Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔma Yehowa Fie So

Wɔma Yehowa Fie So

Ti Anan

Wɔma Yehowa Fie So

Yesaia 2:1-5

1, 2. Asɛm bɛn na wɔakyerɛw wɔ Amanaman Nkabom dan ho, na efi he?

“WƆDE wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw. Na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare: ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi. Wɔrensua akodi bio.” Eyi yɛ asɛm a wɔakyerɛw agu Amanaman Nkabom no dan ho wɔ New York Kurom. Mfe pii no, na wonnim baabi a saa asɛm yi fi. Esiane sɛ UN no atirimpɔw ne sɛ ɛde asomdwoe bɛba wiase nyinaa nti, na ɛnyɛ den sɛ obi bɛka sɛ ɛyɛ wɔn a wɔde UN no sii hɔ 1945 no na wɔnwenee saa asɛm no.

2 Nanso 1975 mu no, wɔde edin Yesaia bɛhyɛɛ asɛm a wɔakyerɛw no ase wɔ dan no ho. Afei de ɛbɛdaa adi sɛ ɛnyɛ nnɛ berem na wɔkaa asɛm no. Nokwarem no, wɔkyerɛw no sɛ nkɔmhyɛ mfe 2,700 ni, na ɛnnɛ ɛwɔ Yesaia nhoma no ti 2. Mfehaha pii ni na nnipa a wɔdɔ asomdwoe apɛ sɛ wohu ɔkwan ne bere a nsɛm a Yesaia ka siei no bɛbam. Seesei ɛho nhia sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nãã bio. Ɛnnɛ yehu sɛ tete nkɔmhyɛ yi renya mmamu ma ɛyɛ anika.

3. Aman bɛn na wɔde wɔn nkrante bobɔ nsɔw?

3 Aman bɛn na wɔde wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw? Entumi nyɛ aman ne wɔn aban ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no ɔkwan biara so. Ebesi nnɛ no, saa aman yi ayeyɛ akode a wɔde bɛko anaa wɔde bɛkyerɛ wɔn tumi de ama “asomdwoe” atra hɔ. Sɛ yɛbɛka no yiye a, nea aman yi yɛ ne sɛ wɔde wɔn nsɔw bobɔ nkrante! Wɔn a wɔma Yesaia nkɔmhyɛ yi bam ne ankorankoro a wofi aman nyinaa mu a wɔsom Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no.—Filipifo 4:9.

Aman a Wɔsen Yuu Ba Nokware Som Mu

4, 5. Ɛdɛn na Yesaia ti 2 nnianim nsɛm no ka, na dɛn na esi so dua sɛ yebetumi agye saa nsɛm no adi?

4 Nsɛm a edi so yi na wɔde fi Yesaia ti 2 ase: “Asɛm a Amos ba Yesaia hui Yuda ne Yerusalem ho ni: Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, “NW”] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.”—Yesaia 2:1, 2.

5 Hyɛ no nsow sɛ nea Yesaia kae no nyɛ nsɛnkeka bi kwa. Yehowa hyɛɛ da maa Yesaia kyerɛw nsɛm a ‘ɛsɛ sɛ ɛba’—ɔkwan biara so. Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara ‘bewie yɛ.’ (Yesaia 55:11) Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi agye Nyankopɔn bɔhyɛ yi adi yiye no, ɔmaa odiyifo Mika a na ɔyɛ Yesaia bere soni nso kyerɛw nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 2:2-4 no wɔ ne nhoma no mu.—Mika 4:1-3.

6. Bere bɛn na Yesaia nkɔmhyɛ no nya mmamu?

6 Bere bɛn na Yesaia nkɔmhyɛ no bɛbam? “Nna a edi akyiri no mu.” New International Version no ka sɛ: “Awiei bere no mu.” Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kaa nneɛma a ɛbɛhyɛ saa bere yi agyirae. Ebi ne akodi, asasewosow, yaredɔm, aduankɔm, ne “mmere a emu yɛ den.” * (2 Timoteo 3:1-5; Luka 21:10, 11) Saa nkɔmhyɛ yi a ɛrenya mmamu no kyerɛ sɛ yɛwɔ “nna a edi akyiri,” nneɛma nhyehyɛe yi awiei. Enti ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ nneɛma a Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no bɛbam wɔ yɛn bere yi so.

