Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Brɛ Ahantanfo Ase

Yehowa Brɛ Ahantanfo Ase

Ti Anum

Yehowa Brɛ Ahantanfo Ase

Yesaia 2:6–4:1

1, 2. Adɛn nti na nkɔnhyɛsɛm a Yesaia ka kyerɛɛ ne bere so Yudafo no ho hia yɛn?

ESIANE sɛ tebea a na Yerusalem ne Yuda wom no yɛ Yesaia aniwu nti, afei de ɔdan ne ho ka kyerɛ Yehowa Nyankopɔn sɛ: “Woagyaw wo man, Yakob fi.” (Yesaia 2:6a) Dɛn na ɛkaa Onyankopɔn maa ɔpoo nnipa a na ɔno ara ayi wɔn sɛ ‘n’ahode man’ no?—Deuteronomium 14:2.

2 Fɔ a Yesaia buu Yudafo a na wɔwɔ hɔ saa bere no ho hia yɛn paa. Adɛn ntia? Efisɛ tebea a Kristoman wom nnɛ no te sɛ Yesaia nkurɔfo no de pɛpɛɛpɛ, na saa nso na atemmu a Yehowa de buaa wɔn no nso te. Sɛ yetie Yesaia asɛm no yiye a, ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn kyi yiye na yɛanyɛ nneɛma a ɔmpɛ. Ɛnde, momma yɛmfa ahopere nhwehwɛ Yehowa nkɔmhyɛsɛm a wɔakyerɛw wɔ Yesaia 2:6–4:1 no mu.

Wɔde Ahomaso Som Abosom

3. Nkurɔfo no mfomso bɛn na Yesaia da no adi?

3 Yesaia ka ne nkurɔfo no bɔne ho asɛm sɛ: “Apuei ntafowayifo ayɛ wɔn amaama, ɛne nkɔmhyɛfo, sɛ Filistifo, na wɔne ananafo mma di nsawɔso.” (Yesaia 2:6b) Na Yehowa ahyɛ ato hɔ ama ne nkurɔfo bɛyɛ mfe 800 sɛ: “Mommfa nneɛma yi biara nngu mo ho fĩ, efisɛ eyinom nyinaa na amanaman a merebetu wɔn afi mo anim yi de agu wɔn ho fi.” (Leviticus 18:24) Yehowa hyɛɛ Balaam maa ɔkaa wɔn a Yehowa ayi wɔn sɛ n’agyapade no ho asɛm sɛ: “Abotan atifi na mifi mihu no, na nkoko so na mifi migyen no: Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtra ni, na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.” (Numeri 23:9, 12) Nanso eduu Yesaia bere so no, na wɔn a Yehowa ayi wɔn no asuasua akyiwade a amanaman a atwa wɔn ho ahyia no yɛ no bi ama “Apuei ntafowayifo ayɛ wɔn amaama.” Sɛ́ anka wobegye Yehowa ne n’asɛm adi no, ‘wɔhyɛɛ nkɔm sɛ Filistifo’ no mmom. Wɔantwe wɔn ho amfi amanaman no ho biako koraa, mmom na “ananafo mma” ‘abu so’ asase no so—ɛda adi sɛ ɛyɛ ananafo a wosunsum Onyankopɔn nkurɔfo atikɔ kɔɔ bɔne mu no.

