Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Paradise a Wɔasan De Aba!

Paradise a Wɔasan De Aba!

Ti Aduonu Awotwe

Paradise a Wɔasan De Aba!

Yesaia 35:1-10

1. Dɛn nti na ɔsom pii wɔ paradise asetra bi ho anidaso?

“PARADISE ka nneɛma a nnipa ani gyina denneennen bere nyinaa no ho. Ebetumi ayɛ anigyina a emu yɛ den sen biara a entumi mfi hɔ. Paradise ho akwanhwɛ bi da adi wɔ nyamesom mu biribiara mu.” Saa na The Encyclopedia of Religion ka. Anigyina a ɛte saa fi awosu mu, efisɛ Bible ka kyerɛ yɛn sɛ adesamma asetra fii ase wɔ Paradise—turo fɛfɛ bi a na yare ne owu nnim—mu. (Genesis 2:8-15) Ɛnyɛ nwonwa sɛ wiase som ahorow pii wɔ daakye asetra wɔ paradise bi ho anidaso.

2. Ɛhe na yebetumi anya daakye Paradise ho anidaso a ɛyɛ nokware?

2 Yebetumi akenkan daakye Paradise ho anidaso a ɛyɛ nokware ho asɛm wɔ Bible no afã pii. (Yesaia 51:3) Sɛ nhwɛso no, Yesaia nkɔmhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ ti 35 no fã bi ka sare a ɛbɛdan prama a ɛte sɛ turo ne nsase a ɛsow aba ho asɛm. Anifuraefo hu ade, mum tumi kasa, na asotifo tumi te asɛm. Wɔ saa Paradise a wɔahyɛ ho bɔ yi mu no, awerɛhow ne osu nni hɔ, na ɛkyerɛ sɛ owu mpo nni hɔ bio. Bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛte saa nsɛm yi ase? So ɛma yenya anidaso bi nnɛ? Yesaia nhoma no ti yi a yebesusuw ho no bɛma yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

Asase a Ɛda Mpan Di Ahurusi

3. Sɛnea Yesaia nkɔmhyɛ no kyerɛ no, nsakrae bɛn na ɛbɛba asase no so?

3 Yesaia nkɔmhyɛ a efi honhom mu a ɛfa Paradise a wɔasan de asi hɔ ho no de nsɛm a edi so yi na efi ase: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu [Yehowa, “NW”] anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.”—Yesaia 35:1, 2.

4. Bere bɛn na Yudafo asase no bɛdanee sare, na ɔkwan bɛn so na ɛbaa saa?

4 Yesaia kyerɛw saa nsɛm yi wɔ bɛyɛ afe 732 A.Y.B. mu. Bɛyɛ mfe 125 akyi no, Babilonfo sɛe Yerusalem, na wɔde Yudafo kɔ nnommumfa mu. Wɔn asase no da mpan, na ɛdan amamfõ. (2 Ahene 25:8-11, 21-26) Saa kwan yi so no, Yehowa kɔkɔbɔ a ɛne sɛ sɛ Israelfo anni nokware a, wɔbɛkɔ nnommumfa mu no nya mmamu. (Deuteronomium 28:15, 36, 37; 1 Ahene 9:6-8) Bere a Hebri man no bɛyɛ nnommum wɔ ananafo asase so no, wɔn nsase a na nsu pa wɔ so ne nnuaba nturo no bɛda mpan mfe 70, na ɛbɛyɛ sɛ sare.—Yesaia 64:10; Yeremia 4:23-27; 9:10-12.

5. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔsan de paradise tebea ba asase no so? (b) Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo ‘hu Yehowa anuonyam’?