Bepɔw a Wɔsom Wɔ So

7. Nkɔmhyɛ bɛn na Yesaia ka ho asɛm?

7 Yesaia de nsɛm kakraa bi hyɛ nkɔm fɛfɛ bi. Yehu bepɔw tenten bi a ɛdan fɛfɛ bi—Yehowa asɔrefie—si so. Bepɔw yi ware sen mmepɔw ne nkoko a atwa ho ahyia nyinaa. Nanso ɛnkyerɛ biribi bɔne biara na saa nso na ɛnyɛ hu; ɛma akomatɔyam. Nnipa a wofi aman nyinaa mu ho pere wɔn sɛ wɔbɛforo akɔ Yehowa fie bepɔw no so; wɔsen yuu kɔ hɔ. Ɛnyɛ den sɛ wobɛyɛ ho mfonini, nanso ɛdɛn na ɛkyerɛ?

8. (a) Ɛdɛn na na wɔde nkoko ne mmepɔw bata ho wɔ Yesaia bere so? (b) Ɛdɛn na nnipa a wɔsen yuu ba ‘Yehowa fie bepɔw’ so no kyerɛ?

8 Yesaia bere so no, na wɔtaa de nkoko ne mmepɔw bata ɔsom ho. Sɛ nhwɛso no, na abosonsomfo som wɔn atoro anyame no wɔ hɔ. (Deuteronomium 12:2; Yeremia 3:6) Nanso na Yehowa asɔrefie si Bepɔw Moria a ɛwɔ Yerusalem no so. Na Israelfo nokwafo tu kwan mprɛnsa afe biara kɔ Yerusalem kɔsom nokware Nyankopɔn no wɔ Bepɔw Moria so. (Deuteronomium 16:16) Enti aman a wɔsen yuu ba ‘Yehowa fie bepɔw’ so no kyerɛ nnipa pii a wɔboaboa wɔn ano ba nokware som mu.

9. ‘Yehowa fie bepɔw’ no gyina hɔ ma dɛn?

9 Sɛnea yenim no, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nkɔ bepɔw ankasa a asɔrefie a wɔde abo asi wɔ so so. Roma asraafo sɛee Yehowa asɔrefie a na ɛwɔ Yerusalem no afe 70 Y.B. Afei nso ɔsomafo Paulo kaa no pefee sɛ Yerusalem asɔrefie no ne ntamadan a na ɛwɔ hɔ kan no nyinaa yɛ biribi ho mfonini kɛkɛ. Na egyina hɔ ma honhom mu adetitiriw bi, ‘nokware ntamadan a Yehowa ankasa, na ɛnyɛ onipa, pamee.’ (Hebrifo 8:2) Honhom mu ntamadan yi ne nhyehyɛe a wɔayɛ ma yetumi fa Yesu Kristo ogye afɔre no so som Yehowa no. (Hebrifo 9:2-10, 23) Nea ɛne eyi hyia no, ‘Yehowa fie bepɔw’ a wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 2:2 no gyina hɔ ma Yehowa som kronn a wɔama so wɔ yɛn bere yi mu. Wɔn a wɔpɛ ɔsom kronn no nhyia wɔ beae pɔtee bi te sɛ bepɔw so; biakoyɛ a wɔde som no na ɛka wɔn bom.

Ɔsom Kronn a Wɔma So

10, 11. Ɔkwan bɛn so na wɔama Yehowa som so wɔ yɛn bere mu?