4. Sɛ́ anka Yudafo no bɛda Yehowa ase sɛ wama wɔanya wɔn ho na wɔwɔ nnɔmmarima pii no, ɛdɛn na wɔyɛe?

4 Bere a Yesaia huu sɛ afei de Yuda anya ahonyade ne nnɔmmarima pii wɔ Ɔhene Usia bere so no, ɔkaa sɛ: “Dwetɛ ne sika ayɛ wɔn asase so ma, na wɔn akorade nni ano; apɔnkɔ ahyɛ wɔn asase so ma, na wɔn nteaseɛnam nni ano.” (Yesaia 2:7) Nkurɔfo no daa Yehowa ase sɛ wonyaa ahonyade ne nnɔmmarima a ɛte saa anaa? (2 Beresosɛm 26:1, 6-15) Dabida! Nea wɔyɛe mmom ne sɛ wɔde wɔn ho too ahonyade no so de wɔn akyi kyerɛɛ Yehowa Nyankopɔn a Ɔde maa wɔn no. Ekowiee dɛn? “Abosonhuhuw nso ahyehyɛ wɔn asase so ma, wɔn nsa ano adwuma na wɔsom, ade a wɔn nsateaa ayɛ. Enti wɔbrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima hwe fam: [wɔmfa] mfiri wɔn.” (Yesaia 2:8, 9) Wogyaw Onyankopɔn teasefo no hɔ kɔkotoo ahoni a nkwa nnim.

5. Adɛn nti na koto a wɔkotoo ahoni no nkyerɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase?

5 Sɛ obi bɔ ne mu ase a ebetumi akyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Nanso sɛ ɔkoto nneɛma a nkwa nnim a, mfaso nni so, ɛbrɛ ɔbosonsonni “ase,” egu n’anim ase. Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa atumi de bɔne a ɛte sɛɛ akyɛ? Sɛ Yehowa frɛ abosonsomfo yi sɛ wommu akontaa a, wɔbɛyɛ dɛn?

‘Ahantanfo Aniwa Bɛbrɛ Ase’

6, 7. (a) Sɛ Yehowa atemmuda no ba a, ebesi ahantanfo dɛn? (b) Ɛdɛn so na Yehowa da n’abufuw adi, na henanom nso na wɔka ho?

6 Yesaia toa so sɛ: [Yehowa, “NW”] ho hu ne ne kɛseyɛ anuonyam nti hyɛn ɔbotan mu, na fa wo ho kora mfutuma mu.” (Yesaia 2:10) Nanso ɔbotan biara nni hɔ a ne kɛse betumi abɔ wɔn ho ban, na biribiara nni hɔ a wɔde bɛkata wɔn ho a Yehowa, ade nyinaa so Tumfoɔ no, renhu wɔn. Sɛ ɔba bebu wɔn atɛn a, “nnipa ahantan aniwa bɛbrɛ ase, na mmarima ahomaso ahwe fam, na wɔama [Yehowa, “NW”] nko so ɛda no.”—Yesaia 2:11.

7 ‘Asafo Yehowa da’ no reba. Saa bere no Nyankopɔn bɛda n’abufuw adi “Lebanon nkyeneduru a ɛware na ɛkorɔn nyinaa, ne Basan nnupɔn nyinaa so, ne mmepɔw atenten nyinaa ne nkoko a wɔama so nyinaa so, ne abantenten a ɛkorɔn nyinaa ne afasu a ɛyɛ den nyinaa so, ne Tarsis ahyɛn nyinaa ne ahwɛde a ɛyɛ fɛ nyinaa so.” (Yesaia 2:12-16) Yiw, Yehowa atemmuda no, ɔbɛsɛe biribiara a nnipa ahyehyɛ de hoahoa ne ho ne obiara a ɔmfa Nyankopɔn kwan so. Enti, “wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama [Yehowa, “NW”] nko so ɛda no.”—Yesaia 2:17.

8. Ɔkwan bɛn so na atemmuda a wɔhyɛɛ ho nkɔm no baa Yerusalem so afe 607 A.Y.B.?

