Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotua Ɔhene Bi Gyidi So Ka

Wotua Ɔhene Bi Gyidi So Ka

Ti Aduonu Akron

Wotua Ɔhene Bi Gyidi So Ka

Yesaia 36:1–39:8

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Hesekia kyerɛe sɛ ɔyɛ ɔhene pa sen Ahas?

HESEKIA bedii hene wɔ Yuda bere a na wadi mfe 25. Sodifo bɛn na na ɔbɛyɛ? So na obedi n’agya, Ɔhene Ahas, anammɔn akyi, na wama ne nkoa akɔsom atoro anyame? Anaasɛ na obedi nkurɔfo no anim wɔ Yehowa som mu, sɛnea ne nanabarima Ɔhene Dawid yɛe no?—2 Ahene 16:2.

2 Hesekia bɛtraa agua no so bere tiaa bi akyi no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ ɔpɛ sɛ ‘ɔyɛ nea ɛteɛ wɔ Yehowa ani so.’ (2 Ahene 18:2, 3) Wɔ n’afe a edi kan mu no, ɔhyɛ ma wosiesiee Yehowa asɔrefie hɔ, na asɔrefie hɔ som adwuma no san fii ase. (2 Beresosɛm 29:3, 7, 11) Afei ɔyɛɛ Twam afahyɛ kɛse bi ho nhyehyɛe, na ɔtoo nsa frɛɛ ɔman no nyinaa—a na kusuu fam Israel mmusuakuw du no ka ho. Afahyɛ a ɛho asɛm rentwam da bɛn ara ni! Ná wonhuu biribi a ɛte saa da fi Ɔhene Salomo bere so.—2 Beresosɛm 30:1, 25, 26.

3. (a) Dɛn na Israelfo ne Yudafo a wɔkɔɔ Twam afahyɛ a Hesekia yɛɛ ho nhyehyɛe no yɛe? (b) Dɛn na Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ sua fi gyinae a emu yɛ den a wɔn a wɔkɔɔ Twam afahyɛ no sii no mu?

3 Wodii Twam afahyɛ no wiei no, ɛkaa wɔn a wɔbae no ma wotwitwaa asera nnua no gui, bubuu adum kronkron no, dwiriw wɔn atoro anyame no sorɔnsorɔmmea ne afɔremuka no gui, na ɛno akyi no, wɔsan kɔɔ wɔn nkurow mu a na wɔasi nketekrakye sɛ wɔbɛsom nokware Nyankopɔn no. (2 Beresosɛm 31:1) Hwɛ sɛnea na ɛne wɔn kan som mu nneyɛe no bɔ abira! Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua hia a ehia sɛ ‘wonnyae wɔn ho wɔn ho nhyiam da’ afi eyi mu. Nhyiam a ɛtete saa, sɛ́ ɛyɛ asafo nhyiam anaa nhyiam akɛse te sɛ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam no, di dwuma titiriw hyɛ wɔn nkuran ma onuayɛ kuw no ne Onyankopɔn honhom ‘kanyan wɔn ma nnwuma pa.’—Hebrifo 10:23-25.

Gyidi a Wɔsɔ Hwɛ

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn na Hesekia fa so de hwehwɛ ahofadi fi Asiria hɔ? (b) Akodi ho nhyehyɛe bɛn na Sanaherib yɛ tia Yuda, na akwan bɛn na Hesekia fa so de kwati ntua a wɔde bɛba Yerusalem so ntɛm? (d) Ɔkwan bɛn so na Hesekia yɛ ahoboa sɛ ɔbɛbɔ Yerusalem ho ban afi Asiriafo nsam?

4 Sɔhwɛ a emu yɛ den reba Yerusalem so. Hesekia asɛe apam a n’agya a onni gyidi, Ahas, ne Asiria yɛe no. Wadi Filistifo a wɔne Asiria ayɛ apam no mpo so nkonim. (2 Ahene 18:7, 8) Eyi ahyɛ Asiria hene abufuw. Enti, yɛkenkan sɛ: “Ɛbae sɛ ɔhene Hesekia afe a ɛto so dunnan mu no, Asiria hene Sanaherib tu baa Yuda nkurow a ɛyɛ den nyinaa so bɛfae.” (Yesaia 36:1) Ebetumi aba sɛ esiane sɛ na Hesekia pɛ sɛ ɔbɔ Yerusalem ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a Asiria asraafo a wɔrepere kutukutu no ntow nhyɛ so ntɛm nti, ɔpenee so sɛ obetua tow nnwetɛbona 300 ne sika dwetikɛse 30 ama Sanaherib. *2 Ahene 18:14.