10 Odiyifo no kae sɛ wɔde ‘Yehowa fie bepɔw,’ a ɛkyerɛ ɔsom kronn, ‘bɛtaa mmepɔw atifi’ na “wɔama so asen nkoko nyinaa.” Ansa na Yesaia reba no, Ɔhene Dawid de apam adaka no baa Bepɔw Sion so wɔ Yerusalem a na ɛwɔ bepɔw a ne tenten bɛyɛ mita 760 so no. Ɛhɔ na apam adaka no kɔɔ so sii kosii sɛ woyi kɔɔ asɔrefie foforo a na wɔasi wɔ Bepɔw Moria so no. (2 Samuel 5:7; 6:14-19; 2 Beresosɛm 3:1; 5:1-10) Enti Yesaia bere so no, na wɔama apam adaka kronkron no so asi asɔrefie a na ɛwɔ soro sen nkoko pii a atwa ho ahyia a na wɔde ayɛ atoro anyame atrae no mu.

11 Nokwarem, honhom fam no, bere biara Yehowa som korɔn sen atoro som. Nanso yɛn bere yi mu no, Yehowa ama ne som so akodu soro pɛɛ, na ɛkorɔn sen atoro som nyinaa, “nkoko” ne “mmepɔw atifi” nyinaa. Ɔkwan bɛn so? Nea ama no aba saa titiriw ne sɛ wɔreboaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no “honhom ne nokware mu” no ano.—Yohane 4:23.

12. Henanom ne “ahenni no mma,” na anoboaboa adwuma bɛn na akɔ so?

12 Kristo Yesu kae sɛ “wiase awiei” bere no yɛ twa bere a abɔfo bɛboaboa “ahenni no mma”—wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne Yesu bedi ade wɔ soro—no ano. (Mateo 13:36-43) Efi 1919 reba no, Yehowa ama ahenni mma no ‘nkaefo’ tumi a ɛma wɔne abɔfo yɛ otwa adwuma no. (Adiyisɛm 12:17) Enti wɔn a wodii kan boaboaa wɔn ano ne “ahenni no mma,” Yesu nuanom a wɔasra wɔn no. Afei wɔn nso nya anoboaboa adwuma foforo mu kyɛfa.

13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ahyira nkaefo a wɔasra wɔn no?

13 Otwa bere yi mu no, Yehowa aboa nkaefo a wɔasra wɔn no nkakrankakra ma wɔate N’asɛm Bible no ase ma wotumi de di dwuma. Eyi nso aboa ma wɔama ɔsom kronn so. Ɛwom sɛ ‘esum akata asase so, na esum kabii akata amanaman no so’ de, nanso nkaefo no ‘hyerɛn sɛ akanea’ wɔ wiase efisɛ Yehowa atew wɔn ho. (Yesaia 60:2; Filipifo 2:15) Esiane sɛ wɔn a wɔde honhom asra wɔn no ‘ayɛ ma nokware nimdeɛ, nyansa ne honhom mu ntease nyinaa mu’ nti, ‘wɔhyerɛn sɛ owia wɔn Agya ahenni mu.’—Kolosefo 1:9; Mateo 13:43.

14, 15. “Ahenni no mma” a wɔboaboa ano akyi no, henanom bio na wɔreboaboa wɔn ano, na ɔkwan bɛn so na Hagai hyɛɛ ho nkɔm?

14 Afoforo nso asen yuu aba ‘Yehowa fie bepɔw’ no so. Saafo a Yesu frɛ wɔn “nguan foforo” yi wɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so. (Yohane 10:16; Adiyisɛm 21:3, 4) Efi 1930 mfe no mu no, saafo yi daa wɔn ho adi mpempem mu, afei ɔpehaha mu, na seesei wɔkan wɔn ɔpepem mu! Wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ anisoadehu bi a wɔde maa ɔsomafo Yohane mu sɛ “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.”—Adiyisɛm 7:9.

