Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tete Diyifo a Ɔwɔ Asɛm Bi Ma Nnɛɛmmafo

Tete Diyifo a Ɔwɔ Asɛm Bi Ma Nnɛɛmmafo

Ti Biako

Tete Diyifo a Ɔwɔ Asɛm Bi Ma Nnɛɛmmafo

Yesaia 1:1

1, 2. (a) Awerɛhosɛm bɛn na yehu wɔ wiase nnɛ? (b) Dɛn na U.S. mmarahyɛ baguani bi ka faa wiase tebea a ɛresɛe yi ho?

HENA na ne kɔn nnɔ sɛ ɔbɛde ne ho afi nsɛnnennen a adesamma hyia nnɛ no ho? Nanso hwɛ sɛ mpɛn pii no nea yɛpɛ nyɛ hɔ! Yɛbɔ mpae sɛ asomdwoe mmra, nanso ɔko na atwa yɛn ho ahyia. Yɛn ani gye ho sɛ mmara bɛyɛ adwuma ma biribiara akɔ so dwoodwoo, nanso korɔnbɔ, mmonnaato, ne awudisɛm abu afa yɛn so. Yɛpɛ sɛ yenya yɛn afipamfo mu ahotoso, nanso yesuro sɛ yebegyaw yɛn pon ato hɔ. Yɛdɔ yɛn mma na yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde su pa bedua wɔn mu, nanso mpɛn pii no, wɔn atipɛnfo nya wɔn so nkɛntɛnso bɔne a yentumi nyɛ ho hwee.

2 Yebetumi ne Hiob ayɛ adwene sɛ onipa nna yɛ tiaa, nanso ‘ɔhaw ayɛ mã.’ (Hiob 14:1) Ɛnnɛ na asɛm yi yɛ nokware paa, efisɛ nneɛma sɛe ara na ɛresɛe. U.S. mmarahyɛ baguani bi kae sɛ: “Seesei Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no aba awiei, nanso awerɛhosɛm ne sɛ ɛnyɛ den sɛ nnipa a womfi ɔsom anaa abusua biako mu anaa wɔnka kasa biako bekunkum wɔn ho. . . . Yɛagow abrabɔ ho nsɛm mu araa ma mmofra pii adwene atu afra, wɔn abam abu ma wɔreteetee. Nea ɛde eyi nyinaa aba ne ani a awofo bu gu wɔn mma so, awaregyae, mmofra a wɔyɛ wɔn basabasa, mperɛwa nyinsɛn, sukuu a wontumi nkɔ nwie, nnubɔnenom ne nsɛmmɔnedi a abu so. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no te sɛ asasewosow bi a asi nanso yɛn fie atumi agyina ano, na seesei mfɔte resɛe dan no.”

3. Bible mu nhoma titiriw bɛn na ɛma yenya daakye ho anidaso?

3 Nanso, wɔntoo yɛn asaworam. Bɛyɛ mfe 2,700 ni na Onyankopɔn de honhom kaa ɔbarima bi a na ɔte Mediterranea Supɔw no fam baabi maa ɔhyɛɛ nkɔm ahorow a ɛfa yɛn bere yi ho titiriw. Wɔayɛ saa nsɛm no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible nhoma a saa diyifo no din da so mu—Yesaia. Na Yesaia yɛ onipa bɛn, na dɛn nti na yebetumi aka sɛ ne nkɔmhyɛ a ɔkyerɛw too hɔ bɛyɛ mfe mpem abiɛsa a atwam ni no yɛ hann ma adesamma nyinaa nnɛ?

Onipa Trenee a Ɔtraa Ase Bere Bɔne Mu

4. Na hena ne Yesaia, na bere bɛn na ɔsom sɛ Yehowa diyifo?

4 Yesaia daa ne ho adi wɔ ne nhoma no nkyekyem a edi kan no mu sɛ “Amos ba,” * na ɔma yehu sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn diyifo wɔ “Yuda ahene Usia ne Yotam, ne Ahas ne Hesekia bere so.” (Yesaia 1:1) Eyi kyerɛ sɛ Yesaia yɛɛ adwuma sɛ Onyankopɔn diyifo wɔ Yuda anyɛ yiye koraa no, mfe 46, na ɛkame ayɛ sɛ ofii n’adwuma no ase bere a Usia ahenni no baa awiei no—bɛyɛ afe 778 A.Y.B.

5, 6. Ɛdɛn na yebetumi aka afa Yesaia abusuasɛm ho, na adɛn nti na yebetumi aka saa?