5 Nanso, Yesaia nkɔmhyɛ no ka sɛ asase no renna mpan daa. Wɔbɛdan no paradise ankasa. Wɔde “Lebanon anuonyam” ne “Karmel ne Saron ahyehyɛde” bɛma no. * Ɔkwan bɛn so? Sɛ Yudafo no fi nnommumfa mu ba a, wɔbɛsan adɔw wɔn asase no na wɔagugu wɔn mfuw so nsu, na asase no asan adɔ srade sɛnea na ɛte kan no. Eyi ho anuonyam betumi akɔ Yehowa nkutoo hɔ. Ɛyɛ ne pɛ ne ne mmoa ne ne nhyira nti na Yudafo no nya paradise tebea a ɛte saa. Nnipa no tumi hu “[Yehowa, NW] anuonyam, [wɔn] Nyankopɔn ahyehyɛde” bere a wohu sɛ Yehowa nsa wɔ nsakrae a ɛyɛ nwonwa a ɛba wɔn asase no so mu no.

6. Mmamu a ehia kɛse bɛn na Yesaia nsɛm no anya?

6 Nanso, Yesaia nsɛm no nya mmamu a ehia kyɛn saa wɔ Israel asase a wɔasan asiesie so no ho. Wɔ honhom fam no, Israel adan asase kesee ne sare mfe pii. Bere a na nnommum no wɔ Babilon no, wɔkaa nokware som hyɛe denneennen. Ná asɔrefie, afɔremuka, ne asɔfodi ho nhyehyɛe biara nni hɔ. Wotwaa afɔre a wɔbɔ no daa mu. Afei de, Yesaia hyɛ nsakrae bi ho nkɔm. Wɔ mmarima te sɛ Serubabel, Esra, ne Nehemia akanni ase no, Israel mmusuakuw 12 no nyinaa mu ananmusifo san kɔ Yerusalem, kosi asɔrefie no, na wɔsom Yehowa a obiara nhaw wɔn. (Esra 2:1, 2) Eyi yɛ honhom fam paradise ampa!

Honhom no Ma Wɔn Ani Gye

7, 8. Dɛn nti na Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no hia su a ɛfata, na ɔkwan bɛn so na Yesaia nsɛm no de nkuranhyɛ ma?

7 Anigyesɛm bi wɔ nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 35 no mu. Odiyifo no reka daakye a ɛyɛ anigye ho asɛm akyerɛ ɔman a asakra no. Nokwarem no, ɔde anigye ne ahotoso ne anidaso na ɛkasa. Mfeha abien akyi a na bere adu sɛ wosiesie wɔn asase no, na Yudafo a wɔwɔ nnommum mu no hia ahotoso ne anidaso a ɛte saa ara. Yehowa nam Yesaia so tu wɔn fo nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu; monka nkyerɛ wɔn a wɔn koma atu sɛ: Monhyɛ mo ho den, munnsuro, hwɛ, mo Nyankopɔn ni! Aweredi, Onyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abegye mo nkwa!”—Yesaia 35:3, 4.

8 Bere a wofi nnommumfa tenten mu aba no, wɔde wɔn bere no bɛyɛ biribi. Persia hene Kores, adwinnade a Yehowa nam ne so tɔ Babilon so were no, apae mu aka sɛ wɔnsan mfa Yehowa som nsi hɔ wɔ Yerusalem. (2 Beresosɛm 36:22, 23) Ɛsɛ sɛ Hebrifo mmusua mpempem pii no yɛ nhyehyɛe pa na ama wɔatumi atwa kwan a ɛso yɛ hu no afi Babilon akɔ Yerusalem. Sɛ wodu a, ɛsɛ sɛ wosisi adan pii a wɔbɛtra mu, na wosiesie wɔn ho ma adwuma kɛse a ɛne asɔrefie no a wɔbɛsan asi ne kurow no a wɔbɛkyekye no. Wɔ Yudafo a wɔwɔ Babilon no mu bi fam no, eyinom nyinaa bɛyɛ biribi a ebu abam. Nanso, ɛnyɛ bere a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn nsam gow anaa wɔbɔ hu ni. Ɛsɛ sɛ Yudafo no hyehyɛ wɔn ho wɔn ho den, na wonya Yehowa mu ahotoso. Ɔma wɔn awerɛhyem sɛ obegye wɔn.