5 Esiane sɛ na sika ne dwetɛ pii nni ahemfie tow adaka no mu a Hesekia de betua tow no nti, okoyii fagude a ɛsom bo dodow a obetumi fii asɔrefie hɔ. Otwitwaa asɔrefie apon a wɔde sika afa ho no nso de kɔmaa Sanaherib. Eyi maa Asiria bo tɔɔ ne yam, nanso ɛyɛ bere tiaa bi. (2 Ahene 18:15, 16) Ɛda adi sɛ, Hesekia hu sɛ Asiriafo remma Yerusalem ho ntɔ no nkyɛ. Enti, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahoboa. Nkurɔfo no siw asuten a ebetumi ama Asiriafo a wɔreba wɔn so no anya nsu no kwan. Hesekia hyehyɛ Yerusalem akoban mu nso den, na ɔyɛ “akode ne akyɛm bebree.”—2 Beresosɛm 32:4, 5.

6. Hena so na Hesekia de ne ho to?

6 Nanso, Hesekia de ne ho to asafo Yehowa so, na ɛnyɛ ɔko mu nyansakwan ne akoban so. Otu n’asraafo mpanyimfo no fo sɛ: “Monhyɛ mo ho den na monyɛ nnam, munnsuro na mo bo nntu Asiria hene no anim ne n’asafo yuu a wɔka ne ho no anim, na nea ɔne yɛn wɔ hɔ sõ sen nea ɛne no wɔ hɔ. Ɔno de, ɔhonam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn de, [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn dɔm ama yɛn.” Ɔman no yɛ ho biribi, na ‘wɔde wɔn ho to Yuda hene Hesekia nsɛm no so.’ (2 Beresosɛm 32:7, 8) Yɛ nsɛm a esisi wɔ ɛno akyi no ho mfonini wɔ w’adwenem bere a yesusuw Yesaia nkɔmhyɛ no ti 36 kosi 39 ho no.

Rabsake De N’asɛm To Gua

7. Hena ne Rabsake, na dɛn nti na wɔsoma no Yerusalem?

7 Sanaherib soma Rabsake (sraadi mu abodin, ɛnyɛ edin ankasa) ne atitiriw foforo baanu kɔ Yerusalem kɔhwehwɛ sɛ kurow no de wɔn ho bɛhyɛ ne nsa. (2 Ahene 18:17) Hesekia ananmusifo baasa, Eliakim a odi Hesekia fie so, ɔkyerɛwfo Sebna, ne Asaf ba ɔsɛnkaefo Yoa kohyia eyinom wɔ kurow no fasu akyi.—Yesaia 36:2, 3.

8. Ɔkwan bɛn so na Rabsake bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yerusalemfo de hu ama wɔn nsa so?

8 Rabsake botae yɛ tiawa—sɛ́ ɔbɛma Yerusalemfo de ehu ama wɔn nsa so sɛ wɔrenko. Bere a ɔreka Hebri kasa no, odi kan teɛm sɛ: “Dɛn koraa na wode wo ho to so yi? . . . ɛhena so na wode wo ho to na wotew me so atua yi?” (Yesaia 36:4, 5) Afei Rabsake bɔ Yudafo a wɔabɔ hu no ahohora, na ɔkae wɔn sɛ wonni ahobammɔ biara. Hena nkyɛn na wobetumi akɔhwehwɛ mmoa? Saa “demmire a abu,” Misraim, nkyɛn? (Yesaia 36:6) Saa bere yi de, Misraim te sɛ demmire a abu; nokwarem no, Etiopia di saa kan wiase tumi no so kakra, na Misraim Farao a ɔwɔ hɔ mprempren, Ɔhene Tirhaka, nyɛ Misrini, na mmom, Etiopiani. Na Asiria rebedi ɔno nso so nkonim. (2 Ahene 19:8, 9) Esiane sɛ Misraim ntumi nnye n’ankasa ho nti, ɔrentumi nnye Yuda nso.