8 Atemmuda a wɔkaa ho asɛm too hɔ no baa Yudafo so afe 607 A.Y.B. bere a Babilon hene Nebukadnesar bɛsɛee Yerusalem no. Kurom hɔfo huu sɛ kurow a na wɔn ani gye ho no rehyew ma emu adan fɛfɛ no asɛe na n’afasu akɛse no nso abubu. Wobubuu Yehowa asɔrefie no pasapasa. Wɔn ahonyade ne wɔn nteaseɛnam ho amma wɔn mfaso biara ‘asafo Yehowa, da no.’ Wɔn ahoni no nso ɛ? Sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛbaa mu: “Abosonhuhuw no betu ayera koraa.” (Yesaia 2:18) Wɔde Yudafo no—emu aberempɔn ne atitiriw ka ho—kɔɔ Babilon kɔyɛɛ nnommum. Yerusalem bɛyɛɛ amamfõ mfe 70.

9. Ɔkwan bɛn so na tebea a Kristoman wom no te sɛ nea na Yerusalem ne Yuda wom wɔ Yesaia bere so no?

9 Hwɛ sɛnea tebea a ɛwɔ Kristoman mu ne nea na ɛwɔ Yerusalem ne Yuda wɔ Yesaia bere so no di nsɛ! Obiara nim sɛ Kristoman de ne ho abɔ wiase aman no denneennen. Ogyina Amanaman Nkabom no akyi denneennen a adaagyew nnim, na ɔde ahoni ne abrabɔ fĩ ahyɛ ne fie ma. Wɔn a wodi n’akyi no pɛ ahode dodo na wogye di sɛ akode bebrebe na ebegye wɔn. Wunhu sɛ wobu wɔn asɔfo no sɛ wɔyɛ atitiriw paa na wɔbɔ wɔn abodin hoahoa wɔn? Kristoman ahokyerɛ nyinaa bɛyera. Nanso dabɛn?

‘Yehowa Da’ a Ɛrepempɛn So

10. ‘Yehowa da’ bɛn na ɔsomafo Paulo ne Petro kaa ho asɛm?

10 Kyerɛwnsɛm no ka ‘Yehowa da’ bi ho asɛm sɛ ɛbɛyɛ hu koraa asen da a ɔde buu tete Yerusalem ne Yuda atɛn no. Honhom kaa ɔsomafo Paulo maa ɔdaa no adi sɛ ‘Yehowa da’ a ɛreba no ne Ɔhene Yesu Kristo a ɔte ahengua so no mmae na ɛnam. (2 Tesalonikafo 2:1, 2) Petro kaa saa da no ho asɛm sɛ ɛbɛyɛ bere a wɔde “ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” besi hɔ. (2 Petro 3:10-13) Ɛyɛ da a Yehowa de Kristoman bɛka nhyehyɛe bɔne yi nyinaa ho abu wɔn atɛn.

11. (a) Henanom na wobetumi ‘agyina Yehowa da’ a ɛreba no ano? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Yehowa ayɛ yɛn guankɔbea?

11 Odiyifo Yoel ka sɛ: “Ao, ɛda no! na [Yehowa, NW] da no abɛn, na ɛreba sɛ ɔsɛe tumi afi Otumfoɔ nkyɛn.” Esiane sɛ “ɛda” no abɛn nti, wunnye nni sɛ ehia sɛ obiara hu baabi a ɔde ne ti bɛfa saa bere no? Yoel bisa sɛ: “Hena na obetumi agyina ano?” Oyi ano sɛ: “[Yehowa, NW] yɛ guankɔbea ma ne man.” (Yoel 1:15; 2:11; 3:16) Wɔn a wɔyɛ dwɛɛ a wɔde wɔn werɛ ahyɛ sika, akode, ne anyame a nnipa ayɛ mu no, wugye di sɛ wobetumi aguan akɔ Yehowa Nyankopɔn nkyɛn? Entumi mma saa! Bere a nnipa a Onyankopɔn ankasa ayi wɔn mpo faa saa kwan no so no, ɔpoo wɔn. Ɛnde hwɛ hia a ehia sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa ‘hwehwɛ trenee ne ahobrɛase,’ na wohu ɔfã a Yehowa som wɔ wɔ wɔn asetram no anibere so!—Sefania 2:2, 3.

