Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wiase Yi Mfa Mmoa Biara Mma

Wiase Yi Mfa Mmoa Biara Mma

Ti Aduonu Anan

Wiase Yi Mfa Mmoa Biara Mma

Yesaia 31:1-9

1, 2. (a) Dɛn nti na Yerusalemfo abɔ hu? (b) Esiane Yerusalem tebea a emu yɛ den no nti, nsɛmmisa bɛn na ɛfata?

YERUSALEMFO abɔ hu—na ntease wom! Asiria, ahemman a ɛyɛ den sen biara saa bere no, atow ahyɛ ‘Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa so afa.’ Afei, Asiria asraafo no atu wɔn ani asi Yuda ahenkurow no so. (2 Ahene 18:13, 17) Dɛn na Ɔhene Hesekia ne Yerusalemfo nkae no bɛyɛ?

2 Esiane sɛ n’asase so nkurow foforo ahwehwe ase dedaw nti, Hesekia nim sɛ Yerusalem ntumi nnyina Asiria asraafo dɔm a wɔyɛ den no anim. Bio nso, Asiriafo agye din a enni ano wɔ atirimɔdenne ne basabasayɛ mu. Saa man no asraafo ho yɛ hu araa ma ɛtɔ mmere bi a atamfo guan a wɔne wɔn nko mpo! Esiane Yerusalem tebea a emu yɛ den no nti, ɛhe na emufo no bɛkɔ akɔpɛ mmoa? So wobenya ogye bi afi Asiria asraafo no nsam? Na ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo kɔɔ tebea a ɛte saa mu? Nea ɛbɛyɛ na yɛabua saa nsɛm yi no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ yɛn akyi kɔhwɛ sɛnea Yehowa ne ne man a ɔne wɔn ayɛ apam no dii wɔ mfe a atwam no mu.

Ɔwae Wɔ Israel

3, 4. (a) Bere bɛn na Israel man no mu pae yɛɛ ahemman abien, na ɔkwan bɛn so na ɛyɛɛ saa? (b) Mfiase bɔne bɛn na Yerobeam maa kusuu fam mmusuakuw du ahemman no nyae?

3 Efi bere a Israel fii Misraim kosi bere a Dawid ba Salomo wui—bɛboro mfe 500 ntam—no, na Israel mmusuakuw 12 no bom sɛ ɔman biako. Salomo wui no, Yerobeam maa kusuu fam mmusuakuw du no tew atua tiaa Dawid fie, na efi saa bere no, ɔman no mu pae yɛɛ ahemman abien. Ná eyi yɛ afe 997 A.Y.B. mu.

4 Yerobeam ne Israel ahemman a ɛwɔ kusuu fam no hene a odi kan, na odii ne nkoa anim waee denam asɔfodi a ennyina mmara so ne nantwi ba honi som a ɔde sii Aaron asɔfodi ne Yehowa som a na egyina mmara so ananmu no so. (1 Ahene 12:25-33) Ná eyi yɛ Yehowa akyide. (Yeremia 32:30, 35) Eyi ne nneɛma foforo nti, ɔmaa kwan maa Asiria dii Israel so nkonim. (2 Ahene 15:29) Ɔhene Hosea bɔɔ mmɔden sɛ obebubu Asiria kɔndua no denam Misraim a ɔne no yɛɛ apam so, nanso nhyehyɛe no anyɛ yiye.—2 Ahene 17:4.

Israel Kɔdan Atoro Guankɔbea

5. Hena nkyɛn na Israel kɔhwehwɛ mmoa?

5 Yehowa pɛ sɛ ɔma Israelfo no ani ba wɔn ho so bio. * Enti ɔde kɔkɔbɔ a edi so yi soma odiyifo Yesaia sɛ: “Wonnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ ɔboa, na wɔn ani da apɔnkɔ so, na wɔde wɔn ho to nteaseɛnam so, sɛ wɔn ho yɛ den pii nti, na wɔn ani nna Israel kronkronni no so, na [Yehowa, “NW”] akyi kwan nso, wɔnhwehwɛ.” (Yesaia 31:1) Awerɛhosɛm bɛn ara ni! Israel de wɔn werɛ hyɛ apɔnkɔ ne ɔko nteaseɛnam mu kɛse sen Onyankopɔn teasefo, Yehowa. Nnipa ani so no, Israel susuw sɛ Misraim apɔnkɔ no dɔɔso na wɔn ho yɛ den. Nokwarem no, Misraim bɛyɛ ɔpamfo a ɔsom bo a etia Asiria asraafo no! Nanso, ɛrenkyɛ na Israelfo ahu sɛ nnipa ani so apam a wɔne Misraim ayɛ no yɛ ɔkwa.