15 Odiyifo Hagai ka too hɔ sɛ nnipakuw kɛse a ɛte saa bɛba. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ asafo [Yehowa, NW] se ni: Pɛnkoro bio: Aka kumaa na mawosow ɔsoro ne asase ne ɛpo ne asase kesee, na [mɛwosow] amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ [wɔn a wɔbɛka Kristofo a wɔasra wɔn ho wɔ ɔsom kronn mu] bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma, asafo [Yehowa, NW] na ose.” (Hagai 2:6, 7) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ yɛwɔ “nnipakuw kɛse” a wɔn dodow nya nkɔanim daa ne wɔn mfɛfo a wɔasra wɔn no pagya ɔsom kronn wɔ Yehowa fie, na ɛhyɛ no anuonyam. Ɛmmaa da sɛ nnipa dodow sei bɛka abom asom nokware Nyankopɔn no saa, na eyi hyɛ Yehowa ne nea wasi no Hene, Yesu Kristo, anuonyam. Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Ɔman dodowyɛ mu na ɔhene kɛseyɛ wɔ.”—Mmebusɛm 14:28.

Nnipa De Wɔn Abrabɔ Ma Ɔsom Kronn So

16-18. Nsakrae bɛn na ebinom ayɛ na ama wɔatumi asom Yehowa yiye?

16 Yehowa fata nkamfo sɛ wama ɔsom kronn so wɔ yɛn bere yi so. Nanso wɔn a wɔkɔ n’anim no nso nya hokwan yɛ adwuma no bi. Sɛnea egye animia na obi atumi aforo bepɔw no, saa na egye animia na obi asua Nyankopɔn trenee mmara na ɔde adi dwuma wɔ asetram. Te sɛ Kristofo a na wɔwɔ hɔ afeha a edi kan mu no, Onyankopɔn nkoa a wɔwɔ hɔ nnɛ nso agyae su ne nneyɛe ahorow a ɛne nokware som nhyia no. Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, akorɔmfo, aniberefo, asabofo, ne afoforo pii asesa wɔn akwan ma ‘wɔatew wɔn ho’ Onyankopɔn anim.—1 Korintofo 6:9-11.

17 Yebetumi de ababaa a ɔkyerɛw nea edi so yi suahu ayɛ nhwɛso: “Bere bi bae a na mayera a minni anidaso biara. Na me bra asɛe na mebɛdanee kɔwensani. Mibenyaa nna mu yare. Bio nso na metɔn nnubɔne a hwee mfa me ho.” Bere a osuaa Bible no, ɔyɛɛ nsakrae pii na ama watumi ne Nyankopɔn anantew. Seesei nea ɔka ne sɛ: “M’asom adwo me, amanfo bu me, mewɔ anidaso sɛ nneɛma bɛkɔ yiye daakye, manya abusua ankasa, na nea ɛsen ne nyinaa no, me ne yɛn Agya, Yehowa, wɔ abusuabɔ.”

18 Bere a yɛabenya Yehowa anim dom mpo no, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so ma ɔsom kronn so ma ɛbɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetram. Mfe mpempem bi ni na Yehowa nam Yesaia so daa n’ahotoso adi sɛ nnipa pii ho bɛpere wɔn sɛ wɔbɛma nokware som adi akoten wɔ wɔn asetram nnɛ. Woka saafo no ho?

Nnipa a Wɔkyerɛ Wɔn Yehowa Kwan

19, 20. Dɛn na wɔkyerɛkyerɛ Nyankopɔn nkurɔfo, na ɛhefa na wɔyɛ saa?

19 Yesaia ka wɔn a wɔde nokware som bɛtra ase nnɛ no ho nsɛm pii kyerɛ yɛn. Ɔka sɛ: “Aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, “NW”] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so: Na Sion na mmara befi, na [Yehowa, “NW”] asɛm afi Yerusalem.”—Yesaia 2:3.

20 Yehowa mma ne nkoa nwɔ ntwɛtwɛdɛ te sɛ nguan bi a wɔayera. Ɔnam Bible ne Bible ho nhoma ahorow so de ne “mmara” ne ‘n’asɛm’ dua wɔn mu na wɔatumi asua n’akwan. Nimdeɛ a ɛte saa ma wotumi ‘nantew n’atempɔn so.’ Esiane sɛ anisɔ ayɛ wɔn koma ma na wɔpɛ sɛ wodi ɔsoro akwankyerɛ so nti, wɔka Yehowa akwan ho asɛm kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Wɔbom hyiam wɔ nhyiam akɛse ne nketewa ase—wɔ Ahenni Asa so ne ebinom fie—sua Nyankopɔn akwan. (Deuteronomium 31:12, 13) Enti wosuasua tete Kristofo a na wohyiam hyehyɛ wɔn ho den kɔ “ɔdɔ ne nnwuma pa mu” no.—Hebrifo 10:24, 25.