‘Wɔde Ma Fiamoo ne Mpan’

12, 13. Adɛn nti na ɛfata sɛ abosonsomfo no to wɔn ahoni ma ‘fiamoo ne mpan’ Yehowa da no?

12 Sɛ Yehowa da kɛse no ba a, abosonsomfo bebu wɔn abosom no dɛn? Yesaia bua sɛ: “Wɔbɛhyɛn abotan ntokuru ne fam amoa mu, afi [Yehowa, “NW”] ho hu anim, ne ne kɛseyɛ anuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwosow asase no. Ɛda no onipa bɛtow ne dwetɛ abosonhuhuw ne ne sika abosonhuhuw . . . ama akisi [fiamoo, “NW”] ne mpan, na wahyɛn abotan ntokuru ne abo mpaapae mu, afi [Yehowa, “NW”] ho hu anim, ne ne kɛseyɛ anuonyam no ho, da a ɔbɛsɔre abɛwosow asase no. Montwe mo ho mfi onipa a ahome wɔ ne hwenem no ho: na wobu no dɛn koraa?”—Yesaia 2:19-22.

13 Fiamoo da bɔn mu, na mpan da ntokurom wɔ abotan mu sum mu. Afei nso, sɛ mpan bebree da faako a, ɛma hɔ bɔn na wɔnene gu hɔ pii. Sɛ wɔto abosom gu mmeae a ɛtete sei a, ɛfata. Nea ɛfata wɔn ara ne baabi a esum ne atantanne wɔ. Nnipa no de, sɛ Yehowa atemmuda no ba a, wɔbɛkɔ akowurawura ntokurom. Enti nea ɛbɛto abosom no ara bi na ɛbɛto abosonsomfo no. Sɛnea Yesaia hyɛɛ nkɔm no, abosom a nkwa nnim no antumi annye abosonsomfo no anaa Yerusalem amfi Nebukadnesar nsam wɔ afe 607 A.Y.B.

14. Sɛ Yehowa da a ɔde bebu wiase atoro som ahemman no atɛn no ba a, ɛdɛn na wɔn a wɔde wɔn ho to wiase nneɛma so bɛyɛ?

14 Ɛda a Yehowa bebu Kristoman ne wiase atoro som afã a aka no atɛn no, nkurɔfo bɛyɛ dɛn? Bere a nneɛma mu ayɛ den wɔ wiase nyinaa no, nnipa pii behu sɛ wɔn abosom no ntwa tau. Enti ebia wɔde wɔn ho bɛto wiase ahyehyɛde te sɛ Amanaman Nkabom a Adiyisɛm ti 17 frɛ no “aboa kɔkɔɔ” no so. Sɛnkyerɛnne kwan so aboa no “mmɛn du” no na ɛbɛsɛe Babilon Kɛse a ɛyɛ wiase atoro som ahemman, a Kristoman na edi mu hene no.—Adiyisɛm 17:3, 8-12, 16, 17.

15. Ɔkwan bɛn so na ‘wɔbɛma’ Yehowa nkutoo “so” wɔ n’atemmuda no mu?

15 Ɛwom sɛ sɛnkyerɛnne kwan so mmɛn du no na ɛbɛsɛe Babilon Kɛse ahyew no de, nanso ɛbɛyɛ Yehowa ankasa atemmu. Adiyisɛm 18:8 ka Babilon Kɛse no ho asɛm sɛ: “Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ [Yehowa, NW] Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.” Enti, Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ no, na yɛbɛda no ase sɛ wagye adesamma afi atoro som nhyɛso mu. Sɛnea Yesaia ka no no, ‘wɔbɛma Yehowa nko so ɛda no. Efisɛ ɛyɛ Asafo Yehowa da.’—Yesaia 2:11b, 12a.