9. Dɛn na ɛda adi sɛ ɛka Rabsake ma ɔka sɛ Yehowa bɛpo Ne nkurɔfo, nanso dɛn ne nokwasɛm no?

9 Afei Rabsake ka sɛ Yehowa renko mma Ne nkurɔfo efisɛ N’ani nnye wɔn ho. Rabsake ka sɛ: “Sɛ wuse me sɛ [Yehowa, “NW”] yɛn Nyankopɔn so na yɛde yɛn ho to a, so ɛnyɛ ɔno na Hesekia ayi ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔremuka?” (Yesaia 36:7) Nokwarem no, esiane Yehowa a wɔagye no atom koraa denam sorɔnsorɔmmea ne afɔremuka a wɔayiyi afi hɔ no so nti, Yudafo no asan aba Yehowa nkyɛn ankasa.

10. Dɛn nti na Yudafo akofo a wɔbɛdɔɔso anaasɛ wɔnnɔɔso no mfa ho?

10 Afei, Rabsake kae Yudafo no sɛ wɔ sraadi mu de, wɔmma koraa. Ɔde n’ahantan mpoatwa to gua sɛ: “Mɛma wo apɔnkɔ mpennu, kyerɛ sɛ wubetumi ama nnipa atratra wɔn so anaa.” (Yesaia 36:8) Nanso, nokwasɛm no ne sɛ, so ɛfa ho sɛ Yuda asraafo a wɔatete wɔn no dɔɔso anaasɛ wosua? Dabi, efisɛ Yuda nkwagye nnyina asraafo dɔm a wɔyɛ den so. Mmebusɛm 21:31 kyerɛkyerɛ nsɛm mu saa kwan yi so sɛ: “Wosiesie apɔnkɔ ma kõ da, na nkonimdi wɔ [Yehowa, NW] nsam.” Enti, Rabsake kyerɛ sɛ Yehowa nhyira wɔ Asiriafo so, na ɛnyɛ Yudafo no. Ɔkyerɛ sɛ, anyɛ saa a, anka Asiriafo rentumi mfi akyirikyiri mmɛhyɛn Yuda asasesin mu.—Yesaia 36:9, 10.

11, 12. (a) Dɛn nti na Rabsake kɔ so ka “Yuda kasa,” na ɔkwan bɛn so na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ Yudafo a wɔretie no ahwɛ? (b) Nkɛntɛnso bɛn na Rabsake nsɛm no betumi anya wɔ Yudafo so?

11 Sɛnea Rabsake mpoatwa no benya mmarima a wotumi te ne nne wɔ kurow no fasu atifi so nkɛntɛnso no ho asɛm haw Hesekia ananmusifo no. Saa Yudafo mpanyimfo yi srɛ sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nkasa Siria, na yɛn de, yɛte, na nkasa Yuda kasa nkyerɛ yɛn mma nkurɔfo a wɔboa ɔfasu so no nnte.” (Yesaia 36:11) Nanso Rabsake nyɛ n’adwene sɛ ɔbɛka Siria kasa. Ɔpɛ sɛ ɔde adwenem naayɛ ne ehu hyɛ Yudafo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpa kyɛw na ama wɔatumi adi Yerusalem so nkonim a wɔnko! (Yesaia 36:12) Enti, Asiriani no ka “Yuda kasa” bio. Ɔbɔ Yerusalemfo kɔkɔ sɛ: “Mommma Hesekia nnnyigye mo, na ɔrentumi nnye mo.” Eyi akyi no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ wɔn a wɔretie no ahwɛ denam sɛnea asetra bɛyɛ ama Yudafo bere a wɔba Asiria nniso ase no ho nkyerɛkyerɛmu a ɔde ma so: “Mo ne me nni asomdwoesɛm, na mumfi mmra me nkyɛn; ɛno na mo mu biara bedi n’ankasa ne bobe ne n’ankasa ne borɔdɔma, na wanom n’abura mu nsu akosi sɛ mɛba mabɛfa mo makɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi so, awi ne nsã asase, aduan ne bobe nturo asase.”—Yesaia 36:13-17.