21. Adwuma bɛn na Yehowa nkoa nya mu kyɛfa?

21 Wɔto nsa frɛ afoforo ma ‘wɔkɔ’ Yehowa Nyankopɔn som kronn a wɔama so mu. Hwɛ sɛnea eyi ne ahyɛde a Yesu de maa n’asuafo bere tiaa bi ansa na ɔreforo akɔ soro no hyia! Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:19, 20) Ɛnam Nyankopɔn mmoa so no, Yehowa Adansefo yɛ setie kɔ asase so baabiara kɔkyerɛkyerɛ yɛ asuafo bɔ wɔn asu.

Wɔde Wɔn Nkrante Bɔ Nsɔw

22, 23. Nkɔmhyɛ bɛn na ɛwɔ Yesaia 2:4, na UN mpanyimfo no biako kaa ho asɛm dɛn?

22 Afei yɛadu nkyekyem a edi hɔ a wɔakyerɛw ne fã bi wɔ UN no dan ho no so. Yesaia kyerɛwee sɛ: “Obebu amanaman no ntam atɛn, na ɔbɛka aman bebree anim, na wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.”—Yesaia 2:4.

23 Ɛbɛyɛ den sɛ biribi a ɛte saa bɛba. Federico Mayor a ɔhwɛ Amanaman Nkabom Asoɛe a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu ne Amammerɛ so no kae bere bi sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ atantanne a ɛkɔ so wɔ ɔko mu, a ɛnnɛ yehu wɔ television so no, bɛma wɔagyae akode akɛse a wofi mfehaha pii ayɛ no. Ɛyɛ adwuma kɛse ma nnɛɛmmafo sɛ wobedi Bible ahyɛde a ɛse ‘wɔmfa wɔn nkrante mmobɔ nsɔw’ no so, na ɛyɛ den sɛ wobeyi akosɛm—a atra hɔ fi tete no—afi wɔn adwenem de nsusuwii a ɛma asomdwoe asi ananmu. Sɛ yetumi yɛ eyi a, anka ɛbɛyɛ biribi a ɛsen biara a ‘wiase’ atumi ayɛ, na ɛbɛyɛ agyapade a ɛso bi nni a yɛde begya nkyirimma.”

24, 25. Henanom na wɔma Yesaia nsɛm no nya mmamu, na ɔkwan bɛn so na wɔyɛ saa?

24 Amanaman no ara ntumi nyɛ biribi a ɛte saa da. Ɛso sen nea wɔn ahoɔden betumi. Ɛyɛ ankorankoro a wofi aman pii mu a ɔsom kronn ka wɔn bom na wɔma Yesaia nsɛm no bam. Yehowa ne wɔn ‘adi nsɛm.’ Wakyerɛ n’asomfo sɛ wɔne wɔn ho ntra asomdwoem. Nokwarem no, sɛnkyerɛnne kwan so no, ‘wɔde wɔn nkrante abobɔ nsɔw de wɔn mpeaw ayeyɛ nnare’ wɔ wiase a emu apaapae na basabasayɛ ahyɛ mu ma yi mu. Ɔkwan bɛn so?

25 Ade biako ne sɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ wiase no akosɛm mu. Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, asraafo de akode bɛkyee no. Bere a Petro pɛ sɛ ɔbɔ ne Wura ho ban nti ɔtwee nkrante twaa obi no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52) Efi saa bere no, Yesu akyidifo de wɔn nkrante abobɔ nsɔw na wɔmpɛ sɛ wɔde akode bɛhyɛ wɔn ho akunkum wɔn mfɛfo nnipa, na wɔmmoa ɔko ɔkwan biara so. ‘Wɔne nnipa nyinaa di no asomdwoem.’—Hebrifo 12:14.