‘Akwankyerɛfo Redaadaa Wo’

16. (a) Ɛdɛn ne “dua a wɔde waw ne akyidua” ma nnipa? (b) Ɔkwan bɛn so na na wobetutu “dua a wɔde waw ne akyidua” afi Yesaia nkurɔfo so?

16 Sɛ asetra bɛkɔ so yiye a, ɛsɛ sɛ nnipa nya “dua a wɔde waw ne akyidua”—nneɛma bi a ɛho hia te sɛ aduan ne nsu ne ɛnkanka nnipa a wɔdi nokware a wobetumi adi wɔn anim ama wɔatra asomdwoe mu. Nanso, ɛdefa tete Israel ho no, Yesaia ka too hɔ sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, “NW”] asafo [Yehowa, “NW”] betutu dua a wɔde waw ne akyidua nyinaa afi Yerusalem ne Yuda, aduan dua nyinaa ne nsu dua nyinaa, dɔmmarima ne ɔkofoni, ɔtemmufo ne odiyifo, nkɔmhyɛfo ne ɔpanyin, aduonum so asafohene ne onuonyamfo, ne oguasemni ne adwumfo mu nyansafo, ne nea onim ntafowayi.” (Yesaia 3:1-3) Mmarimmaa kɛkɛ na na ɛbɛyɛ asafohene na wɔadi ade sɛnea wɔpɛ. Ɛnyɛ wɔn a wodi ade no nkutoo na ɛbɛhyɛ nnipa no so, na mmom ‘nkurɔfo bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so, aberantewa bɛkyerɛ ne ho ɔteteni so, na apapahwekwa nso, onuonyamfo so.’ (Yesaia 3:4, 5) Mmofra ‘kyerɛ’ wɔn ho kyerɛ wɔn mpanyimfo na wommu wɔn. Nneɛma begyigya araa ma obi aka akyerɛ obi a adedi mfata no sɛ: “Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn panyin, na odwiriw yi mmra wo nsa ase.” (Yesaia 3:6) Nanso wɔn a wɔfrɛ wɔn saa no remma, na wɔbɛka no denneennen sɛ wonni tumi a wɔde bɛyɛ ɔman no yiye na saa nso na wonni ahensɛm ho akade. Wɔbɛka sɛ: “Merenyɛ okukyekyefo, na me fi nso, aduan nni hɔ na atade nni hɔ, munnsi me ɔman panyin.”—Yesaia 3:7.

17. (a) Ɔkwan bɛn so na na Yerusalem ne Yuda bɔne ‘te sɛ Sodomfo’ de? (b) Henanom so na Yesaia de tebea a ɛbaa ne nkurɔfo so no ho asodi toe?

17 Yesaia toa so sɛ: “Yerusalem adwiriw, na Yuda ahwe ase, efisɛ wɔn tɛkrɛma ne wɔn nneyɛe ne [Yehowa, “NW”] di asi, sɛ wɔbɛtew n’anuonyam anim atua. Wɔn anim su di wɔn adanse, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfo, wonsiw so. Wɔn kra nnue! Na wɔde bɔne yɛ wɔn ho.” (Yesaia 3:8, 9) Onyankopɔn nkurɔfo de wɔn anom asɛm ne wɔn suban sɔre tiaa nokware Nyankopɔn no. Wɔn ani a na emmu wɔn dwɛ wɔ nea wɔayɛ ho no mpo kyerɛɛ sɛ wɔayɛ bɔne a ɛyɛ tan te sɛ Sodomfo no. Wɔne Yehowa Nyankopɔn yɛɛ apam, nanso wansesa mmara a ɔde ama wɔn no. ‘Ɔtreneeni bedi yiye, na wobedi wɔn nneyɛe so aba. Ao, ɔbɔnefo nnue: na obedi mmusu, na ne nneyɛe so ade na wɔde bɛma no. Me man de, mmofra na ɛhyɛ no so, na mmea di no so. Me man, w’akwankyerɛfo yɛ nnaadaafo, na w’akwan tempɔn no, wɔasɛe no.’Yesaia 3:10-12.