9. Bɔhyɛ a ɛyɛ anigye bɛn na wɔde ma Yudafo a wɔresan aba no?

9 Wɔn a woyii wɔn fii Babilon nnommumfa mu no benya biribi pa bi agyina so adi ahurusi, efisɛ sɛ wɔsan ba Yerusalem a, wobenya daakye a ɛyɛ anigye. Yesaia hyɛ nkɔm sɛ: “Ɛno na afuraefo aniwa bebue, na asotifo aso atue; ɛno na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom.”—Yesaia 35:5, 6a.

10, 11. Wɔ Yudafo a wɔresan aba no fam no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesaia nsɛm no nya honhom fam asekyerɛ, na dɛn na ɛkyerɛ?

10 Ɛda adi sɛ, Yehowa nkurɔfo honhom fam tebea ho asɛm wɔ n’adwenem. Wɔde mfirihyia 70 nnommumfa no atwe wɔn aso esiane wae a wɔwaee kan no nti. Nanso, bere a Yehowa retwe ne nkurɔfo aso no, wamma wɔanyɛ anifuraefo, asotifo, mmubuafo, ne mum ankasa. Enti, enhia sɛ wɔsa Israel man a wɔsan de wɔn ba no honam fam yare. Yehowa siesie nea wɔhweree, a ɛne honhom fam akwahosan no.

11 Wɔsa Yudafo a wɔasakra no yare, kyerɛ sɛ wɔsan te honhom fam nneɛma ase—wotumi hu honhom fam nneɛma te ase, yɛ setie, na wɔka Yehowa asɛm no. Wobehu hia a ehia sɛ wɔbɛn Yehowa. Wɔnam wɔn nneyɛe pa so ‘to dwom’ anigye so yi wɔn Nyankopɔn ayɛ. Nea na anka ɔyɛ “apakye” no de anigye ne ahoɔden som Yehowa. Sɛnkyerɛnne kwan so no, ‘ohuruw sɛ ɔforote.’

Yehowa Ma Ne Nkurɔfo Abotɔyam

12. Ɛhe na Yehowa de nsu behyira asase no akodu?

12 Ɛyɛ den sɛ baabi a nsu nni bɛyɛ paradise. Ná nsu pii wɔ Paradise a edi kan no mu wɔ Eden. (Genesis 2:10-14) Ná asase a wɔde maa Israel no nso yɛ ‘asase a ɛso wɔ nsubɔnten ne nsuaniwa a ɛresen.’ (Deuteronomium 8:7) Ɛnde, ɛfata sɛ Yesaia de bɔhyɛ a ɛma abotɔyam yi ma: “Nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa; sakraman trabea a wobutuwii no, wura befifi aka demmire ne nkyɛkyerɛ ho.” (Yesaia 35:6b, 7) Sɛ Israelfo no siesie wɔn asase no so bio a, afifide pii befifi mmeae a ada mpan na sakraman di hɔ akɔneaba no. Asase kesee a mfutuma wɔ so bɛdan “ɔwora,” baabi a nkyɛkyerɛ ne mmɛw betumi anyin.—Hiob 8:11.

13. Honhom fam nsu bebree bɛn na wobenya wɔ ɔman a wɔasiesie mu no mu?

13 Nanso, nea ehia paa ne honhom fam nokware ho nsu, a Yudafo a wɔsan ba wɔn asase so benya no pii no. Yehowa nam N’asɛm so bɛma wɔanya nimdeɛ, nkuranhyɛ, ne awerɛkyekye. Bio nso, mpanyimfo ne asafohene anokwafo bɛyɛ “sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa.” (Yesaia 32:1, 2) Wɔn a wɔde nokware som si hɔ, te sɛ Esra, Hagai, Yesua, Nehemia, Sakaria, ne Serubabel, bɛyɛ adanse a edi mũ ankasa a ɛkyerɛ sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no anya mmamu.—Esra 5:1, 2; 7:6, 10; Nehemia 12:47.