12 Yudafo rentwa nnɔbae afe yi—Asiria ntua no amma wɔannua nnɔbae. Ɛbɛyɛ sɛ mmarima a wɔwɔ ɔfasu no so retie no no ani begye anidaso a ɛne sɛ wobedi bobe a ɛyɛ dɛ anom nsu a ɛyɛ nwini no ho. Nanso Rabsake mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔbɛbrɛ Yudafo no gyidi ase no nnya mmaa awiei ɛ.

13, 14. Ɛmfa ho Rabsake mpoatwa no, dɛn nti na nea ɛtoo Samaria no mfa Yuda tebea no ho?

13 Wɔ Rabsake mpoatwa pii no mu no, ɔtwe adwene si akode foforo a ɛne anosɛm so. Ɔbɔ Yudafo no kɔkɔ sɛ, sɛ Hesekia ka sɛ: ‘Yehowa begye yɛn’ a, wonnnye nnni. Rabsake kae Yudafo no sɛ Samaria anyame antumi ansiw Asiriafo kwan sɛ wobedi mmusuakuw du no so nkonim. Na aman foforo a Asiria adi wɔn so nkonim no anyame nso ɛ? Obisa sɛ: “Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Ɛhe na Sefarwayim anyame no wɔ, so wɔagye Samaria afi me nsam?”—Yesaia 36:18-20.

14 Nokwarem no, Rabsake, a ɔsom atoro anyame no, ntumi nhu sɛ ɛsono Samaria a awae no ne Yerusalem a Hesekia di so no koraa. Samaria atoro anyame no nni tumi a wɔde begye mmusuakuw du ahemman no. (2 Ahene 17:7, 17, 18) Nanso, Yerusalem a Hesekia di so no adan n’akyi ama atoro anyame na asan resom Yehowa. Nanso, Yudafo ananmusifo baasa no mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ eyi mu akyerɛ Rabsake. “Wɔyɛɛ komm, na wɔammua no asɛm bi, efisɛ ɔhene asɛm a ɔhyɛe ne sɛ: Mummmua no!” (Yesaia 36:21) Eliakim, Sebna, ne Yoa san kɔ Hesekia nkyɛn de nsɛm a Rabsake akeka no ho amanneɛbɔ kɔma no.Yesaia 36:22.

Hesekia Si Gyinae

15. (a) Afei, gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ Hesekia si? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma ne nkurɔfo awerɛhyem?

15 Afei, ɛsɛ sɛ Ɔhene Hesekia si gyinae bi. So Yerusalem begyae wɔn ho mu ama Asiriafo no? wɔne Misraim bɛyɛ apam? anaasɛ wobegyina pintinn adi ako? Hesekia wɔ ahokyere kɛse mu. Ɔkɔ Yehowa asɔrefie bere a ɔsoma Eliakim ne Sebna, ne mpanyimfo foforo sɛ wɔnkɔ odiyifo Yesaia hɔ nkotie Yehowa adwene no. (Yesaia 37:1, 2) Ɔhene no ananmusifo fura atweatam kɔ Yesaia nkyɛn kɔka sɛ: “Ahohia ne asotwe ne abususɛmka da ne nnɛ . . . Ebia [Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn bɛte Rabsake a ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefo no nsɛm no, na nsɛm a [Yehowa, “NW”] wo Nyankopɔn ate no nti, watwe n’aso.” (Yesaia 37:3-5) Yiw, Asiriafo no retwa Onyankopɔn teasefo no mpoa! So Yehowa bɛyɛ aso ama wɔn mpoatwa no? Yehowa nam Yesaia so ma Yudafo no awerɛhyem sɛ: “Nsuro nsɛm a wotee a Asiria hene nkoa de abɛyaw me no. Hwɛ, me na mede honhom bi mɛhyɛ ne mu, na wate nka bi, na wasan akɔ n’asase so, na mama watɔ nkrante ano, n’asase so.”—Yesaia 37:6, 7.