18. (a) Yehowa buu mpanyimfo ne asafohene a na wɔwɔ Yesaia bere no atɛn dɛn? (b) Ɛdɛn na yesua fi atemmu a Yehowa de baa mpanyimfo ne asafohene no so no mu?

18 Yehowa ‘buaa’ Yuda mpanyimfo ne asafohene ‘asɛm’ no na ‘obuu wɔn fɔ’ sɛ: “Mo na moadi bobeturo no, ɔbrɛfo asade wɔ mo afi; muhuu dɛn na mopɛtɛw me man na modwɛre abrɛfo anim?” (Yesaia 3:13-15) Sɛ anka nkurɔfo no yiyedi behia mpanyimfo no, nnaadaa ne asisi na na wogu so. Wodii wɔn koko so asɛm de nyaa wɔn ho a wɔannwene ahiafo ho. Nanso na mpanyimfo a wɔhyɛ ahiafo so saa no bebu akontaa akyerɛ asafo Yehowa. Ɛyɛ kɔkɔbɔ a ehia paa ma wɔn a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa nnɛ no! Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔanni wɔn koko so asɛm da.

19. Nhyɛso ne ɔtaa bɛn na Kristoman de ba nkurɔfo so?

19 Kristoman—ɛnkanka asɔfo ne atitiriw a wɔwom no—adaadaa wɔn nkurɔfo agye wɔn sika de anya wɔn ho, na wɔkɔ so hyɛ wɔn so. Afei nso, wahwe Onyankopɔn nkurɔfo ataa wɔn ayɛ wɔn basabasa na wɔde fĩ aba Yehowa din ho. Sɛ bere so a, Yehowa bɛsɛe no.

‘Nhyehyee Twã Asi Ahoɔfɛ Ananmu’

20. Adɛn nti na Yehowa kaa “Sion mmabea” anim?

20 Bere a Yehowa kaa mpanyimfo no bɔne wiei no, ɔbaa Sion, anaa Yerusalem, mmea so. Ebia nea na aba so ne sɛ “Sion mmabea” hyɛ “anan ntam ntweaban”—biribi a ɛte sɛ kɔnmuade nketenkete bi a wɔde to wɔn nan—a egyigye. Mmea no hyɛ da sɛ wɔntwe wɔn nan mu, enti wotu “anammɔn ntiatia” na ama obiara ahu sɛ ɔbea na ɔrekɔ yi. Adɛn, bɔne bɛn na ɛwom? Mmea no suban ne asɛm no. Yehowa ka sɛ: “Sion mmabea yɛ ahantan na wɔtoto abamkɔn deda wɔn ani akyi nantew.” (Yesaia 3:16) Na wobenya wɔn dwɛɛ no so akatua.

21. Bere a Yehowa buu Yerusalem atɛn no, ɛkaa Yudafo mmea dɛn?

21 Enti, sɛ Yehowa bebu nkurɔfo no atɛn a, “Sion mmabea” a wɔyɛ ahantan yi bɛhwere biribiara—ahoɔfɛ a ɛma wɔyɛ dwɛɛ saa no mpo. Yehowa hyɛɛ nkɔm sɛ: [Yehowa, “NW”] bɛma atikuru agu Sion mmabea mpampam, na [Yehowa, “NW”] beyi wɔn adagyaw so. Ɛda no [Yehowa, “NW”] beyi mfɛfɛwade no, nannweaa so nkaa ne ntamma ne asramfã, asom nnwinne ne nkapo ne animkata ntontan, abotiri ne anan ntam ntweaban ne abɔso ne ohwam ntoaa ne nnohuwa, [anaa, sɛbɛ], mpɛtea ne hwenem nnwinne, ntade nsakraho ne ntade yuu ne nguguso ne nkotoku, nhwehwɛ ne nwera pa ne ntamabamma ne nkataanim.” (Yesaia 3:17-22; hwɛ “NW” ase hɔ nsɛm.) Afei de na wobegye damma atu serɛ!