“Ɔkwan Kronkron”

14. Ka kwan a wotu fi Babilon kɔ Yerusalem no ho asɛm.

14 Nanso, ansa na Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu no betumi anya honam ne honhom fam paradise tebea a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ wotwa kwantenten a ɛso yɛ hu fi Babilon kɔ Yerusalem. Sɛ wɔfa ɔkwantiaa so a, ɛbɛkyerɛ sɛ wobetwa kwan kilomita 800 a nsu nni so na ɛso yɛ hu. Sɛ wɔfa ɔkwan a ahotɔ kakra wom so a, ɛbɛhwehwɛ sɛ wotwa kilomita 1,600. Akwan abien no mu biara bɛhwehwɛ sɛ wodi asram dodow bi, na wogyina tebea horow a enye ano, na wobetumi ahyia mmoa a wɔyɛ keka ne nnipa a wɔyɛ wɔn ade sɛ mmoa nyinaa nso. Nanso, wɔn a wɔwɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu gyidi no nnwinnwen ntra so. Dɛn ntia?

15, 16. (a) Ahobammɔ bɛn na Yehowa de ma Yudafo anokwafo a wɔretu kwan akɔ wɔn asase so no? (b) Ntease foforo bɛn mu na Yehowa ma Yudafo no fa ɔtempɔn a ɛso nyɛ hu so?

15 Yehowa nam Yesaia so hyɛ bɔ sɛ: “Ɔtempɔn ne ɔkwan bɛda hɔ, na wɔbɛfrɛ no ɔkwan kronkron; nea ne ho ntew remfa so, na wɔn na wɔde bɛma wɔn; ntetekwaa mpo remfom kwan wɔ mu. Gyata biara remma hɔ, na anworannworammoa bi rensi so; wɔrenhu bi wɔ hɔ, wɔn a wɔagye wɔn na wɔbɛfa so.” (Yesaia 35:8, 9) Yehowa asan agye ne nkurɔfo! Wɔyɛ ne nkurɔfo a “wɔagye wɔn,” na ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛwowaw wɔn akodu wɔn kurom. So ɔkwan bi wɔ hɔ a wɔagu so, ama so, agye ho fi Babilon kɔ Yerusalem ankasa? Dabi, nanso ahobammɔ a Yehowa de bɛma ne nkurɔfo wɔ akwantu no mu no di mũ araa ma ɛyɛ te sɛ nea wɔnam tempɔn a ɛte saa so.—Fa toto Dwom 91:1-16 ho.

16 Wɔbɔ Yudafo no ho ban fi honhom fam asiane nso ho. Sɛnkyerɛnne kwan so tempɔn no yɛ “ɔkwan kronkron.” Wɔn a wommu akronkronne anaasɛ wɔn ho ntew honhom fam no mfata sɛ wɔfa so. Wɔnhwehwɛ wɔn wɔ asase a wɔasan asiesie so no so. Wɔhyɛ wɔn a wɔapene wɔn so no nkuran ma ɛfata. Ɛnyɛ ɔmampɛ, honhom ne honam fam nneɛma nti na wɔresan akɔ Yuda ne Yerusalem. Yudafo a wɔn ani ku honhom fam nneɛma ho no hu sɛ ade titiriw nti a wɔresan akɔ wɔn asase so ne sɛ wɔbɛsan de Yehowa nokware som asi hɔ.—Esra 1:1-3.

Yehowa Nkurɔfo Di Ahurusi

17. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nkɔmhyɛ no akyekye Yudafo no werɛ wɔ bere tenten a wɔde atra nnommumfa mu no mu?