16. Nkrataa bɛn na Sanaherib de mena?

16 Saa bere yi, wɔfrɛ Rabsake ma ɔkɔka Sanaherib ho bere a ɔhene no ko wɔ Libna no. Sanaherib bɛyɛ Yerusalem ho adwuma akyiri yi. (Yesaia 37:8) Nanso, kɔ a Rabsake kɔ no mma ahokyere a Hesekia wom no nnyae. Sanaherib de ahunahuna nkrataa a ɛka nea sɛ Yerusalemfo no amma wɔn nsa so a, ɛbɛto wɔn ho asɛm: “Wo ara woate nea Asiria ahene ayeyɛ nsase nyinaa asɛe no pasaa no, na wo na wobeyi wo anaa? So amanaman a m’agyanom asɛe wɔn no anyame no gyee wɔn? . . . Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwayim kurow ne Hena ne Iwa hene no wɔ?” (Yesaia 37:9-13) Ne titiriw no, nea Asiriafo no reka ne sɛ nyansa nnim sɛ Yudafo bɛko atia wɔn—ko a wɔbɛko atia wɔn no de ɔhaw pii mmom na ɛbɛba!

17, 18. (a) Botae bɛn nti na Hesekia srɛ Yehowa ahobammɔ? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam Yesaia so bua Asiriani no?

17 Esiane sɛ nea ebefi gyinae a Hesekia besi mu aba no haw ɔno Hesekia kɛse nti, ɔtrɛtrɛw Sanaherib nkrataa no mu gu Yehowa anim wɔ asɔrefie hɔ. (Yesaia 37:14) Ofi koma mu bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ontie Asiria ahunahuna no, na ɔka nsɛm a edi so yi de ne mpaebɔ no ba awiei: “Na afei, [Yehowa, “NW”], yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne nsam, na asase so ahenni nyinaa ahu sɛ wone [Yehowa, “NW”], wo nkutoo korɛ.” (Yesaia 37:15-20) Yetumi hu fi eyi mu sɛ ɛnyɛ Hesekia ankasa nkwagye titiriw na ɛho hia no, na mmom sɛ Asiria di Yerusalem so nkonim a, ahohora a ɛbɛba Yehowa din so no.

18 Yehowa nam Yesaia so ma Hesekia mpaebɔ no ho mmuae. Ɛnsɛ sɛ Yerusalem de ne ho ma Asiria; ɛsɛ sɛ ogyina pintinn. Bere a Yesaia yɛ sɛnea ɔrekasa akyerɛ Sanaherib no, ɔde akokoduru ka Yehowa asɛm kyerɛ Asiria sɛ: “Ɔbaabun Sion babea no bu wo animtiaa yi wo ahii, w’akyi na Yerusalem babea rewosow ne ti [fɛwdi mu].” (Yesaia 37:21, 22) Afei sɛnea yɛbɛka no no, Yehowa de ka ho sɛ: ‘Hena ne wo a wobɔ Israel Kronkronni no ahohora? Minim wo nnwuma. Wowɔ botae akɛse; wohoahoa wo ho nneɛma akɛse ho. Wode wo ho ato w’asraafo dɔm so, na woadi nsase pii so nkonim. Nanso wonyɛ nea obi ntumi nni wo so nkonim. Mɛsɛe wo nhyehyɛe. Medi wo so nkonim. Afei mɛyɛ wo sɛ nea woyɛɛ afoforo no. Mede darewa bɛhyɛ wo hwene mu, na masan de wo akɔ Asiria!’—Yesaia 37:23-29.

“Eyi Nyɛ Wo Sɛnkyerɛnne”

19. Sɛnkyerɛnne bɛn na Yehowa de ma Hesekia, na dɛn na ɛkyerɛ?

19 Bɔhyɛ bɛn na Hesekia nya sɛ Yesaia nkɔmhyɛ no bɛbam? Yehowa bua sɛ: “Eyi nyɛ wo sɛnkyerɛnne: Afe yi mu, munni ntwakae a efifii, na afe a etia abien no mu moadi nea ebedi akyiri aba, na afe a ɛto so abiɛsa mu no, mungu na muntwa, na montɛw bobe nturo, na munni mu aba.” (Yesaia 37:30) Yehowa bɛma Yudafo a wɔaka wɔn ahyem no aduan. Ɛwom sɛ wontumi nnua nnɔbae esiane Asiria ntua no nti de, nanso wobetumi adi nnɔbae a wotwaa no afe a atwam no mu mpɛpɛw. Afe a edi hɔ no, ahomegye afe no, ɛsɛ sɛ wogyaw asase no a wɔnnɔw, ɛmfa ho sɛ wɔwɔ ahohia mu no. (Exodus 23:11) Yehowa hyɛ bɔ sɛ sɛ nkurɔfo no tie ne nne a, awi pii befifi wɔ mfuw mu na ama wɔanya aduan adi. Afei, wɔ afe a edi hɔ no mu no, nkurɔfo no begu aba sɛnea wɔyɛ daa no, na wɔadi wɔn nsa ano adwuma.

20. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wofi Asiria ntua mu fi no ‘gye ntini na wɔsow aba’?

20 Afei, Yehowa de ne nkurɔfo toto afifide a ɛyɛ den sɛ wobetumi atu ase ho: “Yuda fi . . . a wɔafi mu afi no, wobegye ntini bio, na wɔasow aba.” (Yesaia 37:31, 32) Yiw, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no suro biribiara. Wɔne wɔn asefo begye ntini wɔ asase no so.

21, 22. (a) Nkɔm bɛn na wɔhyɛ fa Sanaherib ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nsɛm a ɛfa Sanaherib ho no nya mmamu, na ɛyɛ bere bɛn?

21 Na Asiria ahunahuna a ɔde ba Yerusalem so no nso ɛ? Yehowa bua sɛ: “Ɔremma kurow yi mu, na ɔrentow agyan mma ha, na ɔremfa ɔkyɛm mmehyia no, na ɔrenhɔre pempe nhyɛ no. Ɔkwan a ɔnam so bae no so na ɔnam bɛsan akɔ, na kurow yi de, ɔrenhyɛn mu.” (Yesaia 37:33, 34) Sɛɛ Asiria ne Yerusalem renni ako mpo. Anwonwasɛm ne sɛ, ɛyɛ Asiriafo na wobedi nkogu a ɛho renhia sɛ wɔko, na ɛnyɛ Yudafo.

22 Nea ɛne n’asɛm hyia no, Yehowa soma ɔbɔfo ma okunkum Sanaherib asraafo a wɔyɛ den sen biara no—mmarima 185,000. Ɛda adi sɛ eyi si wɔ Libna, na Sanaherib ankasa sɔre hu sɛ n’asraafo mu akannifo, asafohene, ne mmarima a wɔyɛ den no awuwu. Ɔde aniwu san kɔ Niniwe, nanso ɛmfa ho ne nkogudi a ɛyɛ hu no, ɔde mpi kɔ so som n’atoro nyame Nisrok. Mfe bi akyi no, bere a Sanaherib resom wɔ Nisrok asɔrefie hɔ no, ne mmabarima baanu kum no. Ɛha nso, Nisrok a nkwa nni ne mu no antumi annye no.—Yesaia 37:35-38.

Wɔhyɛ Hesekia Gyidi Den Bio

23. Ɔhaw bɛn na Hesekia hyia bere a Sanaherib ba Yuda so bere a edi kan no, na nsɛnnennen bɛn na ɔhaw yi de bɛba?

23 Bere a edi kan a Sanaherib ba Yuda so no, yare denneennen bi bɔ Hesekia. Yesaia ka kyerɛ no sɛ obewu. (Yesaia 38:1) Ɔhene a wadi mfe 39 no haw. Ɛnyɛ n’ankasa yiyedi ho nko na odwen, na mmom, ne nkurɔfo daakye ho nso. Yerusalem ne Yuda wɔ asiane a ɛne sɛ Asiriafo reba wɔn so mu. Sɛ Hesekia wu a, hena na obedi ɔko no anim? Saa bere no, na Hesekia nni ɔbabarima a obedi n’ade. Hesekia bɔ mpae anibere so srɛ Yehowa sɛ onhu no mmɔbɔ.—Yesaia 38:2, 3.

24, 25. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa fi ahummɔbɔ mu tie Hesekia mpaebɔ? (b) Anwonwade bɛn na Yehowa yɛ, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 38:7, 8 no?