5 Sɛ yɛde toto adiyifo foforo ho a, yennim Yesaia asetra ho nsɛm pii. Yenim sɛ na ɔyɛ ɔwarefo, na ɔka ne yere ho asɛm sɛ “odiyifobea.” (Yesaia 8:3) Sɛnea Cyclopedia of Biblical, Theological, and Ecclesiastical Literature a McClintock ne Strong yɛe kyerɛ no, saa asɛm no kyerɛ sɛ na Yesaia asetra sɛ ɔwarefo ne “n’adwuma nhyia kɛkɛ, na mmom na ɛne no adi afra ankasa.” Ebetumi aba sɛ na Yesaia yere nso wɔ n’adwuma a ɔyɛ sɛ odiyifo sɛnea na Onyankopɔn asomfo mmea bi yɛ wɔ tete Israel no.—Atemmufo 4:4; 2 Ahene 22:14.

6 Anyɛ yiye koraa no, na Yesaia ne ne yere wɔ mma mmarima baanu, na na wɔn mu biara wɔ din a ɛkyerɛ biribi wɔ nkɔmhyɛ mu. Ná wɔn ba panyin, Sear-Yasub, ka Yesaia ho bere a Nyankopɔn somaa no ɔhemmɔne Ahas nkyɛn no. (Yesaia 7:3) Adanse wɔ hɔ sɛ Yesaia ne ne yere maa Nyankopɔn som bɛyɛɛ abusua no ahiasɛm—hwɛ nhwɛso pa a ɛyɛ ma awarefo nnɛ!

7. Kyerɛ sɛnea na nsɛm tebea te wɔ Yuda wɔ Yesaia bere so.

7 Yesaia ne n’abusua bere so no, na nneɛma agyigya wɔ Yuda. Na amammuisɛm mu basabasayɛ abu so, adanmugye asɛe atemmufo adwene, na na ɔsom mu nyaatwom de, yɛnka. Na wɔde abosom afɔremuka apete bepɔw biara so. Na ahemfo bi mpo hyɛ abosonsom ho nkuran. Sɛ nhwɛso no, Ahas amma kwan kɛkɛ sɛ ne manfo nsom abosom, na mmom ɔno ankasa de ne ho hyɛɛ mu, na ɔmaa ne ba ‘faa gya mu’ de bɔɔ afɔre maa Kanaan nyame Molek. * (2 Ahene 16:3, 4; 2 Beresosɛm 28:3, 4) Hwɛ sɛ na eyi nyinaa rekɔ so wɔ nnipa a na wɔne Yehowa ayɛ apam mu!—Exodus 19:5-8.

8. (a) Ɛdɛn na Ɔhene Usia ne Ɔhene Yotam yɛe, na nnipa no dii wɔn nhwɛso akyi anaa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia daa akokoduru adi bere a na asɔretiafo atwa ne ho ahyia no?

8 Anigyesɛm ne sɛ Yesaia bere sofo bi—a na ahemfo kakra ka ho—bɔɔ mmɔden sɛ wɔde nokware som besi hɔ. Wɔn mu biako ne Ɔhene Usia a ‘ɔyɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so’ no. Ɛno koraa mpo no, nnipa ‘kɔɔ so bɔɔ afɔre hyew aduhuam sorɔnsorɔmmea so’ wɔ ne nniso mu. (2 Ahene 15:3, 4) Ɔhene Yotam nso ‘yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so.’ Nanso “ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.” (2 Beresosɛm 27:2) Enti bere a Yesaia de yɛɛ ne som adwuma sɛ odiyifo no mu fã kɛse no ara no, na Yudafo no honhom ne abrabɔ fam tebea asɛe koraa. Afei de sɛ wɔn ahemfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma wɔafa kwan pa so mpo a, na wɔman fa nkyɛn. Eyi ma yehu sɛ na egye animia paa na obi atumi de Onyankopɔn asɛm akɔ asobrakyefo a wɔte saa nkyɛn. Nanso bere a Yehowa bisaa sɛ “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” no, Yesaia ansɛe bere koraa. Ɔteɛɛm sɛ: “Mini, soma me!”—Yesaia 6:8.

Nkwagyesɛm

9. Yesaia din kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na eyi fa asɛmti a ɛda ne nhoma no so ho?

9 Yesaia din ase ne “Yehowa Nkwagye,” na yebetumi aka sɛ eyi ne n’asɛm no ti. Ampa, Yesaia nkɔmhyɛ no bi fa atemmu ho. Nanso asɛntitiriw a ɛda adi kɛse ne nkwagye. Asɛm a na Yesaia taa si so dua ne sɛ bere a ɛsɛ mu no, Yehowa begye Israelfo afi Babilon nkoasom mu ama nkaefo bi asan aba Sion abesiesie asase no ma ayɛ sɛnea na ɛte kan no. Akyinnye biara nni ho sɛ hokwan a Yesaia nyae sɛ ɔbɛka na wakyerɛw nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛkyekye Yerusalem a na ɛda ne koma so no ama asi ne dedaw mu no bɛma n’ani agye!