17 Yesaia nkɔmhyɛ no ti 35 no de anigyesɛm bi na ɛba awiei: “Wɔn a [Yehowa, “NW”] apon wɔn no bɛsan aba, na wɔde dwom aba Sion; na daa anigye bɛtra wɔn atifi, ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa, na awerɛhow ne apinisi aguan.” (Yesaia 35:10) Ɛbɛyɛ sɛ Yudafo a wɔwɔ nnommumfa mu a wɔhwɛɛ saa nkɔmhyɛ yi kwan na ama wɔanya awerɛkyekye ne anidaso wɔ wɔn nnommumfa mu no susuw ɔkwan a n’afã ahorow bɛfa so abam no ho. Ɛda adi sɛ, wɔante nkɔmhyɛ no afã pii ase. Nanso, emu daa hɔ pefee sɛ ‘wɔbɛsan aba Sion ɔkwan biara so.’

18. Ɔkwan bɛn so na anigye ne ahurusi besi osu ne awerɛhow a na wodi wɔ Babilon no ananmu wɔ asase a wɔasiesie so no so?

18 Enti, wɔ afe 537 A.Y.B. mu no, mmarima bɛyɛ 50,000 (a na nkoa bɛboro 7,000 ka ho) ne mmea ne mmofra de asram anan twa kwan san ba Yerusalem, a na wɔwɔ Yehowa mu ahotoso koraa. (Esra 2:64, 65) Asram kakraa bi akyi no, wɔsan si Yehowa afɔremuka no, na ɛto fapem ma asɔrefie no si ankasa. Yesaia mfirihyia 200 nkɔmhyɛ no nya mmamu. Anigye ne ahurusi besi osu ne awerɛhow a na wodi wɔ Babilon no ananmu wɔ asase a wɔasiesie so no so. Yehowa adi ne bɔhyɛ so. Wɔasan de paradise—honam fam ne honhom fam de nyinaa—asi hɔ!

Wɔwo Ɔman Foforo

19. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no nyaa mmamu kakraa bi pɛ wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu?

19 Nokwarem no, mmamu kakraa bi pɛ na Yesaia ti 35 no nyae wɔ afeha a ɛto so asia A.Y.B. mu. Paradise tebea a Yudafo a wɔsan baa wɔn asase so nyae no ankyɛ. Bere kɔɔ so no, atoro som nkyerɛkyerɛ ne ɔmampɛ honhom guu nokware som ho fĩ. Yudafo no dii honhom fam awerɛhow, si apini bio. Awiei koraa no, Yehowa poo ne nkurɔfo no. (Mateo 21:43) Esiane asoɔden a wɔsan yɛe nti, wɔn anigye no antra hɔ daa. Eyi nyinaa kyerɛ sɛ Yesaia ti 35 no benya mmamu foforo a ɛsen saa.

20. Israel foforo bɛn na wɔwoo no wɔ afeha a edi kan Y.B. mu?

20 Wɔ Yehowa bere a ɛsɛ mu no, Israel foforo, honhom fam de, bae. (Galatifo 6:16) Yesu too fapem maa Israel foforo a wɔbɛwo no yi wɔ n’asase so som adwuma no mu. Ɔsan de nokware som sii hɔ, na ɛdenam ne nkyerɛkyerɛ so no, nokware ho nsu no fii ase sen bio. Ɔsaa ayarefo yare, honhom fam ne honam fam nyinaa. Wɔtoo anigye dwom bere a wɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. Ne wu ne ne wusɔre akyi adapɛn ason no, Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no de Kristofo asafo no sii hɔ. Honhom fam Israel a Yudafo ne afoforo a Yesu mogya a ohwie gui agye wɔn, na wɔawo wɔn sɛ Onyankopɔn honhom fam mma ne Yesu nuanom a wɔde honhom asra wɔn no, na wɔwɔ asafo yi mu.—Asomafo no Nnwuma 2:1-4; Romafo 8:16, 17; 1 Petro 1:18, 19.