6. Dɛn nti na Misraim a Israel kɔhwehwɛ mmoa no da no adi sɛ wonni Yehowa mu gyidi koraa?

6 Ɛdenam Mmara apam no so no, na Israelfo ne Yudafo nyinaa yɛ nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so ama Yehowa. (Exodus 24:3-8; 1 Beresosɛm 16:15-17) Israel nam Misraim nkyɛn mmoa a wɔkɔhwehwɛ so da no adi sɛ wonni Yehowa mu gyidi, na wonni obu mma mmara a ɛyɛ apam kronkron no fã no. Dɛn ntia? Efisɛ nea na ɛwɔ apam ho mmara no mu bi ne Yehowa bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfo ho ban bere a wɔde ɔsom kronn ma no no. (Leviticus 26:3-8) Nea ɛne saa bɔhyɛ no hyia no, Yehowa akɔ so ayɛ “guandɔbea, ahohia da mu.” (Dwom 37:39; 2 Beresosɛm 14:2, 9-12; 17:3-5, 10) Bio nso, ɛdenam Mose, Mmara apam no ntamgyinafo so no, Yehowa ka kyerɛɛ Israel ahene a wɔbɛba daakye sɛ wɔmmma wɔn apɔnkɔ nnnɔɔso. (Deuteronomium 17:16) Saa ahyɛde yi a saa ahene yi bedi so no bɛkyerɛ sɛ wɔhwɛ “Israel kronkronni” no kwan sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban. Awerɛhosɛm ne sɛ, Israel sodifo ahorow no annya gyidi a ɛte saa.

7. Dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi gyidi a Israel annya no mu?

7 Asuade bi wɔ eyi mu ma Kristofo nnɛ. Israel hwehwɛɛ mmoa a aniwa hu fii Misraim sen sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa a ɛsen saa koraa a Yehowa de ma no. Saa ara na nnɛ, ebetumi ayɛ sɔhwɛ ama Kristofo sɛ wɔde wɔn werɛ bɛhyɛ honam fam mmoa fibea—sika a ɛda sikakorabea, asetra mu dibea, wiase mu nkitahodi ahorow—mu sen sɛ wɔde wɔn werɛ bɛhyɛ Yehowa mu. Nokwarem no, Kristofo mmusua ti bu asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mmusua wɔ honam fam no aniberesɛm. (1 Timoteo 5:8) Nanso wɔmfa wɔn werɛ nhyɛ honam fam nneɛma mu. Na wɔyɛ ahwɛyiye wɔ ‘anibere nyinaa ho.’ (Luka 12:13-21) Yehowa Nyankopɔn nkutoo ne “ahokyere bere mu guandɔbea.”—Dwom 9:9; 54:7.

8, 9. (a) Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea ntease wɔ Israel nhyehyɛe no mu de, nanso dɛn na ebefi mu aba, na dɛn ntia? (b) Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ nnipa bɔhyɛ ne Yehowa de mu?

8 Enti, Yesaia di Israel akannifo a wɔne Misraim yɛɛ apam no ho fɛw sɛ: “Nanso ɔyɛ onyansafo, na ɔde bɔne bɛba; ne nsɛm nso, ɔrensan, na ɔbɛsɔre ahyɛ abɔnefo fi ne amumɔyɛfo boafo no.” (Yesaia 31:2) Ebia Israel akannifo besusuw sɛ wonim nyansa. Nanso amansan Bɔfo no nyɛ onyansafo a ɔsen biara? Nnipa ani so no, nhyehyɛe a Israel yɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa afi Misraim hɔ no yɛ nea ntease wom ankasa. Nanso, amammui apam a ɛte saa a wɔyɛ no yɛ honhom fam awaresɛe wɔ Yehowa ani so. (Hesekiel 23:1-10) Enti, Yesaia ka sɛ Yehowa de ‘bɔne na ɛbɛba.’