Wɔpɛ Asomdwoe

26, 27. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn asomfo ‘hwehwɛ asomdwoe na wodi akyiri’? Ma nhwɛso biako.

26 Ɛnyɛ akodi a Nyankopɔn nkurɔfo mfa wɔn ho nhyem nkutoo nti na wɔwɔ asomdwoe. Ɛwom sɛ wɔwɔ nsase bɛboro 230 so na ɛsono kasa a obiara ka ne wɔn amammerɛ de, nanso asomdwoe wɔ wɔn ntam. Wɔma Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ n’asuafo wɔ afeha a edi kan mu yi bam nnɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ yɛ “nnipa a wɔpɛ asomdwoe.” (Mateo 5:9, NW ase hɔ asɛm) ‘Wɔhwehwɛ asomdwoe na wodi akyi.’ (1 Petro 3:11) Nea ɔwowaw wɔn ne Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no.—Romafo 15:33.

27 Nhwɛso a ɛyɛ anika pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ebinom atumi asua sɛ wɔne afoforo bɛtra asomdwoem. Abrante bi kyerɛw asetra a kan no na ɔwom ho asɛm sɛ: “Tebea a emu yɛ den a mefaa mu kyerɛɛ me sɛnea mɛbɔ me ho ban. Ɛmaa m’ani so yɛɛ hyew na na biribiara yɛ me ahi. Bere biara na meko ntɔkwa. Da biara na me ne abofra foforo ko wɔ mpɔtam hɔ, ɛtɔ da bi a mede me nsa, na ɛtɔ da bi nso a, mede abo anaa prentoa. Minyin bɛyɛɛ obi a ɔpɛ aturuturasɛm.” Nanso akyiri yi, bere a wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmra ‘Yehowa fie bepɔw so’ no, ɔpenee so. Osuaa Nyankopɔn akwan, na ɔbɛyɛɛ Nyankopɔn somfo a odwo.

28. Dɛn na Kristofo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔpɛ asomdwoe?

28 Yehowa asomfo pii wɔ hɔ a na aturuturasɛm a ɛte saa nni wɔn ani so. Nanso nneɛma nketenkete—ayamye, bɔnefafiri, ne tema—mpo mu no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔne obiara bɛtra asomdwoem. Wɔnyɛ pɛ, nanso wɔyɛ aso ma Bible afotu a ɛse ‘sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, wonhuhu mma wɔn ho na wɔmfa nkyekyɛ wɔn ho.’—Kolosefo 3:13.

Daakye a Asomdwoe Wom

29, 30. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma asase yi?

29 Yehowa ayɛ biribi kɛse wɔ “awiei bere” yi mu. Waboaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no ano afi aman nyinaa mu. Wakyerɛ wɔn sɛ wɔnnantew n’akwan a ɛyɛ asomdwoe akwan no so. Eyinom ne wɔn a wobetwa “ahohia kɛse” a ɛreba no akɔ wiase foforo a asomdwoe wom a ɔko rentra mu bio no mu.—Adiyisɛm 7:14.

30 Nkrante—akode nyinaa—befi hɔ koraa. Ɔdwontofo no ka saa bere no ho asɛm sɛ: “Mommra mmɛhwɛ [Yehowa, NW] nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.” (Dwom 46:8, 9) Esiane saa anidaso yi nti, Yesaia afotu a edi so yi ho hia nnɛ te sɛ bere a ɔkyerɛwee no ara pɛ: “Yakob fi, mommra mma yɛnkɔ, na yɛnkɔnantew [Yehowa, “NW”] hann mu.” (Yesaia 2:5) Enti momma yɛmma Yehowa hann nkyerɛ yɛn kwan nnɛ, na eyi bɛboa yɛn ma yɛanantew ne kwan so daa.—Mika 4:5.

[Ase hɔ asɛm]

[Adesua no ho Nsɛmmisa]