21. Nsɛm bɛn na esisii afeha a edi kan no mu Kristofo asafo no mu a yebetumi aka sɛ ɛyɛ Yesaia nkɔmhyɛ no fã bi mmamu?

21 Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw honhom fam Israel no mufo no, ɔtwee adwene sii nsɛm a ɛwɔ Yesaia 35:3 no so denam eyi a ɔkae so: “Monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow no mu den bio.” (Hebrifo 12:12) Ɛnde, ɛda adi sɛ, wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, nsɛm a ɛwɔ Yesaia ti 35 no nyaa mmamu bi. Wɔ honam fam no, Yesu ne n’asuafo nam anwonwakwan so maa anifuraefo aniwa buei na asotifo aso tee asɛm. Wɔmaa ‘mpakye’ nantewee, na mum kasae. (Mateo 9:32; 11:5; Luka 10:9) Nea ehia sen saa no, wogyee nnipa komapafo fii atoro som mu baa honhom fam paradise mu wɔ Kristofo asafo no mu. (Yesaia 52:11; 2 Korintofo 6:17) Sɛnea na ɛte wɔ Yudafo a wɔresan afi Babilon no fam no, wɔn a wogyee wɔn yi hui sɛ anigye ne akokoduru honhom ho hia.—Romafo 12:11.

22. Ɔkwan bɛn so na Kristofo komapafo a wɔrehwehwɛ nokware no wɔ nnɛ mmere yi no baa Babilon nnommumfa mu?

22 Na nnɛ nso ɛ? So Yesaia nkɔmhyɛ no anya mmamu foforo nnɛ, nea edi mũ a ɛfa Kristofo asafo no ho? Yiw. Wɔ asomafo no wu akyi no, nokware Kristofo a wɔasra wɔn no dodow so tewee koraa, na atoro Kristofo, “nwura,” dɔɔso wɔ wiase. (Mateo 13:36-43; Asomafo no Nnwuma 20:30; 2 Petro 2:1-3) Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu mpo, bere a ankorankoro komapafo fii ase tew wɔn ho fii Kristoman ho kɔhwehwɛɛ nokware som no, nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so kɔɔ so guu wɔn ntease ho fĩ. Wɔ 1914 mu no, wɔde Yesu sii agua so sɛ Mesia Hene, nanso ɛno akyi bere tiaa bi no, tebea no ankɔ yiye amma komapafo a wɔhwehwɛ nokware yi. Nkɔmhyɛ no mmamu mu no, amanaman no ‘ne wɔn koe dii wɔn so nkonim,’ na wosiw mmɔden a Kristofo anokwafo yi bɔe sɛ wɔbɛka asɛmpa no kwan. Enti, wɔkɔɔ Babilon nnommumfa mu.—Adiyisɛm 11:7, 8.

23, 24. Akwan bɛn so na Yesaia nsɛm no anya mmamu wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu fi 1919 mu?

23 Nanso, nneɛma sesae wɔ 1919 mu. Yehowa yii ne nkurɔfo fii nnommumfa mu. Wofii ase poo atoro nkyerɛkyerɛ a na adi kan asɛe wɔn som no. Ne saa nti, wonyaa ayaresa. Wɔbaa honhom fam paradise bi a ɛkɔ so trɛw wɔ wiase nyinaa nnɛ no mu. Wɔ honhom fam no, anifuraefo resua sɛ wobehu ade, na asotifo ate asɛm—na wogye Onyankopɔn honhom kronkron no dwumadi tom koraa, na wohu hia a ehia bere nyinaa sɛ wɔbɛn Yehowa. (1 Tesalonikafo 5:6; 2 Timoteo 4:5) Nokware Kristofo a wɔnka wɔn ano ntom bio yi de anigye ‘teɛm’ ka Bible mu nokware ho asɛm kyerɛ afoforo. (Romafo 1:15) Wɔn a na wɔayɛ mmerɛw honhom fam, anaa ‘mpakye’ no, ɛnnɛ wɔda nnamyɛ ne anigye adi. Sɛnkyerɛnne kwan so no, wotumi ‘huruw sɛ ɔforote.’

