyɛe yi no ho sunsuma.

29. Sɛ Yehowa da no du a, mfaso bɛn na ɛbɛba amammuifo so?

29 Na amammui akannifo no nso ɛ? So wobetumi aboa? “Soan mmapɔmma yɛ nkwasea ara nko, Farao afotufo mu anyansafo afotu adan nkwapaesɛm.” (Kenkan Yesaia 19:5-11.) Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ wobesusuw sɛ nnipa afotufo bɛyɛ mmoa bi ama wɔn atemmuda no! Sɛ wɔwɔ wiase nimdeɛ nyinaa mpo a, wonni Onyankopɔn nyansa. (1 Korintofo 3:19) Wɔapo Yehowa, na wɔadan kɔ nea wɔfrɛ no nyansahu, nyansapɛ, sika, anigyede, ne anyame foforo so. Ne saa nti, wonni Onyankopɔn atirimpɔw ho nimdeɛ biara. Wɔadaadaa wɔn, na wɔabɔ asesa. Wɔyɛ adwumayɛhunu. (Kenkan Yesaia 19:12-15.) “Anyansafo ani bewu, wɔbɛbɔ piriw na wɔakyere wɔn. Hwɛ, [Yehowa, NW] asɛm na wɔapa yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?”—Yeremia 8:9.

Sɛnkyerɛnne ne Adanse Ma Yehowa

30. Ɔkwan bɛn so na “Yuda asase ho bɛyɛ Misraim hu”?

30 Nanso, bere a “Misraim” akannifo no yɛ mmerɛw na wɔyɛ “sɛ mmea,” a wontumi nyɛ hwee no, ankorankoro bi wɔ hɔ a wɔhwehwɛ Onyankopɔn nyansa. Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo ka ‘Onyankopɔn mmaninyɛ kyerɛ.’ (Yesaia 19:16; 1 Petro 2:9) Wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa de abɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ Satan ahyehyɛde a wɔrebɛsɛe no no ho. Bere a Yesaia rehwɛ saa tebea yi kwan no, ɔka sɛ: “Yuda asase ho bɛyɛ Misraim hu, obiara bɔ ne din a, wɔn ho bɛpopo, asafo [Yehowa, “NW”] agyina a watu, Misraim ho no nti.” (Yesaia 19:17) Yehowa asomafo anokwafo kɔ nkurɔfo nkyɛn kɔka nokware no kyerɛ wɔn—a nea ɛka ho ne ɔhaw a Yehowa kaa ho asɛm siei no. (Adiyisɛm 8:7-12; 16:2-12) Eyi haw wiase nyamesom akannifo no.

31. Ɔkwan bɛn so na wotumi kaa “Kanaan kasa” wɔ Misraim nkurow mu (a) wɔ tete mmere mu? (b) wɔ nnɛ mmere mu?

31 Anwonwade bɛn na afi saa dawurubɔ adwuma yi mu aba? “Ɛda no, Misraim asase so nkurow anum bɛkasa Kanaan kasa, na wɔaka [Yehowa, “NW”] ntam; wɔbɛfrɛ biako sɛ: Ɔsɛe kurow.” (Yesaia 19:18) Ɛda adi sɛ, saa nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu tete mmere mu bere a Yudafo a woguan kɔɔ Misraim no kaa Hebri kasa wɔ ɛhɔ nkurow mu no. (Yeremia 24:1, 8-10; 41:1-3; 42:9–43:7; 44:1) Ɛnnɛ, nnipa bi wɔ nnɛyi “Misraim” asasesin mu a wɔasua sɛ wɔbɛka Bible mu nokware ho ‘kasa kronn.’ (Sefania 3:9) Wɔfrɛ sɛnkyerɛnne kwan so nkurow no biako “ɔsɛe kurow,” a ɛkyerɛ sɛ ‘kasa kronn’ no fã fa Satan ahyehyɛde ho ntama a wɔbɛpa na ‘wɔasɛe no’ ho.

32. (a) “Afɔremuka” bɛn na ɛwɔ Misraim asase no mfinimfini? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no te sɛ “ɔbodum” a esi Misraim hye so?

32 Esiane Yehowa nkurɔfo dawurubɔ adwuma no nti, akyinnye biara nni ho sɛ wobehu ne din kɛse no wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. “Ɛda no na wɔde afɔremuka besi Misraim asase mfinimfini ama [Yehowa, “NW”], na ɔbodum besi ne hye ho ama [Yehowa, “NW”].(Yesaia 19:19) Saa nsɛm yi twe adwene si Kristofo a wɔasra wɔn a Onyankopɔn ne wɔn ayɛ apam no gyinabea so. (Dwom 50:5) Sɛ́ “afɔremuka” no, wɔde wɔn afɔrebɔ rema; sɛ́ “nokware dum ne nnyinaso” no, wɔredi Yehowa ho adanse. (1 Timoteo 3:15; Romafo 12:1; Hebrifo 13:15, 16) Wɔwɔ “asase mfinimfini,” na wohu wɔn—wɔne wɔn ahokafo “nguan foforo” no—wɔ aman ne po so nsupɔw bɛboro 230 so. Nanso “wɔnyɛ wiase no fã.” (Yohane 10:16; 17:15, 16, NW ) Sɛ yɛbɛka a, wogyina saa wiase yi ne Onyankopɔn Ahenni no hye so, a wɔayɛ ahoboa sɛ wobetwa saa hye no akonya wɔn soro akatua.

33. Akwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no yɛ “sɛnkyerɛnne” ne “adanse” wɔ “Misraim”?

33 Yesaia toa so sɛ: “Na ayɛ sɛnkyerɛnne ne adanse ama asafo [Yehowa, “NW”], Misraim asase so, na sɛ wosu frɛ [Yehowa, “NW”], ahawfo anim a, wasoma ogyefo ne ɔsɛnnifo aba wɔn nkyɛn abegye wɔn.” (Yesaia 19:20) Sɛ́ “sɛnkyerɛnne” ne “adanse” no, wɔn a wɔasra wɔn no di anim wɔ asɛnka adwuma no mu, na wɔma Yehowa din so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu. (Yesaia 8:18; Hebrifo 2:13) Wotumi te nnipa a wɔhyɛ wɔn so sũ wɔ wiase nyinaa, nanso ne nyinaa mu no, nnipa nniso ntumi mmoa wɔn. Nanso, Yehowa bɛsoma Ogyefo Kɛse, Ɔhene Yesu Kristo, abegye ahobrɛasefo nyinaa. Sɛ nna a edi akyiri yi du ne mpɔnpɔn so wɔ Harmagedon ko mu a, ɔde ogye ne nhyira a enni awiei bɛbrɛ nnipa a wosuro Nyankopɔn nyinaa.—Dwom 72:2, 4, 7, 12-14.

34. (a) Ɔkwan bɛn so na “Misrifo” hu Yehowa, na afɔrebɔ ne ayɛyɛde bɛn na wɔde bɛbrɛ no? (b) Bere bɛn na Yehowa bɛbɔ “Misraim,” na ayaresa bɛn na ebenya wɔ ɛno akyi?

34 Enkosi saa bere no, Onyankopɔn pɛ ne sɛ nnipa ahorow nyinaa benya nokware nimdeɛ na wagye wɔn nkwa. (1 Timoteo 2:4) Enti, Yesaia kyerɛw sɛ: [Yehowa, “NW”] beyi ne ho adi ama Misraim ahu no, na Misrifo behu [Yehowa, “NW”] ɛda no, na wɔde afɔre ne ayɛyɛde asom no, na wɔahyɛ [Yehowa, “NW”] bɔ na wɔama. Na [Yehowa, “NW”] bɛbobɔ Misraim, ɔbɛbobɔ wɔn, na wasa wɔn yare; na wɔbɛsan aba [Yehowa, “NW”] nkyɛn, na watie wɔn asa wɔn yare.” (Yesaia 19:21, 22) Nnipa a wofi Satan wiase aman nyinaa mu, “Misrifo” ankorankoro, behu Yehowa na wɔabɔ afɔre ama no, “anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 13:15) Wɔhyɛ Yehowa bɔ denam wɔn ho so a wohyira ma no so, na wɔnam ɔsom kronn a wɔde tra ase so di wɔn bɔhyɛ no so. Sɛ Yehowa ‘bobɔ’ nneɛma nhyehyɛe yi wɔ Harmagedon wie a, ɔnam N’ahenni so bɛsa adesamma yare. Wɔ Yesu Mfirihyia Apem Ahenni no mu no, wɔbɛma adesamma adu honhom, adwene, abrabɔ, ne honam fam pɛyɛ ho—ayaresa ampa!—Adiyisɛm 22:1, 2.

“Nhyira Nka Me Man”

35, 36. Ɛdefa Yesaia 19:23-25 mmamu ho no, nkitahodi bɛn na ɛbɛdaa Misraim, Asiria, ne Israel ntam wɔ tete mmere mu?

35 Afei odiyifo no hu adeyɛ nwonwaso bi: “Ɛda no, ɔtempɔn bɛda [] afi Misraim akɔ Asiria, na Asiriafo aba Misraim, na Misrifo akɔ Asiria, na Misrifo ne Asiriafo abom asom. Ɛda no, Israel bɛto Misraim ne Asiria so abiɛsa ayɛ nhyira, asase mfinimfini, esiane sɛ asafo [Yehowa, “NW”] ahyira wɔn sɛ: Nhyira nka me man Misraim ne me nsa ano adwuma Asiria ne m’agyapade Israel.” (Yesaia 19:23-25) Yiw, da bi bɛba a abusuabɔ pa bɛba Misraim ne Asiria ntam. Ɔkwan bɛn so?