22. Nneɛma a Yerusalem mmea de hyehyɛ wɔn ho a wɔhweree akyi no, ɛdɛn bio na ɛtoo wɔn?

22 Ɔtoaa nkɔmhyɛ no so sɛ: “Ohwam ananmu na ɔbɔn besi, na ntampe asi abɔso ananmu, na atipae asi mmɛsa ananmu, na ntweaatam asi atade ananmu, na ɔhyew twã asi ahoɔfɛ ananmu.” (Yesaia 3:24) Afe 607 A.Y.B. no, Yerusalem mmea a na wɔyɛ dwɛɛ no ahode sae maa ebehiaa wɔn. Wɔbɛyɛɛ nkoa maa wɔde ‘nhyehyee twã’ hyɛɛ wɔn nsow.

“Ɔbɛda Mpan”

23. Ɛdɛn na Yehowa ka fa Yerusalem ho?

23 Afei Yehowa ka kyerɛ Yerusalem kurow no sɛ: “Wo nnipa bɛtotɔ nkrante ano, ne wo nnɔmmarima ɔsa mu; na n’abobow bedi nkɔmmɔ na atwa adwo, na ɔbɛda mpan na watra fam.” (Yesaia 3:25, 26) Yerusalem mmarima, emu atitiriw no mpo, bɛtotɔ nkrante ano wɔ ɔko mu. Wɔbɛsɛe kurow no pasaa. ‘Wobedi abooboo atwa adwo’ wɔ ‘n’aboboano’ saa bere no. Yerusalem ‘bɛda mpan’ ayɛ amamfõ.

24. Bere a mmarima pii totɔe wɔ nkrante ano no, ahokyere bɛn na ɛbaa Yerusalem mmea so?

24 Bere a mmarima pii atotɔ no, Yerusalem mmea ho bɛkam. Yesaia de ne nkɔmhyɛ nhoma no fã yi baa awiei sɛ: “Mmea baason besuso ɔbarima koro mu da no aka sɛ: Yebedi yɛn ankasa aduan, na yɛahyɛ yɛn ankasa atade: ma wɔmfa wo din nko nto yɛn so, na yi yɛn aniwu fi yɛn so.” (Yesaia 4:1) Esiane sɛ mmarima a wɔaso aware ho bɛyɛ na nti, na mmea pii betu adi ɔbarima biako akyi sɛ ɔmfa ne din nto wɔn so—sɛnea obiara behu sɛ wɔyɛ ne yerenom—na obi amfa ne nsa anteɛ wɔn so sɛ wonni kunu. Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ɔbarima ma ne yere aduan ne nkataho. (Exodus 21:10) Nanso bere a mmea yi kaa sɛ wɔn ankasa ‘bedi wɔn aduan ahyɛ wɔn ankasa atade’ no, na wɔregye mmarima asɛde ayɛ. Nokwarem no, “Sion mmabea” a bere bi na wɔnam toto wɔn kɔn no ho kyeree wɔn paa!

25. Ɛdɛn na ɛbɛba ahantanfo so nnansa yi ara?

25 Yehowa brɛ ahantanfo ase. Afe 607 A.Y.B. mu no, ‘ɔbrɛɛ’ ne nkurɔfo no ahantan ne wɔn ‘ahomaso ase.’ Ɛnsɛ sɛ Kristofo werɛ fi da sɛ “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”—Yakobo 4:6.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 50]

Ahoni, ahonyade, ne nnɔmmarima antumi annye Yerusalem Yehowa atemmuda no

[Mfonini wɔ kratafa 55]

Wɔbɛsɛe wiase atoro som ‘Yehowa da’ no