24 Kristofo a wɔasiesie wɔn yi nantew “ɔkwan kronkron” no so. Saa ‘Kwan’ yi a epue fi Babilon Kɛse mu kɔ honhom fam paradise mu no yɛ nea wɔabue ama asomfo a wɔn ho tew wɔ honhom fam nyinaa. (1 Petro 1:13-16) Wobetumi de wɔn ho ato Yehowa so ahwehwɛ ahobammɔ na wɔanya awerɛhyem sɛ Satan renni nkonim wɔ ne ntua bɔne a ɔde ba sɛ ɔde beyi nokware som afi hɔ no mu. (1 Petro 5:8) Wɔmma asoɔdenfo ne wɔn a wɔyɛ wɔn ade sɛ mmoa a wɔyɛ keka no kwan mma wɔnsɛe wɔn a wɔnam Onyankopɔn tempɔn kronkron so no. (1 Korintofo 5:11) Bere a wɔwɔ beae a ahobammɔ wɔ yi no, wɔn a Yehowa agye wɔn no—wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no—nya anigye sɛ wɔresom nokware Nyankopɔn koro no.—Yohane 10:16.

25. So Yesaia ti 35 benya mmamu honam fam? Kyerɛkyerɛ mu.

25 Na daakye nso ɛ? So Yesaia nkɔmhyɛ no benya mmamu wɔ asase so ankasa? Yiw. Anwonwakwan so ayaresa a Yesu ne n’asomafo no yɛe wɔ afeha a edi kan mu no kyerɛe sɛ Yehowa wɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde bɛsa yare a ɛte saa kɛse daakye. Dwom a efi honhom mu no ka daa nkwa a yebenya wɔ asomdwoe tebea mu wɔ asase so ho asɛm. (Dwom 37:9, 11, 29) Yesu hyɛɛ nkwa ho bɔ wɔ Paradise. (Luka 23:43) Efi Bible no mfiase kosi ne nhoma a etwa to paa so no, ɛhyɛ asase so paradise anidaso ankasa ho bɔ. Saa bere no, wɔbɛsa anifuraefo, asotifo, mpakye, ne mum yare koraa wɔ honam fam. Awerɛhow ne osu befi hɔ. Nokwarem no, anigye bɛyɛ ade a ɛte hɔ daa, daapem.—Adiyisɛm 7:9, 16, 17; 21:3, 4.

26. Ɔkwan bɛn so na Yesaia nsɛm no hyɛ Kristofo den nnɛ?

26 Bere a nokware Kristofo twɛn asase so Paradise a wɔbɛsan de aba no, mprempren mpo, wonya honhom fam paradise mu nhyira horow. Wɔde anidaso gyina sɔhwɛ ne ahohiahia ano. Wɔde Yehowa mu ahotoso a enhinhim a wɔwɔ no hyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran, na wotie afotu yi sɛ: “Monhyɛ nsa a ayɛ bɛtɛɛ den, mummia anankoroma a agow mu; monka nkyerɛ wɔn a wɔn koma atu sɛ: Monhyɛ mo ho den, munnsuro.” Wɔwɔ ahotoso koraa wɔ nkɔmhyɛ kwan so nkuranhyɛsɛm yi mu: “Hwɛ mo Nyankopɔn ni! Aweredi, Onyankopɔn ananmuhyɛ na ɛreba. Ɔno na ɔreba abegye mo nkwa!”—Yesaia 35:3, 4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Kyerɛwnsɛm no ka tete Lebanon ho asɛm sɛ asase a ɛsow aba a kwae pii ne nkyeneduru akɛse wɔ so a na wɔde toto Eden Turo ho. (Dwom 29:5; 72:16; Hesekiel 28:11-13) Ná wonim Saron sɛ asase a asuten ne odum ayɛ so mã; na Karmel agye din sɛ baabi a bobeturo, nnuaba nturo, ne mmepɔw a nhwiren wɔ so ayɛ so mã.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 370]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 375]

Sare bɛdan nsuwansuwa, baabi a demmire ne nkyɛkyerɛ befifi

[Mfonini wɔ kratafa 378]

Yesu saa wɔn a wɔyare honhom fam ne honam fam nyinaa yare