36 Sɛnea yɛbɛka no no, bere a Yehowa gyee ne nkurɔfo fii amanaman nsam wɔ tete mmere mu no, ɔmaa tempɔn a ɛkɔ ahofadi mu bɛdaa hɔ maa wɔn. (Yesaia 11:16; 35:8-10; 49:11-13; Yeremia 31:21) Saa nkɔmhyɛ yi nyaa mmamu kakra bere a wodii Babilon so nkonim na wɔde nnommum a wofi Asiria ne Misraim, ne Babilon nso san baa Bɔhyɛ Asase no so no. (Yesaia 11:11) Na nnɛ mmere yi nso ɛ?

37. Ɔkwan bɛn so na nnipa ɔpepem pii tra ase nnɛ sɛ nea ɔtempɔn bi da “Asiria” ne “Misraim” ntam?

37 Ɛnnɛ, honhom fam Israelfo a wɔasra wɔn no nkaefo no yɛ “nhyira, asase mfinimfini.” Wɔhyɛ nokware som ho nkuran na wɔreka Ahenni ho asɛm akyerɛ nkurɔfo wɔ aman nyinaa mu. Saa aman yi bi te sɛ Asiria, a honam fam ade dodowpɛ adi wɔn ti ankasa no. Aman foforo nso yɛ fakaa paa, a ebia wɔte sɛ Misraim—a bere bi na ɛyɛ ‘anafo fam hene’ wɔ Daniel nkɔmhyɛ no mu no. (Daniel 11:5, 8) Nnipa ɔpepem pii a wofi aman a wɔyɛ ade dodowpɛ ne aman a wɔyɛ fakaa paa mu agye nokware som atom. Enti, nnipa a wofi aman nyinaa mu ayɛ biako de ‘ɔsom rema.’ Ɔman mu mpaapaemu bi nni wɔn mu. Wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho, na yebetumi aka sɛ ‘Asiria ba Misraim, na Misraim ba Asiria’ ampa. Ɛte sɛ nea ɔtempɔn bi da hɔ ma wɔn mu biara.—1 Petro 2:17.

38. (a) Ɔkwan bɛn so na Israel “bɛto Misraim ne Asiria so abiɛsa”? (b) Dɛn nti na Yehowa ka sɛ “Nhyira nka me man”?

38 Nanso, ɔkwan bɛn so na Israel “bɛto Misraim ne Asiria so abiɛsa”? Wɔ “awiei bere” no mfiase no, na wɔn a wɔresom Yehowa wɔ asase so no mu dodow no ara yɛ “Nyankopɔn Israel” mufo. (Daniel 12:9; Galatifo 6:16) Efi 1930 mfe no mu no, “nguan foforo” no mu nnipakuw kɛse a wɔwɔ asase so anidaso no ada wɔn ho adi. (Yohane 10:16a; Adiyisɛm 7:9) Wofi aman—a Misraim ne Asiria yɛɛ ho mfonini—no mu, na wɔsen yuu kɔ Yehowa som mu, na wɔto nsa frɛ afoforo sɛ wɔmmɛka wɔn ho. (Yesaia 2:2-4) Wɔyɛ asɛnka adwuma koro no ara te sɛ wɔn nuanom a wɔasra wɔn no, wohyia sɔhwɛ koro no ara, wɔda gyidi ne nokwaredi koro no ara adi, na wodidi wɔ honhom fam pon koro so. Nokwarem no, “nguan foforo” no ne wɔn a wɔasra wɔn no yɛ “kuw biako [na wɔwɔ] ɔhwɛfo biako.” (Yohane 10:16b) So obi adwenem betumi ayɛ no naa sɛ Yehowa ani nnye wɔn adwuma ho bere a ohu wɔn mmɔdenbɔ ne wɔn boasetɔ no? Ɛnyɛ nwonwa sɛ ohyira wɔn sɛ: “Nhyira nka me man”!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 21 Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ asɛm “ntaban honyohonyo asase” no kyerɛ mmoadabi a sɛ ɛwom ara a wɔba Etiopia no. Afoforo kyerɛ sɛ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “honyohonyo,” tsela·tsalʹ, no ne edin a Gallafo, nnipa a wɔka Hamit kasa a wɔte nnɛyi Etiopia, de frɛ akekawere, tsaltsalya, no di nsɛ.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 191]

Filistifo akofo a wɔrekɔtow ahyɛ wɔn atamfo so (Misrifo mfonini fi afeha a ɛto so 12 A.Y.B. mu)

[Mfonini wɔ kratafa 192]

Moab ɔkofo anaa onyame a ɔda ɔbo ase (afeha a ɛto so 11 ne afeha a ɛto so 8 A.Y.B. ntam)

[Mfonini wɔ kratafa 196]

Siria kofo a ɔte yoma so (afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu)

[Mfonini wɔ kratafa 198]

Adesamma atuatewfo “po” no kanyan basabasayɛ ne ɔman anidan

[Mfonini wɔ kratafa 203]

Misraim asɔfo antumi annyina Yehowa tumi ano