9 Nnipa bɔhyɛ ne wɔn ahobammɔ yɛ nea wontumi mfa ho nto so koraa. Nanso, enhia sɛ Yehowa ‘san wɔ ne nsɛm mu.’ Obedi ne bɔhyɛ so ɔkwan biara so. Ne nsɛm nsan mma ne nkyɛn kwa.—Yesaia 55:10, 11; 14:24.

10. Dɛn na ɛbɛto Misraim ne Israel nyinaa?

10 So Misraim betumi abɔ Israel ho ban ankasa? Dabi. Yesaia ka kyerɛ Israel sɛ: “Na Misraim yɛ onipa, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na wɔn apɔnkɔ nso yɛ nam, na ɛnyɛ honhom. Na [Yehowa, “NW”] bɛteɛ ne nsa, na ɔboafo awatiriw, na nea wɔaboa no no ahwe ase, na wɔn baanu nyinaa abom asɛe.” (Yesaia 31:3) Ɔboafo no (Misraim) ne nea ɔboa no (Israel) nyinaa bɛwatiriw ahwe ase, na wɔasɛe bere a Yehowa teɛ ne nsa fa Asiria so bu wɔn atɛn no.

Samaria Asehwe

11. Bɔne bɛn na na ɛwɔ Israel paa, na dɛn na efi mu bae awiei koraa?

11 Yehowa fi mmɔborohunu mu kɔ so soma adiyifo kɔ Israel kɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnsakra na wɔnsan mmra nokware som mu. (2 Ahene 17:13) Eyi nyinaa akyi no, Israel nam nantwi ba som ne abosonkɔm, Baalsom mu ɔbrasɛe, asera nnua ne sorɔnsorɔmmea a wɔde di dwuma so ma ne bɔne dɔɔso. Israelfo maa “wɔn mmabarima ne wɔn mmabea fofaa ogya mu” mpo, na wɔde wɔn ankasa yafumma bobɔɔ afɔre maa abosom. (2 Ahene 17:14-17; Dwom 106:36-39; Amos 2:8) Nea ɛbɛyɛ na Yehowa de Israel amumɔyɛ aba awiei no, ɔhyɛ sɛ: “Samaria de, wobetwa ne hene akyene, sɛ nsu ani ahuru.” (Hosea 10:1, 7) Wɔ 742 A.Y.B. mu no, Asiria asraafo tow hyɛɛ Samaria, Israel ahenkurow no, so. Bere a wɔkaa Samaria hyɛɛ mu mfirihyia abiɛsa akyi no, ɛhwee ase, na 740 A.Y.B. mu no, mmusuakuw du ahemman no yerae koraa.

12. Adwuma bɛn na Yehowa ahyɛ sɛ yɛnyɛ nnɛ, na dɛn na ɛbɛto wɔn a wobu wɔn ani gu kɔkɔbɔ no so no?

12 Wɔ yɛn bere yi so no, Yehowa ahyɛ sɛ yɛnka asɛm no wɔ wiase nyinaa mfa mmɔ ‘nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa’ kɔkɔ sɛ ‘wɔnsakra wɔn adwene.’ (Asomafo no Nnwuma 17:30; Mateo 24:14) Wɔn a wɔpo Onyankopɔn nkwagye kwan no bɛyɛ sɛ ‘dubaa a wɔatwa,’ na wɔasɛe no sɛ Israel man a awae no. Nanso, wɔn a wɔtwɛn Yehowa no “benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Ɛnde, hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛbɛkwati mfomso a tete Israel ahemman no dii no! Momma yɛmfa yɛn werɛ nyinaa nhyɛ Yehowa mu mma onnye yɛn nkwa.

Yehowa Nkwagye Tumi

13, 14. Awerɛkyekyesɛm bɛn na Yehowa wɔ ma Sion?

13 Efi Yerusalem, Yuda ahenkurow no mu rekɔ Israel kesee fam hye so yɛ kilomita kakraa bi. Yerusalemfo nim nea ato Samaria no yiye. Afei wohu sɛ ɔtamfo koro no ara a ne ho yɛ hu a ɔsɛee wɔn yɔnko a ɔwɔ kusuu fam no rehunahuna wɔn nso. So wobesua biribi afi nea ɛtoo Samaria no mu?