10, 11. (a) Adɛn nti na Yesaia nhoma no fa yɛn ho nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesaia nhoma no twe adwene si Mesia no so?

10 Ɛnde saa atemmu ne nkwagyesɛm yi fa yɛn ho dɛn? Anigyesɛm ne sɛ ɛnyɛ Yuda man a na mmusua abien na ɛwom no nkutoo nti na Yesaia hyɛɛ nkɔm. Nokwasɛm ne sɛ n’asɛm no wɔ biribi titiriw ma yɛn nnɛ. Yesaia kyerɛkyerɛ nhyira horow a Onyankopɔn Ahenni de bɛba asase so no mu fɛfɛɛfɛ. Esiane eyi nti Yesaia nhoma no ka Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ a obedi ade sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no ho nsɛm pii. (Daniel 9:25; Yohane 12:41) Enti ɛnyɛ kwa na edin Yesu ne Yesaia nyinaa kyerɛ ade koro, efisɛ Yesu din ase ne “Yehowa Ne Nkwagye.”

11 Nokwarem no, Yesaia wui bɛyɛ mfe ahanson ansa na wɔrewo Yesu. Nanso Mesia ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu no kyerɛkyerɛ nsɛm mu yiye pɛpɛɛpɛ ma sɛ obi nnim a, ɔbɛka sɛ Yesaia de n’ani huu Yesu asetra mu nsɛm wɔ asase so. Nhoma bi kae sɛ esiane eyi nti, ɛtɔ da a, wɔfrɛ Yesaia nhoma no “Asɛmpa a Ɛtɔ so Anum.” Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesaia nhoma no ne Bible mu nhoma a Yesu ne n’asomafo no twee adwene sii so kɛse bere a wɔrekyerɛ onii a Mesia no yɛ no.

12. Adɛn nti na yɛn ho pere yɛn sɛ yebesua Yesaia nhoma no?

12 Yesaia kyerɛkyerɛɛ ‘ɔsoro foforo ne asase foforo’ mu fɛfɛɛfɛ kae sɛ ɛso ‘hene bedi hene trenee so,’ na asafohene de atɛntrenee adi tumi. (Yesaia 32:1, 2; 65:17, 18; 2 Petro 3:13) Enti Yesaia nhoma no twe adwene si Onyankopɔn Ahenni a ɛbɛma yɛanya abotɔyam kɛse a wɔde Mesia Yesu Kristo besi so Hene no so. Hwɛ sɛnea eyi hyɛ yɛn nkuran ma yɛde anigye hwɛ ‘Yehowa nkwagye’ kwan daa! (Yesaia 25:9; 40:28-31) Ɛnde momma yɛmpɛɛpɛɛ nsɛm a ɛsom bo a ɛwɔ Yesaia nhoma mu no mu anibere so. Sɛ yɛyɛ saa a, ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no mu bɛyɛ den yiye. Bio nso, ɛbɛboa yɛn ma yɛanya awerɛhyem wɔ Yehowa mu sɛ, nokwarem no, ɔno ne yɛn nkwagye Nyankopɔn.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛsono Yesaia papa, Amos, ɛnna ɛsono Amos a ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Usia ahenni no mfiase a ɔkyerɛwee Bible nhoma a ne din da so no.

^ nky. 7 Nnipa bi ka sɛ ebia ‘ogya mu a wɔfae’ no yɛ amanne bi a na wɔde dwira wɔn ho kɛkɛ. Nanso sɛ wohwɛ nea wɔreka wɔ ha no a, ɛkame ayɛ sɛ wɔde nnipa bɔɔ afɔre ankasa. Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Kanaanfo ne Israel awaefo de mmofra bɔ afɔre.—Deuteronomium 12:31; Dwom 106:37, 38.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 7]

Na Hena Ne Yesaia?

DIN NO ASEKYERƐ:“Yehowa Nkwagye”

ABUSUA: Na ɔyɛ ɔwarefo a anyɛ yiye koraa no ɔwɔ mma mmarima baanu

BAABI A NA ƆTE: Yerusalem

MFE DODOW A ƆDE YƐƐ ADWUMA: Anyɛ yiye koraa no, mfe 46, fi bɛyɛ 778 A.Y.B. kosi 732 A.Y.B. hɔ baabi

AHEMFO A WODII ADE WƆ YUDA WƆ NE BERE SO: Usia, Yotam, Ahas, Hesekia

ADIYIFO A NA WƆWƆ HƆ WƆ NE BERE SO: Mika, Hosea, Oded

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yesaia ne ne yere maa Nyankopɔn som bɛyɛɛ wɔn abusua ahiasɛm