24 Yesaia nnya mfii ahemfie abangua so hɔ no, Yehowa san soma no kɔ ɔhene a ɔda yarepa so no nkyɛn kɔka asɛm foforo kyerɛ no: “Mate wo mpaebɔ, mahu wo nusu, hwɛ, mede mfe dunnum mɛto wo nna so, na megye wo ne kurow yi afi Asiria hene nsam, na mabɔ kurow yi ho ban.” (Yesaia 38:4-6; 2 Ahene 20:4, 5) Yehowa de sɛnkyerɛnne soronko bi na ebesi ne bɔhyɛ no so dua: “Hwɛ, meresan owia dɔn so sunsuma a owia ma esianee Ahas owia dɔn so no mama akɔ akyiri nkyekyem du.”—Yesaia 38:7, 8a.

25 Sɛnea Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, na atrapoe bi wɔ ahemfie hɔ, a ɛda adi sɛ na odum bi si ho. Sɛ owia tɔ odum no so a, ɛma sunsuma tɔ atrapoe no so. Obi betumi ahu dɔn a abɔ denam atrapoe no so sunsuma tenten so. Afei Yehowa bɛyɛ anwonwade bi. Sɛ sunsuma no sian ba atrapoe no ase sɛnea ɛyɛ daa no a, ɛbɛsan akɔ n’akyi nkyekyem du. Hena na wate biribi a ɛte saa pɛn? Bible ka sɛ: “Na owia san n’akyi owia dɔn no so nkyekyem du a asian dedaw no.” (Yesaia 38:8b) Ɛno akyi bere tiaa bi no, Hesekia ho tɔ no. Eyi ho asɛm trɛw kɔ akyiri kodu Babilon. Bere a Babilon hene te no, ɔsoma abɔfo kɔ Yerusalem kotie mu yiye.

26. Ade biako bɛn na efi Hesekia nkwa nna a wɔto mu no mu ba?

26 Wɔ Hesekia anwonwakwan so ayaresa no akyi mfe abiɛsa no, ɔwo ne babarima a odi kan, Manase. Bere a Manase nyin no, ɔnkyerɛ Onyankopɔn mmɔborohunu, a ɛnyɛ ɛno a, anka wɔanwo no no ho anisɔ! Mmom no, Manase de n’asetra bere mu fã kɛse no ara yɛ bɔne a ɛboro so wɔ Yehowa ani so.—2 Beresosɛm 32:24; 33:1-6.

Atɛmpa a Wannya

27. Akwan bɛn so na Hesekia kyerɛ anisɔ ma Yehowa?

27 Te sɛ ne nanabarima Dawid no, Hesekia yɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi. Ɔwɔ obu kɛse ma Onyankopɔn Asɛm. Sɛnea Mmebusɛm 25:1 kyerɛ no, ɔno na ɔboaboaa nsɛm a yehu wɔ Mmebusɛm ti 25 kosi 29 nnɛ no ano. Ebinom gye di nso sɛ ɔno na ɔhyehyɛɛ Dwom 119 no. Anisɔ dwom a ɛka koma a Hesekia hyehyɛe bere a onyaa ayaresa no kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ anisɔ kɛse. Ɔde ba awiei sɛ ade a ɛho hia sen biara wɔ asetram ne sɛ yebetumi ayi Yehowa ayɛ wɔ N’asɔrefie “yɛn nkwa nna nyinaa.” (Yesaia 38:9-20) Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛte nka saa ara wɔ nokware som ho!

28. Atɛmpa bɛn na Hesekia annya wɔ n’anwonwakwan so ayaresa no akyi bere bi?

28 Ɛwom sɛ Hesekia yɛ ɔnokwafo de, nanso ɔnyɛ pɛ. Odi mfomso kɛse bi wɔ atɛmpa a obenya mu bere a Yehowa sa no yare akyi no. Yesaia kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛbere no mu no Babel hene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba somae ma wɔde nhoma ne ayɛyɛde brɛɛ Hesekia, efisɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den. Na Hesekia nyaa wɔn ho anigye, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradedan, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akoradedan nyinaa ne nea wohu n’akoradedan mu nyinaa; biribi nni hɔ ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.”—Yesaia 39:1, 2. *

29. (a) Ɛbɛyɛ sɛ na Hesekia botae ne dɛn bere a ɔde n’ahode kyerɛɛ Babilon abɔfo no? (b) Dɛn na ebefi atɛmpa a Hesekia annya no mu aba?