14 Yesaia nsɛm a edi hɔ no yɛ awerɛkyekye ma Yerusalemfo. Ɔma wɔn awerɛhyem sɛ Yehowa da so ara dɔ ne nkurɔfo a ɔne wɔn ayɛ apam, na ɔka sɛ: “Sɛ [Yehowa, “NW”] aka akyerɛ me ni: Sɛnea gyata bobom na gyataforo sũ ne hanam so, na wɔfrɛ mmoahwɛfo pii ara ba no so a, wɔn nne mma ɔmmɔ piriw, na wɔn hooyɛ nti ɔmmrɛ ne ho ase no, saa ara na asafo [Yehowa, “NW”] beduru sɛ ɔrebedi ako wɔ Sion bepɔw ne ne koko so.” (Yesaia 31:4) Te sɛ gyataforo a osũ ne hanam so no, Yehowa fi ninkuntwe mu bɛbɔ ne kurow kronkron Sion ho ban. Ahohoahoa, ahunahuna, anaa hooyɛ biara a efi Asiria asraafo hɔ no remma Yehowa nsesa n’atirimpɔw.

15. Ɔkwan bɛn so na Yehowa fi mmɔborohunu ne ayamhyehye mu ne Yerusalemfo di?

15 Afei, hyɛ sɛnea Yehowa befi mmɔborohunu ne ayamhyehye mu ne Yerusalemfo adi no nsow: “Sɛnea nnomaa a wotu yɛ no, saa na asafo [Yehowa, “NW”] bɛbɔ Yerusalem ho ban, ɔbɛbɔ ho ban agye no nkwa, obetwa ho na wakyɛe so.” (Yesaia 31:5) Anomaa baatan yɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛbɔ ne mma ho ban. Ɔtrɛw ne ntaban mu kata ne mma so, gyen n’ani hwɛ asiane biara a ɛreba. Sɛ ɔtamfo bi bɛn wɔn a, ɔyɛ ntɛm hyia no de bɔ ne mma ho ban. Saa ara na Yehowa befi mmɔborohunu mu ahwɛ Yerusalemfo esiane Asiriafo a wɔrebetua wɔn no nti.

“Monsan Mmra”

16. (a) Asɛm bɛn na Yehowa fi ɔdɔ mu de to ne nkurɔfo anim? (b) Bere bɛn na Yudafo atuatew no da adi ankasa? Kyerɛkyerɛ mu.

16 Afei, Yehowa kae ne nkurɔfo sɛ wɔayɛ bɔne, na ɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wonnyaw wɔn akwammɔne no: “Monsan mmra nea Israel mma wae fii ne ho no nkyɛn.” (Yesaia 31:6) Ɛnyɛ Israel mmusuakuw du ahemman no nko na atew atua. Yudafo, a wɔn nso yɛ ‘Israel mma akɔ akyiri wɔ atuatew mu.’ Eyi bɛda adi titiriw bere a Yesaia de ne nkɔmhyɛ no ba awiei akyi bere tiaa bi a Hesekia ba Manase bedi hene no. Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no, “Manase daadaa Yuda ne Yerusalemfo no ma wɔyɛɛ bɔne sen amanaman a [Yehowa, NW] sɛee wɔn” no. (2 Beresosɛm 33:9) Susuw ɛno ho hwɛ! Yehowa sɛee aman a wɔsom abosom no esiane sɛ wɔkɔɔ akyiri wɔ bɔne mu nti, nanso Yudafo a wɔne Yehowa ayɛ apam no bɔne sen saa aman no mufo mpo.

17. Ɔkwan bɛn so na nsɛm tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ te sɛ nea na Yuda wom wɔ Manase bere so no?

17 Afeha a ɛto so 21 no mfiase no, wiase nsɛm tebea te sɛ nea na ɛwɔ Yuda wɔ Manase bere so no wɔ akwan pii so. Nyamesom ne mmusua mu nitan ahyɛ wiase no ma. Awudi a ɛyɛ hu, ayayade, mmonnaato, ne nea wɔfrɛ no mmusua asetɔre no ahaw nnipa ɔpepem pii. Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa ne aman—titiriw Kristoman mu aman no—akɔ ‘akyiri wɔ atuatew mu.’ Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa remma amumɔyɛ nkɔ so daa. Dɛn ntia? Esiane nea esii Yesaia bere so no nti.

Wogye Yerusalem

18. Kɔkɔbɔ bɛn na Rabsake de ma Hesekia?

18 Asiria ahene de anuonyam maa wɔn anyame wɔ ɔko mu nkonim biara a wodii no mu. Asnapar, Asiria hene a ɔkyerɛe sɛ “Ashur, Bel, Nebo, anyame akɛse, [ne] wuranom, a na wɔka [ne] ho (bere nyinaa) no na wɔbɔɔ [ne ho ban] maa no dii nkonim, [bere a] odii asraafo (-a wɔn ho akokwaw wɔ ɔko mu) . . . so wɔ ɔko akɛse mu no” nsɛm wɔ Ancient Near Eastern Texts nhoma no mu. Wɔ Yesaia bere so no, Rabsake, a ogyina hɔ ma Asiria hene Sanaherib no, wɔ gyidi a ɛte saa ara sɛ anyame no de wɔn ho gye nnipa akodi mu bere a na ɔrekasa akyerɛ Ɔhene Hesekia no. Ɔbɔ Yuda hene no kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde ne ho to Yehowa so sɛ obegye wɔn, na ɔda no adi sɛ aman foforo anyame antumi ammɔ wɔn nkurɔfo ho ban amfi Asiria asraafo a wɔyɛ den no nsam.—2 Ahene 18:33-35.

19. Hesekia yɛ n’ade dɛn wɔ Rabsake ahohorabɔ no ho?

19 Ɔhene Hesekia yɛ n’ade dɛn? Bible kyerɛwtohɔ ka sɛ: “Ɔhene Hesekia tee no, osunsuanee ne ntade mu na ofuraa atweaatam na osii mu kɔɔ [Yehowa, NW] fi.” (2 Ahene 19:1) Hesekia hu sɛ Obi biako pɛ na obetumi aboa no wɔ tebea a ɛyɛ hu yi mu. Ɔbrɛ ne ho ase, na ɔhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ.

20. Ɔkwan bɛn so na Yehowa bedi ama Yudafo, na dɛn na ɛsɛ sɛ wosua fi eyi mu?

20 Yehowa de akwankyerɛ a wɔhwehwɛ no ma. Ɔnam odiyifo Yesaia so ka sɛ: “Ɛda no wɔn nyinaa bɛtotow wɔn dwetɛ ne sika abosonhuhuw a mo nsa ayɛ ma mode ayɛ bɔne no agu.” (Yesaia 31:7) Sɛ Yehowa ko ma ne nkurɔfo a, wɔbɛda Sanaherib anyame adi ma wɔahu sɛnea wɔte—wɔn so nni mfaso. Eyi yɛ asuade a ɛsɛ sɛ Yudafo gye tom. Ɛmfa ho sɛ Ɔhene Hesekia di nokware no, ahoni ahyɛ Yuda asase so ma te sɛ Israel. (Yesaia 2:5-8) Wɔ Yudafo no fam no, wɔne Yehowa ntam abusuabɔ a wɔbɛsan ahyɛ mu den no bɛhwehwɛ sɛ wɔsakra fi wɔn bɔne ho na ‘wɔn nyinaa’ po ‘wɔn abosonhuhuw’ no.—Hwɛ Exodus 34:14.

21. Ɔkwan bɛn so na Yesaia ka Yehowa atemmu a etia Asiria no ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so?

21 Afei Yesaia ka atemmu a Yehowa de bɛba Yuda tamfo a ne ho yɛ hu so no ho asɛm nkɔmhyɛ kwan so sɛ: “Asiria bɛtɔ afoa a ɛnyɛ onipa de ano, na afoa a ɛnyɛ onipa de bɛsɛe no; na ɔbɛbɔ ne ho aguaa, afoa anim, na wɔde ne mmerante ayi tow.” (Yesaia 31:8) Sɛ ɔko no du so a, ɛho renhia mpo sɛ Yerusalemfo beyi wɔn mfoa afi wɔn boha mu. Wɔsɛe Asiria asraafo a wɔyɛ den sen biara no, ɛnnam nnipa afoa so, na mmom, Yehowa afoa so. Asiria hene Sanaherib de, “ɔbɛbɔ ne ho aguaa, afoa anim.” Bere a Yehowa bɔfo kum n’akofo 185,000 no, ɔsan kɔ fie. Akyiri yi, n’ankasa mma kum no bere a ɔrekotow ne nyame Nisrok no.—2 Ahene 19:35-37.

22. Dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua wɔ Hesekia ne Asiria asraafo ho nsɛm no mu?

22 Obiara, a Hesekia ka ho, antumi anhu sɛnea na Yehowa begye Yerusalem afi Asiria asraafo nsam. Nanso, ɔkwan a Hesekia faa so gyinaa ɔhaw no ano no yɛ nhwɛso a ɛkyɛn so ma wɔn a wohyia sɔhwɛ nnɛ. (2 Korintofo 4:16-18) Esiane edin a ɛyɛ hu a Asiriafo a wɔrehunahuna Yerusalem agye nti, na ntease wom sɛ Hesekia abɔ hu. (2 Ahene 19:3) Nanso, na ɔwɔ Yehowa mu gyidi, na ɔhwehwɛɛ N’ahobammɔ, ɛnyɛ onipa de. Hwɛ nhyira a ɛyɛ ma Yerusalem sɛ ɔyɛɛ saa! Kristofo a wosuro Nyankopɔn nnɛ nso betumi abɔ hu kɛse bere a wɔba ahokyere mu no. Wɔ tebea pii mu no, ntease wom sɛ wɔbɔ hu. Nanso, sɛ ‘yɛde yɛn nnesoa nyinaa to Yehowa so a,’ ɔbɛhwɛ yɛn so. (1 Petro 5:7) Ɔbɛboa yɛn ma yɛadi yɛn suro no so, na ɔbɛhyɛ yɛn den ma yɛagyina tebea a ɛrehaw yɛn no ano.

23. Ɔkwan bɛn so na ehu ka Sanaherib, na ɛnyɛ Hesekia?

23 Awiei koraa no, ɛyɛ Sanaherib na ɔbɔ hu, na ɛnyɛ Hesekia. Hena na obetumi akɔdan no? Yesaia ka sie sɛ: “Ne botan de ehu bɛsen akɔ, na n’asafohene de ahopopo afi frankaa no ho, [Yehowa, “NW”] a ne gya wɔ Sion, na ne fononoo wɔ Yerusalem no na ose.” (Yesaia 31:9) Sanaherib anyame—ne “botan,” guankɔbea a ɔde ne ho ato so no—di no huammɔ. Sɛnea yɛbɛka no no, ‘wɔde ehu sen kɔ.’ Bio nso, Sanaherib mmapɔmma mpo ntumi mmoa no. Ehu ka wɔn nso.

24. Asɛm a emu da hɔ bɛn na yebetumi asua afi nea ɛtoo Asiria no mu?

24 Saa Yesaia nkɔmhyɛ no fã yi de asɛm bi a emu da hɔ pefee ma obiara a ɔbɛsɔre atia Nyankopɔn. Akode, tumi ne nhyehyɛe biara nni hɔ a ebetumi asɛe Yehowa atirimpɔw. (Yesaia 41:11, 12) Bere koro no ara no, wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn, nanso wofi n’akyi kɔhwehwɛ honam fam nneɛma mu ahobammɔ no, ebedi wɔn huammɔ. Obiara a ‘n’ani nna Israel Kronkronni no so’ behu sɛ Yehowa ‘de bɔne na ɛbɛba.’ (Yesaia 31:1, 2) Nokwarem no, nokware guankɔbea koro pɛ a ɔte hɔ daa ne Yehowa Nyankopɔn.—Dwom 37:5.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Ɛda adi sɛ, wɔka Yesaia ti 31 no nkyekyem abiɛsa a edi kan no kyerɛ Israel titiriw. Ɛte sɛ nea nkyekyem asia a edi akyiri no fa Yuda ho.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 319]

Wɔn a wɔde wɔn ho to honam fam nneɛma so no, ebedi wɔn huammɔ

[Mfonini wɔ kratafa 322]

Te sɛ gyata a osũ ne hanam so no, Yehowa bɛbɔ ne kurow kronkron ho ban

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 324]

Ɔsom ne mmusua mu nitan ahyɛ wiase no ma

[Mfonini wɔ kratafa 326]

Hesekia kɔɔ Yehowa fie kɔhwehwɛɛ mmoa