29 Bere a Yehowa bɔfo dii Asiria so nkonim korakora akyi mpo no, wɔn ho kɔɔ so yɛɛ amanaman, a na Babilon ka ho, no hu. Ɛbɛyɛ sɛ na Hesekia pɛ sɛ Babilon hene hu sɛ obetumi ne no ayɛ apam daakye. Nanso, Yehowa mpɛ sɛ Yudafo nya wɔn atamfo mu ahotoso; ɔpɛ sɛ wonya ne nkutoo mu ahotoso! Yehowa nam odiyifo Yesaia so ka nea ɛbɛba daakye ho asɛm kyerɛ Hesekia: “Nna bi reba a wɔbɛsoa nea ɛwɔ wo fi nyinaa ne nea w’agyanom akora de abedu nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka . . . Na wo ankasa wo mma a wobɛwo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu mpiadifo.” (Yesaia 39:3-7) Yiw, ɔman a Hesekia hwehwɛe sɛ ɔbɛma wɔn ho adwiriw wɔn no yɛ nea awiei koraa no, wɔbɛfow Yerusalem agyapade na wɔde ne mamfo ayɛ nkoa. Agyapade a Hesekia de kyerɛ Babilonfo no, wɔn adifudepɛ akɔnnɔ na ɛkanyan.

30. Ɔkwan bɛn so na Hesekia daa su pa adi?

30 Bere a ɛda adi sɛ na 2 Beresosɛm 32:26 retwe adwene asi Hesekia adeyɛ a ɔnam so de n’agyapade kyerɛɛ Babilonfo no so no, ɛka sɛ: “Hesekia san brɛɛ ne ho ase ne koma ahantan no ho, ɔno ne Yerusalemfo nyinaa, na [Yehowa, NW] abufuw no amma wɔn so Hesekia bere so.”

31. Nneɛma kɔɔ so dɛn maa Hesekia, na dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn?

31 Hesekia sintɔ nyinaa akyi no, na ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi. Ná onim sɛ ne Nyankopɔn, Yehowa, yɛ obi ankasa a ɔwɔ nkate. Bere a Hesekia baa ahokyere mu no, ɔbɔɔ Yehowa mpae anibere so, na Yehowa tiee no. Yehowa Nyankopɔn maa no asomdwoe ne nkwa nna nyinaa, na Hesekia kyerɛɛ ɛno ho anisɔ. (Yesaia 39:8) Saa ara na nnɛ ɛsɛ sɛ yebu Yehowa sɛ obi ankasa. Te sɛ Hesekia no, sɛ nsɛnnennen bi sɔre a, ɛmmra sɛ yebebisa Yehowa hɔ nyansa ne ɔkwan a yɛbɛfa so afi mu, ‘efisɛ ɔma nnipa nyinaa ade kwa a ahohora nnim.’ (Yakobo 1:5) Sɛ yɛkɔ so gyina mu na yenya Yehowa mu gyidi a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo,” ɛnnɛ ne daakye.—Hebrifo 11:6.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Ɛboro nnɛyi sika (U.S.) dɔla ɔpepem 9.5.

^ nky. 28 Wɔ Sanaherib nkogudi akyi no, aman a atwa Yuda ho ahyia no de akyɛde a ɛne sika, dwetɛ, ne nneɛma foforo a ɛsom bo brɛɛ Hesekia. Wɔ 2 Beresosɛm 32:22, 23, 27 no, yɛkenkan sɛ “Hesekia nyaa adedodow ne anuonyam bebree,” na “wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so.” Ɛbɛyɛ sɛ saa akyɛde no maa onyaa nneɛma hyɛɛ nea ɔhweree wɔ n’adekorabea a oyii hɔ nneɛma nyinaa bere a na ɔretua tow ama Asiriafo no ananmu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 383]

Ɔhene Hesekia de ne ho to Yehowa so bere a Asiriafo ba no so no

[Kratafa a ne nyinaa yɛ mfonini wɔ kratafa 384]

[Mfonini wɔ kratafa 389]

Ɔhene no tu abɔfo kɔ Yesaia nkyɛn sɛ wonkotie Yehowa adwene

[Mfonini wɔ kratafa 390]

Hesekia bɔ mpae sɛ Yehowa nhyɛ ne din anuonyam denam Asiriafo so nkonim a obedi so

[Mfonini wɔ kratafa 393]

Yehowa bɔfo kunkum Asiriafo 185,000